\id 2TI - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h 2 Timoteo \toc1 Paulo Nhoma A Ɛto So Abien A Ɔkyerɛw Kɔmaa Timoteo \toc2 2 Timoteo \toc3 2 Ti \mt2 Paulo Nhoma A Ɛto So Abien A \mt2 Ɔkyerɛw Kɔmaa \mt1 Timoteo \c 1 \s1 Nhyia \p \v 1 Saa nhoma yi fi Paulo a ɔyɛ Kristo Yesu somafo no nkyɛn. Onyankopɔn ankasa na ɔfrɛɛ me sɛ ɔsomafo, na ɔde nkwa a ɔhyɛ ho bɔ a ɛnam Kristo Yesu mu gyidi so de brɛ mo. \b \p \v 2 Mede kɔma me dɔba Timoteo: \b \p Adom, mmɔborɔhunu ne asomdwoe mfi Agya Nyankopɔn ne yɛn Awurade Kristo Yesu nka wo. \b \b \p \v 3 Meda Onyankopɔn a mede adwene mu fann som no sɛnea me mpanyimfo yɛe no ase. Daa, anadwo ne awia, mekae wo wɔ me mpaebɔ mu. \v 4 Mekae wo nisutew bere a yɛredi mpaapaemu no a, ɛma mʼani gyina wo. Enti sɛ mihu wo bio a mʼani begye. \v 5 Wɔkae me wo nokware gyidi a efii ase wɔ wo nenabea Lois ne wo na Eunike mu no, na magye ato mu sɛ mprempren ɛwɔ wo nso mu bi saa ara. \p \v 6 Eyi nti merebɔ wo nkae sɛ, kae akyɛde a bere a mede me nsa guu wo so no Onyankopɔn de maa wo no. \v 7 Efisɛ Honhom a Onyankopɔn de maa yɛn no mma yɛnyɛ ahufo, na mmom Honhom no ma yɛn tumi, ɔdɔ ne ahohyɛso. \v 8 Mma wʼani nnwu wɔ Awurade adansedi, ne me a meyɛ ne deduani no ho. Na sɛ ɔhaw bi to wo wɔ Asɛmpa no ka ho a, gyina pintinn wɔ ahoɔden a Onyankopɔn de ama wo no mu. \v 9 Ogyee yɛn nkwa frɛɛ yɛn se yɛmmɛyɛ ne de. Ɛnyɛ biribi pa bi a yɛyɛ nti, na mmom nʼadom ara kwa. Ansa na wɔrehyɛ wiase ase no na ɔnam Kristo Yesu so kyɛɛ yɛn saa adom no, \v 10 nanso mprempren wɔnam Agyenkwa Kristo Yesu no ba a ɔbɛba no so ada no adi akyerɛ yɛn. Kristo, yɛn Agyenkwa dii owu so nkonim, na ɔde anigyesɛm a ɛhyerɛn te sɛ kanea, na ɛma nkwa a enni awiei brɛɛ yɛn. \v 11 Onyankopɔn ayi me sɛ ɔsomafo ne ɔkyerɛkyerɛfo sɛ menna Asɛmpa no adi. \v 12 Ɛnam eyinom so nti na mihu saa amane yi. Nanso meda so wɔ gyidi, efisɛ minim nea mede me ho to no so no, na minim nso sɛ ɔbɛkora nea mede ahyɛ ne nsa no ama da no nso. \p \v 13 So nokwasɛm a mekyerɛɛ wo no mu yiye na fa yɛ nhwɛsode, na tena gyidi ne ɔdɔ a ɛyɛ yɛn de wɔ Kristo Yesu mu no mu. \v 14 Wɔde ademude a ɛsom bo ahyɛ wo nsa. Fa Honhom Kronkron a ɔte wo mu no mmoa bɔ ho ban. \p \v 15 Sɛnea wunim no, Kristofo a wofi Asia baa ha no nyinaa aguan agya me. Figelo ne Hermogene nso ka wɔn ho. \p \v 16 Awurade nhu Onesiforo fifo mmɔbɔ, efisɛ ɔhyɛɛ me nkuran mpɛn bebree. Nʼani anwu wɔ me ho sɛ mada afiase pɛn, \v 17 na oduu Roma pɛ, na ɔbɔɔ mmɔden hwehwɛɛ me ara kosii sɛ ohuu me. \v 18 Awurade mmoa no na da no, onya ahummɔbɔ mfi Awurade no nkyɛn! Wunim akwan ahorow a ɔfaa so boaa me wɔ Efeso. \c 2 \s1 Ma Kristo Ahoɔden Nhyɛ Wo Den \p \v 1 Na wo, Timoteo me ba, Kristo Yesu yɛ mmɔborɔhunufo, enti ma ɔnhyɛ wo den. \v 2 Fa nsɛm a wotee sɛ mereka akyerɛ adansefo bebree no, na fa hyɛ nnipa a wugye wɔn di na wobetumi akyerɛ afoforo nso nsa. \v 3 Sɛ amanehunu ba wo so a, mia wʼani tena sɛ Kristo Yesu sraani pa. \v 4 Ɔsraani mmfa ne ho nhyehyɛ afisɛm mu, efisɛ ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne panyin ani. \v 5 Saa ara nso na obi a ɔfra akansi mu a otu mmirika no rentumi nni nkonim gye sɛ odi akansi no mmara so. \v 6 Ɛsɛ okuafo mmɔdemmɔfo sɛ odi kan nya ne nnɔbae bi. \v 7 Dwene nsɛm a mereka yi ho, efisɛ Awurade bɛma woate biribiara ase. \p \v 8 Kae Dawid aseni Yesu Kristo a wonyan no fi awufo mu sɛnea wɔkaa no wɔ Asɛmpa a mekaa ho asɛm no mu no. \v 9 Esiane sɛ meka Asɛmpa no nti mihu amane, mpo, wɔagu me nkɔnsɔnkɔnsɔn sɛ ɔdebɔneyɛni. Nanso wonguu Onyankopɔn asɛm no nkɔnsɔnkɔnsɔn ɛ. \v 10 Ɛno nti, migyina biribiara a ɛbɛba me so no ano ma wɔn a wɔapaw wɔn no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nso benya nkwagye ne anuonyam a enni awiei a ɛwɔ Kristo Yesu mu no bi. \p \v 11 Nsɛm a ɛsɛ sɛ wode wo ho to so ni: \q1 “Sɛ yɛne no wui a, \q2 yɛne no bɛtena ase. \q1 \v 12 Sɛ yɛampa abaw a \q2 yɛne no bedi hene. \q1 Sɛ yɛpa no a, \q2 ɔno nso bɛpa yɛn. \q1 \v 13 Sɛ yɛnyɛ nokwafo a, \q2 ɔno de, ɔyɛ ɔnokwafo \q2 efisɛ ɔrensan nʼasɛm.” \s1 Nnye Akyinnyehunu \p \v 14 Monkae mo nkurɔfo wɔ eyi ho na mommɔ wɔn kɔkɔ wɔ Onyame anim se wɔnnham wɔn nsɛm ho, na mfaso biara nni so; na ɛsɛe atiefo adwene kɛkɛ. \v 15 Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ odwumayɛni a womfɛre Onyankopɔn adwuma no yɛ ho, na kyerɛ nokware a ɛwɔ Onyankopɔn asɛm no mu no, na woafata nʼanim. \v 16 Twe wo ho fi nsɛnhuhuw a ɛho ntew ho, efisɛ ɛno na ɛpam nnipa fi Onyankopɔn ho. \v 17 Nea wɔkyerɛ no te sɛ akisikuru a ɛtrɛw fa ɔhonam no ani. Saa akyerɛkyerɛfo yi mu baanu ne Himeneo ne Fileto. \v 18 Wɔaman afi nokware no ho na wɔka kyerɛ agyidifo bi se, yɛn wusɔre no atwam dedaw nam saa asɛm no so sɛe wɔn adwene. \v 19 Nanso obi rentumi nhinhim fapem dennen a Onyankopɔn ato no, efisɛ wɔakyerɛw wɔ so se, “Awurade nim wɔn a wɔyɛ ne de,” na “Ɛsɛ obiara a ɔka se ɔyɛ Awurade de no sɛ ɔtwe ne ho fi bɔne ho.” \p \v 20 Nkuku ne nkaka wɔ ofi kɛse mu. Ebi wɔ hɔ a wɔde dwetɛ na ayɛ, bi nso wɔde sikakɔkɔɔ na ayɛ. Wɔde dua na ayɛ bi na afoforo nso wɔde dɔte. Ebi wɔ hɔ a ɛwɔ hɔ ma nnapɔnna bi na afoforo nso de di dwuma daa. \v 21 Sɛ obi tew ne ho fi saa nneɛma bɔne no ho a, wɔde no bɛyɛ nnwuma sononko efisɛ watu ne ho asi hɔ, asiesie ne ho ama ne wura sɛ dwuma pa biara a ɛsɛ sɛ odi no, obedi. \p \v 22 Guan fi mmerantebere mu akɔnnɔ ho, na tiw nneɛma a ɛho tew te sɛ: trenee, gyidi, ɔdɔ ne asomdwoe a ɛka wo ne wɔn a wofi koma pa mu bɔ mu frɛ Awurade ma ɔboa no akyi. \v 23 Mfa wo ho nhyehyɛ nkwasea akyinnye a ɛmfa hwee mma no mu, efisɛ ɛde akasakasa ba. \v 24 Ɛnsɛ sɛ Awurade somfo ne obi nya akasakasa. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ayamye ma obiara. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa a ɔwɔ boasetɔ nso \v 25 a sɛ wɔn a wɔne no di asi fom a, ɔtɔ ne bo ase teɛ wɔn, sɛ ebia Onyankopɔn bɛsakra wɔn adwene ama wɔahu nokware no. \v 26 Na wɔn adwene mu ada hɔ na wɔaguan afi ɔbonsam a wakyekyere wɔn ama wɔyɛ nʼapɛde no afiri mu. \c 3 \s1 Amanehunu Wɔ Hɔ \p \v 1 Kae saa asɛm yi. Nna a edi akyiri no, mmere no mu bɛyɛ den. \v 2 Nnipa bi bɛyɛ pɛsɛmenkominya, aniberefo, ahohiahiafo ne ahantanfo; wɔbɛyɛ abususɛnkafo, asoɔdenfo wɔ wɔn awofo so; wɔbɛyɛ bonniayɛ na wɔrempɛ nyamesom nso, \v 3 wɔbɛyɛ atirimɔdenfo, wɔrenhu mmɔbɔ, wɔbɛyɛ nnipa dinsɛefo basabasa ne abufuwfafo, wɔbɛtan wɔn mfɛfo a wɔyɛ nnipa pa no, \v 4 wɔbɛyɛ afatwafo, anuɔdenfo, wɔn a wɔhoran; wɔbɛpɛ anigye sen sɛ wɔdɔ Onyankopɔn. \v 5 Wɔbɛyɛ aniani asomfo a wɔbɛpo tumi a ɛwɔ ɔsom no mu no. Twe wo ho fi saa nnipa no ho. \p \v 6 Wɔn mu bi kɔ afi mu kɔhyɛ mmea a wɔn bɔne ama wodi fɔ na akɔnnɔ ahorow bebree hyɛ wɔn so no so; \v 7 saa mmea no yɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wosua nneɛma foforo, nanso wonhu nokware no akyi kwan. \v 8 Sɛnea Yan ne Yambre ne Mose dii asi no, saa ara nso na saa nnipa yi ne nokware di asi. Wɔyɛ nnipa a wɔn adwene asɛe na wonsi hwee wɔ gyidi mu. \v 9 Wonnya nkɔso biara efisɛ obiara behu wɔn kwasea. \p \v 10 Na wo de, woadi me nkyerɛkyerɛ, me suban ne me botae so. Woahu gyidi a mewɔ, me boasetɔ, me dɔ, \v 11 taa a wɔtaa me ne mʼamanehunu nyinaa. Wunim nsɛm a ɛtotoo me wɔ Antiokia, Ikoniom ne Listra, ne ɔtaa dennen a mitumi gyinaa ano no. Nanso Awurade yii me fii ne nyinaa mu. \v 12 Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa tena ase wɔ Kristo Yesu mu nyinaa no, wɔbɛtaa wɔn, \v 13 nanso nnipa bɔne bɛkɔ so asɛe daa na wɔadaadaa afoforo ne wɔn ankasa wɔn ho. \v 14 Nanso wo de, kɔ so tena ase nokware mu sɛnea wɔkyerɛɛ wo no, na gye di yiye. Wunim wɔn a wusua fii wɔn nkyɛn, \v 15 na wokae nso sɛ efi wo mmofraase na woahu Kyerɛwsɛm no a etumi ma wuhu nyansa, na ɛma wunya gyidi wɔ Kristo Yesu mu, na egye wo nkwa. \v 16 Kyerɛwsɛm nyinaa fi Onyankopɔn home mu, na eye ma nkyerɛkyerɛ, atɛnyi, ateɛteɛ ne trenee mu yɛn, \v 17 sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn nipa bɛyɛ nea wɔasiesie no yiye ama nnwuma pa nyinaa. \c 4 \s1 Paulo Afotu \p \v 1 Migyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu a obebu ateasefo ne awufo ntɛn, ne ba a ɔbɛba ne nʼahenni no so hyɛ wo sɛ, \v 2 ka asɛm no, na bere biara gyina ne ka mu dennen yi ntɛn. Ka anim, tu fo na kyerɛkyerɛ wɔ boasetɔ mu. \v 3 Bere bi bɛba a nnipa rentie nkyerɛkyerɛ pa no, na mmom wobedi wɔn ara wɔn asɛde akyi na wɔaboaboa akyerɛkyerɛfo a wɔbɛka nsɛm a wɔrehwehwɛ atie no ano, na wɔaka akyerɛ wɔn. \v 4 Wɔbɛpo nokware no tie, na wɔatie anansesɛm. \v 5 Nanso mmere nyinaa mu no, ɛsɛ sɛ wohwɛ wo ho so yiye. Mia wʼani wɔ amanehunu mu. Yɛ ɔsɛmpakafo adwuma na di wo dwuma nyinaa sɛ Onyankopɔn somfo. \p \v 6 Wogu so rehwie me sɛ afɔre ahwiesa, na bere abɛn sɛ migyaw asetena yi. \v 7 Ɔko pa no, mako, mmirika no, mawie tu; gyidi no makora. \v 8 Afei nea ɛwɔ ma me ne nkonim akyɛde, trenee ahenkyɛw a Awurade a ɔyɛ Otemmufo treneeni no de bɛma me da no, ɛnyɛ me nko, na mmom, wɔn a wɔatena ase wɔ ɔdɔ mu atwɛn no no nyinaa. \s1 Nkyerɛkyerɛ A Etwa To \p \v 9 Bɔ mmɔden bra me nkyɛn ntɛm. \v 10 Dema dɔɔ nnɛ wiase yi ma ɔyɛɛ saa guan gyaa me hɔ kɔɔ Tesalonika. Kreske kɔɔ Galatia, Tito nso kɔɔ Dalmatia. \v 11 Luka nko ara na ɔne me wɔ ha. Fa Marko ka wo ho na wo ne no mmra, efisɛ obetumi aboa me adwuma no yɛ. \v 12 Mesomaa Tihiko kɔɔ Efeso. \v 13 Sɛ woreba a, fa mʼatade a migyaw wɔ Karpo nkyɛn wɔ Troa no brɛ me. Ɛyɛ a, fa me nwoma mmobɔwee no nso ka ho, ne titiriw no nea wɔde aboa nwoma yɛe no. \p \v 14 Aleksandro, kɔbere dwumfo no, haw me papaapa; Awurade betua no nea ɔyɛɛ no so ka. \v 15 Ɛyɛ a hwɛ wo ho yiye wɔ ne ho, efisɛ na ɔsɔre tia nsɛm a yɛka no mu denneennen. \p \v 16 Bere a mereyi me ho ano no, obiara ammoa me. Wɔn nyinaa guan gyaa me. Onyankopɔn mfa nkyɛ wɔn. \v 17 Nanso Awurade ne me tena maa me ahoɔden ma mitumi kaa asɛm no kyerɛɛ amanamanmufo ma wotiei. Ogyee me fii gyata anom. \v 18 Na Awurade begye me afi bɔne nyinaa mu na ɔde me akɔ ɔsoro Ahenni no mu wɔ asomdwoe mu. Ɔno na anuonyam nka no daa daa. Amen. \b \s1 Nkradi \p \v 19 Kyia Priska ne Akwila ne Onesiforo fifo nyinaa ma me. \b \p \v 20 Erasto kaa Korinto na migyaw Trofimo wɔ Mileto, efisɛ na ɔyare. \v 21 Bɔ mmɔden bra ansa na awɔwbere adu. \b \p Eubulo ne Pude ne Lino ne Klaudia ne anuanom no nyinaa kyiakyia wo. \b \p \v 22 Awurade ne wo honhom ntena. Adom nka mo nyinaa.