\id ACT - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h Asomafo \toc1 Asomafo No Nnwuma \toc2 Asomafo \toc3 Aso \mt1 Asomafo No Nnwuma \c 1 \s1 Asafo No Mfiase \p \v 1 Mʼadamfo pa Teofilo, me nhoma a edi kan a mekyerɛw wo no mu no, mekaa Yesu nnwuma a ɔyɛe ne ne nkyerɛkyerɛ \v 2 kosi bere a Onyankopɔn bɛfaa no kɔɔ ɔsoro no ho asɛm. Ansa na wɔrebɛfa no akɔ ɔsoro no, ɔnam Honhom Kronkron tumi so kyerɛkyerɛɛ nʼasuafo no. \v 3 Ne wusɔre akyi no, ɔtenaa asase so adaduanan, yii ne ho adi mpɛn pii kyerɛɛ nʼasuafo no de kyerɛɛ wɔn se, ampa, ɔte ase. Ɔkaa Onyankopɔn ahenni ho asɛm nso kyerɛɛ wɔn. \v 4 Da bi a ɔne wɔn redidi no ɔhyɛɛ wɔn se, \wj “Mummfi Yerusalem, na montwɛn akyɛde a mʼAgya ahyɛ mo ho bɔ a maka ho asɛm akyerɛ mo no.\wj* \v 5 \wj Yohane de, ɔde nsu na ɛbɔɔ asu, nanso mo de ɛrenkyɛ, wɔde Honhom Kronkron no bɛbɔ mo asu.”\wj* \s1 Yesu Sorokɔ \p \v 6 Asuafo no nyinaa ne Yesu hyiaa mu no, wobisaa no se, “Awurade, bere yi mu na wode ahenni no bɛba Israel ana?” \p \v 7 Yesu buaa wɔn se, \wj “Ɛho nhia sɛ mubehu bere a Agya no nam ne tumi so ahyehyɛ ato hɔ no.\wj* \v 8 \wj Na sɛ Honhom Kronkron no ba mo so a, mubenya tumi na moayɛ me nnansefo wɔ Yerusalem ne Yudea nyinaa ne Samaria de kosi asase ano.”\wj* \p \v 9 Ɔkasa wiee no asuafo no huu no sɛ ɔnam omununkum mu rekɔ ɔsoro na wɔanhu no bio. \p \v 10 Wogu so rehwɛ wim no, amono mu hɔ ara mmarima baanu bi a wɔhyehyɛ ntade fitafitaa begyinaa wɔn nkyɛn, \v 11 kae se, “Mo mmarima a mufi Galilea, adɛn nti na mugyina ha rehwɛ wim? Yesu a wɔafa no afi mo nkyɛn kɔ ɔsoro no, sɛnea osi kɔɔ ɔsoro no, saa ara na ɔbɛsan aba.” \s1 Woyi Matia Sɛ Yuda Nanmusin \p \v 12 Eyi akyi no, asuafo no fii Ngo Bepɔw no so baa Yerusalem. Efi Ngo Bepɔw no so ba Yerusalem no bɛyɛ kilomita baako ne fa. \v 13 Woduu hɔ no, wɔkɔɔ ɔdan bi a na ɛwɔ aban a na wɔte so mu. Nnipa a na wɔwɔ hɔ no ne: \b \li1 Petro, Yohane, Yakobo ne Andrea; \li1 Filipo, Toma, \li1 Bartolomeo, Mateo, \li1 Alfeo ba Yakobo, Simon Seloteni ne Yakobo ba Yuda. \b \p \v 14 Na saa asuafo yi nyinaa taa ne mmea bi te sɛ Yesu ne na Maria ne Yesu nuabarimanom hyia bɔ mpae. \p \v 15 Nna kakraa bi akyi no gyidifo no a wɔn dodow bɛyɛ sɛ ɔha aduonu no hyiae na Petro sɔre kasae se: \v 16 Me nuanom, ɛsɛ sɛ nkɔm a Honhom Kronkron no nam Dawid so hyɛ faa Yuda ho sɛ ɛnam ne so na wɔbɛkyere Yesu no ba mu. \v 17 Yɛn a Yesu yii yɛn no, na Yuda nso ka yɛn ho wɔ ɔsom no mu. \p \v 18 (Sika a Yuda nya fii ade bɔne a ɔyɛe no mu no, wɔde tɔɔ asase wɔ faako a owui hɔ. Ɔtew bɛhwee fam ma ne mu pae maa ne nsono tu guu so. \v 19 Nnipa a na wɔte Yerusalem nyinaa tee saa asɛm no, wɔtoo asase no din wɔ wɔn ankasa kasa mu se Hekeldama a nkyerɛase ne, Mogya Asase.) \p \v 20 Petro toaa so kae se, “Wɔakyerɛw wɔ Dawid nhoma mu se, \q1 “ ‘Ne fi nyɛ amamfo, \q2 na ɔfoforo nsi nʼanan mu.’ \m \v 21 Enti ɛsɛ sɛ yeyi nnipa a yɛne wɔn nantew bere a na Yesu ne yɛn di akɔneaba no nyinaa, \v 22 fi Yohane asubɔ adwuma no so de kosi bere a wɔfaa Yesu fii yɛn nkyɛn kɔɔ ɔsoro no, efisɛ ɛsɛ sɛ saa nnipa no mu baako bɛka yɛn ho ne yɛn di Yesu wusɔre no ho adanse.” \p \v 23 Woyii nnipa baanu. Ɔbaako din de Yosef a na wɔfrɛ no Barsaba,\f + \fr 1.23 \fr*\ft Ase ne “Homeda babarima.” Saa din yi yɛ Yudafo Kristofo adikanfo baanu bi din. Wɔn mu baako ne Yosef. Nea ɔto so abien ne Yuda a na ɔyɛ odiyifo wɔ Yerusalem. Ɔne Sila na wɔsomaa wɔn kɔɔ Antiokia. (\+xt 15.22,32\+xt*).\ft*\f* na wɔtaa frɛ no Yusto nso. Nea na ɔka ho no nso din de Matia. \v 24 Afei asuafo no bɔɔ mpae se, “Awurade, wunim obiara koma mu. Ɛno nti kyerɛ yɛn nnipa baanu yi mu nea woayi no \v 25 sɛ ommesi Yuda a wanya ne baabi kɔ no anan mu mmɛyɛ asomafodwuma no.” \v 26 Afei asuafo no bɔɔ wɔn so ntonto maa esii Matia. Enti wɔfaa no kaa asomafo dubaako no ho. \c 2 \s1 Pentekoste Da \p \v 1 Pentekoste da\f + \fr 2.1 \fr*\ft Twam Afahyɛ homeda no akyi nnafua aduonum (\+xt 3 Mose 23.15-16\+xt*).\ft*\f* no duu no, na asuafo no nyinaa ahyia\f + \fr 2.1 \fr*\ft Asuafo dodow a nea asi dedaw nti yɛka wɔn ho asɛm ne dubaako no (ne Matia) nanso dodow yi na wɔbɔ wɔn din nyinaa \+xt 1.13-15\+xt*.\ft*\f* wɔ faako.\f + \fr 2.1 \fr*\ft Ɛnyɛ abansoro dan a wɔte mu no (\+xt 1.13\+xt*) na mmom hyiadan no ho baabi. Efisɛ bere biara a wɔabue hyiadan no, na asuafo no wɔ hɔ.\ft*\f* \v 2 Amono mu hɔ ara, nne bi te sɛ ahum a ɛretu fi ɔsoro ba bɛhyɛɛ ofi a na wɔwɔ mu no ma. \v 3 Ogya a ɛredɛw a ɛte sɛ tɛkrɛma besisii wɔn so mmaako mmaako. \v 4 Honhom Kronkron no hyɛɛ wɔn nyinaa ma, na wɔkaa kasa foforo, sɛnea Honhom no maa wɔn ho kwan no. \p \v 5 Saa bere no na Yudafo bi a wɔfɛre Nyame fi mmeaemmeae aba Yerusalem. \v 6 Wɔtee nea ɛrekɔ so no, wɔbɔɔ twi behyiae, na ɛyɛɛ wɔn nwonwa ne ahodwiriw, efisɛ obiara tee sɛ wɔreka ne kurom kasa. \v 7 Enti wobisae se, “Na saa nnipa yi a wɔrekasa yi nyɛ Galileafo ana? \v 8 Na adɛn nti na yɛte sɛ wɔreka Onyankopɔn anwonwadwuma ho asɛm wɔ yɛn a yɛyɛ \v 9 Partifo, Mediafo ne Elamfo, ne wɔn a wɔte Mesopotamia ne Yudea ne Kapadokia, Ponto, Asia, \v 10 Frigia ne Pamfilia, Misraim ne Libia fa a ɛbɛn Kirene ne ahɔho a wofi Roma, Yudafo ne wɔn a wɔasakra aba Yudasom mu, \v 11 ne Kretafo ne Arabfo mu biara kasa mu yi?” \v 12 Wɔde ahodwiriw bisae se, “Eyi ase ne dɛn?” \p \v 13 Afoforo nso dii wɔn ho fɛw se, “Saa nnipa yi abobow nsa.” \s1 Petro Kasa Kyerɛ Dɔm No \p \v 14 Petro ne asomafo dubaako no sɔre gyinaa hɔ na ɔkasaa denneennen kyerɛɛ nnipa no se, “Me nuanom Yudafo ne mo a mote Yerusalem nyinaa, muntie asɛm a mereka yi. \v 15 Saa nnipa yi mmow nsa sɛnea mususuw no, efisɛ ade nnya nkyee a ɛsɛ sɛ obi nom nsa bow. \v 16 Asɛm a asi yi na odiyifo Yoel hyɛɛ ho nkɔm se: \q1 \v 17 “ ‘Onyankopɔn kae se, nna a edi akyiri no, \q2 mehwie me Honhom no agu nnipa nyinaa so. \q1 Mo mmabarima ne mo mmabea bɛhyɛ nkɔm, \q2 mo mmerante nso ahu anisoade. \q2 Na mo mpanyin nso asoso adae. \q1 \v 18 Saa mmere no mu no, \q2 mehwie me Honhom agu mʼasomfo mpo so, \q2 mmarima ne mmea, ama wɔahyɛ nkɔm. \q1 \v 19 Mede mogya ne ogya ne wusiw kumɔnn \q2 bɛyɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne \q2 wɔ ɔsoro ne asase so. \q1 \v 20 Ansa na Awurade da kɛse no bɛba no, \q2 owia beduru sum \q2 na ɔsram nso ayɛ sɛ mogya. \q1 \v 21 Na obiara a ɔbɛbɔ \q2 Awurade din no benya nkwa.’ \p \v 22 “Israelfo, muntie! Yesu Nasareni no yɛ ɔbarima bi a ne dwuma kronkron a obedii no daa adi wɔ tumi ne anwonwade ne nsɛnkyerɛnne a Onyankopɔn nam ne so yɛe a mo ankasa di ho adanse no mu. \v 23 Onyankopɔn ankasa fi ne pɛ ne ne nhumu mu sii gyinae yii Yesu maa mo, na mode no maa nnebɔneyɛfo ma wɔbɔɔ no asennua mu kum no. \v 24 Nanso Onyankopɔn nyan no fii owu mu ma oyii no fii owuyaw mu, efisɛ owu antumi anni ne so.” \v 25 Asɛm a Dawid ka faa ne ho ne sɛ, \q1 “Mihu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa. \q2 Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa nti, \q2 merenhinhim da. \q1 \v 26 Ɛno nti me kra ani gye, na me tɛkrɛma di ahurusi. \q2 Me nipadua nso bɛhome asomdwoe mu. \q1 \v 27 Efisɛ worennyaw me awufo mu. \q2 Na woremma wo Kronkronni no mporɔw. \q1 \v 28 Woakyerɛ me nkwagye kwan; \q2 na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim. \p \v 29 “Anuanom, ɛsɛ sɛ meda mʼadwene adi pefee wɔ yɛn panyin Dawid ho. Owui na wosiee no, na ne nna da so wɔ hɔ besi nnɛ. \v 30 Na ɔyɛ odiyifo a onim bɔ bi a Onyankopɔn ahyɛ no no. Onyankopɔn hyɛɛ bɔ se ɔbɛyɛ Dawid asefo no mu baako ɔhene, sɛnea Dawid yɛ ɔhene no ara pɛ. \v 31 Dawid huu nea Onyankopɔn rebɛyɛ no ɔkasa faa owusɔre a ɛfa Agyenkwa no ho se, ‘Wɔannyaw no awufo mu. Ne honam nso amporɔw.’ \v 32 Onyankopɔn anyan saa Yesu yi afi owu mu, na yɛn nyinaa yɛ saa asɛm yi ho nnansefo. \v 33 Wɔahyɛ no anuonyam de no akɔtena Onyankopɔn nifa so ma ne nsa aka Honhom Kronkron no a Agya no hyɛɛ no ho bɔ no; ɛno na wahwie agu yɛn so, na ɛho nsɛnkyerɛnne na muhu na mote yi. \v 34 Dawid ankasa de, wankɔ ɔsoro, na mmom ɔkae se, \q1 “ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura se, \q2 “Tena me nsa nifa so ha, \q1 \v 35 kosi sɛ mede wʼatamfo \q2 bɛyɛ wʼanan ntiaso.” ’ \p \v 36 “Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa hu sɛ, mo na mobɔɔ saa Yesu yi a Onyankopɔn ayɛ no Awurade ne Agyenkwa no asennua mu.” \p \v 37 Bere a nnipa no tee saa asɛm yi, ɛhaw wɔn yiye. Enti wobisaa Petro ne asomafo a wɔaka no se, “Anuanom, dɛn na yɛnyɛ?” \p \v 38 Petro ka kyerɛɛ wɔn se, “Monsakra mo adwene na momma wɔmmɔ mo asu wɔ Yesu Kristo din mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde mo bɔne bɛkyɛ mo na moanya Onyankopɔn akyɛde a ɛyɛ Honhom Kronkron no. \v 39 Onyankopɔn hyɛɛ Honhom Kronkron yi ho bɔ maa mo ne mo mma ne wɔn a wɔtete akyirikyiri ne wɔn a Awurade, yɛn Nyankopɔn bɛfrɛ wɔn aba ne nkyɛn no nyinaa.” \p \v 40 Petro kaa nsɛm bebree kyerɛɛ wɔn se, “Munnye mo ho mfi asotwe a ɛreba saa nnebɔneyɛfo yi so no mu.” \v 41 Wɔn mu dodow no ara gyee asɛm no di ma wɔbɔɔ wɔn asu. Saa da no, nnipa bɛyɛ mpensa na wɔbɛkaa agyidifo no ho. \s1 Asafo No Asetena \p \v 42 Daa na wɔde wɔn adagyew nyinaa sua asomafo no nkyerɛkyerɛ. Wɔne wɔn nyaa ayɔnkofa, hyia didi bɔɔ mu ne wɔn bɔɔ mpae. \v 43 Asomafo no yɛɛ anwonwade ahorow bebree ma obiara a ohuu no ho dwiriw no. \v 44 Gyidifo no nyinaa kɔɔ so tenaa ase sɛ nnipa koro, na wɔkyekyɛɛ wɔn ahode mu memaa wɔn ho wɔn ho. \v 45 Wɔtɔn wɔn ahode kyekyɛɛ sika a wonya fii mu no maa wɔn ho wɔn ho sɛnea ɛho hia obiara. \v 46 Daa na wɔbɔ mu hyia wɔ asɔredan mu de anigye ne koma pa bɔ mu didi wɔ wɔn afi mu. Wɔkamfoo Onyankopɔn, nyaa anuonyam wɔ nnipa anim. \v 47 Da biara na Awurade de wɔn a ogye wɔn nkwa no bɛka wɔn ho. \c 3 \s1 Obubuafo Bi Ayaresa \p \v 1 Da bi Petro ne Yohane kɔɔ asɔredan mu awia nnɔnabiɛsa a na ɛyɛ bere a wɔde bɔ mpae. \v 2 Wɔreyɛ adu asɔredan pon a wɔfrɛ no Ɔpon Fɛfɛ ano no, wohuu obubuafo bi sɛ ɔda hɔ. Na wɔsoa saa obubuafo yi de no bɛto ɔpon yi ano da biara ma ɔsrɛsrɛ sika fi wɔn a wɔrekɔ asɔredan no mu no nkyɛn. \v 3 Bere a ohuu sɛ Petro ne Yohane rekɔ mu no, ɔsrɛɛ wɔn se wɔmma no biribi. \v 4 Wɔhwɛɛ nʼanim dinn na Petro ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ yɛn!” \v 5 Ɔhwɛɛ wɔn susuw sɛ wɔbɛma no biribi. \p \v 6 Nanso Petro ka kyerɛɛ no se, “Sika de, minni bi; na nea mewɔ a mede bɛma wo ne sɛ Yesu Kristo Nasareni din mu, sɔre nantew!” \v 7 Afei Petro de ne nsa nifa soo no mu maa no so gyinaa hɔ. Prɛko pɛ, nʼanan mu yɛɛ den. \v 8 Ohuruw gyinaa nʼanan so na ofii ase nantewee. Afei ɔne wɔn nyinaa kɔɔ asɔredan no mu a ɔrehuruhuruw, rekamfo Onyankopɔn. \v 9 Nnipa no nyinaa huu no sɛ ɔnam reyi Onyankopɔn ayɛ. \v 10 Wohuu no no, wohuu sɛ ɔno ne ɔsrɛsrɛni a na ɔda asɔredan pon a wɔfrɛ no Ɔpon Fɛfɛ no ano no, wɔn ho dwiriw wɔn. \s1 Petro Kasa Kyerɛ Nnipa No \p \v 11 Bere a nnipa no huu sɛ ɔbarima no ne Petro ne Yohane nam no, wɔn ho dwiriw wɔn; enti wotuu mmirika kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ baabi a wɔfrɛ no Salomo Abrannaa no so hɔ. \v 12 Bere a Petro huu nnipadɔm no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Israelfo, adɛn na eyi yɛ mo nwonwa? Adɛn nti na mohwɛ yɛn, susuw sɛ yɛnam yɛn tumi anaa yɛn som pa so na asa ɔbarima yi yare? \v 13 Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn ne yɛn nenanom Nyankopɔn ama ne somfo Yesu ɔsoro anuonyam. Mode no maa atumfo; na bere a Pilato yɛɛ sɛ obegyaa no no mpo, mopoo no wɔ nʼanim. \v 14 Na ɔyɛ Kronkron, ɔteɛ; nanso mopoo no na mosrɛɛ Pilato sɛ ɔmfa odwotwafo mma mo. \v 15 Enti mukum obi a ogye nnipa kɔ nkwa mu. Nanso Onyankopɔn nyan no fii awufo mu na yɛyɛ eyi ho nnansefo. \v 16 Tumi a ɛwɔ ne din mu no na ɛmaa saa obubuafo yi nyaa ahoɔden. Gyidi a yɛwɔ wɔ ne din mu no na ɛma yetumi yɛɛ saa anwonwade a muhu yi. Gyidi a yɛwɔ wɔ Yesu din mu no na ama ne ho atɔ no a ogyina mo anim mprempren yi. \p \v 17 “Afei me nuanom, minim sɛ nea mo ne mo mpanyimfo yɛɛ Yesu no, na onim na munnim. \v 18 Tete no, Onyankopɔn nam nʼadiyifo so kae se Agyenkwa no behu amane. Na ɔnam saa kwan yi so ma ɛbaa mu. \v 19 Monsakra mo adwene na momfa mo ho mma Onyankopɔn na wɔbɛpepa mo bɔne, na moanya foforoyɛ mmere afi Awurade hɔ, \v 20 na wasoma Yesu a ɔyɛ Agyenkwa a wɔayi no ama mo no. \v 21 Sɛnea Onyankopɔn nam nʼadiyifo akronkron so aka dedaw no, ɛsɛ sɛ ɔtena ɔsoro kosi sɛ nneɛma nyinaa bɛyɛ foforo. \v 22 Na Mose kae se, ‘Awurade, mo Nyankopɔn bɛsoma odiyifo aba mo nkyɛn sɛnea ɔsomaa me a mifi mo mu no. Ɛsɛ sɛ mutie asɛm biara a ɔbɛka akyerɛ mo. \v 23 Obiara a wantie nea odiyifo no bɛka no, wobeyi no afi Onyankopɔn nkurɔfo ho na wɔasɛe no.’ \p \v 24 “Samuel ne adiyifo a akyiri no wɔbae no nyinaa nso aka asɛm a asi nnɛ yi ho asɛm pɛn. \v 25 Onyankopɔn bɔ a ɔnam adiyifo so hyɛe no yɛ mo dea. Saa ara nso na mowɔ kyɛfa wɔ apam a Onyankopɔn ne mo agyanom pam no mu. Sɛnea ɔka kyerɛɛ Abraham se, ‘Wʼasefo so na menam behyira wiasefo nyinaa.’ \v 26 Enti Onyankopɔn dii kan yii ne somfo somaa no baa mo nkyɛn sɛ ɔmmɛdom mo na mo nyinaa nnan mfi mo akwammɔne no so.” \c 4 \s1 Petro Ne Yohane Gyina Asennii \p \v 1 Bere a Petro ne Yohane gu so rekasa akyerɛ nkurɔfo no, asɔfo ne ɔpanyin a ɔhwɛ awɛmfo a wɔhwɛ asɔredan no so no ne Sadukifo baa wɔn nkyɛn. \v 2 Wɔn bo fuw yiye, efisɛ na saa asomafo yi rekyerɛkyerɛ nnipa no sɛ Yesu asɔre afi owu mu a ɛkyerɛ sɛ awufo tumi nyan ba nkwa mu. \v 3 Wɔkyeree asomafo no, nanso esiane sɛ na ade asa nti, wɔde wɔn guu afiase kosii adekyee. \v 4 Nanso nnipa a wɔtee asɛm no mu dodow no ara bɛyɛ sɛ mpem anum gyee asɛm no dii. \p \v 5 Ade kyee no, Yudafo mpanyin, mpanyimfo ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo hyiaa wɔ Yerusalem. \v 6 Wohyiaa Ɔsɔfopanyin Anas ne Kaiafa ne Yohane ne Aleksandro ne afoforo a wofi Ɔsɔfopanyin no abusua mu. \v 7 Wɔma wɔde asomafo baanu yi baa wɔn anim bisaa wɔn se, “Tumi bɛn anaa hena din na mode yɛɛ eyi?” \p \v 8 Petro a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no buae se, “Ɔman mpanyimfo ne atitiriw. \v 9 Sɛ nnɛ mugyina ha bisa yɛn ade pa a yɛyɛ maa obubuafo no maa ne ho tɔɔ no no a, \v 10 ɛno de ɛsɛ sɛ mo ne Israelfo nyinaa hu sɛ saa onipa a ogyina ha yi, ɛnam Yesu Kristo a ofi Nasaret a mobɔɔ no asennua mu na Onyankopɔn nyan no fii awufo mu no tumi mu na ne ho ayɛ no den.” \v 11 Yesu ne onipa a Kyerɛwsɛm ka fa ne ho se, \q1 “ ‘Ɔbo a mo adansifo poe no na \q2 abɛyɛ tweatibo.’ \m \v 12 Ɔno nko ara mu na nkwagye wɔ; efisɛ din biara nni wiase ha a nnipa nam so benya nkwagye.” \p \v 13 Ɛyɛɛ agyinatufo no ahodwiriw sɛ Petro ne Yohane a wonsuaa nhoma da na wɔyɛ nnipa teta no tumi kasaa akokoduru so saa. Wohuu sɛ saa asomafo yi ne Yesu nantewee. \v 14 Nnipa no antumi anka asɛm biara bio, efisɛ wohuu sɛ ɔbarima a na ne ho atɔ no no ne Petro ne Yohane gyina hɔ. \v 15 Wɔma wofii asennii hɔ ma wodwinnwen asɛm no ho. \v 16 Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Dɛn na yɛnyɛ saa nnipa yi? Obiara a ɔwɔ Yerusalem ha ate sɛ saa nnipa yi ayɛ anwonwade a yɛrentumi ntwa ho nkontompo. \v 17 Sɛnea ɛbɛyɛ a saa nnipa yi remma saa asɛm yi ntrɛw nkɔ afoforo nkyɛn no, momma yɛmfrɛ wɔn, mmɔ wɔn kɔkɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremmɔ Yesu din nkyerɛ obiara bio.” \p \v 18 Wɔfrɛɛ asomafo baanu yi bae, hyɛɛ wɔn sɛ wonni ho kwan biara sɛ wɔbɔ Yesu Kristo din anaa wɔkyerɛkyerɛ wɔ ne din mu. \v 19 Petro ne Yohane buaa wɔn se, “Sɛ yebetie Onyankopɔn anaa yebetie mo no, emu nea ɛwɔ he na eye? Mo ara mummua mfa. \v 20 Nea yɛahu ne nea yɛate de, yɛrentumi nnyae ho asɛnka.” \p \v 21 Agyinatufo no bɔɔ wɔn kɔkɔ bio gyaa wɔn, efisɛ wɔannya biribiara annyina so antwe wɔn aso; afei nso na nnipa no nyinaa rekamfo Onyankopɔn wɔ asɛm a asi no ho. \v 22 Na ɔbarima a wɔnam anwonwakwan so saa no yare no adi boro mfe aduanan. \s1 Agydifo No Mpaebɔ \p \v 23 Wogyaa Petro ne Yohane pɛ na wɔkɔɔ agyidifo a wɔaka no nkyɛn kɔkaa nea asɔfo mpanyin ne mpanyimfo no kae no kyerɛɛ wɔn. \v 24 Bere a wɔtee saa asɛm no, wɔn nyinaa bɔɔ mu bɔɔ mpae se, “Owura, Ɔbɔade a wobɔɔ ɔsoro, asase ne po ne biribiara a ɛwɔ mu, \v 25 wonam Honhom Kronkron so nam yɛn nena Dawid a ɔyɛ wʼakoa no so ma ɔkae se, \q1 “Adɛn nti na amanaman no hyehyɛ bɔne ho, \q2 na nnipa no bɔ pɔw hunu yi? \q1 \v 26 Asase so ahemfo sɔre gyina \q2 na atumfo bɔ mu tu agyina \q1 tia Awurade \q2 ne Agyenkwa no. \m \v 27 Ampa ara Herode ne Pontio Pilato ne amanamanmufo ne Israelfo hyiaa wɔ kurow kɛse yi mu sɔre tiaa Yesu a ɔyɛ Ɔsomfo Kronkron a woatew ne ho no. \v 28 Wohyia yɛɛ biribiara a wonam wo tumi ne wo pɛ so ahyɛ ato hɔ sɛ ɛbɛba mu no. \v 29 Afei Awurade, hwɛ ahunahuna a wɔrehunahuna yɛn yi na ma yɛn a yɛyɛ wʼasomfo yi mfa akokoduru nka wʼasɛm yi. \v 30 Ma wo nsa so fa sa nyarewa, na fa wo somfo Kronkron Yesu Kristo din so yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade.” \p \v 31 Wɔbɔɔ mpae wiee no, faako a wohyiaa hɔ wosowee. Honhom Kronkron bɛhyɛɛ wɔn nyinaa ma ma na wofii ase de akokoduru kaa Onyankopɔn asɛm. \s1 Agyidifo No Asetena \p \v 32 Agyidifo no nyinaa tenaa ase sɛ nnipa koro. Wɔn mu bi anka se nʼankasa ahode bi yɛ ɔno nko ara de; biribiara a wɔwɔ no, wɔn nyinaa kyekyɛɛ mu pɛ fae. \v 33 Asomafo no nam tumi a emu yɛ den so dii Awurade Yesu wusɔre no ho adanse na Onyankopɔn hyiraa wɔn nyinaa. \v 34 Biribiara ho anhia obiara a ɔfra kuw no mu, efisɛ wɔn a na wɔwɔ nsase ne afi no tontɔnee, de sika a wonya fii mu no \v 35 brɛɛ asomafo no ma wɔkyekyɛɛ sɛnea ɛho hia obiara. \p \v 36 Yosef a na ɔyɛ Lewini a ofi Kipro a na asomafo no frɛ no Barnaba, a ne nkyerɛase ne “Nkuranhyɛ Ba” no, \v 37 tɔn nʼasase de sika a onyae no brɛɛ asomafo no. \c 5 \s1 Anania Ne Safira \p \v 1 Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania ne ne yere Safira kɔtɔn wɔn agyapade bi. \v 2 Ɔne ne yere yi yɛɛ adwene de sika a wonyae no bi siei, na wɔde nkae no brɛɛ asomafo no. \p \v 3 Petro bisaa no se, “Anania, adɛn nti na woama ɔbonsam ho kwan ama wabɛhyɛ wo mu na woadi atoro akyerɛ Honhom Kronkron no na wode sika a wunyaa no bi asie? \v 4 Ansa na worebɛtɔn agyapade no na ɛnyɛ wʼankasa wo de; wotɔn wiee no nso sika a wunyae no, na ɛnyɛ wo de; na adɛn nti na woyɛɛ wʼadwene sɛ wobɛyɛ nea woayɛ yi? Ɛnyɛ nnipa na woadi atoro akyerɛ wɔn, na mmom woadi atoro akyerɛ Onyankopɔn.” \p \v 5 Anania tee saa asɛm yi ara pɛ, otwa hwee fam wui; na ehu kaa obiara a ɔtee saa asɛm no. \v 6 Wɔn mu mmerante no ba bɛkyekyeree amu no fii adi kosiee no. \p \v 7 Ɛbɛyɛ nnɔnhwerew abiɛsa akyi no, ne yere a na onnim asɛm a asi no baa hɔ. \v 8 Petro bisaa no se, “Wo ne wo kunu, motɔn mo asase no, sika a munyae nyinaa ara ni? Ka kyerɛ me.” \p Obuaa se, “Yiw ne nyinaa ne no.” \p \v 9 Petro ka kyerɛɛ no se, “Adɛn nti na wo ne wo kunu penee so sɛ mobɛsɔ Onyankopɔn Honhom ahwɛ? Hwɛ! Nnipa a wokosiee wo kunu no gyina ɔpon yi akyi, na saa ara na wo nso, wɔbɛsoa wo akosie wo.” \p \v 10 Amono mu hɔ ara, otwa hwee Petro anim wui. Mmerante no behuu sɛ wawu no, wɔsoaa no kosiee no wɔ ne kunu nkyɛn. \v 11 Ehu kɛse bɔɔ asafo no nyinaa ne nnipa a wɔtee saa asɛm no. \s1 Asomafo No Sa Nyarewa \p \v 12 Na asomafo no taa hyia wɔ asɔredan no fa baabi a wɔfrɛ no “Salomo Abrannaa” so hɔ. Sɛ wohyia wɔ hɔ saa a, wɔyɛ anwonwade ahorow pii. \v 13 Ɛwɔ mu sɛ na nnipa a wɔnka wɔn ho no di wɔn ho adanse pa de, nanso wɔn mu biara antumi amfa wɔn ho ankɔbɔ asomafo no ho. \v 14 Akyiri no, nnipa dodow a wogyee Awurade dii no bɛkaa agyidifo no ho. \v 15 Esiane anwonwade a na asomafo no reyɛ no nti, wɔsoaa ayarefo baa mmɔnten so de wɔn totoo mpa ne akɛtɛ so sɛnea ɛbɛyɛ a Petro sunsuma bɛtɔ wɔn mu bi so kɛkɛ. \v 16 Nkurɔfo a wofifi nkurow a atwa Yerusalem ho ahyia no de wɔn ayarefo ne wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn mu no ba ma wɔsaa wɔn nyinaa yare. \s1 Wɔtaa Asomafo No \p \v 17 Ɔsɔfopanyin ne ne dɔm ne Sadukifo no ani beree asomafo no so yiye enti wɔyɛɛ adwene sɛ wɔbɛtwe wɔn aso. \v 18 Ɛno nti, wɔkyeree asomafo no de wɔn koguu afiase. \v 19 Da no ara anadwo, Awurade bɔfo behiɛɛ afiase apon no dii asomafo no anim ka kyerɛɛ wɔn se, \v 20 “Monkɔ asɔredan mu nkɔka nkwa foforo yi ho asɛm nkyerɛ nnipa no.” \p \v 21 Asomafo no dii asɛm a ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn no so; enti anɔpahema no wɔkɔɔ asɔredan mu hɔ kofii ase kyerɛkyerɛe. \p Ɔsɔfopanyin no ne ne dɔm no frɛɛ Yudafo mpanyin ma wɔyɛɛ nhyiamu kɛse bi; afei wɔsoma ma wɔkɔɔ afiase hɔ sɛ wɔnkɔfa asomafo no mmra wɔn anim. \v 22 Nanso, bere a nnipa no duu afiase hɔ no, wɔanhu asomafo no; enti wɔsan ba bɛbɔɔ wɔn amanneɛ se, \v 23 “Bere a yeduu afiase hɔ no, yehuu sɛ wɔatoto afiase apon no nyinaa mu petee a awɛmfo no gyinagyina ano. Nanso yebuebuee apon no, yɛanhu obiara wɔ mu.” \v 24 Bere a ɔpanyin a ɔhwɛ asɔredan mu awɛmfo no so ne asɔfo mpanyin no tee saa asɛm no, wɔn adwene mu yɛɛ wɔn naa, efisɛ na wonhu asɛm a asi. \p \v 25 Ankyɛ koraa na ɔbarima bi baa hɔ bɛka kyerɛɛ wɔn se, “Nnipa a mode wɔn guu afiase no gyinagyina asɔredan no mu rekyerɛkyerɛ nnipa no.” \v 26 Awɛmfo no so panyin no tee asɛm no, ɔne ne nkurɔfo no kɔkyeree asomafo no de wɔn bae. Awɛmfo no so panyin no ne awɛmfo no amfa asomafo no amma ɔhyɛ so, efisɛ na wonim sɛ, sɛ wɔyɛ saa a, nnipa no besiw wɔn abo. \p \v 27 Wɔde asomafo no begyinaa agyinatufo no anim ma Ɔsɔfopanyin no ka kyerɛɛ wɔn se, \v 28 “Yɛhyɛɛ mo sɛ monnkyerɛkyerɛ wɔ Yesu din mu, nanso moantie. Mode mo nkyerɛkyerɛ yi afa Yerusalem baabiara, na mopɛ sɛ mokyerɛ sɛ, yɛn na yekum saa ɔbarima no!” \p \v 29 Petro ne asomafo a wɔka ne ho no buaa wɔn se, “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn na ɛnyɛ nnipa, \v 30 efisɛ mobɔɔ Yesu asennua mu, kum no no, yɛn agyanom Nyankopɔn nyan no fii owu mu. \v 31 Onyankopɔn hyɛɛ no anuonyam de no tenaa ne nsa nifa so sɛ Ɔhene ne Agyenkwa a ɛnam no so bɛma Israelfo asakra wɔn adwene na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn. \v 32 Yɛne Honhom Kronkron a ɛyɛ akyɛde a Awurade de ma wɔn a wotie no no di eyi ho adanse.” \p \v 33 Agyinatufo no tee asɛm no, wɔn bo fuwii, na wɔkae se wobekum asomafo no. \v 34 Nanso wɔn mu baako a wɔfrɛ no Gamaliel a ɔyɛ Farisini na ɔsan yɛ Kyerɛwsɛm no kyerɛkyerɛfo a na nnipa bu no no sɔre gyina hyɛɛ sɛ wɔmfa asomafo no mfi adi. \v 35 Afei, ɔkasa kyerɛɛ agyinatufo no se, “Me nuanom Israel mmarima, munnwen nea mopɛ sɛ moyɛ saa nnipa yi ho yiye. \v 36 Ɛnkyɛe biara na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Teuda sɔre kaa se ɔyɛ onipa titiriw bi maa nnipa bɛyɛ ahannan tu dii nʼakyi. Nanso wokum no maa nʼakyidifo no nyinaa bɔɔ ahwete. \v 37 Nʼakyi na Yuda a ofi Galilea nso sɔree nnipakan bere no mu. Ɔno nso nnipa pii dii nʼakyi. Saa ara na ɔno nso wokum no maa nʼakyidifo no bɔɔ ahwete. \v 38 Ɛno nti mitu mo fo se, munnyaa saa nnipa yi ma wɔnkɔ wɔn baabi. Sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ ne wɔn nnwuma yi fi onipa a, ebegu. \v 39 Nanso sɛ efi Onyankopɔn a, morentumi nsiw wɔn kwan. Mubehu sɛ moreko atia Onyankopɔn.” \p \v 40 Agyinatufo no tiee Gamaliel afotu no. Wɔma wɔde asomafo no ba ma wɔbɔɔ wɔn mmaa\f + \fr 5.40 \fr*\ft Yudafo asotwe a ɛyɛ mmaabɔ aduanan a wɔayi so baako na wɔde hwee wɔn (\+xt 2 Ko 11.24\+xt*).\ft*\f* hyɛɛ wɔn sɛ wɔmmmɔ Yesu din mfa nkyerɛkyerɛ bio. Afei wogyaa wɔn. \p \v 41 Esiane sɛ asomafo no huu sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɛsɛ sɛ wohu amane wɔ Yesu din mu no nti, wɔde anigye na efii asennii hɔ. \v 42 Wɔannyae Yesu Kristo ho asɛmpa no ka ne nkyerɛkyerɛ wɔ hyiadan ne afi mu da. \c 6 \s1 Woyi Asafo No Mu Asomfo \p \v 1 Bere bi akyi a na asuafo no redɔɔso no, akasakasa sii Hebrifo a wɔka Arameike ne Hebrifo a wɔka Hela kasa no ntam. Na Hebrifo a wɔka Hela no asɛm ne sɛ, Hebrifo a wɔka Arameike no nhwɛ wɔn akunafo yiye. \v 2 Enti asomafo dumien no frɛɛ asuafo no nyinaa ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɛnsɛ sɛ yegyae Onyankopɔn asɛnka kɔkyɛ aduan. \v 3 Enti anuanom, munyi mo mu nnipa baason a Honhom Kronkron ahyɛ wɔn ma na wonim nyansa na wɔahwɛ aka saa asɛm no. \v 4 Yɛn ankasa de, yɛde yɛn adagyew nyinaa bɛbɔ mpae aka Asɛmpa no.” \p \v 5 Nnipa no nyinaa penee adwene a asomafo no de bae no so. Enti, woyii Stefano a na gyidi ne Honhom Kronkron ahyɛ no ma no, ne Filipo, Prokoro, Nikanor, Timon, Pamina ne Nikolao a ofi Antiokia a na anka ɔwɔ Yudasom mu no. \v 6 Wɔde saa nnipa yi kyerɛɛ asuafo no ma wɔbɔɔ mpae de wɔn nsa guu wɔn so. \p \v 7 Nnipa pii gyee asɛm no di maa wɔn mu dodow no ara bɛkaa wɔn ho. Yudafo no mu pii nso gyee wɔn nkyerɛkyerɛ no dii. \s1 Wɔkyere Stefano \p \v 8 Stefano a Onyankopɔn adom ne tumi ahyɛ no ma no yɛɛ anwonwade ahorow bebree wɔ asafo no mu. \v 9 Nanso da koro bi, nnipa bi a wofi Yudafo hyiadan bi a wɔfrɛ no “Ahofadifo Hyiadan” no mu a wɔyɛ Yudafo a wofi Kirene ne Aleksandria ne wɔn a wofi Kilikia ne Asia no ne Stefano gyee akyinnye. \v 10 Nanso Honhom no maa Stefano nyansa ma ɔde kasae a obiara antumi anka hwee. \p \v 11 Ɛno nti wɔka hyɛɛ nkurɔfo bi ano se, “Yɛtee sɛ ɔreka abususɛm atia Mose ne Onyankopɔn.” \p \v 12 Wɔnam saa ɔkwan yi so maa nnipa no ne mpanyin no ne Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no sɔre tiaa Stefano. Wɔbɛkyeree Stefano de no kɔɔ baguafo anim. \v 13 Afei, wɔde nnipa ba bedii adansekurum tiaa Stefano se, “Saa onipa yi ka abususɛm tia yɛn asɔredan kronkron no ne Mose Mmara no daa. \v 14 Yɛtee mpo sɛ ɔreka se, saa Yesu Nasareni no bedwiriw yɛn asɔredan no agu na wasesa yɛn amanne a Mose de gyaw yɛn no!” \p \v 15 Nnipa a na wɔte bagua mu hɔ no nyinaa hwɛɛ Stefano anim, na wohuu sɛ nʼanim ayɛ te sɛ ɔsoro ɔbɔfo anim. \c 7 \s1 Stefano Yi Ne Ho Ano \p \v 1 Ɔsɔfopanyin no bisaa Stefano se, “Nsɛm a wɔaka agu wo so no nyinaa yɛ nokware ana?” \p \v 2 Stefano buae se, “Anuanom ne agyanom, muntie me! Ansa na yɛn agya Abraham rebefi Mesopotamia akɔtena Haran no, Onyankopɔn daa nʼanuonyam adi kyerɛɛ no, \v 3 ka kyerɛɛ no se, ‘Fi wʼabusuafo nkyɛn ne wʼasase so kɔ baabi a mɛkyerɛ wo no.’ \p \v 4 “Enti ofii Kaldea asase so kɔtenaa Haran. Abraham agya wu akyi no Onyankopɔn ma ɔbɛtenaa asase a mote so mprempren yi so. \v 5 Onyankopɔn amfa asase no fa baabiara ankyɛ Abraham sɛ nʼankasa de. Nanso Onyankopɔn hyɛɛ no bɔ sɛ ɛbɛyɛ ɔne nʼasefo nyinaa dea. Bere a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ yi na onni mma. \v 6 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham se, ‘Wʼasefo bɛtena ananafo asase so ayɛ nkoa wɔ hɔ na wɔayɛ wɔn ayayade mfe ahannan. \v 7 Na mɛtwe ɔman a wɔbɛsom wɔn no aso; na ɛno akyi wobefi saa ɔman no mu abɛsom me wɔ ha.’ \v 8 Onyankopɔn ne Abraham yɛɛ apam na wɔde twetiatwa yɛɛ apam no ho nsɛnkyerɛnne. Eyi nti wɔwoo Isak nnaawɔtwe akyi na wotwaa no twetia; Isak nso twaa Yakob twetia, saa ara na Yakob twitwaa agyanom mpanyin dumien no nso twetia. \p \v 9 “Agyanom mpanyin no ani beree Yosef enti wɔtɔn no ma ɔkɔyɛɛ akoa wɔ Misraim. Nanso esiane sɛ na Onyankopɔn wɔ nʼafa nti \v 10 oyii no fii ne haw nyinaa mu. Ɔmaa Yosef nyansa na Misraimhene Farao pɛɛ nʼasɛm. Eyi maa Farao yɛɛ Yosef ɔman no so amrado ne ahemfi hɔ nyinaa sohwɛfo. \p \v 11 “Saa bere no mu na ɔkɔm kɛse ne ahohia sii Misraim ne Kanaan asase nyinaa so a na yɛn agyanom nnya aduan mpo nni. \v 12 Enti bere a Yakob tee sɛ aduan wɔ Misraim no, ɔsomaa ne mma a wɔyɛ yɛn agyanom ma wɔkɔɔ hɔ nea edi kan. \v 13 Wɔkɔɔ ne mprenu so no, Yosef daa ne ho adi kyerɛɛ ne nuanom, na ɛnam so ma Farao huu Yosef abusuafo. \v 14 Yosef kraa nʼagya Yakob se ɔne nʼabusuafo nyinaa mmra Misraim. Na wɔn nyinaa dodow yɛ aduɔson anum. \v 15 Afei, Yakob kɔtenaa Misraim na ɛhɔ na ɔne yɛn agyanom nyinaa wuwui. \v 16 Wɔde wɔn amu no kɔɔ Sekem kosiee wɔn wɔ Abraham asiei bi a ɔtɔ fii Hamor abusua mu no hɔ. \p \v 17 “Bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham no bere redu no, na yɛn nkurɔfo a wɔwɔ Misraim no ase atrɛw. \v 18 Akyiri no, ɔhene foforo bi bedii ade wɔ Misraim a na onnim Yosef ho asɛm. \v 19 Saa ɔhene yi de atirimɔden dii yɛn agyanom so, hyɛɛ wɔn ma wɔtotow wɔn mma gui sɛnea ɛbɛyɛ a wobewuwu. \p \v 20 “Saa bere yi mu na wɔwoo Mose a na okura Onyankopɔn anuonyam no. Wɔhwɛɛ no wɔ nʼagya fi asram abiɛsa, \v 21 na woyii no fii hɔ no, Farao babea kɔfaa no de no baa ne fi hwɛɛ no sɛ nʼankasa ne ba. \v 22 Wɔtetew no wɔ Misraimfo nimdeɛ mu ma ɔyɛɛ den wɔ ɔkasa ne nneyɛe mu. \p \v 23 “Mose dii mfe aduanan no, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrekɔsra ne nuanom Israelfo. \v 24 Oduu hɔ no ohuu sɛ Misraimni bi resisi ne nuanom mu baako bi. Mose kɔboaa ne nua no ma Mose kum Misraimni no. \v 25 Mose susuw sɛ nʼankasa nkurɔfo behu sɛ Onyankopɔn nam ne so bɛma wɔade wɔn ho nanso wɔante ase. \v 26 Ade kyee no, ohuu sɛ Israelfo baanu bi reko enti ɔkɔɔ hɔ sɛ ɔrekɔpata. Obisaa wɔn se, ‘Adɛn nti na moatwa mo ho reko? Munnim sɛ moyɛ anuanom ana?’ \p \v 27 “Nea ɔresisi ne yɔnko no sum Mose bisaa no se, ‘Hena na ɔyɛɛ wo yɛn so panyin ne otemmufo? \v 28 Wopɛ sɛ wukum me sɛnea nnɛra wukum Misraimni no ana?’ \v 29 Mose tee saa no, otu fii Misraim kɔtenaa Midian asase so. Ɛhɔ na ɔwoo mmabarima baanu. \p \v 30 “Mfe aduanan akyi no, ɔbɔfo nam wura bi gyaframa mu yii ne ho adi kyerɛɛ Mose wɔ sare bi a ɛbɛn bepɔw Sinai no so. \v 31 Nea Mose huu no maa ne ho dwiriw no enti otwiw bɛn ho pɛɛ sɛ ɔhwɛ no yiye. Ɔtee Awurade nne se, \v 32 ‘Mene wo agyanom Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn.’ Ehu kaa Mose nti wantumi anhwɛ. \p \v 33 “Awurade ka kyerɛɛ Mose se, ‘Worɔw wo mpaboa, efisɛ faako a wugyina no yɛ asase kronkron. \v 34 Mahwɛ na mahu atirimɔden a wɔde yɛ me manfo a wɔwɔ Misraim no. Mate apini a wɔresi no nyinaa na maba sɛ merebegye wɔn. Yɛ ntɛm na mensoma wo nkɔ Misraim.’ \p \v 35 “Saa Mose yi ne obi a Israelfo poo no bere a wobisaa no se, ‘Hena na ɔyɛɛ wo yɛn so panyin ne otemmufo no?’ Ɔno na Onyankopɔn nam ɔbɔfo a oyii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ nwura a ɛrehyew no gyaframa mu no, yɛɛ no ɔpanyin ne ogyefo. \v 36 Ɔno na ɔnam anwonwade ne nsɛnkyerɛnne so yii Israelfo fii Misraim de wɔn twaa Po Kɔkɔɔ no, dii wɔn anim wɔ sare so mfe aduanan no. \p \v 37 “Mose yi ara na ɔka kyerɛɛ Israelfo se, sɛnea Onyankopɔn somaa me no, saa ara na obeyi odiyifo a ɔte sɛ me afi mo mu aba mo nkyɛn. \v 38 Ɔno ne obi a ɔne Israelfo yɛɛ nhyiamu wɔ sare no so hɔ; ɔne yɛn agyanom ne ɔbɔfo a ɔkasa kyerɛɛ wɔn wɔ Sinai Bepɔw no so no. Ne nsa kaa Onyankopɔn asɛm a nkwa wɔ mu no de brɛɛ yɛn. \p \v 39 “Nanso yɛn agyanom antie no. Wɔpoo no pɛɛ sɛ wɔsan kɔ Misraim asase so bio. \v 40 Enti wɔka kyerɛɛ Aaron se, ‘Yɛ ahoni bi a wobedi yɛn anim ma yɛn, efisɛ yennim asɛm a ato saa Mose a oyii yɛn fii Misraim asase so no!’ \v 41 Wɔyɛɛ nantwi ba sɛso honi bi bɔɔ afɔre maa no, gyee wɔn ani sɛnea ɛsɛ. \v 42 Onyankopɔn twee ne ho fii wɔn ho ma wɔsom ɔsoro nsoromma sɛnea wɔakyerɛw wɔ adiyifo nhoma mu se, \q1 “ ‘Israelfo, ɛnyɛ me na mode afɔrebɔde ne ayɛyɛde brɛɛ me \q2 mfe aduanan wɔ sare so ana? \q1 \v 43 Mode mo ho nyinaa ato Molek nyame, \q2 ne mo honi Rɛfan so; \q2 wɔyɛ ahoni a moayɛ sɛ mobɛsom wɔn. \q1 Saa nti mɛpam mo akogu Babilonia akyi.’ \p \v 44 “Saa bere no na ntamadan a edi adanse sɛ Onyankopɔn ka ne manfo ho no ka yɛn agyanom ho wɔ sare so hɔ. Mose sii ntamadan yi sɛnea Onyankopɔn kyerɛɛ no sɛ onsi no no ara pɛ. \v 45 Akyiri no, yɛn agyanom a Yosua dii wɔn anim no de ntamadan no baa asase a Onyankopɔn pam so nnipa de maa wɔn no so. Esii hɔ ara kosii Dawid bere so. \v 46 Onyankopɔn hyiraa Dawid enti obisaa Onyankopɔn se ɔmma onsi asɔredan mma Yakob Nyankopɔn. \v 47 Nanso Salomo na osii dan no maa Onyankopɔn. \p \v 48 “Nanso ɔsorosoro Nyankopɔn nte ɔdan a nnipa asi mu, sɛnea odiyifo no ka se, \q1 \v 49 “ ‘Ɔsoro yɛ mʼahengua, \q2 Awurade na ose. \q1 Na asase yɛ mʼanan ntiaso. \q2 Ɔdan bɛn na wubesi ama me? \q2 Na mʼahomegyebea wɔ he? \q1 \v 50 Ɛnyɛ mʼankasa na meyɛɛ eyinom nyinaa?’ \p \v 51 “Mo asoɔdenfo, mo a mo koma apirim na muntie Onyankopɔn asɛm. Mote sɛ mo agyanom pɛpɛɛpɛ. Mo nso daa musiw Honhom Kronkron no ho kwan. \v 52 Odiyifo bi wɔ hɔ a mo agyanom antaa no ana? Wokum Onyankopɔn asomafo a wodii kan bɔɔ ɔtreneeni a ɔbɛba no ho dawuru. Saa ara nso na moapa no, akum no. \v 53 Mo ara ne nnipa a monam abɔfo so nyaa Onyankopɔn mmara no, nanso moanni so.” \s1 Wosiw Stefano Abo \p \v 54 Agyinatufo no tee asɛm a Stefano kae no, wɔn bo fuw yiye. \v 55 Nanso Stefano a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no maa nʼani so hwɛɛ ɔsoro huu Onyankopɔn anuonyam ne Yesu Kristo sɛ ogyina Onyankopɔn nsa nifa so. \v 56 Stefano kae se, “Mihu sɛ ɔsoro abue na Onipa Ba no gyina Onyankopɔn nsa nifa so!” \p \v 57 Wɔteɛteɛɛ mu de wɔn nsa sisiw wɔn aso. Afei wɔn nyinaa bɔɔ twi kɔtow hyɛɛ no so, \v 58 twee no kɔɔ kurotia kosiw no abo. Wɔn a wosiw no abo no yiyii wɔn ntama de maa aberante bi a wɔfrɛ no Saulo sɛ ɔnhwɛ so. \p \v 59 Wɔresiw Stefano abo no nyinaa na ɔrebɔ mpae se, “Awurade Yesu, wo nsam na mede me honhom hyɛ!” \v 60 Afei obuu nkotodwe teɛɛ mu dennen se, “Awurade, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn.” Ɔkaa saa no, owui. \c 8 \s1 Wɔtaa Akyidifo No Ma Wɔbɔ Ahwete \p \v 1 Saulo penee kum a wokum Stefano no so. Saa da no ara, wɔtaa agyidifo a wɔwɔ Yerusalem no maa wɔn nyinaa bɔɔ ahwete kɔɔ Yudea ne Samaria nsase so ma ɛkaa asomafo no nko ara. \v 2 Onyamesurofo bi kɔfaa Stefano kosiee no. Wosuu no yiye. \v 3 Esiane sɛ na Saulo pɛ sɛ ogu asafo no nti ɔkɔɔ afi mu kɔkyekyeree agyidifo mmarima ne mmea de wɔn guu afiase. \s1 Filipo Ka Asɛmpa No Wɔ Samaria \p \v 4 Agyidifo a na wɔabɔ ahwete no kaa asɛmpa no wɔ baabiara a wɔkɔe. \v 5 Filipo kɔɔ Samaria kurow bi mu kɔkaa Agyenkwa no ho asɛm kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ hɔ no. \v 6 Bere a nnipakuw no tee asɛm a Filipo reka na wohuu anwonwade a ɔyɛe no, wɔn nyinaa tiee no. \v 7 Ahonhommɔne de nteɛteɛmu fii nnipa bebree mu. Saa ara na mmubuafo ne mpakye nso sɔre nantewee. \v 8 Eyi nti anigye baa Samaria. \s1 Simon Nkonyaayifo No \p \v 9 Na ɔbarima bi te saa kurow yi mu a wɔfrɛ no Simon a ɔyɛ nkonyaayifo a esiane ne nkonyaayi no nti Samariafo pii gye no di. Na ɔyɛ obi a ɔhoahoa ne ho sɛ odi mu. \v 10 Eyi maa nnipa a wɔwɔ kurow no mu no nyinaa gyee no too mu kae se, “Saa onipa yi ne Onyankopɔn tumi a wɔfrɛ no Ɔkɛse no.” \v 11 Esiane ne nkonyaa a na oyi no nti, ɛmaa nnipa no nyinaa tu dii nʼakyi. \v 12 Bere a saa nnipa yi gyee asɛmpa a Filipo ka faa Onyankopɔn ahenni ne Yesu Kristo din no ho dii no, wɔbɔɔ mmarima ne mmea nyinaa asu. \v 13 Simon nso gye dii ma wɔbɔɔ no asu. Baabiara a Filipo kɔe no, Simon dii nʼakyi. Anwonwade a ohuu no maa ne ho dwiriw no. \p \v 14 Bere a asomafo a wɔwɔ Yerusalem no tee sɛ Samariafo agye Onyankopɔn asɛm no adi no, wɔsomaa Petro ne Yohane kɔɔ wɔn nkyɛn. \v 15 Woduu hɔ no, wɔbɔɔ mpae maa agyidifo no sɛnea ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron bɛba wɔn so, \v 16 efisɛ saa bere no na asu kɛkɛ na wɔnam Awurade Yesu din so abɔ. Na Honhom Kronkron nnya mmaa wɔn so ɛ. \v 17 Afei Petro ne Yohane de wɔn nsa guguu wɔn so maa Honhom Kronkron baa wɔn so. \p \v 18 Simon huu sɛ asomafo no nsa a wɔde guguu wɔn so no na ɛma wonyaa Honhom Kronkron no, ɔmaa Petro ne Yohane sika srɛɛ sɛ, \v 19 “Momma me saa tumi yi bi na obiara a mede me nsa begu no so no anya Honhom Kronkron no bi.” \p \v 20 Petro ka kyerɛɛ no se, “Nnome nka wo ne wo sika nyinaa, efisɛ wususuw sɛ wubetumi de sika atɔ Onyankopɔn akyɛde no. \v 21 Wunni kyɛfa biara wɔ yɛn dwumadi yi mu, efisɛ wo koma mu ntew wɔ Onyankopɔn anim. \v 22 Sakra wʼadwene fi wo bɔne yi ho na bɔ mpae srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmfa wo bɔne nkyɛ wo. \v 23 Mihu sɛ anibere bɔne ahyɛ wo koma mu ama bɔne afa wo nnommum.” \p \v 24 Simon srɛɛ Petro ne Yohane se, “Mommɔ mpae mma me na saa nnome yi mu biara amma me so.” \p \v 25 Ansa na Petro ne Yohane redu Yerusalem no, wɔkaa asɛmpa no wɔ Samaria nkuraa bebree ase. \s1 Filipo Ne Etiopiani No \p \v 26 Awurade bɔfo ka kyerɛɛ Filipo se, “Sɔre siesie wo ho kɔ anafo kwan a efi Yerusalem kɔ Gasa no so.” \v 27 Bere a Filipo rekɔ no, ohyiaa Etiopiani piamni bi a ɔyɛ Etiopiahemmea Kandake dabeni\f + \fr 8.27 \fr*\fq Dabeni\fq*\fqa : \fqa*\ft Obi a ɔhwɛ ɔhene anaa ɔhemmea nnabea ne nʼahode so.\ft*\f*. Na saa onipa yi akɔ asɔre wɔ Yerusalem, \v 28 a na ɔte ne teaseɛnam mu resan akɔ fie. Na ɔrekenkan Odiyifo Yesaia nhoma no. \v 29 Honhom Kronkron ka kyerɛɛ Filipo se, “Twiw bɛn no.” \p \v 30 Filipo yɛɛ ntɛm kɔɔ teaseɛnam no ho na ɔtee sɛ ɔrekenkan Odiyifo Yesaia nhoma no, obisaa se, “Wote nea worekenkan yi ase ana?” \p \v 31 Piamni no buaa no se, “Mɛyɛ dɛn na mate ase? Gye sɛ obi kyerɛ me ase.” Afei ɔka kyerɛɛ Filipo se ɔmforo mmɛtena ne nkyɛn wɔ ne teaseɛnam no mu. \p \v 32 Na piamni no rekenkan saa Kyerɛwsɛm yi: \q1 “Ɔte sɛ oguamma a wɔrekokum no. \q2 Sɛnea oguamma yɛ komm wɔ ne nwitwitwafo anim no, \q2 saa ara na wammue nʼano. \q1 \v 33 Nʼanimguase mu, wannya odimafo. \q2 Na hena na ɔbɛka nʼasefo ho asɛm? \q2 Efisɛ woyii no fii asase yi so.” \p \v 34 Piamni no bisaa Filipo se, “Odiyifo no reka nʼankasa ho asɛm anaa obi foforo ho asɛm?” \v 35 Filipo nam saa asɛm no so kaa nsɛmpa a ɛfa Yesu ho no kyerɛɛ no. \p \v 36 Wɔrekɔ no woduu asu bi ho. Piamni no ka kyerɛɛ Filipo se, “Nsu ni. Dɛn na esiw wo kwan sɛ wobɔ me asu?” \v 37 Filipo ka kyerɛ no se, “Sɛ wufi wo koma mu gye di a, mɛbɔ wo asu.” Piamni no buaa no se, “Migye di. Migye di sɛ Yesu Kristo yɛ Onyankopɔn Ba.” \v 38 Piamni no hyɛ maa teaseɛnam no gyinae. Ɔne Filipo kɔɔ asu no ho ma ɔbɔɔ no asu. \v 39 Wofi nsu no mu no, Onyankopɔn Honhom hwim Filipo fii piamni no nkyɛn kɔe. Wanhu Filipo bio de, nanso ɔde anigye toaa nʼakwantu no so. \v 40 Filipo kopuee Asoto kɔɔ so kaa asɛmpa no wɔ nkurow no mu kosii sɛ okoduu Kaesarea. \c 9 \s1 Saulo Adwensakra \p \v 1 Saa bere no na Saulo ani abere sɛ ɔbɛtɔre Kristo akyidifo no ase. \v 2 Ɔkɔɔ Ɔsɔfopanyin no nkyɛn kogyee adansedi krataa a ɛbɛma no tumi ama wakɔ hyiadan mu wɔ Damasko akɔkyekyere Yesu akyidifo, mmea ne mmarima, na ɔde wɔn akɔ Yerusalem. \v 3 Ɔreyɛ abɛn Damasko no, prɛko pɛ na hann bi fi ɔsoro twa faa ne ho \v 4 ma otwa hwee fam. Afei, ɔtee nne bi se, \wj “Saulo! Adɛn nti na wotaa me?”\wj* \p \v 5 Saulo bisae se, “Ɛyɛ wo hena, Owura?” \p Nne no buae se, \wj “Ɛyɛ me Yesu a wotaa me no.”\wj* \v 6 Nne no kae se, \wj “Sɔre na kɔ kurow no mu na wɔbɛkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ.”\wj* \p \v 7 Nnipa a wɔne Saulo nam no gyinae a wɔantumi anka hwee; wɔtee nne no, nanso wɔanhu obiara. \v 8 Afei Saulo sɔre fii fam hɔ buee nʼani, nanso na onhu ade. Enti wokurakura no nkakrankakra de no kɔɔ Damasko. \v 9 Nnansa a odii wɔ Damasko no na onhu hwee. Na onnidi na ɔnnom nso. \p \v 10 Na osuani bi wɔ Damasko a wɔfrɛ no Anania. Awurade frɛɛ no anisoadehu mu se, \wj “Anania!”\wj* \p Ogyee so se, “Awurade!” \p \v 11 Awurade ka kyerɛɛ no se, \wj “Kɔ Yuda fi a ɛwɔ Ɔtempɔn Tee no so na kobisa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Saulo a ofi Tarso no ase; ɔrebɔ mpae.\wj* \v 12 \wj Anisoadehu mu na ohuu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Anania a ɔde ne nsa too no so sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔbɛsan ahu ade.”\wj* \p \v 13 Anania buae se, “Awurade, mate saa ɔbarima yi ho nsɛm bebree, ne haw a ɔhaw wʼakyidifo wɔ Yerusalem no. \v 14 Wakɔ asɔfo mpanyin nkyɛn akogye adansedi krataa a ɛbɛma no tumi na ɔde akyere obiara a ɔbɔ wo din wɔ ha no.” \p \v 15 Awurade ka kyerɛɛ Anania se, \wj “Kɔ! Efisɛ ɔno na mayi no a menam ne so bɛma amanamanmufo ne ahemfo ne Israelfo nyinaa ate me din.\wj* \v 16 \wj Na mɛkyerɛ no amane a esiane me din nti obehu.”\wj* \p \v 17 Afei Anania kɔɔ fie hɔ de ne nsa guu Saulo so kae se, “Onua Saulo, Awurade Yesu no ankasa a oyii ne ho adi kyerɛɛ wo wɔ ɔkwan so bere a woreba no asoma me se, mimmebue wʼani mma wunhu ade na Honhom Kronkron nhyɛ wo ma.” \v 18 Amono mu hɔ ara na biribi a ɛte sɛ abon fii nʼani so na ohuu ade. Ɔsɔre ma wɔbɔɔ no asu. \v 19 Onyaa aduan bi di mee no, ne ho san no. Saulo dii nna kakra wɔ asuafo a na wɔwɔ Damasko no nkyɛn. \s1 Saulo Ka Asɛmpa No Wɔ Damasko \p \v 20 Ofii ase kaa asɛmpa no wɔ hyiadan mu se, Yesu yɛ Onyankopɔn Ba ampa. \v 21 Nnipa a wɔtee asɛm a ɔkae no nyinaa ho dwiriw wɔn ma wobisae se, “Ɛnyɛ saa ɔbarima yi na na okum wɔn a wɔbɔ saa din yi wɔ Yerusalem no ana? Na yɛate sɛ ɔbaa ha sɛ ɔrebɛkyere wɔn a wɔbɔ saa din yi nyinaa de wɔn akɔma asɔfo mpanyin.” \v 22 Saulo asɛnka no mu yɛɛ den; nnipa no gyee nsɛm a ɔka faa Yesu ho sɛ ɔno ne Agyenkwa no dii. Yudafo a wɔte Damasko no antumi anka nsɛm a ɔkae no ho hwee. \p \v 23 Nna bi akyi no, Yudafo no bɔɔ Saulo ho pɔw sɛ wobekum no, \v 24 nanso Saulo tee pɔw a wɔbɔɔ wɔ ne ho no. Na wɔtetɛw no wɔ kurow no apon ano awia ne anadwo apɛ no akum no. \v 25 Anadwo bi Saulo akyidifo de no sii kɛntɛn bi mu, twetwee no faa ɔfasu so gyaa no sii fam. \s1 Saulo Kɔ Yerusalem \p \v 26 Saulo kɔɔ Yerusalem no, ɔpɛɛ sɛ ɔde ne ho kɔbɔ asuafo no ho nanso wosuroo no, efisɛ na wonnye nni sɛ wasakra abɛyɛ osuani. \v 27 Barnaba kɔfaa no kɔɔ asuafo no nkyɛn. Ɔkaa wɔn sɛnea Awurade yii ne ho adi kyerɛɛ Saulo na ɔkasa kyerɛɛ no wɔ Damasko kwan so no ne sɛnea ɔde akokoduru kaa Yesu ho asɛm wɔ Damasko no. \v 28 Saulo ne wɔn tenae na ɔde akokoduru kaa Awurade asɛm no wɔ Yerusalem nyinaa. \v 29 Saulo ne Helenifo nyaa akasakasa enti wɔbɔɔ pɔw sɛ wobekum no. \v 30 Bere a agyidifo no tee pɔw a Helenifo no bɔɔ wɔ Saulo ho no, wɔde no kɔɔ Kaesarea gyaa no kwan ma ɔkɔɔ Tarso. \p \v 31 Afei asafo a wɔwɔ Yudea, Samaria ne Galilea no nyinaa asom dwoo wɔn. Asafo no nam Honhom Kronkron so timii. Nnipa pii bɛkaa wɔn ho na wɔtenaa ase wɔ Awurade suro mu. \s1 Petro Sa Nyarewa \p \v 32 Petro tutuu akwan kɔɔ mmeaemmeae. Da bi a ɔkɔsraa agyidifo a wɔwɔ Lida no, \v 33 ohyiaa ɔbarima bi a ne din de Enea a wabubu agu kɛtɛ so mfe awotwe wɔ hɔ. \v 34 Petro ka kyerɛɛ no se, “Enea, Awurade Yesu Kristo nsa wo yare. Sɔre na yi wo kɛtɛ!” Amono mu hɔ ara na Enea sɔree. \v 35 Nnipa a wɔte Lida ne Saron no nyinaa huu no no, wɔde wɔn ho maa Awurade. \p \v 36 Na ɔbea ogyidini bi te Yopa a ne din de Tabita a ne nkyerɛase ne Dorka a ase ne ɔwansan. Saa ɔbea yi de nʼadagyew nyinaa yɛɛ papa, boaa ahiafo. \v 37 Saa bere koro no ara mu na ɔyare bɔɔ no ma owui. Woguaree no\f + \fr 9.37 \fr*\ft Amanne bi a na Yudafo ne Helafo nyinaa di so ne sɛ woguare funu ansa na wosie no.\ft*\f* de no kɔtoo abansoro dan\f + \fr 9.37 \fr*\ft Sɛ wɔantumi ansie owufo ntɛm a, amanne ne sɛ wɔdeda no wɔ abansoro no so. Yerusalem de, da a obi bewu no ara na wosie no. Sɛ ɛnyɛ Yerusalem a, wotumi sie owufo no ne nnansa so.\ft*\f* bi mu. \v 38 Esiane sɛ Lida bɛn Yopa nti, asuafo a wɔwɔ Yopa no tee sɛ Petro wɔ Lida no, wɔsomaa mmarima baanu kɔsrɛɛ no sɛ ɔnyɛ ntɛm mmra. \p \v 39 Petro yɛɛ ntɛm ne wɔn kɔe. Oduu hɔ no wɔde no kɔɔ abansoro dan no mu. Akunafo a na wɔwɔ hɔ no nyinaa begyinagyinaa Petro ho sui, de ntade ne ntama a Tabita te ase no ɔpam maa wɔn no kyerɛɛ no. \p \v 40 Petro maa wɔn nyinaa fii adi. Afei obuu nkotodwe, bɔɔ mpae dan nʼani kyerɛɛ amu no kae se, “Tabita, sɔre!” Tabita tew nʼani na ohuu Petro no, ɔsɔre tenaa ase. \v 41 Petro soo ne nsa ma ɔsɔre gyinaa hɔ. Afei Petro frɛɛ agyidifo no ne akunafo no nyinaa de no maa wɔn. \v 42 Saa asɛm yi trɛw wɔ Yopa nyinaa ma nnipa pii gyee Awurade dii. \v 43 Petro tenaa Simon a ɔhyɛ mmoa nhoma aduru no nkyɛn wɔ Yopa kyɛɛ kakra. \c 10 \s1 Petro Ne Kornelio \p \v 1 Ɔbarima bi tenaa Kaesarea a ne din de Kornelio. Na ɔyɛ Roma asraafo bi a wɔn din de Italia Asraafodɔm no so panyin. \v 2 Na ɔne ne fifo nyinaa yɛ Nyamesurofo. Ɔyɛ obi a na ɔboa ahiafo na daa ɔbɔ mpae nso. \v 3 Da bi awia bɛyɛ nnɔnabiɛsa na ohuu Onyankopɔn bɔfo wɔ anisoadehu mu se waba ne nkyɛn abɛfrɛ no se, “Kornelio!” \p \v 4 Kornelio de hu hwɛɛ no dinn. Obisae se, “Ɛyɛ dɛn Awurade?” \p Ɔbɔfo no buae se, “Wo mpae ne wʼadɔe a woyɛ ahiafo no adu Onyankopɔn anim sɛ nkae ade. \v 5 Soma nnipa na wɔnkɔ Yopa nkɔfa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon Petro mmra. \v 6 Ɔte ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔhyɛ mmoa nhoma aduru a ne fi bɛn mpoano no nkyɛn.” \p \v 7 Ɔbɔfo no kasa kyerɛɛ no wiee a ɔkɔe no, Kornelio frɛɛ nʼasomfo baanu, san frɛɛ nʼasraafo no mu baako a ɔyɛ Onyamesuroni kaa wɔn ho, \v 8 kaa biribiara a wahu no kyerɛɛ wɔn somaa wɔn Yopa. \p \v 9 Ade kyee a wɔrekɔ no, ɛbɛyɛ owigyinae a wɔrebɛn kurow no na Petro kɔɔ ɔdan a ɔte mu no atifi kɔbɔɔ mpae. \v 10 Saa bere no, na ɔkɔm de no a wogu so reyɛ aduan ama no na ɔkɔɔ tebea bi a ɛte sɛ adaeso mu. \v 11 Ohuu sɛ ɔsoro abue na biribi a ɛte sɛ ntama kɛse a wɔakyekyere fi ɔsoro afanan resian ba fam. \v 12 Na ntɔteboa ahorow ne mmoa a wɔwea ne wuram nnomaa ahyɛ saa ntama no ma. \v 13 Afei nne bi ka kyerɛɛ no se, \wj “Petro, sɔre na kum bi we!”\wj* \p \v 14 Petro buae se, “Dabi da, Awurade, minnii biribiara a ɛho ntew da.” \p \v 15 Nne no ka kyerɛɛ no bio se, “Biribiara a Onyankopɔn atew ho no, nka se ɛho ntew.” \p \v 16 Saa anisoadehu yi baa mprɛnsa. Afei ntama no san kɔɔ ɔsoro. \p \v 17 Saa bere a na Petro redwinnwen anisoadehu no ho no, nnipa a Kornelio somaa wɔn no koduu Petro abobow ano. \v 18 Wɔfrɛ bisae se, “Saa ofi yi mu na Simon Petro te no ana?” \p \v 19 Petro gu so redwinnwen anisoadehu no ho no, Honhom Kronkron ka kyerɛɛ no se, “Simon, mmarima baasa bi rehwehwɛ wo. \v 20 Sian si fam. Ntwentwɛn wo nan ase na wo ne wɔn nkɔ, efisɛ me na masoma wɔn.” \p \v 21 Petro sian kɔɔ fam kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Mene onipa a morehwehwɛ no no, na mo amanneɛ?” \p \v 22 Nnipa no buaa no se, “Yefi asraafo panyin Kornelio nkyɛn. Ɔyɛ ɔtreneeni ne Onyamesuroni a Yudafo nyinaa bu no. Onyankopɔn bɔfo ka kyerɛɛ no se ɔnsoma mfrɛ wo mmra ne fi na ontie asɛm bi mfi wo nkyɛn.” \v 23 Petro gyee nnipa no, som wɔn hɔho. \s1 Petro Kɔ Kornelio Fi \p Ade kyee no, Petro ne nnipa no ne agyidifo bi a wofi Yopa bɔɔ anan kɔe. \v 24 Ade kyee a oduu Kaesarea no, na Kornelio afrɛfrɛ nʼabusuafo ne ne nnamfonom ahyia retwɛn no. \v 25 Petro reyɛ awura fie hɔ no, Kornelio hyiaa no, buu no nkotodwe. \v 26 Nanso Petro ka kyerɛɛ no se, “Sɔre, efisɛ me nso meyɛ onipa sɛ wo ara.” \p \v 27 Petro ne Kornelio gu so rekasa no, wowuraa ofi no mu kɔtoo nnipa bebree. \v 28 Petro ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo ara munim pefee sɛ Yudafo mmara mma Yudani kwan sɛ ɔkɔsra amanamanmuni anaasɛ ɔde ne ho bɔ no. Nanso Onyankopɔn akyerɛ me sɛ, ɛnsɛ sɛ meka sɛ onipa bi ho ntew. \v 29 Eyi nti na mosoma bɛfrɛɛ me no mantwentwɛn me nan ase no. Afei kyerɛ me nea enti a wosoma bɛfrɛɛ me no.” \p \v 30 Kornelio kae se, “Nnɛ ne nnaanan awia nnɔnabiɛsa a merebɔ mpae wɔ me fi no, mihuu sɛ ɔbarima bi a ɔhyɛ atade a ɛhyerɛn gyina mʼanim.\f + \fr 10.30 \fr*\ft Kasa a wɔtaa ka de kyerɛ ɔsoro bɔfo a ɔba sɛ onipa (\+xt Mat 28.3; Mar 16.5; Yoh 20.12\+xt*).\ft*\f* \v 31 Ɔkae se, ‘Kornelio, wo mpaebɔ ne wʼadɔe a woyɛ ahiafo no adu Onyankopɔn anim sɛ nkae ade. \v 32 Soma nnipa na wɔnkɔ Yopa nkɔfa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon Petro no mmra. Ɔte ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔhyɛ mmoa nhoma aduru a ne fi bɛn mpoano no nkyɛn.’ \v 33 Mesoma ma wɔbɛfrɛɛ wo, na wo nso woayɛ ade sɛ woaba. Mprempren, yɛn nyinaa ahyia wɔ Onyankopɔn din mu rebetie asɛm biara a Awurade ahyɛ wo sɛ ka kyerɛ yɛn no.” \s1 Petro Asɛnka \p \v 34 Petro fii ase kasae se, “Afei mahu sɛ ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn nyɛ nyiyimu, \v 35 na mmom ɔman biara mu, nea ɔyɛ ade trenee no ogye no. \v 36 Munim asɛmpa a ɛfa asomdwoe ho a ɛnam yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔyɛ nnipa nyinaa Awurade no so de brɛɛ Israelfo no. \v 37 Munim nsɛm a esisii wɔ Yudea, a efii ase wɔ Galilea, Yohane asubɔ ho asɛnka no akyi. \v 38 Munim sɛnea Onyankopɔn de Honhom Kronkron ne tumi maa Yesu Nasareni no. Esiane sɛ Onyankopɔn ka ne ho no nti ɔkɔɔ mmeaemmeae, yɛɛ papa, saa wɔn a ɔbonsam afa wɔn no yare. \p \v 39 “Yɛyɛ dwuma a odii wɔ Yudaman mu ne Yerusalem no ho nnansefo. Wɔbɔɔ no asennua mu kum no. \v 40 Nanso ne nnansa so no, Onyankopɔn ma ɔsɔre fii awufo mu ma okoyii ne ho adi. \v 41 Wanyi ne ho adi ankyerɛ nnipa nyinaa sɛ yɛn a yɛyɛ nnansefo a Onyankopɔn ayi yɛn dedaw no. Ɔsɔre fii awufo mu no, yɛne no didi nomee. \v 42 Na ɔhyɛɛ yɛn sɛ, yɛnka asɛmpa no nkyerɛ nnipa nyinaa, na yenni ne ho adanse sɛ, ɔno ne nea Onyankopɔn ayi no asi hɔ sɛ ommu ateasefo ne awufo atɛn no. \v 43 Adiyifo nyinaa kaa ne ho asɛm se, wɔnam ne din so de obiara a ogye no di no bɔne bɛkyɛ no.” \s1 Amanamanmufo Nya Honhom Kronkron \p \v 44 Petro gu so rekasa no, Honhom Kronkron baa wɔn a wɔretie asɛm no nyinaa so. \v 45 Yudafo agyidifo a wɔne Petro fi Yopa bae no ho dwiriw wɔn sɛ Onyankopɔn ahwie nʼakyɛde a ɛyɛ Honhom Kronkron no agu amanamanmufo no nso so. \v 46 Efisɛ wɔtee sɛ wɔreka kasa foforo reyi Onyankopɔn ayɛ wɔ ne kɛseyɛ ho. \p Petro kae se, \v 47 “Saa nnipa yi anya Honhom Kronkron sɛnea yɛn nso yenyaa bi no. Obi betumi asiw wɔn asubɔ ho kwan ana?” \v 48 Petro hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn asu wɔ Yesu Kristo din mu. Afei wɔsrɛɛ no sɛ onni nna kakra wɔ wɔn nkyɛn. \c 11 \s1 Petro Yi Ne Ho Ano \p \v 1 Asomafo ne agyidifo a wɔwɔ Yudea nyinaa tee sɛ amanamanmufo no nso agye Onyankopɔn asɛm no adi. \v 2 Petro kɔɔ Yerusalem no, Yudafo agyidifo no ne no nyaa akasakasa kae se, \v 3 “Woakɔ wɔn a wɔnnyɛ twetiatwafo no nkyɛn ne wɔn akodidi.” \p \v 4 Petro bɔɔ wɔn biribiara a esii no ho amanneɛ se, \v 5 “Na merebɔ mpae wɔ Yopa na minyaa anisoadehu. Mihuu biribi a ɛte sɛ ntama kɛse a wɔakyekyere sɛ efi ɔsoro afanan resian ba fam wɔ faako a mewɔ no. \v 6 Mehwɛɛ mu no, mihuu ntɔteboa ahorow, mmoa a wɔwea ne wuram nnomaa. \v 7 Afei, nne bi ka kyerɛɛ me se, \wj ‘Petro! Sɔre! Kum na we!’\wj* \p \v 8 “Mibuae se, ‘Dabi da, Awurade! Minnii biribiara a ɛho ntew da.’ \p \v 9 “Nne no ka kyerɛɛ me bio se, \wj ‘Biribiara a Onyankopɔn atew ho no, nka se ɛho ntew.’\wj* \v 10 Saa anisoadehu yi baa mprɛnsa, na ɛsan kɔɔ ɔsoro. \p \v 11 “Saa bere no ara mu, nnipa baasa a wɔasoma wɔn fi Kaesarea no beduu ofi a na mete mu no mu. \v 12 Honhom Kronkron ka kyerɛɛ me se menntwentwɛn me nan ase na me ne wɔn nkɔ. Saa agyidifo baasa yi a wofi Yopa no kaa me ho kɔɔ Kaesarea ma yɛn nyinaa kɔɔ Kornelio fi. \v 13 Ɔkaa sɛnea ohuu ɔsoro ɔbɔfo wɔ ne fi ma ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no se, ‘Soma kɔ Yopa kɔfrɛ ɔbarima bi a ne din de Simon Petro no. \v 14 Ɔno na ɔbɛka nsɛm a ebegye wo ne wo fifo nyinaa nkwa akyerɛ mo.’ \p \v 15 “Bere a mifii ase kasae no, Honhom Kronkron baa wɔn so sɛnea yɛn nso mfiase no, ɛbaa yɛn so no ara pɛ. \v 16 Ɛhɔ ara mekaee asɛm a Awurade kae se, \wj ‘Yohane de nsu na ɛbɔɔ asu na mo de, wɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu’\wj* no. \v 17 Sɛ Onyankopɔn ama wɔn akyɛde a bere a yegyee Awurade Yesu Kristo dii no ɔmaa yɛn bi no a, ɛno de me sɛɛ ne hena a mesiw Onyankopɔn kwan.” \p \v 18 Wɔtee saa asɛm yi no, wogyaee wɔn nsɛmmisa no yii Awurade ayɛ se, “Afei de Onyankopɔn ama ho kwan ama amanamanmufo anya adwensakra a ɛde wɔn bɛkɔ nkwagye mu.” \s1 Antiokia Asafo \p \v 19 Wokum Stefano no, wɔtaa agyidifo no ma wɔbɔɔ ahwete. Wɔn mu bi kyinkyin koduu Foinike, ne Kipro, ne Antiokia a na wɔreka asɛmpa no kyerɛ Yudafo nko ara. \v 20 Agyidifo bi a wofi Kipro ne Kirene kɔɔ Antiokia kɔkaa asɛmpa a ɛfa Awurade Yesu Kristo ho no kyerɛɛ amanamanmufo no. \v 21 Esiane sɛ na Awurade ka wɔn ho no nti nnipa pii gyee asɛm no dii ma wɔdan baa Awurade nkyɛn. \p \v 22 Saa asɛm yi trɛw koduu Yerusalem asafo no mu nti wɔsomaa Barnaba kɔɔ Antiokia. \v 23 Oduu hɔ a ohuu sɛnea Onyankopɔn ahyira wɔn no, nʼani gye ma ɔhyɛɛ wɔn nkuran se womfi wɔn koma nyinaa mu nnye Awurade nni na wonni no nokware nso. \v 24 Esiane sɛ na Barnaba yɛ onipa pa a Honhom Kronkron ahyɛ no ma na ɔwɔ gyidi nti, ɛmaa nnipa bebree nam ne so de wɔn ho maa Awurade. \p \v 25 Barnaba kɔɔ Tarso kɔhwehwɛɛ Saulo. \v 26 Ohuu no no, ɔde no baa Antiokia. Wɔn baanu tenaa hɔ afe kyerɛkyerɛɛ nnipa bebree. Antiokia ha na wɔtoo asuafo no din se “Kristofo.” \p \v 27 Saa bere koro no ara mu na adiyifo bi fi Yerusalem kɔɔ Antiokia. \v 28 Wɔn mu baako a wɔfrɛ no Agabo a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no sɔre gyina hyɛɛ nkɔm se ɔkɔm kɛse bɛba asase nyinaa so. Saa ɔkɔm yi sii bere a na Klaudio di ade no. \v 29 Asuafo no yɛɛ adwene sɛ biribiara a obi wɔ no wɔde bɛba na wɔde akɔboa anuanom a wɔwɔ Yudea no. \v 30 Wɔde akyɛde a wɔn nsa kae no somaa Barnaba ne Saulo ma wɔde kɔmaa asafo no mu mpanyimfo. \c 12 \s1 Wɔtaa Asomafo No \p \v 1 Saa bere yi mu ara na Ɔhene Herode kyekyeree asafomma no bi fii ase yɛɛ wɔn ayayade. \v 2 Ɔde afoa kum Yohane nua Yakobo. \v 3 Ohuu sɛ Yudafo no ani gye nea ɔyɛe no ho no, ɔmaa wɔkɔkyeree Petro nso. Asɛm yi sii Apiti Afahyɛ no mu. \v 4 Wɔkyeree Petro no, wɔde no too afiase a na asraafo baanan na wɔwɛn no bere biara. Herode yɛɛ nʼadwene sɛ obedi nʼasɛm wɔ Twam Afahyɛ no akyi wɔ ɔman no anim. \p \v 5 Bere a na Petro da afiase no nyinaa na asafo no bɔ mpae dennen, srɛ Onyankopɔn sɛ ɔnhwɛ ne so. \s1 Ɔbɔfo Yi Petro Fi Afiase \p \v 6 Anadwo a ade rebɛkye ama Herode adi Petro asɛm wɔ ɔman no anim no, na Petro da asraafo baanu ntam a wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn abien agugu no asesa asraafo baanu a wɔwɛn no no. Na asraafo baanu rewɛn afiase pon no ano nso. \v 7 Amono mu hɔ ara, Onyankopɔn bɔfo begyinaa afiase hɔ ma ɛhɔ hyerɛnee. Ɔbɔfo no wosow Petro, nyan no ka kyerɛɛ no se, “Sɔre ntɛm!” Mpofirim na nkɔnsɔnkɔnsɔn no tetew fii Petro nsa. \p \v 8 Afei ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Petro se, “Hyɛ wʼatade ne wo mpaboa.” Petro wiee no, ɔbɔfo no san ka kyerɛɛ no se, “Fura wo ntama na di mʼakyi.” \v 9 Petro dii nʼakyi fii adi. Wɔrekɔ no na ɛyɛ no sɛ adaeso anaa anisoadehu, efisɛ na onnye nni sɛ ɛyɛ asɛmpa ara. \v 10 Wotwaa awɛmfo a wodi kan no ne wɔn a wɔto so abien no ho beduu dade pon a ɛda kurow no ano no ho. Woduu hɔ no ɔpon no ankasa bue ma wɔfaa mu kɔe. Wɔfaa borɔn bi so kɔɔ anim kakra no, ɔbɔfo no gyaw Petro hɔ. \p \v 11 Petro ani baa ne ho so ma ɔkae se, “Afei mahu sɛ nea esii no nyinaa yɛ nokware! Awurade somaa ne bɔfo na obegyee me fii Herode nsam ne nea Yudafo hwehwɛe sɛ wɔyɛ me no mu.” \p \v 12 Petro huu nea asi no, ɔkɔɔ Yohane a na wɔfrɛ no Marko no a na ne din de Maria no fi. Saa bere no na nnipa bebree ahyia wɔ hɔ rebɔ mpae. \v 13 Petro bɔɔ abɔntenpon no mu na abaawa bi a wɔfrɛ no Roda betiei. \v 14 Bere a ɔtee nne no, anigye nti wammue ɔpon no. Ɔsan nʼakyi kɔbɔɔ amanneɛ se, “Petro gyina ɔpon no akyi.” \p \v 15 Wɔka kyerɛɛ no se, “Gyama worebɔ dam.” Nanso ɔkɔɔ so kaa se ɛyɛ nokware. Wɔn nso ka kyerɛɛ no se, “Gyama ɛbɛyɛ ne saman.” \p \v 16 Petro kɔɔ so bɔɔ ɔpon no akyi. Wobuee a wohuu Petro no, wɔn ho dwiriw wɔn. \v 17 Ɔde ne nsa nyamaa wɔn se wɔnyɛ komm. Ɔkaa ɔkwan a Awurade nam so yii no fii afiase no kyerɛɛ wɔn. Afei ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monka asɛm a asi yi nkyerɛ Yakobo ne anuanom a wɔaka no;” na ofii hɔ kɔɔ baabi foforo. \p \v 18 Ade kyee no, awɛmfo no ho yeraw wɔn yiye sɛ wonhu faako a Petro afa. \v 19 Herode hyɛɛ sɛ wɔnhwehwɛ no, nanso wɔanhu no. Wodii awɛmfo no asɛm, buu wɔn kumfɔ. \p Eyi akyi no, Herode fii Yudea kɔɔ Kaesarea kɔtenaa hɔ kakra. \v 20 Bere a Herode wɔ Kaesarea no, abɔfo bi a wɔasoma wɔn fi Tiro ne Sidon behuu no. Na Herode bo afuw Tirofo ne Sidonfo. Nanso abɔfo yi guan toaa Blasto a na ɔyɛ dabehene no sɛnea ɛbɛyɛ a asomdwoe bɛba, efisɛ na saa nkurow yi nya wɔn nnuan nyinaa fi Herode asase so. \p \v 21 Wɔhyɛɛ da bi maa Herode hyɛɛ nʼahentade tenaa nʼahengua mu kasa kyerɛɛ wɔn. \v 22 Herode kasa wiei no, nnipa no teɛɛ mu se, “Eyi yɛ onyame bi nne na ɛnyɛ onipa bi de!” \v 23 Mpofirim, Onyankopɔn bɔfo bɛbɔɔ no ma ɔyare dɔɔ mmoa ma owui, esiane obu a wamfa amma Onyankopɔn no nti. \p \v 24 Onyankopɔn asɛm kɔɔ so trɛw maa nnipa bebree gye dii. \s1 Wɔsoma Asɛmpatrɛw Adwumayɛfo \p \v 25 Barnaba ne Saulo wiee wɔn dwumadi no, wɔsan fii Yerusalem a na Yohane a wɔfrɛ no Marko no ka wɔn ho. \c 13 \nb \v 1 Adiyifo ne akyerɛkyerɛfo a na wɔwɔ Antiokia asafo no mu bi ne Barnaba ne Simeon, a na wɔfrɛ no “Onipa Tuntum,” Lukio a ɔyɛ Kireneni, Manaen, a ɔne Ɔhene Herode yɛ tipɛn, ne Saulo. \v 2 Bere a wɔresom Awurade na wɔredi mmuada no, Honhom Kronkron no ka kyerɛɛ wɔn se, “Munyi Barnaba ne Saulo na wonkodi dwuma a ɛno nti mafrɛ wɔn no mma me.” \v 3 Wodii mmuada bɔɔ mpae, de wɔn nsa guu wɔn so somaa wɔn. \s1 Barnaba Ne Saulo Kɔ Kipro \p \v 4 Honhom Kronkron somaa wɔn no, wɔkɔɔ Seleukia. Wofi hɔ no, wɔtoaa wɔn akwantu no so koduu Kipro. \v 5 Woduu Salami no, wɔkaa Onyankopɔn asɛm wɔ Yudafo hyiadan mu. Saa bere no na Yohane Marko ka wɔn ho sɛ ɔsomfo. \p \v 6 Wotwaa mu wɔ supɔw no so koduu Pafo, na hɔ na wohyiaa Yudani nkonyaayifo bi a ɔfrɛ ne ho se odiyifo a na ne din de Bar-Yesu. \v 7 Na nʼadamfo ne amrado a ɔwɔ supɔw no so a ne din de Sergio Paulo no. Saa amrado a na onim nyansa yiye no soma ma wɔkɔfrɛɛ Barnaba ne Saulo, efisɛ na ɔrehwehwɛ Onyankopɔn asɛm atie. \v 8 Nanso nkonyaayifo Bar-Yesu a Hela kasa mu wɔfrɛ no Elima no ampene so, efisɛ na ɔmpɛ sɛ amrado yi betie Onyankopɔn asɛm. \v 9 Afei Saulo a na wɔfrɛ no Paulo a Honhom Kronkron ahyɛ no ma no hwɛɛ nkonyaayifo Elima dinn kae se, \v 10 “Ɔbonsam ba a ɔte sɛ wo! Wompɛ ade pa biara yiye. Nnaadaa ahorow ahyɛ wo ma. Bere biara wopɛ sɛ wodan Awurade nokwasɛm ani ma ɛyɛ nkontomposɛm! \v 11 Awurade bɛtwe wʼaso ama wʼani afura a worenhu ade fi saa bere yi de kosi bere bi.” \p Ɛhɔ ara Elima ani furae a na ɔde ne nsa rekeka sɛ obenya obi aso ne mu ana. \v 12 Amrado no huu asɛm a asi no, ogyee Awurade asɛm no dii. Awurade ho asɛm a ɔtee no maa ne ho dwiriw no. \s1 Asomafo No Kodu Antiokia \p \v 13 Paulo ne ne dɔm no tenaa hyɛn mu fii Pafo kɔɔ Perge a ɛwɔ Pamfilia no; ɛhɔ na Yohane a ne din baako nso ne Marko no gyaw wɔn san kɔɔ Yerusalem. \v 14 Wofi Perge no, wɔkɔɔ Antiokia a ɛwɔ Pisidia. Eduu Homeda no, wɔkɔɔ hyiadan mu kɔsomee. \v 15 Wɔkenkan Mose Mmara no ne Adiyifo no nsɛm wiei no, hyiadan no mu mpanyimfo no soma kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Anuanom, sɛ mowɔ asɛm bi a mobɛka de ahyɛ nnipa no nkuran a, mowɔ ho kwan sɛ moka.” \p \v 16 Afei Paulo sɔre gyina nyamaa ne nsa fii ase kasae se, “Me nuanom Israelfo ne amanamanmufo a mowɔ ha a mosom Onyankopɔn no muntie me! \v 17 Israel Nyankopɔn yii yɛn nenanom ma wɔyɛɛ ɔman kɛse bere a na wɔte Misraim asase so no. Onyankopɔn nam ne tumi kɛse so yii wɔn fii Misraim, \v 18 na ɔhwɛɛ wɔn so wɔ sare so mfe aduanan. \v 19 Otuu aman ason wɔ Kanaan asase so gui, de asase no maa ne nkurɔfo sɛ wɔn awunyade, \v 20 ma wɔtenaa so mfe ahannan ne aduonum. Eyi akyi no ɔmaa atemmufo dii wɔn so kosii sɛ Odiyifo Samuel bae. \v 21 Bere a wɔpɛɛ sɛ wonya ɔhene ma odi wɔn so no, Onyankopɔn de Kis ba Saulo a ofi Benyamin abusua mu no maa wɔn ma odii wɔn so mfe aduanan. \v 22 Onyankopɔn tuu Saulo ade so na ɔde Dawid sii nʼanan mu. Asɛm a Onyankopɔn ka faa Dawid ho ne sɛ, ‘Mahu sɛ Yisai ba Dawid ne onipa a mepɛ no; ɔyɛ onipa a ɔbɛyɛ nea mepɛ nyinaa.’ \p \v 23 “Sɛnea Onyankopɔn hyɛɛ ho bɔ no, Yesu a ɔyɛ Dawid aseni no na ɔyɛɛ no Israelfo Agyenkwa. \v 24 Ansa na Yesu rebefi nʼadwuma ase no, Yohane kaa adwensakra ho asɛm kyerɛɛ Israelfo se, wɔnsakra mfi wɔn bɔne ho na wɔmma wɔmmɔ wɔn asu. \v 25 Ansa na Yohane rebewie nʼasɛnka no, obisaa nnipa no se, ‘Mususuw sɛ meyɛ hena? Ɛnyɛ me ne onipa a moretwɛn no no. Ɛrenkyɛ biara na nea moretwɛn no a mensɛ sɛ mɛworɔw ne mpaboa afi ne nan no bɛba.’ \p \v 26 “Me nuanom Abraham asefo ne amanamanmufo a mosom Onyankopɔn a mowɔ ha, yɛn nti na Onyankopɔn soma ma wɔde saa nkwagye yi aba. \v 27 Esiane sɛ nnipa a na wɔte Yerusalem ne wɔn mpanyimfo nnim sɛ ɔno ne Agyenkwa no, na wɔnte adiyifo no nsɛm a wɔkenkan no Homeda no ase no nti, wobuu Yesu kumfɔ maa adiyifo no nsɛm no baa mu. \v 28 Ɛwɔ mu sɛ wɔannya afɔbusɛm bi annyina so ammu no kumfɔ de, nanso wɔmaa Pilato kum no. \v 29 Wɔyɛɛ biribiara a Kyerɛwsɛm no ka fa ne ho wiee no, woyii no fii asennua no so kosiee no. \v 30 Nanso Onyankopɔn ma ɔsɔre fii awufo mu, \v 31 na ne wusɔre akyi no, oyii ne ho adi nna pii kyerɛɛ wɔn a na wɔne no tu kwan fi Galilea kɔ Yerusalem no. Wɔne nnipa a wodi ne ho adanse kyerɛ Israelfo no. \p \v 32 “Afei yɛwɔ ha sɛ yɛrebɛka asɛmpa no akyerɛ mo se, Onyankopɔn nam sɔre a ɔmaa Yesu Kristo sɔre fii awufo mu no so ama bɔ a ɔhyɛɛ yɛn nenanom no aba mu. \v 33 Eyi ne nea wɔakyerɛw wɔ Nnwom a ɛto so abien no mu se, \q1 “ ‘Woyɛ me ba; \q2 nnɛ, mayɛ wʼAgya.’ \m \v 34 Asɛm a Onyankopɔn ka faa sɔre a ɔma no sɔre fii awufo mu na amma no amporɔw no ne sɛ, \q1 “ ‘Mede nhyira kronkron a mehyɛɛ Dawid ho bɔ no behyira wo.’ \m \v 35 Wɔaka no wɔ baabi nso se, \q1 “ ‘Woremma wo Kronkronni no mporɔw.’ \p \v 36 “Dawid bere so no, ɔsom Onyankopɔn kosii sɛ owu ma wosiee no wɔ ne nenanom nkyɛn pɛɛ, na ne nipadua porɔwee. \v 37 Nanso nea Onyankopɔn nyan no fii awufo mu no amporɔw. \p \v 38 “Anuanom, ɛsɛ sɛ mo nyinaa te ase sɛ ɛnam Yesu so na wɔka bɔnefakyɛ ho asɛm kyerɛ mo. \v 39 Ɛsɛ sɛ mote ase sɛ obiara a ogye no di no, wɔabu no bem a anka Mose mmara ntumi mmu no no. \v 40 Monhwɛ yiye na adiyifo no nkɔm a wɔhyɛɛ no amma mo so: \q1 \v 41 “ ‘Mo fɛwdifo! \q2 Momma ɛnyɛ mo nwonwa na mo ho nnwiriw mo! \q1 Efisɛ merebɛyɛ biribi wɔ wo bere so, \q2 na sɛ wɔka kyerɛ wo a, \q2 worennye nni!’ ” \p \v 42 Paulo ne Barnaba refi asɔredan no mu no, nnipa no srɛɛ wɔn sɛ wɔmmra Homeda a ɛreba no mmɛkyerɛkyerɛ wɔn bio. \v 43 Nnipa no wiee nhyiamu no, Yudafo ne amanamanmufo bebree a wɔasakra aba Yudasom mu no tu dii Paulo ne Barnaba akyi. Asomafo no tuu wɔn fo, hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔntena ase Onyankopɔn adom mu. \s1 Asomafo No Kɔ Amanamanmufo Nkyɛn \p \v 44 Homeda a edi so no dui no, ɛkame ayɛ sɛ wɔn a wɔte kurow no mu no nyinaa betiee Awurade asɛm. \v 45 Yudafo no huu nnipakuw no, wɔn ani bere ma wɔsɔre gyee nsɛm a Paulo reka no ho akyinnye kasa tiaa no. \p \v 46 Nanso Paulo ne Barnaba de akokoduru kɔɔ so kae se, “Mone nnipa a ɛsɛ sɛ wɔka Onyankopɔn asɛm no kyerɛ mo kan. Na sɛ moapo, na mummu mo ho sɛ nkwa a enni awiei ho hia mo nti, yebegyaw mo hɔ akɔ amanamanmufo no nkyɛn. \v 47 Ahyɛde a Awurade de ama yɛn ne sɛ, \q1 “‘Mɛma mo ayɛ amanamanmufo nyinaa kanea; \q2 ɛnam mo so na wobegye wiasefo nyinaa nkwa.’ ” \p \v 48 Amanamanmufo no tee saa asɛm no, wɔn ani gye ma wɔkamfoo Awurade asɛm no, na wɔn a wɔayi wɔn ama nkwa a enni awiei no bɛyɛɛ agyidifo. \p \v 49 Na Awurade asɛm no trɛw ɔmantam no mu nyinaa. \v 50 Nanso Yudafo no tuu nnipa atitiriw a wɔwɔ kurow no mu no ne mmea Nyamesurofo a na wɔwɔ hɔ bi a wodi mu no aso ma wɔtaa Paulo ne Barnaba, pam wɔn fii ɔman no mu. \v 51 Enti asomafo no poroporow wɔn anan ase mfutuma guu wɔn so fii hɔ kɔɔ Ikoniom. \v 52 Anigye ne Honhom Kronkron hyɛɛ asuafo a na wɔwɔ Antiokia no ma. \c 14 \s1 Ikoniom Asɛnka \p \v 1 Paulo ne Barnaba duu Ikoniom no, wɔkɔɔ Yudafo asɔredan mu. Wɔkasa ma Yudafo ne amanamanmufo bebree bɛyɛɛ agyidifo. \v 2 Nanso Yudafo a wɔpoo Awurade asɛm no hwanyan amanamanmufo no, san tuu wɔn aso tiaa anuanom no. \v 3 Asomafo no tenaa hɔ kyɛe. Na Awurade nam tumi a ɔde maa wɔn ma wɔyɛɛ anwonwade ahorow no so kyerɛɛ sɛ nsɛm a wɔka fa nʼadom ho no yɛ nokware. \v 4 Kurow no mu nnipa no mu kyɛɛ abien; fa kɔɔ Yudafo no afa na fa nso kɔɔ asomafo no afa. \v 5 Amanamanmufo ne Yudafo no ne wɔn mpanyimfo yɛɛ adwene se wɔbɛyɛ wɔn ayayade asan asiw wɔn abo. \v 6 Asomafo no tee pɔw a wɔbɔ faa wɔn ho no, woguan kɔɔ Listra ne Derbe a ɛwɔ Likaoniaman mu ne nkuraa a atwa ho ahyia no nyinaa ase. \v 7 Wɔkaa Asɛmpa no wɔ hɔ. \s1 Obubuafo Bi Ayaresa \p \v 8 Bere a Paulo ne Barnaba wɔ Listra no wohuu ɔbarima bi a na ɔyɛ obubuafo fi nʼawo mu. \v 9 Paulo rekasa no, obubuafo no tiee no maa Paulo huu sɛ ɔwɔ gyidi a ɛbɛma watumi agyina so asa no yare. Enti Paulo hwɛɛ obubuafo no \v 10 teɛɛ mu se, “Sɔre gyina hɔ!” Amono mu, obubuafo yi huruw gyinae, fii ase nantewee. \p \v 11 Nnipa no huu nea Paulo ayɛ no, wofii ase teɛteɛɛ mu wɔ Likaonia kasa mu se, “Anyame ayeyɛ wɔn ho sɛ nnipa aba yɛn nkyɛn.” \v 12 Eyi nti wɔfrɛɛ Barnaba Seus na wɔfrɛɛ Paulo nso Hermes,\f + \fr 14.12 \fr*\ft Na Seus yɛ Listra abosom mu panyin a ɛhɔ na na nʼabosonnan wɔ. Wɔn a na wɔbɛbɔ afɔre ma Seus no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔde ayɛyɛde bɛma Paulo ne Barnaba mmom. Nea enti a wɔfaa Barnaba sɛ Seus ne sɛ na ɔwɔ anuonyam. Wɔfaa Paulo sɛ onyame Hermes, efisɛ na ɔyɛ ɔkyeame (\+xt 28.6\+xt*).\ft*\f* efisɛ ɔno na na ɔka asɛm no. \v 13 Seus a na nʼasɔredan wɔ kurotia no sɔfo de nantwi ne nhwiren baa kurow no pon ano, pɛɛ sɛ wɔbɔ afɔre ma asomafo no. \p \v 14 Bere a Barnaba ne Paulo tee afɔre a nnipa no pɛ sɛ wɔbɔ no, wɔde abufuw sunsuanee wɔn ntade mu, tuu mmirika kɔɔ nnipakuw no mu teɛteɛɛ mu se, \v 15 “Dɛn na mopɛ sɛ moyɛ yi? Yɛyɛ nnipa te sɛ mo! Yɛaba sɛ yɛrebɛka asɛmpa no akyerɛ mo, ama moagyae saa nneɛma hunu yi yɛ, na mode mo ho ama Onyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro, asase, ɛpo ne biribiara a ɛwɔ mu no. \v 16 Bere bi a atwa mu no, ɔmaa nnipa nyinaa kwan ma wɔyɛɛ nea wɔpɛ. \v 17 Nanso Onyankopɔn nam nneɛma pa a ɔyɛ so di nʼankasa ho adanse. Mmere a ɛsɛ mu no, ɔma osu tɔ ma nnɔbae ba; ɔma mo aduan di ma munya ahotɔ.” \v 18 Nanso saa kasa yi nyinaa akyi no, pɛ ara na nnipa no pɛɛ sɛ wɔbɔ afɔre ma wɔn. \p \v 19 Yudafo bi fi Antiokia a ɛwɔ Pisidia ne Ikoniom tuu nnipa no aso maa wosiw Paulo abo, twee no fii kurow no mu a na wosusuw sɛ wawu. \v 20 Nanso bere a agyidifo no betwaa ne ho hyiae no, ɔsɔre san kɔɔ kurow no mu. Ade kyee no ɔne Barnaba fii hɔ kɔɔ Derbe. \s1 Paulo Ne Barnaba San Ba Antiokia \p \v 21 Paulo ne Barnaba kaa asɛmpa no wɔ Derbe ma nnipa pii gye dii. Wofi hɔ no, wɔsan kɔɔ Listra, Ikoniom ne Antiokia a ɛwɔ Pisidia. \v 22 Wɔhyɛɛ agyidifo no nkuran sɛ wɔntena ase gyidi mu. Wɔka kyerɛɛ agyidifo yi se, “Ansa na yebetumi akɔ Onyankopɔn ahenni mu no, ɛsɛ sɛ yɛfa ɔhaw ahorow pii mu.” \v 23 Asafo biara a wɔkɔɔ mu no, wosisii mpanyimfo maa wɔn; na wɔnam mpaebɔ ne mmuadadi so de mpanyimfo no hyɛɛ Awurade a wɔde wɔn ho ato no so no nsa. \v 24 Wofi Pisidia no wɔbaa Pamfilia. \v 25 Wɔkaa asɛmpa no wɔ Perge na wofi hɔ baa Atalia. \p \v 26 Wofi Atalia no, wɔsan baa Antiokia a ɛhɔ na bere a na wɔrebefi saa adwuma a wɔawie yi ase no, wɔde wɔn hyɛɛ Awurade nsa no. \v 27 Bere a woduu Antiokia no, wohyiaa asafo no mu nnipa nyinaa. Wɔkaa nneɛma a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ, ne sɛnea Onyankopɔn abue kwan ama amanamanmufo agye asɛm no adi no nyinaa kyerɛɛ wɔn. \v 28 Paulo ne Barnaba tenaa gyidifo no nkyɛn kyɛe. \c 15 \s1 Yerusalem Agyinatufo \p \v 1 Bere a Paulo ne Barnaba wɔ Antiokia no, nnipa bi fi Yudea bɛkyerɛkyerɛɛ anuanom no se, “Sɛ moamma wɔantwa mo twetia sɛnea Mose amanne no kyerɛ no a morennya nkwa.” \v 2 Paulo ne Barnaba ne wɔn gyee saa nkyerɛkyerɛ yi ho akyinnye denneennen. Saa asɛm yi nti Paulo ne Barnaba ne Antiokia asafo no mu nnipa bi kɔɔ Yerusalem kohuu asomafo no ne mpanyimfo faa saa nkyerɛkyerɛ yi ho. \v 3 Asafo no gyaa wɔn kwan. Wɔrekɔ no, wɔfaa Foinike ne Samaria kaa amanamanmufo gye a wɔagye asɛm no adi no kyerɛɛ wɔn. Saa asɛm yi yɛɛ agyidifo no nyinaa anigye yiye. \v 4 Woduu Yerusalem no, asafo no asomafo ne mpanyimfo a wɔkaa nneɛma a Onyankopɔn nam wɔn so ayɛ kyerɛɛ wɔn no gyee wɔn. \p \v 5 Nanso Farisifo a wɔabɛyɛ agyidifo no hyɛe sɛ, ɛsɛ sɛ wotwa amanamanmufo a wɔagye asɛm no adi no nyinaa twetia na wodi Mose mmara no so. \p \v 6 Asomafo no ne mpanyimfo no hyia dwenee asɛm yi ho. \v 7 Wodwinnwen ho wiee no, Petro sɔre kasae se, “Me nuanom, munim sɛ bere bi a atwam no, Onyankopɔn yii me fii mo mu sɛ menka asɛmpa no nkyerɛ amanamanmufo, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔbɛte asɛmpa no na wɔagye adi. \v 8 Sɛnea Onyankopɔn a onim koma mu no nam Honhom Kronkron a ɔma ɛbaa yɛn mu no so gyee yɛn too mu no, saa ara na ɔnam Honhom Kronkron no ara so agye amanamanmufo nso ato mu. \v 9 Onyankopɔn anyɛ nyiyimu; ɔnam gyidi so tew wɔn koma mu. \v 10 Adɛn nti na mopɛ sɛ mode adesoa duruduru a yɛn agyanom antumi ansoa, na yɛn nso yɛantumi ansoa no soa agyidifo no de sɔ Onyankopɔn hwɛ? \v 11 Nanso yegye di sɛ wɔnam Awurade Yesu Kristo adom so na agye yɛn nkwa sɛ wɔn ara.” \p \v 12 Bere a Barnaba ne Paulo kaa anwonwade a Onyankopɔn nam wɔn so yɛɛ wɔ amanamanmufo no mu maa nnipa a wɔahyia hɔ no tee no, wɔyɛɛ dinn. \v 13 Wɔkasa wiei no, Yakobo kae se, “Anuanom, muntie me! \v 14 Mprempren ara na Simon kyerɛɛ mu kyerɛɛ yɛn se Onyankopɔn yii amanamanmufo sɛ ne de. \v 15 Adiyifo no nsɛm a wɔkaa no ne eyi hyia, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Kyerɛwsɛm no mu se: \q1 \v 16 “ ‘Eyi akyi no, mɛsan aba \q2 abesi Dawid fi a abubu no. \q1 Mɛma nea adwiriw no so, \q2 na masan asi bio, \q1 \v 17 sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa a wɔaka no, \q2 ne amanamanmufo a me din da wɔn so no bɛhwehwɛ Awurade.’ \q1 \v 18 Awurade a ɔdaa eyi adi bere bi a atwa mu no, ɔno na ɔbɛyɛ eyinom nyinaa.” \p \v 19 Yakobo toaa so se, “Mʼadwene ne sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛhaw amanamanmufo a wɔde wɔn ho rema Onyankopɔn no. \v 20 Mmom, momma yɛnkyerɛw nhoma nkɔka nkyerɛ wɔn se, ɛnsɛ sɛ wodi aduan biara a wɔde ama abosom, efisɛ ɛho ntew; afei wɔntwe wɔn ho mfi aguamammɔ ho na wɔnnwe aboa a wɔantwa ne mene na owui. Bio, wonnni mogya nso. \v 21 Efi tete na wɔkenkan saa Mose mmara yi wɔ hyiadan mu wɔ Homeda biara, na wɔka ho nsɛm nso wɔ kurow biara mu.” \s1 Wɔkyerɛw Krataa Kɔma Amanamanmufo \p \v 22 Asomafo ne mpanyimfo ne asafo no mu nnipa nyinaa hyiae, yɛɛ adwene sɛ wobeyi nnipa bi afi kuw no mu aka Paulo ne Barnaba ho na wɔakɔ Antiokia. Woyii mmarima atitiriw baanu a wɔn din de Yuda, a wɔfrɛ no Barsaba ne Silas. \v 23 Nhoma a wɔde maa wɔn kɔe no mu nsɛm ni: \pmo Anuanom amanamanmufo a mote Antiokia, Siria ne Kilikia, \pmo Asomafo ne mpanyimfo ne anuanom a wɔwɔ Yerusalem no kyia mo. \pm \v 24 Yɛtee sɛ anuanom bi a yɛmaa wɔn tumi fi yɛn mu nam wɔn nkyerɛkyerɛ so tan mo ani, haw mo adwene. \v 25 Eyi nti yɛatu nnipa bi sɛ wɔmmra mo nkyɛn. Saa nnipa no ne Paulo ne Barnaba \v 26 a wɔde wɔn nkwa abɔ afɔre ama Awurade Yesu Kristo no. \v 27 Eyi nti, yɛresoma Yuda ne Silas ama wɔabɛkasa afoa asɛm a yɛrekyerɛw no so. \v 28 Honhom Kronkron ne yɛn ayɛ adwene sɛ, saa ahyɛde yi akyi no yɛmmfa adesoa foforo bi a emu yɛ duru nsoa mo; \v 29 munnni aduan a wɔde ama abosom; saa ara nso na munnni mogya. Monnwe aboa a wɔantwa ne mene na owui. Bio, montwe mo ho mfi aguamammɔ ho. Sɛ mutumi di saa ahyɛde yi so a, ebesi mo yiye. \pmc Yɛsan kyia mo. \p \v 30 Wogyaa nnipa no kwan ma wɔkɔɔ Antiokia. Woduu hɔ no, wohyiaa agyidifo no de nhoma no maa wɔn. \v 31 Agyidifo no kenkan nhoma no, emu nkuranhyɛsɛm no maa wɔn ani gyei. \v 32 Yuda ne Silas a wɔyɛ adiyifo no ne anuanom no kasa kyɛe, hyɛɛ wɔn nkuran. \v 33 Wodii nna kakra wɔ hɔ no, anuanom no gyaa wɔn kwan asomdwoe mu ma wɔsan kɔɔ anuanom a wɔsomaa wɔn no nkyɛn dwoodwoo. \v 34 Nanso Silas de, wankɔ bi\f + \fr 15.34 \fr*\ft Tete akyerɛw binom mfa nkyekyɛmu 34 nka ho\ft*\f*. \v 35 Paulo ne Barnaba dii nna kakra wɔ Antiokia, boaa anuanom bi ma wɔkyerɛkyerɛe, kaa Awurade asɛm. \s1 Paulo Ne Barnaba Ntam Tetew \p \v 36 Nna bi akyi no, Paulo ka kyerɛɛ Barnaba se, “Ma yɛnsan nkɔsra anuanom a wɔwɔ nkurow a yɛaka Awurade asɛm wɔ so no nyinaa nkɔhwɛ sɛnea wɔrekɔ so wɔ gyidi mu.” \v 37 Barnaba pɛɛ sɛ wɔde Yohane Marko ka wɔn ho kɔ, \v 38 nanso Paulo ampene so, efisɛ wɔwɔ Pamfilia no ogyaw wɔn hɔ a ɔne wɔn antena hɔ ankosi awiei. \v 39 Akasakasa a emu yɛ den sii wɔn ntam maa wɔn mu tetewee. Barnaba faa Marko ne no kɔɔ Kipro \v 40 na Paulo nso faa Silas. Anuanom no de wɔn hyɛɛ Onyankopɔn nsa ma wofii hɔ kɔe. \v 41 Ɔkɔfaa Siria ne Kilikia hyɛɛ asafo no den. \c 16 \s1 Timoteo Kɔka Paulo Ne Silas Ho \p \v 1 Paulo toaa nʼakwantu no so kɔɔ Derbe ne Listra. Ɛhɔ na na ogyidini bi a ne din de Timoteo a ne na yɛ Yudani gyidini na nʼagya nso yɛ Helani no te. \v 2 Anuanom a na wɔwɔ Listra ne Ikoniom no nyinaa dii Timoteo ho adanse pa. \v 3 Esiane sɛ na Paulo pɛ sɛ ɔde Timoteo ka ne ho kɔ nti otwaa no twetia, efisɛ Yudafo a na wɔwɔ hɔ no nyinaa nim sɛ Timoteo agya yɛ Helani. \v 4 Kurow biara a woduu so no, wɔkaa mmara a asomafo ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem ahyɛ sɛ wonni so no kyerɛɛ wɔn. \v 5 Asafo no nyinii gyidi mu na daa, nnipa bebree bɛkaa wɔn ho. \s1 Twa Bra Makedonia \p \v 6 Esiane sɛ Honhom Kronkron amma wɔn kwan sɛ wɔnka asɛm no wɔ Asia no nti, wɔkɔɔ Frigia ne Galatia. \v 7 Woduu Misia hye so no, wɔpɛɛ sɛ anka wɔkɔ Bitinia, nanso Yesu Honhom no amma wɔn kwan. \v 8 Enti wɔfaa Misia kosii Troa. \v 9 Da no anadwo Paulo huu anisoade sɛ ɔbarima bi a ofi Makedonia gyina hɔ resrɛ no se, “Twa bra Makedonia bɛboa yɛn!” \v 10 Anisoadehu yi akyi no, yɛboaboaa yɛn ho sɛ yɛbɛkɔ Makedonia, efisɛ yɛtee ase sɛ Onyankopɔn na wafrɛ yɛn sɛ yɛnkɔka asɛmpa no wɔ hɔ. \s1 Lidia Adwensakra \p \v 11 Yɛde hyɛn fii Troa kɔɔ Samotrake na ade kyee no, yeduu Neapoli. \v 12 Yefi hɔ no, yɛtoaa so kɔɔ Filipi, kurow titiriw a ɛwɔ Makedonia mansin a na Romafo di so no mu. Yedii nna kakra wɔ saa kurow yi mu. \p \v 13 Homeda duu no, yefii kurow no mu kɔɔ asubɔnten bi ho baabi a yɛate sɛ Yudafo taa hyia wɔ hɔ bɔ mpae. Yɛkyerɛkyerɛɛ mmea bi a wɔbaa hɔ no Kyerɛwsɛm no. \v 14 Mmea a wobetiee asɛm no mu baako ne Tiatirani Lidia a na ɔtɔn ntama kɔkɔɔ. Na ɔyɛ Onyamesomni nti Awurade buee ne koma mu ma otiee asɛm a na Paulo reka no ma ogye dii. \v 15 Wɔbɔɔ ɔne ne fifo nyinaa asu wiee no, ɔka kyerɛɛ yɛn se, “Sɛ mugye to mu sɛ meyɛ Awurade mu gyidini ampa ara a, ɛno de mommɛtena me fi.” Ɔkɔɔ so srɛɛ yɛn ara kosii sɛ yɛpenee. \s1 Paulo Ne Silas Da Afiase \p \v 16 Da bi a yɛrekɔ faako a yehyia bɔ mpae no, yehyiaa afenaa bi a akɔm honhom wɔ ne mu a ɔde nʼakɔm no hyɛ nkɔm ma ne wuranom nya wɔn ho. \v 17 Odii yɛne Paulo akyi teɛteɛɛ mu se, “Saa nnipa yi yɛ Ɔsorosoroni Nyankopɔn no asomfo a wɔaba sɛ wɔrebɛka nkwagye ho asɛm akyerɛ mo.” \v 18 Eyi kɔɔ so ara kosii sɛ da bi Paulo de ahometew teɛteɛɛ honhommɔne no se, “Mehyɛ wo wɔ Yesu Kristo din mu se, tu fi ne mu kɔ!” Amono mu hɔ ara, na honhommɔne no tu fii afenaa no mu. \p \v 19 Bere a afenaa no wuranom huu sɛ nea ɛma wɔn sika no afi wɔn nsa no, wɔkyeree Paulo ne Silas twee wɔn kɔɔ mpanyimfo anim wɔ aguabɔbea. \v 20 Wɔde wɔn brɛɛ mpanyin bɔɔ wɔn sobo se, “Saa nnipa yi yɛ Yudafo a wɔde wɔn nneyɛe ne wɔn nkyerɛkyerɛ redan yɛn kurow yi ani. \v 21 Wɔrekyerɛkyerɛ amanne bi a esiane sɛ yɛyɛ Romafo nti, yɛn mmara mma yɛn ho kwan sɛ yegye to mu.” \p \v 22 Nnipadɔm a wɔwɔ hɔ no tow hyɛɛ wɔn so, na mpanyin no tetew Paulo ne Silas ntade mu, hyɛɛ sɛ wɔmmɔ wɔn mmaa. \v 23 Wɔbɔɔ wɔn mmaa pii wiei no, wɔde wɔn koguu afiase, na mpanyin no hyɛɛ afiase sohwɛfo no sɛ ɔnto wɔn mu yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenguan. \v 24 Afiase sohwɛfo no tee saa asɛm no, ɔde wɔn koguu afiase hɔ dan a ɛwɔ mfimfini no mu de nkɔnsɔnkɔnsɔn guguu wɔn anan de bobɔɔ nnua mu. \p \v 25 Ɔdasu mu no, na Paulo ne Silas rebɔ mpae to nnwom reyi Onyankopɔn ayɛ, a nneduafo a wɔwɔ hɔ no nso retie wɔn. \v 26 Mpofirim na asase wosow denneennen maa afiase no nnyinaso nso wosow maa apon no nyinaa buebuei, na nneduafo no nyinaa nkɔnsɔnkɔnsɔn tetewee. \v 27 Bere a afiase sohwɛfo no fi nna mu nyan na ohuu sɛ afiase no apon no abuebue no, osusuw sɛ nneduafo no nyinaa aguan, enti ɔtwee nʼafoa, pɛɛ sɛ anka ɔde kum ne ho.\f + \fr 16.27 \fr*\ft Sɛ odeduani bi guan a, wɔde ne sohwɛfo si nʼanan mu (\+xt 12.19\+xt*). Sɛ ɔsohwɛfo no kum ne ho a na aniwu ne adwennwene biara to atwa.\ft*\f* \v 28 Nanso Paulo teɛɛ mu ka kyerɛɛ no se, “Nkum wo ho! Yɛn nyinaa wɔ ha!” \p \v 29 Ɛhɔ ara afiase sohwɛfo no frɛ ma wɔde kanea brɛɛ no na ɔde ahopopo ne osuro bɛhwee Paulo ne Silas anim. \v 30 Afei ɔde wɔn fii adi bisaa wɔn se, “Awuranom, dɛn na menyɛ na manya nkwa?” \p \v 31 Wobuae se, “Gye Awurade Yesu di na obegye wo ne wo fifo nyinaa nkwa.” \v 32 Wɔkaa Awurade ho asɛm kyerɛɛ afiase sohwɛfo no ne ne fifo nyinaa. \v 33 Anadwo no ara, afiase sohwɛfo yi hohoroo Paulo ne Silas mmaabɔ akuru no anim. Afei ɔma wɔbɔɔ ɔne ne fifo nyinaa asu. \v 34 Afiase sohwɛfo yi de Paulo ne Silas kɔɔ fie kɔmaa wɔn aduan dii na ɔne ne fifo nyinaa ho san wɔn, efisɛ afei de, wɔagye Onyankopɔn adi. \s1 Wogyaa Asomafo No \p \v 35 Ade kyee no, mpanyin no somaa asraafo kɔka kyerɛɛ afiase sohwɛfo no se, “Gyaa saa nnipa no ma wɔnkɔ.” \v 36 Afiase sohwɛfo no ka kyerɛɛ Paulo se, “Mpanyin no asoma abɛka se minnyaa wo ne Silas ma monkɔ. Enti monkɔ asomdwoe mu.” \p \v 37 Nanso Paulo ka kyerɛɛ asraafo no se, “Yɛyɛ Romafo. Wɔammu yɛn fɔ wɔ bɔne biara ho na wɔde yɛn baa aguabɔbea bɛbɔɔ yɛn mmaa, de yɛn guu afiase. Afei na wɔpɛ sɛ wɔfa sum ase gyaa yɛn? Dabi da! Mpanyin no ankasa mmra ha mmegyaa yɛn.” \p \v 38 Asraafo no san kɔbɔɔ Roma mpanyimfo no amanneɛ. Wɔtee sɛ Paulo ne Silas yɛ Romafo no, wosuroe \v 39 enti wɔkɔmaa wɔn dibem, yii wɔn fii afiase hɔ ka kyerɛɛ wɔn se womfi kurow no mu. \v 40 Paulo ne Silas fii afiase hɔ kɔɔ Lidia fi. Wɔkɔtoo anuanom no wɔ hɔ, hyɛɛ wɔn nkuran. Afei wofii hɔ kɔe. \c 17 \s1 Paulo Ne Silas Kɔ Tesalonika \p \v 1 Wɔtoaa wɔn akwantu no so fii Amfipoli ne Apolonia baa Tesalonika a na Yudafo hyiadan wɔ no. \v 2 Sɛnea Paulo taa yɛ no, ɔkɔɔ hyiadan mu mprɛnsa ne nnipa no gyee akyinnye wɔ Kyerɛwsɛm no ho, \v 3 kyerɛɛ mu, dii adanse sɛ, ɛsɛ sɛ Agyenkwa no hu amane na ɔsɔre fi awufo mu. Paulo kae se, “Saa Yesu a mereka ne ho asɛm akyerɛ mo yi ne Agyenkwa no.” \v 4 Nnipa no bi gye dii ma wodii Paulo ne Silas akyi. Saa ara na Helafo bebree a wɔsom Onyankopɔn ne mmea mpanyin bi nso gye dii de wɔn ho bɔɔ wɔn ara ne no. \p \v 5 Yudafo mpanyin no anibere nti, wɔboaboaa ahuhufo bi ano ma wɔbɔɔ twi faa kurow no mu kotwaa Yason fi ho hyiae, pɛɛ sɛ wɔn nsa ka Paulo ne Silas de wɔn brɛ mpanyin no. \v 6 Esiane sɛ wɔn nsa anka wɔn no nti, wɔtwee Yason ne anuanom bi de wɔn baa mpanyin no anim teɛteɛɛ mu se, “Saa nnipa a wɔma basabasa ba baabiara a wɔkɔ no aba yɛn kurow yi mu, \v 7 ama Yason agye wɔn atena ne fi. Wɔn nyinaa abu Ɔhempɔn Kaesare mmara a ɔde ama yɛn sɛ yenni so no so, efisɛ wɔka se ɔhene foforo bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yesu.” \v 8 Saa asɛm yi hwanyan dɔm no ne kurow no mu mpanyin no. \v 9 Kurow no mu mpanyin no maa Yason ne anuanom no tuaa sika bi de dii wɔn akagyinamu ma wogyaa wɔn. \s1 Paulo Ne Silas Kɔ Beroia \p \v 10 Ade sae ara pɛ, anuanom yi gyaa Paulo ne Silas kwan ma wɔkɔɔ Beroia. Wodui no, wɔkɔɔ Yudafo hyiadan mu. \v 11 Na nnipa a wɔwɔ hɔ no nyɛ akyinnyegyefo te sɛ Tesalonikafo no. Wɔde ahosɛpɛw gyee asɛm no dii a daa na wosua Kyerɛwsɛm no pɛɛ sɛ wohu sɛ nkyerɛkyerɛ a Paulo kyerɛkyerɛ no yɛ nokware ana. \v 12 Nnipa no mu bebree a Helafo mmea atitiriw ne mmarima ka ho no gyee nkyerɛkyerɛ no dii. \p \v 13 Bere a Yudafo a wɔwɔ Tesalonika no tee sɛ Paulo akɔka Onyankopɔn asɛm no wɔ Beroia no, wɔkɔɔ hɔ kɔhwanyan hɔfo no nso. \v 14 Enti ntɛm ara na anuanom no gyaa Paulo kwan sɛ ɔnkɔ mpoano, nanso Silas ne Timoteo de, wɔtenaa Beroia. \v 15 Nnipa a wokogyaa Paulo kwan no de no koduu Atene. Wɔresan akɔ Beroia no, Paulo kraa wɔn se wɔnka nkyerɛ Silas ne Timoteo sɛ wɔmmɛka ne ho ntɛm. \s1 Paulo Wɔ Atene \p \v 16 Bere a Paulo retwɛn Silas ne Timoteo wɔ Atene no, ohuu ahoni pii wɔ kurow no mu. Eyi maa ne werɛ howee yiye. \v 17 Enti na ɔne Yudafo ne amanamanmufo a wɔsom Onyankopɔn no taa hyia wɔ hyiadan mu ma ɔkyerɛkyerɛ wɔn Onyankopɔn asɛm. Saa ara nso na daa na ɔne nkurɔfo gye akyinnye wɔ aguabɔbea ara ne no. \v 18 Afei, ɔne Epikurofo ne Stoikfo anyansafo bi nso gyee akyinnye. Ebinom kae se, “Na dɛn na nnabrabani yi pɛ sɛ ɔkyerɛ yi?” Afoforo nso kae se, “Ɛyɛ sɛ ɔreka anyame afoforo bi ho asɛm.” Nea enti a wɔkaa eyi ne sɛ, na Paulo reka Yesu Kristo ne ne wusɔre ho asɛm. \v 19 Wɔde Paulo kɔɔ Areopago\f + \fr 17.19 \fr*\ft Nkyerɛase ne “Ares koko.” Ares yɛ Helafo nyame a ogyina hɔ ma aprannaa ne ɔko.\ft*\f* bagua anim kae se, “Yɛpɛ sɛ yɛte nkyerɛkyerɛ foforo a worekyerɛkyerɛ yi ase, \v 20 efisɛ nsɛm a woka no bi yɛ yɛn asom asɛm foforo, enti yɛpɛ sɛ wokyerɛkyerɛ yɛn mu yiye.” \v 21 Na Atenefo ne ahɔho a wɔwɔ hɔ no nni hwee yɛ sɛ wɔde wɔn adagyew nyinaa betie nsɛm foforo anaa wɔbɛka nsɛm foforo a wɔate no akyerɛ afoforo. \s1 Paulo Asɛnka Wɔ Areopago \p \v 22 Paulo sɔre gyinaa Areopago bagua no anim kae se, “Atenefo, mihu sɛ moyɛ nnipa a mopɛ nyamesom yiye. \v 23 Efisɛ mituu mpase faa mo kurow yi mu, na mihuu mmeae ahorow a mosom no, mihuu afɔremuka bi a wɔakyerɛw ho se, \pc Onyame a wonnim no no de. \m Enti ade a munnim na mosɔre no, ɛno ho asɛm na mereka akyerɛ mo yi. \p \v 24 “Onyankopɔn a ɔbɔɔ wiase ne nneɛma a ɛwɔ mu nyinaa no na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase. Awurade no nte asɔredan a nnipa asi mu. \v 25 Saa ara nso na biribiara a nnipa nam wɔn dwumadi so de bɛma no no nso ho nhia no, efisɛ ɔno na ɔma nnipa nkwa ne biribiara a ehia wɔn. \v 26 Ɔnam onipa baako so na ɔbɔɔ nnipa ahorow nyinaa de wɔn tenaa asase so. Ɔno ankasa na ansa na ɔrebɛbɔ nnipa no, ɔhyehyɛɛ amanaman bere a wɔbɛsɔre ne bere a wɔbɛhwe ase. Saa ara na ɔhyehyɛɛ wɔn tenabea ahye nso. \v 27 Ɛwɔ mu sɛ Onyankopɔn bɛn yɛn de, nanso ɔyɛ eyi sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa bɛhwehwɛ nʼakyi kwan atwiw abɛn no; \v 28 sɛnea obi ka se, ‘Ne mu na yɛte ase na yɛkeka yɛn ho’ no. Saa ara na mo nnwontofo bi nso aka se, ‘Yɛn nso yɛyɛ ne mma’ no. \p \v 29 “Ɛno de, sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma de a, ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ Onyankopɔn tebea te sɛ ohoni bi a onipa de dwetɛ anaa sika anaa ɔbo ayɛ. \v 30 Onyankopɔn buu nʼani guu bere a na nnipa nnim no no so, nanso afei de, ɔhyɛ nnipa nyinaa sɛ wɔntwe wɔn ho mfi akwammɔne so. \v 31 Efisɛ wayi da bi ato hɔ a ɔnam onipa bi a wayi no no so bebu nnipa nyinaa atɛntrenee. Ɔnam sɔre a ɔmaa saa onipa yi sɔre fii awufo mu no so adi adanse akyerɛ nnipa nyinaa.” \p \v 32 Bere a nnipa no tee sɛ Paulo reka owusɔre ho asɛm no, ebinom dii ne ho fɛw, na afoforo nso kae se, “Yɛpɛ sɛ wosan ka saa asɛm no bio.” \v 33 Saa nsɛm a ɛkɔɔ so yi maa Paulo fii bagua no anim kɔe. \v 34 Nanso, nnipa kakraa bi gyee no dii de wɔn ho bɔɔ no. Saa nnipa no mu bi ne Dionisio a ɔfra Areopagofo mu ne ɔbea bi a ne din de Damari ne afoforo bi. \c 18 \s1 Paulo Kɔ Korinto \p \v 1 Eyinom akyi no, Paulo fii Atene kɔɔ Korinto. \v 2 Ɛhɔ na ohyiaa Yudani bi a wɔfrɛ no Akwila a wɔwoo no wɔ Ponto a ɔne ne yere Priskila fi Italia aba hɔ a na ɛnkyɛe. Wofii Italia efisɛ na Roma hempɔn Klaudio ahyɛ mmara se Yudafo nyinaa mfi Roma asase so. \v 3 Paulo kɔtenaa wɔn nkyɛn ne wɔn yɛɛ adwuma, efisɛ na wɔn nyinaa nwen ntamadan. \v 4 Na Paulo kɔ hyiadan mu homeda biara kɔka asɛm no de pɛɛ sɛ anka ɔdan Yudafo ne Helafo no adwene ma wogye di. \p \v 5 Bere a Silas ne Timoteo fii Makedonia bae no, Paulo de nʼadagyew nyinaa kaa Awurade asɛm no, dii adanse kyerɛɛ Yudafo no se Yesu ne Agyenkwa no. \v 6 Bere a Yudafo no ampɛ sɛ wotie Paulo asɛnka, na wɔyeyaw no no, ɔde abufuw poroporow nʼatade mu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mo mmusu ngu mo atifi. Mo afɔbu nna me so. Efi nnɛ de rekɔ, merekɔka asɛm no makyerɛ amanamanmufo.” \p \v 7 Ofii hɔ kɔtenaa Amanamanmuni Nyamesomni bi a wɔfrɛ no Tito Yusto a ne fi bata hyiadan ho no nkyɛn. \v 8 Krispo a na ɔyɛ hyiadan mu panyin no ne ne fifo nyinaa gyee Awurade dii ma wɔbɔɔ wɔn asu. Saa ara na Korintofo bebree a wɔtee Awurade asɛm no nso gye dii ma wɔbɔɔ wɔn asu. \p \v 9 Da bi anadwo, Awurade ka kyerɛɛ Paulo wɔ anisoadehu mu se, \wj “Nsuro! Mpa abaw! Kɔ so ara ka mʼasɛm no,\wj* \v 10 \wj efisɛ meka wo ho. Obiara rentumi nyɛ wo hwee, efisɛ nnipa pii wɔ kurow yi mu a wɔyɛ mʼakyidifo.”\wj* \v 11 Paulo tenaa hɔ afe ne fa kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn asɛm no wɔ wɔn mu. \p \v 12 Bere a Galio yɛ amrado wɔ Akaia no, Yudafo no sɔre tiaa Paulo kyeree no de no kɔɔ asennii, \v 13 kae se, “Saa onipa yi retu nkurɔfo aso sɛ wɔnkwati Yudafo mmara no mfa ɔkwan foforo so nsom Onyankopɔn.” \p \v 14 Paulo yɛɛ sɛ ɔrebue nʼano akasa pɛ na Galio ka kyerɛɛ Yudafo no se, “Yudafo, sɛ mode asɛm foforo bi a ɛfa nsɛmmɔnedi anaa abususɛm ho na ɛbae a, anka mɛhwɛ na maka. \v 15 Nanso esiane sɛ ɛyɛ akyinnyegye a ɛfa nsɛm, din ne mo mmara ho nti, mo ara monkɔhwɛ nka. Merenyɛ saa asɛm yi mu otemmufo.” \v 16 Na ɔpam wɔn fii asennii hɔ. \v 17 Afei dɔm no tow hyɛɛ Sostene a ɔyɛ hyiadan mu panyin no so, twee no kɔɔ asennii hɔ kɔbroo no, nanso Galio anka ho hwee. \s1 Paulo San Kɔ Antiokia \p \v 18 Paulo tenaa Korinto kyɛɛ kakra ansa na ɔrekra anuanom no ma ɔne Priskila ne Akwila refi hɔ akɔ Siria. Esiane bɔ a na wahyɛ no nti, ansa na ɔrebɛkɔ no, ɔma woyii ne ti wɔ Kenkrea. \v 19 Woduu Efeso no, Paulo gyaw Priskila ne Akwila hɔ kɔɔ hyiadan mu ne Yudafo no kɔkasae. \v 20 Wɔsrɛɛ no sɛ, sɛ obetumi a anka ɔntena wɔn nkyɛn nkyɛ kakra nanso wampene so. \v 21 Mmom, ɔrebefi hɔ no ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛ Onyankopɔn pɛ a mɛsan aba bio.” Na ofii hɔ kɔɔ Efeso. \v 22 Oduu Kaesarea no, ɔkɔɔ Yerusalem kokyiaa asafo no fii hɔ kɔɔ Antiokia. \p \v 23 Odii nna kakra wɔ hɔ no, ofii hɔ kɔɔ Galati ne Frigia kɔhyɛɛ agyidifo a wɔwɔ hɔ no den. \s1 Apolo Kasa Wɔ Efeso Ne Korinto \p \v 24 Saa bere no ara mu na Yudani bi a wɔfrɛ no Apolo a wɔwoo no wɔ Aleksandria\f + \fr 18.24 \fr*\ft Ɛwɔ Misraim. Ɛhɔ na wɔkyerɛɛ Apam Dedaw ase kɔɔ Hela kasa mu. Ɛno ne kuropɔn a ɛto so abien wɔ Roma Ahemman mu a na Yudafo dɔɔso wɔ hɔ.\ft*\f* no kɔɔ Efeso. Ɔyɛ obi a na nʼano atew na onim Kyerɛwsɛm no yiye. \v 25 Esiane sɛ na wɔnam Awurade kwan so akyerɛkyerɛ no nti, na ɔde nnam kasa kyerɛkyerɛ nokwasɛm a ɛfa Yesu ho no. Nanso na Yohane asubɔ no nko ara na onim. \v 26 Ofii ase de nnam kasaa wɔ hyiadan no mu. Bere a Priskila ne Akwila tee asɛm a ɔreka no, wɔde no kɔɔ fie kɔkyerɛkyerɛ no Onyankopɔn asɛm no mu yiye. \p \v 27 Bere a Apolo pɛɛ sɛ ɔkɔ Akaia no, agyidifo a wɔwɔ Efeso no hyɛɛ no nkuran, kyerɛw krataa kɔmaa agyidifo a wɔwɔ hɔ no se wonnye no. Bere a okodui no, ɔboaa wɔn a Onyankopɔn adom nti wɔabɛyɛ agyidifo no yiye. \v 28 Ɔde ne nimdeɛ kyerɛɛ Onyankopɔn asɛm mu de tuu Yudafo no guu wɔ bagua mu, nam Kyerɛwsɛm no so daa no adi pefee sɛ Yesu ne Agyenkwa no. \c 19 \s1 Honhom Kronkron Ba Adiyifo Bi So \p \v 1 Bere a Apolo wɔ Korinto no, Paulo tuu kwan faa ɔmantam no atifi koduu Efeso. Ɛhɔ na ohuu agyidifo bi \v 2 bisaa wɔn se, “Bere a mugye dii no, munyaa Honhom Kronkron no ana?” \p Wobuaa no se, “Yɛntee mpo da sɛ Honhom Kronkron bi wɔ baabi.” \p \v 3 Paulo bisaa wɔn bio se, “Ɛno de na asubɔ bɛn na wɔbɔɔ mo?” \p Wobuae se, “Asubɔ a Yohane kaa ho asɛm no.” \p \v 4 Paulo ka kyerɛɛ wɔn se, “Yohane asubɔ no yɛ asu a wɔbɔ wɔn a wɔsakra wɔn adwene. Ɔka kyerɛɛ Israelfo no se, wonnye onipa a odi nʼakyi a ɔreba a ɔne Yesu no nni.” \v 5 Wɔtee saa asɛm no, wɔma wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Awurade Yesu din mu. \v 6 Paulo de ne nsa guu wɔn so no, Honhom Kronkron baa wɔn so ma wɔkaa kasa foforo, hyɛɛ nkɔm. \v 7 Na wɔn dodow bɛyɛ mmarima dumien. \p \v 8 Paulo de nnam kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm wɔ hyiadan mu asram abiɛsa pɛɛ sɛ ɔsakra nnipa no adwene. \v 9 Nanso nnipa no mu bi pirim wɔn koma, annye anni, kasa tiaa asɛm no wɔ atiefo no anim. Enti Paulo fii hɔ de agyidifo no kaa ne ho kɔe. Na Paulo kyerɛkyerɛ wɔ obi a wɔfrɛ no Tirano asuadan mu daa. \v 10 Saa nkyerɛkyerɛ yi kɔɔ so mfe abien; enti ɛmaa nnipa a na wɔwɔ Asia mantam mu a Yudafo ne Helafo ka ho no tee Awurade asɛm no. \s1 Skewa Mma Baason No \p \v 11 Onyankopɔn nam Paulo so yɛɛ anwonwade akɛseakɛse, \v 12 maa mpo ne nnukuu ne nʼatade nsɛnanim a wɔde guu nnipa so no tumi saa nyarewa, tuu ahonhommɔne nso. \p \v 13 Yudafo bi a wɔnam asumansɛm so tu ahonhommɔne pɛɛ sɛ wɔde Awurade Yesu din tu ahonhommɔne. Wɔkankye kyerɛɛ ahonhommɔne no se, “Meka Yesu a Paulo ka ne ho asɛm no sɛ, muntu mfi ne mu!” \v 14 Yudafo sɔfopanyin bi a na ne din de Skewa no mma baason na na wɔyɛ eyi. \v 15 Honhommɔne no buae se, “Minim Yesu, na minim Paulo; na mo nso mo ne hefo?” \v 16 Afei ɔbarima a honhommɔne ahyɛ no ma yi tow hyɛɛ wɔn so, pirapiraa wɔn ma wɔde adagyaw guan fii fie hɔ. \p \v 17 Yudafo ne amanamanmufo a wɔte Efeso no tee asɛm no, wɔbɔɔ hu na woyii Awurade Yesu ayɛ. \v 18 Agyidifo no mu bebree baa bagua mu bɛkaa wɔn bɔne ne wɔn kokoamsɛm. \v 19 Wɔn mu nkonyaayifo pii de wɔn nkonyaayi nhoma ba maa wɔhyew wɔ nnipa no nyinaa anim. Wobuu nhoma a wɔhyew no bo no na ɛyɛ nnwetɛbona mpem aduonum. \v 20 Saa anwonwade ahorow yi maa Onyankopɔn asɛm no trɛw tumi so. \s1 Basabasa A Esii Efeso \p \v 21 Eyinom nyinaa akyi no, Paulo yɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛfa Makedonia ne Akaia akɔ Yerusalem. Ɔkae se, “Midu Yerusalem a, akyiri no mɛkɔ Roma nso.” \v 22 Paulo somaa Timoteo ne Erasto a wɔyɛ nʼaboafo no dii nʼanim kan kɔɔ Makedonia, nanso ɔno de, ɔtenaa Asia kyɛɛ kakra. \p \v 23 Saa bere yi ara mu na basabasa a emu yɛ den a ɛfa Awurade asɛm no ho no sii wɔ Efeso. \v 24 Dwetɛdwumfo bi a wɔfrɛ no Demetrio yɛɛ Artemi abosonnan sɛso. Nʼadwuma no maa nʼadwumayɛfo nyaa wɔn ho sɛɛ tam. \v 25 Ɔfrɛfrɛɛ nʼadwumayɛfo no ne wɔn a wodi saa dwuma ahorow no ara bi no ka kyerɛɛ wɔn se, “Anuanom, munim sɛ yɛn ahonya nyinaa gyina saa dwumadi yi so. \v 26 Mo ara moahu na moate dwuma a saa Paulo yi redi. Ɔka se anyame a nnipa de wɔn nsa ayɛ no nyɛ anyame biara. Ɔnam saa asɛm yi so adan nnipa bebree adwene wɔ Efeso ha ne Asia nyinaa. \v 27 Sɛ yɛanhwɛ no yiye a, yɛn adwuma yi begye dimmɔne. Saa ara na obiara remfa ɔbosom Artemi a wɔsom no wɔ Asia ne wiase nyinaa no nyɛ hwee bio na nʼanim agu ase.” \p \v 28 Nnipadɔm no tee saa asɛm a Demetrio kae no, wɔn bo fuw fii ase yɛɛ basabasa, teɛteɛɛ mu se, “Efeso Artemi yɛ kɛse!” \v 29 Basabasayɛ no trɛw wɔ kurow no mu nyinaa. Dɔm no kyeree Makedoniafo baanu a wɔn din de Gaio ne Aristarko a na wɔne Paulo retu kwan no de wɔn kɔɔ aguabɔbea. \v 30 Paulo pɛɛ sɛ anka ɔkɔ aguabɔbea hɔ kohyia dɔm no, nanso asuafo no amma no kwan. \v 31 Ɔmantam no mu mpanyimfo bi a na wɔyɛ Paulo nnamfo no soma kɔsrɛɛ no sɛ ɔnkɔ aguabɔbea hɔ. \p \v 32 Nhyiamu yi yɛɛ basabasa; nnipa no mu bi teɛteɛɛ mu kaa nsɛm bi na ebinom nso teɛɛ mu kaa nsɛm foforo bi, efisɛ na wɔn mu dodow no ara nnim asɛm ko a ɛde wɔn abehyia mu. \v 33 Yudafo no piapiaa Aleksandro kogyinaa dɔm no anim sɛ ɔnkasa. Eyi maa nnipa no bi susuw sɛ Aleksandro nti na wɔahyia hɔ. Afei Aleksandro nyamaa dɔm no pɛɛ sɛ ɔkasa yi ɔno ne ne nkurɔfo ano. \v 34 Dɔm no huu sɛ Aleksandro yɛ Yudani no, wɔteɛteɛ mu nnɔnhwerew abien se, “Efeso Artemi yɛ kɛse!” \p \v 35 Kurow no sohwɛfo no bɔɔ mmɔden maa dɔm no tɛm dinn. Afei ɔkasa kyerɛɛ wɔn se, “Efeso mmarima, obiara nim sɛ Efeso kurow yi na ɛhwɛ Artemi hyiadan ne ohoni a efi ɔsoro beduruu no so. \v 36 Obiara rentumi nnye eyi ho akyinnye enti monyɛ komm, monnyɛ basabasa biara. \v 37 Mode saa nnipa yi aba ha wɔ bere a wonwiaa biribiara mfii yɛn hyiadan mu, nkaa asɛmmɔne biara ntia yɛn nyame no. \v 38 Sɛ Demetrio ne adwumfo a wɔka ne ho no wɔ obi ho asɛm bi a, asennii ne mpanyin wɔ hɔ, wɔmfa mmɛto gua. \v 39 Nanso sɛ mowɔ biribi foforo bi ka a, ɛsɛ sɛ ɔmanfo hyia na wɔfa mmara kwan so ka ho asɛm. \v 40 Sɛ yɛanhwɛ yiye a, wɔbɛka se saa nnɛ basabasayɛ yi fi yɛn. Saa basabasayɛ yi ho nhia. Sɛ wobisa yɛn ho asɛm a, yɛrennya anoyi biara.” \v 41 Ɔkasa wiei no, otuu gua no. \c 20 \s1 Paulo Fi Efeso \p \v 1 Basabasayɛ yi akyi no, Paulo frɛɛ asuafo no kaa nsɛm de hyɛɛ wɔn nkuran, kraa wɔn fii hɔ kɔɔ Makedonia. \v 2 Okyinkyin faa amantam no mu, tuu asuafo no fo de hyɛɛ wɔn nkuran. Afei obeduu Hela. Odii hɔ asram abiɛsa. \v 3 Bere a ɔresiesie ne ho akɔ Siria no, ɔtee sɛ Yudafo no abɔ ne ho pɔw; enti ɔsan nʼakyi kɔfaa Makedonia kɔe. \v 4 Piro a ofi Beroia no ba Sopater ne Paulo na wɔkɔe. Wɔn a wɔka ne ho kɔe no nso bi ne Aristarko ne Sekundo a wofi Tesalonika ne Gaio a ofi Derbe ne Timoteo ne Tihiko ne Trofimo a wofi Asiaman mu no. \v 5 Saa nnipa yi dii kan kɔtwɛn yɛn wɔ Troa. \v 6 Yedii Apiti Afahyɛ no wiei no, yefii Filipi, na nnaanum akyi no, yɛkɔtoo wɔn wɔ Troa, dii nnaawɔtwe wɔ hɔ. \s1 Paulo Nyan Eutiko \p \v 7 Nnaawɔtwe no mu da a edi kan no, yehyiaa mu sɛ anuanom, didii. Esiane sɛ na ade kye a Paulo befi kurow no mu no nti, ɔkasa kyerɛɛ anuanom no kosii ɔdasu mu. \v 8 Na akanea pii wɔ abansoro dan a wɔahyia wɔ hɔ no mu. \v 9 Bere a Paulo rekasa no, na aberante bi a wɔfrɛ no Eutiko te mfɛnsere ano retɔ nko. Ɔdaa hatee ma ofii abansoro dan a ɛto so abiɛsa no so bɛhwee fam. Wɔmaa no so no na wawu. \v 10 Paulo sian baa fam, kobutuw no so, maa no so kae se, “Munnsuro, efisɛ onwuu ɛ!” \v 11 Afei ɔsan foro kɔɔ abansoro no so kobubuu brodo ne asuafo no dii. Paulo toaa ne kasa no so kosii adekyee ansa na ɔregyaw wɔn hɔ. \v 12 Anuanom no de anigye de aberante a wonyan no no kɔɔ fie. \s1 Paulo Kɔ Mileto \p \v 13 Yɛde hyɛn dii kan kɔɔ Aso sɛ yɛrekɔfa Paulo wɔ hɔ, efisɛ na waka akyerɛ yɛn se ɔrefa fam akɔ hɔ. \v 14 Ɔbɛkaa yɛn ho wɔ Aso na yɛne no toaa so kɔɔ Mitilene. \v 15 Ade kyee no, yekoduu Kio. Ne nnaanu so no yeduu Samo na nʼadekyee no, yekoduu Mileto. \v 16 Esiane sɛ na Paulo ho pere no sɛ onyae a anka obedu Yerusalem akodi Pentekoste Afahyɛ no wɔ hɔ no nti, ɔyɛɛ nʼadwene sɛ ɔrennyina Efeso, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔrenkyɛ wɔ Asia. \p \v 17 Paulo soma fii Mileto kɔɔ Efeso kɔka kyerɛɛ asafo mpanyimfo no se wonhyia no. \v 18 Wɔbae no, ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Efi da a edi kan a mebaa Asia no, munim ɔkwan a mefaa so ne mo tenae. \v 19 Ɛwɔ mu sɛ ɛnam Yudafo no pɔwbɔ so ma mihuu amane bebree de, nanso mede ahobrɛase ne nusu yɛɛ mʼadwuma sɛ Awurade somfo. \v 20 Munim sɛ bere a na merekyerɛkyerɛ mo wɔ gua mu ne afi mu no, mamfa biribiara a so bɛba mo mfaso no anhintaw mo. \v 21 Mebɔɔ Yudafo ne amanamanmufo no kɔkɔ sɛ wɔntwe wɔn ho mfi wɔn bɔne ho na wɔmfa wɔn ho mma Onyankopɔn, na wonnye Yesu Kristo nni. \p \v 22 “Afei esiane sɛ Honhom Kronkron ahyɛ me no nti, merekɔ Yerusalem a minnim asɛm a ɛbɛto me wɔ hɔ. \v 23 Nea minim ara ne sɛ kuropɔn biara a mɛkɔ so no, Honhom Kronkron bɔ me kɔkɔ sɛ wɔde me bɛto afiase na mahu amane. \v 24 Sɛnea ɛbɛyɛ a metumi adu botae a esi mʼanim no ho na mawie dwuma a Awurade Yesu de maa me se menka Onyankopɔn dom ho asɛmpa no nti, mammu me kra sɛ ade a ɛsom bo. \p \v 25 “Minim sɛ mo a maka Onyankopɔn ahenni no ho asɛm akyerɛ mo no mu biara renhu me bio. \v 26 Ɛno nti nnɛ, mereka akyerɛ mo se, sɛ ɛba sɛ mo mu bi yera a, na emfi me. \v 27 Efisɛ mamfa Onyankopɔn asɛm no mu biribiara anhintaw mo. \v 28 Monhwɛ mo ho so ne nguankuw a Honhom Kronkron de wɔn ahyɛ mo nsa sɛ ahwɛfo no yiye. Monhwɛ wɔn yiye, efisɛ Onyankopɔn de ne Ba no mogya na agye wɔn. \v 29 Minim sɛ me kɔ akyi no, atoro akyerɛkyerɛfo a wɔn ho yɛ hu sɛ mpataku bewura mo mu abɛsɛe mo. \v 30 Bere bi bɛba a mo mu ebinom bɛsɔre, nam atoro so atwe asuafo no mu bi adi wɔn akyi. \v 31 Ɛno nti monna mo ho so! Monkae sɛ, mfirihyia abiɛsa a midii wɔ mo nkyɛn no, menam amanehunu ne yaw mu tuu mo fo awia ne anadwo. \p \v 32 “Afei mede mo hyɛ Onyankopɔn ne ne dom nsɛm a etumi hyɛ mo gyidi den na ɛma munya nʼagyapade a wasiesie ama ahotefo no nsa. \v 33 Mʼani ammere obi dwetɛ anaa sika anaa ntama. \v 34 Mo ara mudi adanse sɛ, me nsa ano adwuma so na menam mehwɛɛ me ho ne wɔn a wɔka me ho no. \v 35 Mede mʼabrabɔ ayɛ nhwɛso akyerɛ mo sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma de boa ahiafo na yɛkae sɛ, Awurade Yesu ankasa kae se, ‘Ɔma mu wɔ nhyira sen ogye.’ ” \p \v 36 Paulo kasa wiei no, ɔne wɔn nyinaa buu nkotodwe bɔɔ mpae. \v 37 Wɔn nyinaa sui, bam no, maa no nanteyiye. \v 38 Nea ɛyɛɛ wɔn awerɛhow koraa ne asɛm a ɔka kyerɛɛ wɔn se wɔrenhu no bio no. Afei wɔn nyinaa kogyaa no hyɛn no mu. \c 21 \s1 Paulo Kɔ Yerusalem \p \v 1 Yɛne Efeso asafo mpanyimfo no dii ntetewmu no, yesii mu nam asu ani tee kɔɔ Ko. Ade kyee no, yekoduu Rodo na yefii hɔ kɔɔ Patara. \v 2 Yenyaa hyɛn bi a ɛrekɔ Foinike kɔtenaa mu kɔe. \v 3 Yeduu baabi a yɛn ani tua Kipro no, yetwaa ho wɔ benkum fam kɔɔ Siria. Yesii fam wɔ Tiro, efisɛ na ɛhɔ na wɔrekoyi hyɛn no mu nneɛma. \v 4 Yehuu asuafo bi wɔ hɔ tenaa wɔn nkyɛn dii nnaawɔtwe. Asuafo no nam Honhom Kronkron adiyi so bɔɔ Paulo kɔkɔ sɛ ɔnkɔ Yerusalem. \v 5 Nanso bere duu sɛ ɛsɛ sɛ yefi hɔ no, yegyaw wɔn hɔ kɔe. Asuafo no nyinaa ne wɔn yerenom ne wɔn mma kogyaa yɛn kwan koduu mpoano. Yeduu hɔ no yɛn nyinaa buu nkotodwe bɔɔ mpae. \v 6 Afei yɛkrakraa yɛn ho yɛn ho wiei no, yɛkɔtenaa hyɛn no mu maa wɔn nso san kɔɔ fie. \p \v 7 Yefi Tiro no, yɛtoaa yɛn akwantu no so faa nsu ani koduu Ptolemai. Yeduu hɔ no yekokyiaa asuafo a wɔwɔ hɔ no dii wɔn nkyɛn da koro. \v 8 Yefii hɔ nʼadekyee so kɔɔ Kaesarea kɔtenaa ɔsɛmpakafo Filipo a na ɔka mmarima baason a woyii wɔn wɔ Yerusalem no ho no fi. \v 9 Na Filipo wɔ mmabea baanan a wɔnwaree ɛ, na wɔhyɛ nkɔm. \p \v 10 Yɛtenaa hɔ kyɛɛ kakra no, odiyifo bi a wɔfrɛ no Agabo fii Yudea baa hɔ. \v 11 Ɔbaa faako a yɛwɔ no, ɔfaa Paulo abɔso de kyekyeree ne nan ne ne nsa kae se, “Asɛm a Honhom Kronkron ka ni, ‘Sɛnea Yudafo a wɔwɔ Yerusalem no bɛkyekyere onipa a abɔso yi yɛ ne dea no, na wɔde no ahyɛ amanamanmufo no nsa ni!’ ” \p \v 12 Yɛtee saa asɛm no, yɛne wɔn a na yɛne wɔn wɔ hɔ no nyinaa srɛɛ Paulo sɛ ɔnnkɔ Yerusalem. \v 13 Na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Osu a musu de rehyɛ me awerɛhow yi ase ne dɛn? Me de, masiesie me ho sɛ ɛnyɛ kyekyere a wɔbɛkyekyere me wɔ Yerusalem no na misuro, na sɛ etwa sɛ miwu ma Awurade Yesu a, mewu.” \v 14 Yɛkae kae a wampene no yegyae kae se, “Nea Awurade pɛ na ɛnyɛ.” \p \v 15 Nna bi akyi no, yɛboaboaa yɛn ho fii hɔ kɔɔ Yerusalem. \v 16 Kaesarea asuafo no bi ne yɛn kɔe. Yeduu hɔ no, yɛkɔsoɛɛ Mnason a ofi Kipro a ogyee Yesu Kristo dii akyɛ no fi. \s1 Paulo Kɔsra Yakobo \p \v 17 Yeduu Yerusalem no, asuafo a wɔwɔ hɔ no nyinaa gyee yɛn ɔfɛw so. \v 18 Ade kyee no, Paulo ne yɛn kokyia Yakobo ne Yerusalem asafo no mu mpanyimfo. \v 19 Nkyia no akyi no, Paulo kaa biribiara a Onyankopɔn nam ne som no so ayɛ wɔ amanamanmufo no mu no kyerɛɛ wɔn. \p \v 20 Wotiee Paulo amanneɛbɔ no wiei no, wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. Na wɔka kyerɛɛ no se, “Onua, wʼankasa wudi adanse sɛ Yudafo mpempem na na wɔabɛyɛ asuafo a wɔn nyinaa nso di yɛn mmara no so. \v 21 Saa nnipa yi ate sɛ wutia Mose mmara no ne Yudafo amanne; ɛne sɛ, wokyerɛkyerɛ Yudafo a wɔte amanamanmufo no mu se wonntwa wɔn mma twetia na wonnni yɛn amanne nso so. \v 22 Nea ɛbɛyɛ biara, wɔbɛte sɛ woaba ha. Enti yɛbɛyɛ no dɛn? \v 23 Yɛ nea yɛrebɛka akyerɛ wo yi. Mmarima baanan bi wɔ yɛn nkyɛn ha a, wɔaka ntam. \v 24 Wo ne wɔn nkɔ na munkodwira mo ho na tua ho ka ma wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a, wobetumi atwitwa wɔn tinwi. Eyi bɛma obiara ahu sɛ nsɛm a wɔte faa wo ho no mu biara nyɛ nokware, efisɛ wʼankasa mpo wudi Mose mmara no so. \v 25 Amanamanmufo a wɔabɛyɛ asuafo no de, wɔakyerɛw akɔma wɔn akyerɛ gyinae a yɛasi sɛ, wonnni aduan biara a wɔde abɔ afɔre ama abosom; wonnni mogya; wonnni aboa biara a wɔantwa ne mene ansa na owui; na afei nso wɔntwe wɔn ho mfi aguamammɔ ho.” \p \v 26 Ade kyee no, Paulo ne mmarima no kodwiraa wɔn ho. Ɔne wɔn kɔɔ asɔredan mu kɔkyerɛɛ da a wobewie wɔn ahodwira no ne da a wɔbɛbɔ afɔre ama wɔn mmaako mmaako. \s1 Wɔkyere Paulo \p \v 27 Nnanson no reyɛ atwam no, Yudafo bi a wofi Asia huu Paulo wɔ asɔredan no mu. Wɔhwanyan nnipa a wɔwɔ hɔ no nyinaa ma wɔkyeree Paulo. \v 28 Wɔteɛteɛɛ mu se, “Israel mmarima, monsɔre mmɛboa yɛn! Oyi ne ɔbarima a baabiara a ɔbɛkɔ no ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so tia Israelfo, Mose mmara ne asɔredan yi. Mpo ɔde amanamanmufo bi aba ha de agu Kronkronbea ha ho fi.” \v 29 Nea enti a wɔkaa saa asɛm yi ne sɛ, na wɔahu Paulo ne Efesoni Trofimo wɔ kurom hɔ, enti na wosusuw sɛ Paulo de no akɔ asɔredan mu hɔ. \p \v 30 Wɔtee saa no, kurow mu no nyinaa bɔɔ twi kɔkyeree Paulo, twee no fii asɔredan no mu hɔ. Wɔtotoo asɔredan no apon no nyinaa mu ntɛm so. \v 31 Bere a dɔm no pɛɛ sɛ wokum Paulo no, obi kɔka kyerɛɛ Roma asraafo sahene no se basabasa asi Yerusalem. \v 32 Amono mu hɔ ara ɔsahene no ne asraafo mpanyin bi ne asraafo bi de ahoɔhare kɔɔ nea dɔm no ahyia hɔ. Bere a nnipa no huu no ne asraafo no, wogyaee Paulo hwe. \p \v 33 Ɔsahene no kosoo Paulo mu, kyerɛɛ sɛ wɔmfa nkɔnsɔnkɔnsɔn abien ngu no. Afei obisae se, “Hena ne saa ɔbarima yi? Bɔne bɛn na wayɛ?” \v 34 Nnipa no ano antumi ankɔ bɛnkoro; ebinom ka sɛɛ a, na afoforo nso aka sɛɛ. Saa basabasa yi amma ɔsahene no antumi anhu asɛm pɔtee a asi. Ɛno nti, ɔhyɛɛ nʼasraafo no sɛ wɔmfa Paulo nkɔ aban mu. \v 35 Wɔde Paulo duu atrapoe no ano no, dɔm no bɔ toaa no enti asraafo no maa no so kɔe. \v 36 Dɔm no tu dii wɔn akyi teɛteɛɛ mu se, “Munkum no!” \s1 Paulo Yi Ne Ho Ano \p \v 37 Wɔde Paulo rekɔ aban mu no, obisaa ɔsahene no se, “Mesrɛ wo, metumi aka asɛm bi akyerɛ wo ana?” \p Ɔsahene no nso bisaa no se, “Enti, wote Hela kasa? \v 38 Ɛnyɛ wo ne Misraimni a da bi ofii basabasayɛ ase dii mmarima awudifo mpem anan anim kɔɔ sare so no?” \p \v 39 Paulo buaa no se, “Meyɛ Yudani a wɔwoo me wɔ Tarso; Kilikia kurow a agye din no mu nipa ne me. Mesrɛ wo, ma me ho kwan na me ne nnipa no nkasa.” \p \v 40 Ɔsahene no maa Paulo kwan ma ogyinaa atrapoe no so nyamaa nnipa no. Wɔyɛɛ komm no, Paulo kasa kyerɛɛ wɔn wɔ Arameike kasa mu se: \c 22 \nb \v 1 “Anuanom ne agyanom, muntie mʼanoyi yi.” \p \v 2 Wɔtee sɛ ɔka Arameike no, wɔyɛɛ komm koraa. \p Paulo toaa so se, \v 3 “Meyɛ Yudani a wɔwoo me wɔ Tarso a ɛwɔ Kilikia. Wɔtetew me wɔ Yerusalem wɔ Gamaliel nan ase. Misuaa sɛnea wodi Yudafo mmara ne wɔn amanne so pɛpɛɛpɛ. Mebɔɔ mmɔden sɛ biribiara a meyɛ no, mede bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam sɛnea mo nyinaa nso reyɛ nnɛ yi. \v 4 Metaa nnipa a wodi Awurade asɛm so no nyinaa kunkum wɔn. Mekyeree mmea ne mmarima de wɔn guu afiase. \v 5 Ɔsɔfopanyin ne agyinatufo no nyinaa di me adanse sɛ, asɛm a mereka yi yɛ nokware. Wɔn nkyɛn mpo na migyee tumi nhoma sɛ mede rekɔma anuanom Yudafo a wɔwɔ Damasko no. Saa nhoma no na anka megyina so makyekyere nnipa a wodi Awurade asɛm so no agu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn, de wɔn aba Yerusalem na wɔatwe wɔn aso. \p \v 6 “Owigyinae a mereyɛ adu Damasko no, mpofirim na hann bi twa faa me ho. \v 7 Mitwa hwee fam, na metee nne bi a ɛrebisa me se, \wj ‘Saulo! Saulo! Adɛn nti na wotaa me?’\wj* \p \v 8 “Mibisae se, ‘Ɛyɛ wo hena, Awurade?’ \p “Nne no buaa me se, \wj ‘Ɛyɛ me Nasareni Yesu a wotaa me no.’\wj* \v 9 Nnipa a na wɔne me nam no huu hann no de, nanso wɔante nne a ɛkasa kyerɛɛ me no. \p \v 10 “Mibisae se, ‘Dɛn na menyɛ, Awurade?’ \p “Awurade ka kyerɛɛ me se, \wj ‘Sɔre na kɔ Damasko, na hɔ na mɛkyerɛ wo biribiara a mepɛ sɛ woyɛ.’\wj* \v 11 Hann no hyerɛn ano den no maa mʼani furae enti nnipa a na me ne wɔn rekɔ no susoo me nsa de me kɔɔ Damasko. \p \v 12 “Na Onipa bi a wɔfrɛ no Anania a odi Mose mmara so a na Yudafo nyinaa di no ni no te Damasko hɔ. \v 13 Ɔbaa me nkyɛn bɛkae se, ‘Onua Saulo, hu ade bio!’ ” Na hɔ ara mʼani buei. \p \v 14 “Ɔka kyerɛɛ me se, ‘Yɛn nenanom Nyankopɔn ayi wo sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛyɛ nʼapɛde na woahu ɔtreneeni no, na wobɛte nʼankasa ne nne sɛ ɛkasa kyerɛ wo. \v 15 Wubedi adanse afa biribiara a woahu na woate wɔ Awurade ho no akyerɛ nnipa nyinaa. \v 16 Afei, dɛn na woretwɛn bio? Sɔre na ma wɔmmɔ wo asu nhohoro wo bɔne wɔ Yesu din mu.’ \s1 Wɔsoma Paulo Amanamanmufo Nkyɛn \p \v 17 “Mesan kɔɔ Yerusalem na merebɔ mpae wɔ asɔredan mu no, \v 18 mihuu Awurade wɔ anisoadehu mu na ɔka kyerɛɛ me se, \wj ‘Yɛ ntɛm fi Yerusalem ha, efisɛ nnipa a wɔwɔ ha no rentie adanse a wudi fa me ho no.’\wj* \p \v 19 “Mekae se, ‘Awurade, wɔn nyinaa nim pefee sɛ mekɔɔ hyiadan mu kɔkyekyeree asuafo boroo wɔn. \v 20 Saa ara na bere a wokum wo dansefo Stefano no, na mewɔ hɔ bi. Mepenee ne kum no so, hwɛɛ awudifo no ntama so.’ \p \v 21 “Awurade ka kyerɛɛ me se, \wj ‘Sɔre na kɔ, efisɛ mɛsoma wo akɔ akyirikyiri, amanamanmufo nkyɛn!’ ”\wj* \p \v 22 Bere a Paulo kae se wɔasoma no amanamanmufo nkyɛn pɛ na dɔm no fii ase teɛteɛɛ mu dennen se, “Munkum no! Ɔmfata sɛ ɔtena wiase!” \p \v 23 Nnipa no kɔɔ so teɛteɛɛ mu, hugyaa wɔn ntama saw mfutuma tow petee wim. \v 24 Roma sahene no hyɛɛ sɛ wɔmfa Paulo nkɔ aban mu nkɔbɔ no mmaa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛka nea enti a nnipa no nyinaa mpɛ sɛ wotie nʼasɛm no. \v 25 Bere a wɔkyekyeree no wiee a wɔrebɛbɔ no mmaa no, Paulo bisaa ɔsraani panyin a na ogyina hɔ no se, “Mowɔ ho kwan sɛ mobɔ Romani a wonnii nʼasɛm mmuu no fɔ no mmaa ana?” \p \v 26 Bere a ɔsraani panyin no tee saa asɛm no, ɔkɔɔ ɔsahene no nkyɛn kobisaa no se, “Dɛn na wopɛ sɛ woyɛ yi? Onipa no yɛ Romani!” \p \v 27 Afei ɔsahene no kɔɔ Paulo nkyɛn kobisaa no se, “Woyɛ Romani ana?” \p Paulo buaa no se, “Yiw meyɛ Romani.” \p \v 28 Ɔsahene no kae se, “Mituaa sika bebree na mede tɔɔ me Roma maniyɛ.” \p Paulo nso kae se, “Me de, wɔwoo me sɛ Romani.” \p \v 29 Ntɛm ara, nnipa a na wɔrebebisa Paulo nsɛm no twee wɔn ho fii ne nkyɛn. Ɔsafohene no tee sɛ Paulo yɛ Romani no, osuroe sɛ wama wɔagu Paulo nkɔnsɔnkɔnsɔn. \s1 Paulo Gyina Asennii \p \v 30 Esiane sɛ na ɔsafohene no pɛ sɛ ohu nea enti a Yudafo no asɔre atia Paulo no nti, ade kyee no, ɔhyɛ ma woyii Paulo fii nkɔnsɔnkɔnsɔn mu. Ɔmaa asɔfo mpanyin ne agyinatufo no nyinaa hyiae. Afei ɔde Paulo kɔɔ se wɔnhwehwɛ nʼasɛm no mu. \c 23 \p \v 1 Paulo hwɛɛ agyinatufo no dinn kae se, “Anuanom, ahonim pa na mede ayɛ Onyankopɔn adwuma de abesi nnɛ da yi.” \v 2 Anania a na ɔyɛ Ɔsɔfopanyin no hyɛɛ nnipa a na wogyina Paulo ho no se wɔmmɔ nʼano so. \v 3 Paulo ka kyerɛɛ no se, “Wo a wote sɛ ɔfasu a wɔasra ho fitaa, Onyankopɔn bɛbɔ wo. Wote ha de mmara rebu me atɛn, nanso wubu mmara no so hyɛ sɛ wɔmmɔ me!” \p \v 4 Nnipa a na wogyina Paulo nkyɛn no bisaa no se, “Sɛɛ na ɛsɛ sɛ wokasa kyerɛ Onyankopɔn sɔfopanyin?” \p \v 5 Paulo buaa wɔn se, “Anuanom, minnim sɛ ɔyɛ Ɔsɔfopanyin. Kyerɛwsɛm no ka se, ‘Monnkasa ntia wɔn a wodi mo so.’ ” \p \v 6 Bere a Paulo huu sɛ nnipa no bi yɛ Sadukifo na bi yɛ Farisifo no, ɔteɛɛ mu wɔ agyinatufo no anim se, “Me nuanom, meyɛ Farisini. Mʼawofo yɛ Farisifo. Gyidi a mewɔ wɔ awufosɔre mu no nti na migyina ha ama wɔredi mʼasɛm yi.” \v 7 Asɛm a Paulo kae yi maa ntawntaw sii Farisifo ne Sadukifo no ntam maa wɔn mu kyɛɛ abien \v 8 efisɛ na Sadukifo no nnye owusɔre, abɔfo ne honhom nni. Nanso Farisifo no de, wogye saa nneɛma abiɛsa no di. \p \v 9 Nteɛteɛmu no kɔɔ so kosii sɛ Kyerɛwsɛm no akyerɛkyerɛfo no mu bi a wɔyɛ Farisifo no sɔre gyinaa hɔ kae se, “Yenhu bɔne biara a saa onipa yi ayɛ! Ebia honhom anaa ɔbɔfo na ɔkasa kyerɛɛ no!” \v 10 Akasakasa no mu yɛɛ den maa ɔsafohene no suroo sɛ anhwɛ a wɔbɛtetew Paulo mu; ɛno nti ɔhyɛɛ nʼasraafo sɛ, wɔnkɔ nnipa no mu na wonkogye Paulo mfi wɔn nsam mfa no nkɔ aban mu. \p \v 11 Anadwo no, Awurade begyinaa Paulo nkyɛn ka kyerɛɛ no se, \wj “Nsuro! Sɛnea woadi me ho adanse wɔ Yerusalem ha no, saa ara nso na kodi me ho adanse wɔ Roma.”\wj* \s1 Wɔbɔ Paulo Ho Pɔw \p \v 12 Ade kyee no, Yudafo bi hyia kaa ntam, dii nsew sɛ wɔrennidi na wɔrennom nso kosi sɛ wobekum Paulo. \v 13 Na saa nnipa no dodow bɛboro aduanan. \v 14 Afei wɔkɔɔ asɔfo mpanyin ne mpanyin no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Yɛaka ntam adi nsew sɛ hwee renka yɛn ano kosi sɛ yebekum Paulo. \v 15 Mo ne agyinatufo no nsoma nkɔ Roma ɔsafohene no nkyɛn nhyɛ da nka se, mopɛ sɛ mubisa nea Paulo ayɛ no mu yiye enti ɔmma wɔmfa no mmra mo anim. Ansa na wɔde no bedu hɔ no na yɛakum no dedaw.” \p \v 16 Nanso Paulo wɔfaase bi tee pɔw a wɔabɔ no nti ɔkɔɔ aban mu hɔ kɔbɔɔ Paulo amanneɛ. \p \v 17 Paulo frɛɛ asraafo mpanyin no mu baako ka kyerɛɛ no se, “Wo ne aberante yi nkɔ ɔsahene no nkyɛn efisɛ ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ no.” \v 18 Ɔsraani panyin no ne aberante no kɔɔ ɔsahene no nkyɛn. \p Woduu hɔ no, ɔka kyerɛɛ ɔsahene no se, “Paulo a ɔda afiase no asoma me sɛ memfa aberante yi mmehu wo na ɔwɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.” \p \v 19 Ɔsahene no soo aberante no nsa de no kogyinaa nkyɛn baabi bisaa no se, “Asɛm bɛn na wowɔ ka kyerɛ me?” \p \v 20 Aberante no ka kyerɛɛ no se, “Yudafo mpanyin no abɔ pɔw sɛ ɔkyena wɔbɛhyɛ da abɛsrɛ wo na woama wɔde Paulo abrɛ agyinatufo no sɛ wɔrebebisa no ne nsɛm no mu yiye. \v 21 Mma wɔnnaadaa wo. Efisɛ mmarima bɛboro aduanan bi a wɔaka ntam adi nsew sɛ wɔremfa hwee nka wɔn ano kosi sɛ wobenya Paulo akum no no bɛtetew no wɔ ɔkwan so. Nea wɔretwɛn ara ne sɛ wobɛma ho kwan.” \p \v 22 Ɔsafohene no gyaa aberante no kwan ka kyerɛɛ no se, “Nka nkyerɛ obiara sɛ woabɛka asɛm biara akyerɛ me.” \s1 Wɔde Paulo Kɔ Kaesarea \p \v 23 Ɔsahene no frɛɛ nʼasraafo mpanyimfo baanu ka kyerɛɛ wɔn se, “Mompɛ asraafo ahannu ne apɔnkɔsotefo ne mpeawkurafo ahannu na mumfi ha anadwo nnɔnkron yi ara nkɔ Kaesarea. \v 24 Mompɛ ɔpɔnkɔ mma Paulo na momfa no nkɔma Amrado Felike dwoodwoo.” \p \v 25 Afei, ɔsahene no kyerɛw nhoma a emu nsɛm ka se: \pmo \v 26 Me Klaudio Lisia a \pmo Merekyerɛw wo Onuonyamfo Amrado Felike saa nhoma yi: \pmo Kyia wo! \pm \v 27 Yudafo kyeree saa ɔbarima yi a anka wɔrekum no, nanso metee sɛ ɔyɛ Romani no, me ne mʼasraafo kogyee no fii wɔn nsam. \v 28 Mepɛɛ sɛ mihu bɔne ko a wayɛ, enti mede no kɔmaa wɔn agyinatufo no. \v 29 Mihui sɛ ɔnyɛɛ biribiara a ɛsɛ sɛ wogyina so kum no anaasɛ wɔde no to afiase. Asɛm a wɔka too ne so no fa wɔn mmara ho. \v 30 Ɛno nti bere a metee sɛ Yudafo bi abɔ ne ho pɔw sɛ wɔbɛtɛw no akum no no, meyɛɛ mʼadwene sɛ mede no bɛbrɛ wo. Maka akyerɛ wɔn a wɔwɔ asɛm bi ka tia no no sɛ, wɔmmra wʼanim mmɛka. \p \v 31 Asraafo no yɛɛ biribiara a wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. Anadwo no ara wɔde Paulo kɔɔ Antipatri. \v 32 Ade kyee no asraafo a wɔnam fam no san wɔn akyi, na wɔn a wɔte apɔnkɔ so no toaa so kɔɔ Kaesarea. \v 33 Woduu no wɔde nhoma no maa Amrado no de Paulo hyɛɛ ne nsa. \v 34 Amrado no kenkan nhoma no wiee no obisaa Paulo ɔman ko a ofi mu. Ɔtee sɛ ofi Kilikia no, \v 35 ɔkae se, “Wɔn a wɔwɔ asɛm bi ka tia wo no ba a na metie wʼasɛm.” Afei ɔhyɛe se wɔmfa Paulo nkɔ Herode ahemfi na asraafo nwɛn no. \c 24 \s1 Wodi Paulo Asɛm Wɔ Felike Anim \p \v 1 Nnaanum akyi no, Ɔsɔfopanyin Anania ne mpanyimfo bi ne mmaranimfo bi a ne din de Tertulo kɔɔ Kaesarea. Woduu hɔ no, wɔkɔɔ Amrado Felike nkyɛn de nsɛm a wɔwɔ tia Paulo no too nʼanim. \v 2 Wɔfrɛɛ Tertulo ma ɔbɔɔ ne nkuro se, “Onuonyamfo! Esiane wo nimdeɛ ne wʼakwankyerɛ pa nti efi bere a wobaa yi, nsakrae pa pii aba yɛn man yi mu ama yɛn ho atɔ yɛn. \v 3 Baabiara a yɛwɔ no yɛka eyi ho asɛm na yɛn ani sɔ nea woayɛ ama yɛn no da wo ase papaapa. \v 4 Mempɛ sɛ mesɛe wo bere enti mesrɛ wo sɛ nya bere tiaa bi ma me na tie asɛm a merebɛka afa saa ɔbarima yi ho no. \p \v 5 “Yɛahu sɛ saa ɔbarima yi yɛ ɔmammɔfo a ɔde basabasayɛ ba Yudafo nyinaa mu. Ɔyɛ Nasarefo fekuw no mu panyin. \v 6 Ɔpɛɛ sɛ ogu asɔredan no ho fi. Ɛno nti yɛkyeree no yɛɛ yɛn adwene sɛ anka yɛbɛfa yɛn mmara so abu no atɛn. \v 7 Nanso Ɔsahene Lisia begyee no fii yɛn nsam abran so, \v 8 hyɛɛ sɛ wommedi nʼasɛm wɔ wʼanim. Sɛ wubisa no a, wo ara ankasa wubehu sɛ nsɛm a yɛreka afa ne ho no nyinaa yɛ nokware.” \p \v 9 Yudafo no nso foaa nsɛm a wɔkaa no so se ɛyɛ nokware. \s1 Paulo Yi Ne Ho Ano \p \v 10 Amrado no maa Paulo kwan sɛ onyi ne ho ano no, Paulo buae se, “Minim sɛ woyɛɛ ɔman yi so otemmufo akyɛ, ɛno nti sɛ migyina wʼanim reyi me ho ano a, minsuro. \v 11 Sɛnea ebia woate no bɛyɛ nnafua dumien ni na mekɔɔ Yerusalem asɔredan mu sɛ merekɔsom. \v 12 Yudafo a wɔde me baa ha yi anhu me sɛ me ne obi regye akyinnye wɔ asɔredan mu hɔ anaasɛ meretu nnipa aso wɔ hyiadan mu anaa ɔman no mu baabiara. \v 13 Saa ara nso na wɔrentumi nkyerɛ sɛ, nsɛm a wɔreka ato me so yi nyinaa yɛ nokware. \v 14 Nanso migye to mu sɛ menam Awurade asɛm a Yudafo yi kasa tia no so som yɛn Agyanom Nyankopɔn. Na migye nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Mose mmara no ne adiyifo nhoma no mu no nso di. \v 15 Mewɔ anidaso a saa nnipa yi nso wɔ wɔ Onyankopɔn mu sɛ da bi, nnipa pa ne nnipa bɔne nyinaa bɛsɔre afi owu mu no nso bi. \v 16 Eyi nti, da biara mebɔ mmɔden sɛ mede ahonim pa bɛbɔ me bra wɔ Onyankopɔn ne nnipa anim. \p \v 17 “Mfe bebree akyi a mifii Yerusalem no, mesan baa hɔ sɛ mede ayɛyɛde rebrɛ me nuanom na mabɔ afɔre. \v 18 Bere a madwira me ho awie na migu so rebɔ aseda afɔre wɔ asɔredan no mu no, na nnipa a wɔde me baa ha yi huu me. Na matwitwa me tinwi sɛnea mmara no kyerɛ no. Saa bere no nso na dɔm biara nka me ho na basabasayɛ bi aba. \v 19 Saa bere no, na Yudafo bi a wofi Asiaman mu wɔ hɔ. Wɔn na sɛ anka wɔwɔ asɛm bi ka tia me a ɛsɛ sɛ wɔka. \v 20 Sɛ saa nnipa a wɔwɔ ha yi nso nim asɛm bi a wogyina so buu me fɔ wɔ agyinatufo no anim a wɔnka. \v 21 Asɛm baako pɛ na migyina wɔn anim no mekae. Saa asɛm no ne sɛ, ‘Gyidi a mewɔ wɔ awufosɔre no mu nti na migye di sɛ morebu me atɛn nnɛ.’ ” \p \v 22 Felike a na onim saa Awurade asɛm no yiye no tuu asɛm no hyɛɛ da, kae se, “Sɛ Ɔsahene Lisia ba a na medi wʼasɛm no.” \v 23 Ɔhyɛɛ ɔsraani panyin a na ɔhwɛ Paulo so no sɛ ɔmma wɔnwɛn no, nanso wɔmma no ahotɔ kakra. Na sɛ ne nnamfonom de biribiara a ɛho hia no no rebrɛ no a, wɔmma ho kwan. \s1 Paulo Gyina Felike Ne Drusila Anim \p \v 24 Nna bi akyi no, Felike ne ne yere Drusila a ɔyɛ Yudani no bae. Ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Paulo brɛɛ no ma ɔbɛkaa gyidi a ɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu no kyerɛɛ wɔn. \v 25 Paulo reka trenee, ahohyɛso ne atemmuda ho asɛm no, Felike suroe, enti ɔkae se, “Kɔ! Akyiri no, sɛ minya adagyew a, mɛsoma abɛfrɛ wo.” \v 26 Na Felike ani da so sɛ Paulo bɛma no sika na wagyaa no, ɛno nti na ɔma wɔtaa kɔfrɛ no ntiantia mu ba ne nkyɛn ne no bɔ nkɔmmɔ no. \p \v 27 Mfe abien akyi no Porkio Festo besii Felike anan mu sɛ amrado. Esiane sɛ na Felike pɛ sɛ ɔsɔ Yudafo no ani no nti, ogyaw Paulo wɔ afiase hɔ. \c 25 \s1 Festo Di Paulo Asɛm \p \v 1 Festo besii Felike anan mu sɛ amrado wɔ Kaesarea no, ne nnansa so no ɔkɔɔ Yerusalem. \v 2 Asɔfo mpanyin ne Yudafo mpanyin no de nsɛm a wɔwɔ tia Paulo no bɛtoo nʼanim. \v 3 Esiane sɛ na wɔabɔ Paulo ho pɔw sɛ wɔbɛtɛw no wɔ ɔkwan so akum no nti, wɔsrɛɛ no sɛ wɔmma wɔmfa no mmra Yerusalem. \v 4 Nanso Festo buaa wɔn se, esiane sɛ Paulo da afiase wɔ Kaesarea na ɛrenkyɛ biara ɔno ankasa bɛkɔ hɔ nti, \v 5 wɔn a wodi asɛm no anim no ne no nkɔ nkodi asɛm no wɔ hɔ. \p \v 6 Festo dii bɛyɛ nnaawɔtwe anaa nnafua du ansa na ɔresan aba Kaesarea. Obeduu adekyee no, ɔtenaa agua mu dii Paulo asɛm. \v 7 Bere a Paulo beduu asennii hɔ no, Yudafo a wofi Yerusalem no twaa ne ho hyiae fii ase kekaa nsɛm a ɛnyɛ nokware too no so. \p \v 8 Paulo yii ne ho ano se, “Minni biribiara ho fɔ, efisɛ menkasa ntiaa Yudafo mmara; minguu asɔredan ho fi, na menkasa ntiaa Roma aban nso.” \p \v 9 Esiane sɛ na Festo pɛ sɛ ɔsɔ Yudafo no ani nti obisaa Paulo se, “Wopɛ sɛ mede wo kɔ Yerusalem kodi wʼasɛm wɔ hɔ ana?” \p \v 10 Paulo buae se, “Esiane sɛ Ɔhempɔn Kaesare asennii na migyina nti, ɛha ara na ɛsɛ sɛ wodi mʼasɛm, bu me atɛn efisɛ menyɛɛ Yudafo bɔne biara sɛnea wo ara wunim no. \v 11 Sɛ mabu mmara so anaa mayɛ biribiara a ɛno nti ɛsɛ sɛ wobu me kumfɔ a, minsuro. Nanso sɛ nsɛm a saa Yudafo yi ka tia me no nyɛ nokware a, obiara rentumi mfa me mma wɔn. Miguan toa Ɔhempɔn Kaesare.” \p \v 12 Festo ne ne mpanyimfo tuu agyina wiei no, ɔka kyerɛɛ Paulo se, “Esiane sɛ woaguan atoa Ɔhempɔn Kaesare no nti yɛde wo bɛkɔ nʼanim.” \s1 Paulo Ho Nkɔmmɔdi \p \v 13 Nna bi akyi no, Ɔhene Agripa ne Berenike baa Kaesarea bɛmaa Festo akwaaba. \v 14 Wɔwɔ hɔ no, Festo ne Ɔhene Agripa dii Paulo asɛm no ho nkɔmmɔ. Festo ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Ɔbarima bi wɔ ha a Felike gyaw no sɛ odeduani; \v 15 na mekɔɔ Yerusalem no, Yudafo asɔfo mpanyimfo ne mpanyin kaa nsɛm bi tiaa no sɛ minnyina so mmu no kumfɔ. \p \v 16 “Nanso meka kyerɛɛ wɔn se, Roma mmara mma ho kwan sɛ wobu obi fɔ wɔ bere a wonnii nʼasɛm ɛ, enti wɔmma no kwan na onyi ne ho ano wɔ asɛm a wɔka tia no no ho. \v 17 Wɔbae no mansɛe bere koraa na ade kyee no, mehyɛɛ sɛ wɔmfa no mmra na minni nʼasɛm. \v 18 Nanso wɔanka nsɛm a misusuwii no mu biara anto no so. \v 19 Nsɛm a wɔkaa no fa wɔn nyamesom ne ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yesu a owui nanso Paulo ka se ɔte ase no ho. \v 20 Esiane sɛ na asɛm no kyere mʼadwene nti, mibisaa Paulo sɛ ɔpɛ sɛ mikodi nʼasɛm wɔ Yerusalem ana? \v 21 Nanso Paulo guan toaa Ɔhempɔn Kaesare. Enti mesan ma wɔde no kɔtoo afiase kosi bere a metumi de no akɔ Ɔhempɔn Kaesare anim.” \p \v 22 Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Festo se, “Mepɛ sɛ mʼankasa mitie nʼanom asɛm.” \p Festo ka kyerɛɛ no se, “Ɔkyena mede no bɛba na woatie nʼanom asɛm.” \s1 Paulo Gyina Ɔhene Agripa Anim \p \v 23 Ade kyee no Ɔhene Agripa ne Berenike hyehyɛɛ wɔn ho de ahokeka ne asraafo mpanyimfo ne kurow no mu mpanyin kɔɔ asennii hɔ. Festo hyɛ ma wɔde Paulo baa asennii hɔ. \v 24 Festo kae se, “Ɔhene Agripa ne mo a moahyia ha nyinaa, saa ɔbarima yi na Yudafo a wɔwɔ ha ne Yerusalemfo aka nsɛm atia no, de no abrɛ me sɛ mimmu no kumfɔ no, \v 25 nanso mannya asɛm biara annyina so a mede bebu no kumfɔ. Esiane sɛ ɔno ankasa guan toaa Ɔhempɔn Kaesare no nti, mayɛ mʼadwene sɛ mede no bɛkɔ nʼanim. \v 26 Esiane sɛ minni asɛm pɔtee bi a mɛkyerɛw akɔma Ɔhempɔn Kaesare nti, na mede no aba wo, Ɔhene Agripa anim se sɛ wuwie wo nhwehwɛmuyɛ a manya biribi agyina so de akyerɛw ne ho asɛm. \v 27 Minnye nni sɛ ntease wɔ mu sɛ mede odeduani bɛkɔ nʼanim a menkyerɛw biribi pɔtee bi a etia no!” \c 26 \s1 Paulo Yi Ne Ho Ano \p \v 1 Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Paulo se, “Afei mema wo ho kwan sɛ wuyi wo ho ano.” \p Paulo maa ne nsa so kasae se, \v 2 “Ɔhene Agripa! Ɛyɛ me anigye sɛ nnɛ manya mu kwan gyina wʼanim ha reyi me ho ano wɔ asɛm a Yudafo aka atia me no ho. \v 3 Nea ɛma meka saa ne sɛ, wunim Yudafo mmara ne wɔn amanne nyinaa fekɔɔ. Enti mesrɛ wo, tɔ wo bo ase tie me. \p \v 4 “Yudafo no nim mʼasetena mu nsɛm nyinaa fi me mmofraase. Wonim mʼasetena mu nsɛm wɔ me kurom ne Yerusalem nso. \v 5 Sɛ wɔbɛka nokware a, wonim sɛ meyɛ Farisini a midi Yudafo mmara ne wɔn som so pɛpɛɛpɛ. \v 6 Na afei esiane bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ yɛn nenanom no nti na migyina ha nnɛ na wɔrebu me atɛn yi. \v 7 Saa bɔhyɛ yi na yɛn mmusuakuw dumien hwɛ kwan sɛ ɛbɛba mu no nti na wɔsom Onyankopɔn awia ne anadwo no. Ɔhene, saa anidaso yi nti na Yudafo asɔre atia me yi. \v 8 Adɛn nti na mo Yudafo nnye nni sɛ Onyankopɔn nyan awufo? \p \v 9 “Mmere bi a atwam no, na mʼadwene nyinaa ne sɛ mɛyɛ biribiara a metumi de atia Yesu a ofi Nasaret no din. \v 10 Saa ara na meyɛɛ wɔ Yerusalem. Migyee tumi nhoma fii asɔfo mpanyin nkyɛn gyinaa so kyekyeree Onyankopɔn akyidifo guu afiase; na sɛ wobu wɔn kumfɔ a, midi mu akoten. \v 11 Mema wɔtwee wɔn aso mmere pii wɔ hyiadan mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛpa wɔn gyidi. Mʼani beree wɔn so yiye ma metaa wɔn koduu aman afoforo so.” \s1 Paulo Ka Nʼadwensakra Ho Asɛm \p \v 12 “Saa ɔtaa yi nti na mikogyee tumi nhoma fii asɔfo mpanyin nkyɛn sɛ mede rekɔ Damasko no. \v 13 Daasebrɛ, da bi owigyinae a merekɔ Damasko no hann bi a ɛkyɛn owia hyerɛn fii ɔsoro betwaa me ne wɔn a yɛnam no ho hyiae. \v 14 Yɛn nyinaa twitwa hwehwee fam na metee nne bi wɔ Arameike kasa mu se, \wj ‘Saulo! Saulo! Adɛn nti na wotaa me? Nea woyɛ yi nyinaa wode rehaw wo ho sɛnea nantwi tu ne nan wɔ ɔkafo pema ano.’\wj* \p \v 15 “Mibisae se, ‘Ɛyɛ wo hena, Awurade?’ \p “Awurade buae se, \wj ‘Ɛyɛ me Yesu a wotaa me no.\wj* \v 16 \wj Sɔre gyina hɔ. Nnɛ mayi me ho adi akyerɛ wo; mɛma woayɛ me somfo na woadi adanse wɔ nea woahu afa me ho yi ne nea mɛkyerɛ wo nyinaa ho.\wj* \v 17 \wj Megye wo afi Israelfo ne amanamanmufo a wɔresoma wo akɔ wɔn nkyɛn no nsam.\wj* \v 18 \wj Wubebue wɔn ani na woatwe wɔn afi sum mu aba hann mu, na woayi wɔn afi ɔbonsam tumi ase aba Onyankopɔn nkyɛn. Na wɔnam wɔn gyidi a wɔwɔ wɔ me mu no so anya bɔnefakyɛ na wɔayɛ Onyankopɔn mma.’\wj* \p \v 19 “Ɛno nti Ɔhene Agripa, meyɛɛ osetie maa nne a efi ɔsoro no. \v 20 Mifii ase kaa asɛmpa no wɔ Damasko ne Yerusalem ne Yudeafo aman nyinaa so ne amanamanmufo mu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsakra wɔn adwene na wɔde wɔn ho ma Onyankopɔn na wɔmma wɔn nneyɛe nkyerɛ sɛ wɔasakra. \v 21 Saa asɛm yi ara nti na na mewɔ asɔredan mu resom a Yudafo no bɛkyeree me sɛ wɔrekokum me no. \v 22 Nanso besi nnɛ yi Onyankopɔn abɔ me ho ban nti na migyina ha redi adanse akyerɛ obiara yi. Asɛm koro a Mose ne adiyifo no kae se \v 23 ɛsɛ sɛ Agyenkwa no hu amane na wadi awufo sɔre mu kan, na wɔaka hann ho asɛm akyerɛ Yudafo ne amanamanmufo.” \s1 Festo Bu Paulo Ɔbɔdamfo \p \v 24 Paulo gu so rekasa no, Festo twaa nʼano se, “Paulo, woabɔ dam! Wo nhomanim bebrebe no abɔ wo dam.” \p \v 25 Nanso Paulo buae se, “Daasebrɛ, memmɔɔ dam ɛ. Nsɛm a mereka no yɛ nokware a aba wɔ mu. \v 26 Ɔhene Agripa, esiane sɛ wunim saa nsɛm yi nyinaa nti, metumi agyina wʼanim de akokoduru akasa. Migye di sɛ biribiara a esii no wunim, efisɛ emu biara nni hɔ a ɛyɛ kokoamsɛm. \v 27 Ɔhene Agripa, wugye adiyifo no di ana? Minim sɛ wugye wɔn di.” \p \v 28 Agripa bisaa Paulo se, “Wugye di sɛ wubetumi adan mʼadwene ama mayɛ Kristoni saa bere tiaa yi mu ana?” \p \v 29 Paulo buae se, “Sɛ nsɛm a mereka no ho hia anaa ɛho nhia no, me mpaebɔ ara ne sɛ, Onyankopɔn bɛma wo ne wɔn a wɔretie me nnɛ yi nyinaa asakra abɛyɛ sɛ me, gye nkɔnsɔnkɔnsɔn a egu me yi nko ara.” \p \v 30 Afei ɔhene no ne Amrado ne Berenike ne wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa sɔree. \v 31 Wɔrekɔ no wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Saa onipa yi nyɛɛ biribiara a ɛsɛ sɛ wogyina so bu no kumfɔ anaasɛ wɔde no to afiase.” \p \v 32 Ɔhene Agripa ka kyerɛɛ Festo se, “Sɛ onipa yi nguan ntoaa Kaesare a anka yebetumi agyaa no.” \c 27 \s1 Paulo Kɔ Roma \p \v 1 Wosii gyinae wiee sɛ yɛnkɔ Italia no, wɔde Paulo ne nneduafo bi hyɛɛ Yulio a ɔyɛ Roma asraafo panyin no nsa. \v 2 Yɛkɔtenaa hyɛn bi a ɛrekɔ Asia fam no mu wɔ Adramitio. Na Makedoniani Aristarko a ofi Tesalonika no ka yɛn ho. \p \v 3 Ade kyee no, yekoduu Sidon. Yulio yɛɛ Paulo adɔe ma ɔkɔsraa ne nnamfo ma wɔmaa no nneɛma a ɛho hia no. \v 4 Esiane sɛ yetuu wɔ hɔ no na mframa bɔ hyia yɛn no nti yɛka kɔɔ Kipro nifa fam. \v 5 Yɛnam po so kɔfaa Kilikia ne Pamfilia koduu Mira a ɛwɔ Likia mantam mu no mu. \v 6 Ɛhɔ na asraafo panyin no huu hyɛn bi a efi Aleksandria rekɔ Italia. Enti ɔde yɛn kɔtenaa mu. \v 7 Hyɛn no kɔɔ brɛoo enti yedii nna wɔ po no so. Yɛbrɛɛ ansa na yɛredu Knido. Esiane sɛ na mframa bɔ hyia yɛn no nti, yɛfaa Salmoni hyɛngyinabea ka kɔɔ Kreta nifa fam. \v 8 Yɛka kɔɔ mpoano nkakrankakra kosii sɛ yɛde ɔbrɛ beduu baabi a wɔfrɛ hɔ Hyɛn Agyinae a ɛbɛn kurow Lasea. \p \v 9 Na yɛasɛe mmere pii, na saa bere no nso po no sofa yɛ hu efisɛ na ɛyɛ Mpata Da akyi. Paulo tuu wɔn fo se, \v 10 “Anuanom, mihu sɛ, sɛ yɛtoa yɛn akwantu yi so a, yebehu amane ama ebia hyɛn no abɔ ama emu nneɛma asɛe ama nnipa ahwere wɔn nkwa.” \v 11 Nanso asraafo panyin no antie fo a Paulo tuu wɔn no, na mmom otiee nsɛm a hyɛnkafo no ne hyɛn no wura kae no. \v 12 Esiane sɛ na hyɛngyinabea hɔ nye mma sɛ wɔbɛtena hɔ awɔwbere mu no nti nnipa no bebree pɛe sɛ, sɛ ebetumi a anka hyɛn no betu afi hɔ akɔ Foinike. Foinike yɛ hyɛngyinabea a ɛwɔ Kreta a ɛda atifi ne anafo ntam wɔ Atɔe fam. Ɛyɛ baabi a wobetumi atena hɔ awɔwbere mu. \s1 Po So Mframa A Ɛyɛ Den No \p \v 13 Mframa a ano nyɛ den bɔ fii anafo fam no, nnipa no susuw sɛ wobetumi atoa wɔn akwantu no so sɛnea wɔahyehyɛ no. Enti wotuu sɛkyɛ no de hyɛn no faa Kreta mpoano. \v 14 Ankyɛ koraa na mframa kɛse bi a wɔfrɛ no “Apueitifi Mframa” bɔ fii supɔw no so. \v 15 Mframa no bɔ bunkam faa yɛn hyɛn no so twee no kɔɔ po no mu. Yɛbɔɔ mmɔden sɛ yɛbɛdan hyɛn no ani na anyɛ yiye no, yegyae maa mframa no twee no kɔe. \v 16 Yeduu supɔw ketewa bi a wɔfrɛ no Klauda ho a na ɛhɔ mframa ano nyɛ den mpo no, yɛbrɛɛ ansa na yɛretumi atwe hyɛn no korow a ɛsɛn akyi no aba mu. \v 17 Hyɛn no mu nnwumayɛfo no maa so baa hyɛn no mu bɛkyekyeree no denneennen. Esiane sɛ na wosuro sɛ wɔbɛkɔ akɔka nwea mu nti, woyiyii hyɛn dua no so ntama maa mframa no bɔɔ hyɛn no kɔɔ baabiara a ɛpɛ. \v 18 Mframahweam no kɔɔ so bɔe; ɛno nti ade kyee no woyiyii hyɛn no mu nneɛma no bi tow guu po no mu. \v 19 Ne nnansa so no, wɔsesaw hyɛn no ho nneɛma no bi tow gui. \v 20 Nna bebree twaa mu a na yenhu owia anaa nsoromma a na mframahweam no gu so retu. Eyi maa yɛn anidaso nyinaa sae. \s1 Paulo Kyekye Wɔn Werɛ \p \v 21 Nna bebree twaa mu a na obiara nnidi no, Paulo ka kyerɛɛ wɔn se, “Anuanom, sɛ mutiee me na yɛantu amfi Kreta a anka ɛnyɛ ɛne yɛn amanehunu yi. \v 22 Nanso momma mo bo ntɔ mo yam, efisɛ mo mu biara renwu na mmom, hyɛn no na ɛbɛbɔ. \v 23 Nnɛra anadwo, Onyankopɔn a mesom no no bɔfo baa me nkyɛn \v 24 bɛka kyerɛɛ me se, ‘Paulo, nsuro! Nea ɛbɛyɛ biara wubedu Kaesare anim ama wɔadi wʼasɛm. Wɔn a wɔka wo ho yi nso, Onyankopɔn adom nti, biribiara renyɛ wɔn.’ \v 25 Anuanom, momma mo bo ntɔ mo yam, efisɛ migye Onyankopɔn di na asɛm a waka akyerɛ me no bɛba mu pɛpɛɛpɛ. \v 26 Nanso nea ɛbɛyɛ biara no hyɛn no bɛbɔ wɔ supɔw bi mpoano.” \s1 Hyɛn No Bɔ \p \v 27 Ne nnaawɔtwe abien anadwo no a na mframahweam no nti hyɛn no redi akɔneaba wɔ Adria po so no, ɔdasu mu na hyɛn no mu adwumayɛfo huu sɛ yɛrebɛn asase. \v 28 Wɔtoo susuhama huu sɛ asu no mu tenten yɛ anammɔn ɔha ne aduonu. Ɛyɛɛ kakra a wosusuw bio no, wohuu sɛ ɛyɛ anammɔn aduɔkron. \v 29 Esiane sɛ na wosuro sɛ anyɛ a hyɛn no bɛpem ɔbotan bi nti wɔtoo sɛkyɛ anan wɔ hyɛn no akyi twɛn kosii adekyee. \v 30 Hyɛn no mu nnwumayɛfo pɛɛ sɛ woguan. Enti wogyaw hyɛn no korow no sii po no ani boapa yɛɛ sɛnea wɔrekɔto sɛkyɛ wɔ hyɛn no anim. \v 31 Paulo ka kyerɛɛ asraafo panyin no ne asraafo a wɔka ne ho no se, “Sɛ hyɛn yi mu nnwumayɛfo no guan a, mubewuwu.” \v 32 Eyi nti asraafo no twaa hama a ɛkyekye hyɛn no korow no mu no ma ɛkɔe. \p \v 33 Ade reyɛ akye no, Paulo srɛɛ wɔn nyinaa se wonnidi. Nea ɔkae ne sɛ, “Nnaawɔtwe abien ni, mo mu biara mfaa aduan nkaa nʼano. \v 34 Mesrɛ mo, obiara nnidi sɛnea ɛbɛyɛ a, mubenya ahoɔden. Biribiara renyɛ obiara.” \v 35 Paulo kasa wiei no, ɔfaa brodo bɔɔ mpae daa Onyankopɔn ase wɔ wɔn nyinaa anim na obuu bi dii. \v 36 Amono mu hɔ ara wɔn nyinaa bo tɔɔ wɔn yam ma wofii ase didii. \v 37 Nnipa a na yɛwɔ hyɛn no mu no dodow yɛ ahannu ne aduɔson asia. \v 38 Obiara didi mee no, hyɛn no mu nnwumayɛfo no tow aburow a ɛwɔ hyɛn no mu no guu po no mu maa hyɛn no mu yɛɛ hare. \p \v 39 Ade kyee no, hyɛn no mu nnwumayɛfo no anhu sɛ wɔadu mpoano. Wohuu faako a po no adidi akɔ asase no mu a nsu taa hɔ. Enti wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛka hyɛn no akɔ hɔ ama akɔka. \v 40 Ɛno nti wotwitwaa hyɛn no sɛkyɛ ahama no mu maa sɛkyɛ no guu po mu. Afei wɔsansan hama a ekura akwankyerɛde no mu na afei wosii ntama a ɛwɔ hyɛn no anim no sɛnea ɛbɛyɛ a mframa betumi abɔ hyɛn no akɔ mpoano. \v 41 Nanso ɛhyɛn no kɔpem nweatam bi ma ɛkae. Hyɛn no anim kaa denneennen na asorɔkye a na ɛrebɔ no maa akyi no nso bubui. \p \v 42 Asraafo no yɛɛ wɔn adwene sɛ wobekunkum nneduafo no\f + \fr 27.42 \fr*\ft Sɛ odeduani bi guan a, wɔde ne sohwɛfo no nkwa si nʼanan mu. Enti na asraafo no nnyaagyaa wɔn ho na amma odeduani bi anguan.\ft*\f* nyinaa sɛnea ɛbɛyɛ a, obiara rennya kwan nguan. \v 43 Nanso esiane sɛ na asraafo panyin no pɛ sɛ ogye Paulo nkwa no nti wamma wɔn ho kwan. Mmom, ɔhyɛɛ sɛ wɔn a wobetumi aguare no mfi ase nguare nkɔ mpoano. \v 44 Wɔn a wɔaka no nso ntetare mmerɛte ne nnua asinasin a abubu fi hyɛn no mu no so nkɔ mpoano. Saa ɔkwan yi so na yɛnam beduu mpoano nohɔ dwoodwoo. \c 28 \s1 Yedu Malta \p \v 1 Yeduu mpoano hɔ no, ankyɛ na yehuu sɛ yɛwɔ supɔw Malta so. \v 2 Supɔw no sofo no gyee yɛn fɛw so. Esiane sɛ na osu atɔ ama awɔw aba nti, wɔsɔɔ ogya ma yɛtoe. \v 3 Paulo bubuu mmabaa sɛ ɔde regu ogya no mu. Ɔde regu mu no, ɔwɔ bi a ogya no hyew aka no no bebaree ne nsa ho. \v 4 Supɔw no sofo no huu ɔwɔ no sɛ ɔbebare ne nsa ho no, wɔkae se, “Saa onipa yi yɛ owudifo a wanya ne ti adidi mu wɔ po akwanhyia mu, nanso esiane ne bɔne nti owu ara na etwa sɛ owu.” \v 5 Paulo petee ɔwɔ no too ogya no mu a hwee anyɛ no. \v 6 Na nkurɔfo no nyinaa susuw sɛ Paulo bɛhonhon anaasɛ obetwa ahwe awu. Nanso wɔtwɛn ara a biribiara anyɛ no no, wɔsakraa wɔn adwene kae se, “Ɔyɛ onyame bi.” \p \v 7 Na ɔpanyin a ɔhwɛ supɔw no so a wɔfrɛ no Publio no fi bɛn mpoano hɔ; ogyee yɛn fɛw so som yɛn hɔho nnansa. \v 8 Saa bere no ara na Publio agya yare atiridii ne konkoruwa a aka no ato hɔ. Paulo kɔɔ ɔdan a na ɔda mu no mu de ne nsa guu no so, bɔɔ mpae maa ne ho yɛɛ no den. \v 9 Nea Paulo yɛe no maa ayarefo a wɔwɔ supɔw no so no nyinaa baa ne nkyɛn ma ɔsaa wɔn yare. \v 10 Wɔmaa yɛn akyɛde bebree. Yɛrebefi hɔ akɔ no nso wɔde biribiara a ɛho hia yɛn no beguu hyɛn no mu maa yɛn. \s1 Yefi Malta Kodu Roma \p \v 11 Yedii asram abiɛsa wɔ supɔw no so ansa na yenyaa hyɛn bi a efi Aleksandria a ne nsɛnkyerɛnne yɛ eti abien a egyina hɔ ma anyame baanu bi. Na saa hyɛn no abedi awɔwbere no wɔ supɔw no so. \v 12 Yeduu Sidarakusa no, yedii nnansa wɔ hɔ. \v 13 Yefi hɔ toaa so koduu Regio. Ade kyee no, mframa bi bɔ fii anafo fam ma nnaanu akyi no yekoduu Puteoli. \v 14 Ɛha na yehyiaa agyidifo bi a wɔsrɛɛ yɛn se yɛntena wɔn nkyɛn nnaawɔtwe. Ɛno akyi no, yɛtoaa so koduu Roma. \v 15 Anuanom a wɔwɔ Roma no tee yɛn nka sɛ yɛreba no, ebinom behyiaa yɛn kwan wɔ aguabɔbea a ɛwɔ Apia kwan no so na afoforo nso hyiaa yɛn wɔ ahɔhobea bi a wɔfrɛ no Ahɔhodan Abiɛsa no. Bere a Paulo huu wɔn no, ne ho san no na ɔdaa Onyankopɔn ase. \v 16 Yeduu Roma no, wɔmaa Paulo ho kwan sɛ ɔnkɔtena baabiara a ɔpɛ na ɔsraani bi nwɛn no. \p \v 17 Nnansa akyi no, Paulo frɛɛ Yudafo mpanyin ne wɔn hyiae. Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Anuanom, ɛwɔ mu sɛ manyɛ bɔne biara antia yɛn man ne yɛn amanne a yɛn agyanom de gyaw sɛ yɛn no de, nanso wɔkyeree me sɛ odeduani wɔ Yerusalem de me hyɛɛ Romafo nsa. \v 18 Wobisaa me nsɛm pɛɛ sɛ wogyaa me, efisɛ wɔannya afɔbude bi wɔ me ho a ɛno nti ɛsɛ sɛ wogyina so kum me. \v 19 Nanso bere a Yudafo kasatia gyae a wɔpɛ sɛ wogyaa me no, mihuu sɛ ɛsɛ sɛ miguan toa Kaesare. Ɛnyɛ me nkurɔfo ho adwemmɔne a mewɔ nti na meyɛɛ saa. \v 20 Eyi nti na mepɛɛ sɛ mihu mo na me ne mo kasa no; na onipa a Israelfo ani da no so no nti na nkɔnsɔnkɔnsɔn gu me yi.” \p \v 21 Wobuaa Paulo se, “Yennyaa nhoma biara a efi Yudea a ɛfa wo ho na yɛntee wo ho asɛmmɔne biara nso mfii anuanom a wofi hɔ ba ha no nso nkyɛn. \v 22 Nanso yɛpɛ sɛ yehu wʼadwene, efisɛ yenim sɛ nnipa kasa tia Kristofo a wo nso woka wɔn ho no wɔ baabiara.” \s1 Paulo Asɛnka Wɔ Roma \p \v 23 Wɔhyɛɛ da bi sɛ wobehyia Paulo. Saa da no dui no, nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn wɔ faako a ɔte hɔ no. Ɔkaa Onyankopɔn ahenni no ho asɛm kyerɛɛ wɔn. Ɔnam Mose mmara ne nsɛm a adiyifo no kae no so kaa Yesu ho asɛm fi anɔpa kosii anadwo kyerɛɛ wɔn pɛɛ sɛ ɔdan wɔn adwene. \v 24 Nnipa no bi gyee Paulo asɛm a ɔkae no dii na bi nso annye anni. \v 25 Bere a wɔregyigye wɔn ho wɔn ho akyinnye no, wofii hɔ kɔe. Na asɛm a etwa to a Paulo kae ne sɛ, “Nokwasɛm na Honhom Kronkron nam Odiyifo Yesaia so ka kyerɛɛ mo agyanom se, \q1 \v 26 “Monkɔka asɛm yi nkyerɛ Yudafo se, \q1 ‘Ɔte de mobɛte, nanso morente ase. \q2 Ɔhwɛ de mobɛhwɛ, nanso morenhu,’ \q1 \v 27 efisɛ nnipa yi apirim wɔn koma; \q2 moasisiw mo aso, akatakata mo ani. \q1 Ɛnyɛ saa a, anka mo ani behu ade, \q2 na mo koma ate asɛm ase, \q1 na moanu mo ho asan aba me nkyɛn, na masa mo yare.” \p \v 28 Paulo kae se, “Ɛsɛ sɛ muhu sɛ Onyankopɔn nkwagye no adu amanamanmufo no nkyɛn. Wobetie!” \v 29 Paulo kaa saa asɛm yi wiei no, Yudafo no fii hɔ kɔe a na wɔregyigye wɔn ho wɔn ho akyinnye denneennen. \p \v 30 Paulo tenaa hɔ mfe abien, a na ɔte ofi a ɔno ankasa tua ho ka mu, na nnipa bebree kɔɔ ne nkyɛn. \v 31 Na ɔde akokoduru kaa Onyankopɔn Ahenni no ne Awurade Yesu Kristo ho asɛm.