\id 2PE - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h 2 Petro \toc1 Petro Nhoma A Ɛto So Abien \toc2 2 Petro \toc3 2 Pe \mt1 Petro \mt2 Nhoma A Ɛto So Abien \c 1 \p \v 1 Saa krataa yi fi Simon Petro a ɔyɛ Yesu Kristo somfo ne ne somafo nkyɛn, \b \p Ɔde rekɔma wɔn a esiane yɛn Nyankopɔn ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo trenee nti, wɔama wɔn gyidi a ɛsom bo te sɛ yɛn de no ara pɛ no: \b \p \v 2 Adom ne asomdwoe a ɛdɔɔso a efi Onyankopɔn ne Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no mmra mo so. \b \s1 Onyankopɔn Frɛ \p \v 3 Onyankopɔn nam ne tumi so ama mo biribiara a ɛho hia ma asetena pa ne nyamesu. Nimdeɛ a yɛwɔ wɔ nea ofi nʼanuonyam ne nnepa mu frɛɛ yɛn no na ama yɛn saa tumi yi. \v 4 Ɔnam nʼanuonyam ne nnepa so ahyɛ yɛn bɔ a ɛsom bo yiye. Ɛno nti, mobɛyɛ ne nyameyɛ no adedifo na moafi nea wiase yi porɔwee a akɔnnɔ bɔne de ba no mu. \p \v 5 Esiane saa nti, mommɔ mmɔden mfa nneyɛe a ɛho tew nka mo gyidi ho; na momfa nimdeɛ nka nneyɛe a ɛho tew ho; \v 6 na momfa ahohyɛso nka mo nimdeɛ ho; na momfa boasetɔ nka mo ahohyɛso ho; na momfa nyamesom pa nka mo boasetɔ ho; \v 7 na momfa onuadɔ nka nyamesom pa ho, na momfa ɔdɔ ankasa nka onuadɔ ho. \v 8 Eyinom ne su pa a ɛho hia mo. Na sɛ munya ma ɛdɔɔso a, ɛbɛma mo ayɛ nnam wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ mu. \v 9 Na obiara a onni bi no yɛ onifuraefo a ontumi nhu ade. Ne werɛ afi sɛ wɔahohoro ne ho afi ne bɔne dedaw no mu. \p \v 10 Enti me nuanom adɔfo, monyere mo ho wɔ dwuma no di mu, na enni mo ho adanse ampa ara sɛ Onyankopɔn afrɛ mo, ayi mo atena hɔ afebɔɔ. Sɛ moyɛ saa a, morenhintiw na morempa abaw nso. \v 11 Sɛ mofa saa ɔkwan yi so a, wɔbɛma mo akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo Ahenni a ɛto ntwa da no mu. \p \v 12 Ne saa nti daa mekaakae mo saa asɛm yi a munim na ase atim wɔ nokware a moagye adi no mu no. \v 13 Misusuw sɛ, eye sɛ mmere dodow a mete ase yi, mɛbɔ mo nkae wɔ saa asɛm yi ho. \v 14 Minim sɛ ɛrenkyɛ biara megyaw saa ɔhonam yi hɔ sɛnea yɛn Awurade Yesu Kristo daa no adi kyerɛɛ me no. \v 15 Mɛbɔ mmɔden sɛ mɛfa ɔkwan bi so ama moakae saa nsɛm yi bere biara wɔ me wu akyi. \p \v 16 Ɛnyɛ anansesɛm na yɛte bɛka kyerɛɛ mo wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ba a ɔrebɛba no ho, na mmom yɛahu na yedi ne kɛseyɛ no ho adanse. \v 17 Yɛwɔ hɔ bi na Agya Onyankopɔn hyɛɛ no anuonyam bere a nne bi fii Anuonyam kɛse mu kae se, “Oyi ne me Dɔba a ɔsɔ mʼani!” no. \v 18 Yɛn ankasa tee nne no sɛ efi ɔsoro reba bere a na yɛne no wɔ Bepɔw Kronkron no so no. \p \v 19 Ɛno nti ɛma yenya nkɔm a odiyifo no hyɛe no mu gyidi yiye. Ɛsɛ sɛ mutie no yiye efisɛ ɛte sɛ kanea a ɛhyerɛn wɔ sum mu kosi da a ade bɛkyɛ ama anɔpa nsoromma ahyerɛn wɔ mo koma mu no. \v 20 Eyinom nyinaa akyi no, monkae saa asɛm yi: Obiara nni hɔ a ɔnam nʼankasa so betumi akyerɛ Kyerɛwsɛm mu nkɔmhyɛ ase. \v 21 Na nkɔmhyɛ biara mfi onipa pɛ mu, na mmom, Honhom Kronkron tumi mu na nnipa ka asɛm a efi Onyankopɔn. \c 2 \s1 Atoro Adiyifo No \p \v 1 Atoro adiyifo kɔɔ tetefo no mu, na saa ara nso na atoro adiyifo bɛba mo mu ara ne no. Wɔbɛma nkyerɛkyerɛ bɔne a nokware nni mu na wɔapa Owura a ogyee wɔn no, na ɛnam so ama ɔsɛe aba wɔn so prɛko pɛ. \v 2 Nnipa bebree bɛfa akwammɔne so na esiane nea wɔyɛ no nti, nnipa bɛkasa atia nokware kwan no. \v 3 Saa atoro adiyifo yi nam wɔn sikanibere so bɛto anansesɛm akyerɛ mo de apɛ mo so mfaso. Wɔn temmufo siesiee ne ho akyɛ, na saa ara nso na wɔn sɛefo no nso asɔre agyina. \p \v 4 Onyankopɔn amfa abɔfo a wɔyɛɛ bɔne no ho ankyɛ wɔn. Ɔtow wɔn guu asaman sum mu baabi, guu wɔn nkɔnsɔnkɔnsɔn, na ɛhɔ na wɔretwɛn atemmu no. \v 5 Onyankopɔn amma tete wiase no amfa ne ho anni. Ɔmaa nsuyiri baa wɔn a na wonsuro Onyankopɔn no so. Wɔn a ogyee wɔn nkwa no ne Noa a ɔkaa trenee ho asɛm no ne nnipa baason bi. \v 6 Onyankopɔn buu Sodom ne Gomora fɔ de ogya sɛee wɔn, de bɔɔ wɔn a wonsuro Onyankopɔn no kɔkɔ. \v 7 Ogyee Lot a ɔyɛ ɔtreneeni no fii nnipa nnebɔneyɛfo nsam. \v 8 Na saa ɔtreneeni no te saa nnipa nnebɔneyɛfo no mu; na afide a na saa nnipa no yɛ no adekyee ne adesae no haw no yiye. \v 9 Sɛ ɛte saa de a, na ɛkyerɛ sɛ Awurade nim ɔkwan a ɔfa so gye nʼakyidifo fi ɔhaw mu, na onim ɔkwan a ɔfa so kora nnipa nnebɔneyɛfo, twe wɔn aso de twɛn atemmuda no. \v 10 Ne titiriw no, eyi fa wɔn a wodi wɔn honam akɔnnɔ akyi na wɔpa Onyankopɔn tumi no ho. \p Saa atoro akyerɛkyerɛfo yi wɔ akokoduru na wommu anuonyamfo a wɔwɔ ɔsoro no, efisɛ wonsuro sɛ wɔyaw wɔn. \v 11 Na abɔfo a wɔwɔ ahoɔden ne tumi sen saa atoro akyerɛkyerɛfo yi mpo nka nsɛmmɔne mmu wɔn atɛn wɔ Awurade anim. \v 12 Nanso saa nnipa yi yɛ wɔn nneɛma te sɛ mmoa a wunni adwene, wɔwo wɔn sɛ wɔnkyere wɔn nkum wɔn. Wogu nneɛma biara a wɔnte ase no ho fi. Wɔbɛsɛe wɔn sɛ mmoa. \p \v 13 Wobetua wɔn ɔhaw a wɔma ɛbaa no so ka. Nea wɔn ani gye ho ne sɛ wɔbɛyɛ biribiara a eye ma wɔn honam akɔnnɔ no awia ketee. Sɛ wɔne mo to nsa didi a, egu wɔn anim ase. Efisɛ saa bere no na wɔka nnaadaasɛm. \v 14 Wɔnhwehwɛ hwee sɛ mmea nguamanfo efisɛ wɔpɛ sɛ daa wɔyɛ bɔne. Wɔdaadaa nnipa a wɔyɛ mmerɛw kɔ bɔne mu. Wɔayɛn wɔn koma ama anibere. Wɔwɔ Onyankopɔn nnome ase. \v 15 Wɔaman afi ɔkwan tee no so enti wɔayera. Wɔafa ɔkwan a Beor ba Bileam a ɔde ne sika a onya no yɛ bɔne no kɔfaa so no so. \v 16 Eyi ma wɔkaa nʼanim wɔ ne bɔne no ho. Nʼafurum de onipa nne kasa de siw odiyifo no adammɔsɛm no ho kwan. \p \v 17 Saa nnipa yi te sɛ asuti a ayow anaasɛ omununkum a mframa bɔ no. Onyankopɔn de wɔn asie sum kabii mu wɔ baabi. \v 18 Wɔka ahantansɛm ne nkwaseasɛm na wɔnam wɔn honam akɔnnɔ ho nnaadaa so twetwe wɔn a wɔatwe wɔn ho afi nnebɔneyɛfo ho no. \v 19 Wɔhyɛ wɔn ahofadi ho bɔ wɔ bere a wɔn ankasa yɛ bɔne nkoa efisɛ onipa yɛ biribiara a edi no so no akoa. \v 20 Na sɛ onipa sua yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo ho asɛm, na ɔnam so guan fi wiase yi mu akwammɔne so, na akyiri no ɔkɔ bɔne mu bio ma ɔdan bɔne akoa a, ɛno de ɛyɛ hu sen ne kan no. \v 21 Sɛ anka wonnim Kristo koraa a, anka eye ma wɔn sen sɛ wobesua ne ho nsɛm na afei wɔbɛdan wɔn akyi akyerɛ mmara Kronkron a wɔde maa wɔn no. \v 22 Nea ɛbaa wɔn so no kyerɛ sɛ, saa bɛ yi yɛ nokware. “Ɔkraman san kɔtaforo ne fe na prako a wɔaguare no no nso koguare wɔ dontori mu.” \c 3 \s1 Awurade Ba A Ɔbɛba Bio No \p \v 1 Adɔfonom, eyi ne krataa a ɛto so abien a makyerɛw abrɛ mo. Mekyerɛw sɛ mede rebɛkae mo, de akanyan mo adwene. \v 2 Mepɛ sɛ mokae nsɛm a adiyifo akronkron no kaa no mmere bi a atwam no ne mmara a efi Awurade ne Agyenkwa a wɔde faa mo asomafo so maa mo no. \p \v 3 Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ mote ase sɛ nna a edi akyiri no mu no, nnipa bi bɛba a wɔn ara wɔn honam akɔnnɔ na ebedi wɔn so. Wobedi mo ho fɛw \v 4 aka se, “Ɔhyɛɛ mo bɔ se ɔbɛba. Wanka? Na ɔwɔ he? Yɛn agyanom awuwu dedaw, nanso biribiara te sɛ nea ɛte fi adebɔ mfiase!” \v 5 Wɔhyɛ da ma wɔn werɛ fi nokware no sɛ, efi tete na Onyankopɔn kasa maa ɔsoro bae, na wofi nsu mu de nsu yɛɛ asase. \v 6 Akyiri no wɔde nsuyiri bɛsɛee saa bere wiase no. \v 7 Nanso Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔsoro ne asase ntena hɔ nkosi atemmuda. Afei wɔbɛsɔ ogya wɔ mu de asɛe nnebɔneyɛfo. \p \v 8 Nanso anuanom, mommma mo werɛ mfi ade baako sɛ Awurade ani so de, nsonoe nni da koro ne mfe apem ntam. Ne fam de, abien no nyinaa yɛ pɛ. \v 9 Awurade ntwentwɛn ne nan ase wɔ ne bɔ a wahyɛ ho sɛnea ebinom susuw no. Mmom ɔwɔ mo ho ntoboase, efisɛ ɔmpɛ sɛ wɔbɛsɛe obiara, na mmom ɔpɛ sɛ obiara sakra fi ne bɔne ho. \p \v 10 Na Awurade da no bɛba sɛ ɔkorɔmfo. Da no, ɔsoro bɛbobɔ mu na ayera na wim nneɛma bɛhyew na asɛe na asase ne so nneɛma nyinaa nso bɛda adi. \p \v 11 Na sɛ saa ɔkwan yi so na wɔbɛfa asɛe ade nyinaa a, na ɔbra bɛn na ɛsɛ sɛ wobɔ? Ɛsɛ sɛ mo bra yɛ kronkron na mode mo ho ma Onyankopɔn. \v 12 Monhwɛ saa da no kwan na monyɛ mo nneɛma pɛpɛɛpɛ; da a Onyankopɔn bɛto ɔsoro mu gya na wim nneɛma anan na ayera wɔ ogyaframa mu no. \v 13 Nanso yɛtwɛn nea Onyankopɔn ahyɛ yɛn ho bɔ no, ɔsoro foforo ne asase foforo a ɛhɔ na trenee bɛtena. \p \v 14 Enti anuanom, mugu so retwɛn da no, mommɔ mmɔden sɛ mobɛyɛ kronkron a mfomso biara nni mo ho wɔ Onyankopɔn anim na mo ne no atena wɔ asomdwoe mu. \v 15 Monkae nhu sɛ Awurade wɔ ntoboase efisɛ ɔpɛ sɛ obiara nya nkwagye. Ɛno na yɛn nua Paulo nam nyansa a Onyankopɔn de maa no no so kyerɛw mo no. \v 16 Saa ɔkwan koro no ara so na ɔfa kyerɛw ne nkrataa no na saa nsɛm yi ara so nso na ogyina kyerɛwee. Wɔn a wonnim na wɔnnyɛ den no ntumi nkyerɛ nsɛm bi a ɛyɛ den wɔ ne nkrataa no mu no ase yiye. Saa ara na wɔyɛ Kyerɛwsɛm nkae no de ɔsɛe ba wɔn so no. \p \v 17 Nanso anuanom, esiane sɛ wɔadi kan abɔ mo kɔkɔ no nti, monwɛn na wɔn a wonni mmara so no mfomso no antwe mo amfi mo tebea pa hɔ. \v 18 Munyin wɔ yɛn Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo dom ne nimdeɛ mu. \b \b \p Ɔno na anuonyam nka no mprempren ne daa. Amen.