\id 2KI - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h 2 Ahemfo \toc1 Ahemfo Nhoma A Ɛto So Abien \toc2 2 Ahemfo \toc3 2 Ah \mt1 Ahemfo \mt2 Nhoma A Ɛto So Abien \c 1 \s1 Ɔhene Ahasia Adebisa \p \v 1 Ɔhene Ahab wu akyi no, Moabman tew wɔn ho fii Israel ho, nyaa wɔn ahofadi. \v 2 Da bi, Israelhene foforo Ahasia fii nʼabansoro dan a ɛwɔ Samaria ahemfi mfɛnsere mu tew hwee fam, ma opiraa yiye. Enti ɔsomaa abɔfo kɔɔ Baal-Sebub\f + \fr 1.2 \fr*\ft Baal-Sebub nkyerɛase ne “nwansena wura.” Saa din yi yɛ fɛwdi din bi a wɔde too Kanaanfo nyame Beelsebul (honhommɔne hene ba) so a ɛwɔ \+xt Mat 10.25; 12.27\+xt* no.\ft*\f* Ekron nyame nkyɛn abisa, kobisaa sɛ obenya ahoɔden ana. \p \v 3 Na \nd Awurade\nd* bɔfo ka kyerɛɛ Tisbini Elia se, “Kɔ na kohyia Samariahene abɔfo no, na bisa wɔn se, ‘Adɛn nti na morekɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa, sɛ ɔhene benya ahoɔden ana? Onyankopɔn nni Israel ana?’ \v 4 Mprempren, sɛnea Awurade se ni: ‘Worensɔre mfi mpa a woda so no so da. Na nea ɛbɛyɛ biara, wubewu.’ ” Na Elia kɔkaa nkra no. \p \v 5 Bere a abɔfo no san baa ɔhene nkyɛn no, obisaa wɔn se, “Adɛn nti na moaba ntɛm saa?” \p \v 6 Wobuae se, “Ɔbarima bi behyiaa yɛn, ka kyerɛɛ yɛn se yɛnsan nkɔ ɔhene nkyɛn, na nkra a ɔde fi \nd Awurade\nd* nkyɛn a ɔde kaa ho ne sɛ, ‘Adɛn nti na morekɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa sɛ ɔhene ho bɛtɔ no ana? Onyankopɔn nni Israel ana? Esiane sɛ woayɛ saa nti, worensɔre mfi mpa a woda so no so da. Na nea ɛbɛyɛ biara, wubewu.’ ” \p \v 7 Ɔhene no bisae se, “Na saa ɔbarima no yɛ hena? Na ɔte dɛn?” \p \v 8 Wobuae se, “Na ne ho wɔ nwi a ɔbɔ aboanwoma abɔso.” \p Ɔhene no teɛɛ mu se, “Ɛyɛ Tisbini Elia.” \p \v 9 Ɔsomaa asraafo so safohene ne asraafo aduonum sɛ wɔnkɔkyere no. Wohuu sɛ ɔte bepɔw bi atifi. Ɔsafohene no ka kyerɛɛ no se, “Onyankopɔn nipa, ɔhene asoma yɛn sɛ yɛmmɛfa wo mmra.” \p \v 10 Na Elia buaa ɔsahene no se, “Sɛ meyɛ Onyankopɔn nipa de a, ɛno de, ma ogya mfi ɔsoro mmra mmɛhyew wo ne wo mmarima aduonum no!” Na ogya fi ɔsoro bekunkum wɔn nyinaa. \p \v 11 Enti ɔhene no san somaa ɔsafohene foforo a asraafo aduonum ka ne ho. Ɔsafohene no ka kyerɛɛ no se, “Onyankopɔn nipa, ɔhene se bra mprempren ara.” \p \v 12 Elia buae se, “Sɛ meyɛ Onyankopɔn nipa de a, ɛno de, ma ogya mfi ɔsoro mmra mmɛhyew wo ne wo mmarima aduonum no!” Na bio, ogya fi ɔsoro bekunkum wɔn nyinaa. \p \v 13 Bio, ɔhene no somaa ɔsafohene bi ne asraafo aduonum. Saa bere yi de, ɔsafohene no kobuu Elia nkotodwe. Ɔsrɛɛ no se, “Onyankopɔn nipa, mesrɛ sɛ, fa me ne saa asomfo aduonum yi nkwa kyɛ yɛn. \v 14 Hwɛ sɛnea ogya fi ɔsoro abɛhyew akuw abien a wodi kan no. Nanso mprempren mesrɛ sɛ, fa me nkwa kyɛ me!” \p \v 15 Na \nd Awurade\nd* bɔfo ka kyerɛɛ Elia se, “Nsuro. Wo ne no nkɔ.” Na Elia sɔre kɔɔ ɔhene no nkyɛn. \p \v 16 Na Elia ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Sɛnea \nd Awurade\nd* se ni: Adɛn nti na wosomaa abɔfo kɔɔ Baal-Sebub, Ekron nyame nkyɛn abisa, sɛ ɔhene benya ahoɔden ana? Onyankopɔn nni Israel ana? Esiane sɛ woayɛ saa nti, worensɔre mfi mpa a woda so no so da. Na nea ɛbɛyɛ biara wubewu.” \v 17 Na Ahasia wui sɛnea \nd Awurade\nd* nam Elia so hyɛe no. Esiane sɛ na Ahasia nni ɔbabarima a obedi nʼade nti, ne nuabarima Yoram na odii nʼade sɛ ɔhene. Saa asɛm yi sii Yehosafat a na ɔyɛ Yudahene babarima Yehoram adedi mfe abien mu. \v 18 Nsɛm a esisii wɔ Ahasia ahenni mu no nkae no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? \c 2 \s1 Wɔfa Elia Kɔ Ɔsoro \p \v 1 Bere a \nd Awurade\nd* pɛɛ sɛ ɔnam ahum so fa Elia kɔ soro no, na Elia ne Elisa nam Gilgal kwan so. \v 2 Na Elia ka kyerɛɛ Elisa se, “Tena ha na \nd Awurade\nd* aka akyerɛ me se, menkɔ Bet-El.” Na Elisa buae se, “Mmere dodow a \nd Awurade\nd* te ase, na wo nso wote ase no, merennyaw wo da.” Enti wɔnantew kɔɔ Bet-El. \p \v 3 Adiyifo kuw a wofi Bet-El no baa Elisa nkyɛn bebisaa no se, “Na wunim sɛ \nd Awurade\nd* rebɛfa wo wura afi wo nkyɛn nnɛ?” \p Elisa buae se, “Yiw, minim saa. Enti monyɛ komm.” \p \v 4 Na Elia ka kyerɛɛ Elisa se, “Tena ha, na \nd Awurade\nd* aka akyerɛ me se, menkɔ Yeriko.” \p Nanso Elisa buaa bio se, “Mmere dodow a \nd Awurade\nd* te ase, na wo nso wote ase yi, merennyaw wo da.” Enti wɔnantew kɔɔ Yeriko. \p \v 5 Na adiyifo kuw a wofi Yeriko baa Elisa nkyɛn bebisaa no se, “Na wunim sɛ \nd Awurade\nd* rebɛfa wo wura afi wo nkyɛn nnɛ ana?” \p Obuaa bio se, “Yiw, minim. Enti monyɛ komm.” \p \v 6 Na Elia ka kyerɛɛ Elisa se, “Tena ha, na \nd Awurade\nd* aka akyerɛ me sɛ, menkɔ Asubɔnten Yordan ho.” \p Nanso, Elisa buaa bio se, “Mmere dodow a \nd Awurade\nd* te ase, na wo nso wote ase yi, merennyaw wo.” Enti wɔtoaa so kɔe. \p \v 7 Mmarima aduonum fi adiyifo kuw no mu nso kɔ kogyinaa akyirikyiri baabi, de wɔn ani kyerɛɛ faako a na Elia ne Elisa gyina wɔ Asubɔnten Yordan ho hɔ no. \v 8 Na Elia bobɔw nʼatade, de bɔɔ nsu no ani. Nsu no mu kyɛɛ abien, ma wɔfaa asase kesee so twae. \p \v 9 Wotwa wiei no, Elia bisaa Elisa se, “Dɛn na menyɛ mma wo ansa na wɔahwim me akɔ?” \p Na Elisa buae se, “Mesrɛ wo, ma minnya wo honhom tumi no mmɔho.” \p \v 10 Elia kae se, “Woabisa ade a ne yɛ yɛ den. Na sɛ wuhu sɛ wɔrefa me afi wo nkyɛn a, wo nsa bɛka wʼabisade no. Na sɛ amma saa de a, wo nsa renka.” \p \v 11 Wɔnam na wɔredi nkɔmmɔ no, prɛko pɛ, ogya teaseɛnam bae a ogya apɔnkɔ retwe. Ɛfaa wɔn ntam ma wɔn ntam tetewee, na ahum bi faa Elia de no kɔɔ ɔsoro. \v 12 Elisa huruw, teɛɛ mu se, “Mʼagya! Mʼagya! Israel nteaseɛnam ne nteaseɛnamkafo!” Na Elisa anhu no bio, Elisa suanee nʼatade mu abien. \p \v 13 Na Elisa faa Elia atade nguguso a efii ne ho gui no, na ɔsan kɔɔ Asubɔnten Yordan konkɔn no so. \v 14 Ɔde atade nguguso no bɔɔ asu no ani teɛɛ mu se, “\nd Awurade\nd*, Elia Nyankopɔn wɔ he?” Ɛhɔ ara asu no mu paee abien maa Elisa faa mu. \p \v 15 Bere a adiyifo kuw a wɔwɔ Yeriko huu asɛm a asi no, wɔteɛɛ mu se, “Elisa abedi Elia ade!” Na wokohyiaa no, kotow no. \v 16 Wɔkae se, “Owura, ka biribi, na yɛn mu ahoɔdenfo aduonum bekyinkyin sare no so, ahwehwɛ wo wura. Ebia na \nd Awurade\nd* honhom agyaa no asi bepɔw bi so anaa obon bi mu.” \p Elisa kae se, “Dabi, monnsoma wɔn.” \v 17 Nanso wɔkɔɔ so haw no ara, kosii sɛ, onhu nea ɔnyɛ ne ho, nti akyiri no ɔkaa se, “Eye, monsoma wɔn.” Enti, mmarima aduonum, de nnansa kyinkyin, hwehwɛe, nanso wɔanhu Elia. \v 18 Bere a wɔsan wɔn akyi no, na Elisa da so wɔ Yeriko. Obisaa wɔn se, “Manka ankyerɛ mo sɛ monnkɔ?” \s1 Elisa Nsɛnkyerɛnne A Edi Kan \p \v 19 Afei, Yeriko mpanyimfo kɔsraa Elisa. Wɔka kyerɛɛ no se, “Ɔdɛɛfo, yɛwɔ dadwen bi. Saa kurow yi dabea ne nneɛma a atwa ho ahyia yɛ fɛ, sɛnea wuhu no. Nanso nsu no nye, na asase no nso mma nnɔbae.” \p \v 20 Elisa kae se, “momma me nsukorade foforo a wɔde nkyene agu mu.” Na wɔde bae. \p \v 21 Afei, ɔkɔɔ asu no a kurom hɔfo no saw nom no mu, kɔtow nkyene no guu mu. Na ɔkae se, “Sɛɛ na \nd Awurade\nd* se: Mayɛ asu yi yiye. Ɛremma owu, na asase no bɛma ne nnɔbae.” \v 22 Na ampa ara, efi saa bere no, asu no ayɛ asu pa sɛnea Elisa kae no. \p \v 23 Elisa fii Yeriko kɔɔ Bet-El. Ɔrekɔ no, mmarimaa bi a wofi kurow no mu dii ne ho fɛw, serew no se, “Tipae, foro kɔ ɛ! Tipae, foro kɔ ɛ!” \v 24 Elisa dan ne ho hwɛɛ wɔn na ɔde \nd Awurade\nd* din domee wɔn. Na sisi abien pue fii wuram, bekunkum wɔn mu aduanan abien. \v 25 Elisa fii hɔ no, ɔkɔɔ bepɔw Karmel so, na ofii hɔ kɔɔ Samaria.\f + \fr 2.25 \fr*\ft Elisa tenaa Samaria.\ft*\f* \c 3 \s1 Moab Ne Israel Ɔko \p \v 1 Ahab babarima Yoram na odii hene wɔ Israel bere a na Yudahene Yehosafat adi ade mfe dunwɔtwe wɔ Yuda no. Odii ade wɔ Samaria mfe dumien. \v 2 Ɔyɛɛ \nd Awurade\nd* ani so bɔne. Nanso na nʼamumɔyɛ no nte sɛ nʼagya ne ne na de no. Ɔsɛee Baal adum kronkron a nʼagya sii no. \v 3 Nanso ɔtoaa ahonisom so, sɛnea Nebat babarima Yeroboam dii Israelfo anim ma wɔyɛe no. \p \v 4 Na Moabhene Mesa ne ne nkurɔfo yɛn nguan. Na wotua sonkahiri a ɛyɛ nguamma mpem ɔha ne adwennini mpem ɔha ho nwi ma Israelhene afe biara. \v 5 Nanso Ahab wu akyi no, Moabhene sɔre tiaa Israelhene. \v 6 Enti ɔhene Yoram fii Samaria boaboaa Israel asraafo ano. \v 7 Ɔde nkra kɔmaa Yudahene Yehosafat se, “Moabhene asɔre atia me. Wobɛboa me na me ne no ako ana?” \p Na Yehosafat buae se, “Me ne wo bɛkɔ. Wo ne me yɛ anuanom, me nkurɔfo yɛ wo nkurɔfo, mʼapɔnkɔ yɛ wʼapɔnkɔ.” \p \v 8 Na Yehosafat bisae se, “Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so akɔ?” \p Yoram buae se, “Yɛbɛtoa wɔn afi Edom\f + \fr 3.8 \fr*\ft Eyi kyerɛ sɛ na ɛsɛ sɛ wofi atɔe fam twa fa Nkyene Po na wotumi kotua Moab fi anafo fam. Ɛno nti na ɛsɛ sɛ wɔfa Edom mantam a na Yuda di so no mu.\ft*\f* sare so.” \p \v 9 Edomhene\f + \fr 3.9 \fr*\ft Nokware, na Edomhene yɛ amrado a Yehosafat na oyii no (\+xt 8.20; 1 Ah 22.48\+xt*).\ft*\f* ne nʼakofo kɔkaa wɔn ho. Na asraafo dɔm abiɛsa no bɔɔ nsra twaa wɔn ho besii wɔn anan mu saa nnanson no, na wɔne wɔn mmoa nnya nsu nnom. \p \v 10 Israelhene teɛɛ mu bisae se, “Yɛnyɛ yɛn ho dɛn? \nd Awurade\nd* de yɛn baasa aba ha sɛ Moabhene nni yɛn so ana?” \p \v 11 Nanso Yudahene Yehosafat bisae se, “Enti \nd Awurade\nd* diyifo biara nka yɛn ho wɔ ha ana? Sɛ wɔn mu bi wɔ ha a, yebetumi abisa \nd Awurade\nd* nea yɛnyɛ.” \p Ɔhene Yoram mpanyimfo no mu baako kae se, “Safat babarima Elisa wɔ ha. Na ɔyɛ Elia boafo.” \p \v 12 Enti Yehosafat kae se, “Ɛno de, \nd Awurade\nd* betumi akasa afa no so.” Na Israelhene, Yudahene ne Edomhene kɔɔ Elisa nkyɛn abisa. \p \v 13 Elisa ka kyerɛɛ Israelhene se, “Wo ho nhia me. Kɔ wʼagya ne wo na adiyifo abosonsomfo no nkyɛn.” Nanso ɔhene Yoram kae se, “Dabi! Efisɛ ɛyɛ \nd Awurade\nd* na ɔfrɛɛ yɛn ahemfo baasa yi baa ha sɛ ɔrebeyi yɛn ahyɛ Moabhene nsa!” \p \v 14 Na Elisa buae se, “Mmere dodow a \nd Awurade\nd* Tumfo a mesom no no te ase yi, sɛ ɛnyɛ Yudahene Yehosafat a mibu no a, anka merenhaw me ho wɔ wo ho. \v 15 Afei, ma obi a obetumi abɔ sanku mmra.” \p Bere a wɔrebɔ sanku no, \nd Awurade\nd* tumi baa Elisa so, \v 16 ma ɔkae se, “Sɛnea \nd Awurade\nd* se ni: Saa obon a emu nsu ayow yi, wɔde nsu bɛhyɛ no ma. \v 17 Worenhu mframa anaa osu sɛnea \nd Awurade\nd* ka no, nanso saa obon yi, wɔbɛhyɛ no nsu ma. Mubenya bi ama mo ho, mo anantwi ne mo mmoa a aka no. \v 18 Na eyi yɛ ade a ɛyɛ mmerɛw ma \nd Awurade\nd*. Ɔbɛma moadi Moab asraafo so nkonim. \v 19 Mubedi wɔn nkuropɔn papa so nkonim, mpo, nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no. Mubetwitwa wɔn nnua nyinaa agu. Mubesisiw wɔn asu aniwa, na mode abo asɛe wɔn nsase pa.” \p \v 20 Na ade kyee a eduu bere a wɔbɔ anɔpa afɔre no, nsu puee prɛko pɛ. Na ɛsen fii Edom, na ankyɛ biara na nsu abu so wɔ baabiara. \p \v 21 Bere a Moabfo tee sɛ asraafo dɔm abiɛsa reba wɔn so no, wɔn nso boaboaa mmarima a wobetumi ako, mmofra ne mpanyin ano, de wɔn sisii wɔn ahye so. \v 22 Na ade kyee a wɔsɔree no, na owia no abɔ wɔ asu no so, ama ani abere sɛ mogya. \v 23 Moabfo no teɛɛ mu se, “Ɛyɛ mogya. Sesɛɛ asraafo dɔm abiɛsa no atwa wɔn ho ako, akunkum wɔn ho wɔn ho! Momma yɛnkɔfow asade no!” \p \v 24 Bere a woduu Israelfo nsraban mu no, Israel asraafo gyee bum, kɔtoaa Moabfo, ma woguanee. Israel asraafo no taa wɔn koduu Moab asase so. Wɔretaa Moabfo no nyinaa no, na wɔresɛe wɔn nneɛma. \v 25 Wɔsɛee wɔn nkurow akɛse, de abo kataa wɔn nsase pa so, sisiw asuti nyinaa, twitwaa nnua pa nyinaa. Kir-Haraset nko ara na ɛkae, na ɛno mpo, wɔtow hyɛɛ so. \p \v 26 Bere a Moabhene huu sɛ ɔredi nkogu no, odii nʼakofo ahanson anim, yeree wɔn ho, pɛɛ sɛ wɔpem fa atamfo no nsraban a ɛbɛn Edomhene no mu, nanso wɔantumi. \v 27 Enti ɔfaa ne babarima panyin a anka ɛsɛ sɛ odi nʼade sɛ ɔhene no, de no bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afasu no ho. Abufuw kɛse baa Israel so, na wɔsan wɔn akyi kɔɔ wɔn ankasa asase so. \c 4 \s1 Elisa Boa Ɔbea Kunafo No \p \v 1 Da bi, Elisa mfɛfo adiyifo no mu baako kunafo baa ne nkyɛn, besu kyerɛɛ no se, “Me kunu a na ɔsom wo no awu. Na wunim sɛnea na osuro \nd Awurade\nd*. Nanso mprempren obi a mede no ka aba rehunahuna se, ɔbɛfa me mmabarima baanu sɛ nkoa.” \p \v 2 Elisa bisaa no se, “Dɛn na metumi ayɛ de aboa wo? Kyerɛ me nneɛma a wowɔ wɔ fie.” Obuae se, “Minni hwee sɛ ngo ahina baako.” \p \v 3 Elisa ka kyerɛɛ no sɛ “Kɔfɛm nhina dodow biara a wubenya afi wo nnamfonom ne wo mfɛfo nkyɛn. \v 4 Afei, fa wo mmabarima no kɔ wo fi, na to pon mu. Hwie ngo no fi wʼahina no mu, gugu nhina no mu. Nea ɛbɛyɛ ma biara, yi si nkyɛn.” \p \v 5 Enti ɔyɛɛ saa. Ne mmabarima no de nhina bebree brɛɛ no, ma ɔhyehyɛɛ no amaama. \v 6 Ankyɛ na emu biara yɛɛ ma tɛnn. Ɔka kyerɛɛ ne mmabarima no mu baako se, “Brɛ me ahina foforo.” \p Ɔka kyerɛɛ no se, “Ebi nni hɔ bio.” Na afei ngo no a ɔrehwie no sae. \p \v 7 Bere a ɔkaa asɛm a asi no kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no, ɔka kyerɛɛ no se, “Afei, tɔn ngo no, na fa tua wʼaka, na sika no bi bɛka ama wode ahwɛ wo ho ne wo mmabarima no.” \s1 Elisa Ne Ɔbea A Ofi Sunem No \p \v 8 Da koro bi, Elisa kɔɔ Sunem kurow mu. Na ɔbea ɔdefo bi te kurow no mu. Ɔtoo nsa frɛɛ Elisa sɛ ommedidi. Efi saa bere no, bere biara a obetwa mu wɔ hɔ no, ɔfa hɔ kodidi. \v 9 Ɔka kyerɛɛ ne kunu se, “Migye di sɛ saa ɔbarima yi a ɔtaa ba ha yi yɛ Onyankopɔn nipa kronkron. \v 10 Ma yensiesie ɔdan bi mma no wɔ soro hɔ na yɛmfa mpa, ɔpon, akongua ne kanea nsi mu mma no. Na bere biara a ɔbɛba ha no, wanya baabi asoɛ.” \p \v 11 Da bi, Elisa san baa Sunem. Ɔkɔɔ ne soro dan no mu kɔsoɛe. \v 12 Ɔka kyerɛɛ ne somfo Gehasi se, “Ka kyerɛ ɔbea no se, mepɛ sɛ meka asɛm bi kyerɛ no.” Ɔbea no bae no, \v 13 Elisa ka kyerɛɛ Gehasi se, “Ka kyerɛ no se, yɛn ani asɔ ne som pa a wasom yɛn no. Na bisa no nea yɛn so yebetumi ayɛ ama no. Ɔpɛ sɛ midi ne ho adanse kyerɛ ɔhene anaa asraafo sahene no?” \p Obuae se, “Dabi, efisɛ mʼabusuafo hwɛ me yiye.” \p \v 14 Akyiri no, Elisa bisaa Gehasi se, “Dɛn na wugye di sɛ yebetumi ayɛ ama no?” \p Ɔtow maa no se, “Onni babarima na ne kunu nso abɔ akwakoraa.” \p \v 15 Elisa ka kyerɛɛ no se, “Frɛ no bra bio.” Ɔbea no bae no, Elisa ka kyerɛɛ no wɔ ɔpon no ano se, \v 16 “Afe sesɛɛ saa bere yi ara mu, na ɔbabarima da wo srɛ so.” \p Ɔteɛɛ mu se, “Dabi, me wura, mesrɛ wo, ntwa me nkontompo saa. Onyankopɔn nipa.” \p \v 17 Na ampa ara, bere tiaa bi akyi no, ɔbea no nyinsɛnee. Na afe saa bere no ara, ɔwoo ɔbabarima sɛnea Elisa kae no pɛpɛɛpɛ. \p \v 18 Ne ba no nyin no, da bi, ɔkɔsraa nʼagya a na ɔne nʼapaafo reyɛ adwuma. \v 19 Prɛko pɛ, ɔkae se, “Me ti pae me! Me ti pae me!” \p Nʼagya ka kyerɛɛ nʼapaafo no mu baako se, “Fa no kɔ fie kɔma ne na.” \p \v 20 Ɔpaani no de no kɔɔ fie. Ne na gyee no too ne srɛ so. Nanso, eduu owigyinae mu no, owui. \v 21 Ɔpagyaw no de no kɔtoo Onyankopɔn nipa no mpa so. Ɔtoo pon no mu gyaw no hɔ kɔe. \p \v 22 Ɔsomaa ɔbɔfo kɔbɔɔ ne kunu amanneɛ se, “Soma apaafo no baako na ɔmfa afurum mmra, sɛnea metumi akodu Onyankopɔn nipa no hɔ ntɛm, asan aba.” \p \v 23 Obisae se, “Adɛn nti na wopɛ sɛ wokɔ nnɛ yi ara? Ɛnyɛ Ɔsram Foforo Afahyɛ, na ɛnyɛ homeda nso.” \p Nanso ɔkae se, “Ɛwɔ mu saa.” \p \v 24 Enti ɔhyehyɛɛ afurum no, ka kyerɛɛ ɔpaani no se, “Ka wo ho. Ɛnyɛ me nti na wobɛtɔ wo bo ase, na mmom, kɔ ara, gye sɛ maka sɛ tɔ wo bo ase.” \v 25 Ɔrebedu Onyankopɔn nipa no nkyɛn wɔ bepɔw Karmel so no, Elisa huu no wɔ akyirikyiri. \p Ɔka kyerɛɛ Gehasi se, “Hwɛ, ɔbea a ofi Sunem no reba. \v 26 Tu mmirika kohyia no, na bisa no se, ‘Wo ne wo kunu ne wo ba ho ye ana?’ ” \p Ɔbea no buae Gehasi se, “Yɛn nyinaa ho ye.” \p \v 27 Nanso ɔbaa Onyankopɔn nipa no nkyɛn wɔ bepɔw no so no, ɔhwee ne nan ase, soo nʼanammɔn mu. Gehasi sum no, nanso Onyankopɔn nipa no kaa se, “Gyaa no. Biribi reteetee no, na \nd Awurade\nd* nso nkyerɛɛ me dekode no.” \p \v 28 Na ɔbea no kae se, “Wo ara me wura, wo na wokae se, menya ɔbabarima. Na manka ankyerɛ wo sɛ mma memfa mʼani nto so?” \p \v 29 Na Elisa ka kyerɛɛ Gehasi se, “Boa wo ho, na mensoma wo, fa me pema no, na kɔ. Nkasa obiara ho wɔ ɔkwan so. Kɔ na fa pema no kɔto abofra no anim.” \p \v 30 Na abarimaa no na kae se, “Mmere dodow a \nd Awurade\nd* te ase, na wo nso wote ase yi, merenkɔ fie gye sɛ woka me ho.” Enti Elisa san ne no kɔe. \p \v 31 Gehasi yɛɛ ntɛm dii kan, de pema no kɔtoo abofra no anim, nanso biribiara ansi. Nkwa ho nsɛnkyerɛnne biara amma. Ɔsan nʼakyi kohyiaa Elisa, bɔɔ no amanneɛ se, “Abofra no nnyanee ɛ.” \p \v 32 Bere a Elisa duu hɔ no, ampa na abofra no awu da odiyifo no mpa so. \v 33 Ɔno nko kɔɔ hɔ, too ne ho pon mu, bɔɔ \nd Awurade\nd* mpae. \v 34 Afei, obutuw abofra no so, de nʼano tuaa abofra no ano, de nʼani fam abofra no ani, de ne nsa susoo abofra no nsa. Afei, abofra no ho fitii ase yɛɛ hyew bio. \v 35 Elisa sɔre, dii akɔneaba wɔ ɔdan no mu kakra. Afei, ɔdaa abofra no so bio. Saa bere no, abofra no nwansii mpɛn ason, na ɔtew nʼani. \p \v 36 Afei, Elisa somaa Gehasi se, “Frɛ abofra no na bra.” Ne na no bae no, Elisa ka kyerɛɛ no se, “Wo ba no ni, fa no kɔ.” \v 37 Ofi ahodwiriw mu hwee ne nan ase daa no ase. Afei, ɔfaa ne ba no, de no sian kɔɔ fam. \s1 Ɔkɔm Kɛse Bi Mu Nsɛnkyerɛnne \p \v 38 Elisa san kɔɔ Gilgal, nanso na ɔkɔm asi asase no so. Da bi a adiyifokuw tete nʼanim no, ɔka kyerɛɛ ne somfo se, “Fa ɔsɛn kɛse si gya so, na yɛ abɔmu ma saa mmarima yi.” \p \v 39 Wɔn mu baako kɔɔ wuram sɛ ɔrekɔpɛ atosode, na onyaa ɛfere kotoku ma de bae. Otwitwa de guu ɔsɛn no mu a na onnim sɛ awuduru wɔ mu. \v 40 Na wodii kakraa bi pɛ, wɔteɛteɛ mu se, “Onyankopɔn nipa, awuduru wɔ abɔmu no mu!” Ɛno nti, wɔanni bio. \p \v 41 Elisa kae se, “Mommrɛ me asikresiam kakra.” Ɔde guu ɔsɛn no mu, kae se, “Afei, ayɛ yiye nti munkodi.” Na anhaw wɔn bio. \p \v 42 Da bi, ɔbarima bi a ɔyɛ Baal-Salisani brɛɛ Onyankopɔn nipa no atoko foforo kotoku ma, ne brodo mua aduonu. Elisa kae se, “Fa ma adiyifokuw no, na wonni.” \p \v 43 Ɔsomfo no teɛɛ mu se, “Wuse dɛn? Kakra yi na yɛmfa mma nnipa ɔha yi ana?” \p Nanso Elisa tii mu se, “Fa ma adiyifokuw no na wonni, na \nd Awurade\nd* ka se, ‘Obiara bedi amee, na bi mpo bɛka akyi.’ ” \v 44 Na ampa ara, obiara didi mee ma bi mpo kae, sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛɛ ho bɔ no. \c 5 \s1 Naaman Ayaresa \p \v 1 Na Aramhene\f + \fr 5.1 \fr*\ft Na ɔhene no din de Ben-Hadad II.\ft*\f* bu Naaman a ɔyɛ asraafo so sahene no yiye. Efisɛ ɛnam ne so na \nd Awurade\nd* maa Aram dii nkonim akɛse bebree. Ɛwɔ mu sɛ na Naaman yɛ ɔkofo kɛse de, nanso na ɔyare kwata. \p \v 2 Afei, na Aram akofo adi Israel asase so, na abaawa ketewa bi ka wɔn a wɔkyeree wɔn nnommum no ho. Wɔde saa abaawa no maa Naaman yere sɛ nʼabaawa. \v 3 Da bi, abaawa no ka kyerɛɛ nʼawuraa se, “Sɛ me wura kohu odiyifo a ɔwɔ Samaria no a, anka ɔbɛsa no yare ama kwata no afi ne honam ani.” \p \v 4 Enti Naaman kaa asɛm a abaawa a ofi Israel no ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ ɔhene. \v 5 Ɔhene\f + \fr 5.5 \fr*\ft Ɔhene a na wɔreka ne ho asɛm yi, wɔfrɛ no Yoram.\ft*\f* no ka kyerɛɛ no se, “Kɔ, na kɔsra odiyifo no. Mɛkyerɛw krataa aka wo ho, na wode akɔma Israelhene.” Enti Naaman faa dwetɛ akyɛde kilogram ahaasa aduanan (340), sikakɔkɔɔ kilogram aduosia nkron ne ntade mmɔho du, na osii mu kɔe. \v 6 Krataa a ɔde rekɔma Israelhene no mu asɛm ne sɛ, “Menam krataa yi so reda me somfo Naaman adi akyerɛ wo. Mepɛ sɛ wosa no yare ma ne kwata no fi ne honam ani.” \p \v 7 Bere a Israelhene kenkan krataa no, ɔde ahometew sunsuan nʼatade mu, kae se, “Saa ɔbarima yi asoma ɔkwatani aba me nkyɛn, sɛ mensa no yare! Meyɛ Onyankopɔn a mitumi kum, san ma nkwa? Ɔrehwehwɛ kwan bi afa so, anya nnyinaso bi na wabɛtow ahyɛ yɛn so bio.” \p \v 8 Bere a Elisa, Onyankopɔn nipa, tee sɛ ɔhene no asunsuan ne ntade mu no, ɔde nkra kɔmaa no se, “Adɛn nti na woasunsuan wo ntade mu? Soma Naaman na ɔmmra me nkyɛn na obehu sɛ odiyifo papa bi wɔ Israel.” \v 9 Enti Naaman faa nʼapɔnkɔ ne ne nteaseɛnam, kɔtwɛn wɔ Elisa fi pon ano. \v 10 Na Elisa somaa ɔbɔfo kɔka kyerɛɛ no se, “Kɔhohoro wo ho mpɛn ason wɔ Asubɔnten Yordan mu, na wo honam bɛba mu, ama wo kwata no akɔ.” \p \v 11 Na Naaman bo fuwii, ma osii kwan so. Ɔkae se, “Na minim sɛ, nea ɛbɛyɛ biara no, ɔbɛba abehyia me! Na minim sɛ ebia, ɔde ne nsa bɛfa kwata no so, na wabɔ \nd Awurade\nd* a, ɔyɛ ne Nyankopɔn no din, nam so asa me yare. \v 12 Nsubɔnten Abana ne Parpar a ɛwɔ Damasko nsen nsubɔnten a ɛwɔ Israel nyinaa? Adɛn nti na menkɔhohoro me ho wɔ mu, na minnya ayaresa?” Enti Naaman dan ne ho de abufuw sii mu. \p \v 13 Nanso ne mpanyimfo bɔɔ mmɔden kasa kyerɛɛ no se, “Owura, sɛ odiyifo no kaa se yɛ adwuma kɛse bi a, anka worenyɛ ana? Ɛno nti, tie asɛm a waka sɛ kɔhohoro wo ho kɛkɛ, na wo ho bɛtɔ wo no, na di so.” \v 14 Enti Naaman kɔɔ Asubɔnten Yordan mu, kɔdɔɔ asukɔ mpɛn ason, sɛnea Onyankopɔn nipa no hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Ne honam ani daa hɔ te sɛ akokoaa, maa ne kwata no nyinaa kɔe. \p \v 15 Naaman ne ne dɔm no san kɔ kɔhwehwɛɛ Onyankopɔn nipa no akyi kwan. Wokogyinaa nʼanim, maa Naaman kae se, “Afei na mahu sɛ Onyankopɔn nni wiase ha baabiara sɛ Israel nko ara. Afei, mesrɛ wo sɛ, gye mʼakyɛde yi.” \p \v 16 Nanso Elisa buae se, “Mmere dodow a Onyankopɔn a mesom no te ase yi, merennye akyɛde biara.” Ɛwɔ mu sɛ Naaman hyɛɛ no biara sɛ onnye akyɛde no, nanso Elisa annye. \p \v 17 Afei, Naaman kae se, “Eye, ɛno de, ma me kwan na memfa ha dɔte atifi abien nsoa me furumpɔnkɔ abien, na memfa nka me ho nkɔ me kurom. Efi nnɛ, Onyankopɔn akyi no, meremmɔ ɔhyew afɔre anaa afɔre biara mma onyame bi bio. \v 18 Na mesrɛ sɛ, \nd Awurade\nd* mfa saa bɔne yi nkyɛ me. Sɛ me wura ɔhene rekɔ Rimon abosomfi akɔsom, na misuso ne mu a, me nso mɛkotow nti, \nd Awurade\nd* mfa eyi nkyɛ me.” \p \v 19 Elisa kae se, “Kɔ asomdwoe mu.” Enti Naaman san sii kwan so. \s1 Gehasi Anibere \p \v 20 Nanso Elisa somfo Gehasi kaa wɔ ne tirim se, “Anka ɛnsɛ sɛ me wura ma Aramni yi kɔ a wannye akyɛde yi. Mmere dodow a \nd Awurade\nd* te ase yi, metiw no, na makogye biribi afi ne nkyɛn.” \p \v 21 Enti Gehasi tiw no. Bere a Naaman huu no sɛ ɔde mmirika reba ne so no, osi fii ne teaseɛnam mu kohyiaa no. Naaman bisaa no se, “Wobaa no asomdwoe mu ana?” \p \v 22 Gehasi buae se, “Yiw, nanso me wura asoma me sɛ memmɛka nkyerɛ wo se, mmabun baanu bi a wɔyɛ adiyifo a wofi Efraim kurow a ɛda bepɔw so no mu abedu mprempren ara. Ose ɔrehwehwɛ dwetɛ kiliogram aduasa anan ne ntade nsakramu abien de ama wɔn.” \p \v 23 Naaman kae se, “Ɛnyɛ asɛm a ɛyɛ den, gye dwetɛ kilogram aduasa anan yi.” Ɔmaa no ntade nsakramu abien, kyekyeree sika no wɔ nkotoku abien mu, yii asomfo baanu soaa akyɛde no, maa Gehasi. \v 24 Nanso woduu bepɔw no so no, Gehasi gyee akyɛde no fii asomfo no nkyɛn, ma wɔsan wɔn akyi kɔe. Afei, ɔde akyɛde no kosiee ofi no mu. \p \v 25 Bere a ɔkɔɔ ne wura Elisa nkyɛn no, obisaa no se, “Gehasi, wokɔɔ he?” \p Obuae se, “Menkɔɔ baabiara.” \p \v 26 Nanso Elisa bisaa no se, “Woanhu sɛ bere a Naaman si fii ne teaseɛnam mu behyiaa wo no, na mewɔ hɔ honhom mu? Saa bere yi na ɛsɛ sɛ wugye sika ne ntade ne ngodua mfuw ne bobe mfuw ne nguan ne anantwi ne asomfo? \v 27 Nea woayɛ yi nti, wo ne wo mma ne wo mma mma bɛyare Naaman kwata no bi afebɔɔ.” Bere a Gehasi fii dan no mu no, na kwata ayɛ no a ne ho ahoa ayɛ sɛ sukyerɛmma. \c 6 \s1 Abonnuati A Ɛtɛn Nsu Ani \p \v 1 Da bi, adiyifo kuw baa Elisa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Sɛnea wo ara wuhu no, baabi a yɛne wo hyia ha yi sua. \v 2 Ma yɛnkɔ Asubɔnten Yordan ho a nnua bebree wɔ hɔ. Ɛhɔ de, yebetumi asi ɔdan foforo, ahyia mu wɔ hɔ.” \p Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Eye, monkɔyɛ.” \p \v 3 Obi kaa nʼadwene se, “Mesrɛ wo, bɛka yɛn ho na yɛnkɔ.” \p Ɔkae se, “Mate yɛbɛkɔ.” \p \v 4 Bere a woduu Yordan ho no, wofii ase buu nnua. \v 5 Nanso wɔn mu baako rebu dua no, nʼabonnua hɔn tɔɔ asu no mu. Ɔteɛɛ mu se, “O me wura! Ɛyɛ abonnua a mekɔsrɛe!” \p \v 6 Onyankopɔn nipa no bisae se, “Ɛhefa na ɛtɔe?” Ɔkyerɛɛ Elisa baabi ko no, Elisa twaa pema, na ɔtow kyenee asu no mu. Ɛhɔ ara abonnua ti no pagyaw ne ho, bɛtɛn asu no ani. \v 7 Elisa ka kyerɛɛ no se, “Ma so yi.” Na ɔbarima no teɛɛ ne nsa yii. \s1 Elisa Nsa Ka Aramfo No \p \v 8 Bere a Aramhene ne Israel redi ako no, ɔne ne mpanyimfo tuu agyina, kae se, “Yɛbɛboaboa yɛn asraafo ano wɔ ha anaa ɛha.” \p \v 9 Ntɛm pa ara, Onyankopɔn nipa Elisa bɔɔ Israelhene\f + \fr 6.9 \fr*\ft Israelhene no din de Yoram.\ft*\f* kɔkɔ se, “Ntwiw mmɛn beae hɔ, efisɛ Aramfo no reyɛ nhyehyɛe, aboaboa wɔn asraafo ano wɔ hɔ.” \v 10 Enti Israelhene hwɛɛ beae a Onyame nipa no kyerɛe no no. Elisa kɔɔ so bɔɔ ɔhene no kɔkɔ mpɛn pii, na ɛmaa nʼani daa fam wɔ mmeae a ɛtete saa no ho. \p \v 11 Aramhene werɛ how wɔ asɛm yi ho. Ɔfrɛɛ ne mpanyimfo bisaa wɔn se, “Mo mu hena na ɔyɛ ɔfatwafo no? Hena na ɔka me nhyehyɛe a mayɛ kyerɛ Israelhene?” \p \v 12 Mpanyimfo no mu baako buae se, “Me wura, ɛnyɛ yɛn. Elisa a ɔyɛ odiyifo wɔ Israel no na ɔka wo kokoamsɛm kyerɛ Israelhene.” \p \v 13 Ɔhene no hyɛe se, “Monkɔhwehwɛ baabi a Elisa wɔ, na yɛbɛsoma asraafo ama wɔakɔkyere no.” Na nkra bae se, “Elisa wɔ Dotan.” \v 14 Enti anadwo bi, Aramhene somaa asraafo bebree ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔ kotwaa dantaban faa kuropɔn no ho. \v 15 Bere a Onyankopɔn nipa no somfo sɔree ahemadakye, sii afikyiri no, na asraafo, apɔnkɔ ne nteaseɛnam atwa hɔ ahyia. Ɔteɛɛ mu kyerɛɛ Elisa se, “O, me wura! Dɛn na yɛnyɛ?” \p \v 16 Elisa ka kyerɛɛ no se, “Nsuro na yɛwɔ dɔm sen wɔn.” \p \v 17 Afei, Elisa bɔɔ mpae se, “\nd Awurade\nd*, bue nʼani na ma onhu ade,” \nd Awurade\nd* buee ne somfo ani, na ɔmaa nʼani so no, ohuu sɛ Elisa nkyɛn mu a ɛkyerɛ bepɔw no, ogya apɔnkɔ ne nteaseɛnam na ayɛ hɔ ma. \p \v 18 Bere a Aramfo asraafo bɔ puaa wɔn no, Elisa bɔɔ mpae se, “\nd Awurade\nd*, mesrɛ wo, ma wɔn ani mfurafura.” Na \nd Awurade\nd* yɛɛ nea Elisa bisae no. \p \v 19 Na Elisa fii adi, kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Moafa ɔkwan bɔne so aba. Ɛnyɛ kurow a morehwehwɛ no ni. Munni mʼakyi, na mede mo bɛkɔ onipa a morehwehwɛ no no nkyɛn.” Na odii wɔn anim koduu Samaria. \p \v 20 Na woduu Samaria pɛ, Elisa bɔɔ mpae se, “\nd Awurade\nd*, afei bue wɔn ani, na ma wonhu ade.” Na \nd Awurade\nd* yɛe, na wohuu sɛ wɔwɔ Samaria. \p \v 21 Bere a Israelhene huu wɔn no, ɔteɛɛ mu, bisaa Elisa se, “Mʼagya, minkunkum wɔn ana?” \p \v 22 Elisa buaa no se, “Nkunkum wɔn. So wubekunkum wɔn a wode wʼankasa afoa ne agyan afa wɔn nnommum no ana? Ma wɔn aduan ne nsu, na wonnidi, nnom na ma wɔnsan nkɔ wɔn wura nkyɛn.” \v 23 Enti ɔhene no too wɔn pon kɛse, na wodidi, nom wiee no ɔma wɔsan kɔɔ wɔn hene nkyɛn. Enti Aramfo afowfo no twee wɔn ho fii Israel asase ho koraa. \s1 Ben-Hadad Tua Samaria Ano \p \v 24 Akyiri no, Aramhene Ben-Hadad boaboaa nʼakofo nyinaa ano, de wɔn kotuaa Samaria ano. \v 25 Ɛbaa saa no, ɔkɔm kɛse baa kurow no mu. Ɛyɛɛ kakra no, na wɔtɔn afurum ti nsania ani dwetɛ kilogram baako, na aborɔnoma bin kuruwa ma, na ne bo yɛ nsania ani dwetɛ gram aduonum awotwe. \p \v 26 Da bi a Israelhene nam kurow no fasu ho no, ɔbea bi kɔɔ ne nkyɛn kɔsrɛɛ no se, “Me wura ɔhene, mesrɛ wo, boa me.” \p \v 27 Obuaa no se, “Sɛ \nd Awurade\nd* ammoa wo a, dɛn na metumi ayɛ? Minni aduan anaa nsa a mede bɛma wo.” \v 28 Ɔhene no bisaa no se, “Dɛn asɛm?” \p Obuae se, “Saa ɔbea yi kae se, yɛnwe me babarima da bi, na ade kye a, yɛawe ɔno nso de. \v 29 Enti yɛnoaa me babarima wee. Afei, ade kyee no, meka kyerɛɛ no se, ‘Kum wo babarima no ma yɛnwe,’ nanso na ɔde no akosie.” \p \v 30 Na ɔhene no tee saa asɛm no, osunsuan ne ntade mu. Na ɔhene no nenam ɔfasu no ho no, nnipa no huu sɛ ɔhyɛ atweaatam wɔ nʼase. \v 31 Ɔhene no kaa ntam se, “Sɛ nnɛ mankum Safat babarima Elisa a, Onyankopɔn nkum me.” \p \v 32 Elisa te ne fi a ɔne Israel mpanyimfo reyɛ nhyiamu na ɔhene somaa abɔfo kɔfrɛɛ no. Nanso ansa na abɔfo no rebedu no, Elisa ka kyerɛɛ mpanyimfo no se, “Owudifo asoma ɔbarima bi sɛ ommekum me. Sɛ odu ha a, to pon no mu, na ɔnka akyi. Na ɛrenkyɛ ne wura no bedi nʼakyi aba.” \v 33 Elisa gu so rekasa no, ɔbɔfo no bae. \p Na ɔhene no kae se, “Ɛyɛ \nd Awurade\nd* na ɔde saa ɔhaw yi abrɛ yɛn! Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mekɔ so twɛn \nd Awurade\nd*?” \c 7 \p \v 1 Elisa buae se, “Tie saa asɛm yi fi \nd Awurade\nd* nkyɛn! Sɛnea \nd Awurade\nd* se ni: Ebedu ɔkyena sesɛɛ, wɔbɛtɔn asikresiam a wɔayam no muhumuhu lita asia agye dwetɛ gram dubaako wɔ Samaria egua biara so. Na atoko nso, wɔbɛtɔn lita du agye dwetɛ gram du abien pɛ.” \p \v 2 Ɔpanyin a ɔboa ɔhene no ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no se, “Sɛ \nd Awurade\nd* bue ɔsoro mfɛnsere mpo a, ɛremma saa da!” \p Na Elisa kae se, “Wubehu sɛ ɛbɛba mu saa, nanso worentumi nni emu biara bi.” \s1 Akwatafo Ba Atamfo Nsraban Mu \p \v 3 Afei, mmarima akwatafo\f + \fr 7.3 \fr*\ft Akwatafo nni ho kwan sɛ wɔkɔ nnipa mu (\+xt 3 Mose 13.46\+xt*).\ft*\f* baanan bi bɛtenatenaa kurow no apon ano. Wobisabisaa wɔn ho wɔn ho se, “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛtena ha twɛn ara kosi sɛ yebewuwu? \v 4 Sɛ yɛtena ha a, ɔkɔm bɛde yɛn dodo; saa ara na sɛ yɛsan kɔ kurow no mu nso a, ɔkɔm bɛwe yɛn ara ne no. Enti ebeye sɛ yɛbɛkɔ, na yɛde yɛn ho bɛma Aramfo asraafo no. Na sɛ wɔma yɛtena ase a, na ne yiye mu ne no. Na sɛ wokunkum yɛn nso a, na ɛno ara ne no.” \p \v 5 Enti saa anwummere no, wosii mu kɔɔ Aramfo nsraban no mu, nanso na obiara nni hɔ. \v 6 Na \nd Awurade\nd* ama asraafo no nyinaa ate nteaseɛnam a ɛrekɔ mmirikaden no ne apɔnkɔ no ne asraafo dɔm kɛse a wɔrebɛn wɔn no nnyigyei. Wɔteɛteɛɛ mu se, “Israelhene afa Hetifo ne Misraimfo sɛ wɔmmɛtow nhyɛ yɛn so.” \v 7 Enti wɔbɔɔ huboa, na woguan anadwo no, gyaw wɔn ntamadan, apɔnkɔ, mfurum ne wɔn biribiara, de peree wɔn nkwa. \p \v 8 Bere a akwatafo no duu nsraban no ano no, wɔn nyinaa wurawuraa ntamadan no mu mmaako mmaako didii, nom nsa, tasee dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne ntade de kosiei. \p \v 9 Akyiri no, wɔkeka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho se, “Nea yɛreyɛ yi nye. Eyi yɛ asɛm papa a yɛmmɔɔ obiara amanneɛ. Na sɛ yɛtwɛn kosi adekyee a, nea ɛbɛyɛ biara, asotwe bi bɛda yɛn so. Momma yɛnkɔbɔ nnipa a wɔwɔ ahemfi no amanneɛ.” \p \v 10 Enti wɔsan baa kurow no mu, bɛbɔɔ aponanohwɛfo no asɛm a asi no ho amanneɛ sɛ wɔakɔ Aramfo no nsraban mu, na na obiara nni hɔ; nnyigyei biara nni hɔ. Na wɔasesa apɔnkɔ ne mfurum no ahama, na ntamadan no de, na ne nyinaa wɔ hɔ pɛpɛɛpɛ, nanso na onipa baako koraa nni hɔ. \v 11 Aponanohwɛfo no teɛteɛɛ mu, kaa asɛm no maa nnipa a wɔwɔ ahemfi hɔ no tee. \s1 Israel Wura Nsraban No Mu \p \v 12 Ɔdasu mu na ɔhene no sɔre fii ne mpa so, ka kyerɛɛ ne mpanyimfo se, “Minim asɛm a asi. Aramfo nim sɛ ɔkɔm rekum yɛn nti, wɔatu afi wɔn nsraban mu, akɔtetɛw wuram baabi. Wɔrehwehwɛ sɛ yebefi kurow no mu, na wɔakyekyere yɛn anikann, na wɔafa kurow no.” \p \v 13 Mpanyimfo no mu baako kae se, “Eye sɛ yɛbɛsoma akwansrafo, na wɔakɔhwehwɛ mu. Momma wɔmfa apɔnkɔ a wɔaka no mu anum. Sɛ asɛm bi to wɔn koraa a, ɛrenyɛ adehwere kɛse biara sɛ wɔbɛtena ha ne yɛn a yɛaka no bewuwu.” \p \v 14 Enti wosiesiee nteaseɛnam abien ne apɔnkɔ, na ɔhene no somaa akwansrafo kɔhwɛɛ asɛm a ato Aramfo asraafo no. \v 15 Wɔkɔe ara koduu Asubɔnten Yordan, dii ntade ne ahyehyɛde a Aramfo atow agu no akyi, bere a na wɔde anikrakra reguan no. Akwansrafo no san bɛbɔɔ ɔhene no amanneɛ. \v 16 Enti Samariafo bɔɔ twi, kɔfow Aramfo nsraban no. Ɛno nti na ɛyɛ nokware sɛ wɔtɔn asikresiam a wɔayam no muhumuhu lita asia saa da no, de gye dwetɛ gram dubaako, atoko lita du nso, na wɔtɔn de gye dwetɛ gram du abien, sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛɛ ho bɔ no pɛpɛɛpɛ. \p \v 17 Ɔhene no yii ne panyin ma ɔhwɛɛ ɔpon no mu ahyɛmfiri so, nanso nnipadɔm no twiw faa ne so ma owui. Enti biribiara baa mu pɛpɛɛpɛ, sɛnea Onyankopɔn nipa no hyɛɛ ho nkɔm bere a ɔhene no baa ne fi no. \v 18 Onyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Ebedu ɔkyena sesɛɛ, wɔbɛtɔn asikresiam muhumuhu lita nsia agye dwetɛ gram du baako wɔ Samaria gua biara so. Na atoko nso, wɔbɛtɔn lita du agye dwetɛ gram du abien.” \p \v 19 Ɔhene no panyin no buae se, “Sɛ \nd Awurade\nd* bue ɔsoro mfɛnsere mpo a, ɛremma saa da!” Na Onyankopɔn nipa no kae se, “Wubehu sɛ ɛbɛba mu saa, nanso worenni emu biara bi.” \v 20 Ɛno ara na ɛbaa mu, nnipa twiw faa ne so, kum no wɔ ɔpon no ano. \c 8 \s1 Sunemnibea No San Kɔ Ne Kurom \p \v 1 Na Elisa aka akyerɛ ɔbea a onyan ne ba no se, “Wo ne wo fifo ntu nkɔ baabi foforo, efisɛ \nd Awurade\nd* ahyɛ sɛ ɔkɔm mmra Israel mfe ason.” \v 2 Enti ɔbea no yɛɛ sɛnea Onyankopɔn nipa no hyɛe no. Ɔfaa ne fifo kɔtenaa Filistifo asase\f + \fr 8.2 \fr*\ft Na Filistiman no yɛ asase pa sen Israel mmepɔw mmepɔw so no. Afei na Siria asraafo nhunahuna saa ɔman no.\ft*\f* so mfe ason. \p \v 3 Ɔkɔm no twaa mu no, ɔsan baa Israel asase so, kohuu ɔhene no sɛ ɔregye ne fi ne nʼasase. \v 4 Na ɔhene no ne Gehasi a ɔyɛ Onyankopɔn nipa no somfo rekasa. Na ɔhene no rebisa se: Ka nneɛma akɛse a Elisa ayɛ no bi kyerɛ me. \v 5 Saa bere no ara na na Gehasi reka nyan a Elisa nyan abarimaa bi no ho asɛm akyerɛ no. Bere koro no ara mu na abarimaa no na kɔɔ ɔhene no anim, kɔsrɛɛ ɔhene no se ɔmfa ne fi ne ne dan mma no no. \p Gehasi teɛɛ mu se, “Hwɛ, me wura! Ɔbea no ni na, na ne babarima a Elisa nyan no no nso ni!” \p \v 6 Ɔhene no bisaa ɔbea no se, “Ɛyɛ nokware ana?” Ɔbea no buae se ɛyɛ ampa. Enti ɔhene no ka kyerɛɛ ne mpanyimfo no mu baako se ɔnhwɛ na biribiara a wahwere no, wɔmfa mma no. Ne nnɔbae a wotwae a na onni hɔ nyinaa, wɔde maa no. \s1 Hasael Kum Ben-Hadad \p \v 7 Na Elisa kɔɔ Damasko a ɛyɛ Aram kuropɔn no mu a na ɔhene Ben-Hadad yare da no. Obi ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Onyankopɔn nipa no aba hɔ,” \v 8 na ɔka kyerɛɛ Hasael se, “Fa akyɛde kɔma Onyankopɔn nipa no. Na ka kyerɛ no, na ommisa \nd Awurade\nd* se, ‘Me ho bɛtɔ me bio ana?’ ” \p \v 9 Na Hasael hyehyɛɛ yoma aduanan so nnepa a efi Damasko,\f + \fr 8.9 \fr*\ft Na Damasko yɛ guaman a ɛhyɛ Misraim, Asia Kumaa ne Mesopotamia ntam.\ft*\f* sɛ akyɛde a ɔde rekɔma Elisa. Ɔkɔɔ ne nkyɛn ka kyerɛɛ no se, “Wo somfo Ben-Hadad a ɔyɛ Aramhene asoma me wo nkyɛn se mimmebisa se, ‘Menya ahotɔ ana?’ ” \p \v 10 Na Elisa ka kyerɛɛ no se, “Kɔ na kɔka kyerɛ no se, ‘Wubenya ahotɔ.’ Nanso \nd Awurade\nd* ada no adi akyerɛ me sɛ, nea ɛbɛyɛ biara, obewu.” \v 11 Elisa hwɛɛ Hasael anim, kosii sɛ Hasael yɛɛ basaa. Na Onyankopɔn nipa no fii ase sui. \v 12 Hasael bisae se, “Adɛn na me wura resu?” Elisa buae se, “Efisɛ minim bɔne a wobɛyɛ Israelfo. Wobɛhyew wɔn nkurow a wɔabobɔ ho ban, akunkum wɔn mmerante, de wɔn mma nketewa adwiradwira fam, apaapae apemfo yafunu!” \p \v 13 Na Hasael buae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na me a mensɛ hwee yi, betumi adi dwuma kɛse a ɛte sɛɛ yi?” \p Elisa buae se, “\nd Awurade\nd* akyerɛ me se, wo na wobɛyɛ Aramhene.” \p \v 14 Bere a Hasael san kɔe no, ɔhene no bisaa no se, “Asɛm bɛn na Elisa ka kyerɛɛ wo?” \p Hasael buae se, “Ɔka kyerɛɛ me sɛ, nea ɛbɛyɛ biara, wo ho bɛyɛ wo den.” \v 15 Nanso ade kyee no, Hasael faa ntama a mu yɛ duru, de nuu nsu mu, de kataa ɔhene no anim, kosii sɛ owui. Na Hasael sii nʼanan mu sɛ Aramhene. \s1 Yehoram Di Yudahene \p \v 16 Ɔhene Yehosafat babarima Yehoram bedii Yuda so bere a ɔhene Yoram adi ade wɔ Israel mfe anum. Na Yoram yɛ Ahab babarima. \v 17 Bere a Yehoram dii hene no, na wadi mfe aduasa abien. Odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia awotwe. \v 18 Nanso Yehoram dii Israel ahemfo anammɔn akyi. Na ɔyɛ omumɔyɛfo te sɛ ɔhene Ahab, efisɛ na waware Ahab mmabea no mu baako. Na Yehoram yɛɛ nea na ɛyɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd* ani so. \v 19 Nanso na \nd Awurade\nd* mpɛ sɛ ɔsɛe Yuda, efisɛ na ɔne Dawid ayɛ apam, ahyɛ bɔ sɛ, nʼasefo na wɔbɛkɔ so adi ɔman no so afebɔɔ. \p \v 20 Yehoram bere so na Edomfo sɔre tiaa Yuda, na wosii wɔn ankasa wɔn hene. \v 21 Enti Yehoram faa ne nteaseɛnam nyinaa, kɔtow hyɛɛ Sair kurow so. Edomfo twaa ɔne ne nteaseɛnamkafo ho hyiae, nanso ɔfaa anadwo sum no mu guanee. Yehoram asraafo nso guanee. \v 22 Edom atew Yuda so atua de besi nnɛ. Saa bere no ara mu na Libna kurow nso sɔre tiae. \p \v 23 Nsɛm a esisii wɔ Yehoram ahenni mu ne nea ɔyɛe nyinaa no wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? \v 24 Bere a Yehoram wui no, wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Ahasia na odii nʼade sɛ ɔhene. \s1 Ahasia Di Hene Wɔ Yuda \p \v 25 Yehoram babarima Ahasia fii ase dii hene wɔ Yuda wɔ ɔhene Yoram\f + \fr 8.25 \fr*\ft Na wɔfrɛ Yoram yere se Atalia. Na ɔyɛ Ahab babea.\ft*\f* adedi wɔ Israel ne mfe dumien mu no mu. Na Ahab babarima ne ɔhene Yoram no. \v 26 Bere a Ahasia dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu abien, na odii ade wɔ Yerusalem afe. Ne na ne Atalia a na ɔyɛ Israelhene Omri nena. \v 27 Ahasia dii amumɔyɛsɛm, dii bɔne a ɔhene Ahab fifo yɛe no anammɔn akyi. Ɔyɛɛ amumɔyɛsɛm wɔ \nd Awurade\nd* ani so, efisɛ wɔbɔɔ ne din bataa aware a ɔkɔwaree Ahabfini no ho. \p \v 28 Ahasia de ne ho kɔbɔɔ Israelhene Yoram ho wɔ ne ko a ɔko tiaa Aramhene Hasael wɔ Ramot-Gilead no. \v 29 Bere a wopiraa ɔhene Yoram wɔ ɔko no mu no, ɔsan baa Yesreel sɛ ɔrebɛsa nʼapirakuru no. Bere a Yoram wɔ hɔ no, Yudahene Ahasia kɔsraa no. \c 9 \s1 Wosi Yehu Israelhene \p \v 1 Na odiyifo Elisa afrɛ adiyifo no mu baako afi adiyifokuw no mu. Ɔka kyerɛɛ no se, “Siesie wo ho, na kɔ Ramot-Gilead. Fa saa toa a ngo wɔ mu yi ka wo ho kɔ. \v 2 Hwehwɛ Yehosafat babarima Yehu a ɔyɛ Nimsi nena no. Frɛ no fi ne nnamfo mu, na fa no kɔ pia mu, \v 3 na hwie ngo no gu ne tirim. Ka kyerɛ no se, ‘Sɛnea \nd Awurade\nd* se ni: Meresra wo ngo, ama woabedi Israel so hene.’ Afei, bue ɔpon no na guan, nsɛe bere!” \p \v 4 Enti odiyifo kumaa no kɔɔ Ramot-Gilead. \v 5 Oduu hɔ no, ohuu Yehu sɛ ɔne asraafo mpanyimfo bi reyɛ nhyiamu. Ɔkae se, “Ɔsahene, mewɔ nkra bi de ma wo.” \p Yehu bisae se, “Yɛn mu hena?” \p Obuae se, “Wo a woyɛ ɔsahene no.” \p \v 6 Enti Yehu gyaw wɔn a aka no hɔ, kɔɔ fie. Na odiyifo kumaa no hwiee ngo no guu Yehu tirim, kae se, “Sɛnea \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, se ni: Mesra wo ngo sɛ di \nd Awurade\nd* nkurɔfo Israelfo so hene. \v 7 Ɛsɛ sɛ wosɛe Ahab, wo wura no, fi. Saa ɔkwan no so na mɛfa atua mʼadiyifo a wokunkum wɔn ne \nd Awurade\nd* asomfo no nyinaa a Isebel kunkum wɔn no so ka. \v 8 Ɛsɛ sɛ wɔpepa Ahabfifo nyinaa fi hɔ—ɔbarima biara, ɔsomfo ne nea ɔde ne ho nyinaa a wɔwɔ Israel. \v 9 Mɛsɛe Ahab fi, sɛnea mesɛee Nebat babarima Yeroboam ne Ahiya babarima Baasa afi no. \v 10 Na akraman bɛwe Isebel nam wɔ Yesreel asase so, na obiara rensie no.” Afei, odiyifo kumaa no buee pon no, tuu mmirika guanee. \p \v 11 Yehu san kɔɔ ne nkurɔfo mpanyimfo no nkyɛn. Wɔn mu baako bisaa no se, “Dɛn na damfo a ne ti asɛe no rehwehwɛ? Biribiara kɔ yiye ana?” Yehu buae se, “Wo ara wunim sɛnea ɔbarima no keka ne nsɛm fa.” \p \v 12 Wɔn nyinaa kae se, “Woboa. Ka nokware.” Enti Yehu kae se, odiyifo no ayi akyerɛ no se \nd Awurade\nd* asra no ngo sɛ ommedi Israel so hene. \p \v 13 Wɔde wɔn ntade sesɛw atrapoe no so ntɛm ara, hyɛn torobɛnto, teɛteɛɛ mu se, “Yehu yɛ ɔhene.” \s1 Yehu Kum Yoram Ne Ahasia \p \v 14 Enti Yehosafat babarima Yehu a ɔyɛ Nimsi nena pam ɔhene Yoram ti so. Afei, na Yoram de ne ho akɔbɔ asraafo wɔ Ramot-Gilead a na wogyina de tia Aramhene Hasael asraafo no. \v 15 Nanso na wɔapira Yoram wɔ ɔko no mu, ama wasan aba Yesreel sɛ ɔrebɛsa ne ho yare. Enti Yehu ka kyerɛɛ mmarima a wɔka ne ho no se, “Esiane sɛ mopɛ sɛ midi hene no nti, obiara nnguan nkɔ Yesreel nkɔka nea yɛayɛ wɔ hɔ no.” \v 16 Na Yehu kɔtenaa teaseɛnam mu, kɔɔ Yesreel kɔhwehwɛɛ ɔhene Yoram a na wapira da hɔ no. Na Yudahene Ahasia nso wɔ hɔ bi. \p \v 17 Ɔwɛmfo a na ɔwɔ Yesreel abantenten so no huu Yehu ne ne nkurɔfo sɛ wɔreba nti, ɔteɛɛ mu guu Yoram so se, “Mihu sɛ asraafo reba. Soma ɔpɔnkɔkafo bi, na ɔnkɔhwɛ sɛ wɔreba no asomdwoe so ana.” Ɔhene Yoram nso teɛɛ mu. \p \v 18 Enti ɔpɔnkɔkafo no kohyiaa Yehu bisaa no se, “Ɔhene pɛ sɛ ohu sɛ moreba no asomdwoe so ana?” \p Yehu buae se, “Wuhia asomdwoe de ayɛ dɛn? Di mʼakyi!” \p Ɔwɛmfo no frɛɛ ɔhene se, “Ɔpɔnkɔkafo no ahyia wɔn, nanso ɔmma.” \p \v 19 Enti ɔhene no somaa ɔpɔnkɔkafo a ɔto so abien. Okoduu wɔn nkyɛn bisae se, “Ɔhene pɛ sɛ ohu sɛ moreba no asomdwoe so ana?” Bio, Yehu bisae se, “Wuhia asomdwoe de ayɛ dɛn Di mʼakyi!” \p \v 20 Ɔwɛmfo no teɛɛ mu se, “Ɔpɔnkɔkafo no ahyia wɔn, nanso ɔno nso mma. Ɛbɛyɛ Nimsi babarima Yehu a ɔka ɔpɔnkɔ mmirikatɛntɛ so no.” \p \v 21 Ɔhene Yoram hyɛe se, “Ntɛm, monyɛ me teaseɛnam no krado mma me.” Na Israelhene Yoram ne Yudahene Ahasia tenatenaa wɔn nteaseɛnam mu kohyiaa Yehu. Wohyiaa no wɔ asase a na ɛyɛ Nabot, Yesreelni dea no so. \v 22 Ɔhene Yoram bisae se, “Wobaa no asomdwoe so ana, Yehu?” \p Yehu buae se, “Mpɛn dodow a wo na Isebel abosom ne ne bayi atwa yɛn ho ahyia yi, ɛbɛyɛ dɛn na maba no asomdwoe so?” \p \v 23 Ɛnna ɔhene Yoram twee ne teaseɛnam pɔnkɔ no hama, de dan ɔpɔnkɔ no ani, guanee a ɔreteɛteɛ mu se, “Ɔmammɔfo Ahasia!” \p \v 24 Na Yehu twee nʼagyan tow wɔɔ Yoram mmati ntam. Agyan no hwirew ne koma mu ma ɔtew hwee wɔ ne teaseɛnam no mu, wui. \v 25 Yehu ka kyerɛɛ ne kunini Bidkar se, “Tow no kyene Nabot, Yesreelni no asase no so. Wokae bere a na yɛtete nteaseɛnam mu, di nʼagya Ahab akyi no? \nd Awurade\nd* kae se, \v 26 ‘Meka ntam, di nsew sɛ, metua no so ka wɔ Nabot agyapade mu ha, sɛnea \nd Awurade\nd* se ni,’ sɛ okum Nabot ne ne mmabarima nnɛra a mihuu no. Enti tow no kyene Nabot asase so ha, sɛnea \nd Awurade\nd* kae no.” \p \v 27 Bere a Yudahene Ahasia huu asɛm a asi no, oguan kɔɔ Bet-Hagan. Yehu taa no teɛteɛɛ mu se, “Munkum ɔno nso bi.” Enti wɔtow Ahasia agyan wɔɔ no wɔ ne teaseɛnam mu wɔ Gur atrapoe a ɛbɛn Yibleam. Otumi kɔe ara koduu Megido, na owui wɔ hɔ. \v 28 Ne mpanyimfo de no too teaseɛnam mu, kɔɔ Yerusalem kosiee no wɔ ne mpanyimfo ho wɔ Dawid kurom. \v 29 Na Ahasia dii ade wɔ Yuda no, na Israelhene Yoram nso adi ade mfe dubaako. \s1 Isebel Wu \p \v 30 Bere a ɔhemmea Isebel tee sɛ Yehu aba Yesreel no, ɔkekaa nʼanintɔn, yɛɛ ne ti fɛfɛɛfɛ, tɛw mfɛnsere mu. \v 31 Bere a Yehu wuraa ahemfi pon no mu no, ɔhemmea no teɛɛ mu guu ne so se, “Owudifo, wobaa no asomdwoe so ana? Wote sɛ Simri a okum ne wura no.” \p \v 32 Yehu pagyaw nʼani huu no wɔ mfɛnsere no mu teɛɛ mu se, “Hena na ɔwɔ mʼafa!” Na piamfo baanu anaa baasa hwɛɛ no. \v 33 Yehu teɛɛ mu se, “Montow no nkyene fam.” Enti wɔtow no fii mfɛnsere no mu, maa ne mogya bi bɔ petee ɔfasu no ne nʼapɔnkɔ ho. Na Yehu maa nʼapɔnkɔ tiatiaa nʼamu no so. \p \v 34 Na Yehu kɔɔ ahemfi hɔ kodidi, nomee. Akyiri no, ɔkae se, “Monkɔ nkosie ɔbea a wɔadome no yi, efisɛ ɔyɛ ɔhene babea.” \v 35 Nanso wɔkɔɔ sɛ wɔrekosie no no, ne ti ne nan ne ne nsa nko ara na wohui. \p \v 36 Bere a wɔbɛbɔɔ Yehu amanneɛ no, ɔkae se, “Eyi ne \nd Awurade\nd* asɛm a ɔnam ne somfo Tisbini Elia so kae se, ‘Asasetam bi a ɛda Yesreel no so na akraman bɛwe Isebel nam no. \v 37 Na nʼamu bɛbɔ apete, te sɛ wura wɔ Yesreel pɔw mu a ne saa nti, obiara ntumi nhu no.’ ” \c 10 \s1 Yehu Kunkum Ahab Fifo \p \v 1 Na Ahab wɔ mmabarima aduɔson a wɔtete Samaria.\f + \fr 10.1 \fr*\ft Na Samaria yɛ Atifi Ahemman no kuropɔn fi Ɔhene Omri bere so (\+xt 1 Ah 16.24\+xt*).\ft*\f* Na Yehu kyerɛw krataa, kyekyɛ maa kurow no mpanyimfo, ntuanofo ne wɔn a wɔhwɛ Ahab mmabarima no so no. Na krataa no ka se, \v 2 “Ɔhene mmabarima no wɔ mo nkyɛn. Ne nteaseɛnam, nʼapɔnkɔ, kurow a wɔabɔ ho ban ne akode nyinaa nso saa ara. Sɛ mo nsa ka saa krataa yi ara pɛ a, \v 3 munyi ɔhene Ahab mmabarima no mu nea ɔfata a ɔwɔ mu no, na munsi no mo so hene, na munsiesie mo ho nko mma Ahab fi.” \p \v 4 Nanso wɔbɔɔ huboa kae se, “Ahemfo baanu\f + \fr 10.4 \fr*\ft Ahemfo baanu a wɔreka wɔn ho asɛm yi yɛ Yoram ne Ahasia (\+xt 9.22-28\+xt*).\ft*\f* mpo antumi annyina, antia saa ɔbarima yi! Na dɛn na yebetumi ayɛ?” \p \v 5 Enti mpanyimfo a wɔhwɛ ahemfi hɔ ne kurow no so ne ntuanofo ahorow no ne wɔn a wɔhwɛ ɔhene mmabarima so no de saa nkra yi kɔmaa Yehu se, “Yɛyɛ wo nkoa, na biribiara a wobɛka sɛ yɛnyɛ no, yɛbɛyɛ. Yɛrensi obiara hene. Nea wususuw sɛ eye biara no, yɛ.” \p \v 6 Yehu kyerɛw krataa a ɛto so abien de buae se, “Sɛ mowɔ mʼafa, na mubetie mʼasɛm de a, ɔkyena sesɛɛ mmere mu, momfa ɔhene no mmabarima ti mmrɛ me wɔ Yesreel.” \p Na Samaria ntuanofo bi na wɔhwɛ ɔhene mmabarima aduɔson no so a wɔatetew wɔn fi wɔn mmofraase pɛɛ. \v 7 Krataa no duu ara pɛ, na ntuanofo no kunkum ɔhene no mmabarima aduɔson no nyinaa. Wɔde wɔn ti no guu nkɛntɛn mu, na wɔde kɔmaa Yehu wɔ Yesreel. \v 8 Ɔbɔfo kɔɔ Yehu nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Wɔde ɔhene mmabarima no ti no aba.” Enti Yehu hyɛe se, “Mommoaboa ano akuw abien wɔ kurow no pon ano, na munnyaw hɔ nkosi adekyee.” \p \v 9 Ade kyee no, ɔkɔkasa kyerɛɛ dɔm a wɔahyia hɔ no se, “Ɛnsɛ sɛ obi bɔ mo sobo. Me na mebɔɔ pɔw, de tiaa me wura, nam so kum no. Na hena na okunkum eyinom? \v 10 Nea ɛwɔ hɔ ne sɛ, ɛsɛ sɛ asɛm a efi \nd Awurade\nd* nkyɛn a wɔka faa Ahab fi ho no ba mu. \nd Awurade\nd* nam ne somfo Elia so daa no adi sɛ eyi bɛba mu.” \v 11 Na Yehu kunkum Ahab abusuafo a wɔtete Yesreel no ne ne mpanyimfo atitiriw ne nnamfonom ne nʼakɔmfo nyinaa. Enti anka Ahab aseni biara. \p \v 12 Na Yehu fii hɔ kɔɔ Samaria. Ɔrekɔ no, ɔkɔdaa Bet-Eked nguanhwɛfo ahɔhodan mu. \v 13 Ohyiaa Yudahene Ahasia abusuafo bi. Obisae se, “Moyɛ hefo?” \p Wobuae se, “Yɛyɛ ɔhene Ahasia abusuafo. Yɛrekɔsra ɔhene Ahab mmabarima ne ɔhemmea no.” \p \v 14 Yehu teɛɛ mu, ka kyerɛɛ ne mmarima se, “Monkyere wɔn anikann.” Na wɔkyekyeree nnipa aduanan abien no nyinaa kunkum wɔn wɔ Bet-Eked abura so. Wannyaw wɔn mu biara. \p \v 15 Bere a Yehu fii hɔ no, ohyiaa Rekab\f + \fr 10.15 \fr*\ft Na Rekabfo no yɛ Rekab asefo a na wɔda so te ase wɔ Yeremia bere so (\+xt Yer 35.6,8\+xt*). Na wɔpɛ sɛ wɔbɛn Awurade yiye. Na wodi atutena. Na wɔyɛ Kenifo a Yetro a na ɔyɛ Mose agya nsiananmu ase fi wɔn mu.\ft*\f* babarima Yehonadab a na ɔrebehyia no. Wokyiakyiaa wɔn ho wiei no, Yehu bisaa no se, “Wowɔ me ho adwene pa, sɛnea mewɔ wo ho adwene pa no ana?” \p Yehonadab buae se, “Yiw.” \p Yehu toaa so se, “Sɛ ɛte saa de a, kyia me.” Yehonadab teɛɛ ne nsa ma Yehu kyiaa no, de no tenaa teaseɛnam no mu. \v 16 Na Yehu kae se, “Afei, wo ne me nkɔ, na hu sɛnea mede me ho ama \nd Awurade\nd* no.” Enti Yehonadab ne no tenaa teaseɛnam no mu kɔe. \p \v 17 Bere a Yehu duu Samaria no, okunkum Ahab fifo a wɔaka wɔ hɔ no nyinaa, sɛnea \nd Awurade\nd* nam Elia so hyɛe no. \s1 Yehu Kum Baal Akɔmfo \p \v 18 Na Yehu frɛɛ nnipa a wɔwɔ kurow no mu no nyinaa nhyiamu, ka kyerɛɛ wɔn se, “Ahab som Baal kakra; Yehu bɛsom no yiye. \v 19 Momfrɛ Baal adiyifo, asomfo ne nʼakɔmfo nyinaa mmra. Monhwɛ sɛ wɔn mu biara bɛba, efisɛ merebɛbɔ Baal afɔre kɛse. Obiara a ɔsom Baal a wamma no, wobekum no.” Na Yehu redaadaa wɔn, sɛnea ɔbɛsɛe wɔn a wɔsom Baal no nyinaa. \p \v 20 Afei, Yehu hyɛe se, “Munhyia, mmɔ gua anibere so, na monsɔre Baal!” Enti wɔyɛɛ saa. \v 21 Ɔsomaa abɔfo kɔɔ Israel mmaa nyinaa, kɔfrɛɛ wɔn a wɔsom Baal no nyinaa. Wɔn nyinaa ba bɛhyɛɛ Baal abosomfi\f + \fr 10.21 \fr*\ft Ahab na osii Baal abosomfi no (\+xt 1 Ah 16.32\+xt*).\ft*\f* hɔ ma tɔ, fi ti kosi ti. \v 22 Na Yehu hyɛɛ nea ɔhwɛ ntadedaka no so no se, “Hwɛ ma obiara a ɔsom Baal no nhyɛ batakari yi baako.” Enti wɔkyekyɛɛ batakari maa wɔn. \p \v 23 Na Yehu ne Rekab babarima Yehonadab kɔɔ Baal abosomfi hɔ. Yehu ka kyerɛɛ Baal asomfo no se, “Monhwɛ sɛ wɔn a wɔyɛ Baal asomfo no nko ara na wɔwɔ ha. Mommma obiara a ɔsom \nd Awurade\nd* no mma mu.” \v 24 Enti na wɔn nyinaa wɔ abosomfi hɔ rekɔbɔ afɔre ne ɔhyew afɔre. Yehu de nʼasraafo aduɔwɔtwe twaa ɔdan no ho hyiae, hyɛɛ wɔn se, “Sɛ moma obi guan a, mo ara mode mo nkwa betwa so.” \p \v 25 Yehu wiee ɔhyew afɔre no bɔ ara pɛ, ɔhyɛɛ nʼawɛmfo ne ne mpanyimfo no se, “Munkokunkum wɔn nyinaa. Mommma ɔbaako koraa nguan!” Enti wɔde wɔn afoa kunkum wɔn nyinaa. Na awɛmfo no ne mpanyimfo no twee wɔn amu no beguu abɔnten. Yehu asraafo no kɔɔ Baal abosomfi no aban mu. \v 26 Wɔtwee Baal adum no a na wɔde som no no, sɛee no. \v 27 Wobubuu Baal adum no, sɛee nʼabosomfi no pasaa, de hɔ yɛɛ ɔmanfo agyananbea. Na ɛda so yɛ agyananbea de besi nnɛ. \p \v 28 Yehu nam saa ɔkwan yi so, de tɔree Baalsom ase korakora wɔ Israelman mu. \v 29 Nanso Yehu ansɛe sika nantwimma a ɛwɔ Bet-El ne Dan no; wantwe ne ho amfi bɔne kɛse a Nebat babarima Yeroboam dii Israelfo anim ma wɔyɛe no ho. \p \v 30 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Yehu se, “Woayɛ ade sɛ wutiee mʼasɛm, nam so sɛee Ahab fifo. Ne saa nti, mɛma wʼasefo adi ahene wɔ Israel, akosi awo ntoatoaso anan so.” \v 31 Nanso Yehu amfa ne koma anni \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn mmara no so. Wantwe ne ho amfi ahonisom a Yeroboam dii Israelfo anim, ma wɔyɛɛ no ho. \s1 Yehu Wu \p \v 32 Saa mmere no, \nd Awurade\nd* fii ase tew Israel asase no kɛse so. Ɔhene Hasael dii ɔman no afaafa bebree so \v 33 wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam wɔ Gilead nyinaa, a Gad, Ruben ne Manase ka ho. Odii asase a efi Aroer kurow a ɛda Arnon Subon ho, de kosi atifi fam wɔ Gilead ne Basan. \p \v 34 Na Yehu ahenni mu nsɛm a esisii, ne dwuma ahorow a odii ne nea otumi yɛe no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? \p \v 35 Bere a Yehu wui no, wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Samaria. Na ne babarima Yehoahas na odii nʼade sɛ ɔhene. \v 36 Nna a Yehu de dii Israel so wɔ Samaria no yɛ mfe aduonu awotwe. \c 11 \s1 Atalia Di Yudahene \p \v 1 Bere a Yudahene Ahasia, ne na Atalia tee sɛ ne babarima no awu no, ɔkɔe sɛ ɔrekɔsɛe adehyebusua a aka no. \v 2 Nanso Ahasia nuabea Yehoseba\f + \fr 11.2 \fr*\ft Ɛsono Yehoseba ne na na ɛsono Atalia nso ne na. Na Yehoseba yɛ Ɔsɔfopanyin Yehoia yere (\+xt 2 Be 22.11\+xt*). Ɛno nti na otumi de Yoas siee Asɔredan mu a na ɛyɛ ɔsɔfo no pia mu no.\ft*\f* a na ɔyɛ ɔhene Yehoram babea no faa Ahasia ba abarimaa ketewa Yoas,\f + \fr 11.2 \fr*\ft Na Yoas nnii afe nti na wontwaa no nufu ɛ (nkyekyɛmu 31; \+xt 12.1\+xt*).\ft*\f* yii no fii ɔhene no mma a anka wɔrebekunkum wɔn no mu. Yehoseba de Yoas ne ne gyigyefo kohintaw pia bi mu, sɛnea Atalia renhu no. Ɛno nti, wɔannya abofra no ankum no. \v 3 Yoas ne nea ogyigye no no hintaw wɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan mu hɔ mfe asia, bere a na Atalia di ɔman no so no. \s1 Atuatew A Etia Atalia \p \v 4 Atalia adedi mfe ason mu no, ɔsɔfo Yehoiada soma ma wɔkɔfaa Karifo\f + \fr 11.4 \fr*\ft Na Karifo yɛ ahɔho asraafo a wɔbɔ wɔn paa a wofi Asia Kumaa mu. Wɔn na wobesii Keritifo anan wɔ Dawid bere so (\+xt 2 Sam 8.18\+xt*).\ft*\f* asraafo apaafo ne awɛmfo baa \nd Awurade\nd* asɔredan mu hɔ. Ɔne wɔn yɛɛ nhyehyɛe, na ɔma wɔkaa ntam sɛ wobedi nokware wɔ \nd Awurade\nd* asɔredan mu hɔ. Afei, ɔde ɔhene babarima Yoas kyerɛɛ wɔn. \p \v 5 Yehoiada ka kyerɛɛ wɔn se, “Nea ɛsɛ sɛ moyɛ ni. Mo mu nkyɛmu abiɛsa mu baako a moyɛ adwuma homeda no bɛwɛn ahemfi no. \v 6 Nkyɛmu abiɛsa mu baako nso, nwɛn wɔ Sur pon no ano. Na nkyɛmu abiɛsa mu baako a aka no nso, bɛwɛn ahemfi no akyi. Saa akuw abiɛsa yi nyinaa bɛwɛn ahemfi no. \v 7 Akuw abien a wɔamma adwuma homeda no nso bɛwɛn \nd Awurade\nd* asɔredan no ama ɔhene no. \v 8 Mobɛyɛ ɔhene ho awɛmfo kuw, a mukurakura mo akode. Onipa biara a wɔmmaa no kwan a ɔbɛbɛn mo no, munkum no. Bere biara, mommɛn ɔhene no.” \p \v 9 Na asahene no dii biribiara a ɔsɔfo Yehoiada hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no so pɛpɛɛpɛ. Asahene no faa asraafo a wɔbaa adwuma homeda no ne wɔn a wɔakɔ adwuma da no no. Wɔde wɔn nyinaa baa ɔsɔfo Yehoiada anim. \v 10 Ɔmaa wɔn mpeaw ne nkatabo a na bere bi ɛyɛ ɔhene Dawid de a na wɔakora wɔ \nd Awurade\nd* asɔredan mu hɔ no. \v 11 Awɛmfo no gyinagyinaa ɔhene no ho hyiae a wokurakura wɔn akode. Wɔsaa so tee fii asɔredan no anafo fam, de kɔfaa atifi fam, ne afɔremuka no ho nyinaa. \p \v 12 Na Yehoiada de ɔhene babarima Yoas no pue hyɛɛ no ahenkyɛw. Ɔmaa Yoas Onyankopɔn apam no nhwɛso no bi, sii no ɔhene. Wɔsraa no, na nnipa no nyinaa bɔɔ wɔn nsam, teɛteɛɛ mu se, “Ɔhene nkwa so!” \s1 Atalia Wu \p \v 13 Atalia tee gyegyeegye no a awɛmfo no ne nnipa no reyɛ no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ \nd Awurade\nd* asɔredan mu hɔ, kɔhwɛɛ nea ɛrekɔ so. \v 14 Ohuu sɛ ɔhene foforo no gyina beae bi a ɛkyerɛ ne tumi wɔ afadum no ho, sɛnea amanne kyerɛ wɔ ahensi mu no. Na mpanyimfo ne torobɛntohyɛnfo atwa ne ho ahyia. Na nnipa a wofi asase no so mmaa nyinaa redi ahurusi rehyɛn torobɛnto. Bere a Atalia huu eyinom nyinaa no, ɔde ahometew sunsuan ne ntade mu teɛteɛɛ mu sɛ, “Amammɔsɛm! Amammɔsɛm!” \p \v 15 Na ɔsɔfo Yehoiada hyɛɛ asafohene a wɔhwɛ asraafo no so no sɛ, “Momfa no mfi asɔredan mu ha, na munkum obiara a ɔpɛ sɛ ogye no. Munnkum no wɔ \nd Awurade\nd* asɔredan mu ha.” \v 16 Enti wɔtwee no de no kɔɔ ɔkwan a apɔnkɔ fa so ba ahemfi hɔ no so, kum no wɔ hɔ. \s1 Yehoiada Gyidisom Mu Nsakrae \p \v 17 Na Yehoiada ne ɔhene no ne ɔmanfo no yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ \nd Awurade\nd* nkurɔfo. Ɔsan yɛɛ apam too ɔhene no ne nnipa no ntam. \v 18 Na nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa kɔɔ Baal abosonnan mu, kobubu guu fam. Wobubuu afɔremuka ne ahoni ahorow no nyinaa asinasin, kum Baal kɔmfo Matan nso wɔ afɔremuka no anim. Ɔsɔfo Yehoiada maa awɛmfo wɛn \nd Awurade\nd* asɔredan no. \v 19 Na asahene, Karifo asraafo apaafo, awɛmfo no ne nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ɔhene no akyi, de no pue fii \nd Awurade\nd* asɔredan no mu. Wɔfaa awɛmfo no pon no ano, kɔɔ ahemfi hɔ, na ɔhene no kɔtenaa ahengua no so. \v 20 Enti nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ahurusi, na asomdwoe baa kuropɔn no mu, efisɛ wɔakum Atalia wɔ ahemfi. \p \v 21 Yoas bedii ade no, na wadi mfirihyia ason. \c 12 \s1 Yoas Siesie Asɔredan No \p \v 1 Ɔhene Yehu adedi wɔ Israel no mfe ason so, na Yoas\f + \fr 12.1 \fr*\ft Ɔno ara na wɔfrɛ no Yehoas wɔ Hebri kasa mu\ft*\f* nso dii ade wɔ Yuda. Odii ade wɔ Yerusalem mfe aduanan. Na ne na Sibia fi Beer-Seba. \v 2 Yoas asetena mu nyinaa, ɔyɛɛ nea ɛsɔ \nd Awurade\nd* ani, efisɛ na ɔsɔfo Yehoiada kyerɛkyerɛ no. \v 3 Nanso wansɛe abosonnan a na nnipa kɔbɔ afɔre, kɔhyew nnuhuam wɔ hɔ no. \p \v 4 Da bi, ɔhene Yoas ka kyerɛɛ asɔfo no se, “Mommoaboa sika a wɔde ba \nd Awurade\nd* asɔredan mu sɛ afɔrebɔde kronkron no, sɛ ɛyɛ daa daa towtua, aboade anaa akyɛde a efi ɔpɛ mu no. \v 5 Momma asɔfo no mfa sika no bi nkotua asɔredan no asiesie ho ka biara.” \v 6 Nanso ɔhene Yoas dii ade mfe aduonu abiɛsa no, na asɔfo no nsiesie Asɔredan no. \v 7 Enti ɔhene Yoas\f + \fr 12.7 \fr*\ft Saa bere no na Yoas adi mfe aduasa.\ft*\f* soma kɔfrɛɛ Yehoiada ne asɔfo a wɔaka no, bisaa wɔn se, “Adɛn nti na munsiesiee asɔredan no? Mommfa akyɛde no nhyɛ mo ho bio. Efi nnɛ rekɔ, ɛsɛ sɛ mode ne nyinaa siesie asɔredan no.” \v 8 Enti asɔfo no penee so sɛ wɔrennyigye sika mfi nnipa no nkyɛn bio. Wɔpenee so nso sɛ, wɔn ankasa rensiesie Asɔredan no. \p \v 9 Na ɔsɔfo Yehoiada tuu tokuru wɔ adaka kɛse bi atifi, de sii afɔremuka no nifa so wɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan no kwan ano. Asɔfo a wɔwɛn ɔkwan no ano no de nnipa no ntoboa nyinaa guu adaka no mu. \v 10 Bere biara a adaka no bɛyɛ ma no, asɔre kyerɛwfo ne ɔsɔfopanyin no kan sika a wɔde aba \nd Awurade\nd* Asɔredan no mu no nyinaa, de gu nkotoku mu. \v 11 Afei, wɔde sika no ma dwumadi sohwɛfo no ma wɔde tua nnipa a wɔyɛ \nd Awurade\nd* Asɔredan no ka—nnua adwumfo, adansifo, \v 12 abohyehyɛfo ne abotwafo. Wɔde sika no bi nso tɔ nnua ne abo a wɔatwa, a wɔde besiesie \nd Awurade\nd* asɔredan no. Na ka biara a ɛba Asɔredan no asiesie ho no, wotua. \p \v 13 Na wɔamfa sika a wɔde bɛba Asɔredan mu hɔ no anyɛ dwetɛ nkuruwa, akanea adabaw, nkankyee akɛse, ntorobɛnto anaa nneɛma a wɔde sikakɔkɔɔ anaa dwetɛ yɛ ma \nd Awurade\nd* Asɔredan no. \v 14 Na wɔde tuaa adwumayɛfo no ka, ma wɔde siesiee asɔredan no. \v 15 Na adwuma no hwɛfo akontaabu biara ho anhia, efisɛ na wɔyɛ adwumayɛfo nokwafo. \v 16 Nanso afɔdi ne bɔneyɛ ho afɔrebɔde no de, na wɔmfa nkɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan mu hɔ. Na wɔde ma asɔfo no sɛ wɔn kyɛfa. \s1 Yoas Ahenni Awiei \p \v 17 Saa bere no ntam ara na Aramhene Hasael kɔko tiaa Gat, na ɔfaa ɔman no. Afei, ɔdan ne ho kɔtow hyɛɛ Yerusalem so. \v 18 Ɔhene Yoas boaboaa akronkronne a Yehosafat, Yehoram ne Ahasia a na wɔyɛ Yuda ahemfo a wɔatwa mu no ato din ama \nd Awurade\nd* ne nea ɔno ankasa nso ato din ama \nd Awurade\nd* no nyinaa ano. Ɔde ne nyinaa a sikakɔkɔɔ a ɛwɔ akorae a ɛwɔ Awurade asɔredan mu hɔ ne ahemfi no kaa ho no kɔmaa Aramhene Hasael. Enti ɛmaa Hasael twee ɔsa a anka ɔretu wɔ Yerusalem so no sanee. \p \v 19 Nsɛm a esisii wɔ Yoas ahenni mu ne nea ɔyɛe no nyinaa, wɔankyerɛw wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? \v 20 Nanso ne mpanyimfo pam ne ti so, kum no wɔ Bet-Milo kwan a ɛkɔ Sila no so. \v 21 Awudifo no yɛ Simeat babarima Yosabad ne Somer babarima Yehosabad a na wɔn nyinaa yɛ afotufo nokwafo. Wosiee Yoas wɔ nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Amasia na odii nʼade sɛ ɔhene foforo. \c 13 \s1 Yehoahas Di Israelhene \p \v 1 Bere a Yehu babarima Yehoahas fii ase dii hene wɔ Israel no, na ɔhene Yoas nso adi ade mfe aduonu abiɛsa wɔ Yuda. Odii ade mfe dunson wɔ Samaria. \v 2 Nanso ɔyɛɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd* ani so. Odii Nebat babarima Yeroboam nhwɛso akyi, toaa ahonisom a odii Israelfo no anim yɛe no so. \v 3 Enti \nd Awurade\nd* bo fuw Israelfo, na ɔmaa ɔhene Hasael a ofi Aram ne ne babarima Ben-Hadad kwan ma wodii wɔn so mfe bebree. \p \v 4 Na Yehoahas bɔɔ \nd Awurade\nd* mpae, srɛɛ ne mmoa. \nd Awurade\nd* tiee ne mpaebɔ. Na \nd Awurade\nd* huu nhyɛsotraso a Aramhene de maa Israelfo no. \v 5 \nd Awurade\nd* yii ogyefo bi ma obegyee Israelfo no fii Aramfo nhyɛsotraso no ase. Na Israelfo no tenaa ase ahotɔ mu bio, sɛnea na wɔte kan no. \v 6 Nanso wɔkɔɔ so yɛɛ bɔne, wodii Yeroboam nhwɛsobɔne no akyi. Na mpo, wosii Asera dua wɔ Samaria. \p \v 7 Na Yehoahas asraafo no so atew abɛyɛ apɔnkɔsotefo aduonum, nteaseɛnam du ne anammɔnmufo asraafo mpem du. Na Aramhene akunkum nkae no ayɛ wɔn sɛ awiporowbere mfutuma wɔ ne nan ase. \p \v 8 Yehoahas ahenni mu nneɛma a esisii, dwuma a odii ne nea ne tumidi kɔpem nyinaa, wɔankyerɛw wɔ Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? \v 9 Bere a Yehoahas wui no, wosiee no wɔ Samaria wɔ ne mpanyimfo nkyɛn. Na ne babarima Yehoas\f + \fr 13.9 \fr*\ft Oyi dii ade wɔ Israel na ne din wɔ Hebri kasa mu ne Yoas\ft*\f* dii nʼade sɛ ɔhene. \s1 Yehoas Di Israelhene \p \v 10 Yehoahas babarima Yehoas fii ase dii Israel so wɔ bere a na ɔhene Yoas adi ade wɔ Yuda ne mfe aduasa ason so. Odii ade wɔ Samaria mfe dunsia. \v 11 Na ɔyɛɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd* ani so. Wantwe ne ho amfi abosonsom a Nebat babarima Yeroboam dii Israel anim ma wɔyɛɛ no ho. \v 12 Yehoas dwuma a odii no nkae wɔ nʼahenni mu ne ne mmaninyɛ nyinaa ne ne tumi a na ɔwɔ no ne ɔko a ɔne Yudahene Amasia koe no, wɔankyerɛw wɔ Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? \v 13 Bere a Yehoas wui no, wosiee no wɔ Samaria wɔ ne mpanyimfo nkyɛn. Na ne babarima Yeroboam a ɔto so abien dii nʼade sɛ ɔhene. \s1 Elisa Nkɔmhyɛ A Etwa To \p \v 14 Bere a owuyare bɔɔ Elisa no, Israelhene Yehoas kɔsraa no, na osuu no se, “Mʼagya! Mʼagya! Israel nteaseɛnam ne nteaseɛnamkafo!” \p \v 15 Elisa ka kyerɛɛ no se, “Hwehwɛ tadua ne bɛmma.” Na ɔhene no yɛɛ nea ɔkae no. \v 16 Na Elisa ka kyerɛɛ Israelhene no se ɔmfa ne nsa nto tadua no so. Na Elisa de ɔno ankasa ne nsa too ɔhene no nsa so. \p \v 17 Afei, ɔhyɛe se, “Bue mfɛnsere a ɛkyerɛ apuei fam no.” Na obuei. Na ɔkae se, “Tow!” Na ɔtowee. \p Na Elisa kae se, “Eyi ne \nd Awurade\nd* agyan a ɛyɛ Aram so nkonimdi, efisɛ wubedi Aramfo so pasaa wɔ Afek. \v 18 Afei, tase bɛmma a aka no na totow wowɔ fam.” Enti ɔhene no tasee, na ɔtotow wowɔɔ fam mprɛnsa. \v 19 Nanso Onyankopɔn nipa no bo fuw no, kae se, “Anka ɛsɛ sɛ wototow sisi fam mpɛn anum anaa asia. Ɛno ansa a na anka wubedi Aram so, kosi sɛ wobɛtɔre wɔn ase. Enti wubedi nkonim mprɛnsa.” \p \v 20 Elisa wui, na wosiee no. Na Moabfo afowfo kɔfom asase no so nneɛma afe biara. \v 21 Bere bi a Israelfo resie obi no, wohuu afowfo bi. Ɛno nti, wɔyɛɛ no ntɛm tow amu no kyenee Elisa ɔboda mu. Amu no kɔkaa Elisa nnompe ara pɛ na owufo no nyanee, huruw gyinaa ne nʼanan so! \p \v 22 Na Aramhene Hasael hyɛɛ Israelfo so bere a Ɔhene Yehoahas dii ade no nyinaa. \v 23 Nanso \nd Awurade\nd* huu Israelfo mmɔbɔ nti, wɔn ase antɔre. Esiane apam a na ɔne Abraham, Isak ne Yakob ayɛ no nti, ohuu wɔn mmɔbɔ. Na ebesi nnɛ, ɔmpɛɛ sɛ ɔbɛtɔre wɔn ase, anaa ɔbɛpam wɔn afi nʼanim. \p \v 24 Afei, Aramhene Hasael wui, na ne babarima Ben-Hadad bedii nʼade sɛ ɔhene. \v 25 Na Yehoahas babarima Yehoas san kogyee nkurow a Hasael gyigye fii nʼagya Yehoahas nsam no. Yehoas dii Ben-Hadad so nkonim mprɛnsa, nam so gyigyee Israel nkurow no. \c 14 \s1 Amasia Di Hene Wɔ Yuda \p \v 1 Bere a Yoas babarima Amasia fii ase dii ade wɔ Yuda no, na ɔhene Yehoas adi ade wɔ Israel mfe abien. \v 2 Amasia dii ade no, na wadi mfe aduonu anum, na odii ade wɔ Yerusalem mfe aduonu akron. Na wɔfrɛ ne na se Yehoadin a ofi Yerusalem. \v 3 Ɔyɛɛ nea ɛteɛ wɔ \nd Awurade\nd* ani so, nanso anto nea nʼagya Dawid yɛe. Ɔhwɛɛ nʼagya Yoas nhwɛso so. \v 4 Nanso, wansɛe abosonnan a na nnipa kɔbɔ afɔre, kɔhyew nnuhuam wɔ hɔ no. \p \v 5 Bere a Amasia tim wɔ nʼahenni mu yiye no, okunkum mmarima a wokum nʼagya a na ɔyɛ ɔhene no. \v 6 Nanso wɔn a wokunkum wɔn no mma de, wankum wɔn, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mose Mmara Nhoma no mu no, ne sɛnea \nd Awurade\nd* ahyɛ no sɛ: Wonnkunkum agyanom, wɔn mma bɔne nti; na wonnkunkum mma, agyanom bɔne nti. Ɛsɛ sɛ wɔn mu biara wu wɔ ne bɔne ho. \p \v 7 Amasia na okunkum Edomfo mpem du wɔ Nkyene Bon no mu no. Ɔno ara nso na odii Sela\f + \fr 14.7 \fr*\ft Sela Griik din ne Petra—Idumea kuropɔn.\ft*\f* so nkonim, na ɔtoo hɔ din Yokteel, din a wɔde frɛ hɔ de besi nnɛ no. \p \v 8 Da bi, Amasia ka sii Israelhene a ɔyɛ Yehoahas babarima ne Yehu nena anim se, “Behyia me ma yɛnko.” \p \v 9 Na Israelhene Yoas buaa Yudahene Amasia se, “Nsɔe a ɛwɔ Lebanon mmepɔw so somaa abɔfo kɔɔ dutan sida nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, ‘Fa wo babea ma me babarima aware.’ Ɛhɔ ara na aboa bi fi wuram betiatiaa nsɔe no so sɛee no. \v 10 Nokware, woadi Edom so nkonim, ama woayɛ ahantan. Ma wʼani nsɔ wo nkonimdi no, na tena wo fi. Adɛn nti na wopere wo ho kɔ ɔhaw a ɛde amanehunu bɛba wo ne Yudafo nyinaa so yi?” \p \v 11 Na Amasia antie nti, Israelhene Yoas boaboaa nʼakofo ano ne no kɔkoe. Asraafo dɔm abien no hyiaa mu koe wɔ Bet-Semes a ɛwɔ Yuda. \v 12 Israel asraafo dii Yuda so nkonim, maa Yuda asraafo no bɔ hwetee, guan kɔɔ wɔn kurom. \v 13 Israelhene Yoas kyeree Yudahene, Yoas babarima Ahasia babarima Amasia wɔ Bet-Semes. Na Yoas bɔɔ nsra kɔɔ Yerusalem. Afei ɔhyɛɛ nʼakofo no ma wodwiriw Yerusalem fasu no, fi Efraim Pon no de kosii Twɔtwɔw so Pon no, a ne tenten bɛyɛ sɛ anammɔn ahansia no. \v 14 Ɔfaa sikakɔkɔɔ, dwetɛ ne nnwinne nyinaa fii \nd Awurade\nd* asɔredan mu ne ahemfi adekoradan mu hɔ. Ɔfaa nnipa no nnommum, na ɔsan kɔɔ Samaria. \p \v 15 Yoas ahenni mu nsɛm nkae ne nea ne tumi kosii ne ako a ɔne Yudahene Amasia dii no nyinaa, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? \v 16 Bere a Yoas wui no, wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Samaria. Na ne babarima Yeroboam a ɔto so abien na odii nʼade sɛ ɔhene. \p \v 17 Israelhene Yoas, Yehoahas babarima wu akyi no, Yudahene Amasia tenaa ase mfe dunum. \v 18 Amasia ahenni mu nsɛm nkae no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? \v 19 Wɔpam Amasia ti so wɔ Yerusalem nti, oguan kɔɔ Lakis. Nanso, nʼatamfo no somaa awudifo, ma wotiw no, kokum no wɔ hɔ. \v 20 Wɔsan de no too ɔpɔnkɔ so, baa Yerusalem, na wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Dawid kurom. \p \v 21 Yudafo sii Amasia babarima Asaria a na wadi mfe dunsia no hene. \v 22 Nʼagya wu akyi no, Asaria san kyekyeree Elat kurow, dan maa Yuda. \s1 Yeroboam A Ɔto So Abien Di Israelhene \p \v 23 Yudahene Yoas babarima Amasia adedi mfe dunum mu no, Israelhene Yoas babarima Yeroboam a ɔto so abien bedii hene wɔ Israel. Odii ade wɔ Samaria mfirihyia aduanan baako. \v 24 Ɔyɛɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd* ani so. Na wantwe ne ho amfi abosonsom a Nebat babarima Yeroboam maa Israelfo kɔɔ mu no ho. \v 25 Yeroboam a ɔto so abien gyigyee Israel nsase a ɛda Lebo Hamat ne Nkyene Po no ntam no sɛnea \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn nam Amitai babarima Yona, odiyifo a ofi Gat-Hefer so, hyɛɛ ho bɔ no. \p \v 26 \nd Awurade\nd* huu sɛnea obiara a ɔwɔ Israel no reteetee, na wonni obiara a ɔbɛboa wɔn nso. \v 27 Esiane sɛ \nd Awurade\nd* nkaa se ɔbɛpepa Israel din koraa no nti, ɔnam Yoas babarima Yeroboam nso so gyee wɔn nkwa. \p \v 28 Yeroboam a ɔto so abien ahenni mu nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa, nea ne tumi ano kosii, nʼakodi ne nsase a ogyigye maa Israel a Damasko ne Hamat a na ɛwɔ Yuda nsam no nyinaa ka ho no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? \v 29 Bere a Yeroboam wui no, wosiee no ne mpanyimfo a na wɔyɛ Israel ahemfo no nkyɛn. Na ne babarima Sakaria na odii nʼade sɛ ɔhene. \c 15 \s1 Usia Di Yudahene \p \v 1 Bere a Yeroboam a ɔto so abien di ade wɔ Israel no, ne mfe aduonu ason so na Amasia babarima Asaria fii ase dii ade wɔ Yuda. \v 2 Obedii hene no, na wadi mfe dunsia. Na odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia aduonum abien. Na ne na din de Yekolia a ofi Yerusalem. \v 3 Na ɔteɛ wɔ \nd Awurade\nd* ani so, sɛnea nʼagya Amasia teɛ no. \v 4 Wansɛe abosonnan a na nnipa kɔbɔ afɔre, kɔhyew nnuhuam wɔ hɔ no. \p \v 5 \nd Awurade\nd* maa kwata yɛɛ ɔhene no, kosii da a owui.\f + \fr 15.5 \fr*\ft Sɛnea \+xt 2 Be 26.16-21\+xt* kyerɛ no, Onyankopɔn maa kwata yɛɛ ɔhene no, efisɛ na wagye ɔsɔfo no adwuma (hwɛ \+xt 3 Mose 13.46\+xt*).\ft*\f* Ne saa nti, na ɔno nko te ofi bi mu. Yotam\f + \fr 15.5 \fr*\ft Yotam dii ade Asaria nkwanna a aka no mu.\ft*\f* a na ɔyɛ ɔhene no babarima na ɔhwɛɛ ahemfi no so, na odii nnipa a wɔwɔ asase no so no so. \p \v 6 Na Asaria adedi ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? \v 7 Asaria wui no, wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Dawid kurow mu. Na ne babarima Yotam na odii nʼade sɛ ɔhene. \s1 Sakaria Di Israelhene \p \v 8 Yudahene Asaria dii ade no, ne mfe aduasa awotwe mu no na Yeroboam a ɔto so abien babarima Sakaria nso dii ade Israel wɔ Samaria. Odii ade asram asia. \v 9 Ɔyɛɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd* ani so, sɛnea nʼagyanom yɛe no. Wamfi ahonisom a Nebat babarima Yeroboam maa Israelfo som no ho. \p \v 10 Na Yabes babarima Salum bɔɔ pɔw de tiaa Sakaria, kum no wɔ bagua mu, dii akongua no. \v 11 Sakaria dwuma a odii nkae no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? \v 12 Enti, \nd Awurade\nd* asɛm a ɔka kyerɛɛ, Yehu se, “Wʼasefo na wɔbɛyɛ Israel ahemfo akosi awo ntoatoaso a ɛto so anan” mu no, baa mu. \s1 Salum Di Israelhene \p \v 13 Yabes babarima Salum bedii Israel so hene no, na ɛyɛ Yudahene Usia adedi mfe aduasa akron mu. Salum dii ade wɔ Samaria ɔsram baako pɛ. \v 14 Afei, Gadi babarima Menahem fii Tirsa kɔɔ Samaria. Ɔkɔtow hyɛɛ Yabes babarima Salum so kum no, na ɔtenaa akongua no so. \p \v 15 Salum ahenni ho nsɛm nkae ne pɔw a ɔbɔe no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu? \s1 Menahem Di Israelhene \p \v 16 Saa bere no mu, Menahem fii Tirsa kɔtoaa Tifsa ne obiara a ɔwɔ hɔ ne ne nkurow nyinaa, efisɛ ɛhɔfo no ampene so sɛ wɔde kurow no bɛma. Okunkum kurow no mu nnipa nyinaa, paapae emu apemfo nyinaa yafunu mu. \p \v 17 Gadi babarima Menahem fii ase dii Israelhene bere a na Usia adi ade wɔ Yuda ne mfe aduasa akron so. Odii hene wɔ Samaria mfirihyia du. \v 18 Nanso Menahem yɛɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd* ani so. Nʼahenni mu nyinaa, wannyae bɔne a ɛyɛ ahonisom no a na Nebat babarima Yeroboam adi Israelfo anim de wɔn asom no. \p \v 19 Afei, Asiriahene Pul\f + \fr 15.19 \fr*\ft Pul yɛ Babilonia din a wɔde too Asiriahene Tiglat-Pileser III a odii ade 745–727 ansa na wɔrewo Kristo no (AWK) (hwɛ \+xt 1 Be 5.26\+xt*).\ft*\f* bedii asase no so. Na Menahem tuaa dwetɛ nkaribo tɔn aduasa ason maa no sɛnea ɔbɛtaa nʼakyi ama nʼahenni no atim. \v 20 Menahem nam apoobɔ so gyigyee Israel asikafo no mu biara nkyɛn dwetɛ a ɛkari gram ahannum aduoson (570) de maa Asiriahene. Ɛno nti, Asiriahene ankɔtow anhyɛ Israel so, na wantena asase no so nso. \p \v 21 Na Menahem adedi ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? \v 22 Bere a Menahem wui no, ne babarima Pekahia na odii nʼade sɛ ɔhene. \s1 Pekahia Di Israelhene \p \v 23 Menahem babarima Pekahia fii ase dii Israelhene wɔ Yudahene Usia ahenni ne mfe aduonum so. Odii hene wɔ Samaria mfe abien. \v 24 Nanso Pekahia yɛɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd* ani so. Wantwe ne ho amfi ahonisom a Nebat babarima Yeroboam dii Israelfo anim ma wɔsom no ho. \v 25 Na Remalia babarima Peka a na ɔyɛ Pekahia asraafo so sahene no bɔɔ pɔw tiaa no. Ɔfaa mmarima aduonum fii Gilead, kaa ne ho, kokum ɔhene no ne Argob ne Arie wɔ Samaria ahemfi abangua mu. Peka na afei obedii hene wɔ Israel. \p \v 26 Pekahia ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? \s1 Peka Di Israelhene \p \v 27 Remalia babarima Peka bedii hene wɔ Israel wɔ bere a na Usia adi hene wɔ Yuda mfe aduonum abien. Odii ade wɔ Samaria mfirihyia aduonu. \v 28 Nanso Peka yɛɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd* ani so. Wantwe ne ho amfi ahonisom a Nebat babarima Yeroboam dii Israel anim ma wɔsom no ho. \p \v 29 Peka ahenni so no, Asiriahene Tiglat-Pileser kɔtoaa Israelfo bio, faa nkurow Iyon ne Abel-Bet-Maaka ne Yanoa ne Kedes ne Hasor ne Gilead ne Galilea ne Naftali nsase nyinaa. Na ɔfaa nnipa no nnommum kɔɔ Asiria. \v 30 Na Ela babarima Hosea bɔɔ pɔw, tiaa Peka na okum no. Ofii ase dii Israel so hene bere a na Usia babarima Yotam nso adi ade mfe aduonu wɔ Yuda. \v 31 Peka adedi mu nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? \s1 Yotam Yudahene \p \v 32 Usia babarima Yotam dii hene wɔ Yuda bere a na ɔhene Peka adi ade wɔ Israel mfirihyia abien. \v 33 Odii ade no, na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii Yerusalem so hene mfe dunsia. Na ne na a ɔyɛ Sadok babea no din de Yerusa. \v 34 Yotam yɛɛ nea ɛsɔ \nd Awurade\nd* ani, sɛnea nʼagya Usia yɛe no ara pɛ. \v 35 Nanso wansɛe abosonnan a na nnipa kɔbɔ afɔre, kɔhyew nnuhuam wɔ hɔ no. Ɔno ne obi a ɔsan sii \nd Awurade\nd* Asɔredan no atifi pon. \p \v 36 Yotam ahenni ho nsɛm nkae ne nea ɔyɛe nyinaa, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? \v 37 Saa mmere no mu, \nd Awurade\nd* fii ase somaa Aramhene Resin ne Israelhene Peka, sɛ wɔnkɔtow nhyɛ Yuda so. \v 38 Bere a Yotam wui no, wosiee no wɔ ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Dawid kurow mu. Na ne babarima Ahas bedii nʼade sɛ ɔhene. \c 16 \s1 Ahas Di Yudahene \p \v 1 Bere a ɔhene Peka adi hene wɔ Israel mfe dunson no, na Yotam babarima Ahas\f + \fr 16.1 \fr*\ft Ahas ne nʼagya Yotam dii hene afe 734 ansa na wɔrewo Kristo (AWK) mu.\ft*\f* nso bedii ade wɔ Yuda. \v 2 Ahas dii hene no, na wadi mfirihyia aduonu. Na odii Yerusalem nso so hene mfirihyia dunsia. Wanyɛ nea ɛsɔ \nd Awurade\nd*, ne Nyankopɔn ani, sɛnea ne panyin Dawid yɛe no. \v 3 Mmom, ɔhwɛɛ Israel ahemfo nhwɛso so, na mpo ɔde ɔno ankasa ne babarima bɔɔ afɔre wɔ ogya mu. Osuasuaa abosonsom aman no nneyɛe a ɛyɛ akyiwade ma \nd Awurade\nd* a ɛno nti ɔpam wɔn fii Israelfo anim no. \v 4 Ɔbɔɔ afɔre, hyew nnuhuam wɔ abosomfi, mmepɔw so ne dua frɔmfrɔm biara ase. \p \v 5 Afei, Aramhene Resin ne Israelhene Peka tuu sa wɔ Ahas so. Wɔkɔtoaa Yerusalem, nanso wɔanni so nkonim. \v 6 Saa bere no, Edomhene gyee Elat kurow maa Edom. Ɔpam Yudafo, na ɔmaa Edomfo no kɔtenaa hɔ, sɛnea ɛte nnɛ yi. \p \v 7 Ɔhene Ahas somaa abɔfo kɔɔ Asiriahene Tiglat-Pileser nkyɛn, de nkra kɔmaa no se, “Meyɛ wo somfo ne wo ba. Bra na begye me fi Aram ne Israel asraafo a wɔaka me ahyɛ no nsam.” \v 8 Na Ahas faa dwetɛ ne sikakɔkɔɔ fii \nd Awurade\nd* Asɔredan mu hɔ, faa ahemfi hɔ sika de kyɛɛ Asiriahene no. \v 9 Enti Asiriafo no kɔtoaa Aramfo no wɔ wɔn kuropɔn Damasko mu, kyekyeree ɛhɔfo no nnommum, de wɔn kɔ kɔtenaa Kir. Wokum ɔhene Resin. \p \v 10 Ɔhene Ahas kɔɔ Damasko, kohyiaa Asiriahene Tiglat-Pileser. Bere a ɔwɔ hɔ no, ohuu afɔremuka sononko bi. Enti ɔde saa afɔremuka no sɛso ho mfoni, kɔmaa ɔsɔfo Uria. \v 11 Uria nam ɔhene no asɛm so yɛɛ saa afɔremuka no bi pɛpɛɛpɛ, na bere a ofi Damasko bae no, na wɔayɛ awie. \v 12 Ɔhene no fi Damasko bae no, ɔhwɛɛ afɔremuka no ho hyiae, bɔɔ so afɔre. \v 13 Ɔhene no bɔɔ ɔhyew afɔre ne atoko afɔre, hwiee nsa afɔre guu so, na ɔpetee asomdwoe afɔre ho mogya guu so. \v 14 Na ɔhene Ahas yii kɔbere mfrafrae afɔremuka a na esi ɔkwan no ano ne afɔremuka foforo yi ntam no fii \nd Awurade\nd* Asɔredan no anim, de kosii afɔremuka foforo no atifi fam. \p \v 15 Ɔka kyerɛɛ ɔsɔfo Uria se, “Bɔ anɔpa afɔre nyinaa a ɛyɛ ɔhyew afɔre no, anwummere atoko afɔre no, ɔhene ɔhyew afɔre ne atoko afɔre ne nnipa no nyinaa afɔre a wɔn nsa afɔre ka ho wɔ so. Mogya a efi ɔhyew afɔre no nyinaa mu no, wɔmfa mpete afɔremuka foforo no so. Me nko ara na mede kɔbere mfrafrae afɔremuka dedaw no bedi dwuma.” \v 16 Na ɔsɔfo Uria yɛɛ nea ɔhene Ahas ka kyerɛɛ no se ɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ. \p \v 17 Na afei, ɔhene no tutuu afasu no nkataanim nnua ne nsuhina nso fi nsu teaseɛnam no so. Afei oyii Po no fii kɔbere mfrafrae anantwi no akyi de sii abo nsɛmee no so. \v 18 Na nidi a ɔde ma Asiriahene no nti, oyii kyinii bi a na wɔayɛ wɔ ahemfi no mu a na wɔde di dwuma homeda no ne ɔhene no abɔntenkwan a ɛkɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan mu no fii hɔ. \p \v 19 Ahas ahenni ho nsɛm nkae no ne dwuma ahorow a odii no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? \v 20 Bere a Ahas wui no, wosiee no ne mpanyimfo nkyɛn wɔ Dawid kurow mu. Na ne babarima Hesekia bedii nʼade sɛ ɔhene. \c 17 \s1 Hosea Di Israelhene \p \v 1 Ela babarima Hosea fii ase dii hene wɔ Israel no, na ɔhene Ahas nso adi hene wɔ Yuda mfirihyia dumien. Odii hene wɔ Samaria mfe akron. \v 2 Ɔyɛɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd* ani so, nanso na ne bɔne no nnɔɔso sɛ Israel ahemfo a wodii ade ansa na ɔrebedi ade no. \p \v 3 Asiriahene Salmaneser kɔɔ ɔhene Hosea so, kodii ne so nkonim nti, ɔhyɛɛ Israel ma wotuaa sonkahiri a emu yɛ duru maa Asiria. \v 4 Afei, ɔhene Hosea bisaa mmoa fii Misraimhene a wɔfrɛ no So nkyɛn sɛ ɔmmoa no na ɔntew ne ho mfi Asiriahene tumi ase. Ɔbɔɔ pɔw tiaa Asiriahene. Bere a Asiriahene huu pɔw bɔne a wabɔ no, ɔkyeree no de no too afiase wɔ nʼatuatew ho. \p \v 5 Na Asiriahene ko faa asasetam no nyinaa, na otuaa Samaria ano mfe abiɛsa. \v 6 Akyiri no, ɔhene Hosea ahenni mfe akron mu no, Samaria hwee ase, ma wotwaa Israelfo asu kɔɔ Asiria. Wɔbɔɔ wɔn atenase wɔ Halah nkurow wɔ asu Habor a ɛwɔ Gosan a ɛfra Media nkuropɔn no mu no so. \s1 Asiria Di Samaria So \p \v 7 Saa amanehunu yi baa Israelman so, efisɛ nnipa no som anyame afoforo, yɛɛ bɔne tia \nd Awurade\nd*, wɔn Nyankopɔn a oyii wɔn fii wɔn nkoasom mu wɔ Misraim no. \v 8 Wosuasuaa abosonsom aman nneyɛe a enti \nd Awurade\nd* pam wɔn fii asase a ɛda wɔn anim no so, ne ɔsom a Israel ahemfo de aba no. \v 9 Na Israelfo no nso nam sum ase, ayɛ nneɛma pii a na ɛnsɔ \nd Awurade\nd* wɔn Nyankopɔn ani. Wosisii abosonnan maa wɔn ho wɔ wɔn nkurow nyinaa so, efi wɔn nkurow akɛse a wɔatwa afasu afa ho, kosi nkuraa. \v 10 Wosisii afadum kronkron ne Asera nnua wɔ koko biara so ne dua biara a ɛyɛ frɔmfrɔm ase. \v 11 Wɔhyew nnuhuam wɔ nsɔre so hɔ, te sɛnea aman a \nd Awurade\nd* apam wɔn afi asase a ɛda wɔn anim no so no yɛe pɛ. Enti Israelfo yɛɛ bɔne bebree hyɛɛ \nd Awurade\nd* abufuw. \v 12 Yiw, \nd Awurade\nd* kɔkɔbɔ pɔtee ne ne ntimu no nyinaa akyi no, wɔsom ahoni. \v 13 \nd Awurade\nd* somaa nʼadiyifo ne adehufo ntoatoaso ma wɔkɔbɔɔ Israel ne Yuda kɔkɔ se, “Monnan mfi mo akwammɔne nyinaa ho. Monyɛ osetie mma mʼahyɛde ne me mmara, nea mehyɛɛ mo agyanom sɛ wonni so no nyinaa, nea menam mʼasomfo adiyifo no so de maa mo no.” \p \v 14 Nanso Israelfo no antie. Na wɔyɛɛ asoɔden sɛ wɔn agyanom, na wɔannye \nd Awurade\nd*, wɔn Nyankopɔn, anni. \v 15 Wɔpoo ne mmara ne nʼapam a ɔne wɔn agyanom yɛe no. Na wɔamfa ne kɔkɔbɔ no anyɛ hwee. Wɔsom abosomhuhuw, maa wɔdan nnipa teta. Wɔhwɛɛ aman a atwa wɔn ho ahyia no nhwɛso so, nam so yɛɛ asoɔden maa \nd Awurade\nd* mmara nsɛm a ɔhyɛɛ sɛ wonnsuasua wɔn no. \p \v 16 Wɔantie \nd Awurade\nd*, wɔn Nyankopɔn mmara nsɛm no nyinaa na wɔyɛɛ nantwimma abien ahoni a wɔagu. Wosii Asera dua, som Baal ne wim atumfo nyinaa. \v 17 Na mpo, wɔde wɔn ankasa mmabarima ne wɔn mmabea bɔɔ afɔre wɔ ogya mu. Wɔkɔɔ abisa, wɔyɛɛ abayisɛm, nam so tɔn wɔn ho maa bɔne, de hyɛɛ \nd Awurade\nd* abufuw. \p \v 18 Na esiane sɛ \nd Awurade\nd* bo fuw nti, ɔpepaa wɔn fii nʼanim. Yuda abusuakuw\f + \fr 17.18 \fr*\ft Anafo Ahemman no nso yɛ Simeon ne Benyamin asefo nanso Yuda nko ara ne abusuakuw a na wodi no nokware (hwɛ \+xt 1 Ah 11.31-32\+xt*).\ft*\f* nko ara na ɛkaa wɔn wɔ asase no so. \v 19 Na mpo, nnipa a wɔwɔ Yuda anni \nd Awurade\nd*, wɔn Nyankopɔn, ahyɛde so. Wɔfaa ɔkwan bɔne a Israel faa so no so. \v 20 Ɛno nti, \nd Awurade\nd* poo Israel asefo nyinaa. Ɔde wɔn maa wɔn atamfo, nam so twee wɔn aso, kosii sɛ wɔsɛee wɔn. \p \v 21 Na bere a \nd Awurade\nd* tew Israel fii Dawid ahemman ho no, wɔfaa Nebat babarima Yeroboam, de no dii wɔn so hene. Na Yeroboam maa Israelfo gyaee \nd Awurade\nd* akyidi, ma wɔyɛɛ bɔne kɛse. \v 22 Na Israelfo no kɔɔ so nantew Yeroboam akwammɔne no so. Wɔannyae ahonisom ho bɔneyɛ no, \v 23 kosii sɛ ne korakora no, \nd Awurade\nd* pepaa wɔn fii hɔ, sɛnea nʼadiyifo hyɛɛ ho nkɔm sɛ ɛbɛba no. Enti wotwaa Israel asu kɔɔ Asiria asase so baabi a wɔte besi nnɛ yi. \s1 Amamfrafo Kɔtena Israel \p \v 24 Na Asiriahene twee nnipa akuwakuw fii Babilonia, Kuta ne Awa, Hamat ne Sefarwaim, de wɔn beduaa Samaria nkurow so, ma wosii Israelfo anan mu. Enti Asiriafo no faa Samaria ne Israel nkurow a ɛkeka ho no. \v 25 Nanso esiane sɛ saa ahɔho atutenafo yi ansom \nd Awurade\nd* bere a woduu hɔ ara pɛ no nti, \nd Awurade\nd* maa gyata kɔɔ wɔn mu, kokunkum wɔn mu bi. \v 26 Enti wɔde nkra kɔmaa Asiriahene se, “Nnipa a woabɔ wɔn atenase wɔ Israel nkurow so no nnim sɛnea wɔsom asase no so Nyankopɔn. Wasoma gyata akɔ wɔn mu akɔsɛe wɔn, efisɛ wɔansom no anisɔ mu.” \p \v 27 Na Asiriahene nso hyɛe se, “Soma asɔfo a wɔatwa wɔn asu no mu baako fi Samaria, na ɔnsan nkɔ Israel. Ma ɔnkyerɛ ahɔho no kwan a wɔfa so som asase no so Nyankopɔn.” \v 28 Enti asɔfo a wɔatwa wɔn asu afi Samaria no mu baako san kɔɔ Bet-El, kɔkyerɛɛ ahɔho no ɔkwan a wɔfa so som \nd Awurade\nd*. \p \v 29 Nanso saa ahɔho akuwakuw ahorow yi kɔɔ so som wɔn ankasa anyame. Kurow biara a wɔtete mu no, wɔde wɔn ahoni kosisii abosonnan a Israelfo no asisi no mu. \v 30 Wɔn a wofi Babilonia no som wɔn nyame Sukot-Benot ahoni. Wɔn a wofi Kuta som wɔn nyame Nergal. Na wɔn a wofi Hamat som Asima. \v 31 Awifo som wɔn anyame Nibhas ne Tartak. Na mpo, nnipa a wofi Sefarwaim hyew wɔn ankasa mma sɛ afɔrebɔde, de maa Adramelek ne Anamelek. \v 32 Saa ahɔho yi som \nd Awurade\nd* de, nanso woyii asɔfo bi fii wɔn mu a, na wɔbɔ afɔre wɔ abosonnan mu. \v 33 Na wɔsom \nd Awurade\nd* de, nanso wɔkɔɔ so faa amanne kwan a wɔn aman a wofi so no fa so som no so. \p \v 34 Na eyi da so kɔ so wɔ wɔn mu de besi nnɛ. Na wɔda so yɛ kan nnebɔne no a anka ɛsɛ sɛ wɔsom \nd Awurade\nd*, di ne mmara, ne nkyerɛkyerɛ ne ahyɛde a ɔde maa Yakob a ɔsesaa ne din ma ɛbɛyɛɛ Israel asefo no so. \v 35 Nanso na \nd Awurade\nd* ne Yakob asefo ayɛ apam, ahyɛ wɔn se, “Monnsom anyame foforo, monnkotow wɔn, na monnsom wɔn, na mommmɔ afɔre mma wɔn. \v 36 \nd Awurade\nd* a ɔnam nsɛnkyerɛnne akɛse ne tumi so yii mo fii Misraim no nko ara na monsom no. Ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ mosom no, na mokotow no, na mobɔ afɔre ma no. \v 37 Monhwɛ yiye, na munni mmara, nkyerɛkyerɛ ne ahyɛde a ɔkyerɛw maa mo no so. Ɛnsɛ sɛ mosom anyame foforo biara. \v 38 Mommma mo werɛ mmfi apam a me ne mo yɛe no, na monnsom anyame foforo biara. \v 39 Monsom \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn nko ara. Ɔno na obegye mo afi mo atamfo nyinaa nsam.” \p \v 40 Nanso nnipa no antie, kɔɔ so faa wɔn akwan dedaw no so. \v 41 Enti bere a ahɔho yi resom \nd Awurade\nd* no, bere koro no ara mu, na wɔresom wɔn ahoni. Na ebesi nnɛ, wɔn asefo yɛ ade koro no ara. \c 18 \s1 Hesekia Di Yudahene \p \v 1 Ahas babarima Hesekia fii ase dii hene wɔ Yuda no, na Ela babarima Hosea adi hene wɔ Israel mfe abiɛsa. \v 2 Odii hene no na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia aduonu akron. Na ne na yɛ Sakaria babea a wɔfrɛ no Abi. \v 3 Ɔyɛɛ nea ɛsɔ \nd Awurade\nd* ani, sɛnea nʼagya Dawid yɛe pɛpɛɛpɛ. \v 4 Otutuu abosonnan, bubuu afadum kronkron no, kaa Asera nnua no guu fam. Obubuu kɔbere mfrafrae ɔwɔ a Mose ayɛ no, efisɛ na nnipa no hyew nnuhuam ma no de som. Na wɔfrɛ ɔwɔ no a wɔde kɔbere mfrafrae ayɛ no Nehustan. \p \v 5 Hesekia de ne ho too \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn so. Nʼakyi ne nʼanim no, na ɔhene biara nni hɔ a ɔte sɛ ɔno wɔ Yuda asase so. \v 6 Biribiara mu, odii \nd Awurade\nd* nokware, na ɔde ntoboase dii ahyɛde a \nd Awurade\nd* de maa Mose no nyinaa so. \v 7 Ne saa nti, na \nd Awurade\nd* ka ne ho, na Hesekia kɔɔ so wɔ biribiara a ɔyɛe mu. Ɔyɛɛ dɔm tiaa Asiriahene, na wantua sonkahiri amma no. \v 8 Afei, okodii Filistifo so nkonim, de kosii Gasa ne nʼahye so, fi ne nkuraa, de kosii wɔn kuropɔn a wɔato ɔfasu atwa ho no. \p \v 9 Hesekia ahenni no mfe anan so a na ɔhene Hosea nso wɔ nʼahenni wɔ Israel mfe ason mu no, Asiriahene Salmaneser kotuaa Israel ano, fii ase kaa Samaria kuropɔn hyɛe. \v 10 Mfe abiɛsa akyi a, na ɔhene Hesekia adi ade mfe asia a, na ɛyɛ ɔhene Hosea nso adedi wɔ Israel mfe akron mu no, Samaria bɔe. \v 11 Saa bere no, Asiriahene twaa Israelfo no asu kɔɔ Asiria, de wɔn hyehyɛɛ aman so wɔ Halah wɔ Asubɔnten Habor a ɛwɔ Gosan konkɔn so ne nkurow akɛse a ɛwɔ Media mu. \v 12 Efisɛ wɔantie \nd Awurade\nd*, wɔn Nyankopɔn no. Wobuu nʼapam no so, mmara a \nd Awurade\nd* nam Mose so hyehyɛ maa wɔn no. \s1 Asiria Tu Yuda So Sa \p \v 13 Ɔhene Hesekia adedi mfe dunan so, Asiriahene Sanaherib bɛtow hyɛɛ Yuda nkurow a na wɔabɔ ho ban no so, dii wɔn so nkonim. \v 14 Na Hesekia de saa nkra yi kɔmaa Asiriahene wɔ Lakis se, “Mayɛ mfomso. Sɛ wubefi ha akɔ nko ara de a, sonkahiri biara a wubegye me no, metua.” Na Asiriahene bisaa mpata a ɛboro dwetɛ tɔn dubaako ne sikakɔkɔɔ nso bɛyɛ tɔn baako. \v 15 Enti ɔhene Hesekia de dwetɛ a wɔakora no wɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan no mu ne nea ɛwɔ ahemfi adekorae hɔ nyinaa mae. \v 16 Mpo, Hesekia waawae sikakɔkɔɔ a wɔde aduradura asɔredan no apon ho, de ne nyinaa maa Asiriahene. \p \v 17 Eyinom nyinaa akyi no, Asiriahene somaa ne sahene, nʼasraafodɔmhene ne nʼananmusini fii Lakis ne asraafodɔm a wɔn mu yɛ duru, kɔɔ Hesekia\f + \fr 18.17 \fr*\ft Nsuka a ɛnam asase ase a Hesekia tui no ma wonyaa nsu fii Asubɔnten Gihon mu.\ft*\f* so wɔ Yerusalem. Asiriafo no gyinaa nsukwan bi a ɛma atifi ɔtare nsu a ɛbɛn ɔkwan a ɛde kɔ faako a wɔpa ntama ani no ho. \v 18 Wɔfrɛɛ Hesekia, nanso ɔsomaa ne mpanyimfo yi sɛ wonkohyia wɔn: Hilkia babarima Eliakim a ɔhwɛ ahemfi hɔ so, ɔkyerɛwfo Sebna ne Asaf babarima Yoa a ɔyɛ ahemfi abakɔsɛm kyerɛwfo. \s1 Senaherib Hunahuna Yerusalem \p \v 19 Na ɔsahene no ka kyerɛɛ wɔn se, “Monka nkyerɛ Hesekia se, \pm “ ‘Asɛm a otumfo, Asiriahene ka ni: Dɛn na wode wo ho to so a ɛma wugye wo ho di saa? \v 20 Woka se wowɔ akodi ho nyansa ne nʼahoɔden, nanso woka nsɛm hunu. Hena na ɔtaa wʼakyi a enti wotew mʼanim atua? \v 21 Hwɛ wʼani da Misraim so, demmire a emu abu a ɛte sɛ pema a wutweri a ɛbɛwɔ wo nsa mu apira wo no! Saa na Misraimhene Farao te ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne so no nyinaa. \v 22 Ebia wobɛka se, “Yɛde yɛn ho to \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn so!” Ɛnyɛ ɔno na ɔhene Hesekia atutu nʼabosonnan ne afɔremuka nyinaa, ahyɛ Yudafo sɛ wɔnsom wɔ afɔremuka a ɛwɔ Yerusalem ha nko ara so no? \pm \v 23 “ ‘Mɛka asɛm bi akyerɛ wo! Me wura Asiriahene ne wo bɛyɛ nhyehyɛe bi. Sɛ wubenya apɔnkɔsotefo mpenu, afi wo asraafo mu a, ɔbɛma wɔn apɔnkɔ mpenu ama wɔatenatena wɔn so. \v 24 Na wʼasraafo ketewa sɛɛ yi, ɛbɛyɛ dɛn na woaso dae, sɛ wubetumi ne me wura asraafo no mu fa bi a wɔyɛ mmerɛw no mpo adi asi. Minim sɛ wode wo ho ato Misraim nteaseɛnam ne apɔnkɔsotefo mmoa so. \v 25 Bio, wugye di sɛ, maba sɛ merebɛtow ahyɛ asase yi so asɛe no kwa a \nd Awurade\nd* nsa nni mu? \nd Awurade\nd* ankasa ka kyerɛɛ me se menkɔko ntia saa asase yi na mensɛe no.’ ” \p \v 26 Afei, Hilkia babarima Eliakim ne Sebna ne Yoa ka kyerɛɛ ɔhene no ananmusini no se, “Kasa wɔ Arameike mu kyerɛ yɛn, na saa kasa no na yɛte ase yiye. Nka Hebri nkyerɛ yɛn, efisɛ nnipa a wɔwɔ fasu no so no bɛte.” \p \v 27 Na Senaherib nanmusini no buae se, “Me wura pɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem te saa asɛm yi, na ɛnyɛ mo nko. Ɔpɛ sɛ wɔte sɛ, sɛ moamma mo nsa so a, wobetua kuropɔn yi. Ɔkɔm ne osukɔm werɛmfo bɛde nkurɔfo no ara kosi sɛ, wobedi wɔn ara agyanan, anom wɔn dwonsɔ.” \p \v 28 Afei, ɔsɔre gyinae, maa ne nne so kasaa wɔ Hebri mu, kyerɛɛ nnipa a wɔwɔ ɔfasu no so se, “Muntie nkra a efi Asiria ɔhene kɛse no nkyɛn! \v 29 Sɛnea ɔhene se ni: Mommma ɔhene Hesekia nnaadaa mo. Ɔrentumi nnye mo mfi me tumi ase. \v 30 Mommma Hesekia mfa saa asɛm a ɔkae se, ‘\nd Awurade\nd* begye yɛn! Wɔremfa saa kurow yi mma Asiriahene’ no mma mo tirim nyɛ mo dɛ. \p \v 31 “Munntie Hesekia. Nea Asiriahene ka ni: Mo ne me nyɛ asomdwoe nhyehyɛe na mommra me nkyɛn. Na afei, mɛma mo mu biara adi ɔno ankasa bobe ne borɔdɔma na woanom nsu afi ɔno ankasa abura mu. \v 32 Na mɛyɛ nhyehyɛe de mo akɔ asase foforo bi a ɛte sɛ eyi so. Ɛyɛ ɔman a atoko, nsa, brodo, bobe nturo, ngonnua ne ɛwo abu so hɔ. Ɛyɛ asase a nneɛma pa abu so hɔ. Mompere nkwa, na munyi owu akwa! \p “Mommma Hesekia nnaadaa mo nka se, ‘\nd Awurade\nd* begye yɛn!’ \v 33 Anyame a wɔwɔ aman so no atumi agye wɔn nkurɔfo afi Asiriahene nsam da? \v 34 Asɛm bɛn na ɛtoo Hamat ne Arpad anyame no? Na Sefarwaim, Hena ne Iwa anyame nso, wɔwɔ he? Wotumi gyee Samaria fii me tumi ase ana? \v 35 Ɔman bɛn so anyame na watumi agye ne nkurɔfo afi me tumi ase? Mommɔ baako pɛ din. Na afei, dɛn na ɛma mo dwene sɛ \nd Awurade\nd* betumi agye Yerusalem?” \p \v 36 Na nnipa no yɛɛ komm a wɔamma mmuae biara, efisɛ na Hesekia aka akyerɛ wɔn se wɔnnkasa. \p \v 37 Afei Hilkia babarima Eliakim a na ɔhwɛ ahemfi no ntotoe so, Sebna a na ɔyɛ ɔkyerɛwfo ne Asaf babarima Yoa a ɔno nso yɛ ɔkyerɛwfo kɔɔ Hesekia nkyɛn a wɔasunsuane wɔn ntade mu, kɔkaa nea ɔsahene no aka akyerɛ no no. \c 19 \s1 Hesekia Hwehwɛ \nd Awurade\nd* Mmoa \p \v 1 Bere a ɔhene Hesekia tee eyinom no, osunsuan ne ntade mu, na ofuraa atweaatam, na ɔkɔɔ \nd Awurade\nd* asɔredan mu. \v 2 Na ɔsomaa Eliakim a ɔhwɛ ahemfi ntotoe so, Sebna, a ɔyɛ ɔkyerɛwfo ne asɔfo akunini a wɔn nyinaa furafura atweaatam, kɔɔ Amos babarima Odiyifo Yesaia nkyɛn. \v 3 Wɔka kyerɛɛ no se, “Sɛnea ɔhene Hesekia ka ni: Saa da yi yɛ ɔhaw, animka ne animguase da. Ayɛ te sɛ nea mmofra awo du so, na ahoɔden a wɔde bɛwo wɔn nni hɔ. \v 4 Nanso ebia \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn ate sɛ Asiria nanmusini no regu Onyankopɔn teasefo no anim ase, na wɔbɛtwe nʼaso wɔ ne nsɛnkeka no ho. Enti bɔ mpae ma yɛn a yɛaka no!” \p \v 5 Na ɔhene Hesekia mpanyimfo no kɔkaa ɔhene nkra no kyerɛɛ Yesaia, \v 6 na Yesaia buae se, “Ka kyerɛ wo wura se, ‘Sɛnea \nd Awurade\nd* se ni: Mma abususɛm a Asiriahene asomafo no ka tiaa me no nhaw wo. \v 7 Muntie! Mede honhom bi rebɛhyɛ ne mu, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ɔte asɛm bi a ɔbɛsan akɔ ne man mu na hɔ na mɛma wɔde afoa akum no.’ ” \p \v 8 Bere a ɔsahene no tee sɛ Asiriahene afi Lakis no, ɔsan nʼakyi kohuu sɛ ɔhene no ne Libna reko. \p \v 9 Ankyɛ, ɔhene Sanaherib nyaa nkra se, Etiopiahene Tirhaka adi asraafo anim, rebɛko atia no. Na ansa na ɔbɛsan akohyia asraafo no, ɔde saa nkra yi maa sɛ wɔmfa nkɔma Hesekia wɔ Yerusalem. \v 10 “Monka nkyerɛ Yudahene Hesekia se: Mma onyame a wode wo ho ato no so no nnaadaa mo nka se, ‘Wɔremfa Yerusalem mma Asiriahene.’ \v 11 Moate nea Asiria ahemfo ayɛ amanaman no nyinaa. Wɔasɛe wɔn pasaa. Na mo de, wobegye mo ana? \v 12 Anyame a wɔwɔ aman a me nenanom sɛee wɔn no, aman te sɛ, Gosan, Haran, Resef ne Edenfo a na wɔwɔ Telasar no anyame gyee wɔn ana? \v 13 Nsɛm bɛn na ɛtotoo Hamathene ne Arpadhene? Nsɛm bɛn nso na ɛtotoo Sefarwaim, Hena ne Iwa ahemfo?” \p \v 14 Hesekia nsa kaa krataa a abɔfo no de bae no, ɔkenkanee. Afei ɔforo kɔɔ \nd Awurade\nd* asɔredan no mu kɔtrɛw mu wɔ \nd Awurade\nd* anim. \v 15 Na Hesekia bɔɔ mpae kyerɛɛ \nd Awurade\nd* se, “Asafo \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn a wɔasi wo hene wɔ Kerubim ntam. Wo nko ara na woyɛ Onyankopɔn wɔ asase so ahenni nyinaa so. Wo na wobɔɔ ɔsoro ne asase. \v 16 Brɛ wʼaso ase, \nd Awurade\nd*, na tie! Bue wʼani, \nd Awurade\nd*, na hwɛ. Tie nsɛm a Sanaherib asoma de abɛsopa Onyankopɔn teasefo no. \p \v 17 “\nd Awurade\nd*, ɛyɛ nokware sɛ Asiria ahemfo asɛe aman yi nyinaa, sɛnea nkra no ka no. \v 18 Na wɔatow anyame a wɔwɔ saa aman yi so no agu gya mu, ahyew wɔn, efisɛ wɔnyɛ anyame, na mmom wɔyɛ nnua ne abo a nnipa de wɔn nsa ayɛ. \v 19 Afei, \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn, gye yɛn fi ne tumi ase, na ɛbɛma ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa ahu sɛ wo nko ara, \nd Awurade\nd*, na woyɛ Onyankopɔn.” \s1 Yesaia Hyɛ Yuda Gye Ho Nkɔm \p \v 20 Na Amos babarima Yesaia de saa nkra yi kɔmaa Hesekia se, “Sɛɛ na \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn se: Esiane sɛ woabɔ me mpae afa Asiriahene Sanaherib ho nti, \v 21 eyi ne asɛm a \nd Awurade\nd* aka atia no: \q1 “ ‘Ɔbabeabun Sion sopa wo, \q2 na ɔserew wo. \q1 Ɔbabea Yerusalem di wo ho fɛw, \q1 na ɔwosow ne ti bere a woreguan. \q1 \v 22 Hena na wugye di sɛ woyeyaw no, di ne ho fɛw nso? \q1 Hena na womaa wo nne so tiaa no \q2 na wohwɛɛ no ahantan so? \q1 Ɛyɛ Israel ɔkronkronni no! \q1 \v 23 Wonam wʼasomafo so \q1 adi \nd Awurade\nd* ho fɛw. \q1 Na woaka se, \q2 “Me nteaseɛnam dodow nti \q1 maforo mmepɔw atenten. \q2 Yiw Lebanon mmepɔw a ɛwoware pa ara no. \q1 Matwitwa ne sida dua atenten no, \q2 ne nʼapepaw a ɛyɛ fɛ no agu fam. \q1 Madu ne mmepɔw a ɛwɔ akyirikyiri no so, \q2 ne ne kwaeberentuw mu. \q1 \v 24 Matutu mmura wɔ ahɔho nsase bebree so \q2 de ne nsu pa no adwudwo me ho. \q1 Mpo, mepaee Misraim nsubɔnten mu \q2 sɛnea mʼakofo betumi atwa!” \b \q1 \v 25 “ ‘Na Montee ɛ? \q2 Bere tenten a atwam, na mehyɛ too hɔ. \q1 Bere bi a atwam no na medwenee ho; \q2 afei mama aba mu sɛ, \q1 moadan ɔman a mosɛe nkuropɔn a wɔabɔ \q2 ho ban. \q1 \v 26 Wɔn nkurɔfo a tumi afi wɔn nsa no \q2 ho adwiriw wɔn, na animguase aka wɔn. \q1 Wɔte sɛ afuw so nnua, \q2 ne afifide foforo a ɛyɛ mmrɛw. \q1 Wɔte sɛ sare a efifi ɔdan atifi \q2 a ɛhyew ansa na anyin. \b \q1 \v 27 “ ‘Nanso minim nea wote \q2 bere a woba ne bere a wokɔ \q2 ne sɛnea wo bo huru tia me. \q1 \v 28 Na esiane sɛ wo bo huru tia me \q2 na wʼahantan adu mʼasom nti, \q1 mede me darewa bɛhyɛ wo hwenem, \q2 na mede akwankyerɛ dade ahyɛ wʼanom, \q1 mɛma wo afa ɔkwan a wofaa so bae no so \q2 asan wʼakyi.’ \p \v 29 “Eyi na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnne ama wo, Hesekia: \q1 “Saa afe yi wubedi nea ɛno ankasa fifii. \q2 Afe a ɛto so abien no, wubedi nea efi mu ba. \q1 Nanso afe a ɛto so abiɛsa no de, wo ara dua na twa, \q2 yɛ bobe nturo na di so aba. \q1 \v 30 Bio, nkae bi a ofi Yuda fi \q2 begye ntin wɔ fam na wasow aba wɔ soro. \q1 \v 31 Na nkae bi befi Yerusalem aba, \q2 na nkae dɔm afi Bepɔw Sion so. \m Asafo \nd Awurade\nd* pɛ mu na eyi bɛyɛ. \b \p \v 32 “Eyi ne asɛm a \nd Awurade\nd* ka fa Asiriahene ho: \q1 “Ɔrenhyɛn saa kuropɔn yi mu \q2 na ɔrentow bɛmma wɔ ha. \q1 Ɔremfa nkatabo mmegyina kuropɔn no akyi \q2 na ɔrensi pie ntua nʼano. \q1 \v 33 Ɔhene no kwan a ɔfaa so bae no ara so na ɔbɛsan afa akɔ nʼankasa man mu. \q2 \nd Awurade\nd* ka se, \q2 ɔrenwura saa kurow yi mu. \q1 \v 34 Esiane mʼankasa mʼanuonyam ne mʼakoa Dawid nti, \q2 mɛbɔ ho ban.” \p \v 35 Saa anadwo no, \nd Awurade\nd* bɔfo kɔɔ Asiria nsraban mu, kokum Asiria asraafo no mpem ɔha aduɔwɔtwe anum. Asiriafo a wɔkae no nyan anɔpa no, wohuu sɛ afunu gugu mmɔnten so baabiara. \v 36 Na Asiriahene Sanaherib gyaee ɔko no, kɔɔ nʼankasa nʼasase so. Ɔkɔtenaa nʼahenkurow Ninewe mu. \p \v 37 Da koro bi a ɔresom wɔ ne nyame Nisrok abosonnan mu no, ne mmabarima Adramelek ne Sareser de wɔn afoa kokum no. Woguan fii hɔ kɔtenaa Ararat asase so, na ne babarima foforo Esarhadon bedii nʼade sɛ Asiriahene. \c 20 \s1 Hesekia Yare Ne Nʼayaresa \p \v 1 Saa nna no mu no, Hesekia yaree owuyare, na Amos babarima Odiyifo Yesaia kɔɔ ne nkyɛn kɔkae se, “Sɛnea \nd Awurade\nd* se ni: Toto wʼakwan yiye, efisɛ worebewu; na wo ho renyɛ wo den bio.” \p \v 2 Bere a Hesekia tee asɛm yi, otwaa nʼani hwɛɛ ɔfasu, bɔɔ \nd Awurade\nd* mpae se, \v 3 “Kae, \nd Awurade\nd*, sɛnea manantew wʼanim nokware mu na mede me koma ayɛ nea ɛfata wɔ wʼanim.” Na Hesekia suu bebree. \p \v 4 Na ansa na Yesaia befi adiwo no mfimfini no, \nd Awurade\nd* de asɛm yi besii ne so se, \v 5 “San kɔ Hesekia a ɔyɛ me nkurɔfo kannifo no nkyɛn, na kɔka kyerɛ no se, ‘Sɛɛ na \nd Awurade\nd* a ɔyɛ wʼagya Dawid Nyankopɔn se: Mate wo mpaebɔ no, ahu wo nusu no. Mɛsa wo yare, na nnansa akyi no, wobɛsɔre afi mpa so, na woakɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan mu. \v 6 Mede mfe dunum bɛka wo mfe ho, na megye wo ne saa kuropɔn yi afi Asiriahene nsam. Me somfo Dawid nti, mɛyɛ eyi de agye mʼanuonyam.’ ” \p \v 7 Na Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia asomfo no se, “Momfa borɔdɔma nyɛ ngo, na momfa nsrasra pɔmpɔ no so.” Wɔyɛɛ saa, na Hesekia nyaa ahoɔden. \p \v 8 Ansa na ɔrebenya ayaresa no, Hesekia bisaa Yesaia se, “Nsɛnkyerɛnne bɛn na \nd Awurade\nd* bɛyɛ, de akyerɛ sɛ ɔbɛsa me yare, na matumi akɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan mu nnansa so?” \p \v 9 Yesaia buae se, “Eyi ne nsɛnkyerɛnne a \nd Awurade\nd* bɛyɛ akyerɛ wo sɛ obedi ne bɔhyɛ so. Wopɛ sɛ sunsuma no kɔ nʼanim anammɔntu du anaa ɛsan nʼakyi anammɔntu du?” \p \v 10 Hesekia buae se, “Honhom no kɔ nʼanim bere biara. Na mmom, ma ɛnkɔ nʼakyi.” \p \v 11 Enti Yesaia srɛɛ \nd Awurade\nd* sɛ ɔnyɛ eyi, na ɔmaa sunsuma no tetew san nʼakyi anammɔntu du wɔ Ahas atrapoe no so. \s1 Babilonia Ananmusifo \p \v 12 Saa bere yi mu na Babiloniahene Baladan babarima Merodak-Baladan\f + \fr 20.12 \fr*\ft Wɔde Merodak too Marduk a ɛyɛ Babilonia nyame no.\ft*\f* soma ma wɔkɔmaa Hesekia tirinkwa ne akyɛde, efisɛ na wate sɛ ɔyare dennen bi bɔɔ Hesekia. \v 13 Hesekia gyee Babilonia ananmusifo yi, kyerɛɛ wɔn biribiara a ɔwɔ wɔ nʼadekoradan mu a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, nnuhuam ne ngo a ɛyɛ huam. Afei nso, ɔde wɔn kɔɔ nʼadekorabea, san kyerɛɛ wɔn nʼadekoradan mu biribiara. Biribiara nni nʼahemfi hɔ anaa nʼaheman mu hɔ a Hesekia ankyerɛ wɔn. \p \v 14 Afei Odiyifo Yesaia kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kobisaa no se, “Asɛm bɛn na saa mmarima no kae na he na wofi bae?” \p Hesekia buae se, “Wofi akyirikyiri asase bi so. Wofi Babilonia, na wɔbaa me nkyɛn.” \p \v 15 Odiyifo no bisae se, “Dɛn na wohuu wɔ wʼahemfi hɔ?” \p Hesekia buae se, “Wohuu biribiara a ɛwɔ mʼahemfi ha. Biribiara nni mʼademude mu a mamfa ankyerɛ wɔn.” \p \v 16 Na Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia se, “Tie saa asɛm a efi \nd Awurade\nd* nkyɛn yi: \v 17 Nokware, bere bi bɛba a, wɔbɛsoa biribiara a ɛwɔ wʼahemfi ne agyapade a wʼagyanom akora de abedu nnɛ no akɔ Babilonia. Biribiara renka, sɛɛ na \nd Awurade\nd* se. \v 18 Wʼankasa wʼasefo bi mpo, wɔbɛfa wɔn nnommum. Wɔbɛyɛ piamfo a wɔbɛsom wɔ Babiloniahene ahemfi.” \p \v 19 Na Hesekia ka kyerɛɛ Yesaia se, “Saa asɛm yi a efi \nd Awurade\nd* nkyɛn a woaka akyerɛ me yi yɛ asɛm papa.” Nanso na ɔhene no redwene sɛ, ne bere so de, obenya asomdwoe ne bammɔ. \p \v 20 Nsɛm a esisii Hesekia ahenni mu nkae no a ne tumidi ka ho, ne sɛnea ɔyɛɛ subun, twaa suka\f + \fr 20.20 \fr*\ft Hesekia twaa asase ase nsuka fii Asubɔnten Gihon mu, sɛnea ɛba sɛ bere a wɔatua mo ano bi ba a, wobenya nsu.\ft*\f* maa nsu baa kurow no mu no nyinaa, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? \v 21 Bere a Hesekia wui no, ne babarima Manase na odii nʼade sɛ ɔhene. \c 21 \s1 Manase Di Yudahene \p \v 1 Bere a Manase dii hene no, na wadi mfe dumien, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia aduonum anum. Na ne na din de Hefsibah. \v 2 Ɔyɛɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd* ani so, suasuaa abosonsomfo aman nneyɛe a ɛyɛ akyiwade a \nd Awurade\nd* apam afi asase a ɛda Israel anim no so no. \v 3 Ɔsan sisii abosonsomfo abosonnan a nʼagya Hesekia bubu gui no. Ɔyɛɛ afɔremuka pii maa Baal, na osii Asera dua, sɛnea Israelhene Ahab yɛe ara pɛ. Afei, ɔkotow sɔree wim atumfo. \v 4 Na mpo, osisii abosom afɔremuka pii wɔ Awurade asɔredan mu; baabi a \nd Awurade\nd* aka sɛ wɔnhyɛ ne din anuonyam no. \v 5 Osisii saa afɔremuka no wɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan no adiwo abien hɔ, de maa wim nsoromma no. \v 6 Na mpo, Manase de ɔno ankasa babarima bɔɔ afɔre wɔ ogya mu. Na ɔyɛ abayisɛm, kɔ abisa. Ɔkɔɔ samanfrɛfo hɔ ne asumanfo so. Ɔyɛɛ bɔne bebree \nd Awurade\nd* ani so, ma ɛhyɛɛ no abufuw. \p \v 7 Manase faa Asera dua a wayɛ no de kosii asɔredan mu, beae koro no ara a \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Dawid ne ne babarima Salomo se, “Wɔbɛhyɛ me din anuonyam wɔ ha daa nyinaa wɔ saa asɔredan yi mu wɔ Yerusalem. Yerusalem yɛ kurow a mayi afi Israel mmusuakuw a aka no nyinaa mu. \v 8 Na sɛ Israelfo betie mʼahyɛde a menam mʼakoa Mose so hyɛ maa wɔn no a, merentwa wɔn asu mfi asase yi a mede maa wɔn agyanom no so.” \v 9 Nanso nnipa no antie. Manase dii wɔn anim ma wɔyɛɛ bɔne bebree a ɛsen abosonsom aman a \nd Awurade\nd* sɛee no bere a Israelfo kɔɔ saa asase no so no mpo. \p \v 10 \nd Awurade\nd* nam nʼasomfo a wɔyɛ nʼadiyifo so kae se, \v 11 “Yudahene Manase ayɛ akyiwade bebree. Na mpo, ɔyɛ omumɔyɛfo sen Amorifo\f + \fr 21.11 \fr*\ft Din Amorini no yɛ amansan din ma nnipa a na wɔwɔ Kanaan so ansa na Israelfo redi wɔn so no.\ft*\f* a wɔbɛtenaa asase yi so ansa na Israel reba no. Wadi Yudafo anim de wɔn akɔ ahonisom mu. \v 12 Enti sɛɛ na \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn se: Mede ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛto Yerusalem ne Yuda so ama aso a ɛbɛte saa nsɛm no mu ayɛ no yonn. \v 13 Mɛfa ɔkwan a menam so buu Samaria ne Ahab abusua atɛn no so abu Yerusalem atɛn. Mɛpepa nnipa a wɔwɔ Yerusalem nyinaa, te sɛnea obi hohoro asanka mu, na ɔdan butuw no. \v 14 Na mpo, mɛpo me nkurɔfo kakra a wɔaka no, na mede wɔn bɛma wɔn atamfo sɛ asade. \v 15 Efisɛ wɔayɛ bɔne kɛse wɔ mʼanim, nam so ahyɛ me abufuw, fi bere a wɔn agyanom fii Misraim no.” \p \v 16 Manase kunkum nnipa a wɔnyɛɛ bɔne nso bebree kosii sɛ, mogya a edi bem hyɛɛ Yerusalem ma, fi ti kosi ti. Eyi ka bɔne a ɔmaa Yudafo no yɛ de wɔn kɔɔ bɔne a wɔyɛɛ no \nd Awurade\nd* ani so no ho. \p \v 17 Manase ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa ne bɔne a ɔyɛe no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? \v 18 Manase wui no, wosiee no wɔ ahemfi no turo a na ɛyɛ Usa dea no mu. Na ne babarima Amon na odii nʼade sɛ ɔhene. \s1 Amon Di Ade Wɔ Yuda \p \v 19 Amon dii hene no, na wadi mfe aduonu abien. Odii hene wɔ Yerusalem mfe abien. Na wɔfrɛ ne na Mesulemet a na ɔyɛ Harus a ofi Yolba no babea. \v 20 Ɔyɛɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd* ani so, sɛnea nʼagya Manase yɛe no ara pɛ. \v 21 Ɔfaa nʼagya nhwɛso so, som ahoni koro no ara a na nʼagya som wɔn no. \v 22 Ogyaw \nd Awurade\nd*, nʼagyanom Nyankopɔn no na wampɛ sɛ ɔbɛfa \nd Awurade\nd* akwan so. \p \v 23 Na Amon no ankasa asomfo bɔɔ ne ho pɔw, kum no wɔ nʼahemfi. \v 24 Na nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa kunkum nnipa a wɔbɔɔ ɔhene Amon ho pɔw no, na wɔde ne babarima Yosia dii ade sɛ ɔhene. \p \v 25 Amon ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii no nyinaa, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? \v 26 Wosiee no wɔ ne boda a ɛwɔ Usa turo mu hɔ no mu. Na ne babarima Yosia dii ade sɛ ɔhene. \c 22 \s1 Yosia Di Yudahene \p \v 1 Bere a Yosia dii hene wɔ Yuda no, na wadi mfirihyia awotwe, na odii ade wɔ Yerusalem mfe aduasa baako. Na ne na din de Yedida a ɔyɛ Adaia a ofi Boskat no babea. \v 2 Ɔyɛɛ nea ɛsɔ \nd Awurade\nd* ani, yɛɛ nea ne tete agya Dawid yɛe no bi. Wamfi adetreneeyɛ ho. \p \v 3 Ɔhene Yosia dii mfirihyia dunwɔtwe wɔ nʼahenni mu no, ɔsomaa Asalia babarima Safan, asennii kyerɛwfo Mesulam nena, kɔɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan mu. Ɔka kyerɛɛ no se, \v 4 “Kɔ ɔsɔfopanyin Hilkia nkyɛn, na ma ɔnkan sika a aponanohwɛfo no agyigye afi nnipa no nkyɛn wɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan mu no. \v 5 Fa saa sika yi hyɛ nnipa a wɔayi wɔn sɛ wɔnhwɛ asɔredan no ho asiesie no nsa. Na wɔde atua adwumayɛfo a wobesiesie \nd Awurade\nd* Asɔredan no ho ka. \v 6 Ɛho behia sɛ wɔbɛfa nnua adwumfo, adansifo ne abohyehyɛfo. Afei, ma wɔntɔ nnua ne abo a wɔatwa a wɔde besiesie asɔredan no. \v 7 Nanso ɛho nhia sɛ adansi no sohwɛfo bebu sika a wɔn nsa bɛka no ho akontaa, efisɛ wɔyɛ nokwafo.” \s1 Helkia Kohuu Onyankopɔn Mmara No \p \v 8 Ɔsɔfopanyin Hilkia ka kyerɛɛ asennii kyerɛwfo Safan se, “Mahu Mmara Nhoma no wɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan mu hɔ.” Na Hilkia de nhoma mmobɔwee no maa Safan, na ɔkenkanee. \v 9 Safan san kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔkae se, “Wo mpanyimfo no de sika a wogyigyee wɔ \nd Awurade\nd* asɔredan no mu no ahyɛ adwumayɛfo no ne sohwɛfo a wɔwɔ asɔredan no ho no nsa.” \v 10 Safan san ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Ɔsɔfo Hilkia de nhoma mmobɔwee bi ama me.” Na Safan kenkan kyerɛɛ ɔhene no. \p \v 11 Bere a ɔhene no tee nsɛm a ɛwɔ \nd Awurade\nd* Mmara Nhoma no mu no, ɔde ahometew sunsuan ne ntade mu. \v 12 Na ɔhyɛɛ ɔsɔfo Hilkia, Safan babarima Ahikam ne Mikaia babarima Akbor ne asennii kyerɛwfo Safan ne ɔhene fotufo Asaia se, \v 13 “Monkɔ asɔredan no mu, na monkɔkasa nkyerɛ \nd Awurade\nd* mma me, mma nnipa no ne Yuda nyinaa. Mummisa no nsɛm a wɔakyerɛw agu nhoma mmobɔwee no a wahu no ho asɛm. \nd Awurade\nd* abufuwhyew aba yɛn so, efisɛ yɛn agyanom anni nhoma yi mu nsɛm so. Ɛnyɛ nea nhoma yi ka sɛ yɛnyɛ no na yɛyɛ.” \p \v 14 Enti ɔsɔfo Hilkia, Ahikam, Akbor, Safan ne Asaia kɔɔ Yerusalem Fa Foforo Misne kohuu odiyifo Hulda. Na ɔyɛ Tikwa babarima Salum yere, a na ɔyɛ Harhas a ɔhwɛ ntade adaka a ɛwɔ asɔredan mu so no nso nena. \v 15 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “\nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn akasa. Monkɔka nkyerɛ onipa a ɔsomaa mo no se, \v 16 ‘Sɛnea \nd Awurade\nd* se ni: Mɛsɛe kuropɔn yi ne mu nnipa, sɛnea makyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee a mokenkan no mu no. \v 17 Efisɛ me nkurɔfo agyaw me, na wɔsom anyame huhuw, na biribiara a wɔayɛ no, ahyɛ me abufuw. Mʼabufuwhyew redɛw wɔ ha, na ɛrennum.’ \v 18 Na monkɔ Yudahene a ɔsomaa mo sɛ monkɔhwehwɛ \nd Awurade\nd* no nkyɛn, na monka nkyerɛ no se, Sɛɛ na \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, ka fa asɛm a motee mprempren no ho. \v 19 Wotee asɛm a meka de tiaa kuropɔn no ne emu nnipa no sɛ, wɔbɛdome saa asase yi na ada mpan no, ɛyɛɛ wo yaw, ma wobrɛɛ wo ho ase \nd Awurade\nd* anim. Wode ahometew sunsuan wo ntade mu, suu wɔ mʼanim ahonu mu. Enti nokware, \nd Awurade\nd* se, ‘mate wo sufrɛ. \v 20 Amanehunu a mehyɛɛ ho bɔ de tiaa kuropɔn yi no bɛba wo wu ne wusie akyi. Worenhu amane a mede bɛba kuropɔn yi so no.’ ” \p Enti wɔsan de ne nkra no kɔmaa ɔhene no. \c 23 \s1 Yosia Gyidisom Mu Nsakrae \p \v 1 Afei, ɔhene no frɛɛ Yuda ne Yerusalem mpanyimfo nyinaa. \v 2 Na ɔhene no ne Yuda ne Yerusalem manfo ne asɔfo ne adiyifo a efi akumaa so kosi ɔkɛse so, foro kɔɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan no mu. Ɛhɔ na ɔhene no kenkan Apam Nhoma a wɔahu wɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan mu hɔ no nyinaa kyerɛɛ wɔn. \v 3 Ɔhene no tenaa beae bi a ɛkyerɛ ne tumi wɔ afadum no ho, hyɛɛ apam no mu den bio wɔ \nd Awurade\nd* anim. Ɔhyɛɛ bɔ se, ofi ne koma ne ne kra nyinaa mu bedi \nd Awurade\nd* mmara nsɛm, ahyɛde ne mmara nyinaa so. Ɔfaa saa ɔkwan yi so sii apam no mu nhyehyɛe ahorow a na wɔakyerɛw wɔ nhoma no mu no nyinaa so dua, maa nnipa no nyinaa hyɛɛ bɔ sɛ wobedi so. \p \v 4 Afei, ɔhene hyɛɛ ɔsɔfopanyin Hilkia ne asɔfo akunini ne asɔredan sohwɛfo no nyinaa sɛ, wonyiyi asɔredan no mu nneɛma a na wɔde som Baal ne Asera ne wim atumfo no nyinaa mfi hɔ. Ɔhene no ma wɔhyew ne nyinaa wɔ Kidron bon a ɛwɔ Yerusalem mfikyiri no mu, soaa ne nsõ de kɔɔ Bet-El. \v 5 Ɔpam abosom akɔmfo a Yuda ahemfo a wodii kan no yii wɔn no nyinaa, efisɛ na wɔhyew nnuhuam wɔ Yuda abosomfi nyinaa mu a mpo, na ɛreyɛ akodu Yerusalem kurom. Wɔhyew nnuhuam maa Baal ne owia, ɔsram ne nsoromma ne wim atumfo. \v 6 Ɔhene no tuu Asera dua\f + \fr 23.6 \fr*\ft Hesekia sɛee Asera dua, nanso Manase san sii dua no.\ft*\f* no fii Awurade asɔredan mu, de kɔɔ Yerusalem mfikyiri wɔ Kidron bon mu hɔ kɔhyew no. Afei, ɔyam dua no muhumuhu, kɔtow ne mfutuma no guu amusiei. \v 7 Odwiriw nsɔree so nguamanfo adan a na ɛwɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan no mu no, faako a na mmea no nwen nkatahotam, de kata Asera dua no ho no nyinaa gui. \p \v 8 Yosia san de \nd Awurade\nd* asɔfo no a na wɔtete Yuda nkurow afoforo so no nyinaa baa Yerusalem. Efi Geba kosi Beer-Seba, ɔsɛee ɛhɔ abosonnan no nyinaa. Saa beae no na na wɔhyew nnuhuam no. Obubuu abosonnan a ɛwɔ Yosua a na ɔyɛ Yerusalem amrado no pon ano no. Sɛ obi rewura kuropɔn no mu a obehu saa pon no wɔ kuropɔn pon no benkum so. \v 9 Asɔfo a na wɔsom wɔ abosonnan no mu no, na wɔmma wɔn kwan mma wɔnsom wɔ \nd Awurade\nd* afɔremuka a ɛwɔ Yerusalem no so, nanso na wɔma wɔne asɔfo a aka no di brodo a mmɔkaw nni mu no. \p \v 10 Afei, ɔhene no sɛee Tofet afɔremuka a na ɛwɔ Ben-Hinom bon no mu no nti, na obiara ntumi mfa ne babarima anaa ne babea mmɔ afɔre wɔ ogya mu wɔ so sɛ afɔrebɔde a wɔde ma Molek bio. \v 11 Otutuu apɔnkɔ sɛso a wɔagu a esisi \nd Awurade\nd* Asɔredan kwan no ano a Yuda ahemfo too din maa owia no nyinaa fii hɔ. Na ne nyinaa wowɔ adiwo a ɛbɛn piamni bi a wɔfrɛ no Natan-Malek dan ho. Yosia hyew nteaseɛnam a na wɔato din ama owia no. \p \v 12 Yosia bubuu afɔremuka a Yuda ahemfo sisii wɔ ahemfi no atifi wɔ Ahas dan apampam no nyinaa. Ɔhene no bubuu afɔremuka a Manase sisii wɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan no adiwo abien hɔ no nyinaa gui. Odwiriw no pasapasa, too ne afabo no petee Kidron bon no mu. \v 13 Ɔhene no san guu abosonnan a ɛwɔ Yerusalem apuei fam no ne nea ɛwɔ Ɔsɛe Bepɔw no anafo fam no. Saa beae no na Israelhene Salomo sisii abosonnan maa Astoret, a ɛyɛ Sidonfo bosom bɔne, ne Kemos, Moabfo bosom bɔne, ne Molek, Amonfo bosom bɔne. \v 14 Yosia dwiriw afadum kronkron no nyinaa gui, bubuu Asera nnua no. Ɔde nnipa nnompe guguu ne nyinaa so. \p \v 15 Ɔhene no san bubuu afɔremuka a ɛwɔ Bet-El abosonnan a Nebat babarima Yeroboam yɛe bere a odii Israel anim, de wɔn kɔɔ bɔne mu no. Yosia yam abo no, ma ɛdan mfutuma, hyew Asera dua no. \v 16 Bere a Yosia retoto nʼani no, ohuu nna pii wɔ koko no nkyɛn mu. Ɔhyɛɛ sɛ wontu nnompe no, na ɔhyew ne nyinaa wɔ afɔremuka a ɛwɔ Bet-El no so, de guu afɔremuka no ho fi. Eyi sii sɛnea \nd Awurade\nd* nam Onyankopɔn nipa so hyɛe, bere a Yeroboam kogyinaa afɔremuka no ho wɔ afahyɛ da no. Afei Yosia dan ne ho hwɛɛ Onyankopɔn nipa a ɔhyɛɛ eyinom nyinaa ho nkɔm no da. \p \v 17 Yosia bisae se, “Nkaedum bɛn na mihu no?” \p Na nnipa a wɔwɔ kurow no mu no ka kyerɛɛ no se, “Ɛyɛ Onyankopɔn nipa no a ofi Yuda a ɔhyɛɛ nkɔm faa dwuma a woadi mprempren wɔ afɔremuka a ɛwɔ Bet-El ho no ɔboda.” \p \v 18 Yosia buae se, “Momma ɛnwɔ hɔ. Obiara mmfa ne nsa nka ne nnompe no.” Ɛno nti, wɔanhyew ɔne odiyifo akwakoraa a ofi Samaria no nnompe. \p \v 19 Na Yosia bubuu abosonnan no a ɛwɔ Samaria no, sɛnea ɔyɛɛ wɔ Bet-El no. Israel ahemfo ahorow bi na wosisi de hyɛɛ \nd Awurade\nd* abufuw. \v 20 Okunkum nsɔree so akɔmfo no wɔ wɔn ankasa afɔremuka so, na ɔhyew nnipa nnompe wɔ afɔremuka ahorow no so, de guu ho fi. Akyiri no, ɔsan kɔɔ Yerusalem. \s1 Yosia Di Twam Afahyɛ \p \v 21 Ɔhene Yosia hyɛɛ nnipa no nyinaa se, “Ɛsɛ sɛ mudi Twam Afahyɛ ma \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Apam Nhoma no mu no.” \v 22 Efi bere a atemmufo dii Israel so mfe bebree a atwa mu wɔ Israel ne Yuda ahemfo so no, wonnii Twam Afahyɛ no bi saa da. \v 23 Bere a ɔhene Yosia dii mfe dunwɔtwe wɔ akongua so no na wodii saa Twam Afahyɛ yi wɔ Yerusalem maa \nd Awurade\nd*. \p \v 24 Yosia tɔree samanfrɛfo ne adunsifo ne afi mu anyame ne ahonisom biara ase wɔ Yerusalem ne Yuda asase so baabiara. Ɔyɛɛ saa de dii mmara a wɔakyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee a ɔsɔfo Hilkia kohuu wɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan mu no so. \v 25 Ɔhene biara mmae a ɔte sɛ Yosia a ɔde ne koma, ne kra ne nʼahoɔden ama \nd Awurade\nd* na ɔnam so adi Mose mmara nyinaa so. Na ɔhene biara nso mmae a ɔte sɛ ɔno. \p \v 26 Nanso eyi nyinaa akyi no, \nd Awurade\nd* abufuw no dɛw tiaa Yuda, esiane bɔne akɛse a Ɔhene Manase yɛe no. Ɛno nti, wanyi nʼabufuwhyew no amfi wɔn so. \v 27 \nd Awurade\nd* kae se, “Mɛsɛe Yuda, sɛnea mesɛee Israel no. Mɛpam nnipa no afi mʼanim, na mapo me kuropɔn Yerusalem ne Asɔredan a anka ɛsɛ sɛ wɔhyɛ me din anuonyam wɔ mu no.” \p \v 28 Yosia ahenni ho asɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? \p \v 29 Bere a Yosia di hene no, Misraimhene Farao Neko kɔɔ Asubɔnten Eufrate ho kɔboaa Asiriahene. Ɔhene Yosia de nʼakofo tuu sa, kɔko tiaa no, nanso bere a wohyiaa wɔ Megido no, ɔhene Neko kum no. \v 30 Yosia asraafo mu mpanyimfo no de nʼamu no too teaseɛnam mu fii Megido, baa Yerusalem besiee no wɔ nʼankasa ɔboda mu. Na nnipa no sraa ne babarima Yehoahas ngo, sii no hene. \s1 Yehoahas Di Yudahene \p \v 31 Bere a Yehoahas dii hene no, na wadi mfe aduonu abiɛsa, na odii ade wɔ Yerusalem asram abiɛsa. Na ne na yɛ Yeremia a ofi Libna no babea a na ne din de Hamutal. \v 32 Ɔyɛɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd* ani so, sɛnea nʼagyanom yɛe no pɛpɛɛpɛ. \v 33 Farao Neko de Yehoahas too afiase wɔ Ribla wɔ Hamat asase so, sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔrentumi nni hene wɔ Yerusalem. Afei, ɔhyɛɛ sɛ Yuda ntua tow dwetɛ tɔn abiɛsa ne fa ne sikakɔkɔɔ kilogram aduasa anan sɛ sonkahiri. \v 34 Farao Neko de Eliakim a ɔyɛ Yosia babarima dii ade ma osii nʼagya anan mu. Ɔsesaa Eliakim din frɛɛ no Yehoiakim. Wɔde Yehoahas kɔɔ Misraim sɛ odeduani, na owui wɔ hɔ. \s1 Yehoiakim Di Yudahene \p \v 35 Sɛnea ɛbɛyɛ a Yehoiakim benya dwetɛ ne sikakɔkɔɔ tow a Farao Neko regye no nti, otwitwaa tow maa Yudafo tuae. Obiara tuaa sɛnea nʼahonya te. \p \v 36 Bere a Yehoiakim dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii ade wɔ Yerusalem mfe dubaako. Na ne na din de Sebuda a ɔyɛ Pedaia a ofi Ruma babea. \v 37 Ɔyɛɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd* ani so, sɛnea nʼagyanom yɛe no. \c 24 \p \v 1 Yehoiakim ahenni mu no, Babiloniahene Nebukadnessar bɛtow hyɛɛ Yuda asase so. Yehoiakim maa ne nsa so, na otuaa tow maa no mfe abiɛsa, nanso ɔtew Nebukadnessar so atua. \v 2 Na \nd Awurade\nd* somaa akofo fi Babilonia, Aram, Moab ne Amon, kɔko tiaa Yuda, sɛee no, sɛnea \nd Awurade\nd* nam nʼadiyifo so hyɛɛ ho nkɔm no. \v 3 Saa amanehunu yi baa Yuda so, sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛe no, sɛnea ɛbɛyɛ a obeyi wɔn afi nʼanim, esiane bɔne dodow a Manase yɛe no nti, \v 4 a na mogya a edi bem a ohwie guu no ka ho bi. Efisɛ ɔde mogya a edi bem fɔw Yerusalem dotoo; ɛno nti na \nd Awurade\nd* mpɛ sɛ ɔde bɛkyɛ. \p \v 5 Yehoiakim ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? \v 6 Bere a Yehoiakim wui no, ne babarima Yehoiakyin na odii nʼade sɛ ɔhene. \p \v 7 Misraimhene ansan amma bio, efisɛ na Babiloniahene afa nsase a anka na Misraimfo no agye no nyinaa, efi Misraim asuwa no so, kosi Asubɔnten Eufrate ho. \s1 Yehoiakyin Di Yudahene \p \v 8 Bere a Yehoiakyin dii ade no, na wadi mfe dunwɔtwe, na odii hene wɔ Yerusalem asram abiɛsa. Na ne na yɛ Elnatan a ofi Yerusalem no babea Nehusta. \v 9 Yehoiakyin yɛɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd* ani so, sɛnea nʼagya yɛe no ara pɛ. \p \v 10 Yehoiakyin ahenni mu no, Babiloniahene Nebukadnessar asraafo mu mpanyimfo betuaa Yerusalem ano. \v 11 Otua no mu no, Nebukadnessar ankasa baa kuropɔn no mu. \v 12 Na ɔhene Yehoiakyin ne nʼafotufo, atitiriw, mpanyimfo ne ɔhemmea de wɔn ho maa Babiloniafo. Nebukadnessar dii ade ne mfe awotwe so no, ɔkyeree Yehoiakyin de no too afiase. \v 13 Sɛnea \nd Awurade\nd* aka dedaw no, Nebukadnessar tasee agyapade a ɛwɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan mu hɔ no ne ahemfi hɔ nyinaa. Wɔsɛee sikakɔkɔɔ nnwetɛbona a Israelhene Salomo de sisii asɔredan mu hɔ no nyinaa. \v 14 Ɔhene Nebukadnessar kyekyeree nneduafo mpem du fii Yerusalem a ahenemma nyinaa ne asraafo akofo, adwumfo ne atomfo a wodi mu ka ho. Ɛno nti, ahiafo nko ara na ogyaw wɔn wɔ asase no so. \p \v 15 Nebukadnessar faa ɔhene Yehoiakyin de no kɔɔ Babilonia sɛ odeduani a ne yerenom ne ne mpanyimfo, ɔhemmea ne Yerusalem nnipa atitiriw ka ho. \v 16 Ɔfaa akofo a wɔte apɔw no mpem ason, adwumfo ne atomfo apem a wɔn nyinaa yɛ mmarima a wɔn ho yɛ den na wɔfata akodi. \v 17 Babiloniahene de Yehoiakyin wɔfa Matania dii ade sɛ ɔhene foforo. Ɔsesaa Matania din frɛɛ no Sedekia. \s1 Sedekia Di Yudahene \p \v 18 Bere a Sedekia dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu baako. Odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia dubaako. Na ne na din de Hamutal a ɔyɛ Yeremia a ofi Libna no babea. \v 19 Na Sedekia yɛɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd* ani so, sɛnea Yehoiakim yɛe no. \v 20 \nd Awurade\nd* abufuw nti na eyinom nyinaa baa Yerusalem ne Yuda so, na akyiri no, oyii nʼani fii wɔn so. \s1 Yerusalem Asehwe \p Afei, Sedekia sɔre tiaa Babiloniahene. \c 25 \p \v 1 Ɔsram Tebet (bɛyɛ Ɔpɛpɔn) da a ɛto so dunum wɔ Sedekia ahenni mfe akron so no, ɔhene Nebukadnessar dii nʼakofo nyinaa anim, bɛko tiaa Yerusalem. Wotwaa kuropɔn no ho hyiae. Wɔbobɔɔ mpampim wɔ kuropɔn no afasu ho. \v 2 Wɔkaa Yerusalem hyɛɛ kosii ɔhene Sedekia ahenni no mfe dubaako so. \p \v 3 Eduu Tammus ɔsram (bɛyɛ Kitawonsa) da a ɛto so dunwɔtwe no, Sedekia ahenni mfe dubaako mu no, na ɔkɔm a aba kuropɔn no mu no ano ayɛ den yiye, ama wɔn aduan a aka no nyinaa asa. \v 4 Na kuropɔn no fasu fa bi abu agu fam nti, asraafo no nyinaa yɛɛ adwene sɛ, wobeguan afi kuropɔn no mu. Nanso esiane sɛ na Babiloniafo atwa kuropɔn no ho ahyia nti, wɔtwɛn kosii anadwo, na woguan faa ɔpon a ɛda afasu abien a ɛwɔ ɔhene no nturo no mu mu. Wɔyɛɛ ntɛm faa wuramkwan de wɔn ani kyerɛɛ Yordan bon no. \p \v 5 Nanso Babiloniafo no tiw wɔn, kɔkyeree ɔhene no wɔ Yeriko tataw so, efisɛ na ne mmarima no nyinaa aguan agya no saa bere no. \v 6 Wɔde no brɛɛ Babiloniahene wɔ Ribla ma wobuu no atɛn. \v 7 Babiloniahene maa Sedekia de nʼani kann hwɛɛ sɛ, wɔrekunkum ne mmabarima nyinaa. Afei, wotutuu Sedekia ani, de kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na wɔde no kɔɔ Babilonia. \s1 Wɔsɛe Asɔredan No \p \v 8 Ab ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) da ɛto so dunan wɔ afe a ɛyɛ Nebukadnessar mfe dunkron adedi mu no, Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfo so panyin a ɔyɛ Babiloniahene mpanyimfo no mu baako no kɔɔ Yerusalem. \v 9 Ɔde ogya too \nd Awurade\nd* asɔredan, ahemfi ne afi a ɛwɔ Yerusalem nyinaa mu. Ɔhyew ofi biara a edi mu. \v 10 Awɛmfo so panyin no hwɛ maa Babilonia asraafo no bubuu Yerusalem afasu no. \v 11 Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfo so panyin no kyekyeree wɔn a wɔkaa wɔ kuropɔn no mu no, twaa wɔn ne nnipa a aka no ne asraafo a wɔdaa wɔn ho adi sɛ wɔtaa Babiloniahene akyi no asu. \v 12 Na awɛmfo so panyin no maa mmɔborɔfo no mu bi tenaa Yuda, sɛ wɔnhwɛ bobe mfuw ne mfuw foforo a ɛka ho no so. \p \v 13 Babiloniafo no bubuu kɔbere mfrafrae afadum, nnyinasode a wotumi moma so ne kɔbere mfrafrae Po a na ɛwɔ \nd Awurade\nd* asɔredan mu, na wɔde kɔbere mfrafrae no nyinaa kɔɔ Babilonia. \v 14 Wɔtasee nkuku, sofi, akanea adabaw, nsanka ne kɔbere mfrafrae nneɛma ahorow a wɔde di wɔn afɔrebɔ ho dwuma wɔ Asɔredan no mu no nyinaa. \v 15 Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfo so panyin no san tasee nkankyee a wɔnoa mu ne nhweaseammɔ ne nkuku ne nkaka nkae a wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ayɛ no nyinaa. \p \v 16 Kɔbere mfrafrae a wonya fii afadum abien, nsu teaseɛnam ne Po no mu no, na emu yɛ duru dodo sɛ wobetumi akari. Ɔhene Salomo bere so na ɔyɛɛ saa nneɛma yi guu \nd Awurade\nd* Asɔredan mu. \v 17 Na afadum no mu biara sorokɔ yɛ anammɔn aduonu ason. Kɔbere mfrafrae no ntaaso a ɛdeda afadum no mu biara so no sorokɔ yɛ anammɔn ason ne fa a wɔde kɔbere mfrafrae no ara bi a ɛyɛ ɔtan sɛso ne atoa aba sɛso, atwa ho nyinaa ahyia de asiesie no. Na ɔfadum a ɛka ho no siesiebea ne no sesɛ. \p \v 18 Awɛmfo no sahene no faa ɔsɔfopanyin Seraia, abediakyiri Sefania ne ɔponanoahwɛfo baasa no nnommum. \v 19 Ɔfaa ɔpanyin a otua asraafo no ano, ne adehye afotufo baason fii nnipa a na wɔda so wɔ kuropɔn no mu no mu. Afei ɔfaa ɔkyerɛwfo a na ɔyɛ adwumayɛfo panyin ma wɔn a wɔfa nnipa ma wɔkɔyɛ asraafo wɔ asase no so, ne nʼadwumayɛfo no mu aduosia a ohuu wɔn wɔ kuropɔn no mu no. \v 20 Ɔsahene Nebusaradan de wɔn nyinaa kɔɔ Babiloniahene anim wɔ Ribla. \v 21 Ɔhene no ma wokunkum wɔn wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat. \p Enti wotwaa Yuda asu fii nʼasase so. \s1 Gedalia Hwɛ Yuda So \p \v 22 Ɔhene Nebukadnessar yii Ahikam babarima Gedalia a na ɔyɛ Safan nena sɛ amrado a na ɔhwɛ nnipa a wɔkaa wɔ Yuda no so. \v 23 Bere a asraafodɔm so asahene ne wɔn mmarima tee sɛ Babiloniahene asi Gedalia amrado no, wɔkɔkaa ne ho wɔ Mispa. Nnipa a wɔkɔkaa ne ho no ne Netania babarima Ismael, Karea babarima Yohanan, Tanhumet a ofi Netofa babarima Seraia ne Maakatni babarima Yaasania ne wɔn mmarima nyinaa. \v 24 Gedalia dii nsew, kyerɛɛ wɔn sɛ, Babilonia mpanyimfo no amma hɔ ɔhaw so. Otuu wɔn fo se, “Munnsuro sɛ mobɛsom Babiloniafo. Montena asase no so na monsom Babiloniahene, na ebesi mo yiye.” \p \v 25 Tisri ɔsram (bɛyɛ Ɛbɔ ne Ahinime ntam) no mpaemu wɔ saa afe no mu no, Netania babarima Ismael a ɔyɛ Elisama nena a na ofi adehye abusua mu no de mmarima du kɔɔ Mispa, kokum Gedalia ne nnipa a na wɔka ne ho a wɔyɛ Yudafo ne Babiloniafo no nyinaa. \v 26 Afei, nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa, efi akumaa so, kosi ɔkɛse so ne asraafodɔm asahene bɔɔ huboa, na woguan kɔɔ Misraim, efisɛ na wosuro sɛ Babiloniafo no bɛyɛ wɔn biribi. \s1 Israel Adehye Anidaso \p \v 27 Ɔhene Yehoiakyin dii mfe aduasa ason wɔ nʼasutwa mu wɔ Babilonia no, Ewil-Merodak bedii Babiloniahene. Ohuu Yehoiakyin mmɔbɔ, enti oyii no fii afiase saa afe no ara mu Adar ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) da a ɛto so abien. \v 28 Ɔkaa abodwosɛm kyerɛɛ no, na ɔmaa no dibea a ɛwɔ anuonyam sen ahemfo a wɔne no wɔ Babilonia no de. \v 29 Enti Yehoiakin yii nʼafiase ntade guu nkyɛn, na efi saa da no odidii wɔ ɔhene didipon so bere biara, kosii ne wuda. \v 30 Na Babiloniahene no san maa Yehoiakin sika bere ano bere ano, ma ɔde tuatua ne ho aka, kosii ne wuda.