\id 2CO - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h 2 Korintofo \toc1 Paulo Nhoma A Ɛto So Abien A Ɔkyerɛw Kɔmaa Korintofo \toc2 2 Korintofo \toc3 2 Ko \mt2 Paulo Nhoma A Ɛto So Abien A \mt2 Ɔkyerɛw Kɔmaa \mt1 Korintofo \c 1 \s1 Nkyia \p \v 1 Saa krataa yi fi Paulo a Onyankopɔn ayi no sɛ Kristo Yesu somafo no ne Timoteo a ɔyɛ yɛn nuanom no mu baako nkyɛn, \b \p Wɔde saa krataa yi rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto ne ahotefo a wɔwɔ Akaiaman mu no nyinaa: \b \p \v 2 Adom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo nka mo. \b \s1 Onyankopɔn Boa Yɛn \p \v 3 Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya a ɔyɛ mmɔborɔhunu Agya na ɔyɛ Onyankopɔn a awerɛkyekye nyinaa fi no no ase. \v 4 Ɔkyekye yɛn werɛ wɔ yɛn amane nyinaa mu na yɛnam awerɛkyekye a yɛn ankasa anya afi Onyankopɔn nkyɛn no so atumi akyekye afoforo a wɔwɔ amane ahorow mu no werɛ. \v 5 Sɛnea yɛahu amane wɔ Kristo mu no, saa ara nso na yenya Kristo awerɛkyekye a ɛdɔɔso no. \v 6 Mo awerɛkyekye ne mo nkwagye nti yehu amane. Efisɛ sɛ Kristo kyekye yɛn werɛ a yɛn nso yɛnam so betumi akyekye mo werɛ. Ɛno bɛma moanya ntoboase ahu amane sɛ yɛn nso. \v 7 Enti gyidi a yɛwɔ wɔ mo mu no nhinhim. Yenim sɛ, sɛnea mo ne yɛn hu amane no, saa ara nso na munya awerɛkyekye a yenya no bi. \p \v 8 Anuanom, yɛpɛ sɛ yɛtwe mo adwene ba ɔhaw a ɛtoo yɛn wɔ Asia mantam mu no so. Amane a yɛfaa mu no so, na na emu yɛ duru enti yɛn asetena mu anidaso nyinaa yerae. \v 9 Nokware mu, yegye too mu sɛ yɛrebewu. Saa asɛm yi sii, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremfa yɛn ho nto yɛn ankasa so, na mmom yɛde yɛn ho bɛto Onyankopɔn a ɔma awufo sɔre no so. \v 10 Wayi yɛn afi saa owu amanehunu yi mu na ɔbɛkɔ so agye yɛn. Ɔno na yɛde yɛn ani ato no so sɛ, sɛ mokɔ so bɔ mpae ma yɛn a, \v 11 obegye yɛn bio. Eyi kyerɛ sɛ obebua mpae dodow biara a mobɔ ma yɛn no, na Onyankopɔn behyira yɛn, na dodow no ara ama wɔn nne so de ada no ase ama yɛn. \s1 Paulo Sesa Ne Nhyehyɛe \p \v 12 Yɛhoahoa yɛn ho sɛ yɛn ahonim mmu yɛn fɔ, yɛatena ase nokwaredi mu, ne titiriw ne bere a yɛwɔ mo nkyɛn no. Ɛnyɛ wiase nyansa na ɛkyerɛ yɛn kwan. Mmom, yɛn akwankyerɛ fi Onyankopɔn adom no mu. \v 13 Nsɛm a mubetumi akenkan ate ase nko na yɛkyerɛw de brɛ mo. Mewɔ anidaso sɛ mobɛte biribiara a \v 14 monte ase yiye no ase daakye sɛnea ɛbɛyɛ a da a Awurade Yesu bɛba no, mode yɛn bɛhoahoa mo ho na yɛn nso yɛde mo ahoahoa yɛn ho. \p \v 15 Na minim sɛ saa asɛm yi bɛba mu. Ɛno nti na mehyehyɛɛ sɛ mɛba abɛsra mo na moanya nhyira mprenu. \v 16 Meyɛɛ mʼadwene sɛ, sɛ merekɔ Makedonia a mɛba mo nkyɛn, na meresan nso a, mafa mo nkyɛn ansa na makɔ Yudea. \v 17 Modwene sɛ mantumi ansi mʼadwene pi wɔ nea ɛsɛ sɛ meyɛ hoa ana? Anaasɛ mete sɛ obi a ɔka se “Yiw” anaa “Dabi” sɛnea ɛbɛsɔ afoforo ani? \p \v 18 Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo. Enti sɛ meka se yɛn mmuae yɛ “Yiw” bere biara a ɛyɛ “Yiw”, ɛnyɛ “Dabi” da. \v 19 Efisɛ Yesu Kristo, Onyankopɔn Ba no a me Paulo, Silas ne Timoteo kaa ne ho asɛm kyerɛɛ mo no nsesa. Ɔnka “Yiw” ne “Dabi” da. Bere biara odi nʼasɛm so. \v 20 Ɔno mu na Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa awie pɛyɛ. Eyi nti yɛnam Yesu Kristo so ka “Amen” de hyɛ Onyankopɔn anuonyam. \v 21 Afei Onyankopɔn no ankasa na ɔma yɛne mo tumi gyina pintinn wɔ Kristo mu. Ɔno na ɔsraa yɛn \v 22 faa yɛn sɛ ne de, na ɔde ne Honhom Kronkron no hyɛɛ yɛn koma mu de sii nea ɔwɔ ma yɛn nyinaa so dua. \p \v 23 Mefrɛ Onyankopɔn sɛ mʼadanse. Onim me koma mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya kwan agye mo ahome nti na mankɔ Korinto no. \v 24 Ɛnyɛ yɛn adwene ne sɛ yɛbɛhyɛ mo ama moagye biribi adi, na mmom mo ahotɔ nti na yɛne mo yɛ adwuma. Efisɛ ɛnam mo ankasa gyidi so na mubegyina pintinn. \c 2 \nb \v 1 Enti meyɛɛ mʼadwene sɛ meremma mo nkyɛn bio mmɛhyɛ mo awerɛhow. \v 2 Sɛ mebɛhyɛ mo awerɛhow a hena na ɔbɛkyekyere me werɛ? Me ara a mahyɛ mo awerɛhow no ana? \v 3 Ɛno nti na mekyerɛw saa krataa no brɛɛ mo. Na mempɛ sɛ meba mo nnipa koro no ara a mubegye mʼani no nkyɛn abɛhyɛ mo awerɛhow. Minim yiye sɛ, sɛ me ho tɔ me a, mo nso mo ho bɛtɔ mo. \v 4 Mede amanehunu, awerɛhow ne nusu na ɛrekyerɛw mo saa krataa yi. Mankyerɛw mammɛhyɛ mo awerɛhow, na mmom, mekyerɛw de bɛkyerɛɛ ɔdɔ a medɔ mo nyinaa. \s1 Bɔne Fafiri \p \v 5 Sɛ obi ahyɛ afoforo awerɛhow a, ɛnyɛ me na wahyɛ me saa awerɛhow no, na mo anaasɛ mo mu bi na wahyɛ no saa awerɛhow no. Mempɛ sɛ me nsa yɛ den wɔ saa onipa no so. \v 6 Aso a dodow no ara atwe no no dɔɔso ma no. \v 7 Ɛsɛ sɛ mode kyɛ no na mokyekye ne werɛ sɛnea ɛbɛyɛ a awerɛhow renhyɛ ne so. \v 8 Mesrɛ mo, momma onhu sɛ mopɛ nʼasɛm pa ara. \s1 Hena Na Oye Ma Saa Dwumadi Yi? \p \v 9 Nea enti a mekyerɛw mo krataa no ne sɛ: Mepɛ sɛ mihu sɛ moatumi agyina sɔhwɛ no ano pintinn na nsɛm a meka kyerɛ mo no nso, mudi so ana. \v 10 Sɛ obi yɛ bɔne bi na mode kyɛ no a, me nso mede kyɛ no. Sɛ ɛho hia sɛ mede bɛkyɛ na mede kyɛ a, ɛsɛ sɛ mede biribiara kyɛ. Na mo nti na meyɛ saa wɔ Kristo anim \v 11 sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔbonsam rennya yɛn ho kwan, efisɛ yenim ne nsusuwii. \p \v 12 Bere a miduu Troa kɔkaa Kristo ho Asɛmpa no, mihuu sɛ Awurade ama adwuma no yɛ ho kwan wɔ hɔ. \v 13 Nanso me werɛ howee, efisɛ na minhu yɛn nua Tito. Enti mekraa nnipa a wɔwɔ hɔ no na misii mu kɔɔ Makedonia. \p \v 14 Yɛda Onyankopɔn ase sɛ daa odi yɛn kan wɔ yɛn anigye ne nkonimdi santen wɔ Kristo mu ma ɔde yɛn trɛw ne ho nimdeɛ huamhuam no mu. \v 15 Yɛyɛ Kristo aduhuam wɔ wɔn a wɔregye wɔn nkwa ne wɔn a wɔreyera no mu ma Onyankopɔn. \v 16 Na wɔn a wɔreyera no de, ɛyɛ wɔn hua bɔne a etumi kum. Nanso wɔn a wɔregye wɔn nkwa no de, ɛyɛ hua a ɛma wɔn nkwa. Hena na obetumi agyina adwuma a ɛyɛ den sɛɛ anim? \v 17 Yɛnte sɛ nnipa afoforo bi a wɔfa Onyankopɔn asɛm sɛ adetɔnnne bi, na esiane sɛ Onyankopɔn asoma yɛn no nti, yɛka nokware wɔ nʼanim sɛ Kristo asomfo. \c 3 \s1 Mo Gyidi Boa Asɛnka No \p \v 1 Eyi kyerɛ sɛ yɛrehoahoa yɛn ho bio ana? Anaasɛ yehia adansedi nkrataa a efi yɛn nkyɛn anaa mo nkyɛn sɛnea afoforo hia no ana? \v 2 Mo ankasa moyɛ krataa a ɛwɔ yɛn nkyɛn a wɔakyerɛw wɔ yɛn koma mu sɛnea ɛbɛyɛ a obiara behu na wakenkan. \v 3 Mote sɛ krataa a Kristo nam yɛn som so akyerɛw. Ɛnyɛ adubiri na wɔde kyerɛw no ɔbo pon so na mmom Onyankopɔn a ɔte ase no Honhom na wɔde kyerɛw guu nnipa koma mu. \p \v 4 Saa ahotoso yi na yɛnam Kristo so anya wɔ Onyankopɔn fam. \v 5 Biribiara nni yɛn mu a ebetumi ama yɛasi yɛn bo aka se yebetumi ayɛ saa adwuma yi. Ahoɔden a yɛwɔ no fii Onyankopɔn. \v 6 Ɔno na wama yɛn afata sɛ NʼApam Foforo ho asomfo. Efi Honhom Kronkron no na emfi mmara a wɔakyerɛw. Mmara de owu ba na Honhom no ne nea ɛma nkwa. \s1 Kristo Anuonyam Foforo \p \v 7 Mmara a ɛde owu bae no, na wɔakyerɛw no ɔbo pon so, nanso anuonyam a na ekura no nti nnipa no antumi anhwɛ Mose anim. Mose anuonyam hyerɛnee nanso saa anuonyam no dumii. \v 8 Enti apam a Honhom no de ba no rennya anuonyam mmoroso ana? \v 9 Sɛ mmara a ɛde owu ba no wɔ anuonyam a, ɛno de nea ɛma yɛteɛ wɔ Onyankopɔn anim no rennya anuonyam a ɛboro so ana? \v 10 Nokware mu, Apam Foforo no anuonyam mmoroso nti, mmara a ɛde owu ba no anuonyam ayera. \v 11 Na sɛ anuonyam wɔ biribi a ɛnkyɛ mu a, ade a ɛwɔ hɔ daa no anuonyam bɛyɛ nea ɛso yiye. \p \v 12 Esiane sɛ yɛwɔ saa anidaso yi nti, yɛwɔ akokoduru. \v 13 Yɛnte sɛ Mose a ɔde nkataanim kataa nʼanim sɛnea ɛbɛyɛ a Israelfo no renhu nea ɛretwa mu no awiei. \v 14 Nanso ntease a wɔannya no nti besi nnɛ yi, sɛ wɔkenkan Apam Dedaw nhoma no a, saa nkataanim no da so kata wɔn adwene so. Ansa na nkataanim no befi hɔ no, gye sɛ wogye Kristo di. \v 15 Nnɛ yi mpo, bere biara a wɔbɛkenkan Mose mmara no, nkataanim no da so kata wɔn koma so. \v 16 Nanso sɛ obi gye Awurade di a woyi nkataanim no fi hɔ. \v 17 Na Awurade ne Honhom no, na baabiara a Awurade Honhom wɔ no ahotɔ wɔ hɔ. \v 18 Yɛn a nkataanim biara nkata yɛn anim no, Awurade anuonyam hyerɛn wɔ yɛn anim, na Awurade Honhom no sakra yɛn kɔ nʼanuonyam mu. \c 4 \s1 Honhom Mu Agyapade A Ɛwɔ Nkuku Mu \p \v 1 Onyankopɔn nam nʼadom so de saa asɛm yi abrɛ yɛn na ɛno nti ɛmma yɛn koma ntutu. \v 2 Yɛagyae kokoamsɛm ne aniwu nneyɛe nyinaa. Yɛnnaadaa na yentwa Onyankopɔn asɛm no ho nkontompo. Yɛnnaadaa obi mma onnye nea Kyerɛwsɛm no nkae no nni. Yegyaee saa aniwude no nyinaa. Yegyina Onyankopɔn anim kasa nti yɛka nokware ma wɔn a wonim yɛn no nyinaa gye di. \v 3 Sɛ Asɛmpa a yɛka no yɛ ahintasɛm a, ɛyɛ ahintasɛm ma wɔn a wɔreyera. \v 4 Wonnye nni, efisɛ ɔbonsam asɛe wɔn adwene. Ɔtwe wɔn fi hann a ɛhyerɛn wɔ wɔn so no ho; hann a efi Asɛmpa no mu a ɛfa Kristo a ɔte sɛ Onyankopɔn anuonyam no ho no. \v 5 Ɛnyɛ yɛn ankasa ho na yɛka asɛm no fa. Yɛka Yesu Kristo ho asɛm sɛ ɔno ne Awurade no na yɛn nso Yesu nti, yɛyɛ mo asomfo. \v 6 Onyankopɔn a ɔkae se, “Hann mfi sum mu nhyerɛn” no, ɔno na wahyerɛn wɔ yɛn koma mu ama yɛanya Onyankopɔn anuonyam ho nimdeɛ wɔ Yesu Kristo mu. \p \v 7 Yɛte sɛ nkuku a wɔde agyapade asie mu. Tumi ankasa no fi Onyankopɔn na emfi yɛn. \v 8 Yɛtaa hu amane, nanso wɔnsɛee yɛn. Mpo sɛ yenhu nea yɛnyɛ a yɛmpa abaw. \v 9 Amane mu, Onyankopɔn ka yɛn ho, na sɛ wɔbɔ yɛn hwe fam a yɛsɔre bio. \v 10 Mmere nyinaa yɛn nipadua no soa Yesu wu a owui no, sɛnea ɛbɛyɛ a nʼabrabɔ bɛda adi wɔ yɛn mu. \v 11 Yɛn asetena mu nyinaa, Yesu nti, yɛte hɔ ma owu, sɛnea ɛbɛyɛ a nʼabrabɔ bɛda adi wɔ yɛn nipadua a ewu no mu. \v 12 Eyi kyerɛ sɛ owu di ne dwuma wɔ yɛn mu na nkwa nso di ne dwuma wɔ mo mu. \p \v 13 Kyerɛwsɛm no ka se, “Mekasae, efisɛ na migye di.” Saa honhom mu gyidi no ara so na ɛma yɛn nso yɛkasa, efisɛ yegye di. \v 14 Yenim sɛ Onyankopɔn a ɔmaa Awurade Yesu sɔre fii awufo mu no bɛma yɛne Yesu asɔre na ɔde yɛn abɛka mo ho wɔ nʼanim. \v 15 Mo nti na eyinom bɛba mu; na sɛnea Onyankopɔn adom no redu nnipa bebree nkyɛn no, saa ara nso na wɔbɛbɔ mpae ada Onyankopɔn ase de ahyɛ no anuonyam. \p \v 16 Esiane eyi nti, yɛn koma ntutu. Ɛwɔ mu sɛ yɛn nipadua no reporɔw nkakrankakra de, nanso yɛn honhom no de, ɛsesa yɛ foforo da biara. \v 17 Na saa ɔhaw kakra a yɛfa mu no de anuonyam a enni awiei a ɛboro saa ɔhaw no so no bɛbrɛ yɛn. \v 18 Yɛmfa yɛn adwene nkɔ nneɛma a yehu so, na mmom, nneɛma a yenhu so na yɛde yɛn adwene kɔ. Nea wotumi hu no ntena hɔ nkyɛ, nanso nea wontumi nhu no tena hɔ daa. \c 5 \p \v 1 Yenim sɛ sɛ yewu na yegyaw saa nipadua yi a yebenya nipadua foforo a Onyankopɔn ankasa ayɛ a ɛbɛtena hɔ daa wɔ ɔsoro hɔ. \v 2 Mprempren, yesi apini pɛ sɛ wɔde ɔsoro atenae foforo no kata yɛn ho, \v 3 efisɛ sɛ wɔde kata yɛn ho a yɛn ho renna hɔ bio. \v 4 Na sɛ yɛwɔ saa ɔhonam yi mu a, yesi apini na adesoa bi da yɛn so; ɛnyɛ sɛ yɛmpɛ sɛ yegyaw nipadua no, na mmom yɛpɛ sɛ wɔde ɔsoro atenae foforo no kata yɛn ho sɛnea ɛbɛyɛ a nkwa bɛmene nea ewu no. \v 5 Onyankopɔn na wasiesie yɛn ama saa nsakrae yi. Na ɔde ne Honhom no maa yɛn sɛ nea ɔwɔ ma yɛn no nyinaa akyigyinade. \p \v 6 Eyi nti, daa yɛwɔ akokoduru. Yenim sɛ mmere dodow a yɛwɔ saa nipadua yi mu no, ɛma yɛne Awurade fi kwan ware. \v 7 Efisɛ yɛn nkwa gyina gyidi so na ennyina nea yehu so. \v 8 Yɛwɔ nkuranhyɛ nti ɛyɛ yɛn pɛ sɛ yebetu afi yɛn fi wɔ saa honam yi mu na yɛne Awurade akɔtena ne fi. \v 9 Sɛ yɛwɔ yɛn fi ha anaa nohɔ no, yɛpɛ sɛ yɛsɔ nʼani sen biribiara. \v 10 Efisɛ ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa ba Kristo anim ma obu yɛn atɛn. Sɛnea obiara tenaa ase wɔ nipadua no abrabɔ mu no, sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne no, wobegyina so abu no atɛn. \s1 Yɛne Onyankopɔn Ayɔnkofa \p \v 11 Efisɛ yenim sɛnea yesuro Awurade nti, yɛka ne ho asɛmpa kyerɛ nnipa. Onyankopɔn nim yɛn yiye na mewɔ anidaso sɛ munim me nso wɔ mo koma mu. \v 12 Yɛrensan nka yɛn ho asɛmpa nkyerɛ mo, na mmom yɛrebɔ ho mmɔden sɛnea mode yɛn bɛhoahoa mo ho na moatumi abua wɔn a wɔde nnipa anim hoahoa wɔn ho na ɛnyɛ wɔn su no. \v 13 Sɛ yɛabobɔ adam a ɛyɛ yɛne Onyankopɔn ntam asɛm. Nanso sɛ yɛn adwene mu da hɔ a, eye ma mo yiyedi. \v 14 Afei a yɛahu sɛ onipa baako na owu maa nnipa nyinaa wuu bi no nti, Kristo dɔ a ɔde dɔ yɛn no na ɛhyɛ yɛn. Eyi kyerɛ sɛ nnipa nyinaa wɔ ne wu no mu kyɛfa bi. \v 15 Owu maa yɛn nyinaa, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn a wɔte ase no rentena ase mma wɔn ho bio, na mmom wɔbɛtena ase ama nea yɛn nti owui a wɔma ɔsɔre fii awufo mu no. \p \v 16 Enti ɛnsɛ sɛ yegyina onipa adwene so bu obiara atɛn bio. Na sɛ mpo bere bi a atwam no na yegyina nnipa adwene so na yehu Kristo a, afei de, yɛrenyɛ saa bio. \v 17 Sɛ obi wɔ Kristo mu a, na ɔyɛ abɔde foforo, na nneɛma dedaw nyinaa atwam ama nneɛma foforo aba. \v 18 Onyankopɔn ayɛ ne nyinaa. Ɔsomaa Kristo sɛ ɔmmɛpata ɔne yɛn ntam na ɔde ɔne afoforo ntam mpata dwumadi no ahyɛ yɛn nsa. \v 19 Asɛm a wɔde abrɛ yɛn ne sɛ, Onyankopɔn nam Kristo so afa nnipa nyinaa adamfo. Onyankopɔn ankan wɔn bɔne antia wɔn na ɔde nʼasomdwoe asɛnka ho dwumadi no ahyɛ yɛn nsa. \v 20 Enti yɛyɛ asomafo ma Kristo, na ɛte sɛnea Onyankopɔn nam yɛn so kasa kyerɛ mo. Yesi Kristo anan mu srɛ mo sɛ, momma wɔmfa mo mmata Onyankopɔn ho. \v 21 Na Kristo nni bɔne, nanso yɛn nti Onyankopɔn ma ɔfaa yɛn bɔne, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnam ɔno Kristo so bɛyɛ atreneefo wɔ Onyankopɔn anim. \c 6 \p \v 1 Anuanom a yɛne Onyankopɔn bɔ mu yɛ adwuma, yɛsrɛ mo sɛ Onyankopɔn adom a mo nsa aka no, munnnye no kwa. \v 2 Onyankopɔn se, \q1 “Bere a ɛsɛ mu no, mebua wo, \q2 na nkwagye da no, mɛboa wo.” \m Muntie! Dɔnhwerew yi mu na ɛsɛ sɛ munya Onyankopɔn adom, na nnɛ ne nkwagye da no. \p \v 3 Yɛmpɛ sɛ obiara benya yɛn adwuma ho asɛmmɔne aka, enti yɛmpɛ sɛ yɛde hintidua to obiara kwan mu. \v 4 Biribiara a yɛbɛyɛ no, ɛsɛ sɛ yɛda yɛn ho adi sɛ Onyankopɔn nkoa na yɛde boasetɔ tumi gyina ɔhaw ne amane nyinaa ano. \v 5 Wɔahwe yɛn, wɔde yɛn ato afiase, dɔm baa yɛn so, wɔama yɛayɛ adwuma a ɛboro yɛn so, yɛasi pɛ akyen kɔm. \v 6 Nanso yɛnam yɛn kronkronyɛ, osuahu, boasetɔ ne ayamye so ada yɛn ho adi sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo. Afei yɛnam Honhom Kronkron no so, yɛn nokware dɔ, \v 7 yɛn nokwasɛm a yɛka ne Onyankopɔn tumi so kyerɛ sɛ yɛyɛ Onyankopɔn asomfo. Trenee ne yɛn akode a yɛde kɔ ɔtamfo so na yɛde bɔ yɛn ho ban nso. \v 8 Sɛ wɔhoahoa yɛn o, sɛ wogu yɛn anim ase o, sɛ wɔyaw yɛn o, sɛ wɔkamfo yɛn o, yɛkɔ so ara som Onyankopɔn. Wobu yɛn sɛ atorofo nanso yɛka nokware. \v 9 Wɔyɛ wɔn ho sɛnea wonnim yɛn nanso obiara nim yɛn. Yewui, sɛnea muhu no, nanso yɛte ase. Ɛwɔ mu sɛ wɔtwee yɛn aso nanso wɔankum yɛn. \v 10 Wɔmaa yɛn werɛ howee, nanso yɛn ani gye daa. Yɛsɛ ahiafo, nanso yɛma nnipa bebree nya wɔn ho. Ɛyɛ sɛ yɛn nsam nni hwee, nanso yɛwɔ biribiara. \p \v 11 Me nnamfonom a mowɔ Korinto, yɛabue yɛn koma mu aka nokware no akyerɛ mo. \v 12 Yɛmfaa biribiara nhintaw mo wɔ yɛn koma mu, na mo na mode nsɛm ahintaw yɛn wɔ mo koma mu. \v 13 Mprempren, mekasa kyerɛ mo sɛ me mma: sɛnea yɛdwene mo ho no, mo nso monnwene yɛn ho saa ara bi. Mommfa biribiara nhintaw yɛn. Mummue mo koma mu! \s1 Kɔkɔbɔ \p \v 14 Munnyaa mo ho mma abosonsomfo, efisɛ moyɛ no saa a, ɛnyɛ ye. Ɛbɛyɛ dɛn na nea eye ne nea enye behyia? Ɛbɛyɛ dɛn na hann ne sum atena faako? \v 15 Ɛbɛyɛ dɛn na Kristo ne Ɔbonsam adwene ahyia? Dɛn na ogyidini ne nea ɔnyɛ ogyidini wɔ yɛ? \v 16 Ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn asɔredan ne ɔbonsam ahoni ayɛ nhyehyɛe? Yɛyɛ Onyankopɔn a ɔte ase no asɔredan sɛnea Onyankopɔn no ankasa aka se, \q1 “Mede me nkurɔfo bɛyɛ me fi \q2 na matena wɔn mu; \q1 mɛyɛ wɔn Nyankopɔn \q2 na wɔayɛ me nkurɔfo.” \m \v 17 Awurade se, \q1 “Monkɔ. Mumfi hɔ nkɔ \q2 mommfa mo ho nka biribiara a ɛho ntew. \q1 Montew mo ho mfi nea ɛho ntew ho \q2 na megye mo. \m \v 18 Na, \q1 “Mɛyɛ mo Agya, \q2 na mobɛyɛ me mmabarima ne me mmabea.” \q2 Otumfo Awurade na ose. \c 7 \p \v 1 Me nnamfo pa, wɔahyɛ yɛn saa bɔ yi nyinaa. Enti momma yɛntew yɛn ho mfi biribiara a egu ɔhonam anaa ɔkra no ho fi ho na yɛntena ase wɔ Onyankopɔn mu mfa ntew yɛn ho kronkron. \p \v 2 Mummue mo koma mu mma yɛn. Yɛnyɛɛ obiara bɔne. Yensisii obiara na yetwaa obiara dwow nso. \v 3 Merenka saa asɛm yi mfa ngu mo anim ase. Sɛnea madi kan aka no, yɛdɔ mo nti daa sɛ yewu o, yɛte ase o, yɛbata mo ho. \v 4 Migye mo di nti mede mo hoahoa me ho. Yɛn haw nyinaa mu no, mempaa abaw ɛ. Mede ahosɛpɛw retu mmirika no. \p \v 5 Mpo yeduu Makedonia no, yɛanhome. Na ɔhaw abunkam hɔnom, akasakasa wɔ wɔn ntam na ehu ahyɛ yɛn so. \v 6 Onyankopɔn a ɔhyɛ wɔn a wɔpa abaw den no nam Tito ba a ɔbae no so hyɛɛ yɛn den. \v 7 Ɛnyɛ ne ba a ɔbae no nko, na mmom ka a ɔbɛkaa se mohyɛɛ no nkuran no. Ɔkaa sɛnea mopɛ sɛ muhu me no kyerɛɛ me. Ɔkaa sɛnea mudii yaw ne sɛnea na moasiesie mo ho sɛ mobɛbɔ me ho ban no; enti mprempren, ama mʼani agye sen kan no. \p \v 8 Sɛ me krataa a mekyerɛw mo no hyɛɛ mo awerɛhow a, ɛnyɛ me yaw sɛ mekyerɛwee. Mfiase no ɛhaw me nanso mprempren de, ɛnhaw me. Minim sɛ krataa no mu nsɛm how mo werɛ bere tiaa bi. \v 9 Nanso mprempren de, mʼani agye; ɛnyɛ sɛ memaa mo werɛ howee no nti, na mmom sɛ mo awerɛhow no ama moasesa mo akwan. Onyankopɔn na ɔmaa mo werɛ howee enti yɛn de, yɛanhaw mo. \v 10 Awerɛhow a Onyankopɔn de baa mo so no nti, moanya ahonu bi a ɛnam so de mo bɛkɔ nkwagye mu; enti ɛnsɛ sɛ ɛyɛ mo yaw. Nanso awerɛhow a wiase de brɛ yɛn no de, ɛde owu na ɛba. \v 11 Monhwɛ nea Onyankopɔn nam how a ɔmaa mo werɛ how no so ayɛ. Mopɛ sɛ mufi mo koma mu kyerɛ sɛ munni fɔ. Mo bo afuw. Mo ho adwiriw mo. Mo ho pere mo pɛ sɛ muhu sɛ atɛntrenee ayɛ adwuma. Moakyerɛ sɛ mudi bem wɔ asɛm yi ho. \v 12 Ɛwɔ mu sɛ mekyerɛw saa krataa no de, nanso ɛnyɛ obi a ɔyɛ bɔne anaa obi a wɔyɛ no bɔne nti na mekyerɛwee. Na mmom sɛnea mo ankasa mubehu ɔkwan a moafa so atu mo ho asi hɔ ama yɛn wɔ Onyankopɔn anim no. \v 13 Ɛno na ɛhyɛ yɛn nkuran no. \p Ɛnyɛ nkuran a ɛhyɛɛ yɛn no nko. Tito nso nam gye a mugyee no maa nʼani gyee no so maa yɛn nso yɛn ani gyei. \v 14 Mede mo ahoahoa me ho akyerɛ no na moanni me nhuammɔ. Daa yɛka nokware kyerɛ mo na hoa a mede mo hoahoa me ho kyerɛ Tito no nso aba mu. \v 15 Enti sɛ ɔkae sɛnea mo nyinaa pɛɛ sɛ moyɛ osetie ma no na mode obu ne nidi gyee no fɛw so no a, ɛhyɛ ɔdɔ a ɔdɔ mo no mu den. \v 16 Ɛyɛ me anigye sɛ metumi de me ho nyinaa ato mo so. \c 8 \s1 Ayamye \p \v 1 Anuanom, yɛpɛ sɛ muhu nea Onyankopɔn adom ayɛ wɔ Makedonia asafo ahorow no mu. \v 2 Wɔn ahokyere mu no wɔn anigye boroo so, na wɔn hia mu mpo, wuyii ayamye kɛse kyerɛe. \v 3 Midi ho adanse sɛ wɔmaa nea wobetumi ma ɛboroo so mpo. Wɔn ara fii wɔn pɛ mu \v 4 srɛɛ yɛn sɛ yɛmma wɔmfa sika no nkɔma Kristofo a wɔwɔ Yudea no bi. \v 5 Wɔyɛ ma ɛboroo so. Nea edi kan no, wɔde wɔn ho maa Awurade. Afei wofi Onyankopɔn pɛ mu de wɔn ho maa yɛn nso. \v 6 Enti yɛka kyerɛɛ Tito a ofii adwuma yi ase se ɔntoa so na ɔmmoa mo na moatumi awie saa ɔdɔ adwuma yi. \v 7 Moyɛ adefo wɔ nea mowɔ nyinaa mu: ɔkasa mu ne nimdeɛ mu, mmoa a ɛyɛ mo pɛ sɛ moboa ne ɔdɔ a mode dɔ yɛn mu. Enti yɛpɛ sɛ mode ahofama som wɔ ɔdɔ mu. \p \v 8 Merenhyehyɛ mmara mma mo. Na mmom mepɛ sɛ mede mo dɔ a mowɔ no toto afoforo de ho hwɛ sɛ mo dɔ no yɛ ɔdɔ kann ana. \v 9 Munim adom a na yɛn Awurade Yesu Kristo wɔ. Ɔdefo a na ɔyɛ no nyinaa akyi no, mo nti ɔyɛɛ ne ho ohiani sɛnea ɛbɛyɛ a ɔnam ne hia no so bɛma moayɛ adefo. \p \v 10 Mʼadwene a mewɔ wɔ asɛm no ho ni: Afe a etwaa mu no, mo na mudii kan fii mo pɛ mu yɛɛ ayɛ. \v 11 Monkɔ so na munnwie dwuma no di. Mommma mo ho mpere mo sɛ mubewie sɛnea mususuwii sɛ mobɛyɛ no. \v 12 Sɛ wo ho pere wo sɛ wobɛma a, Onyankopɔn nam nea wowɔ so begye, na ɛnyɛ nea wunni so. \p \v 13 Merennye nkurɔfo nnesoa mmegu mo so na mmom, esiane sɛ mowɔ bebree saa bere yi mu no nti, ɛyɛ fɛ sɛ moboa wɔn a wonni bi no. \v 14 Na sɛ ɛba sɛ biribi ho hia mo na sɛ wɔwɔ bi a, wɔaboa mo. Eyi ma mo nyinaa yɛ pɛ. \v 15 Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Onipa a ɔboaboaa dodow ano no annya ammoro so, na nea ɔboaboaa kakraa bi ano no nyaa nea ɛbɛso no.” \p \v 16 Yɛda Onyankopɔn ase sɛ wama anigye a mewɔ wɔ mo ho no bi awura Tito koma mu. \v 17 Ɛnyɛ sɛ ɔpenee yɛn abisade so nko, na mmom ɔno ankasa fii ne pɛ mu pɛɛ sɛ ɔboa nti na osii nʼadwene pi sɛ ɔbɛba mo nkyɛn no. \v 18 Yɛresoma onua bi a wobu no wɔ asafo ahorow no nyinaa mu wɔ asɛnka adwuma no ho aka ne ho. \v 19 Ɛno akyi no, asafo ahorow no ayi onua yi sɛ ɔne yɛn ntutu akwan wɔ mmere a yɛredi ɔdɔ ho dwuma de ahyɛ Awurade anuonyam yi, na yɛmfa nkyerɛ nso sɛ yɛpɛ sɛ yɛboa. \v 20 Yɛhwɛ yɛn ho so yiye sɛ asɛm biara remma ɔkwan a yɛbɛfa so de saa akyɛde yi adi dwuma no ho. \v 21 Yɛn botae ne sɛ yɛbɛyɛ nea eye wɔ Awurade ne nnipa anim. \p \v 22 Enti yɛresoma onipa foforo bi aka Tito ne osuani baako no ho. Yɛasɔ no ahwɛ wɔ akwan ahorow bebree so na yɛahu sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔboa. Na mprempren ne ho pere no sɛ ɔbɛboa efisɛ wanya mo mu ahotoso. \v 23 Tito de, ɔyɛ me boafo a ɔne me yɛ adwuma de boa mo, na anuanom a wɔne no rekɔ no de, wɔyɛ asɔre ahorow ananmusifo a wɔhyɛ Kristo anuonyam. \v 24 Momma wonhu ɔdɔ a modɔ wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a asafo no nyinaa behu sɛ hoa a yɛde mo hoahoa yɛn ho no yɛ nokware. \c 9 \s1 Mmoa A Wɔde Ma Onyankopɔn Nkurɔfo \p \v 1 Ɛho nhia sɛ mekyerɛw mo fa mmoa a ɛsɛ sɛ wɔboa Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ Yudea no ho. \v 2 Minim sɛ ɛyɛ mo pɛ sɛ moboa nti mede mo ahoahoa me ho akyerɛ nnipa a wɔwɔ Makedonia no. Mekae se, “Anuanom a wɔwɔ Hela no siesiee wɔn ho sɛ wɔbɛboa afe a etwaa mu no mu.” Mo ahokeka no akanyan wɔn mu fa kɛse no. \v 3 Afei merema anuanom yi aba mo nkyɛn sɛnea ɛbɛyɛ a hoa a yɛde mo hoahoa yɛn ho no nyɛ nsɛnkeka kwa. Na sɛnea mekae no, mubesiesie mo ho aboa. \v 4 Sɛ anyɛ saa na sɛ nnipa no ne me fi Makedonia ba behu sɛ munsiesiee mo ho a yɛn anim begu ase. Mo nso mo anim begu ase bi sɛ mudii yɛn nhuammɔ. \v 5 Enti midwen ho huu sɛ eye sɛ anuanom bi di mʼanim kan kɔhwehwɛ akyɛde a mohyɛɛ me ho bɔ no gu hɔ. Ɛba saa a, bere a medu hɔ no na ɛwɔ hɔ na ama adi adanse sɛ mo na momae, efisɛ na mopɛ sɛ moma nti, na mmom, ɛnyɛ sɛ na ɛsɛ sɛ moma. \p \v 6 Monkae saa asɛm yi: Onipa a ogu aba kakraa bi no, betwa so kakraa bi, na nea ogu aba bebree no, betwa so bebree. \v 7 Mo mu biara mma sɛnea wadwene ho no, a ɛnyɛ sɛ ɔyaw anaa ɔhyɛ mu, efisɛ Onyankopɔn pɛ obi a ɔde anigye ma akyɛde no asɛm. \v 8 Na Onyankopɔn betumi ama wo aboro nea ɛho hia wo no so; enti daa na wowɔ nea ɛho hia wo, na wubenya bi nso adi dwuma foforo a ɛfata sɛ wudi. \v 9 Kyerɛwsɛm no ka se \q1 “Ofi ne koma mu ma ahiafo nea wohia; \q2 nʼadɔe no tena hɔ daa.” \m \v 10 Na Onyankopɔn a ɔma ogufo no aba ne brodo sɛ aduan di no bɛma wo nso aba a ehia wo nyinaa na wahwɛ so ama anyin na wʼadɔe no nti, asow bebree. \v 11 Daa ɔbɛhwɛ ma woanya wo ho na woayɛ adɔe, na ɛnam so ama dodow no ara ada Onyankopɔn ase wɔ akyɛde a yenya fi mo nkyɛn no ho. \p \v 12 Saa adɔe a moyɛ yi, monnyɛ mma Onyankopɔn nkurɔfo nko, na mmom, anam so ama nnipa bebree ada Onyankopɔn ase. \v 13 Esiane dwuma a moadi de adi mo ho adanse pa no nti, nnipa gyina nokware a moadi wɔ Kristo asɛnka no ne mo adɔe a moyɛ maa obiara no so bɛkamfo Onyankopɔn. \v 14 Enti wɔde ɔdɔ bɛbɔ mpae ama mo, efisɛ Onyankopɔn ama mo adom a ɛboro so. \v 15 Yɛda Onyankopɔn ase wɔ nʼakyɛde a enni kabea no ho. \c 10 \s1 Paulo Yi Ne Ho Ano \p \v 1 Me, Paulo a sɛ mewɔ mo nkyɛn a meyɛ mmerɛw, na sɛ minni mo nkyɛn nso a mewɔ akokoduru ma mo no, me na mitu saa fo yi. Mesrɛ wɔ me Kristo a ɔyɛ ɔyamyefo no din mu sɛ: \v 2 Sɛ meba hɔ a monnhyɛ me mma menkasakasa mo anim. Minim yiye sɛ metumi anya akokoduru wɔ nnipa a wɔka se wiase adwene na yɛde di dwuma no no ho. \v 3 Ɛyɛ nokware sɛ yɛte wiase, nanso yennyina wiase tumi so wɔ yɛn ko mu. \v 4 Akode a yɛde ko no mfi wiase. Ɛyɛ Onyankopɔn akode a ano yɛ den a yebetumi de asɛe atamfo pampim a wɔabobɔ no. Yɛsɛe akyinnyehunu. \v 5 Yɛsɛe akwanside biara a etia Onyankopɔn ho nimdeɛ no. Yɛto adwene biara nnareka ma wɔyɛ osetie ma Kristo. \v 6 Sɛ mo setie wie pɛyɛ na obi san yɛ asoɔden wɔ ɔkwan biara so a, yɛbɛtwe nʼaso. \p \v 7 Sɛnea nneɛma te no ara na muhu. Obi wɔ hɔ a ɔkari ne ho ka se, ɔyɛ Kristo de ana? Onii no nkari ne ho bio nhwɛ, efisɛ yɛn nso yɛyɛ Kristo de sɛnea ɔno nso yɛ ne de no. \v 8 Ɛnyɛ me aniwu sɛ aba sɛ mede tumi a Awurade de ama me sɛ memfa nhwɛ mo na munyin na memmfa nsɛe mo no bɛhoahoa me ho. \v 9 Mempɛ sɛ modwene sɛ mede me nkrataa a makyerɛw mo no rehunahuna mo. \v 10 Obi bɛka se, “Paulo nkrataa mu nsɛm no yɛ yaw nanso sɛ ɔba yɛn nkyɛn a, ɔyɛ bɔkɔɔ na ne nsɛm nso nka hwee!” \v 11 Ɛsɛ sɛ saa onipa no te ne ho ase sɛ, nsonoe biara nna nsɛm a ɛwɔ yɛn nkrataa a yɛkyerɛw no bere a yenni mo nkyɛn no, ne nea sɛ yɛwɔ mo nkyɛn a yɛyɛ no mu. \p \v 12 Ɛyɛ nokware, yɛrentumi mfa yɛn ho ntoto wɔn a wɔfa wɔn ho sɛ wɔn asetena korɔn no ho. Saa nnipa no yɛ nkwaseafo! Wɔnam wɔn ho a wɔde toto wɔn ho wɔn ho so no bu wɔn ho atɛn. \v 13 Yɛn de, yɛn ahohoahoa no ntra so bi. Yɛn ahohoahoa no ntra dwuma a Onyankopɔn atu yɛn sɛ yenni a mo mu adwumayɛ ka ho bi no so. \v 14 Esiane sɛ mowɔ saa tebea no mu nti, yɛbaa mo nkyɛn bɛkaa Asɛmpa a ɛfa Kristo ho no a yɛantra. \v 15 Eyi nti yɛmmfa adwuma a nkurɔfo ayɛ no nhoahoa yɛn ho te sɛ yɛn ara na yɛyɛe. Nea yɛrepɛ ne sɛ mo gyidi ase betim na anam so ama yɛatumi ayɛ mo mu adwuma a yɛntra baabi a Onyankopɔn ahyɛ no. \v 16 Na yɛnam so atumi aka Asɛmpa wɔ aman afoforo so a yɛremfa adwuma a ɔfoforo ayɛ no nhoahoa yɛn ho. \v 17 Kyerɛwsɛm no ka se, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔhoahoa ne ho no nhoahoa no wɔ ade a Awurade ayɛ mu.” \v 18 Efisɛ ɛnyɛ ka a onipa bɛka ne ho asɛm pa no na ɛma Onyankopɔn gye no to mu, na mmom onipa a Onyankopɔn no ara bɛka ne ho asɛm pa no na ogye no to mu. \c 11 \s1 Paulo Ne Atoro Asomafo \p \v 1 Mewɔ anidaso sɛ, sɛ meyɛ nkwaseade koraa a mubegye me. Mepa mo kyɛw, monyɛ saa. \v 2 Metwe mo ho ninkunu sɛnea Onyankopɔn twe mo ho ninkunu no. Mote sɛ ɔbabun a mahyɛ ɔbarima baako pɛ bi a ɔno ne Kristo no bɔ sɛ mede mo bɛma no aware. \v 3 Misuro sɛ wɔbɛsɛe mo adwene na mo a mode mo ho nyinaa ama Kristo no, mubegyae sɛnea ɔwɔ no nam anifere so daadaa Hawa no. \v 4 Mode anigye gye obiara a ɔba mo nkyɛn bɛka Yesu foforo a ɔnyɛ nea yɛka ne ho asɛm kyerɛ mo no di; mugye honhom bi ne asɛmpa bi a nsonoe da ɛno ne Honhom ne Asɛmpa a yɛka kyerɛ mo no ntam no di. \p \v 5 Minnye nni sɛ meyɛ “Asomafo” no mu abomfiaa. \v 6 Ebia mʼano ntew de, nanso mʼadwene mu abue. Yɛnam akwannuasa so akyerɛ mo eyi ase fann. \v 7 Mebɛkaa Onyankopɔn Asɛmpa no kyerɛɛ mo no, mannye mo hwee. Mebrɛɛ me ho ase sɛnea ɛbɛma mo akrɔn. So bɔne a meyɛɛ ne sɛ meyɛɛ saa ana? \v 8 Bere a na mereyɛ mo mu adwuma no, asafo afoforo bi na na wotua me ka. \v 9 Bere a na mewɔ mo nkyɛn no, sɛ sika ho hia me a, na menhaw mo. Na anuanom a wɔte Makedonia no de biribiara a ɛho hia me brɛ me. Sɛnea na ɛte mmere a atwa mu no, saa ara nso na daakye ɛbɛyɛ. Merenyɛ adesoa mma mo da. \v 10 Kristo nokwaredi a ahyɛ me ma nti, mehyɛ mo bɔ sɛ obiara rentumi nka mʼahohoahoa yi nhyɛ wɔ Helaman mu da. \v 11 Adɛn nti na meka saa? Efisɛ mennɔ mo ana? Onyankopɔn nim sɛ medɔ mo. \p \v 12 Mɛkɔ so adi dwuma a meredi no mprempren yi sɛnea ɛbɛyɛ a saa “asomafo” no rennya kwan nhoahoa wɔn ho sɛ dwuma a wodi no te sɛ yɛn dwuma a yedi no ara pɛ. \v 13 Saa nnipa no nyɛ nokware asomafo. Wɔyɛ atoro asomafo a wɔnam twa atoro wɔ wɔn adwuma ho ma nnipa hu wɔn sɛ wɔyɛ Kristo asomafo. \v 14 Ɛnyɛ me nwonwa, efisɛ ɔbonsam koraa tumi sesa ne ho ma ɔdan yɛ sɛ hann. \v 15 Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ nʼasomfo tumi sesa wɔn ho de daadaa nnipa sɛ wɔyɛ papa. Awiei no, wobenya wɔn nneyɛe so akatua pɛpɛɛpɛ. \s1 Paulo Hoahoa Ne Ho \p \v 16 Miti mu ka bio se: Ɛnsɛ sɛ obiara susuw sɛ meyɛ ɔkwasea. Sɛ mususuw saa a, ɛno de munnye me sɛnea mubegye ɔkwasea na menam so atumi ahoahoa me ho. \v 17 Asɛm a mereka yi nyɛ nea Awurade pɛ sɛ meka. Meka ahohoahoa ho asɛm a, na mekasa sɛ ɔkwasea. \v 18 Nanso esiane sɛ nnipa bebree hoahoa wɔn ho wɔ nipasu mu nti, me nso mɛyɛ saa. \v 19 Mo ankasa mo ani atew nti mode anigye gye nkwaseafo. \v 20 Mugye obi a ɔhyɛ mo so anaa nea onya mo ho biribi anaa nea osum mo afiri anaa nea ommu mo anaa nea ɔbɔ mo ani so. \v 21 Mede fɛre gye eyi to mu sɛ yɛyɛ mmerɛw dodo wɔ eyi mu. \p Sɛ obi gye kyim de biribi hoahoa ne ho a, merekasa sɛ ɔkwasea, me nso megye kyim ahoahoa me ho wɔ dekode no ho bi. \v 22 Wɔyɛ Hebrifo ana? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Israelfo ana? Me nso meyɛ bi. Wɔyɛ Abraham asefo ana? Me nso meyɛ bi. \v 23 Wɔyɛ Kristo asomfo ana? Merekasa sɛ ɔbɔdamfo. Nanso meyɛ ɔsomfo pa sen wɔn. Mayɛ adwuma a ɛyɛ den sen wɔn; mada afiase mpɛn bebree; wɔabɔ me mmaa bebree na metaa mebɛn owu nso. \v 24 Yudafo bɔɔ me mmaa aduasa akron ahorow anum. \v 25 Romafo bɔɔ me mmaa mprɛnsa na wosiw me abo pɛnkoro. Metenaa ahyɛn mu ma ɛbɔɔ mprɛnsa. Madi asu ase nnɔnhwerew aduonu anan pɛn. \v 26 Mʼakwantu ahorow mu no, mihyiaa nsuyiri ne akwamukafo. Mihuu amane wɔ Yudafo ne amanamanmufo nsam. Mihuu nkurow so amane. Mihuu wuram amane. Mihuu po so amane ne nnamfo a wɔnka nokware nsam amane. \v 27 Mayɛ adwuma a ɛyɛ den na ɔbrɛ wɔ mu. Mpɛn pii menna. Ɔkɔm ne osukɔm dee me. Mpɛn pii minnya aduan a ɛbɛso me nni. Minnya baabi nna anaa atade nhyɛ. \v 28 Bere biara na mema asafo ahorow no ho nsɛm yɛ me nsɛnhia. \v 29 Sɛ obi yɛ mmerɛw a ɛma me nso meyɛ mmerɛw. Sɛ obi ka ɔfoforo kɔ bɔne mu a ɛma me werɛ how. \p \v 30 Sɛ mehoahoa me ho a, na ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho wɔ nneɛma a ɛkyerɛ me mmerɛwyɛ no mu. \v 31 Awurade Yesu no, Onyankopɔn ne Agya no a ɛsɛ sɛ yɛkamfo no no nim sɛ merentwa nkontompo. \v 32 Bere a mewɔ Damasko no, Amrado a na ɔhyɛ Ɔhene Areta ase no maa awɛmfo wɛn kurow no pon pɛɛ sɛ wɔkyere me. \v 33 Nanso wɔde me sii kɛntɛn mu twetwee me faa ɔfasu bi a apae tokuru mu de me sii fam ma miguan fii ne nsam. \c 12 \s1 Paulo Anisoadehu \p \v 1 Ɛwɔ mu sɛ ahohoahoa so nni mfaso biara de, nanso ɛsɛ sɛ mehoahoa me ho. Nanso afei mɛka anisoadehu ne adiyisɛm a Awurade ada no adi akyerɛ me no. \v 2 Minim Okristoni bi a mfe dunan ni biribi hwim no de no kɔɔ ɔsoro. Minnim sɛ saa asɛm yi sii ampa ara anaasɛ ɛyɛ anisoadehu. Onyankopɔn nko ara na onim. \v 3 Miti mu. Minim sɛ wohwim saa ɔbarima yi kɔɔ Paradise. Bio, minnim sɛ saa asɛm yi sii ampa ara anaasɛ ɛyɛ anisoadehu. Onyankopɔn nko ara na onim. \v 4 Na hɔ na ɔtee nneɛma bi a wɔde ka nsɛm a ɛnyɛ yiye, nsɛm a wɔmma kwan mma wɔnka. \v 5 Enti mede saa onipa yi bɛhoahoa me ho na meremfa me ara me ho nhoahoa me ho, gye sɛ nneɛma a ɛda me adi sɛ meyɛ mmerɛw no ho. \v 6 Sɛ mehoahoa me ho mpo a, anka merenyɛ ɔkwasea, efisɛ nokware ara na meka. Nanso merenhoahoa me ho, efisɛ mempɛ sɛ obiara bu me otitiriw sen sɛnea wahu na wate afi me nkyɛn no. \v 7 Sɛnea ɛbɛyɛ a ɛnam saa adiyisɛm nwonwaso yi nti meremma me ho so no, wɔsomaa ɔbonsam bɔfo ma ɔde honam mu yaw a emu yɛ den brɛɛ me de brɛɛ me ase. \v 8 Mebɔɔ eyi ho mpae mprɛnsa kyerɛɛ Awurade na mesrɛɛ no sɛ ɔmma emfi me so nkɔ. \v 9 Ne mmuae a ɔmaa me ne sɛ, “Mʼadom nko ara na ɛho hia wo, na bere a woayɛ mmerɛw no na me tumi mu yɛ den pa ara.” Enti ɛyɛ me anigye pa ara sɛ mede me mmerɛwyɛ hoahoa me ho, sɛnea ɛbɛyɛ a mɛte Kristo bammɔ tumi a ɛbɔ me ho ban no nka. \v 10 Esiane Kristo nti, mepene mmerɛwyɛ, ɔyaw, amanehunu, ɔtaa ne akwanside so. Efisɛ me mmerɛwyɛ mu no na meyɛ den. \p \v 11 Meyɛ me ho sɛ ɔkwasea, nanso mo na moama mayɛ saa. Mo na anka ɛsɛ sɛ mugye me to mu. Na sɛ menyɛ hwee a, ɔkwan biara so no, mennyɛ sɛ abomfiaa wɔ mo anim nsen “Asomafo” a mubu wɔn no. \v 12 Mede boasetɔ dii dwuma wɔ mo mu de kyerɛɛ sɛ meyɛ ɔsomafo. \v 13 Dwumadi no bi yɛ nsɛnkyerɛnne ne anwonwade. Dɛn na ɛma moyɛ asɔre a aka no mu abomfiaa, efisɛ mammisa mo mmoa bi nti? Mesrɛ mo, momfa saa mfomso no nkyɛ me. \p \v 14 Afei masiesie me ho sɛ merebɛsra mo nea ɛto so mpɛn abiɛsa, na merenyɛ adesoa mma mo. Mo na mo ho hia me na ɛnyɛ mo ahode. Na mpo mmofra nkora ade mma awofo, awofo mmom na wɔkora ade ma mmofra. \v 15 Ɛbɛyɛ me anigye sɛ mo nti, mɛhwere nea mewɔ ne mʼadagyew de aboa mo. Sɛ medɔ mo yiye a, mo dɔ a mowɔ ma me no so bɛtew ana? \v 16 Mobɛte ase sɛ na menyɛ adesoa mma mo. Nanso obi bɛka se, meyɛ ɔdaadaafo a mede nnaadaa na eyii mo. \v 17 Ɔkwan bɛn so? Menam abɔfo a mesomaa wɔn mo nkyɛn no so sisii mo ana? \v 18 Mesomaa Tito se ɔnkɔ, na mesomaa onua baako kaa ne ho. Mokyerɛ sɛ Tito sisii mo ana? So na ɔno ne me nyinaa mfi Honhom koro mu ntu anammɔn koro ana? \p \v 19 So mususuw daa sɛ pɛ ara na yɛpɛ sɛ yɛka biribi de tetew yɛn ho wɔ mo anim ana? Yɛkasa sɛnea Kristo pɛ sɛ yɛka wɔ Onyankopɔn anim. Na biribiara a yɛyɛ no nso, me nnamfo pa, yɛyɛ de hyɛ mo den. \v 20 Misuro sɛ midu hɔ a sɛnea anka mepɛ sɛ mihu mo no, merenhu mo saa. Saa ara nso na sɛnea anka mopɛ sɛ muhu me no, morenhu me saa. Minim sɛ mɛba abɛto akasakasa ne anibere, abufuw ne pɛsɛmenkominya, ɔyaw ne nseku, ahantan ne basabasayɛ no. \v 21 Misuro sɛ da a mɛba bio no, Onyankopɔn begu mʼanim ase wɔ mo anim na mesu ama wɔn a wɔayɛ bɔne dedaw na wonnuu wɔn ho wɔ wɔn akɔnnɔ ne aguamammɔ ho no. \c 13 \s1 Kɔkɔbɔ A Etwa To \p \v 1 Nsra a ɛto so abiɛsa a merebɛsra mo ni. Kyerɛwsɛm no ka se, “Adanse a nnipa baanu anaa baasa bedi no na ɛsɛ sɛ wɔfa.” \v 2 Bere a mebaa mo nkyɛn nea ɛto so abien no, mebɔɔ mo kɔkɔ bi. Mereti mu mprempren a minni mo nkyɛn yi. Sɛ mesan ba bio a, meremfa mo anaa nnipa afoforo bi a wɔayɛ bɔne no ho nkyɛ wɔn, \v 3 efisɛ mopɛ sɛ muhu nsɛnkyerɛnne bi sɛ Kristo nam me so kasa. Ɔnyɛ mmerɛw sɛ ɔbɛyɛ mo mu adwuma, na mmom ɔwɔ tumi wɔ mo mu. \v 4 Ɛwɔ mu sɛ mmerɛwyɛ mu na wɔbɔɔ no asennua mu, nanso Onyankopɔn tumi mu na ɔte ase yi. Yɛyɛ mmerɛw de, nanso ayɔnkofa a yɛne no wɔ nti, yɛne no bɛtena wɔ Onyankopɔn tumi mu. \p \v 5 Monsɔ mo ho nhwɛ, na mummu mo ho atɛn nhwɛ sɛ mote ase wɔ gyidi mu ana. Munim yiye sɛ Kristo Yesu te mo mu ana? Sɛ ɔnte mo mu a na ɛkyerɛ sɛ moantumi sɔhwɛ no. \v 6 Minim yiye sɛ mubehu sɛ yɛanni nkogu. \v 7 Afei yɛbɔ mpae srɛ Onyankopɔn sɛ morenyɛ biribiara a enye. Yɛmpɛ sɛ nnipa behu sɛ yɛwɔ tumi bi wɔ mo so. Mpo sɛ wohu yɛn sɛ yɛsɛ nnipa a yɛadi nkogu wɔ yɛn adwuma mu a, yɛpɛ, efisɛ yɛpɛ sɛ mobɛyɛ nea eye de adi nkonim. \v 8 Yɛrentumi nsɔre ntia nokware, na mmom nokware nko ara na ɛsɛ sɛ yegyina ma no. \v 9 Sɛ yehu sɛ yɛyɛ mmerɛw na moyɛ den a, na yɛn ani agye. Enti yɛn nso yɛrebɔ mpae sɛ mobɛyɛ pɛ. \v 10 Ɛno nti na merekyerɛw saa krataa yi abrɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ na, sɛ meba a merennyina tumi a Awurade de ama me sɛ memfa mmoa mo na munyin na mo mu antetew no so ne mo nni no anibere so. \b \b \p \v 11 Enti anuanom, makra mo! Mompere nhwehwɛ ade pa; muntie mʼafotu; mo ne mo ho mo ho nka na montena ase asomdwoe mu. Na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn no ne mo bɛtena. \b \p \v 12 Momfa onuadɔ nkyiakyia mo ho mo ho. \p \v 13 Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa kyiakyia mo. \b \p \v 14 Yɛn Awurade Yesu Kristo dom ne Onyankopɔn dɔ ne Honhom Kronkron no ayɔnkofa nka mo nyinaa.