\id 2TH - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h 2 Tesalonikafo \toc1 Paulo Nhoma A Ɛto So Abien A Ɔkyerɛw Kɔmaa Tesalonikafo \toc2 2 Tesalonikafo \toc3 2 Te \mt2 Paulo Nhoma A Ɛto So Abien A \mt2 Ɔkyerɛw Kɔmaa \mt1 Tesalonikafo \c 1 \s1 Nkyia \p \v 1 Saa nhoma yi fi Paulo, Silas ne Timoteo nkyɛn, \b \p Wɔde kɔma Tesalonika asafo a wɔyɛ Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nkurɔfo no: \b \p \v 2 Adom ne asomdwoe a efi Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu Kristo nka mo. \b \s1 Aseda \p \v 3 Anuanom, ɛsɛ sɛ da biara yɛda Onyankopɔn ase ma mo. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa, efisɛ mo gyidi ne ɔdɔ a modɔ afoforo no mu den ara na ɛreyɛ. \v 4 Saa nti na yɛn ankasa yɛde mo hoahoa yɛn ho wɔ Onyankopɔn asafo ahorow mu no. Yɛde ɔtaa ne amanehunu a mokɔ so gyina ano no hoahoa yɛn ho. \p \v 5 Eyinom nyinaa di adanse sɛ Onyankopɔn bu atɛntrenee; ɛno nti wɔbɛkan mo afra wɔn a wɔbɛkɔ nʼahenni a morehu ho amane no mu. \v 6 Onyankopɔn bɛyɛ nea ɛteɛ. Wɔn a wɔbɛma mo ahu amane no, ɔno nso bɛma wɔahu amane, \v 7 na wama mo a morehu amane no ne yɛn nso ahome. Saa asɛm yi besi wɔ bere a Awurade Yesu nam ogyaframa mu fi ɔsoro reba a nʼabɔfo atumfo ka ne ho no, \v 8 abɛtwe wɔn a wonnim Onyankopɔn na wontie yɛn Awurade Yesu Asɛmpa no aso. \v 9 Wɔbɛkɔ daa ɔsɛe mu na wɔayi wɔn afi Awurade anim ne nʼanuonyam mu, \v 10 da a ɔbɛma nʼakyidifo ne nʼasuafo ahyɛ no anuonyam no. Mo nso mobɛfra saa nkurɔfo no mu, efisɛ moagye asɛm a yɛka kyerɛɛ mo no adi. \p \v 11 Eyi nti na daa yɛbɔ mpae ma mo no. Yɛsrɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma mo ntumi mmɔ ɔbra a ɛno nti ɔfrɛɛ mo no. Onnyina ne tumi so mma mo tumi, nyɛ mo apɛde ne biribiara a mo gyidi bɛka akyerɛ mo sɛ monyɛ no nyinaa. \v 12 Yɛbɔ mpae sɛnea monam yɛn Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo adom so bɛhyɛ Awurade Yesu din anuonyam wɔ mo mu na mo nso, wɔahyɛ mo anuonyam wɔ ne mu. \c 2 \s1 Nneɛma A Edi Kristo Ba Anim \p \v 1 Nea ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo ba a ɔrebɛba ne boa a wɔbɛboaboa yɛn ano akɔka ne ho no ho no, mesrɛ mo anuanom, \v 2 mommma mo adwene mu nnyɛ mo nnaa sɛ da a Awurade reba no adu. Ebia na obi rehyɛ saa nkɔm no anaa obi foforo nso gyina so reka asɛm. Anaasɛ nso wɔka se yɛn nhoma a yɛkyerɛwee no bi mu na saa asɛm no wɔ. \v 3 Mommma obiara nnaadaa mo saa wɔ ɔkwan yi so. Saa da no remma da, gye sɛ atuatew a etwa to no aba ama wɔada ɔbɔnefo no a ɔbɛkɔ daa ɔsɛe mu no adi. \v 4 Ɔbɛsɔre atia biribiara a nnipa som na wobu no kronkron no; na ɔbɛkorɔn ne ho wɔ ne nyinaa so na wakɔtena Onyankopɔn asɔredan mu na waka se ɔno ne Onyankopɔn. \p \v 5 Monkae sɛ bere a me ne mo wɔ hɔ no, na metaa ka eyinom nyinaa kyerɛ mo. \v 6 Na mprempren munim nea abɔ ne ba no asɛn no sɛnea wɔbɛda no adi akyerɛ mo wɔ bere pa mu. \v 7 Ɔbɔnefo no di ne dwuma dedaw na nea ɛbɛba no remma da, gye sɛ wɔayi nea okura ne mu no afi hɔ ansa. \v 8 Ɛno ansa na ɔbɔnefo no bɛba, na Awurade Yesu nam nʼanom home so betu no agu, na ɔde ne ba a ɔbɛba no mu anuonyam asɛe no. \v 9 Ɔbɔnefo no nam ɔbonsam tumi so na ɛbɛba na wabɛyɛ anwonwade ne nsɛnkyerɛnne, \v 10 na ɔnam bɔne so adaadaa wɔn a wɔbɛyera no. Wɔbɛyera, efisɛ wɔannye nokware no anto mu, annɔ nokware no amma wɔannya nkwa. \v 11 Eyi nti, Onyankopɔn resoma nnaadaa tumi ma akɔhyɛ wɔn mu ama wɔagye nsɛm a ɛnyɛ nokware no adi. \v 12 Awiei no ara ne sɛ wobebu wɔn a wonnye nokware no nni na wɔn ani gye bɔne ho no atɛn. \p \v 13 Anuanom, ɛsɛ sɛ bere biara yɛda Onyankopɔn ase ma mo a Awurade dɔ mo no. Efisɛ ɛnam Honhom no tumi so na Onyankopɔn yii mo sɛ nnipa a mudi kan a wobegye mo nkwa na wɔayɛ mo Onyankopɔn nkurɔfo kronkron wɔ mo gyidi a mowɔ wɔ nokware mu no mu. \v 14 Onyankopɔn nam Asɛmpa no so frɛɛ mo sɛnea mo ne Awurade Yesu Kristo bɛtena nʼanuonyam no mu. \p \v 15 Enti anuanom, munnyina pintinn na monka mo ho mmata nokware a yɛkyerɛɛ mo wɔ asɛnka ne yɛn nhoma no mu no ho. \p \v 16 Yɛn Awurade Yesu Kristo no ankasa ne yɛn Agya Onyankopɔn a ɔdɔ yɛn na ɔnam nʼadom mu ahyɛ yɛn daa nkuran ne anidaso pa no, \v 17 nkyekye mo werɛ, na ɔnhyɛ mo den wɔ asɛm ne adwuma pa nyinaa mu. \c 3 \s1 Mommɔ Mpae Mma Yɛn \p \v 1 Anuanom, asɛm a etwa to ne sɛ mommɔ mpae mma yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a Awurade asɛm bɛkɔ so atrɛw ntɛm te sɛnea ɛyɛɛ wɔ mo mu no. \v 2 Afei mommɔ mpae mma yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a Onyankopɔn beyi yɛn afi abɔnefo ne nsɛmmɔnedifo nsam. Efisɛ ɛnyɛ nnipa nyinaa na wogye asɛm no di. \v 3 Nanso Awurade yɛ ɔnokwafo. Ɔbɛhyɛ mo den na wagye mo afi ɔbɔnefo no nsam. \v 4 Awurade ama yɛn mo mu anidaso. Yɛwɔ anidaso sɛ moreyɛ na mobɛkɔ so ayɛ biribiara a yɛbɛkyerɛ mo sɛ monyɛ no. \v 5 Awurade nka mo ho na munnya ɔdɔ koma sɛ Onyankopɔn, ne abodwokyɛre sɛ Kristo. \s1 Anihaw Ho Kɔkɔbɔ \p \v 6 Anuanom, yɛhyɛ mo wɔ Awurade Yesu Kristo din mu sɛ, montwe mo ho mfi anuanom a wodi anihaw na wonni mmara a wɔahyɛ ama wɔn no so no ho. \v 7 Mo ankasa munim pefee sɛ, ɛsɛ sɛ moyɛ nea yɛyɛe no bi pɛpɛɛpɛ. Bere a na yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛanyɛ anihaw. \v 8 Obi ammoa yɛn a yɛantua onii no ka. Yɛyɛɛ adwuma denneennen. Awia ne anadwo nyinaa yɛyɛɛ adwuma sɛnea yɛremfa sikasɛm biara nhaw mo adwene. \v 9 Eyi nkyerɛ sɛ na yenni ho kwan sɛ yebisa mo biribi de boa yɛn asetena. Yɛyɛɛ saa de yɛɛ nhwɛso maa mo. \v 10 Yɛwɔ mo nkyɛn no, yɛka kyerɛɛ mo se, “Obiara a ɔmpɛ sɛ ɔyɛ adwuma no, ɛnsɛ sɛ wɔma odidi.” \p \v 11 Yɛka saa asɛm yi, efisɛ yɛte sɛ mo mu bi yɛ anihawfo a wɔnyɛ hwee sɛ wɔnenam nkurɔfo nnwuma so. \v 12 Yɛde Awurade Yesu Kristo din hyɛ wɔn, bɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔmmɔ ɔbra pa na wɔnyɛ adwuma mfa mmɔ wɔn ho akɔnhama. \v 13 Anuanom munnnyae papayɛ da. \p \v 14 Obi wɔ hɔ a ɔrentie nhoma a yɛakyerɛw abrɛ mo yi mu nsɛm. Sɛ muhu obi saa a, monhwɛ no yiye na montwe mo ho mfi ne ho na nʼani nwu. \v 15 Nanso mommfa saa onipa no sɛ ɔyɛ ɔtamfo na mmom mommɔ no kɔkɔ sɛ mo nua. \b \b \p \v 16 Na ɔno asomdwoe Awurade no ara mma mo asomdwoe daa ade nyinaa mu. Awurade ne mo nyinaa ntena. \b \p \v 17 Me ara me Paulo, me nsa ano nkyerɛw a menam so rekyia mo ni. Saa ɔkwan yi ara so na mefa kyerɛw nhoma. \b \p \v 18 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo nyinaa.