\id 2CH - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h 2 Beresosɛm \toc1 Beresosɛm Nhoma A Ɛto So Abien \toc2 2 Beresosɛm \toc3 2 Be \mt1 Beresosɛm \mt2 Nhoma A Ɛto So Abien \c 1 \s1 Salomo Srɛ Nyansa \p \v 1 Ɔhene Dawid babarima Salomo soo ahenni no mu den, efisɛ \nd Awurade\nd*, ne Nyankopɔn kaa ne ho maa no tumi a ɛso. \p \v 2 Ɔfrɛɛ Israel nyinaa, asahene ne asraafodɔm ntuanofo, atemmufo, amanyɛ ne mmusua ntuanofo nyinaa. \v 3 Na Salomo dii nnipa no nyinaa anim kɔɔ bepɔw Gibeon so baabi a wɔde Onyankopɔn Ahyiae Ntamadan no asi. Eyi yɛ Ntamadan a Mose a ɔyɛ \nd Awurade\nd* somfo sii wɔ sare no so no. \v 4 Na Dawid ayi Onyankopɔn Adaka no afi Kiriat-Yearim de akɔ ntamadan sononko bi a wasi wɔ Yerusalem mu. \v 5 Nanso na kɔbere mfrafrae afɔremuka a Hur nena a ɔyɛ Uri babarima Besaleel sii no da so wɔ Gibeon, wɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan no anim. Enti Salomo ne nnipa no boaa wɔn ho ano wɔ hɔ, bisaa \nd Awurade\nd* akwankyerɛ. \v 6 Hyiadan no anim hɔ, Salomo foro kɔɔ kɔbere mfrafrae afɔremuka no ho wɔ \nd Awurade\nd* anim, bɔɔ ɔhyew afɔre ahorow apem wɔ so. \p \v 7 Da no anadwo, Onyankopɔn yii ne ho adi wɔ dae mu kyerɛɛ Salomo, bisaa no se, “Dɛn na wopɛ? Bisa na mede bɛma wo!” \p \v 8 Salomo buaa Onyankopɔn se, “Wudii mʼagya Dawid nokware na woyɛɛ no adɔe, na afei wode me asi nʼanan mu sɛ ɔhene. \v 9 Na afei \nd Awurade\nd* Nyankopɔn, mesrɛ wo di bɔ a wohyɛɛ mʼagya Dawid no so, efisɛ wode me asi nnipa a wɔn dodow te sɛ asase so mfutuma so hene. \v 10 Ma me nyansa ne nimdeɛ, na memfa nni wɔn so yiye, na hena koraa na obetumi adi wo man kɛse sɛɛ so?” \p \v 11 Onyankopɔn ka kyerɛɛ Salomo se, “Esiane sɛ wʼahiasɛm kɛse ne sɛ wopɛ sɛ woboa wo manfo, na woammisa ahode, anuonyam anaa wʼatamfo wu anaa nkwa tenten, na mmom, wubisaa nyansa ne nimdeɛ a wode bedi me nkurɔfo so yiye nti, \v 12 mɛma wo nyansa ne nimdeɛ a wubisae no. Afei, mɛma wo sika, ahode ne anuonyam a ɔhene biara a wadi wʼanim no nnyaa bi da, nanso ɔrennya no saa da biara da.” \p \v 13 Na Salomo fii hyiadan a ɛwɔ Gibeon bepɔw no so no mu san kɔɔ Yerusalem kodii hene wɔ Israel so. \p \v 14 Salomo nyaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ bebree. Na ɔwɔ nteaseɛnam apem ahannan ne apɔnkɔ mpem dumien. Ɔde emu fa kɛse guguu nteaseɛnam nkuropɔn no so na ɔmaa bi nso kaa Yerusalem. \v 15 Salomo bere so no, dwetɛ ne sikakɔkɔɔ buu so sɛ abo wɔ Yerusalem. Na sida aboɔden nnua nso buu so sɛ ankye nnua a na abu so wɔ Yuda mmepɔw no ase no. \v 16 Na Salomo tɔɔ apɔnkɔ fii Misraim ne Kilikia, efisɛ na ɔhene no aguadifo nya wɔn fi Kilikia a wɔn bo no ye. \v 17 Saa bere no na wotumi tɔ Misraim nteaseɛnam a wɔde ba Yerusalem no nnwetɛbona kilogram ason, na apɔnkɔ nso, wotumi tɔ no nnwetɛbona kilogram abien. Wɔn nso kɔtontɔn wɔn nyinaa maa Hetifo ne Aram ahemfo. \c 2 \s1 Asɔredan No Si Ahoboa \p \v 1 Salomo hyɛɛ sɛ wonsi \nd Awurade\nd* Asɔredan ne nʼankasa nʼahemfi. \v 2 Ɔfaa apaafo mpem aduɔson ne abotwafo mpem aduɔwɔtwe fii bepɔw so aman mu ne nnipa mpem abiɛsa ne ahansia a wodi adwuma no anim. \p \v 3 Salomo de nkra yi kɔmaa Tirohene Huram: \pm “Brɛ me sida nnua te sɛ nea wɔde brɛɛ mʼagya Dawid, bere a na ɔresi nʼahemfi no. \v 4 Merebesi Asɔredan ahyɛ \nd Awurade\nd*, me Nyankopɔn din anuonyam. Ɛbɛyɛ baabi bi a wɔayi asi hɔ sɛ wɔnhyew nnuhuam ne kurobow wɔ nʼanim, nna afɔrebɔde brodo sononko no adi, na wɔmmɔ ɔhyew afɔre ahorow homeda biara, anɔpa ne anwummere, Ɔsram Foforo biara afahyɛ ahorow ne \nd Awurade\nd* yɛn Nyankopɔn nnapɔnna biara. Ɔno na wahyɛ Israel sɛ wɔnyɛ saa nneɛma yi daa daa. \pm \v 5 “Eyi bɛyɛ Asɔredan a ɛso na ɛyɛ fɛ, efisɛ yɛn Nyankopɔn no yɛ ɔnwonwani a ɔso kyɛn ɔfoforo biara. \v 6 Hena na obetumi asi ofi a ɛfata ama no? Ɔsorosoro mpo ntumi nkora no. Na me sɛɛ ne hena a mesi asɔredan ama no? Nea metumi ayɛ ara ne sɛ mesi baabi a wɔbɛbɔ afɔre ama no. \pm \v 7 “Enti ma me odwumfo a ne nsa ano adwuma yɛ fɛ a obetumi de sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafrae ne nnade adi adwinni; obi a onim sɛnea wɔhyɛ ntama aduru ma ɛyɛ bibiri, kɔkɔɔ ne tuntum ma ɛyɛ fɛ yiye ne sika dwumfo a wakwadaw adwuma mu, a ɔne Yuda ne Yerusalem adwumfo a mʼagya Dawid yii wɔn no bɛyɛ adwuma. \pm \v 8 “Afei, fa sida, ɔpepaw ne ɔbako nnua fi Lebanon brɛ me, efisɛ, minim sɛ wo mmarima no akyi no, obi nni hɔ wɔ nnuabu mu; na mɛsoma me mmarima na wɔabɛboa wɔn. \v 9 Asɔredan a merebesi no kɛse ne ne fɛ a ɛbɛyɛ nti, nnua bebree ho behia me. \v 10 Mede atoko susukoraa mpem aduonu, nsa gyare mpem aduonu ne du ne ngo mpem aduonu betua wo mmarima no ka.” \p \v 11 Ɛnna ɔhene Huram kyerɛw saa mmuae yi de kɔmaa Salomo: \pm “Esiane sɛ \nd Awurade\nd* dɔ ne nkurɔfo nti na ɔde wo asi wɔn so hene. \pm \v 12 “Nhyira nka \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn a ɔbɔɔ ɔsoro ne asase! Wama Dawid ɔba nyansafo a wadom no adwene ne ntease a obesi Asɔredan ama \nd Awurade\nd* ne ahemfi ama nʼankasa ho. \pm \v 13 “Merebrɛ wo odwumfo a ne nsa ano adwuma yɛ fɛ a wɔfrɛ no Huram-Abi. Ɔyɛ onyansafo ankasa \v 14 a ɔyɛ ɔbea bi a ofi Dan a ɛwɔ Israel babarima; nʼagya nso fi Tiro. Ɔyɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere mfrafrae ne nnade dwumfo ankasa. Na ɔwɔ abotwa, nnua adwinni ne ntamanwen ho nyansa nso. Ɔyɛ ɔbenfo wɔ ntama bibiri, tuntum ne kɔkɔɔ hyɛ mu. Na otumi de sirikyitam di dwuma nso. Afei nso, ɔyɛ sika dwumfo a otumi di adwinni biara a wɔde ma no. Ɔne wʼadwumfo ne wɔn a me wura Dawid a ɔyɛ wʼagya no yii wɔn no bɛyɛ adwuma. \pm \v 15 “Fa atoko, ngo ne nsa a wokaa ho asɛm no bra. \v 16 Nnua biara a ɛho hia no, yebetwa afi Lebanon mmepɔw so, na yɛde ayɛ mpata agu asu ani, fi Ntam Po no mpoano akosi Yopa. Na efi hɔ no, wubetumi de akɔ Yerusalem.” \p \v 17 Salomo kan ahɔho dodow a wɔwɔ Israel asase so, te sɛ nea nʼagya kenkan nnipa no. Onyaa nnipa mpem ɔha aduonum abiɛsa ne ahansia (153,600). \v 18 Ɔmaa wɔn mu mpem aduɔson (70,000) yɛɛ apaafo. Wɔn mu mpem aduɔwɔtwe (80,000) yɛɛ abotwafo wɔ wɔn mmepɔw nkurow no so, na wɔn mu mpem abiɛsa ne ahansia (3,600) yɛɛ wɔn a wodi nnwuma no anim. \c 3 \s1 Salomo Si Asɔredan No \p \v 1 Na Salomo fii ase sii \nd Awurade\nd* Asɔredan no wɔ Yerusalem Moria bepɔw so a ɛhɔ na \nd Awurade\nd* yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo agya Ɔhene Dawid no. Wosii Asɔredan no wɔ Yebusini Arauna awiporowbea hɔ, baabi a Dawid yi too hɔ no. \v 2 Salomo dii ade no, ne mfe anan so, Adar ɔsram (bɛyɛ Oforisuo) mu, na wofii ɔdan no si ase. \p \v 3 Na Onyankopɔn Asɔredan no fapem ntwemu yɛ anammɔn aduɔkron, na ne trɛw mu yɛ anammɔn aduasa. \v 4 Ntwironoo a ɛwɔ Asɔredan no anim trɛw yɛ anammɔn aduasa, a ɛne Asɔredan no trɛw yɛ pɛ. \p Afasu a ɛwɔ ntwironoo no mu no nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ adura mu. Ntwironoo no sorokɔ yɛ anammɔn aduasa. \p \v 5 Ɔpepaw nnua na wɔde sam Asɔredan no mu, na wɔde sikakɔkɔɔ ankasa guu so, dii mmedua ne nkɔnsɔnkɔnsɔn adwinni wɔ so. \v 6 Abohemaa a ɛyɛ fɛ ne sikakɔkɔɔ a efi Parwaim na wɔde siesiee Asɔredan no afasu ho. \v 7 Wɔde sikakɔkɔɔ guu Asɔredan no afasu, afadum, apon ne abobow ano nyinaa ho, na wodii kerubim sɛso adwinni wɔ afasu no ho. \p \v 8 Na Kronkron mu Kronkron hɔ trɛw yɛ anammɔn aduasa te sɛ asɔredan no ara, ne ntwemu nso yɛ anammɔn aduasa. Sikakɔkɔɔ ankasa bɛyɛ nkaribo tɔn aduonu abiɛsa na wɔde guu so. \v 9 Sikakɔkɔɔ nnadewa a biara kari bɛyɛ gram ahannum ne aduoson anum (575) na wɔde dii ɔdan no ho dwuma. Sikakɔkɔɔ ankasa na wɔde guu soro adan no afasu ani. \p \v 10 Salomo yɛɛ kerubim sɛso abien, de sikakɔkɔɔ ankasa guu ho. Wɔde eyinom sisii Kronkron mu Kronkron hɔ. \v 11 Kerubim abien no a wosisi hɔ no ntaban ka bɔ mu a, ne trɛw yɛ anammɔn aduasa. Kerubim baako ntaban baako a ɛpem ɔfasu no tenten yɛ anammɔn ason ne fa. Ntaban baako no nso a ɛyɛ anammɔn ason ne fa no, ɛne kerubim baako no ntaban hyia. \v 12 Saa ara nso na kerubim a ɔto so abien no ntaban baako mu trɛw yɛ anammɔn ason ne fa, na ɛpem Asɔredan no fasu a ɛne ɔfasu baako no di nhwɛanim. Ntaban baako a aka no nso trɛw a ɛyɛ anammɔn ason ne fa no, ehyia kerubim a edi kan no ntaban baako. \v 13 Enti na kerubim abien no ntaban mu trɛw yɛ anammɔn aduasa. Na wɔn nyinaa sisi hɔ a wɔn anim kyerɛ Asɔredan no mu. \p \v 14 Salomo de ntwamtam\f + \fr 3.14 \fr*\ft Ntwamtam no kyɛ asɔredan no mu abien. Nnua apon no nso wotumi to mu.\ft*\f* a ɔde bibiri ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne nwera ayɛ, a wɔanwen kerubim nsɛsode agu mu, sɛn Kronkron mu Kronkron no kwan ano. \p \v 15 Asɔredan no anim, Salomo yɛɛ afadum abien a emu biara sorokɔ yɛ anammɔn aduonu ason. Na ntaaso kata emu biara atifi a ɛno nso sorokɔ yɛ anammɔn ason ne fa. \v 16 Ɔyɛɛ ntweaban nkɔnsɔnkɔnsɔn, de siesiee afadum no atifi. Ɔsan yɛɛ atoaa aba nsɛso fɛfɛ de susoo ntweaban no mu. \v 17 Afei, ɔde afadum abien no sisii Asɔredan no ano kwan ano. Ɔde baako sii ɔkwan no anafo fam no ano, na ɔde baako nso sii atifi fam. Ɔtoo nea ɛwɔ anafo fam no din Yakin, na nea ɛwɔ atifi fam no, ɔtoo no din Boas. \c 4 \s1 Nneɛma A Wɔde Siesie Asɔredan No Mu \p \v 1 Salomo san yɛɛ kɔbere mfrafrae afɔremuka a ne tenten yɛ anammɔn aduasa, ne trɛw yɛ anammɔn aduasa saa ara, na ne sorokɔ yɛ anammɔn dunum. \v 2 Afei, ɔyɛɛ nsukorade kɛse kurukuruwa bi a efi ano kɔka ano yɛ anammɔn dunum. Wɔtoo no din Po. Na emu dɔ yɛ anammɔn ason ne fa, na ne dantaban yɛ anammɔn aduanan anum. \v 3 Na Po no wɔ nsɛsode a ɛte sɛ anantwi a atwa afa ano no ase ahyia. Anammɔn baako biara mu no, na anantwi sɛso asia wɔ so a wɔagu ama afra nsukorade no. \p \v 4 Na Po no si nsiase a ɛyɛ kɔbere mfrafrae anantwi dumien sɛso so. Na wɔn nyinaa ani kyerɛkyerɛ abɔnten. Abiɛsa ani kyerɛ atifi fam. Abiɛsa ani kyerɛ atɔe fam. Abiɛsa kyerɛ anafo fam, na abiɛsa nso ani kyerɛ apuei fam. \v 5 Po no afasu mu piw yɛ bɛyɛ nsateaa abiɛsa, na nʼano no trɛw te sɛ kuruwa a ɛsɛ sukooko nhwiren a apae. Na Po no tumi kora nsu gyare mpem dunsia ne ahannum. \p \v 6 Ɔyɛɛ guasɛn du a wɔkora nsu a wɔde hohoro afɔrebɔde ho. Na emu anum wɔ Po no anafo fam na anum wɔ atifi fam. Asɔfo no de, na Po no ankasa mu nsu na na wɔde hohoro wɔn ho, na wɔmmfa guasɛn no mu nsu no bi. \p \v 7 Salomo de sikakɔkɔɔ yɛɛ akaneadua du, sɛnea wɔkyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no no, de sisii Asɔredan no mu. Wɔde mu anum sisi bɛn anafo fam ɔfasu, na wɔde mu anum a aka no nso sisi bɛn atifi fam ɔfasu no. \p \v 8 Afei, ɔyɛɛ apon du de sisii Asɔredan no mu. Wɔde mu anum sisii anafo fam ɔfasu no anim, na wɔde mu anum a aka no nso sisii atifi fam ɔfasu no anim. Afei, ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ guasɛn ɔha. \p \v 9 Salomo sii adiwo maa asɔfo no, san sii adiwo kɛse bi wɔ Asɔredan no mfikyiri. Ɔyɛɛ apon totoo adiwo akwan no ano, na ɔde kɔbere mfrafrae duraa ho. \v 10 Wɔde Po no sii anafo fam ne apuei fam afasu ahyiae no twɔtwɔw so hɔ. \p \v 11 Huram-Abi yɛɛ nkuku, nsofi ne guasɛn a ɛho hia nyinaa. Nea ɔhene Salomo kyerɛɛ Huram-Abi sɛ ɔnyɛ wɔ Onyankopɔn Asɔredan no ho no nyinaa no, ɔyɛe. \b \li1 \v 12 Afadum abien, \li1 afadumti a wɔayɛ no sɛ asuhina abien a esisi afadum no atifi, \li1 ntweaban a wɔayɛ no sɛ atena abien a wɔde asiesie afadumti no, \li1 \v 13 ne atoaa nsɛso ahannan a ɛsensɛn nkɔnsɔnkɔnsɔn a egu ntaaso no so (atoaa a wɔahyehyɛ no ntenten so abien a biara sa nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛsensɛn ntaaso a egu afadum no atifi no so no). \li1 \v 14 Ɔyɛɛ nsu nteaseɛnam a guasɛn no sisi so, \li1 \v 15 Po no ne anantwi sɛso dumien a wɔhyɛ ase, \li1 \v 16 nkuku, nsofi, nam nnarewa ne nneɛma a ɛkeka ho nyinaa. \b \p Huram-Abi de kɔbere mfrafrae a wɔabere ho na ɛyɛɛ saa nneɛma yi nyinaa maa \nd Awurade\nd* Asɔredan no, sɛnea Ɔhene Salomo hyɛɛ no no. \v 17 Ɔhene no ma woguu no wɔ kankua a na ɛwɔ Yordan tataw a na ɛwɔ Sukot ne Sereda ntam no so. \v 18 Kɔbere mfrafrae a wɔde dii dwuma no dodow nti, wɔantumi anhu emu duru ano. \p \v 19 Na Salomo yɛɛ nneɛma a wɔde siesie Onyankopɔn Asɔredan no mu nyinaa: \b \li1 sikakɔkɔɔ afɔremuka; \li1 apon a wɔde Daa Daa Brodo gu so; \li1 \v 20 kanea nnua ne nʼakanea a wɔde sikakɔkɔɔ ayɛ a ɛbɛhyerɛn wɔ Kronkron mu Kronkron no anim sɛnea wɔakyerɛ no; \li1 \v 21 nhwiren a wɔde siesie, akanea ne adabaw a wɔde sikakɔkɔɔ ankasa na ɛyɛɛ ne nyinaa; \li1 \v 22 akanea adabaw, guasɛn, nyowa ne nkankyee a wɔnoa mu, ne nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ ankasa; \li1 apon a wosisii wɔ ɔkwan a ɛkɔ Kronkron mu Kronkron ne nea ɛkɔ Asɔredan no dan kɛse mu no, wɔde sikakɔkɔɔ na eduraduraa ho nyinaa. \b \c 5 \s1 Wɔde Apam Adaka No Kɔ Asɔredan No Mu \p \v 1 Bere a Salomo wiee \nd Awurade\nd* Asɔredan no si ho dwumadi no, ɔde akyɛde a nʼagya, Ɔhene Dawid, de maa \nd Awurade\nd*, a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nneɛma a aka no bae. Wɔkoraa eyinom nyinaa wɔ Onyankopɔn Asɔredan no sikakorabea hɔ. \p \v 2 Afei, Salomo frɛɛ mmusuakuw ne mmusua ntuanofo a wɔwɔ Israel nyinaa sɛ wommehyia wɔ Yerusalem. Na ɛsɛ sɛ woyi \nd Awurade\nd* Apam Adaka no fi baabi a esi wɔ Dawid kurow a na wɔsan frɛ hɔ Sion no, de kɔ beae foforo wɔ Asɔredan no mu hɔ. \v 3 Ɔsram Bul (bɛyɛ Ahinime) a wɔredi afirihyia Asese Afahyɛ no, wɔn nyinaa behyiaa wɔ ɔhene anim. \p \v 4 Bere a Israel mpanyimfo beduu hɔ no, Lewifo no pagyaw Adaka no \v 5 ne ntamadan sononko ne ɛho nneɛma kronkron no nyinaa. Lewifo asɔfo no soa kɔɔ Asɔredan no mu. \v 6 Ɔhene Salomo ne Israelfo no nyinaa twaa nguan ne anantwi a wɔn dodow nti, obi ntumi nkan wɔn, de bɔɔ afɔre wɔ adaka no anim. \p \v 7 Afei, asɔfo no maa \nd Awurade\nd* Apam Adaka no so, de kɔɔ Asɔredan no kronkronbea a ɛhɔ yɛ Kronkron mu Kronkron hɔ. Wɔde sii kerubim no ntaban ase. \v 8 Na kerubim no ntaban trɛw wɔ Adaka a ne nnua hyehyɛ ho no so, te sɛ kyinii. \v 9 Na nnua no woware yiye; enti sɛ obi gyina Asɔredan no ano kwan ano a ohu. Ne nyinaa da so wɔ hɔ besi nnɛ. \v 10 Na biribiara nni adaka no mu sɛ abo apon abien a Mose de guu mu wɔ Horeb, bere a \nd Awurade\nd* ne Israelfo a na wɔatu afi Misraim no yɛɛ apam no. \p \v 11 Afei, asɔfo no fii kronkronbea hɔ. Saa bere yi, na asɔfo a wɔwɔ hɔ no nyinaa, sɛ wɔwɔ dwuma bi di anaa wonni hwee yɛ, adwira wɔn ho. \v 12 Lewifo nnwontofo, Asaf, Heman, Yedutun, wɔn mmabarima ne wɔn nuanom nyinaa hyehyɛɛ nwera batakari gyinagyinaa afɔremuka no apuei fam, na wɔbɔɔ kyɛnkyɛn, mmɛnta ne asankuten. Asɔfo ɔha aduonu a wɔrehyɛn torobɛnto bɛkaa wɔn ho. \v 13 Ntorobɛntohyɛnfo ne nnwontofo no nyinaa bɔɔ mu too dwom de kamfoo \nd Awurade\nd*, daa no ase. Wɔde ntorobɛnto, kyɛnkyɛn ne nnwontode ahorow bɛkaa wɔn ho, maa wɔn nne so kamfoo \nd Awurade\nd* sɛ: \q1 “Oye! \q2 Na nʼadɔe wɔ hɔ daa!” \p Saa bere no mu ara, omununkum bɛhyɛɛ \nd Awurade\nd* asɔredan no ma. \v 14 Asɔfo no antumi antoa wɔn adwuma no so, efisɛ \nd Awurade\nd* anuonyam bɛhyɛɛ Onyankopɔn Asɔredan no ma. \c 6 \s1 Salomo Hyira Nnipa No \p \v 1 Na Salomo bɔɔ mpae se, “\nd Awurade\nd*, woaka se wobɛtena omununkum kabii mu. \v 2 Afei, masi Asɔredan a ɛho wɔ nyam ama wo, baabi a wubetumi atena afebɔɔ.” \p \v 3 Na ɔhene no dan ne ho de kyerɛɛ Israelfo a wogyinagyina nʼanim no, hyiraa wɔn se, \v 4 “Nhyira nka \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, a wadi bɔ a ɔhyɛɛ mʼagya Dawid no so, efisɛ ɔka kyerɛɛ mʼagya se, \v 5 ‘Efi da a miyii me nkurɔfo fii Misraim no, minyii kuropɔn biara mfii Israel mmusuakuw no mu sɛ baabi a ɛsɛ sɛ wosi Asɔredan, de hyɛ me din anuonyam. Ɛnna nso, minyii ɔhene biara sɛ onni me nkurɔfo Israelfo anim. \v 6 Nanso afei mayi Yerusalem sɛ kuropɔn no, ne Dawid sɛ ɔhene no.’ ” \pm \v 7 Afei, Salomo kae se, “Mʼagya Dawid pɛɛ sɛ osi Asɔredan yi de hyɛ \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn din anuonyam. \v 8 Nanso \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ no se, ‘Eye sɛ wopɛ sɛ wusi asɔredan de hyɛ me din anuonyam, \v 9 nanso ɛnyɛ wo na wobɛyɛ. Mmom, wo mmabarima no mu baako na obesi.’ \pm \v 10 “Na afei \nd Awurade\nd* ayɛ nea ɔhyɛɛ ho bɔ no, efisɛ efisɛ madi ade sɛ ɔhene, asi mʼagya anan mu. Masi saa Asɔredan yi de ahyɛ \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn din anuonyam. \v 11 Ɛhɔ na mede Adaka no asi, na Adaka no mu nso na apam a \nd Awurade\nd* ne Israelfo yɛe no hyɛ.” \s1 Salomo Bɔ Mpae Bue Asɔredan No Ano \p \v 12 Na Salomo trɛw ne nsam wɔ \nd Awurade\nd* afɔremuka ne Israel manfo no nyinaa anim. \v 13 Na wabɔ kɔbere mfrafrae apa a ne ntwemu yɛ anammɔn ason ne fa, ne trɛw yɛ anammɔn ason ne fa, na ne sorokɔ yɛ anammɔn anan ne fa, de asi asɔredan no adiwo mfimfini. Ogyinaa apa no so wɔ nnipa no nyinaa anim. Obuu nkotodwe, maa ne nsa so kyerɛɛ ɔsoro. \v 14 Ɔbɔɔ mpae se, \pm “\nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, Onyankopɔn biara nni hɔ sɛ wo wɔ ɔsoro ne asase so nyinaa. Wodi wo bɔhyɛ so, na woda wo dɔ a ɛwɔ hɔ daa no adi kyerɛ wɔn a wotie wo na wɔn ani gye sɛ wɔbɛyɛ wʼapɛde nyinaa. \v 15 Wo bɔ a wohyɛɛ wo somfo Dawid a ɔyɛ mʼagya no, woadi so. Wʼankasa wʼano na wode hyɛɛ bɔ no, na nnɛ, wonam wʼankasa wo nsa so ama aba mu. \pm \v 16 “Afei, \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn kɔ so di wo bɔ a woahyɛ wo somfo, mʼagya Dawid, no so. Efisɛ, woka kyerɛɛ no se, ‘Sɛ wʼasefo bɔ wɔn bra yiye, na wodi me mmara so sɛnea woayɛ no a, wobedi Israel so hene daa daa.’ \v 17 Afei, \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, di saa bɔ a woahyɛ wo somfo Dawid no so. \pm \v 18 “Ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn bɛtena nnipa mu wɔ asase so? Ɔsorosoro nohɔ mpo ntumi nkora wo, na ɛbɛyɛ dɛn na Asɔredan a masi yi betumi akora wo. \v 19 Tie me mpaebɔ ne mʼabisade, \nd Awurade\nd*, me Nyankopɔn. Tie sufrɛ ne mpae a wo somfo rebɔ no. \v 20 Hwɛ saa Asɔredan yi so, baabi a woaka sɛ wode wo din bɛto so no, awia ne anadwo. Daa, tie me mpae a mebɔ wɔ ha no. \v 21 Tie mʼahobrɛase ne nokware adebisa a me ne wo nkurɔfo Israelfo bɔ mpae wɔ ha de to wʼanim no. Yiw, tie yɛn fi ɔsoro faako a wote no; na sɛ wote nso a, fa kyɛ. \pm \v 22 “Sɛ obi fom obi, na ɛho hia sɛ ɔka ho ntam sɛ onnim ho hwee wɔ afɔremuka no anim wɔ Asɔredan no mu a, \v 23 tie fi ɔsoro, na bu wʼasomfo baanu no a ɛyɛ nea wɔabɔ no sobo no ne sobobɔfo no ntam atɛn. Nea odi fɔ no, twe nʼaso na gyaa nea odi bem no. \pm \v 24 “Sɛ wo nkurɔfo Israelfo yɛ bɔne tia wo, na ɛno nti wɔn atamfo di wɔn so nkonim na wɔsan ba wo nkyɛn, bɔ wo din na wɔbɔ wo mpae wɔ Asɔredan yi mu a, \v 25 tie fi ɔsoro, na fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na ma wɔnsan nkɔ asase a wode maa wɔn agyanom no so. \pm \v 26 “Sɛ wo nkurɔfo yɛ bɔne tia wo, na ɛno nti wɔto ɔsoro mu na osu antɔ na wɔbɔ mpae wɔ Asɔredan yi mu, bɔ wo din, twe wɔn ho fi wɔn bɔne ho, efisɛ woatwe wɔn aso a, \v 27 tie fi ɔsoro, na fa wʼasomfo, wo nkurɔfo Israelfo, bɔne kyɛ wɔn. Kyerɛ wɔn ade trenee yɛ, na tɔ osu gu wʼasase a wode ama wo nkurɔfo sɛ wɔn agyapade sononko no so. \pm \v 28 “Sɛ ɔkɔm si asase no so anaa ɔyaredɔm ba so anaa nnɔbae nyarewa ba anaa mmoadabi ne asa begu nnɔbae so, anaa wo nkurɔfo atamfo ba asase no so betua wɔn nkurow a, sɛnea ɔhaw no te biara no, \v 29 sɛ wo nkurɔfo bɔ mpae wɔ wɔn haw ne awerɛhow ho, na wɔpagyaw wɔn nsa wɔ asɔredan yi mu a, \v 30 tie fi ɔsoro, nea wote hɔ, na fa kyɛ. Fa biribiara a ɛfata wo nkurɔfo no ma wɔn, na wo na wunim wɔn koma mu, efisɛ wo nko ara na wunim nnipa koma mu. \v 31 Ɛno akyi no wobesuro wo na wɔanantew wʼakwan so mmere dodow a wɔte asase a wode maa yɛn agyanom no so. \pm \v 32 “Na sɛ ananafo te wo nka ne wo nsɛnkyerɛnne akɛse no, na wofi akyirikyiri bɛsom wo din kɛse no, bɔ mpae de wɔn ani kyerɛ Asɔredan yi a, \v 33 tie fi ɔsoro nea wote hɔ, na yɛ wɔn abisade ma wɔn. Na ɛbɛma nnipa a wɔte asase so nyinaa ahu, asuro wo, sɛnea wo nkurɔfo Israelfo no yɛ pɛpɛɛpɛ. Wɔn nso behu sɛ, wo din na ɛda saa Asɔredan a masi yi so. \pm \v 34 “Sɛ wohyɛ wo nkurɔfo ma wopue, kɔko tia wɔn atamfo, na sɛ wɔbɔ mpae, srɛ \nd Awurade\nd* fa saa kurow yi a woayi yi, ne saa Asɔredan a masi de wo din ato so yi ho a, \v 35 tie wɔn mpaebɔ fi ɔsoro, na yɛ wɔn abisade ma wɔn. \pm \v 36 “Sɛ wɔyɛ bɔne tia wo mpo a, hena na ɔnyɛɛ bɔne da? Wo bo befuw wɔn ama wɔn atamfo adi wɔn so, afa wɔn nkoa de wɔn akɔ ananasase so, sɛ ɛwɔ akyiri anaa ɛbɛn. \v 37 Na saa ahɔhosase no so, wɔde ahonu san ba wo nkyɛn, bɔ mpae se, ‘Yɛayɛ bɔne; yɛayɛ amumɔyɛsɛm ne atirimɔdensɛm,’ \v 38 na sɛ wɔde wɔn koma ne wɔn kra nyinaa ba wo nkyɛn, bɔ mpae fa asase a wode maa wɔn agyanom, saa kuropɔn yi a woayi ne saa asɔredan a masi de ahyɛ wo din anuonyam yi ho a, \v 39 tie wɔn mpaebɔ no fi ɔsoro, nea wote hɔ. Di wɔn asɛm ma wɔn, na fa bɔne a wo nkurɔfo ayɛ atia wo no kyɛ wɔn. \pm \v 40 “Afei me Nyankopɔn, bue wʼaniwa na wɛn wʼaso tie mpae a wɔbɔ wɔ ha no nyinaa. \qm1 \v 41 “Afei, \nd Awurade\nd* Nyankopɔn, sɔre na bra wʼahomegyebea, \qm2 a wɔde wʼapam Adaka fɛfɛ no abesi no mu. \qm1 “\nd Awurade\nd* Nyankopɔn, ma nkwagye mmra wʼasɔfo so, \qm2 na wʼahotefo nya wʼayamye mu anigye. \qm1 \v 42 “\nd Awurade\nd* Nyankopɔn, nyi wʼani mfi nea woasra no ngo no so. \qm2 Kae ɔdɔ a ɛto ntwa da a wode hyɛɛ wo somfo Dawid bɔ no.” \c 7 \s1 Salomo Bue Asɔredan No Ano \p \v 1 Salomo wiee ne mpaebɔ no, ogya fi ɔsoro bɛhyew ɔhyew afɔre ne afɔrebɔde no, na \nd Awurade\nd* anuonyam bɛhyɛɛ Asɔredan no ma. \v 2 Asɔfo no mpo antumi anhyɛn \nd Awurade\nd* Asɔredan no mu, efisɛ na \nd Awurade\nd* anuonyam ahyɛ hɔ ma. \v 3 Bere a Israelfo nyinaa huu sɛ ogya no reba fam, na \nd Awurade\nd* anuonyam rehyɛ Asɔredan no ma no, wɔn nyinaa hwehwee fam de wɔn anim butubutuw hɔ, sɔree \nd Awurade\nd* kamfoo no se, \q1 “Oye! \q2 Na nʼadɔe wɔ hɔ daa!” \m \v 4 Afei, ɔhene no ne ne nkurɔfo no nyinaa bɔɔ afɔre maa \nd Awurade\nd*. \v 5 Ɔhene Salomo de anantwi mpem aduonu abien ne nguan mpem ɔha aduonu bae sɛ nʼafɔrebɔde. Enti ɔhene no ne manfo no nyinaa buee Onyankopɔn Asɔredan no ano. \v 6 Asɔfo no gyinagyinaa wɔn afa, na saa ara na Lewifo a wɔreto dwom se, “Nʼadɔe wɔ hɔ daa!” no nso yɛe. Wɔde nnwontode a Dawid yɛe sɛ wɔmfa nkamfo \nd Awurade\nd* no gyigyee nnwonto no ho. Asɔfo a wɔne Lewifo no di nhwɛanim no hyɛn ntorobɛnto, bere a na Israelfo no nyinaa gyinagyina hɔ no. \p \v 7 Na afei, Salomo buee adiwo mfimfini a ɛwɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan no anim no ano, sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi abɔ ɔhyew afɔre na wɔahyew srade a efi asomdwoe afɔre mu no wɔ hɔ. Ɔyɛɛ saa, efisɛ kɔbere mfrafrae afɔremuka a na wasi no esua ma ɔhyew afɔre, atoko afɔre ne srade afɔre nyinaa no. \p \v 8 Solomo dii Guankɔbea Afahyɛ toaa so nnanson na nnipadɔm fifi Israel mmusuakuw no nyinaa mu bae. Wofifi akyirikyiri te sɛ Lebo Hamat a ɛwɔ atifi fam kosi Misraim asuwa anafo fam no. \v 9 Da a ɛto so awotwe\f + \fr 7.9 \fr*\ft Da a ɛto so awotwe—Ɛno ne Aponto Nnapɔnna da a edi akyiri (\+xt 5.3; 3 Mose 23.36; 4 Mose 29.35\+xt*) Nnanson…nnanson. Wɔyɛɛ dinto dwumadi no fi da a ɛto so awotwe kosi daa ɛto so dunan wɔ ɔsram no mu. Wɔde Aponto Nnapɔnna no toa so fi da a ɛto so dunum kosi da ɛto so aduonu abien. Mpata Afahyɛ no yɛ da a ɛto so du wɔ ɔsram ason no mu. (\+xt 3 Mose 16; 1 Ah 8.65-66\+xt*).\ft*\f* no, wɔde afahyɛ no kɔɔ nʼawie, efisɛ na wɔde nnanson abue afɔremuka no ano na wɔde nnanson nso adi Guankɔbea Afahyɛ no. \v 10 Afahyɛ no awiei no, Salomo maa obiara kɔɔ ne kurom. Wɔn nyinaa ani gyei, efisɛ na \nd Awurade\nd* ne Dawid, Salomo ne nkurɔfo Israelfo adi no yiye. \s1 Onyankopɔn Mmuae \p \v 11 Na Salomo wiee \nd Awurade\nd* Asɔredan no ne ahemfi no si. Owiee biribiara a ɔhyehyɛ too hɔ sɛ ɔbɛyɛ no. \v 12 Afei, da bi anadwo, \nd Awurade\nd* yii ne ho adi kyerɛɛ Salomo, na ɔka kyerɛɛ no se, \pm “Mate wo mpaebɔ, na mayi saa Asɔredan yi sɛ baabi a wɔmmɔ afɔre. \pm \v 13 “Ɛtɔ da a, ebia mɛto ɔsorosoro mu, enti osu rentɔ, anaa ebia mɛma mmoadabi abɛsɛe mo nnɔbae anaa ebia mɛma ɔyaredɔm aba mo so. \v 14 Na sɛ me nkurɔfo a wɔde me din frɛ wɔn no bɛbrɛ wɔn ho ase, abɔ mpae, ahwehwɛ me, na wɔadan afi wɔn amumɔyɛsɛm ho a, mɛte wɔ ɔsoro, na mede wɔn bɔne akyɛ wɔn, asa wɔn asase yare. \v 15 Mpae biara a wɔbɛbɔ wɔ ha no, metie, \v 16 efisɛ mayi saa Asɔredan yi asi hɔ sɛ me fi daa daa. Mʼaniwa ne me koma bɛtena ha daa. \pm \v 17 “Na wo de, sɛ wudi mʼakyi sɛnea wʼagya Dawid yɛe, na wutie mʼahyɛde, di me mmara nyinaa so a, \v 18 meremma obiara mfa wʼahengua nkɔ. Saa bɔ koro yi ara na mehyɛɛ wʼagya Dawid bere a mekaa se, ‘Meremma onipa a obedi Israel so hene mmɔ no no.’ \pm \v 19 “Nanso, sɛ wugyaw me, na wubu mmara ne mʼahyɛde a mede ama mo no so, na wokɔsom anyame foforo a, \v 20 ɛno de, metutu Israelfo ase afi mʼasase a mede ama wɔn yi so. Mɛpo saa Asɔredan a mayi asi hɔ a mede hyɛ me din anuonyam no. Mɛyɛ no ahohorade ama aman nyinaa ahu. \v 21 Ɛwɔ mu, saa asɔredan yi yɛ fɛ de, nanso ɛbɛyɛ atantanne ama wɔn a wotwa mu wɔ ho no. Wobebisa se, ‘Adɛn nti na \nd Awurade\nd* ama nneɛma a ɛyɛ hu sɛɛ aba nʼasase ne nʼAsɔredan yi so?’ \v 22 Na mmuae bɛyɛ sɛ, ‘Efisɛ ne nkurɔfo poo \nd Awurade\nd*, wɔn agyanom Nyankopɔn a oyii wɔn fii Misraim, kɔsom anyame foforo. Ɛno nti, na ɔmaa saa amanehunu yi nyinaa baa wɔn so.’ ” \c 8 \s1 Nneɛma Afoforo Bi A Salomo Yɛe \p \v 1 Salomo dii hene no, ne mfe aduonu so na owiee \nd Awurade\nd* Asɔredansi dwumadi kɛse ne nʼankasa ahemfi no si. \v 2 Afei, Salomo de nʼadwene kɔɔ nkurow a ɔhene Huram de ama no no so. Osiesiee nkurow no, na ɔmaa Israelfo no kɔtenatenaa mu. \v 3 Saa bere no ara mu nso na Salomo ko tiaa kurow Hamat-Soba, dii so nkonim. \v 4 Ɔkyekyeree Tadmor bio wɔ sare so, na ɔkyekyeree nkurow wɔ Hamat mantam mu a ɛhɔ na na wɔkora nneɛma. \v 5 Ɔbɔɔ nkuropɔn a na ɛwɔ atifi Bet-Horon ne anafo Bet-Horon no ho ban. Ɔsan too wɔn afasu no, de apon a wɔbram akyi totoo ano. \v 6 Saa ara na ɔsan kyekyeree Baalat ne mmeaemmeae a wɔkora nneɛma wɔ hɔ, san kyekyeree nkuropɔn a wɔbɛkora ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔ wɔ hɔ. Ɔkyekyeree mmeaemmeae bi wɔ Yerusalem ne Lebanon ne ahemman no nyinaa mu maa ne koma tɔɔ ne yam. \p \v 7 Ebesi saa bere no, na nnipa bi tete asase no so a wɔnyɛ Israelfo. Na saa nnipa no yɛ Hetifo, Amorifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo. \v 8 Eyinom yɛ aman a Israel ntɔre wɔn ase korakora no asefo. Ɛno nti, Salomo hyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwuma maa no. Na ebesi nnɛ, wɔsom sɛ apaafo. \v 9 Nanso Salomo anhyɛ Israelni biara amma wanyɛ adwuma sɛ ɔpaani. Mmom, ɔmaa ebinom kɔyɛɛ asraafo, mpanyimfo wɔ nʼakofo so ne ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔkafo so asahene. \v 10 Ɔhene Salomo yii wɔn mu ahannu aduonum ma wɔkɔhwɛɛ ne nkɔsodwuma so. \p \v 11 Salomo yii ne yere a ɔyɛ Farao babea fii Dawid kurow mu, de no kɔɔ ahemfi foforo a wasi ama no no mu. Ɔkae se, “Ɛnsɛ sɛ me yere tena Ɔhene Dawid ahemfi, efisɛ na \nd Awurade\nd* Apam Adaka no si hɔ, enti ɛhɔ yɛ asase kronkron.” \p \v 12 Na Salomo bɔɔ ɔhyew afɔre wɔ afɔremuka a wasi wɔ Asɔredan no ntwironoo no anim no so, maa \nd Awurade\nd*. \v 13 Da biara, wɔbɔɔ afɔre sɛnea Mose de maa wɔn no. Afahyɛ ahorow a wodii no bi ne Homeda, Ɔsram Foforo Da, ne mfirihyia abiɛsa biara afahyɛ no mu a, ɛyɛ Twam Afahyɛ, Otwabere Afahyɛ ne Asese Afahyɛ. \v 14 Salomo de asɔfo no nnwuma rehyɛ wɔn nsa no, ɔfaa nʼagya Dawid akwankyerɛ so. Saa ara na ɔmaa Lewifo no dii ɔmanfo no anim too ayeyi nnwom, na wɔboaa asɔfo no wɔ wɔn daa daa nnwuma mu. Ɔde apon ano ahwɛfo akuwakuw no sisii wɔn apon ano sɛnea Dawid, Onyankopɔn nipa no kyerɛɛ wɔn no. \v 15 Salomo amman amfi akwankyerɛ a Dawid mae a ɛfa asɔfo, Lewifo ne sikakorabea ho. \p \v 16 Na Salomo hwɛɛ biribiara a ɛfa \nd Awurade\nd* Asɔredan no si so fi da a wotwaa ne fapem, kosi da a wɔde wiee si no. \p \v 17 Akyiri no, Salomo kɔɔ Esion-Geber ne Elot a ɛyɛ ahyɛngyinabea a ɛwɔ Edom asase a ɛda Po Kɔkɔɔ mpoano hɔ no. \v 18 Huram brɛɛ no ahyɛn a ɔno ankasa mpanyimfo hwɛ so; na emu adwumayɛfo no nim adwuma yiye. Salomo nkurɔfo ne saa ahyɛn yi kɔɔ Ofir asase so, na wɔde sikakɔkɔɔ a na ɛkari bɛyɛ tɔn dunson brɛɛ Salomo. \c 9 \s1 Seba Hemmea Nsrahwɛ \p \v 1 Bere a Seba hemmea tee Salomo nka no, ɔbaa Yerusalem sɛ ɔde nsɛm a anoyi yɛ den rebɛsɔ no ahwɛ. Ɔne nʼasomfo bebree, yoma pii a wɔahyehyɛ nnuhuam, sikakɔkɔɔ bebree ne mpempranne wɔ wɔn so na ɛbae. \v 2 Ohyiaa Salomo no, wodii biribiara a enti ɔbaa saa nsrahwɛ no ho nkɔmmɔ, maa Salomo yii ne nsɛmmisa nyinaa ano sɛnea ɛsɛ. \v 3 Bere a Sebahemmea huu sɛnea Salomo adwene mu dɔ, ne ahemfi a wasi no, \v 4 ne ho dwiriw no. Ohuu nnuan a esisi ne didipon so no, sɛnea watoto nʼadwumayɛfo ne ntade fɛɛfɛ a wɔhyehyɛ, kuruwakurafo ne wɔn ntade yuu ne ɔhyew afɔre a Salomo abɔ wɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan mu no, ɛyɛɛ no nwonwa. \p \v 5 Ofi ahodwiriw mu ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Biribiara a metee wɔ me kurom a ɛfa nea woatumi ayɛ ne wo nyansa ho no yɛ nokware. \v 6 Mannye anni kosii sɛ mʼankasa mebaa ha de mʼani kann abehu. Nokware, mante emu fa mpo. Wo nyansa no boro nea wɔka kyerɛɛ me no so koraa. \v 7 Migye di sɛ ɛsɛ sɛ wo nkurɔfo yi ani gye! Ɛyɛ adom ma wʼadwumayɛfo yi sɛ wotumi bɛn wo adekyee biara na wotie wo nyansasɛm. \v 8 \nd Awurade\nd*, wo Nyankopɔn yɛ ɔkɛse ampa. Nʼani gye wo ho nti, ɔde wo asi ahengua so sɛ di hene ma no. Efisɛ Onyankopɔn pɛ Israel asɛm dodo, na ɔpɛ sɛ saa ahenni yi tena afebɔɔ; wasi wo hene sɛnea wode nokware ne atɛntrenee bebu ɔman no.” \p \v 9 Afei, ɔmaa ɔhene no sikakɔkɔɔ akyɛde a ɛkari tɔn 4 ne nnuhuam pii ne aboɔden mpempranne. Seba hemmea nnuhuam a ɔde maa Salomo no so bi mmaa da. \p \v 10 Bere a Huram hyɛn mufo ne Salomo nkurɔfo de sikakɔkɔɔ fi Ofir bae no, wɔde ɔbako nnua pa bebree ne mpempranne kaa ho bae. \v 11 Ɔhene no de ɔbako nnua no yɛɛ \nd Awurade\nd* Asɔredan ne ahemfi no atrapoe. Ɔde bi nso yɛɛ asankuten ne mmɛnta maa nnwom ho nimdefo no. Na saa nnwontode no so bi mmaa da wɔ Yuda. \p \v 12 Biribiara a Seba hemmea bisaa ɔhene Salomo no, ɔde maa no. Na ɛyɛ akyɛde a ɛsom bo pa ara, na ɛboro nea ɔhemmea de brɛɛ no no so. Afei, ɔhemmea no ne nʼasomfo no san kɔɔ wɔn ankasa asase so. \s1 Salomo Ahonya Ne Anuonyam \p \v 13 Afe biara, na sikakɔkɔɔ a ɛba Salomo nsam no yɛ tɔn aduonu anum. \v 14 Na sika a onya fi aguadifo nkyɛn no nka eyi ho. Na Arabia ahemfo nyinaa ne amradofo a wɔwɔ asase no so nyinaa brɛ Salomo sikakɔkɔɔ ne dwetɛ. \v 15 Ɔhene Salomo ma wɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛɛ akyɛm akɛse ahannu a emu biara sikakɔkɔɔ a ɛwɔ mu no mu duru yɛ kilogram ason. \v 16 Ɔsan yɛɛ sikakɔkɔɔ nkatabo nketewa ahaasa a wɔde asae aboro a na sikakɔkɔɔ a wɔde yɛɛ emu biara no mu duru bɛyɛ kilogram abiɛsa ne fa. Ɔhene no kɔkoraa saa nkatabo no wɔ Lebanon Kwae Ahemfi mu. \p \v 17 Afei, ɔhene no de asonse yɛɛ ahengua kɛse bi, na ɔde sikakɔkɔɔ ankasa guu ho. \v 18 Na ahengua no wɔ atrapoe asia a wɔde sikakɔkɔɔ ntiasode afam ho. Ahengua no wɔ nsa wɔ benkum. Ne nifa na gyata sɛso nso gyinagyina afa ne fa wɔ ahengua no ho. \v 19 Salomo san yɛɛ gyata sɛso dumien a ɔbaako biara gyina atrapoe ntiaso asia no mu biara benkum ne nifa. Ahengua biara nni wiase a wobetumi de atoto Salomo de no ho. \p \v 20 Ɔhene Salomo nkuruwa nyinaa, sikakɔkɔɔ na wɔde yɛe. Saa ara na nneɛma ahorow a ɛwɔ Lebanon Kwae Ahemfi mu no nso te. Wɔamfa dwetɛ anyɛ, efisɛ Salomo bere so no, na wobu dwetɛ ade teta bi. \p \v 21 Na ɔhene no wɔ aguadi ahyɛn a emu adwumayɛfo yɛ Huram asomfo. Mfe abiɛsa biara, ahyɛn no ba a, wɔde sikakɔkɔɔ, dwetɛ, asonse, nsoroboa ne asibe brɛ ɔhene no. \p \v 22 Enti ɔhene Salomo bɛyɛɛ ɔdefo ne onyansafo sen ɔhene biara wɔ asase so nyinaa. \v 23 Ahemfo fifi aman nyinaa so bɛsraa no, tiee ne nyansasɛm a Onyankopɔn de adom no no bi. \v 24 Afe biara, obiara a ɔbɛba abɛsra no no, ɔbrɛ no akyɛde te sɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, ntade, akode, nnuhuam, apɔnkɔ ne funumpɔnkɔ. \p \v 25 Na Salomo wɔ apɔnkɔdan mpem anan a ne nteaseɛnam apɔnkɔ da mu ne apɔnkɔ mpem dumien. Ɔde mu fa kɛse no kɔɔ nkurow a ne nteaseɛnam wɔ mu, na ɔmaa bi nso bɛn no wɔ Yerusalem. \v 26 Odii hene bunkam faa ahemfo nyinaa so, fi Asubɔnten Eufrate ano de kosi Filistifo asase ne Misraim hye so. \v 27 Ɔhene no maa dwetɛ buu so ma ɛyɛɛ sɛ abo wɔ Yerusalem. Sida nnua nso, onya ma ebuu ne so te sɛ ankye nnua a enyin wɔ Yuda mmepɔw ase no. \v 28 Na wɔtɔ Salomo apɔnkɔ fi Misraim ne aman ahorow bebree so. \p \v 29 Salomo ahenni ho nsɛm nkae, fi mfiase kosi awiei no, wɔankyerɛw angu odiyifo Natan nhoma, Ahiya a ofi Silon adiyisɛm ne nhumuni Ido anisoadehu a ɛfa Nebat babarima Yeroboam ho no mu ana? \v 30 Salomo tenaa Yerusalem dii Israel nyinaa so hene mfirihyia aduanan. \v 31 Owui no, wosiee no wɔ nʼagya Dawid kurom. Ne babarima Rehoboam na odii nʼade sɛ ɔhene. \c 10 \s1 Atifi Fam Mmusuakuw Tew Atua \p \v 1 Rehoboam kɔɔ Sekem, efisɛ na Israel nyinaa ahyia hɔ sɛ wɔrebesi no hene. \v 2 Bere a Nebat babarima Yeroboam tee sɛ Salomo awu no, ofi Misraim bae, efisɛ oguan fii ɔhene Salomo nsam kɔtenaa Misraim. \v 3 Israel mpanyimfo soma ma wɔkɔfaa Yeroboam, na ɔne Israel nyinaa kɔɔ sɛ wɔne Rehoboam rekɔkasa. \v 4 Wɔkae se, “Wʼagya hyɛɛ yɛn ma yɛyɛɛ adwumaden. Yɛsrɛ wo, tew saa adwumaden ne sonkahiri adesoa duruduru a wʼagya de soaa yɛn no so. Woyɛ saa a, yɛbɛsom wo nokware mu.” \p \v 5 Rehoboam buae se, “Momma me nnansa na menwene mo asɛm yi ho. Ɛno akyi, mommra mmegye me mmuae.” Enti nnipa no san kɔe. \p \v 6 Na Ɔhene Rehoboam kɔɔ ne mpanyimfo bi a na wotu nʼagya Salomo fo ne wɔn kosusuw asɛm no ho. Obisaa wɔn se, “Moka asɛm no ho dɛn? Mmuae bɛn na memfa mma saa nnipa yi?” \p \v 7 Mpanyimfo yi buae se, “Sɛ woyɛ nnipa no yiye, na woyɛ ayamye kyerɛ wɔn ma ɛsɔ wɔn ani a, wɔn nso bɛyɛ wo nkurɔfo nokwafo.” \p \v 8 Nanso Rehoboam amfa afotu a mpanyimfo no maa no no. Mmom, ɔkɔɔ nʼatipɛnfo mmabun bi a ɔne wɔn sii so a na wotu no fo no nkyɛn. \v 9 Obisaa wɔn se, “Mo nso mo adwene ne dɛn? Mmuae bɛn na memfa nkɔma nnipa a wɔpɛ sɛ metew adesoa a mʼagya de soaa wɔn no so?” \p \v 10 Mmerante no buae se, “Asɛm a ɛsɛ sɛ woka kyerɛ wɔn ne se, ‘Me nsateaa ketewa no mu piw sen mʼagya asen mu. Na sɛ modwene sɛ na ɔyɛ den wɔ mo so a, montwɛn na mubehu sɛnea mete.’ \v 11 Yiw, na mʼagya yɛ den wɔ mo so, nanso me de, mɛyɛ nea ɛkyɛn saa. Sɛ mʼagya kaa mo mpire a, me de, mede nkekantwɛre na ɛbɛhwe mo.” \p \v 12 Nnansa akyi no, Yeroboam ne nnipa no nyinaa san baa sɛ wɔrebetie Rehoboam mmuae sɛnea ɔkae no. \v 13 Na Rehoboam de ahantan kasa kyerɛɛ wɔn. Wamfa mpanyimfo no afotu, \v 14 na ɔfaa mmerante no afotu. Ɔka kyerɛɛ nnipa no se, “Na mʼagya ma moyɛ adwumaden, na me de, mɛkyɛn saa! Sɛ mʼagya kaa mo mpire a, me de, mede nkekantwɛre na ɛbɛhwe mo!” \v 15 Enti ɔhene no anyɛ nnipa no abisade no ho hwee. Saa nsɛm a esisii yi yɛ Onyankopɔn nhyehyɛe, efisɛ ɛmaa \nd Awurade\nd* nkɔm a ɔnam odiyifo Ahiya a ofi Silo no hyɛɛ Nebat babarima Yeroboam no baa mu. \p \v 16 Bere a Israel huu sɛ ɔhene no anyɛ wɔn abisade amma wɔn no, wɔteɛteɛɛ mu se, \q1 “Dawid ne nʼadedi ntoaso no mfa wɔn ho. \q2 Yɛne Yisai babarima no nni twaka biara. \q1 Israel, momma yɛnkɔ yɛn afi. \q2 Dawid, kɔhwehwɛ wʼankasa wo fi.” \m Enti Israel nyinaa san kɔɔ fie. \v 17 Na Rehoboam kɔɔ so dii Israelfo a na wɔtete Yuda nkurow so no so hene. \p \v 18 Ɔhene Rehoboam somaa Hadoram a na ɔhwɛ adwumayɛfo so no sɛ ɔnkɔhwɛ mma ɔman no nyɛ dinn, nanso Israelfo no siw no abo kum no. Bere a ɔhene Rehoboam tee saa asɛm no, ntɛm ara, ohuruw tenaa ne teaseɛnam mu, guan kɔɔ Yerusalem. \v 19 Israel mmusuakuw a wɔwɔ atifi fam no ampene sɛ Dawid aseni biara bedi wɔn so, de besi nnɛ. \c 11 \s1 Semaia Nkɔmhyɛ \p \v 1 Bere a Rehoboam duu Yerusalem no, ɔboaboaa Yuda ne Benyamin asraafo a wosi pi si ta mpem ɔha aduɔwɔtwe ano, sɛ wɔrekɔko atia Israel asraafo, na wɔagye ahenni no afa. \p \v 2 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa Semaia se, \v 3 “Ka kyerɛ Salomo babarima Rehoboam a odi hene wɔ Yuda ne Israelfo a wɔwɔ Yuda ne Benyamin no se, \v 4 Sɛnea \nd Awurade\nd* se ni: ‘Nko ntia wʼabusuafo. San wʼakyi kɔ fie, efisɛ me na memaa asɛm a asi no ho kwan!’ ” Enti wotiee \nd Awurade\nd* asɛm no, na wɔanko antia Yeroboam. \s1 Rehoboam Ma Yuda Bammɔ \p \v 5 Rehoboam tenaa Yerusalem, na ɔbɔɔ nkurow ahorow ho ban, maa Yuda yɛɛ den. \v 6 Ɔkyekyeree Betlehem, Etam, Tekoa, \v 7 Bet-Sur, Soko, Adulam, \v 8 Gat, Maresa, Sif, \v 9 Adoraim, Lakis, Aseka, \v 10 Sora, Ayalon ne Hebron. Eyinom ne nkurow a wɔbɔɔ ho ban wɔ Yuda ne Benyamin.\f + \fr 11.10 \fr*\ft Yenhu saa nkuropɔn yi din wɔ Ahene Nhoma no mu. Rehoboam miaa bammɔ mu wɔ ahenni no apuei, atɔe ne anafo fam ahye so. Nanso wanyɛ saa wɔ atifi fam. Na nʼadwene ne sɛ ɔbɛka ahenni no nyinaa abɔ mu na sɛ Misraimfo nam ɔfow so behunahuna wɔn a, wɔatumi agyina ano.\ft*\f* \v 11 Rehoboam yeree wɔn bammɔ mu, na ɔde asahene duaduaa hɔ. Ɔkoraa nnuan, ngo ne nsa wɔ kuropɔn biara so. \v 12 Ɔde nkatabo ne mpeaw siee wɔ saa nkurow yi mu de hyɛɛ wɔn bammɔ mu den. Enti Yuda ne Benyamin nko ara na wɔbɛhyɛɛ nʼase. \p \v 13 Asɔfo ne Lewifo a na wɔne Israel atifi fam mmusuakuw te no kɔɔ Rehoboam afa. \v 14 Na Lewifo no mpo gyaw wɔn afi ne wɔn agyapade kɔɔ Yuda ne Yerusalem, efisɛ Yeroboam ne ne mmabarima amma wɔn kwan ansom \nd Awurade\nd* sɛ asɔfo. \v 15 Yeroboam yii nʼankasa asɔfo ma wɔsom wɔ abosonsomfo nsɔre so a na wɔsom abirekyi ne nantwimma ahoni a na wɔayɛ. \v 16 Israelman mu nyinaa, wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔsom \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn no dii Lewifo no akyi kɔɔ Yerusalem faako a wobetumi de ayɛyɛde ama \nd Awurade\nd*, wɔn agyanom Nyankopɔn no. \v 17 Eyi maa Yuda ahenni nyaa ahoɔden, na wɔde mfe abiɛsa boaa Salomo babarima Rehoboam, na wɔhwehwɛɛ \nd Awurade\nd* nokware, sɛnea wɔyɛɛ wɔ Dawid ne Salomo ahenni mu no. \s1 Rehoboam Abusua \p \v 18 Rehoboam waree Mahalat. Na ɔyɛ Dawid babarima Yerimot babea. Na ɔyɛ Abihail a ɔyɛ Yisai babarima Eliab babea nso. \v 19 Mahalat woo mmabarima baasa a wɔne Yeus, Semaria ne Saham. \v 20 Akyiri no, ɔwaree Absalom babea Maaka. Maaka woo Abia, Atai, Sisa ne Selomit. \v 21 Na Rehoboam dɔ Maaka yiye sen ne yerenom a wɔaka ne ne mpenanom nyinaa. Na ɔwɔ yerenom dunwɔtwe ne mpenanom aduosia, na wɔwowoo mmabarima aduonu awotwe ne mmabea aduosia. \p \v 22 Rehoboam sii Maaka babarima Abia ahenemmahene ma ɛdaa adi pefee sɛ daakye, ɔno na obedi nʼade sɛ ɔhene. \v 23 Bio, Rehoboam faa nyansakwan so de dwumadi hyehyɛɛ ne mmabarima a wɔaka no nsa, de wɔn tuatuaa nkurow a wɔabɔ ho ban, wɔ nsase no nyinaa so. Ɔmaa wɔn wɔn ahiade nyinaa, hyehyɛɛ aware bebree maa wɔn mu biara. \c 12 \s1 Misraim Tu Yuda So Sa \p \v 1 Rehoboam ahenni timii, na ɔyɛɛ den no, ɔne Israel nyinaa gyaw \nd Awurade\nd* mmara. \v 2 Esiane sɛ na wonni \nd Awurade\nd* nokware no nti, afe a ɛto so anum wɔ ɔhene Rehoboam adedi mu no, Misraimhene Sisak kɔtow hyɛɛ Yerusalem so. \v 3 Ɔde nteaseɛnam apem ahannu, apɔnkɔsotefo mpem aduosia ne anammɔnmufo asraafo a wontumi nkan wɔn dodow a Libiafo, Sukifo ne Etiopiafo ka ho na wɔbae. \v 4 Sisak dii Yudafo nkurow a wɔabɔ ho ban no so nkonim, na otu teɛɛ sɛ ɔrekɔtow ahyɛ Yerusalem so nso. \p \v 5 Odiyifo Semaia hyiaa Rehoboam ne Yuda mpanyimfo a Sisak nti, wɔaguan aba Yerusalem. Semaia ka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛnea \nd Awurade\nd* se ni! Moagyaw me nti, me nso meregyaw mo ama Sisak.” \p \v 6 Ɔhene no ne Israel mpanyimfo brɛɛ wɔn ho ase, kae se, “\nd Awurade\nd* di bem sɛ ɔyɛɛ yɛn saa!” \p \v 7 \nd Awurade\nd* huu sɛ wɔanu wɔn ho no, ɔde saa nkra yi somaa Semaia: “Esiane sɛ nnipa no abrɛ wɔn ho ase nti, merensɛe wɔn korakora na ɛrenkyɛ, mɛma wɔn ahomegye. Meremfa Sisak so nna mʼabufuw adi wɔ Yerusalem so. \v 8 Nanso wɔbɛyɛ nʼasomfo sɛnea ɛbɛkyerɛ wɔn sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsom me sen sɛ wɔbɛsom wiase ahemfo.” \p \v 9 Enti Misraimhene Sisak baa Yerusalem bɛsesaw agyapade a ɛwɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan no mu ne ahemfi hɔ nneɛma a Salomo sikakɔkɔɔ nkatabo no nyinaa ka ho. \v 10 Akyiri no, ɔhene Rehoboam de kɔbere akyɛm de sii anan, na ɔde hyɛɛ ahemfi awɛmfo nsa sɛ wɔnhwɛ so. \v 11 Bere biara a ɔhene no bɛkɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan no mu no, awɛmfo no soa kɔ hɔ bi, na sɛ owie na ɔreba a, wɔsan de begu awɛmfo dan no mu. \p \v 12 Esiane sɛ Rehoboam brɛɛ ne ho ase nti, \nd Awurade\nd* abufuw no fii ne so, nti wansɛe no korakora. Ɛmaa yiyedi kɔɔ so wɔ Yuda asase so. \s1 Rehoboam Ahenni Tiatwa \p \v 13 Ɔhene Rehoboam timii wɔ Yerusalem, na ɔtoaa so dii hene. Bere a odii ade no, na wadi mfirihyia aduanan baako. Na odii ade mfirihyia dunson wɔ Yerusalem, kuropɔn a \nd Awurade\nd* ayi afi Israel mmusuakuw nyinaa mu sɛ ɛhɔ na wɔbɛhyɛ ne din anuonyam no. Na Rehoboam na din de Naama a ofi Amon. \v 14 Na ɔyɛ ɔhene bɔne, efisɛ wamfa ne koma nyinaa anhwehwɛ \nd Awurade\nd* akyi kwan. \p \v 15 Wɔankyerɛw Rehoboam ahenni ho nsɛm nkae no a efi mfiase kosi awiei no wɔ odiyifo Semaia nhoma ne nhumuni Ido nhoma a ɛyɛ awo ntoatoaso nhoma no fa bi mu ana? Bere biara, na akokoakoko wɔ Rehoboam ne Yeroboam ntam. \v 16 Bere a Rehoboam wui no, wosiee no wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Abia dii nʼade sɛ ɔhene. \c 13 \s1 Abia Ne Yeroboam Di Ako \p \v 1 Bere a Yeroboam dii hene wɔ Israel no, ne mfe dunwɔtwe so, na Abia fii ase dii hene wɔ Yuda. \v 2 Odii hene mfe abiɛsa wɔ Yerusalem. Na ne na din de Maaka a ɔyɛ Uriel a ofi Gibea no babea. \p Na ɔko baa Abia ne Yeroboam ntam. \v 3 Ɔhene Abia de akofo akɛse mpem ahannan dii Yuda anim, kohyiaa Yeroboam a ɔno nso akɔfa mmarima akofo akokodurufo mpem ahanwɔtwe afi Israel. \p \v 4 Bere a Yuda asraafo no duu Efraim mmepɔw nsase no so no, Abia gyinaa bepɔw Semaraim so, teɛɛ mu kyerɛɛ Yeroboam ne Israelfo asraafo no se, “Muntie me! \v 5 Munnim sɛ \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, ne Dawid yɛɛ daa apam de Israel ahengua maa ɔne nʼasefo afebɔɔ ana? \v 6 Nanso Nebat babarima Yeroboam a na ɔyɛ Dawid babarima Salomo somfo teta bi no bɛyɛɛ ne wura ɔfatwafo. \v 7 Na ɛmaa ahuhufo dɔm kɔboaa no, bu faa Salomo babarima Rehoboam so na esiane sɛ na onnyinii, na onni osuahu biara nti, wantumi annyina ne wɔn anni asi. \p \v 8 “Wugye di yiye sɛ wubetumi agyina, atia \nd Awurade\nd* ahenni a Dawid asefo tua ano no? Wʼasraafodɔm no so yiye. Nantwimma a Yeroboam de sikakɔkɔɔ yɛɛ no ne mo anyame. \v 9 Woapam \nd Awurade\nd* asɔfo ne Lewifo no, na woahyɛ wʼankasa asɔfo te sɛ abosomman no pɛ. Nnɛ yi, woma obiara bɛyɛ ɔsɔfo. Obiara a ɔde nantwi ba ne adwennini ason bɛba sɛ wonnyina so nhyɛ no sɔfo no, otumi bɛyɛ ɔsɔfo ma saa mo anyame no. \p \v 10 “Na yɛn de, \nd Awurade\nd* ne yɛn Nyankopɔn, na yennyaa no da. Aaron asefo nko ara na wɔsom \nd Awurade\nd* sɛ asɔfo, na Lewifo nko ara na wotumi boa wɔn wɔ wɔn dwumadi mu. \v 11 Wɔde ɔhyew afɔrebɔde ne ɔhyew aduhuam brɛ \nd Awurade\nd* daa anɔpa ne anwummere. Wɔde Daa Daa Brodo no to ɔpon kronkron no so, na daa anwummere, wɔsɔ sikakɔkɔɔ kaneadua no. Yɛredi \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn, nkyerɛkyerɛ so, nanso moagyaw no. \v 12 Enti ɛsɛ sɛ mote ase sɛ Onyankopɔn ka yɛn ho. Ɔno ne yɛn kannifo. Nʼasɔfo hyɛn wɔn torobɛnto, di yɛn anim, de yɛn kɔ ɔko tia mo. Israelfo, monnko ntia \nd Awurade\nd*, mo agyanom Nyankopɔn no, na morenni nkonim.” \p \v 13 Nanso na Yeroboam ayɛ nwaa ama nʼakofo a wɔwɔ hɔ no bi afa Yuda mmarima akyi akɔtetɛw wɔn. \v 14 Bere a Yuda huu sɛ wofi wɔn anim ne wɔn akyi atow ahyɛ wɔn so no, wosu frɛɛ \nd Awurade\nd* sɛ ɔmmoa wɔn. Na asɔfo no hyɛn ntorobɛnto, \v 15 na Yuda mmarima no fii ase teɛteɛɛ mu. Wɔn ko no mu nteɛteɛmu no mu no, Onyankopɔn kaa Yeroboam ne Israel asraafo no gui, wɔ Abia ne Yuda asraafodɔm anim. \v 16 Israel asraafo no guan fii Yuda, na Onyankopɔn maa Yuda dii nkonim. \v 17 Abia ne nʼakofo kunkum Israel asraafo no bebree. Da no, wɔn a wɔtotɔɔ wɔ Israel asraafo a wodi mu mu no yɛ mpem ahannum. \v 18 Na Yuda dii Israel so nkonim, efisɛ wɔde wɔn ho too \nd Awurade\nd*, wɔn agyanom Nyankopɔn no so. \p \v 19 Abia ne nʼakofo kɔɔ so taa Yeroboam asraafo no, faa wɔn nkurow no bi te sɛ Bet-El, Yesana ne Efron ne ɛho nkurow. \v 20 Enti bere a Abia te ase no de, Yeroboam a ɔyɛ Israelhene annya tumi biara, na akyiri no, \nd Awurade\nd* bɔɔ no ma owui. \p \v 21 Yudahene Abia kɔɔ so nyaa tumi. Ɔwaree yerenom dunan. Ɔwoo mmabarima aduonu abien ne mmea dunsia. \p \v 22 Abia ahenni ho nsɛm nkae ne ne nsɛm ne dwuma a odii no, wɔakyerɛw agu Odiyifo Ido Nkyeremu Nhoma no mu. \c 14 \s1 Asa Ahenni Mfiase \p \v 1 Abia wu ma wosiee no wɔ Dawid kurom. Ne babarima Asa na odii nʼade sɛ ɔhene. Asomdwoe baa asase no so mfe du. \v 2 Asa yɛɛ nea ɛsɔ \nd Awurade\nd*, ne Nyankopɔn no, ani. \v 3 Otutuu abosonsomfo afɔremuka ne wɔn abosonnan nyinaa gui. Odwiriw wɔn afadum, twitwaa Asera nnua nyinaa. \v 4 Ɔhyɛɛ ɔmanfo a wɔwɔ Yuda se, wɔnhwehwɛ \nd Awurade\nd*, wɔn agyanom Nyankopɔn no, na wonni ne mmara ne nʼahyɛde nyinaa so. \v 5 Asa san bubuu abosonnan ne nnuhuam afɔremuka fii Yuda nkurow nyinaa mu. Ɛno nti, wonyaa asomdwoe wɔ Asa ahenni mu. \v 6 Saa asomdwoe mfe no mu no, otumi siesiee bammɔ nkuropɔn a ɛwɔ Yudaman mu nyinaa. Obiara anyɛ nʼadwene sɛ ɔbɛko atia no saa bere yi, efisɛ na \nd Awurade\nd* rema no ahomegye wɔ nʼatamfo nsam. \p \v 7 Asa ka kyerɛɛ Yudafo se, “Momma yɛnkyekye nkurow, na yentwa afasu mfa ho mfa mmɔ ho ban. Yɛbɛyɛ abantenten, asisi apon, ayɛ nnadeban nso. Asase no yɛ yɛn dea, efisɛ yɛsrɛɛ \nd Awurade\nd* yɛn Nyankopɔn, na wama yɛn ahomegye wɔ yɛn atamfo nsam.” Enti wɔkɔɔ so yɛɛ saa nnwuma yi de baa awiei. \p \v 8 Na ɔhene Asa wɔ akofo mpem ahaasa a wofi Yuda abusuakuw mu a wɔwɔ nkatabo ne mpeaw akɛse. Afei, na ɔwɔ akofo mpem ahannu aduɔwɔtwe a wofi Benyamin abusua mu a wokurakura nkatabo ne agyan nketewa. Na akofo akokodurufo wɔ saa asraafodɔm abien yi mu. \p \v 9 Bere bi, Etiopiani bi a wɔfrɛ no Serah de asraafodɔm ɔpepem baako ne nteaseɛnam ahaasa, kɔtow hyɛɛ Yuda so. Wɔkɔ koduu Maresa kuropɔn mu. \v 10 Asa nso boaa nʼakofo ano ne wɔn kɔkoo wɔ Sefata bon mu a ɛbɛn Maresa. \p \v 11 Asa teɛɛ mu, frɛɛ \nd Awurade\nd* ne Nyankopɔn se, “\nd Awurade\nd*, wo nko ara na wubetumi aboa nea ɔyɛ mmerɛw na watumi ako atia ɔhoɔdenfo! Boa yɛn, \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn, efisɛ wo nko ara ne yɛn anidaso. Wo din mu na yɛrehyia dɔm kɛse yi. \nd Awurade\nd*, woyɛ yɛn Nyankopɔn, na mma kwan mma nnipa teta nsɔre ntia wo!” \p \v 12 Na \nd Awurade\nd* dii Etiopiafo no so nkonim wɔ Asa ne Yuda asraafodɔm no anim, na atamfo no guanee. \v 13 Asa ne nʼakofo no taa wɔn ara kosii Gerar, maa Etiopiafo no bebree totɔe a wɔantumi ammoa wɔn ho ano. \nd Awurade\nd* ne nʼakofo dwerɛw wɔn, na Yuda asraafo no nyaa asade bebree kɔe. \v 14 Bere a wɔwɔ Gerar no, wɔtow hyɛɛ nkurow a ɛwɔ beae hɔ nyinaa so, na \nd Awurade\nd* ho huboa tɔɔ nnipa a wɔwɔ hɔ no so. Awiei no, wonyaa asade bebree wɔ saa nkurow no so nso. \v 15 Wɔsan tow hyɛɛ mmoahwɛfo atenae, kyekyeree nguan ne yoma, ansa na wɔresan akɔ Yerusalem. \c 15 \s1 Asa Hyehyɛ Nyamesom Foforo \p \v 1 Na Onyankopɔn honhom baa Oded babarima Asaria so, \v 2 na opue kohyiaa ɔhene Asa a ofi akono reba no. Ɔteɛɛ mu guu Asa so se, “Tie me, Asa, Yudamanfo nyinaa ne Benyamin muntie. Mmere dodow a mo ne \nd Awurade\nd* te no, ɔno nso ne mo bɛtena. Bere biara a mobɛhwehwɛ no no, mubehu no. Nanso sɛ mugyaw no a, ɔno nso begyaw mo. \v 3 Teteete no, na Israel nni nokware Nyankopɔn no, na wonni ɔsɔfo a ɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn, na wonni Onyankopɔn mmara nso. \v 4 Nanso bere biara a mobɛkɔ ahohia mu na mobɛkɔ \nd Awurade\nd* Israel Nyankopɔn nkyɛn, na moahwehwɛ no no, muhuu no. \v 5 Saa esum bere no mu, na akwantu yɛ hu. Na ɔhaw wɔ ɔman no afanan nyinaa. \v 6 Akodi baa ɔman ne ɔman ntam, kuropɔn ne kuropɔn ntam, efisɛ \nd Awurade\nd* maa ɔhaw ahorow bebree baa mo so. \v 7 Na afei, mo Yuda mmarima, mo ho nyɛ den, munnya akokoduru, na mubenya mo adwumayɛ so akatua.” \p \v 8 Bere a Asa tee saa asɛm yi fii odiyifo Asaria nkyɛn no, onyaa akokoduru, yiyii ahoni a ɛwɔ Yuda asase so ne Benyamin nyinaa ne nkurow a wako afa a ɛwowɔ Efraim bepɔw nsase so no so. Osiesiee \nd Awurade\nd* afɔremuka a na esi \nd Awurade\nd* Asɔredan ntwironoo anim no. \p \v 9 Afei, Asa frɛfrɛɛ nnipa a wɔwɔ Yuda ne Benyamin nyinaa. Ɔfrɛɛ nnipa a wofi Efraim, Manase ne Simeon a wɔabɛtena wɔn mu no nso. Bebree tutu kɔtenaa Yuda wɔ Ɔhene Asa bere so, efisɛ wohuu sɛ \nd Awurade\nd*, ne Nyankopɔn, ka ne ho. \p \v 10 Ɛrekɔ ɔsram a ɛto so abiɛsa awiei no mu a na Asa adi ade mfe dunum no, nnipa no boaa wɔn ho ano wɔ Yerusalem. \v 11 Saa da no, wɔde mmoa a wɔkyekyeree wɔn ɔko mu no bi bɔɔ \nd Awurade\nd* afɔre. Na mmoa no dodow yɛ anantwi ahanson a nguan ne mmirekyi nso dodow yɛ mpem ason. \v 12 Afei, wofi wɔn koma ne wɔn kra nyinaa mu yɛɛ apam sɛ wɔbɛhwehwɛ \nd Awurade\nd*, wɔn agyanom Nyankopɔn. \v 13 Wɔpenee so se, obiara a ɔbɛpo \nd Awurade\nd*, wɔn agyanom Nyankopɔn no, wobekum no, sɛ onnyinii anaa wanyin, sɛ ɔyɛ ɔbarima anaa ɔbea. \v 14 Wɔhyɛn ntorobɛnto ne mmɛn denneennen, de dii \nd Awurade\nd* nokwaredi ntam no ho adanse. \v 15 Wɔn nyinaa ani gyee saa apam yi ho, efisɛ wofi wɔn koma nyinaa mu na ɛyɛe. Wɔpere hwehwɛɛ Onyankopɔn, na wohuu no. Na \nd Awurade\nd* maa wɔn ahomegye fii wɔn atamfo a wɔwɔ afanan nyinaa nsam. \p \v 16 Mpo ɔhene Asa tuu ne nena baa Maaka fii ahemmeagua no so, efisɛ osii Asera nnua a ɛyɛ atantanne. Otwaa dua no, bubuu mu, hyew no wɔ Kidron bon mu. \v 17 Ɛwɔ mu sɛ wɔantutu abosonsom nsɔre so no nyinaa amfi Israel de, nanso Asa de ne ho nyinaa maa \nd Awurade\nd* ne nkwanna nyinaa. \v 18 Ɔde dwetɛ ne sikakɔkɔɔ ne nneɛma ahorow a ɔne nʼagya de maa \nd Awurade\nd* no baa Onyankopɔn Asɔredan no mu. \p \v 19 Enti ɔko ansi bio kosii Asa adedi afe a ɛto so aduasa anum no so. \c 16 \s1 Asa Ahenni Nna A Edi Akyiri \p \v 1 Asa dii ade mfe aduasa asia no, Israelhene Baasa kɔtow hyɛɛ Yuda so, na ɔbɔɔ Rama ho ban, sɛnea ɛbɛyɛ a, obi ntumi nkɔ mu anaa ompue mfi ɔhene Asa Yudaman mu. \v 2 Asa yii dwetɛ ne sikakɔkɔɔ fii \nd Awurade\nd* Asɔredan adekoradan ne ahemfi hɔ. Ɔde kɔmaa Aramhene Ben-Hadad a na odi hene wɔ Damasko na ɔde saa nkra yi kaa ho: \v 3 “Ma yɛnyɛ apam a na ɛda wʼagya ne mʼagya ntam no foforo. Tie, mede akyɛde a ɛyɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ resoma de abrɛ wo. Twa wo ne Israelhene Baasa apam no mu, sɛnea ɔmmfa ne nsa nka me.” \p \v 4 Ben-Hadad penee ɔhene Asa abisade no so, na ɔsomaa nʼasraafo, kɔtow hyɛɛ Israel so. Wodii Iyon, Dan, Abel-Maim ne Naftali aduan akorae nkuropɔn nyinaa so. \v 5 Bere a Israelhene Baasa tee asɛm a asi no, ogyaee Rama bammɔ ho dwumadi no. \v 6 Enti ɔhene Asa frɛɛ ne mmarima a wɔwɔ Yuda nyinaa ma wɔbɛsoaa adansi abo ne nnua a na Baasa de rebɔ Rama ho ban no. Asa de saa nneɛma yi bɔɔ nkurow Geba ne Mispa ho ban. \p \v 7 Saa bere no mu no, ɔdehufo Hanani baa ɔhene Asa nkyɛn bɛka kyerɛɛ no se, “Esiane sɛ wode wo ho ato Aramhene so, na woagyaw \nd Awurade\nd* wo Nyankopɔn nti, worentumi nni Aramhene asraafo no so. \v 8 Wonkae nea ɛbaa Etiopiafo no ne Libiafo ne wɔn asraafodɔm dodow ne wɔn nteaseɛnam ne wɔn apɔnkɔsotefo so no? Saa bere no, na wode wo ho to \nd Awurade\nd* so, na ɔde wɔn nyinaa hyɛɛ wo nsa. \v 9 \nd Awurade\nd* aniwa kyin fa asase so baabiara, sɛnea ɔbɛhyɛ wɔn a wɔde wɔn koma nyinaa to no so no den. Nkwaseasɛm bɛn na woadi yi! Efi nnɛ, wobɛkɔ ɔko.” \p \v 10 Asa bo fuw Hanani yiye sɛ wabɛka saa asɛm yi akyerɛ no, na ɔkyeree no too afiase. Saa bere no ara na Asa afi ase rehyɛ ne nkurɔfo no bi so. \s1 Asa Ahenni Tiaatwa \p \v 11 Asa ahenni ho nsɛm nkae, fi mfiase kosi awiei no, wɔakyerɛw agu Yuda ne Israel ahemfo nhoma no mu. \v 12 Nʼadedi mfe aduasa akron so no, ɔyare huhuuhu bi yɛɛ Asa nan. Ɔyare no duu ne mpɔmpɔnso a ɛreyɛ akum no mpo no, wanhwehwɛ \nd Awurade\nd* mmoa akyi kwan, na mmom, ɔhwehwɛɛ ayaresafo mmoa. \v 13 Enti nʼadedi mfe aduanan baako so no, owui. \v 14 Wosiee no ɔboda a ɔno ara twa maa nʼankasa ho no mu wɔ Dawid kurom. Wɔdedaa no mpa a wɔde nnuhuam ne sradehuam ho hua ahyɛ no ma, na nʼayiyɛ no mu no, nnipa no bɔɔ ogyatannaa kɛse bi de hyɛɛ no anuonyam. \c 17 \s1 Yehosafat Di Yuda So Hene \p \v 1 Na Asa babarima Yehosafat bedii nʼade sɛ ɔhene. Ɔhyɛɛ Yuda den, sɛnea obetumi agyina Israel ɔfow biara ano. \v 2 Oduaduaa asraafodɔm wɔ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no nyinaa mu. Ɔde asraafodɔm kumaa bi kɔɔ Yuda asase so ne Efraim nkurow a nʼagya Asa ako agye no so. \p \v 3 Na \nd Awurade\nd* ka Yehosafat ho, efisɛ ɔyɛɛ sɛnea nʼagya Asa yɛe wɔ ne mfe a edi kan no mu, na wansom Baal ahoni no. \v 4 Ɔhwehwɛɛ nʼagya Nyankopɔn, na odii nʼahyɛde so a wanni Israel ahenni mu nneyɛe no akyi. \v 5 Enti \nd Awurade\nd* maa Yehosafat Yudaman so ahenni no timii. Nnipa a wɔwɔ Yuda nyinaa brɛɛ Yehosafat akyɛde, ma ɔyɛɛ ɔdefo, na wɔde nidi maa no. \v 6 Ofi ne koma nyinaa mu nantew \nd Awurade\nd* akwan so. Obubuu abosonsomfo nsɔree so, na ɔsɛee Asera nnua no. \p \v 7 Yehosafat ahenni mfe abiɛsa so no, ɔsomaa ne mpanyimfo ma wɔkɔkyerɛkyerɛɛ wɔ Yuda nkurow nyinaa so. Ne mpanyimfo no ne Ben-Hail, Obadia, Sakaria, Netanel ne Mikaia. \v 8 Ɔsomaa Lewifo a wɔn din didi so yi kaa wɔn ho: Semaia, Netania, Sebadia, Asahel, Semiramot, Yehonatan, Adoniya, Tobia ne Tob-Adoniya. Ɔsomaa asɔfo Elisama ne Yehoram nso. \v 9 Wɔfaa \nd Awurade\nd* mmara a wɔatintim nhoma no de kyinii Yuda nkurow nyinaa so, kyerɛkyerɛɛ nnipa no. \p \v 10 Na afei, ɛmaa \nd Awurade\nd* ho suro tɔɔ ahenni a atwa ahyia no nyinaa so, nti obiara amfa ɔko ankɔ Yehosafat so. \v 11 Filistifo no bi brɛɛ no akyɛde ne dwetɛ sɛ sonkahiri, na Arabfo brɛɛ no adwennini mpem ason ne ahanson ne mpapo mpem ason ne ahanson. \p \v 12 Ɛmaa Yehosafat tumi mu yɛɛ den, na ɛkɔɔ so yɛɛ den ara ma osisii aban ne nnuan adekoradan wɔ Yuda nkuropɔn nyinaa so. \v 13 Ɔkoraa nneɛma bebree wɔ Yuda nkurow mu, na ɔmaa asraafo a wɔyɛ den tenaa Yerusalem. \v 14 Wogyinaa agyanom mmusuakuw so gyee asraafo. \b \li1 Yuda abusua mu, na asraafodɔm no dodow yɛ mpem ahaasa (300,000) \li2 a wɔakyekyɛ wɔn mu akuwakuw apem (1,000). Adna na na ɔyɛ wɔn so sahene. \li2 \v 15 Onipa a na odi ne so ne Yehohanan a na odi asraafodɔm mpem ahannu aduɔwɔtwe (280,000) so. \li2 \v 16 Nea odi hɔ ne Sikri babarima Amasia, a ɔde ne ho bɔɔ afɔre maa \nd Awurade\nd* adwuma a na odi asraafodɔm mpem ahannu (200,000) so sahene. \li1 \v 17 Benyamin abusua asraafodɔm no, \li2 na wɔn dodow yɛ mpem ahannu (200,000) a wɔwɔ agyan ne nkatabo. Na wɔn sahene ne Eliada, ɔsraani a wadi ako akyɛ. \li2 \v 18 Nea odi hɔ ne Yehosabad a otua asraafo mpem ɔha aduɔwɔtwe (180,000) a wɔada wɔn ho so ama akodi no ano. \b \m \v 19 Eyinom ne asraafodɔm a wɔtenaa Yerusalem som ɔhene, ne wɔn a Yehosafat de wɔn duaduaa nkurow a wɔabɔ ho ban wɔ Yudaman mu no. \c 18 \s1 Yehosafat Ne Ahab \p \v 1 Yehosafat yɛɛ ɔdefo a na nʼanuonyam nso korɔn. Ɔhyehyɛ maa ne babarima waree Israelhene Ahab babea.\f + \fr 18.1 \fr*\ft Ɛha na wɔka Yehosafat nhyira ne ahonya a onya fii ne nokwaredi mu ho asɛm. Wɔka ananafo nkabomdi a ɔnam aware a ɔne Ɔhene Ahab yɛe a na odiyifo no mpɛ ho asɛm (\+xt 19.2-3\+xt*). Saa Ahab babea Atalia aware yi, anka ɛrema wɔatɔre Dawid anato no ase. (\+xt 22.10–23.21\+xt*).\ft*\f* \v 2 Mfe kakraa bi akyi no, ɔkɔɔ Samaria kɔsraa Ahab. Ahab too pon kɛse bi maa ɔne ne mpanyimfo. Wokunkum nguan ne anantwi bebree de too pon no. Na Ahab srɛɛ Yehosafat sɛ ɔmmɛboa no, na ɔnkɔko ntia Ramot-Gilead. \v 3 Ahab bisaa no se, “Wobɛboa me na mako atia Ramot-Gilead ana?” Na Yehosafat bua se, “Me ne wo yɛ pɛ na me nkurɔfo te sɛ wo nkurɔfo, Yɛbɛboa wo, ama woako.” \p \v 4 Na Yehosafat ka kaa ho se, “Nea edi kan no, ma yemmisa \nd Awurade\nd* hɔ afotu.” \p \v 5 Enti ɔhene Ahab frɛɛ nʼadiyifo a wɔn dodow bɛyɛ ahannan no nyinaa, bisaa wɔn se, “Menkɔko ntia Ramot Gilead anaa mennkɔ?” \p Wɔn nyinaa buae se, “Kɔ so! \nd Awurade\nd* bɛma woadi nkonim anuonyam so.” \p \v 6 Nanso Yehosafat bisae se, “Enti \nd Awurade\nd* odiyifo biara nso nni ha? Anka mepɛ sɛ mibisa no saa asɛm koro no ara.” \p \v 7 Ɔhene Ahab buae se, “Ɔbaako da so wɔ ha nanso, mikyi no. Ɔnhyɛ nkɔm biara sɛ nsɛm a enye na ɔka kyerɛ me. Ne din de Mikaia. Imla babarima ne no.” \p Yehosafat kae se, “Nkasa saa. Ma yentie asɛm a ɔwɔ ka.” \p \v 8 Enti Israelhene frɛɛ ne mpanyimfo no baako ka kyerɛɛ no se, “Yɛ ntɛm kɔfrɛ Imla babarima Mikaia brɛ me.” \s1 Mikaia Hyɛ Nkɔm Tia Ahab \p \v 9 Israelhene Ahab ne Yudahene Yehosafat hyɛɛ wɔn ahemfo ntade, tenaa wɔn ahengua mu wɔ apongua a ɛbɛn Samaria kwan no ano. Saa bere no, na Ahab adiyifo no rehyɛ nkɔm wɔ wɔn anim. \v 10 Na wɔn mu baako a ɔyɛ Kenaana babarima Sedekia de nnade yɛɛ mmɛn, na ɔdaa no adi se, “Sɛnea \nd Awurade\nd* se ni: Mode saa mmɛn yi bɛwowɔ Aramfo yi ama wɔawuwu!” \p \v 11 Adiyifo a wɔwɔ hɔ no nyinaa penee so kae se, “Yiw, monkɔ Ramot-Gilead, na munkodi nkonim, efisɛ \nd Awurade\nd* bɛma moadi nkonim.” \p \v 12 Ɔbɔfo a ɔkɔfrɛɛ Mikaia no ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ, adiyifo no nyinaa hyɛ ɔhene no bɔ sɛ obedi nkonim. Hwɛ sɛ wone wɔn bɛyɛ adwene, na hyɛ nkonimdi ho bɔ.” \p \v 13 Nanso Mikaia buae se, “Sɛ \nd Awurade\nd* te ase yi, nea me Nyankopɔn aka akyerɛ me sɛ menka no, ɛno na mɛka.” \p \v 14 Bere a Mikaia beduu ɔhene Ahab anim no, obisaa no se, “Mikaia, yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaa yɛnkɔ?” \p Mikaia buae se, “Monkɔko! Ɛbɛyɛ nkonimdi a ɛho wɔ nyam.” \p \v 15 Ɔhene amma nʼano ansi, na obuaa no se, “Mpɛn ahe na menka nkyerɛ wo se, sɛ worekasa ama \nd Awurade\nd* a, ka nokwasɛm?” \p \v 16 Na Mikaia ka kyerɛɛ no se, “Anisoadehu mu no, mihuu sɛ Israel nyinaa abɔ apete wɔ mmepɔw no so sɛ nguan a wonni hwɛfo. Na \nd Awurade\nd* kae se, ‘Wɔakum wɔn wura. Fa wɔn kɔ fie asomdwoe mu.’ ” \p \v 17 Israelhene ka kyerɛɛ Yehosafat se, “Manka saa ankyerɛ wo ana? Da biara saa na ɔyɛ. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara sɛ atoro nkɔm na ɔhyɛ fa me ho.” \p \v 18 Mikaia toaa so se, “Tie nea \nd Awurade\nd* ka. Mihuu \nd Awurade\nd* sɛ ɔte nʼahengua so a ne ɔsorofo asraafo nyinaa atwa ne ho ahyia wɔ ne nifa ne ne benkum so. \v 19 Na \nd Awurade\nd* bisae se, ‘Hena na obetumi adaadaa Israelhene Ahab ama wakotu Ramot-Gilead so sa na wɔakum no wɔ hɔ?’ \p “Adwenkyerɛ bebree baa ho, \v 20 kosii sɛ ne koraa no, honhom bi bɛnee \nd Awurade\nd* kae se, ‘Metumi ayɛ!’ ” \p \nd Awurade\nd* bisae se, “ ‘Ɔkwan bɛn so na wobɛfa ayɛ eyi.’ ” \p \v 21 Na honhom no buae se, “Mɛkɔ akɔdaadaa Ahab adiyifo, ama wɔadi atoro.” \p \nd Awurade\nd* kae se, “Kɔ so yɛ, na wubedi nkonim. \p \v 22 “Enti woahu sɛ \nd Awurade\nd* de nkontompo honhom ahyɛ wʼadiyifo no anom. \nd Awurade\nd* adwene sɛ ɔde amanehunu bɛba wo so.” \p \v 23 Na Kenaana babarima Sedekia kɔɔ Mikaia so, kɔbɔɔ no sotɔre bisae se, “Da bɛn na \nd Awurade\nd* honhom fii me so bɛkasa kyerɛɛ wo?” \p \v 24 Na Mikaia buae se, “Ɛrenkyɛ biara, wubehu nokware no, bere a wubeguan akɔtetɛw kokoa mu dan bi mu.” \p \v 25 Israelhene Ahab hyɛe se, “Monkyere Mikaia, na momfa no nkɔma Amon a ɔyɛ kurow no mu amrado, na momfa no nkɔ me babarima Yoas nkyɛn. \v 26 Monka saa asɛm a efi ɔhene nkyɛn yi nkyerɛ wɔn se, ‘Fa saa ɔbarima yi to afiase. Mommma no aduan biara sɛ brodo ne nsu, kosi sɛ mefi akono bɛba asomdwoe mu.’ ” \p \v 27 Nanso Mikaia buae se, “Sɛ wosan ba asomdwoe mu a, na ɛkyerɛ sɛ, \nd Awurade\nd* amfa me so ankasa.” Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wogyinagyina hɔ, atwa ne ho ahyia no se, “Saa asɛm a maka yi, monhyɛ no nsow.” \s1 Ahab Wu \p \v 28 Enti Israelhene ne Yudahene Yehosafat dii wɔn asraafo anim, tuu Ramot-Gilead so sa. \v 29 Afei, ɔhene Ahab ka kyerɛɛ Yehosafat se, “Yɛrekɔ ɔko yi, mɛsakra me ho sɛnea obiara nhu me, nanso wo de, wobɛhyɛ wʼahentade.” Enti Ahab sesaa ne ho, na wɔkɔɔ ɔko no. \p \v 30 Saa bere no, na Aramhene aka akyerɛ ne nteaseɛnamkafo no se, “Monkɔtow nhyɛ Israelhene nko ara so.” \v 31 Enti bere a Aramhene nteaseɛnamkafo no huu Yehosafat sɛ ɔhyɛ nʼahentade no, wɔtaa no. Wɔteɛteɛɛ mu se, “Israelhene no ne no.” Nanso, Yehosafat teɛɛ mu frɛɛ Awurade sɛ ommegye no nkwa. Na \nd Awurade\nd* yii nkurɔfo no ani fii ne so, de gyee no nkwa. \v 32 Bere a nteaseɛnamkafo no huu sɛ ɔnyɛ Israelhene no, wogyaee no taa. \p \v 33 Na Aram sraani bi de anibiannaso totow nʼagyan guu Israel asraafo no mu, maa bɛmma no bi kɔwɔɔ Israelhene nkatabo ahyiae wɔ ne mmotuam. Ahab teɛɛ mu kyerɛɛ nteaseɛnamkafo no se, “Momfa me mfi ha, na wɔapira me pira bɔne.” \v 34 Ɔko no kɔɔ so da mu no nyinaa. Ahab kotwerii ne teaseɛnam mu a nʼani kyerɛ Aramfo no de kosii anwummere. Na ɛyɛɛ sɛnea owia rekɔtɔ no, owui. \c 19 \s1 Yehosafat Yi Atemmufo \p \v 1 Bere a ɔhene Yehosafat duu ne fi wɔ Yerusalem asomdwoe mu no, \v 2 Hanani babarima Yehu, ɔdehufo no kohyiaa no. Obisaa ɔhene Yehosafat se, “So ɛsɛ wo sɛ woboa amumɔyɛfo, na wodɔ wɔn a wokyi \nd Awurade\nd* ana? Nea woayɛ yi nti \nd Awurade\nd* abufuw aba wo so. \v 3 Nanso ade pa bi wɔ wo mu, efisɛ woatutu Asera nnua a ɛwɔ asase no so nyinaa, na woatu wo ho asi hɔ sɛ wobɛhwehwɛ Onyankopɔn.” \p \v 4 Na Yehosafat\f + \fr 19.4 \fr*\ft Ɔhene Yehosafat ankasa tutuu akwan kokɔɔ ahemman no nyinaa mu kɔkanyan ɔsesɛw foforo wɔ anyamesom mu.\ft*\f* tenaa Yerusalem. Nanso, otuu kwan fii Beer-Seba kɔɔ Efraim bepɔw asase no so, kɔhyɛɛ nkurɔfo nkuran sɛ, wɔnsan nkɔ \nd Awurade\nd*, wɔn agyanom Nyankopɔn no nkyɛn. \v 5 Oyiyii atemmufo wɔ nkuropɔn a wɔabɔ ho ban wɔ ɔman no mu nyinaa, \v 6 hyɛɛ wɔn se, “Atɛn biara a mubebu no bere biara no, munnwen ho yiye. Monkae sɛ, moremmu atɛn sɛ mode resɔ nnipa ani, na mmom, \nd Awurade\nd* a ɔbɛka mo ho biara a ɛbɛba sɛ mubu ho atɛn no ani. \v 7 Munsuro \nd Awurade\nd*, na mummu atɛntrenee, efisɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, kyi ntɛnkyew, nhwɛanim ne kɛtɛasehyɛ.” \p \v 8 Na Yehosafat yii Lewifo, asɔfo ne mmusua ntuanofo a wɔwɔ Israel no ma wɔsom sɛ atemmufo wɔ Yerusalem. Na wodi \nd Awurade\nd* mmara mu nsɛm ne ofie ntawntaw nsɛm nso. \v 9 Ɔhyɛɛ wɔn se, “Daa, momfa onyamesuro, nokware ne adwene pa nyɛ mo adwuma. \v 10 Bere biara a asɛm bi a efi mo nkurɔfo a wɔwɔ nkurow yi so bɛba mo anim no, sɛ ɛyɛ awudi anaa Onyankopɔn mmara anaa nʼahyɛde sobu no, mommɔ wɔn kɔkɔ sɛ, wɔnnyɛ bɔne ntia \nd Awurade\nd*, sɛnea ɛbɛyɛ a nʼabufuw remma mo ne wɔn so. Monyɛ saa, na morenni fɔ. \p \v 11 “Ɔsɔfopanyin Amaria bɛyɛ mo panyin, na ɔkasa a obi nka bi bio wɔ nsɛm a ɛfa \nd Awurade\nd* ho nyinaa. Ismael babarima Sebadia nso na otua Yuda abusuakuw ano no. Ɔkasa a, obi nka bi bio wɔ ntawntawsɛm nyinaa mu. Lewifo no na wɔbɛboa mo ama moabu atɛntrenee. Momfa akokoduru nni mo dwuma, na \nd Awurade\nd* nka wɔn a wɔyɛ ade trenee ho.” \c 20 \s1 Yehosafat Nkonimdi \p \v 1 Eyi akyi no, Moabfo, Amonfo ne Maonfo asraafo bi tuu Yehosafat so sa. \v 2 Abɔfo bɛka kyerɛɛ Yehosafat se, “Asraafo bebree fi Nkyene Po no akyi wɔ Edom rebɛko atia wo. Wɔadu Hasason-Tamar” (En-Gedi din baako ne no). \v 3 Yehosafat tee saa asɛm no, ne ho yeraw no nti, obisaa \nd Awurade\nd* hɔ akwankyerɛ. Ɔhyɛɛ sɛ obiara a ɔwɔ Yuda no nni abuada. \v 4 Na nnipa a wɔwɔ Yuda nkurow nyinaa so baa Yerusalem, bɛhwehwɛɛ \nd Awurade\nd*. \p \v 5 Na Yehosafat sɔre gyinaa Yudafo ne Yerusalemfo anim wɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan no adiwo foforo hɔ. \v 6 Ɔbɔɔ mpae se, \pm “\nd Awurade\nd*, yɛn agyanom Nyankopɔn, wo nko ne Onyankopɔn a wote ɔsoro. Wo na wudi ahenni a ɛwɔ asase nyinaa so. Woyɛ otumfo ne ɔkɛse a obiara ntumi ne wo nni asi. \v 7 Yɛn Nyankopɔn, bere a wo nkurɔfo bedui no, woampam wɔn a na wɔte asase yi so no ana? Na woamfa saa asase yi amma wʼadamfo Abraham asefo afebɔɔ ana? \v 8 Wo nkurɔfo tenaa ha sii saa Asɔredan yi maa wo. \v 9 Wɔkaa se, ‘Sɛ ɔhaw bi te sɛ ɔko, ɔyare anaa ɔkɔm bi to yɛn a, yebetumi aba wʼanim wɔ saa Asɔredan yi mu, baabi a wɔahyɛ wo din anuonyam no. Yebetumi asu afrɛ wo sɛ, gye yɛn nkwa, na wubetie yɛn, agye yɛn.’ \pm \v 10 “Na afei, hwɛ nea Amonfo, Moabfo ne Seir asraafodɔm reyɛ. Woamma yɛn agyanom anni saa aman no so nkonim bere a Israel fii Misraim no, na mmom, wɔfaa wɔn ho a wɔansɛe wɔn. \v 11 Afei, hwɛ sɛnea wɔretua yɛn so ka. Wɔaba sɛ, wɔrebetu yɛn afi wʼasase a wode maa yɛn sɛ agyapade no so. \v 12 Yɛn Nyankopɔn, worensiw wɔn ano? Yenni ahoɔden sɛ asraafodɔm kɛse yi a wɔpɛ sɛ wɔbɛtow hyɛ yɛn so yi. Yenhu nea yɛnyɛ, na yɛhwɛ kwan sɛ wobɛboa yɛn.” \p \v 13 Bere a Yuda mmarima nyinaa ne wɔn nkokoaa, wɔn yerenom ne wɔn mma gyina \nd Awurade\nd* anim no. \p \v 14 \nd Awurade\nd* Honhom baa mmarima a wogyinagyina hɔ no mu baako so. Na ne din de Yahasiel a ɔyɛ Sakaria babarima a ɔno nso yɛ Benaia babarima, na ɔno nso yɛ Yeiel babarima, na ɔno nso yɛ Lewini Matania, a ɔyɛ Asaf aseni no babarima. \p \v 15 Ɔkae se, “Ɔhene Yehosafat, tie! Mo Yudafo ne Yerusalemfo nyinaa, muntie! Sɛnea \nd Awurade\nd* se ni: Munnsuro. Mommma asraafodɔm kɛse ntu mo koma, efisɛ ɔko no nyɛ mo dea, na ɛyɛ Onyankopɔn dea. \v 16 Ɔkyena, muntu nten nkɔ wɔn so. Mubehu sɛ wofi Sis atrapoe a ɛwɔ obon no fa a epue Yeruel sare no so hɔ reba. \v 17 Na ɛho nhia mpo sɛ mobɛko. Munnyinagyina mo afa, monyɛ dinn na monhwɛ \nd Awurade\nd* nkonimdi. Ɔka mo ho, Yuda ne Yerusalem manfo. Munnsuro, na mommma mo koma ntu. Ɔkyena, monkɔ hɔ, na \nd Awurade\nd* ka mo ho.” \p \v 18 Na ɔhene Yehosafat sii ne ti ase, na Yuda ne Yerusalem manfo no nyinaa nso yɛɛ saa, de som \nd Awurade\nd*. \v 19 Na Lewifo a wofi Kohat ne Kora mmusua mu sɔre gyina teɛɛ mu dennen sɔree \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn. \p \v 20 Ade kyee nʼanɔpahema no, Yuda asraafo no kɔɔ Tekoa sare so. Bere a wɔrekɔ no, Yehosafat gyina kae se, “Muntie me, mo Yudafo ne Yerusalemfo nyinaa. Munnye \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, nni na mubetumi agyina pintinn. Munnye nʼadiyifo no nni, na mubedi nkonim.” \v 21 Ɔhene no ne nnipa no ntuanofo dii nkitaho wiei no, oyii nnwontofo bi sɛ wonni asraafo no anim, nto dwom mma \nd Awurade\nd*, nkamfo no wɔ nʼanuonyam kronkron no nti. Dwom no mu nsɛm ni: \q1 “Monna \nd Awurade\nd* ase \q2 na nʼadɔe wɔ hɔ daa!” \p \v 22 Bere a wɔpagyaw ayeyi dwom no, \nd Awurade\nd* maa Amon, Moab ne bepɔw Seir asraafo no twaa wɔn ho koe. \v 23 Moab ne Amon asraafo no dan wɔn ani kyerɛɛ mmarima a wofi bepɔw Seir so no, kunkum wɔn nyinaa. Wowiee Seir asraafo no, wotwaa wɔn ho koe. \p \v 24 Na Yuda asraafo no duu baabi a wogyina a wuhu sare no so no, wohuu sɛ afunu gugu fam kɔ akyiri. Atamfo no mu baako mpo antumi anguan. \v 25 Ɔhene Yehosafat ne nʼakofo no kɔtasee asade. Wonyaa adwumayɛ nneɛma, ntade ne nneɛma a ɛsom bo a wontumi nsoa. Na asade no dɔɔso enti wɔde nnansa na ɛtase ne nyinaa. \v 26 Nnaanan so no, wɔboaa wɔn ho ano wɔ Nhyira Bon mu. Wɔtoo obon no din saa da no, efisɛ ɛhɔ na nnipa no kamfoo \nd Awurade\nd*, daa no ase. Wɔda so frɛ no Nhyira Bon nnɛ yi. \p \v 27 Afei, Yehosafat dii wɔn anim ne wɔn san kɔɔ Yerusalem anigye so sɛ, \nd Awurade\nd* ama wɔadi wɔn atamfo so nkonim. \v 28 Wɔbɔɔ mmɛnta, asankuten ne ntorobɛnto tuu nten kɔhyɛn Yerusalem na wɔkɔɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan no mu. \p \v 29 Bere a ahenni a atwa hɔ ahyia no tee sɛ \nd Awurade\nd* no ankasa ako atia Israel atamfo no, \nd Awurade\nd* ho suro baa wɔn so. \v 30 Na ɛmaa asomdwoe baa Yehosafat ahenni mu, efisɛ ne Nyankopɔn maa no ahomegye wɔ afanan nyinaa. \s1 Yehosafat Ahenni Awiei \p \v 31 Na Yehosafat dii hene wɔ Yuda asase so. Bere a odii hene no, na wadi mfe aduasa anum. Ɔtenaa Yerusalem dii hene mfe aduonu anum. Na ne na din de Asuba a ɔyɛ Silhi babea. \v 32 Na Yehosafat yɛ ɔhene a oye. Ɔyɛɛ nea nʼagya Asa yɛe. Ɔyɛɛ nea ɛsɔ \nd Awurade\nd* ani. \v 33 Nanso nʼahenni mu no, wammubu abosonsomfo nsɔree so no, na ɔmanfo no nso amfa wɔn koma nyinaa amma wɔn agyanom Nyankopɔn no. \p \v 34 Yehosafat ahenni ho nsɛm nkae, fi mfiase kosi awiei no, wɔakyerɛw agu Hanani babarima Yehu nhoma a wɔde aka Israel Ahemfo nhoma no ho. \p \v 35 Nanso ɛrekɔ nʼasetena awiei no, ɔhene Yehosafat ne Israelhene Ahasia a ne tirim yɛ den no kaa wɔn ho bɔɔ mu. \v 36 Wɔyɛɛ Po so aguadi ahyɛn bebree wɔ Esion-Geber hyɛngyinabea. \v 37 Na Dodafahu babarima Elieser a ofi Maresa hyɛɛ nkɔm, de tiaa Yehosafat. Ɔkae se, “Esiane sɛ wo ne ɔhene Ahasia ayɛ baako nti, \nd Awurade\nd* bɛsɛe wʼadwuma.” Enti ahyɛn no bobɔe a wɔantumi amfa ankodi gua. \c 21 \s1 Yehoram Di Hene Wɔ Yuda \p \v 1 Bere a Yehosafat wui no, wosiee no wɔ nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Na ne babarima Yehoram dii nʼade sɛ ɔhene. \v 2 Yehoram nuanom mmarima a na wɔyɛ Yehosafat mmabarima afoforo bi no ne Asaria, Yehiel, Sakaria, Asaria, Mikael ne Sefatia. \v 3 Wɔn agya maa wɔn mu biara akyɛde a ɛsom bo, a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne aboɔdenne; na afei, ɔde Yuda nkurow a wɔabɔ ho ban no bi kyekyɛɛ wɔn. Na esiane sɛ Yehoram yɛ abakan nti, ɔbɛyɛɛ ɔhene. \p \v 4 Na bere a Yehoram ahenni timii no, okunkum ne nuabarimanom no nyinaa ne Israelfo ntuanofo bi. \v 5 Bere a Yehoram dii ade no, na wadi mfirihyia aduasa abien. Na odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia awotwe. \v 6 Na Yehoram yɛɛ sɛnea Israel ahemfo yɛe. Na ɔyɛ otirimɔdenfo te sɛ ɔhene Ahab, efisɛ na waware Ahab mmabea no mu baako. Enti Yehoram yɛɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd* ani so. \v 7 Nanso na \nd Awurade\nd* mpɛ sɛ ɔsɛe Dawid ahenni nnidiso no, efisɛ na ɔne Dawid ayɛ apam ahyɛ bɔ sɛ, nʼasefo bɛkɔ so adi hene afebɔɔ. \p \v 8 Yehoram bere so na Edomfo sɔre tiaa Yuda, na wosii wɔn ankasa wɔn hene. \v 9 Enti Yehoram de asraafo ne ne nteaseɛnam nyinaa kɔtow hyɛɛ Edom so. Edomfo twaa ɔno ne ne nteaseɛnamkafo no ho hyiae, nanso ɔfaa anadwo sum mu guanee. \v 10 Edom ade ne ho a ɔnhyɛ Yuda ase de besi nnɛ. Saa bere koro no ara mu, Libna kurow tew atua, efisɛ na Yehoram atwe ne ho afi \nd Awurade\nd*, nʼagyanom Nyankopɔn ho. \v 11 Na wasisi abosonsomfo nsɔree so wɔ Yuda mmepɔw asase so, ama nnipa a wɔwɔ Yerusalem ne Yuda akɔsom abosonsomfo anyame. \p \v 12 Na odiyifo Elia kyerɛw saa krataa yi kɔmaa Yehoram: \pm “Asɛm a \nd Awurade\nd*, wʼagya Dawid Nyankopɔn se ni: ‘Woanni wʼagya Yehosafat anaa wo nena Yudahene Asa nhwɛsopa so. \v 13 Mmom, woayɛ omumɔyɛfo sɛ Israel ahemfo. Woama Yerusalemfo ne Yudafo akɔsom ahoni te sɛnea ɔhene Ahab yɛɛ wɔ Israel no. Na mpo, woakunkum wʼankasa wo nuanom mmarima a na wodi mu sen wo. \v 14 Enti afei, \nd Awurade\nd* de ɔhaw kɛse bɛba wo, wo nkurɔfo, wo mma, wo yerenom ne biribiara a ɛyɛ wo dea so. \v 15 Wʼankasa de, wɔde nsono mu yare a ɛyɛ yaw yiye bɛto wo so akosi sɛ wʼayamude betu apue.’ ” \p \v 16 Na \nd Awurade\nd* kaa Filistifo ne Arabfo a na wɔte bɛn Etiopiafo so sɛ wɔnkɔtow nhyɛ Yehoram so. \v 17 Wɔbɔɔ nsra kɔɔ Yuda so kotuaa wɔn ano, fow aboɔden nneɛma a ɛwɔ ahemfi hɔ a ne mmabarima ne ne yerenom ka ho. Ne babarima kumaa Yehoahas nko na wogyaw no. \p \v 18 Eyi akyi na \nd Awurade\nd* maa nsono mu yare a ano yɛ den bɔɔ Yehoram. \v 19 Akyiri no, mfe abien akyi, ɔyare no maa nʼayamde puei, na owui ɔyaw mu. Ne nkurɔfo ammɔ ogyatannaa kɛse, amfa anhyɛ no anuonyam wɔ nʼayiyɛ mu sɛnea wɔyɛ maa nʼagyanom no. \p \v 20 Yehoram dii ade no, na wadi mfirihyia aduasa abien, na odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia awotwe. Owui no, anyɛ obiara awerɛhow. Wosiee no wɔ Dawid kurom, nanso ɛnyɛ adehye asiei. \c 22 \s1 Ahasia Di Hene Wɔ Yuda \p \v 1 Afei, ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem no sii Yehoram babarima kumaa Ahasia ɔhene a odi hɔ. Na Arabfo afowfo akuw akunkum mmabarima mpanyimfo no nyinaa. Ɛno nti, Yehoram babarima kumaa Ahasia na odii hene wɔ Yuda. \p \v 2 Bere a Ahasia dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu abien, na odii ade wɔ Yerusalem afe. Na ne na a ɔyɛ Israelhene Omri nena no din de Atalia. \p \v 3 Ahasia nso yɛɛ ɔhene Ahab abusua bɔne a wɔyɛe no bi, efisɛ ne na hyɛɛ no nkuran wɔ bɔneyɛ mu. \v 4 Ɔyɛɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd* ani so sɛnea Ahab yɛe no. Nʼagya wu akyi no, Ahab abusuafo na wɔbɛyɛɛ nʼafotufo. Wɔn na wɔde no kɔɔ ɔsɛe mu. \v 5 Esiane wɔn afotu bɔne nti, Ahasia de ne ho kɔbɔɔ ɔhene Yoram a ɔyɛ Israelhene Ahab babarima ho. Wotuu Aramhene Hasael so sa wɔ Ramot-Gilead. Ɔko no mu no, Aramfo no piraa Yoram. \v 6 Yoram san kɔɔ Yesreel kɔsaa nʼapirakuru no, na Yudahene Ahasia kɔɔ Yesreel kɔsraa no. \p \v 7 Na eyi dan mfomso kɛse, efisɛ na Onyankopɔn ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛtwe Ahasia aso. Saa nsrahwɛ yi mu na Ahasia ne Yoram kohyiaa Nimsi babarima Yehu, a na Onyankopɔn ayi no sɛ ontwa Ahab fi adedi ntoatoaso no so. \v 8 Bere a Yehu rebu atɛn atia Ahab fi no, ohyiaa Yuda mpanyimfo ne Ahasia abusuafo bi a na wɔresom Ahasia. Enti Yehu kunkum wɔn nyinaa. \v 9 Afei, Yehu mmarima hwehwɛɛ Ahasia, na wokohuu no sɛ wakɔtɛw Samaria kuropɔn no mu. Wɔde no brɛɛ Yehu ma okum no. Wosiee Ahasia ma ɛyɛɛ fɛ, efisɛ nnipa dii ne ho adanse se, “Ɔyɛ Yehosafat a ɔde ne koma nyinaa hwehwɛɛ \nd Awurade\nd* no nena.” Na Ahasia abusua mu nnipa a wɔkaa akyi no mu biara amfata sɛ ɔbɛtoa ahenni no so. \s1 Atalia Di Yuda So Hene \p \v 10 Bere a Yudahene Ahasia ne na Atalia tee sɛ ne babarima no awu no, ɔkekaa ne ho, pɛɛ sɛ ɔsɛe Yuda adehye abusua no. \v 11 Nanso Ahasia nuabea Yehoseba, a na ɔyɛ ɔhene Yehoram babea, faa Ahasia babarima akokoaa Yoas fii ɔhene no mma a wɔaka a wɔrebekum wɔn no mu. Ɔde Yoas ne onipa a ɔhwɛ no no kosiee pia bi mu. Eyi ne ɔkwan a ɔsɔfo Yehoiada yere Yehoseba faa so de abofra no siei, sɛnea ɛbɛyɛ na Atalia rennya no nkum no. \v 12 Yoas hyɛɛ Onyankopɔn Asɔredan mu hɔ mfe asia, bere a na Atalia di ɔman no so no. \c 23 \s1 Wɔsɔre Tia Atalia \p \v 1 Atalia dii ade mfe ason no, ɔsɔfo Yehoiada kyerɛɛ no tumi. Osii ne bo ne asraafodɔm ɔha so asahene baanum, a wɔne Yeroham babarima Asaria, Yehohanan babarima Ismael, Obed babarima Asaria, Adaia babarima Maaseia ne Sikri babarima Elisafat yɛɛ apam. \v 2 Saa mmarima yi faa sum ase, kyinii Yuda nyinaa, frɛfrɛɛ Lewifo ne mmusua ntuanofo a wɔwɔ Yuda nkurow so sɛ, wɔmmra Yerusalem. \v 3 Wɔn nyinaa hyiaa wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu ne ɔhenberante Yoas yɛɛ apam. \p Yehoiada ka kyerɛɛ wɔn se, “Bere adu sɛ ɔhene babarima di ade. \nd Awurade\nd* ahyɛ bɔ sɛ, Dawid aseni na ɔbɛyɛ yɛn hene. \v 4 Nea ɛsɛ sɛ moyɛ ni. Sɛ asɔfo ne Lewifo ba adwuma Homeda a, wɔn mu nkyɛmu abiɛsa mu baako na wɔbɛyɛ apon ano ahwɛfo. \v 5 Nkyemu abiɛsa mu baako nso bɛkɔ ahemfi, na nkyɛmu abiɛsa mu baako a wɔaka no akɔ Fapem Pon no ano. Afei, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔaka no nyinaa tenatena \nd Awurade\nd* Asɔredan adiwo ahorow hɔ. \v 6 Monkae sɛ, asɔfo ne Lewifo a wɔwɔ wɔn nnwuma so nko ara na ɛsɛ sɛ wɔhyɛn \nd Awurade\nd* Asɔredan no mu, efisɛ wɔn na wɔayi wɔn asi hɔ sɛ wɔyɛ kronkron. Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔaka no di \nd Awurade\nd* mmara so, na wɔtenatena afikyiri. \v 7 Mo Lewifo na mobɛyɛ ɔhene ho awɛmfo kuw, a mukurakura mo akode. Onipa biara a wɔmmaa no kwan a ɔbɛbɛn mo no, munkum no. Bere biara, mommɛn ɔhene no.” \p \v 8 Enti Lewifo no ne nnipa no yɛɛ biribiara a ɔsɔfo Yehoiada hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no pɛpɛɛpɛ. Asahene no hwɛɛ wɔn a wɔkɔ adwuma saa Homeda no ne wɔn a ɛsɛ sɛ wogye wɔn ahome da no so. Ɔsɔfo Yehoiada amma obiara ankɔ fie. \v 9 Na Yehoiada de mpeaw ne nkatabo a na ɛyɛ Ɔhene Dawid de, na wɔkoraa wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu no maa asahene no. \v 10 Ɔde awɛmfo no twaa ɔhene no ho hyiae a wɔayɛ wɔn akode krado. Wogyinagyinaa saa wɔ Asɔredan no anafo fam, twaa hɔ kɔɔ atifi fam, twaa afɔremuka no ho nyinaa hyiae. \p \v 11 Afei, Yehoiada ne ne mmabarima yii ɔhene babarima Yoas bae, na wɔde ahenkyɛw no hyɛɛ no. Wɔmaa Yoas Onyankopɔn mmara nhoma no bi daa no adi sɛ ɔhene. Wɔsraa no ngo, maa obiara teɛɛ mu se, “Ɔhene nkwa so!” \s1 Atalia Wu \p \v 12 Bere a Atalia tee gyegyeegye a ɔmanfo reyɛ, na wɔretutu mmirika, na wɔrekamfo ɔhene no, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ \nd Awurade\nd* asɔredan mu hɔ, kɔhwɛɛ asɛm ko a asi. \v 13 Na ohuu sɛ ɔhene foforo no gyina nʼafa baabi wɔ afadum no ho wɔ Asɔredan no kwan ano a ɛkyerɛ ne tumi. Na mpanyimfo ne torobɛntohyɛnfo atwa ne ho ahyia, ama nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa regye wɔn ani, rehyɛn ntorobɛnto. Nnwontofo a wɔnam nnwontode so bɔɔ nnwom de dii ɔmanfo no anim ahokeka so. Bere a Atalia huu eyi no, ɔde ahometew sunsuan ne ntade mu teɛteɛɛ mu se, “Amammɔsɛm! Amammɔsɛm!” \p \v 14 Na ɔsɔfo Yehoiada hyɛɛ asafohene a wɔhwɛ asraafo no so no se, “Montwe no mfi Asɔredan mu ha, na obiara a ɔbɛyɛ sɛ ɔregye no no, munkum no. Nanso munnkum no wɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan mu ha.” \v 15 Enti wɔtwee no de no kɔɔ ɔkwan a apɔnkɔ fa so ba ahemfi hɔ no so, kum no wɔ hɔ. \s1 Yehoida Ɔsom Nhyehyɛe Foforo \p \v 16 Na Yehoiada ne ɔhene no ne ɔmanfo no yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ \nd Awurade\nd* nkurɔfo. \v 17 Na nnipa no nyinaa kɔɔ Baal asɔredan no mu, kobubu gui. Wɔsɛee afɔremuka no, dwerɛw ohoni no, kum Baal sɔfo Matan wɔ afɔremuka no anim. \p \v 18 Yehoiada nam ahyɛde a Dawid ka too hɔ so, de Lewifo asɔfo sisii \nd Awurade\nd* Asɔredan no dwumadi ahorow no ano. Ɔhyɛɛ nso sɛ, wɔmmɔ ɔhyew afɔre mma Awurade, sɛnea Mose mmara kyerɛ no, na wɔnto nnwom nsɛpɛw wɔn ho, sɛnea Dawid ahyɛ no. \v 19 Ɔde apon ano ahwɛfo no sisii \nd Awurade\nd* Asɔredan apon ano, sɛnea wɔremma wɔn a wɔn ho ntew no nkɔ mu. \p \v 20 Afei, asahene, atitiriw, ntuanofo ne ɔmanfo nyinaa dii ɔhene no akyi, de no pue fii \nd Awurade\nd* Asɔredan mu hɔ. Wɔfaa atifi fam pon no ano, wuraa ahemfi hɔ, de ɔhene no kɔtenaa adehye ahengua no so. \v 21 Enti nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa dii ahurusi, na asomdwoe baa ɔman no mu, efisɛ na wɔde afoa akum Atalia. \c 24 \s1 Yoas Siesie Asɔredan No \p \v 1 Yoas dii hene no, na wadi mfe ason, na odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia aduanan. Na ne na din de Sibia a ofi Beer-Seba. \v 2 Yoas yɛɛ nea ɛsɔ \nd Awurade\nd* ani, ɔsɔfo Yehoiada nkwanna nyinaa. \v 3 Yehoiada maa Yoas ɔyerenom baanu a ɔne wɔn wowoo mmabarima ne mmabea. \p \v 4 Akyiri no, Yoas yɛɛ nʼadwene sɛ obesiesie \nd Awurade\nd* Asɔredan no. \v 5 Enti ɔfrɛfrɛɛ asɔfo ne Lewifo no ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔ Yuda nkurow nyinaa so ntɛm, na munkogyigye afirihyiatow, sɛnea yebetumi asiesie mo Nyankopɔn Asɔredan no. Monntwentwɛn koraa.” Nanso Lewifo no ankɔ prɛko pɛ. \p \v 6 Na ɔhene no frɛɛ ɔsɔfopanyin Yehoiada bisaa no se, “Adɛn nti na wummisaa Lewifo no nea enti a wɔnkɔɔ Yuda nkurow so ne Yerusalem nkogyigyee Asɔredan ho tow no? Mose, \nd Awurade\nd* somfo, gyigyee ɔman Israel saa tow yi, sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi asiesie Apam Ntamadan no.” \p \v 7 Afei na otirimɔdenfo Atalia mma abɔ awura Onyankopɔn Asɔredan no mu, na nneɛma a wɔahyira so wɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan no mu no nyinaa, wɔafa de resom Baal ahoni. \p \v 8 Enti Yoas hyɛɛ sɛ wɔnyɛ adaka bi mfa nsi ɔkwan a ɛkɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan no akyi. \v 9 Enti wɔde too Yuda ne Yerusalemman anim sɛ, wɔmfa tow a Mose, Onyankopɔn somfo gyigyee Israelfo wɔ sare so no mmrɛ \nd Awurade\nd*. \v 10 Ntuanofo no ne ɔmanfo no penee so, enti wɔde anigye de wɔn sika bɛhyɛɛ adaka no ma. \v 11 Bere biara a adaka no bɛyɛ ma no, Lewifo no soa de kɔma ɔhene mpanyimfo. Na asennii kyerɛwfo ne ɔsɔfopanyin nanmusini bi akan sika no, na wɔasan de adaka no akosi Asɔredan no pon ano bio. Wɔyɛɛ saa daa, na wonyaa sika bebree. \v 12 Ɔhene no ne Yehoiada de sika no maa adansi sohwɛfo, ma wɔfaa adansifo ne nnua dwumfo, ma wosiesiee \nd Awurade\nd* Asɔredan no. Afei, wɔfaa nnade adwumfo ma wɔde nnade ne kɔbere mfrafrae yɛɛ \nd Awurade\nd* Asɔredan no ho nneɛma. \p \v 13 Na mmarima a wɔhwɛ ɔdan no siesie so no yɛɛ adwumaden maa adwuma no kɔɔ so sɛnea ɛfata. Wosii Onyankopɔn Asɔredan no wɔ ne tebea dedaw no sɛso na wɔhyɛɛ mu den. \v 14 Wowiee asiesie no, wɔde sika no nkae brɛɛ ɔhene no ne Yehoiada. Wɔde yɛɛ nneɛma ahorow a wɔde bi som, de bi bɔ ɔhyew afɔre a nkwankora ne hweaseammɔ ahorow a wɔde sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ayɛ nso ka ho. Na wɔde koguu \nd Awurade\nd* asɔredan no mu. Bere a na ɔsɔfo Yehoiada te ase no, na wɔtaa bɔ ɔhyew afɔre wɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan mu hɔ. \p \v 15 Yehoiada nyinii yiye, owui no na wadi mfirihyia ɔha ne aduasa. \v 16 Wosiee no wɔ ahemfo asiei wɔ Dawid kurom, efisɛ na wayɛ adwuma pa wɔ Israel, ama Onyankopɔn ne nʼAsɔredan no. \s1 Yehoiada Ɔsom Nhyehyɛe No Sesa \p \v 17 Yehoiada wu akyi no, Yuda ntuanofo bɛkotow ɔhene Yoas anim, srɛɛ no se ontie wɔn afotu. \v 18 Wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wobegyaw \nd Awurade\nd*, wɔn agyanom Nyankopɔn Asɔredan no, na wɔasom Asera nnua no ne ahoni no mmom. Na Onyankopɔn abufuw baa Yuda ne Yerusalem so wɔ wɔn bɔne nti. \v 19 \nd Awurade\nd* somaa adiyifo sɛ wɔnkɔfa wɔn mmrɛ no, nanso nnipa no ampene. \p \v 20 Afei, Onyankopɔn Honhom baa ɔsɔfo Yehoiada babarima Sakaria so. Ogyinaa nnipa no anim kae se, “Sɛnea Onyankopɔn se ni: Adɛn nti na munni \nd Awurade\nd* ahyɛde so? Morennya nkɔso, efisɛ moagyaw \nd Awurade\nd* ama ɔno nso agyaw mo!” \p \v 21 Na ntuanofo no pam Sakaria ti so sɛ wobekum no. Na ɔhene Yoas ankasa hyɛ ma wosiw no abo, kum no wɔ Asɔredan no adiwo hɔ. \v 22 Na ɔhene Yoas ankae adɔe a nʼagya Yehoiada de yɛɛ no no, na okum ne babarima. Sakaria rewu no, nsɛm a ɔka twaa to ne se, “\nd Awurade\nd* nhu nea wɔreyɛ na ɔmma wommu ho akontaa!” \s1 Yoas Adedi Awiei \p \v 23 Afe no mfiase no, Aram asraafo bɔɔ nsra baa Yoas so. Wɔkaa Yuda ne Yerusalem hyɛe, kunkum ntuanofo a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa. Na wɔfaa asade a wonyae nyinaa, de kɔmaa wɔn hene wɔ Damasko. \v 24 Ɛwɔ mu sɛ Aram dɔm a wɔkɔtow hyɛɛ wɔn so no sua de, nanso \nd Awurade\nd* boaa wɔn ma wodii Yuda asraafodɔm kɛse no so nkonim. Yudafo gyaw \nd Awurade\nd*, wɔn agyanom Nyankopɔn, ɛno nti \nd Awurade\nd* buu atɛn tiaa Yoas. \v 25 Aramfo twee wɔn ho na wogyaw Yoas a na wapira yiye no hɔ. Nanso ɔno ankasa mpanyimfo dwenee ho sɛ, esiane sɛ okum ɔsɔfo Yehoiada babarima nti, wobekum no. Wokum no bere a ɔda mpa so. Na wosiee no Dawid kurom a wɔankosie no wɔ adehye amusiei. \p \v 26 Na awudifo no yɛ Yosabad a ɔyɛ Amonnibea Simeat babarima, ne Somer a ɔyɛ Moabnibea Simrit babarima. \v 27 Wɔakyerɛw nsɛm a ɛfa Yoas mmabarima, ne ho nkɔmhyɛ, ne Onyankopɔn Asɔredan no asiesie wɔ Ahene nkyerɛmu nhoma no mu. Yoas wui no, ne babarima Amasia dii nʼade sɛ ɔhene. \c 25 \s1 Amasia Di Hene Wɔ Yuda \p \v 1 Amasia dii hene no, na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii ade mfirihyia aduonu akron wɔ Yerusalem. Na ne na din de Yehoadan a ofi Yerusalem. \v 2 Amasia yɛɛ nea ɛteɛ wɔ \nd Awurade\nd* ani, nanso na emfi ne koma nyinaa mu. \v 3 Bere a Amasia tim wɔ nʼahenni mu yiye no, okunkum mmarima a wokum nʼagya a na ɔyɛ ɔhene no. \v 4 Nanso wankunkum awudifo no mma, efisɛ otiee \nd Awurade\nd* ahyɛde a wɔakyerɛw wɔ Mose mmara nhoma no mu no se: Ɛnsɛ sɛ wokunkum awofo wɔ wɔn mma bɔne a wɔayɛ nti, anaa wokunkum mma wɔ awofo bɔne a wɔayɛ nti. Wɔn a wɔsɛ owu no, ɛsɛ sɛ wokum wɔn wɔ wɔn nnebɔne nti. \p \v 5 Ade foforo a Amasia yɛe ne sɛ, ɔyɛɛ nhyehyɛe foforo wɔ asraafo no mu, de ntuanofo tuatuaa Yuda ne Benyamin mmusua no mu biara ano. Afei, ɔkan wɔn huu sɛ nʼakofo a wɔadi mfe aduonu rekɔ no dodow yɛ mmarima mpem ahaasa, na wɔatetew wɔn nyinaa wɔ peawtow ne nkatabokura mu. \v 6 Ɔsan tuaa dwetɛ tɔn 3.4 sɛ apaade maa Israel mmarima mpem ɔha a wonim akodi yiye. \p \v 7 Nanso Onyankopɔn nipa baa ɔhene no nkyɛn bɛkae se, “Ɔhene, ntua sika mfa asraafo mfi Israel, efisɛ \nd Awurade\nd* nka Israel ho. Ɔremmoa saa nnipa a wofi Efraim no. \v 8 Sɛ woma wɔkɔka wʼakofo ho kɔ ɔko, na moko sɛ dɛn ara a, wobedi mo so nkonim. Onyankopɔn betu mo agu, efisɛ ɔwɔ tumi sɛ ɔboa anaa ɔsɛe.” \p \v 9 Amasia bisaa Onyankopɔn nipa no se, “Na dwetɛ a mitua kɔbɔɔ Israel asraafo paa no nso menyɛ no dɛn?” \p Onyankopɔn nipa no buae se, “\nd Awurade\nd* betumi ama wo nea ɛsen sɛɛ koraa.” \p \v 10 Enti Amasia pɔn asraafo a ɔbɔɔ wɔn paa no ma wɔsan kɔɔ Efraim. Eyi maa wɔn bo fuw Yuda, na wɔsan de abufuwhyew kɔɔ fie. \p \v 11 Na Amasia sii ne bo, dii nʼakofo anim, kɔɔ Nkyene Bon no mu. Ɛhɔ na wokum Edomfo asraafo a wofi Seir no mpem du. \v 12 Wɔkyekyeree mpem du bio de wɔn kɔɔ abotan tenten bi atifi, kosunsum wɔn ma wɔbɛhwee abotan a ɛwɔ bepɔw no ase no so, tetew pasapasa. \p \v 13 Na asraafo a Amasia kɔbɔɔ wɔn paa a ɔma wɔsan kɔe no tow hyɛɛ Yuda nkurow bebree a ɛwɔ Samaria ne Bet-Horon ntam no so. Wokunkum nnipa mpensa, tasee asade bebree. \p \v 14 Bere a ɔhene Amasia dii Edomfo so a ɔreba no, ɔde ahoni a ɔtase fii Seirfo nkyɛn kaa ne ho bae. Ɔde wɔn sisii hɔ sɛ ɔno ankasa anyame, kotow wɔn anim, bɔɔ afɔre maa wɔn. \v 15 Eyi hyɛɛ \nd Awurade\nd* abufuw yiye nti, ɔsomaa odiyifo sɛ onkobisa se, “Adɛn nti na wosom anyame a mpo wontumi nnye wɔn ankasa nkurɔfo nkwa mfi wo nsam?” \p \v 16 Nanso ɔhene no amma nʼano ansi, na ɔkae se, “Da bɛn na mibisaa wo afotu? Mua wʼano na mankum wo!” Enti ansa na odiyifo no rebɛkɔ no, ɔbɔɔ saa kɔkɔ yi, “Minim sɛ esiane sɛ woayɛ saa nti, Onyankopɔn ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛsɛe wo, efisɛ woantie mʼafotu.” \p \v 17 Akyiri a Yudahene Amasia kɔɔ nʼafotufo nkyɛn kobisaa afotu no, ɔde sii Israelhene Yoas a na ɔyɛ Yehoahas babarima, na ɔyɛ Yehu nena nso anim se, “Bra na yenni ako.” \p \v 18 Na Israelhene Yoas buaa Yudahene Amasia se, “Nsɔe a ɛwɔ Lebanon mmepɔw so somaa abɔfo kɔɔ dutan sida nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, ‘Fa wo babea ma me babarima aware.’ Ɛhɔ ara na aboa bi fi wuram betiatiaa nsɔe no so sɛee no. \v 19 Nokware woadi Edom so nkonim, ama woayɛ ahantan. Ma wʼani nsɔ wo nkonimdi no, na tena wo fi. Adɛn nti na wopere wo ho kɔ ɔhaw a ɛde amanehunu bɛba wo ne Yudafo nyinaa so yi?” \p \v 20 Amasia yɛɛ asoɔden, efisɛ na Onyankopɔn resiesie kwan bi afa so asɛe no, sɛ ɔsom Edom anyame no nti. \v 21 Na Israelhene Yoas, boaboaa nʼakofo ano kotiaa Yudahene Amasia. Asraafodɔm abien no hyiaa wɔ Bet-Semes a ɛwɔ Yuda. \v 22 Israel asraafo dii Yuda so nkonim ma wɔbɔɔ ahwete, guan kɔɔ wɔn kurom. \v 23 Israelhene Yoas kyeree Yudahene Amasia wɔ Bet-Semes, na ɔsan de no baa Yerusalem. Afei, Yehoas hyɛɛ nʼakofo sɛ, wɔnsɛe Yerusalem fasu no anammɔn ahansia a efi Efraim Pon ano, kosi Twɔtwɔw Pon no ano. \v 24 Ɔtasee sikakɔkɔɔ ne dwetɛ ne nneɛma ahorow a ɛwɔ Onyankopɔn Asɔredan mu a na Obed-Edom\f + \fr 25.24 \fr*\ft Obed Edom abusua no fi Lewifo abusua mu a wɔde Asɔredan no mu adekoradan hyɛɛ wɔn nsa. (\+xt 1 Be 26.15\+xt*).\ft*\f* hwɛ so no nyinaa. Afei, ɔfaa adekoradan a na ɛwɔ ahemfi hɔ mu nneɛma kaa nnommum no ho, na ɔsan kɔɔ Samaria. \p \v 25 Israelhene Yoas, Yehoahas babarima wu akyi no, Yudahene Amasia tenaa ase mfe dunum. \v 26 Amasia ahenni ho nsɛm nkae, efi mfiase kosi awiei no, wɔankyerɛw angu Yuda ahemfo ne Israel ahemfo nhoma no mu ana? \v 27 Amasia dan ne ho fii \nd Awurade\nd* akyidi no, wɔpam ne ti so wɔ Yerusalem. Ɛno nti, oguan kɔɔ Lakis. Nanso nʼatamfo somaa awudifo, tiw no kokum no wɔ hɔ. \v 28 Wɔde no too ɔpɔnkɔ so baa Yerusalem besiee no kaa nʼagyanom ho wɔ Dawid kurom. \c 26 \s1 Usia Di Yudahene \p \v 1 Yuda manfo de Amasia babarima Usia a na wadi mfe dunsia tenaa ahengua so sɛ wɔn hene foforo. \v 2 Usia agya wu akyi no, ɔsan kyekyeree Elot kurow no, na ɔdan maa Yuda. \v 3 Usia dii ade no, na wadi mfirihyia dunsia, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia aduonum abien. Na ne na a ofi Yerusalem no din de Yeholia. \v 4 Na ɔteɛ wɔ \nd Awurade\nd* ani so, sɛnea nʼagya Amasia teɛ no. \v 5 Sakaria bere so no, Usia hwehwɛɛ Onyankopɔn akyi kwan, efisɛ ɔkaa Onyankopɔn suro ho nsɛm kyerɛɛ no. Na esiane sɛ ɔhene no hwehwɛɛ Onyankopɔn akyi kwan no nti, Onyankopɔn maa no nkɔso. \p \v 6 Otuu Filistifo so sa, na obubuu Gat, Yabne ne Asdod afasu. Na ɔkyekyeree nkurow afoforo wɔ Asdod fam ne mmeaemmeae bi a ɛwɔ Filistia. \v 7 Ɛnyɛ ɔko a ɔne Filistifo koe no mu nko ara na Onyankopɔn boaa no, na mmom ɔko a ɔne Arabfo a wɔwɔ Gur Baal koe ne Meunifo ko mu nso, ɔboaa no. \v 8 Meunifo no tuaa sonkahiri maa no, na ne din hyeta koduu Misraim, efisɛ na ɔwɔ tumi a ɛso. \p \v 9 Usia\f + \fr 26.9 \fr*\ft Usia dii nkonim wɔ anafo-apuei ne anafo-apuei fam. Israelhene oniɔdenfo Yeroboam II nso hwɛɛ Yuda atifi fam so.\ft*\f* sisii ɔwɛn abantenten wɔ Yerusalem wɔ Twɔtwɔw Pon ano, Obon Pon ano ne ɔfasu no ntwea mu no. \v 10 Ɔsan sisii abankɛse wɔ sare so, tutuu mmura bebree, efisɛ na ɔyɛn mmoa pii wɔ Yuda bepɔw ase hɔ. Na ɔyɛ ɔbarima a nʼani gye kua ho. Na ɔwɔ adwumayɛfo bebree a wɔhwɛ ne mfuw ne ne bobeturo a ɛwɔ mmepɔw no nsian mu ne obon nsasebere no so. \p \v 11 Na Usia wɔ asraafo a wɔyɛ akofo akɛse a wɔwɔ akodi mu ntetewee. Na wɔyɛ akuw akuw a wɔasiesie wɔn ho ama ɔko. Na Yeiel a ɔyɛ asraafodɔm no kyerɛwfo, ne ne boafo Maaseia na wɔboaboa akofo kuw kɛse yi ano. Na wɔhyɛ Hanania a ɔyɛ ɔhene no mpanyimfo no mu baako ase. \v 12 Mmusua ntuanofo mpenu ahansia na na wɔma saa akofo abenfo yi akwankyerɛ. \v 13 Na asraafodɔm no dodow yɛ mpem ahaasa ne ason, ahannum a wɔn nyinaa nim de. Na wɔada wɔn ho so sɛ wɔbɛboa ɔhene no ako atia ɔtamfo biara. \v 14 Usia maa asraafodɔm no nyinaa nkatabo, mpeaw, nnadekyɛw, agyiraehyɛde, bɛmma ne ahwimmo abo. \v 15 Afei, abenfo bi yɛɛ mfi de sisii Yerusalem afasu no so a ɛtow agyan ne abo fi abantenten no so ne fasu twɔtwɔw so. Nʼanuonyam hyetae, efisɛ Awurade boaa no yiye kosii sɛ onyaa tumi kɛse. \s1 Usia Bɔne Ne Nʼasotwe \p \v 16 Nanso onyaa tumi kɛse no, ɔyɛɛ ahantan a ɛnam so ma ɔhwee ase. Ɔyɛɛ bɔne tiaa \nd Awurade\nd* ne Nyankopɔn, efisɛ ɔkɔɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan kronkronbea hɔ, kɔhyew nnuhuam wɔ afɔremuka no so. \v 17 Ɔsɔfopanyin Asaria ne \nd Awurade\nd* asɔfo foforo aduɔwɔtwe, akokodurufo kɔhwehwɛɛ no. \v 18 Wɔka sii ɔhene Usia anim se, “Ɛnyɛ wo Usia na ɛsɛ sɛ wohyew nnuhuam ma \nd Awurade\nd*. Ɛyɛ asɔfo nko ara, Aaron mmabarima a, wɔayi wɔn asi hɔ ama saa dwumadi no nko ara adwuma. Fi kronkronbea ha kɔ, efisɛ woayɛ bɔne. Onyankopɔn renhyɛ wo anuonyam wɔ eyi ho.” \p \v 19 Usia bo fuw yiye, na wamfa nnuhuamhyew kuruwa a na okura no ansi fam. Ɔne asɔfo no gyina nnuhuam afɔremuka no anim wɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan no mu no, prɛko pɛ, kwata totɔɔ ne moma so. \v 20 Bere a Asaria ne asɔfo a wɔaka no huu kwata no, wopiapiaa no fii hɔ. Na ɔhene no ankasa pɛɛ sɛ ofi hɔ ntɛm, efisɛ \nd Awurade\nd* na na wabɔ no. \v 21 Enti kwata yɛɛ ɔhene Usia kosii sɛ owui. Wɔpam no fi nnipa mu maa ɔno nko ara tenae a wankɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan mu. Wɔde ne babarima Yotam tenaa ahemfi hɔ ma odii nnipa a wɔwɔ asase no so no so. \v 22 Amos babarima Yesaia akyerɛw Usia ahenni ho nsɛm nkae fi mfiase kosi awiei ato hɔ. \v 23 Usia wui, na esiane sɛ kwata yɛɛ no nti, wosiee no bɛn ahemfo amusiei. Na ne babarima Yotam na odii nʼade sɛ ɔhene. \c 27 \s1 Yotam Di Yudahene \p \v 1 Yotam dii hene no, na wadi mfirihyia aduonu anum. Odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia dunsia. Na ne na a ɔyɛ Sadok babea no din de Yerusa. \v 2 Ɔyɛɛ nea ɛsɔ \nd Awurade\nd* ani sɛnea nʼagya Usia yɛe no. Yotam de, wankɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan mu sɛnea nʼagya yɛe no. Nanso ɔmanfo no toaa wɔn nnebɔneyɛ so. \v 3 Yotam san yɛɛ Atifi Pon a ɛwɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan no ho, na ɔsan yɛɛ nnwuma bebree de siesiee ɔfasu a ɛwɔ Ofel bepɔw so no. \v 4 Ɔkyekyeree nkurow wɔ Yuda mmepɔw asase so, sisii aban ne abantenten wɔ mmeaemmeae a wɔadua nnua. \p \v 5 Yotam tuu Amonfo so sa, dii wɔn so nkonim. Mfe abiɛsa a edi kan no de, ogyee wɔn sonkahiri a ɛyɛ dwetɛ tɔn 3.4, awi susukoraa mpem aduonum ne atoko susukoraa mpem aduonum. \p \v 6 Ɔhene Yotam nyaa tumi kɛse, efisɛ ɔde ahwɛyie yɛɛ osetie maa \nd Awurade\nd*, ne Nyankopɔn. \p \v 7 Yotam ahenni ho nsɛm nkae a nʼakodi ne ne nneyɛe ahorow ka ho no, wɔakyerɛw agu Israel ne Yuda ahemfo nhoma mu. \v 8 Odii ade no, na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia dunsia. \v 9 Yotam wui no, wosiee no Dawid kurom. Ne babarima Ahas, na odii nʼade sɛ ɔhene. \c 28 \s1 Ahas Di Yudahene \p \v 1 Ahas dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu. Odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia dunsia. Wanyɛ nea ɛsɔ \nd Awurade\nd* ani sɛnea ne tete agya Dawid yɛe no. \v 2 Mmom, ɔyɛɛ nea Israel ahemfo yɛe no bi, yɛɛ ahoni a wɔde som Baal. \v 3 Ɔbɔɔ afɔre wɔ Hinom\f + \fr 28.3 \fr*\ft Ben-Hinom bon. Hwɛ \+xt 33.6\+xt*. Yosia braa abosonsom a na ɛrekɔ so wɔ hɔ no (\+xt 2 Ah 23.10\+xt*). Ɔde ne babarima bɔɔ afɔre (\+xt 3 Mose 20.1-5; Yer 7.31-32; 2 Ah 16.3\+xt*).\ft*\f* babarima bon mu, na mpo ɔde ne mmabarima bɔɔ afɔre wɔ ogya mu. Osuaa akyiwade a abosonsom aman no yɛe a nti \nd Awurade\nd* pam wɔn fii asase no so ansa na Israelfo rekodu hɔ no. \v 4 Ɔbɔɔ afɔre, hyew nnuhuam wɔ abosomfi, mmepɔw so ne dua frɔmfrɔm biara ase. \p \v 5 Ɛno nti na \nd Awurade\nd*, ne Nyankopɔn, maa Aramhene kwan na odii Ahas so nkonim, twaa ne nkurɔfo bebree asu kɔɔ Damasko. Israel asraafo bebree nso dii Ahas so nkonim, kunkum nʼakofo no bebree nso. \v 6 Israelhene Peka, a ɔyɛ Remalia babarima de da koro kunkum Yuda asraafo no nnipa mpem ɔha aduonu, efisɛ na wɔapo \nd Awurade\nd*, wɔn agyanom Nyankopɔn. \v 7 Afei, Sikri, ɔkofo kɛse a ofi Efraim, kunkum Maaseia a ɔyɛ ɔhene babarima Asrikam, a ɔyɛ ahemfi so sahene ne Elkana, a ɔyɛ ɔhene sahene abediakyiri no. \v 8 Israelfo asraafo kyekyeree mmea ne Yuda mmofra mpem ahannu, faa asade bebree, de kɔɔ Samaria. \p \v 9 Na \nd Awurade\nd* odiyifo a ne din de Oded wɔ Samaria hɔ bere a Israel asraafo san baa fie no. Okohyiaa wɔn ka kyerɛɛ wɔn se, “\nd Awurade\nd*, mo agyanom Nyankopɔn, bo fuw Yuda, na ɔmaa mudii wɔn so nkonim. Nanso moayɛ ama aboro so dodo sɛ mode atirimɔden akunkum wɔn, ma ahaw ɔsoro nyinaa. \v 10 Na mprempren, moredwene sɛ mobɛfa saa nnipa yi a wofi Yuda ne Yerusalem nkoa. Na mo ankasa mo bɔne a moyɛ tiaa \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn no, ho asɛm te dɛn? \v 11 Muntie me, na munnyaa saa nneduafo a wɔwɔ mo nsam no, efisɛ wɔyɛ mo ankasa mo abusuafo. Monhwɛ no yiye, efisɛ mprempren, wɔadan \nd Awurade\nd* abufuwhyew no aba mo so!” \p \v 12 Na Israel ntuanofo bi a wɔyɛ Yehohanan babarima Asaria, Mesilemot babarima Berekia, Salum babarima Yehiskia ne Hadlai babarima Amasa penee eyi so, na wɔne mmarima a wofi akono reba no kae se, \v 13 “Mommfa nneduafo no mma ha! Yɛrentumi mfa nka yɛn bɔne ne yɛn afɔdi ho. Yɛn afɔdi so dedaw, na wɔadan \nd Awurade\nd* abufuwhyew no aba Israel so dedaw.” \p \v 14 Enti akofo no gyaee nneduafo no de asade no mae wɔ ɔmanfo no ne ntuanofo no anim. \v 15 Afei, nnipa baanan a wɔbobɔɔ wɔn din no baa anim, bɛkyekyɛɛ ntade a ɛwɔ asade no mu no maa nneduafo a wɔda adagyaw no. Wɔmaa wɔn ntade ne mpaboa sɛ wɔnhyɛ ne nnuan pii ne nsu, de ngo guguu wɔn apirakuru mu. Wɔde wɔn a wɔayɛ mmerɛw no tenatenaa mfurum so, de nneduafo no nyinaa san baa wɔn asase Yeriko, mmɛkurow, no so. Afei, wɔsan kɔɔ Samaria. \p \v 16 Saa bere no mu, Yudahene Ahas kɔsrɛɛ Asiriahene sɛ ɔmmɛboa no na ɔnkɔko ntia nʼatamfo. \v 17 Bio, na Edom asraafo adi Yuda so nkonim, akyekyere ebinom nnommum. \v 18 Na Filistifo atow ahyɛ nkurow a ɛwɔ Yuda mmepɔw no ase ne Negeb so. Na wɔako afa Bet-Semes, Ayalon, Gederot ne Soko ne wɔn nkurow ne Timna ne Gimso ne wɔn nkurow no. Na Filistifo no tenatenaa saa nkurow yi so.\f + \fr 28.18 \fr*\ft Edomfo…tua Yuda. …Filistifo ɔfow. Ananafo nkabom (nky. 16) ma wotumi dii Ahas so nkonim.\ft*\f* \v 19 Na \nd Awurade\nd* rebrɛ Yuda ase, esiane Yudahene Ahas nti, efisɛ na ɔboa ne nkurɔfo ma wɔyɛ bɔne, na na onni \nd Awurade\nd* nokware korakora nso. \v 20 Enti bere a Asiriahene Tilgat-Pilneser bedui no a anka ɛsɛ sɛ ɔboa ɔhene Ahas no, ɔhaw no mmom. \v 21 Ahas tasee nneɛma a ɛsom bo fii \nd Awurade\nd* asɔredan no mu, ahemfi hɔ ne ne mpanyimfo afi mu, de kɔmaa Asiriahene sɛ ne tow. Nanso eyi mpo, ammoa no. \p \v 22 Na sɛ ɔhaw bi ba ɔhene Ahas so mpo a, ɔkɔ so yɛ asoɔden wɔ \nd Awurade\nd* so. \v 23 Ɔbɔɔ afɔre maa Damasko anyame a wodii ne so nkonim no, na ɔkae se, “Saa anyame yi na wɔboaa Aram ahemfo nti, sɛ mebɔ afɔre ma wɔn a, wɔbɛboa me nso.” Nanso wɔmaa no sɛee, maa Israel nyinaa sɛee. \p \v 24 Ɔhene no tasee nneɛma ahorow a ɛwɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu nyinaa bubuu mu asinasin. Ɔtotoo \nd Awurade\nd* asɔredan no apon mu, sɛnea obiara ntumi nkɔsom wɔ hɔ. Osisii afɔremuka maa abosonsom anyame wɔ Yerusalem twɔtwɔw so baabiara. \v 25 Ɔyɛɛ abosonsom nsɔree so wɔ Yuda nkurow nyinaa so a wɔbɔ afɔre wɔ hɔ ma anyame foforo no. Ɔnam saa ɔkwan yi so, hyɛɛ \nd Awurade\nd*, nʼagyanom Nyankopɔn, abufuw. \p \v 26 Ahas ahenni ho nsɛm nkae no fi mfiase kosi awiei no, wɔakyerɛw agu Yuda ahemfo ne Israel ahemfo nhoma mu. \v 27 Ɔhene Ahas wui no, wosiee no Yerusalem, nanso wɔansie no wɔ adehye amusiei. Ne babarima Hesekia na odii nʼade sɛ ɔhene. \c 29 \s1 Hesekia Di Yudahene \p \v 1 Hesekia dii hene wɔ Yuda no, na wadi mfe aduonu anum. Na odii ade mfe aduonu akron wɔ Yerusalem. Na ne na yɛ Sakaria babea a ne din de Abia. \v 2 Ɔyɛɛ nea ɛsɔ \nd Awurade\nd* ani, sɛnea nʼagya Dawid yɛe pɛpɛɛpɛ. \s1 Hesekia San Bue Asɔredan No Ano \p \v 3 Afe a edi kan wɔ nʼahenni mu, ɔsram a edi kan no, Hesekia buebuee \nd Awurade\nd* Asɔredan apon no, siesiee no. \v 4 Ɔfrɛfrɛɛ asɔfo no ne Lewifo no sɛ, wommehyia no wɔ Asɔredan no adiwo a ɛwɔ apuei fam hɔ. \v 5 Ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Lewifo, muntie me! Munnwira mo ho, na munnwira \nd Awurade\nd*, mo agyanom Nyankopɔn Asɔredan no nso. Munyiyi biribiara a efi aka no mfi kronkronbea hɔ. \v 6 Yɛn agyanom anni nokware, na wɔyɛɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn anim. Wogyaw \nd Awurade\nd* ne nʼAsɔredan no; wɔdan wɔn akyi kyerɛɛ no. \v 7 Afei, wɔtotoo Asɔredan no ntwironoo apon mu, dunum akanea no. Wogyaee nnuhuamhyew, gyaee ɔhyew afɔrebɔde a wɔde ba Israel Nyankopɔn, kronkronbea hɔ no. \v 8 Ɛno nti na \nd Awurade\nd* abufuw aba Yuda ne Yerusalem so no. Wama yɛadan ahufo, ayamhyehyefo ne aserewde, sɛnea muhu no pefee no. \v 9 Wɔakunkum yɛn agyanom wɔ ɔko mu, na wɔakyekyere yɛn mmabarima, yɛn mmabea ne yɛn yerenom sɛ nneduafo. \v 10 Nanso mprempren, me ne \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn bɛyɛ apam sɛnea nʼabufuwhyew no befi yɛn so. \v 11 Me mma, afei monnto mo nnwuma asaworam. \nd Awurade\nd* ayi mo sɛ munnyina nʼanim nsom no, na munni ɔmanfo anim nsom no na monhyew nnuhuam.” \b \li4 \v 12 Afei saa Lewifo yi hyɛɛ dwumadi no ase. \b \li1 Wɔn a wofi Kohat abusua mu no yɛ: \li2 Amasai babarima Mahat ne Asaria babarima Yoel. \li1 Wɔn a wofi Merari abusua mu no yɛ: \li2 Abdi babarima Kis ne Yehalelel babarima Asaria. \li1 Wɔn a wofi Gerson abusua mu yɛ: \li2 Sima babarima Yoa ne Yoa babarima Eden; \li1 \v 13 Wɔn a wofi Elisafan abusua mu yɛ: \li2 Simri ne Yeiel. \li1 Wɔn a wofi Asaf abusua mu yɛ: \li2 Sakaria ne Matania. \li1 \v 14 Wɔn a wofi Heman abusua mu yɛ: \li2 Yehiel ne Simei. \li1 Wɔn a wofi Yedutun abusua mu yɛ: \li2 Semaia ne Usiel. \b \p \v 15 Saa mmarima yi frɛfrɛɛ wɔn mfɛfo Lewifo, na wodwiraa wɔn ho. Na afei, wofii ase dwiraa \nd Awurade\nd* Asɔredan no sɛnea ɔhene no hyɛe no. Wɔyɛɛ ahwɛyie, dii \nd Awurade\nd* ahyɛde no so pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn dwumadi no mu. \v 16 Asɔfo no kɔɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan kronkronbea hɔ, kodwiraa hɔ, na wɔfaa biribiara a ɛho agu fi a wohui no fii hɔ de baa Asɔredan no adiwo. Lewifo no twee ne nyinaa fii hɔ, kɔtow guu Kidron Bon mu. \v 17 Wofii dwumadi no ase wɔ da bi a ɛwɔ ɔsram a edi kan no mu. Na da a ɛto so awotwe no, na wɔadu \nd Awurade\nd* Asɔredan no ntwironoo mu hɔ. Na wɔde nnafua awotwe bio dwiraa \nd Awurade\nd* Asɔredan no ankasa. Enti wɔde nnafua dunsia na ewiee dwumadi no nyinaa. \p \v 18 Na Lewifo no kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kɔkaa sɛnea dwumadi no akosi kyerɛɛ no. Wɔkae se, “Yɛadwira \nd Awurade\nd* Asɔredan no, ɔhyew afɔrebɔ afɔremuka no a nneɛma ahorow ka ho ne Daa Daa Brodo pon no ne ɛho nneɛma ho. \v 19 Afei nso, nneɛma a ɔhene Ahas tasee bere a na ɔyɛ asoɔden, na ɔtoo asɔredan no mu no nso, yɛakogye ne nyinaa. Ne nyinaa gu \nd Awurade\nd* afɔremuka no anim a wɔadwira ho na wobetumi de adi dwuma biara.” \p \v 20 Ade kyee anɔpahema no, ɔhene Hesekia boaboaa kurow no mpanyimfo ano ne wɔn kɔɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan no mu. \v 21 Wɔde anantwinini ason, adwennini ason, nguantenmma ason ne mpapo ason bae sɛ, ahenni, asɔredan no ne Yuda bɔne ho afɔrebɔde. Ɔhene no hyɛɛ asɔfo no a wɔyɛ Aaron asefo sɛ wɔmfa mmoa no mmɔ afɔre wɔ \nd Awurade\nd* afɔremuka no so. \v 22 Na wokunkum anantwinini no, na asɔfo no de mogya no petee afɔremuka no so. Afei, wokunkum adwennini no de wɔn mogya petee afɔremuka no so. Na awiei no, wɔde nguantenmma no yɛɛ saa ara. \v 23 Wɔde mpapo a wɔde rebɛbɔ bɔne ho afɔre no baa ɔhene no ne ɔmanfo no anim ma wɔde wɔn nsa guu wɔn so. \v 24 Afei, asɔfo no kunkum mpapo no sɛ bɔne ho afɔrebɔ, de wɔn mogya petee afɔremuka no so, sɛ bɔne ho mpata maa Israel nyinaa. Ɔhene no sii so dua sɛ, saa ɔhyew ne bɔne ho afɔrebɔ no, wɔmmɔ mma Israel nyinaa. \p \v 25 Afei, ɔhene Hesekia de Lewifo no gyinagyinaa \nd Awurade\nd* Asɔredan no mu. Ɔde kyɛnkyɛn, mmɛnta ne asankuten maa wɔn. Odii ahyɛde a \nd Awurade\nd* nam Gad, a ɔyɛ ɔhene nhumuni ne odiyifo Natan so de maa Dawid no so. \v 26 Afei, Lewifo no faa Dawid nnwontode no kogyinagyina wɔn gyinabea wɔ Asɔredan no ho. Saa ara nso na asɔfo no faa wɔn ntorobɛnto kogyinagyina wɔn afa. \v 27 Afei, ɔhene Hesekia hyɛɛ sɛ wɔmfa ɔhyew afɔre no nsi afɔremuka no so. Bere a wɔde ɔhyew afɔre no reba no, wofii ase too ayeyi nnwom maa \nd Awurade\nd*, na wɔde ntorobɛnto ne Israelhene Dawid nnwontode no gyigyee ho. \v 28 Bagua no sɔree \nd Awurade\nd* bere a na nnwontofo no reto nnwom, na wɔrehyɛn ntorobɛnto no ara kosii sɛ ɔhyew afɔrebɔde no nyinaa sae. \p \v 29 Na ɔhene no ne wɔn a wɔka ne ho no nyinaa kotow somee. \v 30 Ɔhene Hesekia ne ne mpanyimfo hyɛɛ Lewifo no sɛ, wɔmfa Dawid nnwom ne nhumuni Asaf de, nkamfo \nd Awurade\nd*. Enti, wɔde anigye kamfoo \nd Awurade\nd*, na wɔkotow sɔree. \p \v 31 Afei, Hesekia de too gua se, “Ɔsom no aba awiei. Momfa mo afɔrebɔde ne mo aseda mmra \nd Awurade\nd* Asɔredan mu.” Enti ɔmanfo no de wɔn afɔrebɔde ne wɔn aseda afɔrebɔde bae, na wɔn a wɔpɛ no de ɔhyew afɔrebɔde nso kaa ho. \p \v 32 Ɔmanfo no de anantwinini aduɔson, adwennini ɔha ne nguantenmma ahannu sɛ ɔhyew afɔrebɔde brɛɛ \nd Awurade\nd*. \v 33 Wɔsan de anantwinini ahansia ne nguan mpensa baa sɛ afɔrebɔde. \v 34 Nanso na asɔfo a wɔwɔ hɔ no sua sɛ wobetumi asiesie ɔhyew afɔre no nyinaa nti, wɔn abusuafo Lewifo no boaa wɔn kosii sɛ dwumadi no baa awiei. Wɔtew asɔfo no pii ho ansa na wɔreboa dwumadi no, efisɛ na Lewifo no adwene wɔ wɔn ahotew so sen asɔfo no. \v 35 Na ɔhyew afɔre ne daa nsa afɔre no buu so. Saa ara nso na asomdwoe afɔre srade nso yɛɛ bebree. \p Enti wosiesiee \nd Awurade\nd* Asɔredan no maa ɔsom no.\f + \fr 29.35 \fr*\ft Ɔhyew afɔre dodow…asomdwoe afɔre…daa nsa afɔre. Ɛkae yɛn sɛnea wɔtoo asɔredan no din wɔ Ɔhene Salomo bere so. (\+xt 7.4-6\+xt*). Ayɔnkofa afɔre ho mmara wɔ \+xt 3 Mose 3; 7.11-21\+xt*. Nsa afɔre ho mmara nso wɔ \+xt 4 Mose 15.1-12\+xt*.\ft*\f* \v 36 Na Hesekia ne ɔmanfo no nyinaa gyee wɔn ani wɔ nea Onyankopɔn ayɛ ama nnipa no ho, efisɛ wowiee biribiara ntɛm. \c 30 \s1 Hesekia Yɛ Ahoboa Ma Twam Afahyɛ \p \v 1 Ɔhene Hesekia de nkra kɔɔ Israel ne Yuda nyinaa, na ɔkyerɛw krataa too nsa de frɛɛ Efraim ne Manase. Ɔka kyerɛɛ obiara se ɔmmra \nd Awurade\nd* Asɔredan no mu wɔ Yerusalem, na wonni \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, Twam Afahyɛ no. \v 2 Ɔhene no, ne mpanyimfo ne ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem nyinaa yɛɛ adwene sɛ wobedi Twam no ɔsram a ɛto so abien no mu. \v 3 Na anka wodi Twam no ɔsram ansa na ɔsram a ɛto so abien no afi ase, nanso na asɔfo no bebree ntumi nnwiraa wɔn ho, na ɔmanfo no nso mmoaa wɔn ho ano wɔ Yerusalem ɛ. \v 4 Adwene a wɔyɛɛ sɛ wobedi Twam no, na eye ma ɔhene no ne ɔmanfo no nyinaa. \v 5 Enti wɔbɔɔ no dawuru wɔ Israel nyinaa fi Beer-Seba a ɛwɔ anafo fam kosi Dan a ɛwɔ atifi fam sɛ, obiara mmra Yerusalem mmedi \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn Twam no bi. Na nnipa dodow nni Twam no sɛnea mmara no kyerɛ. \p \v 6 Ɔhene no hyɛ ma wɔsomaa abɔfo kɔɔ Israel ne Yuda mmaa nyinaa. Wɔmaa wɔn nkrataa a na emu nsɛm ka se: \pm “Israel manfo, monsan mmra \nd Awurade\nd*, Abraham, Isak ne Israel Nyankopɔn nkyɛn, sɛnea ɔbɛsan aba mo, nnipa kakra a moaka, mo a moatumi aguan afi Asiria ahemfo nsam no nkyɛn. \v 7 Monnyɛ sɛ mo agyanom ne mo abusuafo a wogyaw \nd Awurade\nd*, wɔn agyanom Nyankopɔn, a wɔyɛɛ aserewde sɛnea mo ankasa muhu yi. \v 8 Monnyɛ asoɔden sɛnea na wɔte no, na mmom, mommrɛ mo ho ase mma \nd Awurade\nd*. Mommra nʼAsɔredan a wɔayi asi hɔ sɛ ade kronkron no mu daa nyinaa. Monsom \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn, sɛnea nʼabufuwhyew no befi mo so. \v 9 Na sɛ mosan ba \nd Awurade\nd* nkyɛn a, mo abusuafo ne mo mma benya ahummɔbɔ wɔ wɔn a wɔfaa wɔn nnommum no nsam, na wobetumi asan aba asase yi so. Efisɛ \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn yɛ ɔdɔ ne ahummɔbɔ. Sɛ mosan ba ne nkyɛn a, ɔrenyi nʼani mfi mo so.” \s1 Wodi Twam Afahyɛ No \p \v 10 Abɔfo no kyinii nkurow a ɛwɔ Efraim ne Manase kosi Sebulon so. Nanso nnipa no mu bebree serew abɔfo no, dii wɔn ho fɛw. \v 11 Nanso wɔn a wofi Aser, Manase ne Sebulon mu bi brɛɛ wɔn ho ase, kɔɔ Yerusalem. \v 12 Saa bere koro no ara mu, na Onyankopɔn nsa wɔ nnipa a wɔwɔ Yuda no so. Na ɛhyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ baako, na wɔnyɛ osetie mma \nd Awurade\nd* asɛm a efi ɔhene ne ne mpanyimfo no nkyɛn no. \p \v 13 Enti dɔm kɛse hyiaa wɔ Yerusalem ɔsram a ɛto so abien no mu, sɛ wɔrebedi Twam no ne Apiti Afahyɛ no. \v 14 Wofii ase bubuu abosonsomfo afɔremuka no nyinaa fii Yerusalem. Woyiyii nnuhuam afɔremuka nyinaa kɔtow guu Kidron bon mu. \p \v 15 Da a wɔahyɛ wɔ ɔsram a ɛto so abien no dui no, ɔmanfo no kunkum wɔn Twam nguantenmma. Na asɔfo no ne Lewifo no ani wui nti, wodwiraa wɔn ho, na wɔde ɔhyew afɔre baa \nd Awurade\nd* Asɔredan mu. \v 16 Obiara kogyinaa nʼafa wɔ Asɔredan no mu, sɛnea Mose a ɔyɛ Onyankopɔn nipa no mmara no kyerɛ no. Lewifo no de mogya afɔrebɔde no brɛɛ asɔfo no, maa wɔn nso pete guu afɔremuka no so. \v 17 Esiane sɛ na ɔmanfo no mu bebree nnwiraa wɔn ho nti, Lewifo no na wokunkum wɔn Twam nguantenmma no maa wɔn, nam so tew ho maa \nd Awurade\nd*. \v 18 Na wɔn a wofi Efraim, Manase, Isakar ne Sebulon no mu fa kɛse no ara nnwira wɔn ho de, nanso ɔhene Hesekia bɔɔ mpae maa wɔn, na wɔmaa wɔn kwan ma wodii Twam aduan no bi a na anka etia Onyankopɔn mmara. Hesekia bɔɔ mpae se, “\nd Awurade\nd* a ɔyɛ mmɔborɔhunufo no mfa nnipa a \v 19 wɔasi wɔn adwene pi sɛ wobedi \nd Awurade\nd*, wɔn agyanom Nyankopɔn akyi no bɔne nkyɛ wɔn, mpo, sɛ wonnwiraa wɔn ho yiye mmaa afahyɛ no a.” \v 20 Na \nd Awurade\nd* tiee Hesekia na ɔsaa ɔmanfo no yare. \p \v 21 Enti ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem no de nnanson dii Apiti Afahyɛ no anigye so. Da biara, Lewifo ne asɔfo no too nnwom maa \nd Awurade\nd* de nnwontode a ano yɛ den memmaa ho. \p \v 22 Hesekia hyɛɛ Lewifo no nkuran wɔ ɔkwan pa a wɔfa so som \nd Awurade\nd* no ho. Na afahyɛ no kɔɔ so nnanson. Wɔbɔɔ asomdwoe afɔre, na ɔmanfo kaa wɔn bɔne kyerɛɛ \nd Awurade\nd*, wɔn agyanom Nyankopɔn. \p \v 23 Bagua no nyinaa yɛɛ wɔn adwene sɛ, wɔbɛtoa so adi afahyɛ no nnanson bio enti wɔde anigye toaa so nnaawɔtwe. \v 24 Ɔhene Hesekia maa ɔmanfo no anantwinini apem ne nguan mpem ason sɛ wɔmfa mmɔ afɔre, na mpanyimfo no nso maa anantwinini apem ne nguan mpem du. Bere koro no ara mu, asɔfo no bebree dwiraa wɔn ho. \v 25 Yuda bagua nyinaa a asɔfo, Lewifo ne wɔn a wofi Israel asase so nyinaa, ananafo a wobedii afahyɛ no ne wɔn a na wɔte Yuda nyinaa ani gyei. \v 26 Anigye kɛse baa kuropɔn no mu, efisɛ na Yerusalem nhuu afahyɛ a ɛte sɛɛ bi da, efi Salomo ɔhene Dawid babarima no bere so. \v 27 Na asɔfo no ne Lewifo no sɔre hyiraa ɔmanfo no, na Onyankopɔn tiee wɔn, efisɛ wɔn mpaebɔ duu ɔsoro, nʼatenae wɔ kronkronbea hɔ. \c 31 \s1 Hesekia Ɔsom Nhyehyɛe Foforo \p \v 1 Afahyɛ no twaa mu no, Israelfo a wɔkɔɔ bi no kɔɔ Yuda, Benyamin, Efraim ne Manase nkurow nyinaa so, kɔsɛee afadum kronkron no, twitwaa Asera nnua no, yiyii abosonsomfo nsɔree so ne afɔremuka no. Eyi akyi, Israelfo no san kɔɔ wɔn nkurow so ne wɔn afi mu. \p \v 2 Hesekia kyekyɛɛ asɔfo no ne Lewifo no mu akuwakuw, sɛ wɔmmɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre, sɛ wɔnsom, na wɔmfa aseda ne nkamfo mma \nd Awurade\nd* wɔ Asɔredan no apon ano. \v 3 Ɔhene no ankasa fii nea ɔwɔ mu maa anɔpa ne anwummere, nnaawɔtwe homeda afahyɛ ne Ɔsram Foforo Afahyɛ no ne afirihyia afɔre a aka no ɔhyew afɔrebɔde, sɛnea wɔakyerɛw wɔ \nd Awurade\nd* Mmara no mu no. \v 4 Ɔhyɛɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Yerusalem no mfa nea wonya mu kyɛfa a mmara no ka no bɛma asɔfo no ne Lewifo no, sɛnea ɛbɛma wɔde wɔn ho nyinaa ahyɛ \nd Awurade\nd* Mmara no mu. \p \v 5 Nnipa no tiee no aso pa mu, na wofi koma pa mu de atoko, nsa foforo, ngo, ɛwo ne wɔn nnɔbae nkae mu nea edi kan nyinaa bae. Wɔde wɔn ahode biara mu ntotoso du du bae. \v 6 Nnipa a wotu fii Israel baa Yuda no ne Yudafo no ankasa de wɔn anantwi ne wɔn nguan so ntotoso du du ne nneɛma a wɔahyira so ama \nd Awurade\nd*, wɔn Nyankopɔn no so ntotoso du du bae. Wɔboaa ano ma ɛyɛɛ akuw akɛseakɛse. \v 7 Wɔde saa ntotoso du du a edi kan no baa ɔsram a ɛto so abiɛsa no awiei mu, na nneɛma no anoboa kɔɔ so kosii ɔsram a ɛto so ason no mfiase mu. \v 8 Bere a Hesekia ne ne mpanyimfo behuu nneɛma no dodow no, wɔdaa \nd Awurade\nd* ne ne nkurɔfo Israel ase. \p \v 9 Hesekia bisaa asɔfo no ne Lewifo no se, “Ɛhe na eyinom nyinaa fi bae?” \v 10 Na ɔsɔfopanyin Asaria a ofi Sadok abusua mu buae se, “Efi bere a ɔmanfo fii ase sɛ wɔde akyɛde reba \nd Awurade\nd* Asɔredan mu no, yɛanya bebree a yebedi ama bi aka, efisɛ \nd Awurade\nd* ahyira ne nkurɔfo.” \p \v 11 Hesekia yɛɛ nʼadwene sɛ obenya adekoradan wɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan no mu, na wɔyɛe. \v 12 Na wodii nokware de akyɛde no ne ntotoso du du no nyinaa baa Asɔredan no mu. Wɔde hyɛɛ Lewini Kenania nsa maa ne nua Simei yɛɛ ne boafo. \v 13 Na Yehiel, Asasia, Nahat, Asahel, Yerimot, Yosabad, Eliel, Ismakia, Mahat ne Benaia yɛ wɔn a wɔhwɛ hɔ no aboafo. Ɔhene Hesekia ne Asaria a na ɔyɛ wɔn a na wɔhwɛ Onyankopɔn Asɔredan no mu so panyin no na wɔkyekyɛɛ saa dibea ahorow yi. \p \v 14 Lewini Yimna babarima Kore a ɔyɛ Apuei Pon ano hwɛfo no na wɔde hyɛɛ ne nsa sɛ ɔnkyekyɛ Onyankopɔn ayamye afɔrebɔde a ɛyɛ akyɛde ne nneɛma a wɔde ama \nd Awurade\nd* no. \v 15 Nʼaboafo nokwafo no ne Eden, Miniamin, Yesua, Semaia, Amaria ne Sekania. Na wɔkyekyɛɛ nneɛma no maa asɔfo mmusua a wɔwɔ wɔn nkurow so sɛnea wɔn nkyekyɛmu te, na wɔkyɛɛ nneɛma no pɛpɛɛpɛ maa mmofra ne mpanyin. \p \v 16 Na wɔkyɛɛ mmarimaa a wɔadi mfe abiɛsa rekɔ nyinaa akyɛde no bi a wɔn din wɔ wɔn anato nhoma mu, na da biara wɔkɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan mu, kɔyɛ wɔn nnwuma a wɔde ahyɛ wɔn kuw no nsa no. \v 17 Na wɔkyɛɛ nneɛma no maa asɔfo a wɔakyerɛw wɔn din wɔ wɔn anato nhoma mu ne Lewifo a wɔadi mfe aduonu ne nea ɛboro saa, a wɔahyehyɛ wɔn din sɛnea wɔn nnwuma ne wɔn nkyekyɛmu te no. \v 18 Na wɔmaa abusuafo a wɔakyerɛw wɔn din wɔ anato nhoma mu a nkokoaa, ɔyerenom ne mmabarima ne mmabea nso ka ho nnuan. Efisɛ na wɔadi nokware adwira wɔn ho. \p \v 19 Na asɔfo, Aaron asefo a na wɔtete nkuraa a atwa nkurow no ho ahyia no anaa nkurow no mu no de, woyiyii nnipa ma wɔkyɛɛ ɔbarima biara a ɔfra asɔfo no mu ne Lewifo a wɔakyerɛw wɔn din anato mu no nneɛma no bi. \p \v 20 Saa ɔkwan yi so na Hesekia fa kyɛɛ nneɛma wɔ Yudaman no mu nyinaa, na ɔyɛɛ nea ɛfata na ɛsɔ \nd Awurade\nd*, ne Nyankopɔn ani. \v 21 Nea Hesekia yɛɛ nyinaa de som wɔ Onyankopɔn Asɔredan no mu, ne mmɔden a ɔbɔɔ sɛ obedi ne mmara ne nʼahyɛde so no, ɔde ne koma nyinaa hwehwɛɛ ne Nyankopɔn. Ne saa nti, ɛma onyaa nkɔso bebree. \c 32 \s1 Asiria Tu Yuda So Sa \p \v 1 Ɔhene Hesekia de nokwaredi wiee saa dwumadi yi, Asiriahene Sanaherib bɛtow hyɛɛ Yuda so, dii so nkonim. Otuaa nkurow a wɔabɔ ho ban no, na ɔhyɛɛ nʼakofo sɛ wommubu wɔn afasu no, mmɔ nwura mu. \v 2 Bere a Hesekia huu sɛ Sanaherib asan ayɛ nʼadwene sɛ ɔbɛtow ahyɛ Yerusalem so no, \v 3 ɔne ne mpanyimfo ne nʼasraafo mu afotufo tuu agyina. Wosii gyinae sɛ wobesiw asu a ɛsen fa kuropɔn no akyi no kwan ma wɔboaa no. \v 4 Wɔboaboaa adwumayɛfo ano sɛ wonkosi nsuti kwan na ansen ankɔ mfuw no mu. Na wɔkae se, “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Asiria ahemfo bɛba ha abenya nsu bebree?” \v 5 Afei, Hesekia miaa ne bammɔ mu, osiesiee ɔfasu no baabiara a abubu no, na ɔtoo ɔfasu foforo kaa nea ɛwɔ hɔ dedaw no ho. Ɔsan miaa bammɔ a ɛwɔ Milo a ɛwɔ Dawid kuropɔn no mu no mu. Afei ɔyɛɛ akode ne nkatabo bebree. \p \v 6 Oyii asraafo mpanyimfo ma wɔhwɛɛ ɔmanfo no so, na ɔhyɛɛ sɛ wommehyia no wɔ kurow no pon ano aguabɔbea hɔ. Na Hesekia kaa nkuranhyɛsɛm kyerɛɛ wɔn se, \v 7 “Monyɛ den na momma mo bo nyɛ duru. Munnsuro Asiriahene anaa nʼakofodɔm kɛse no, na yɛwɔ tumi a ɛso wɔ yɛn afa. \v 8 Ɛwɔ mu sɛ ɔwɔ asraafodɔm kɛse de, nanso wɔyɛ nnipa kɛkɛ. Yɛwɔ \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn a ɔbɛboa yɛn adi ako ama yɛn.” Saa nsɛm a Hesekia, Yudahene kae yi hyɛɛ ɔmanfo no nkuran bebree. \s1 Senaherib Hunahuna Yerusalem \p \v 9 Bere a Asiriahene Sanaherib gu so retua Lakis kurow no, ɔsomaa mpanyimfo kɔɔ Yerusalem sɛ wɔmfa saa nkra yi nkɔma Hesekia ne ne manfo a wɔwɔ kurow no mu nyinaa: \pm \v 10 “Sɛnea Asiriahene Sanaherib se ni: Dɛn na mode mo ho to so, na ɛma mo susuw sɛ, mubetumi agyina Yerusalem anotua yi ano? \v 11 Hesekia aka se: ‘\nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn, begye yɛn afi Asiriahene nsam.’ Nokwarem, Hesekia regyigye mo ama ɔkɔm ne osukɔm akum mo! \v 12 Nokware, nea ɛsɛ sɛ mote ase ne sɛ, Hesekia no ara na obubuu \nd Awurade\nd* nsɔree so ne afɔremuka no nyinaa. Ɔhyɛɛ Yuda ne Yerusalem sɛ wɔnsom wɔ afɔremuka baako pɛ a ɛwɔ Asɔredan no mu no so, na wɔmmɔ afɔre ahorow wɔ ɛno nko ara so. \pm \v 13 “Nokware, ɛsɛ sɛ muhu nea me ne Asiria ahemfo a wɔaka no ayɛ nnipa a wɔwɔ asase so. Anyame a na wɔwɔ saa aman no so no tumi gyee wɔn nkurɔfo fii me tumi ase ana? \v 14 Ma nhwɛso baako kyerɛ onyame bi a ɔwɔ baabi a otumi gyee ne nkurɔfo fii me nsam! Dɛn na ɛma wudwen sɛ, wo Nyankopɔn betumi ayɛ ade pa bi? \v 15 Mommma Hesekia mmu mo kwasea. Mommma ɔnnaadaa mo saa! Miti mu, ka bio se, ɔman biara anyame ntumi nnyee ne nkurɔfo mfii me anaa mʼagyanom nsam da. Na ɛbɛyɛ dɛn na mo Nyankopɔn agye mo afi me tumi ase!” \p \v 16 Na Sanaherib mpanyimfo kɔɔ so dii \nd Awurade\nd* Nyankopɔn ne ne somfo Hesekia ho fɛw, twaa no adapaa. \v 17 Ɔhene no san kyerɛw nkrataa de buu \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn animtiaa. Ɔkyerɛw se: “Sɛnea anyame a wɔwɔ aman ahorow so antumi annye wɔn nkurɔfo amfi me tumi ase no, saa ara na Hesekia Nyankopɔn nso bedi nkogu.” \v 18 Asiria mpanyimfo a wɔde krataa no bae no teɛteɛɛ mu de Hebri kasa kaa saa asɛm yi kyerɛɛ nnipa a wɔaboa wɔn ho ano wɔ kurow no fasu fadansin no so, de hunahunaa wɔn, sɛnea wobetumi afa kuropɔn no a wɔremmrɛ ho. \v 19 Saa mpanyimfo yi kasa faa Yerusalem Nyankopɔn yi ho te sɛ abosonsomfo anyame no mu baako a wɔde nnipa nsa na ɛyɛɛ no. \p \v 20 Ɔhene Hesekia ne Amos babarima odiyifo Yesaia bɔɔ mpae dennen, frɛɛ ɔsorosoro Nyankopɔn no. \v 21 Na \nd Awurade\nd* somaa ɔbɔfo, bɛsɛee Asiria asraafodɔm ne wɔn asahene ne wɔn mpanyimfo nyinaa. Na Sanaherib de aniwu san kɔɔ ne kurom. Na owuraa ne nyame abosonnan mu no, ɔno ankasa mmabarima no mu baako twee ne so afoa, kum no. \p \v 22 Saa ɔkwan yi na \nd Awurade\nd* faa so de gyee Hesekia ne Yerusalem manfo nkwa fii Asiriahene Sanaherib ne wɔn a wohunahuna wɔn no nyinaa nsam. Enti ɛmaa asomdwoe baa asase no so nyinaa. \v 23 Efi saa bere no, aman a atwa wɔn ho ahyia no de obu ne nidi a enni kabea maa ɔhene Hesekia, na wɔde akyɛde bebree a ɛyɛ \nd Awurade\nd* dea kɔɔ Yerusalem, na wɔde nneɛma a ɛsom bo kɔmaa Ɔhene Hesekia nso. \s1 Hesekia Yare Ne Nʼayaresa \p \v 24 Bere no mu, Hesekia yaree owuyare. Ɔbɔɔ mpae frɛɛ \nd Awurade\nd* ma ɔsaa no yare daa nsɛnkyerɛnne nwonwaso bi adi kyerɛɛ no. \v 25 Nanso Hesekia anyɛ adɔe a wɔyɛ kyerɛɛ no no so ade, na mmom, ɔbɛyɛɛ ahantan. Enti \nd Awurade\nd* abufuw baa ɔno, Yuda ne Yerusalem nyinaa so. \v 26 Enti Hesekia nuu ne ho wɔ nʼahantansu no ho, na ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem no nso brɛɛ wɔn ho ase. Ɛno nti, Hesekia nkwanna mu no, \nd Awurade\nd* abufuw amma wɔn so. \p \v 27 Hesekia nyaa ne ho, na wobuu no yiye. Osisii adekoradan sononko bi a ɔkoraa ne dwetɛ, sikakɔkɔɔ, aboɔden abo, nnuhuam, ne nkatabo ne ne nneɛma a ɛsom bo pii no wɔ mu. \v 28 Ɔsan sisii adekoradan de nʼatoko, ne nsa ne ne ngo guu mu; osisii buw bebree maa nʼanantwi ne ne nguan ne ne mmirekyi. \v 29 Ɔkyekyeree nkurow pii, pɛɛ nguan ne anantwi bebree, efisɛ na Onyankopɔn ama no ahonya bebree. \p \v 30 Osiw asuti a na ɛwɔ Gihon atifi fam no, na ɔde nsu no faa ɔdorobɛn mu kɔɔ Dawid kuropɔn no atɔe fam. Na biribiara a ɔyɛe no nso, ɛyɛɛ yiye. \v 31 Bere a Babilonia ananmusifo bebisaa nneɛma titiriw a asisi wɔ asase no so no, Onyankopɔn twee ne ho fi Hesekia ho, de sɔɔ no hwɛe, pɛɛ sɛ ohu nea ɛwɔ ne koma mu. \s1 Hesekia Ahenni Awiei \p \v 32 Hesekia ahenni ho nsɛm nkae ne nʼahofama no, wɔakyerɛw wɔ Amos babarima odiyifo Yesaia anisoadehu a ɛka Yuda ne Israel ahemfo nhoma ho no mu. \v 33 Bere a Hesekia wui no, wosiee no wɔ adehye amusiei no atifi fam, na Yuda ne Yerusalem nyinaa hyɛɛ no anuonyam wɔ ne wu mu. Na ne babarima Manase, dii nʼade sɛ ɔhene. \c 33 \s1 Manase Di Yudahene \p \v 1 Bere a Manase dii ade no, na wadi mfirihyia dumien. Odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia aduonum anum. \v 2 Ɔyɛɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd* ani so, suasuaa abosonsomfo aman nneyɛe a ɛyɛ akyiwade a \nd Awurade\nd* apam afi asase a ɛda Israel anim no so no. \v 3 Ɔsan sisii nsɔree a nʼagya Hesekia sɛee no no. Osii afɔremuka maa Baal ahoni, sisii Asera nnua. Ɔsan kotow nsoromma a ɛwɔ wim no nyinaa, som wɔn. \v 4 Mpo, osisii abosonsom afɔremuka wɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan mu, baabi a \nd Awurade\nd* aka se, ɛhɔ na ɛsɛ sɛ wodi ne din ni afebɔɔ no. \v 5 Osisii saa afɔremuka no wɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan no adiwo abien hɔ, de maa wim nsoromma no. \v 6 Manase de ɔno ankasa mmabarima bɔɔ afɔre wɔ ogya so wɔ Hinom Babarima Bon mu. Ɔde ne ho hyɛɛ asumansɛm mu, kɔɔ abisa, yɛɛ abayisɛm, kɔɔ samanfrɛfo ne adunsifo nkyɛn. Ɔyɛɛ nneɛma pii a ɛyɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd* ani so, maa \nd Awurade\nd* bo fuwii. \p \v 7 Na Manase faa ohoni a wasen, de kosii Onyankopɔn Asɔredan mu. Ɔde kosii beae koro no ara a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Dawid ne ne babarima Salomo se, “Wobedi me din ni wɔ ha afebɔɔ, asɔredan yi mu ne Yerusalem, kuropɔn a mayi afi mmusuakuw a ɛwɔ Israel no nyinaa mu no. \v 8 Sɛ Israelfo di mʼahyɛde nyinaa so, me mmara a wɔnam Mose so mae no nyinaa so a, merentwa wɔn asu mfi asase a mede maa wɔn agyanom no so.” \v 9 Nanso Manase dii ɔmanfo a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem anim maa wɔyɛɛ bɔnetraso sen abosonsom aman a \nd Awurade\nd* sɛee wɔn, bere a Israelfo kɔɔ asase no so no. \p \v 10 \nd Awurade\nd* kasa kyerɛɛ Manase ne ne nkurɔfo no, nanso wɔantie ne kɔkɔbɔ no mu biara. \v 11 Enti \nd Awurade\nd* maa Asiriafo asraafo bɛfaa Manase yɛɛ no odeduani. Wɔde darewa hyɛɛ ne hwene mu, de kɔbere mfrafrae nkɔnsɔnkɔnsɔn kyekyeree no, de no kɔɔ Babilonia. \v 12 Na bere a Manase wɔ ahokyere a emu yɛ den mu no, ɔpɛɛ \nd Awurade\nd*, ne Nyankopɔn akyi kwan, na ɔde ahobrɛase su frɛɛ nʼagyanom Nyankopɔn. \v 13 Na bere a ɔbɔɔ mpae no, \nd Awurade\nd* tiee no, na ne sufrɛ no kaa ne koma. Enti \nd Awurade\nd* maa Manase san kɔɔ Yerusalem wɔ nʼahenni mu. Afei, Manase tee ase sɛ \nd Awurade\nd* nko ara ne Onyankopɔn. \p \v 14 Eyi akyi no, Manase san sisii Dawid kuropɔn abɔnten afasu; efi Gihon asuti atɔe fam a ɛwɔ Kidron bon mu, de kɔ Apataa Pon ano, kosi Ofel bepɔw so a wosi ma ɛkɔɔ soro yiye no. Na oduaa nʼasraafo mpanyimfo no wɔ Yuda nkuropɔn a wɔabɔ ho ban no nyinaa mu. \p \v 15 Manase san tutuu ananafo anyame fii mmepɔw no so. Ɔsan tutuu anyame ne ahoni no fii \nd Awurade\nd* Asɔredan mu. Obubuu afɔremuka a wasisi wɔ bepɔw so, faako a Asɔredan no si, ne afɔremuka a ɛwɔ Yerusalem nyinaa, na ɔkɔtow guu kuropɔn no mfikyiri. \v 16 Na ɔsan sii \nd Awurade\nd* afɔremuka no, bɔɔ asomdwoe afɔre ne aseda afɔre wɔ so. Afei, ɔhyɛɛ Yuda manfo no nkuran sɛ, wɔnsom \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn no. \v 17 Nanso na ɔmanfo no da so bɔ afɔre wɔ abosonsom nsɔree so, a na wɔbɔ ma \nd Awurade\nd* wɔn Nyankopɔn no ara. \p \v 18 Manase adedi ho nsɛm nkae, ne mpae a ɔbɔɔ srɛɛ Onyankopɔn ne nsɛm a adehufo ka kyerɛɛ no wɔ \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn din mu no, wɔakyerɛw agu Israel ahemfo nhoma mu. \v 19 Manase mpae, ɔkwan a Onyankopɔn faa so buaa no, ne ne bɔne ne atoro a odii nyinaa ho nsɛm, wɔakyerɛw agu adehufo nhoma mu. Faako a osii abosonsom nsɔree so, sisii Asera nnua ne ahoni ansa na ɔrenu ne ho no nso ka ho. \v 20 Bere a Manase wui no, wosiee no wɔ nʼahemfi. Na ne babarima Amon na ɔyɛɛ ɔhene a odi hɔ. \s1 Amon Di Yudahene \p \v 21 Bere a Amon dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu abien. Odii hene wɔ Yerusalem mfe abien. \v 22 Ɔyɛɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd* ani so, sɛnea nʼagya Manase yɛe no. Ɔsom ahoni a nʼagya yɛe no nyinaa, bɔɔ afɔre maa wɔn. \v 23 Nanso wansɛ nʼagya Manase, efisɛ wammrɛ ne ho ase amma \nd Awurade\nd*. Mmom, Amon yɛɛ bɔne maa ɛtraa so. \p \v 24 Akyiri no, Amon no ara mpanyimfo pam ne ti so, kum no wɔ nʼahemfi. \v 25 Na nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa kunkum nnipa a wɔbɔɔ ɔhene Amon ho pɔw no, na wɔde ne babarima Yosia dii ade sɛ ɔhene. \c 34 \s1 Yosia Di Hene \p \v 1 Yosia bedii ade no, na wadi mfirihyia awotwe, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia aduasa baako. \v 2 Ɔyɛɛ nea ɛsɔ \nd Awurade\nd* ani, yɛɛ nea ne tete agya Dawid yɛe no bi. Wamfi adetreneeyɛ ho. \p \v 3 Yosia fii ase hwehwɛɛ ne tete agya Dawid Nyankopɔn akyi kwan bere a na ɔda so yɛ abofra a wadi ade mfe awotwe no. Ne mfe dumien so no, odwiraa Yuda ne Yerusalem, sɛee abosonsom nsɔree so nyinaa, Asera nnua, ahoni a wɔasen ne nsɛsode a wɔagu no nyinaa. \v 4 Ɔhwɛ ma wobubuu Baal afɔremuka no ne nnuhuam afɔremuka no nyinaa gui. Ɔma wɔdwerɛw Asera nnua ne ahoni nyinaa, na wɔtow petee awufo a wɔbɔɔ saa afɔre no nna so. \v 5 Ɔhyew akɔmfo no nnompe no wɔ wɔn ankasa afɔremuka so, nam so dwiraa Yuda ne Yerusalem. \v 6 Ɔyɛɛ saa ara wɔ Manase, Efraim ne Simeon nkurow so de koduu Naftali. \v 7 Ɔsɛee abosonsomfo afɔremuka, Asera nnua, na ɔyam ahoni no muhumuhu. Odwiriw nnuhuam afɔremuka a ɛwɔ Israelman mu nyinaa, na ɔsan kɔɔ Yerusalem. \p \v 8 Nʼadedi mfe dunwɔtwe so no a owiee asase no ne asɔredan no ho dwira no, Yosia yii Asalia babarima Safan, Maaseia a ɔyɛ Yerusalem amrado ne Yoahas babarima Yoa, adehye abakɔsɛm kyerɛwfo, sɛ wonsiesie \nd Awurade\nd*, ne Nyankopɔn asɔredan no. \p \v 9 Wɔde sika a Lewifo a wɔsom sɛ aponanohwɛfo agyigyee wɔ Onyankopɔn Asɔredan ho no maa ɔsɔfopanyin Hilkia. Manase ne Efraim nkurɔfo ne Israel nkae nyinaa ne Yuda ne Benyamin ne Yerusalemfo na wɔde akyɛde no bae. \v 10 Ɔde sika no maa nnipa a wɔayi wɔn sɛ wɔnhwɛ, nsiesie \nd Awurade\nd* Asɔredan no. Na wotuaa wɔn a wɔyɛɛ adwuma no ka. \v 11 Wɔbɔɔ nnuadwumfo ne adansifo paa, tɔɔ abo a wɔatwa a wɔde besiesie afasu no ne nnua a wɔde bɛyɛ nsɛmso ne mpuran. Wosiesie nea anka Yuda ahemfo a wodii kan no rema asɛe no. \p \v 12 Adwumayɛfo no de nokwaredi yɛɛ adwuma. Yahat ne Obadia a wɔyɛ Lewifo a wofi Merarifo abusua mu, ne Sakaria ne Mesulam a wɔyɛ Lewifo a wofi Kohatfo abusua mu na wɔhwɛɛ adwumayɛfo no so. Lewifo a wɔaka a wɔn nyinaa wɔ nnwontode ho nimdeɛ no, \v 13 wɔma wɔhwɛɛ adwumayɛfo akuw ahorow no so. Na afoforo bi nso yɛɛ adwuma sɛ akyerɛwfo, mpanyimfo ne aponanohwɛfo. \s1 Hilkia Kohuu \nd Awurade\nd* Mmara Nhoma No \p \v 14 Na ɔsɔfopanyin Hilkia rekyerɛkyerɛw sika a wɔagyigye wɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan no ho no, ohuu \nd Awurade\nd* mmara nhoma a wɔnam Mose so de mae no. \v 15 Na Hilkia ka kyerɛɛ Safan a ɔyɛ asennii kyerɛwfo no se, “Mahu mmara nhoma no wɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan no mu.” Na Hilkia de nhoma mmobɔwee no maa Safan. \p \v 16 Safan de nhoma mmobɔwee no kɔmaa ɔhene kae se, “Wo mpanyimfo no reyɛ biribiara a wɔkyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no. \v 17 Wɔatua sika a wogyigyee wɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan no mu no na wɔde ahyɛ wɔn a wɔhwɛ so no ne adwumayɛfo no nsa.” \v 18 Safan ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Ɔsɔfopanyin Hilkia de nhoma mmobɔwee bi ama me.” Na Safan kenkan kyerɛɛ ɔhene. \p \v 19 Bere a ɔhene no tee mmara no mu nsɛm no, ɔde ahometew sunsuan ne ntade mu. \v 20 Ɔhyɛɛ Hilkia, Safan babarima Ahikam, Mika babarima Abdon, asennii kyerɛwfo Safan ne ɔhene fotufo Asaia se, \v 21 “Monkɔ Asɔredan no mu na mo ne \nd Awurade\nd* nkɔkasa mma me ne Israel ne Yuda nkae nyinaa. Mummisa no nsɛm a wɔakyerɛw wɔ saa nhoma mmobɔwee a wɔahu no mu ho nsɛm. \nd Awurade\nd* abufuw aba yɛn so, efisɛ yɛn agyanom anni \nd Awurade\nd* asɛm so. Yɛnyɛ nea nhoma mmobɔwee yi ka sɛ yɛnyɛ no.” \p \v 22 Hilkia ne mmarima a wɔaka no kɔɔ odiyifobea Hulda a na ɔyɛ Tikwat babarima Salum yere ne Hasra a na ɔhwɛ Asɔredan mu adakaten so no nena nkyɛn, wɔ Yerusalem fa bi a wɔfrɛ hɔ se Misne. \p \v 23 Ɔbea no ka kyerɛɛ wɔn se, “\nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, akasa! Monkɔka nkyerɛ onipa a ɔsomaa mo no se, \v 24 ‘Sɛnea \nd Awurade\nd* se ni: Akyinnye biara nni ho sɛ, mɛsɛe saa kurow yi ne emu nnipa. Nnome a wɔakyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee a moakenkan yi mu nyinaa bɛba mu. \v 25 Efisɛ nnipa a wɔwɔ Yuda apa me na wɔsom abosonsomfo anyame. Ɛno nti, me bo afuw wɔn yiye wɔ biribiara a wɔayɛ ho. Mʼabufuw behwie agu saa beae ha, na biribiara rentumi nsiw ano.’ \v 26 Na monkɔ Yudahene a ɔsomaa mo sɛ monkɔhwehwɛ \nd Awurade\nd* no nkyɛn, na monka nkyerɛ no se, ‘Sɛɛ na \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, ka fa asɛm a motee mprempren no ho. \v 27 Bere a wotee asɛm a meka de tiaa saa kuropɔn yi ne mu nnipa no, ɛhaw wo ma wobrɛɛ wo ho ase wɔ Onyankopɔn anim. Wobrɛɛ wo ho ase, de ahometew sunsuan wʼatade mu, de ahonu suu wɔ mʼanim. Enti nokware, mate wo nne, \nd Awurade\nd* na ose. \v 28 Meremma amanehunu a mahyehyɛ atia kuropɔn yi ne emu nnipa no mma mu, kosi sɛ wubewu na wɔasie wo asomdwoe mu. Worenhu amane a mede bɛba beae yi so.’ ” \p Enti wɔsan de ɔbea no nkra kɔmaa ɔhene no. \s1 Yosia Ɔsom Nhyehyɛe \p \v 29 Na ɔhene no frɛɛ Yuda ne Yerusalem ntuanofo nyinaa. \v 30 Na ɔhene no ne Yuda ne Yerusalem manfo nyinaa ne asɔfo ne Lewifo, nnipa no nyinaa, fi ɔkɛse so kosi akumaa so, kɔɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan no mu. Ɛhɔ na ɔhene no kenkan apam nhoma a wohuu wɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan mu no kyerɛɛ wɔn. \v 31 Ɔhene no gyinaa nʼafa wɔ afadum no nkyɛn, na otii apam no mu wɔ \nd Awurade\nd* anim. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ ofi ne koma ne ne kra nyinaa mu bedi \nd Awurade\nd* mmaransɛm, ahyɛde ne mmara so. Ɔhyɛɛ bɔ sɛ, obedi apam no mu nhyehyɛe a wɔakyerɛw wɔ nhoma mmobɔwee no mu no so. \p \v 32 Na ɔka kyerɛɛ obiara a ɔwɔ Yerusalem ne nnipa a wɔwɔ Benyamin no se, wɔnhyɛ bɔ saa ara. Ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem yɛɛ saa no, wɔde tii wɔne Onyankopɔn, wɔn agyanom Nyankopɔn apam no mu. \p \v 33 Enti Yosia yiyii ahoni a ɛyɛ akyiwade no fii Israel asase no nyinaa so. Na ɔhyɛɛ sɛ obiara nsom \nd Awurade\nd*, wɔn Nyankopɔn. Na ne nkwanna a aka no mu no nyinaa, wɔannan wɔn akyi ankyerɛ \nd Awurade\nd* wɔn agyanom Nyankopɔn no da. \c 35 \s1 Yosia Di Twam Afahyɛ No \p \v 1 Yosia dii \nd Awurade\nd* Twam Afahyɛ no wɔ Yerusalem na wokum Twam guamma no wɔ ɔsram a edi kan no da a ɛto so dunan. \v 2 Yosia maa asɔfo no kɔɔ wɔn nnwuma so, na ɔhyɛɛ wɔn nkuran wɔ wɔn dwumadi mu wɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan mu hɔ. \v 3 Ɔhyɛɛ Lewifo a wɔayi wɔn asi hɔ sɛ wɔnsom \nd Awurade\nd*, na wɔyɛ akyerɛkyerɛfo wɔ Israel no se, “Esiane sɛ mprempren Apam Adaka no wɔ Salomo Asɔredan mu, na ɛho nhia sɛ mobɛsoa wɔ mo mmati so de adi akɔneaba nti, momfa mo mmere nsom \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn ne ne nkurɔfo Israel. \v 4 Monkɔ mo nnwuma so sɛnea mo agyanom mmusua nkyekyɛmu no te, ne sɛnea Israelhene Dawid ne ne babarima Salomo ahyɛde a wɔakyerɛw no kyerɛ. \p \v 5 “Munnyinagyina kronkronbea a wɔayi ama mo no, na mommoa mmusua a wɔde wɔn ahyɛ mo nsa no bere a wɔde wɔn afɔre aba Asɔredan mu no. \v 6 Munkum Twam nguamma no, na munnwira mo ho, na mommoa wɔn a wɔbɛba no. Ahyɛde biara a \nd Awurade\nd* nam Mose so de mae no, munni so.” \p \v 7 Na Yosia fii nea ɔwɔ mu, maa nguantenmma ne mmirekyimma mpem aduasa ne anantwinini mpem abiɛsa sɛ nnipa no Twam afɔrebɔde. \p \v 8 Ɔhene no mpanyimfo nso fi wɔn pɛ mu boaa ɔmanfo, asɔfo ne Lewifo no. Hilkia, Sakaria ne Yehiel a wɔyɛ Onyankopɔn Asɔredan no ho mpanyimfo nso maa asɔfo no nguantenmma ne mmirekyimma mpem abien ne ahansia ne anantwinini ahaasa sɛ Twam afɔrebɔde. \v 9 Lewifo ntuanofo Kenania ne ne nuanom mmarima Semaia, Netanel, Hasabia, Yeiel ne Yosabad maa Lewifo nguantenmma ne mmirekyimma mpem anum ne anantwinini ahannum sɛ wɔn Twam afɔrebɔde. \p \v 10 Bere a Twam Afahyɛ no ho ahosiesie baa awiei no, asɔfo ne Lewifo no gyinagyinaa wɔn afa sɛnea ɔhene no ahyehyɛ ama akuwakuw no. \v 11 Lewifo no kunkum Twam nguamma no, na wɔde mogya no maa asɔfo no, na wɔde petee afɔremuka no so bere a na Lewifo no regua mmoa no. \v 12 Wɔkyekyɛɛ ɔhyew afɔrebɔde no maa ɔmanfo no sɛnea wɔn mmusua nkyekyɛmu no te, na wɔatumi de abɔ afɔre ama \nd Awurade\nd*, sɛnea mmara a wɔakyerɛw agu Mose nhoma no mu no kyerɛ. Saa ara na wɔyɛɛ anantwinini no nso. \v 13 Wɔtotoo Twam nguamma no sɛnea wɔakyerɛ no, na wɔnoaa afɔrebɔde kronkron no wɔ nkuku, dadesɛn ne nkankyee mu de baa ntɛm so sɛnea ɔmanfo no betumi awe. \v 14 Akyiri no, Lewifo yɛɛ wɔn ne asɔfo no aduan, efisɛ na asɔfo no ayɛ adwuma fi anɔpa kosi anadwo a wɔrebɔ ɔhyew afɔre no na wɔrehyew srade no. Saa ahosiesie yi nyinaa, Lewifo no na wogye too wɔn ho so yɛe. \p \v 15 Asaf asefo nnwom ho nimdefo no nso, na wɔwɔ wɔn nnwuma so, sɛnea Dawid, Asaf, Heman ne Yedutun, ɔhene adehuni no kyerɛɛ wɔn no. Aponanohwɛfo no wɛn apon no a na ɛho nhia sɛ wofi wɔn nnwuma so, efisɛ na wɔn mfɛfo Lewifo no de wɔn nnuan kɔma wɔn wɔ hɔ. \p \v 16 \nd Awurade\nd* Twam Afahyɛ no baa awiei da no. Wɔbɔɔ ɔhyew afɔre no nyinaa wɔ \nd Awurade\nd* afɔremuka no so, sɛnea ɔhene Yosia hyɛe no. \v 17 Israelfo a wɔwɔ Yerusalem de nnanson dii Twam ne Apiti Afahyɛ no. \v 18 Efi odiyifo Samuel bere so no, wonnii Twam sɛɛ da. Israel ahemfo no mu biara mpo anni Twam sɛnea Yosia yɛe a ɔmaa asɔfo, Lewifo, ɔmanfo a wɔwɔ Yerusalem ne nnipa a wofi Yuda ne Israel nyinaa bɛkaa ho. \v 19 Wodii saa Twam Afahyɛ yi wɔ Yosia ahenni mfirihyia dunwɔtwe so.\f + \fr 35.19 \fr*\ft Afe a ɛto so dunwɔtwe. Afe koro no ara mu na wohuu Mmara Nhoma no (\+xt 34.8,14\+xt*).\ft*\f* \s1 Yosia Wu Wɔ Akono \p \v 20 Yosia siesiee Asɔredan no wiei no, Misraimhene Neko dii nʼakofo anim fii Misraim, sɛ wɔrebɛko wɔ Karkemis wɔ asu Eufrate ano. Na Yosia ne nʼakofo nso sii mu sɛ wɔne no rekɔko. \v 21 Nanso ɔhene Neko tuu abɔfo de nkra yi kɔmaa Yosia: “Dɛn na wo Yudahene hwehwɛ afi me nkyɛn? Me ne wo nni akasakasa nnɛ! Nea mehwehwɛ ne sɛ, me ne ɔman a matu ne so sa no bɛko. Na Onyankopɔn aka akyerɛ me se, menyɛ no ntɛm. Ntwintwan Onyankopɔn a ɔka me ho no anan mu, anyɛ saa a ɔbɛsɛe wo.” \p \v 22 Nanso Yosia antie Neko a Onyankopɔn akasa akyerɛ no ampa ara no, annan nʼani. Mmom, odii nʼakofo anim kɔkoo wɔ Megido tataw so. Ɔworɔw nʼahentade no guu nkyɛn baabi sɛnea atamfo no renhu no. \p \v 23 Nanso atamfo agyantowfo no tow bɛmma ma ɛwɔɔ ɔhene Yosia, piraa no. Ɔteɛɛ mu frɛɛ ne mmarima se, “Momfa me mfi akono ha, efisɛ mapira pira bɔne.” \v 24 Enti woyii Yosia fii ne teaseɛnam mu, de no too teaseɛnam foforo mu. Na wɔde no kɔɔ Yerusalem, na ɛhɔ na owui. Wosiee no hɔ wɔ adehye amusiei. Na Yuda ne Yerusalem nyinaa yɛɛ no ayi. \p \v 25 Odiyifo Yeremia too kwadwom maa Yosia, na ebesi nnɛ yi, nnwontofo to saa kwadwom a ɛfa ne wu no ho no. Saa kwadwom yi abɛyɛ amanne a wɔakyerɛw ahyɛ Kwadwom Nhoma mu. \p \v 26 Yosia ahenni ho nsɛm nkae ne nʼahofama sɛnea \nd Awurade\nd* mmara te no, \v 27 fi mfiase kosi awiei no, wɔakyerɛw agu Israel ne Yuda Ahemfo Nhoma mu. \c 36 \nb \v 1 Nnipa a wɔwɔ asase no so no sii Yosia babarima Yehoahas hene wɔ Yerusalem. \s1 Yehoahas Di Hene Wɔ Yuda \p \v 2 Bere a Yehoahas dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu abiɛsa, nanso odii ade asram abiɛsa pɛ. \v 3 Misraimhene Neko a na ɔhwehwɛ sonkahiri a ɛyɛ dwetɛ tɔn abiɛsa ne fa ne sikakɔkɔɔ kilogram aduasa anan afi Yuda no na otuu no ade so. \v 4 Misraimhene yii Yehoahas nuabarima Eliakim sɛ ɔhene foforo ma odii Yuda ne Yerusalem so, na ɔsesaa Eliakim din yɛɛ no Yehoiakim. Na Neko faa Yehoahas dommum de no kɔɔ Misraim. \s1 Yehoiakim Di Hene Wɔ Yuda \p \v 5 Yehoiakim dii ade no, na wadi mfirihyia aduonu anum, na odii hene wɔ Yerusalem mfirihyia dubaako. Nanso ɔyɛɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd*, ne Nyankopɔn, ani so. \v 6 Babiloniahene Nebukadnessar kɔtoaa no, kyeree no de nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no de no kɔɔ Babilonia. \v 7 Nebukadnessar faa ademude a ɛwɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan no mu bi, de koguu nʼahemfi wɔ Babilonia. \p \v 8 Yehoiakim ahenni ho nsɛm nkae, bɔne ahorow a ɔyɛe ne biribiara a wohu tiaa no no, wɔkyerɛw guu Israel ne Yuda Ahemfo Nhoma mu. Na ne babarima Yehoiakyin bedii nʼade sɛ ɔhene. \s1 Yehoiakyin Di Hene Wɔ Yuda \p \v 9 Yehoiakyin bedii ade no, na wadi mfirihyia dunwɔtwe, nanso odii ade Yerusalem asram abiɛsa ne nnafua du pɛ. Yehoiakyin yɛɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd* ani so. \v 10 Afe a edi kan wɔ ɔsram a edi kan mu no, ɔhene Nebukadnessar frɛɛ Yehoiakyin sɛ ɔmmra Babilonia. Wɔfaa ademude bebree fii \nd Awurade\nd* Asɔredan no mu de kɔɔ Babilonia saa bere no. Na Nebukadnessar yii Yehoiakyin wɔfa Sedekia, sɛ onni hene wɔ Yuda ne Yerusalem. \s1 Sedekia Di Hene Wɔ Yuda \p \v 11 Bere a Sedekia bedii ade no, na wadi mfirihyia aduonu baako, na odii ade wɔ Yerusalem mfirihyia dubaako. \v 12 Ɔyɛɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd*, ne Nyankopɔn ani so, na wammrɛ ne ho ase wɔ odiyifo Yeremia a na ɔkasa ma \nd Awurade\nd* no anim. \v 13 Ɔtew ɔhene Nebukadnessar anim atua wɔ bere a na waka ntam adi nsew wɔ Onyankopɔn din mu sɛ, obedi no nokware. Na Sedekia yɛ kyenkyenee na opirim ne koma na wampɛ sɛ ɔde ne ho bɛbata \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn ho. \v 14 Asɔfo no ntuanofo nyinaa ne ɔmanfo no kɔɔ so yɛɛ mmaratofo. Wɔyɛɛ abosonsomfo a wɔwɔ aman a atwa ahyia hɔ no nneyɛe no bi, na woguu \nd Awurade\nd* Asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no ho fi. \p \v 15 \nd Awurade\nd*, wɔn agyanom Nyankopɔn, somaa nʼadiyifo sɛ wɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ mpɛn bebree, efisɛ na ɔwɔ ahummɔbɔ ma ne nkurɔfo ne nʼAsɔredan no. \v 16 Nanso nnipa no dii saa Onyankopɔn abɔfo no ho fɛw, amfa wɔn nsɛm no anyɛ hwee. Wodii adiyifo no ho fɛw ara kosii sɛ \nd Awurade\nd* abufuwhyew turuwii a biribiara antumi annwudwo ano. \s1 Yerusalem Asehwe \p \v 17 Enti \nd Awurade\nd* de Babiloniahene ba bɛko tiaa wɔn. Babiloniafo no kunkum Yuda mmea a wɔyɛ mmabun mpo, wɔtaa wɔn kɔɔ Asɔredan no mu a wɔannya ahummɔbɔ amma wɔn. Wokunkum mmofra ne mpanyin, mmarima ne mmea, ahoɔdenfo ne ayarefo. Onyankopɔn de wɔn nyinaa hyɛɛ Nebukadnessar nsa. \v 18 Ɔhene no san sesaw nneɛma no nyinaa, akɛse ne nketewa a na wɔde som wɔ Onyankopɔn Asɔredan mu, ne ademude a na ɛwɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan no mu ne ahemfi hɔ nyinaa de kɔɔ Babilonia. Ɔde mmapɔmma nyinaa nso kɔe. \v 19 Wɔtoo Onyankopɔn Asɔredan no mu gya, bubuu Yerusalem afasu no, hyew ahemfi no nyinaa, sɛee biribiara a ɛwɔ bo no. \p \v 20 Nnipa kakra a wɔkae no, wɔsoaa wɔn kɔɔ Babilonia, ma wɔkɔyɛɛ ɔhene no ne ne mmabarima asomfo kosii sɛ Persia ahenni bedii tumi. \v 21 Enti \nd Awurade\nd* asɛm a wɔfaa Yeremia so kae no baa mu. Afei, asase no nso nyaa nʼahomegye, ɛdaa mpan mfirihyia aduɔson sɛnea odiyifo no kae no. \s1 Kores Gya Nnommum No Kwan \p \v 22 Persiahene Kores adedi afe a edi kan mu no, \nd Awurade\nd* maa odiyifo Yeremia nkɔmhyɛ no baa mu. Ɔkaa Kores koma ma ɔkyerɛw bɔɔ no dawuru wɔ nʼahenni nyinaa mu se, \pmo \v 23 “Sɛnea Persiahene Kores ka ni: \pm “ ‘\nd Awurade\nd*, ɔsorosoro Nyankopɔn de ahenni a ɛwɔ asase so nyinaa ama me. Wayi me sɛ minsi asɔredan mma no wɔ Yerusalem wɔ Yuda asase so. Mo a moyɛ \nd Awurade\nd* nkurɔfo nyinaa, monsan nkɔ Israel nkodi saa dwuma yi. \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn nka mo ho.’ ”