\id 1TI - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h 1 Timoteo \toc1 Paulo Nhoma A Edi Kan A Ɔkyerɛw Kɔmaa Timoteo \toc2 1 Timoteo \toc3 1 Ti \mt2 Paulo Nhoma A Edi Kan A \mt2 Ɔkyerɛw Kɔmaa \mt1 Timoteo \c 1 \s1 Nkyia \p \v 1 Me Paulo, Yesu Kristo somafo nam Onyankopɔn ne yɛn Agyenkwa Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn anidaso no hyɛ so kyerɛw, \b \p \v 2 De rekɔma Timoteo a ɔyɛ me ba kann wɔ gyidi mu no nkyɛn: \b \p Agya Onyankopɔn ne Kristo Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no dom, mmɔborɔhunu ne asomdwoe nka mo. \b \s1 Mompo Atoro Akyerɛkyerɛfo \p \v 3 Mepɛ sɛ motena Efeso sɛnea merekɔ Makedonia no meka kyerɛɛ mo no. Nnipa bi wɔ hɔ a wɔma atoro nkyerɛkyerɛ a ɛsɛ sɛ mohyɛ wɔn ma wogyae. \v 4 Momma wonnyae adomankomasɛm ne wɔn nenanom din bebrebe a wɔbobɔ no, efisɛ saa nneyɛe no de akyinnye ba. Ɛmmoa Onyankopɔn nhyehyɛe a wɔnam gyidi nko so na wuhu no. \v 5 Saa ɔhyɛ yi botae ara ne sɛ ɛbɛkanyan ɔdɔ a efi koma pa, adwene mu fann ne gyidi pa mu. \v 6 Nnipa bi atwe wɔn ho afi ɔkwan pa no so de wɔn ho ama akyinnye hunu. \v 7 Wɔpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn mmara no akyerɛkyerɛfo nanso wɔn ara wɔn nsɛm a wɔka no wɔnte ase. Saa ara nso na wonni gyidi wɔ nsɛm a wɔka no mu. \p \v 8 Yenim sɛ, sɛ wɔnam mmara kwan so de Mmara no di dwuma a eye. \v 9 Ɛsɛ sɛ yɛkae hu sɛ wɔanyɛ mmara no amma atreneefo na mmom, wɔyɛ maa mmaratofo, nnebɔneyɛfo, wɔn a wonsuro Nyame ne abɔnefo, wɔn a wɔnyɛ kronkron anaa wɔn ho ntew, wɔn a wokum wɔn agyanom ne wɔn nanom, awudifo, \v 10 afideyɛfo, aguamammɔfo, nnipawiafo, atorofo a wɔka nkontomposɛm anaa wɔyɛ biribi a ɛne nokware nkyerɛkyerɛ no bɔ abira no. \v 11 Saa nokware nkyerɛkyerɛ no wɔ Asɛmpa a wɔde ama me sɛ menka ho asɛm nkyerɛ no mu. Ɛyɛ Asɛmpa a efi Onyankopɔn a ɔyɛ onuonyamfo na wɔahyira no no nkyɛn. \p \v 12 Meda yɛn Awurade Yesu Kristo a wama me ahoɔden ma midi me dwuma no ase. Meda no ase sɛ wadwene me ho sɛ mefata na wayi me sɛ mensom no. \v 13 Nanso mmere bi a atwam no, na mekasa tia no, taa no, ka nsɛm a ɛmfata fa ne ho. Onyankopɔn ahu me mmɔbɔ na esiane sɛ na minnye nni nti, na minnim nea mereyɛ. \v 14 Yɛn Awurade hwiee nʼadom a ɛdɔɔso no guu me so maa me gyidi ne ɔdɔ a esiane Kristo Yesu nti abɛyɛ yɛn de no. \p \v 15 Eyi yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ yegye to mu na yegye di koraa sɛ: Kristo Yesu baa wiase begyee nnebɔneyɛfo nkwa. Na meyɛ ɔdebɔneyɛni a odi kan koraa. \v 16 Nanso esiane saa nti, wahu me mmɔbɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a me a meyɛ ɔdebɔneyɛni a odi kan no, Kristo Yesu nam me so bɛda ne boasetɔ a enni awiei no adi akyerɛ wɔn a wobegye no adi no na wɔanya nkwa a enni awiei. \v 17 Anuonyam ne nidi nka Onyankopɔn daa daa. Ɔno ne mmeresantenhene. Ɔno na wonhu no na onwu da nso. Ɔno nko ara ne Onyankopɔn a nimdeɛ ahyɛ no ma. Amen. \p \v 18 Afei me ba Timoteo, mede saa dwumadi a wɔhyɛɛ ho nkɔm fi tete no hyɛ wo nsa. Wugu so reko ɔko pa no, ma saa nsɛm no nyɛ wʼakode, \v 19 na so wo gyidi mu dennen na ma wʼadwene mu nyɛ fann. Nnipa bi ntie wɔn tiboa, nam saayɛ so asɛe wɔn gyidi. \v 20 Saa nnipa no bi ne Himeneo ne Aleksandro a mayi wɔn ama Satan sɛ ɔntwe wɔn aso sɛnea wɔrenka abususɛm ntia Onyankopɔn bio. \c 2 \s1 Mpaebɔ Ho Akwankyerɛ \p \v 1 Mʼafotu ne sɛ, nea edi kan no mehyɛ mo sɛ monsrɛ, mommɔ mpae, mummisa na monna Onyankopɔn ase mma nnipa nyinaa; \v 2 monyɛ saa ara mma ahemfo ne wɔn a tumi hyɛ wɔn nsa nyinaa na yɛatumi atena ase asomdwoe mu wɔ onyamesom ne suban pa mu. \v 3 Eyi ye, na ɛsɔ Onyankopɔn a ɔyɛ Agyenkwa a \v 4 ɔpɛ sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa na wohu nokware no ani. \v 5 Onyankopɔn baako ne ntamgyinafo baako a ɔka Onyankopɔn ne nnipa bɔ mu no, ɔno ne Kristo Yesu no. \v 6 Ɔno na ɔde ne ho bɔɔ afɔre gyee nnipa nyinaa nkwa no. Eyi yɛ adansedi a ɛbaa bere a ɛsɛ mu sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa. \v 7 Ɛno nti na wɔsomaa me sɛ ɔsomafo ne amanamanmufo kyerɛkyerɛfo sɛ minni gyidi ne nokware no ho adanse. Merenni atoro, mereka nokware! \p \v 8 Mehwehwɛ sɛ nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa ma wɔn nsa a ɛho tew so, nea abufuw ne akyinnye nni mu, na wɔbɔ mpae. \v 9 Afei mehwehwɛ sɛ mmea brɛ wɔn ho ase na wɔfa ɔkwan a ɛfata so siesie wɔn ho. Wɔnyɛ wɔn ti sɛ mmea ahobrɛasefo; wɔmmfa sika anaa nwinne anaa ntade a ne bo yɛ den nsiesie wɔn ho. \v 10 Na mmom ɛsɛ sɛ wɔda adwuma pa a ɛfata mmea sɛ mmea a wɔyɛ nyamesomfo no adi. \p \v 11 Ɛsɛ sɛ mmea de kommyɛ ne ahobrɛase sua ade. \v 12 Memma mmea ho kwan sɛ wɔnkyerɛkyerɛ anaasɛ wonnya mmarima so tumi. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ komm. \v 13 Efisɛ wɔbɔɔ Adam ansa na wɔrebɔ Hawa. \v 14 Na ɛnyɛ Adam na wɔdaadaa no. Ɔbea no na wɔdaadaa no ma ɛnam so ma obuu Onyankopɔn mmara so. \v 15 Na sɛ ɔbea tena ase gyidi, ɔdɔ, kronkronyɛ ne ahobrɛase mu a ɔbɛwo asomdwoe mu. \c 3 \s1 Asafo Mpanyimfo \p \v 1 Ɛyɛ sɛnnahɔ sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ asafopanyin a, na wafa adwuma pa. \v 2 Asafopanyin yɛ obi a mfomso nni ne ho. Ɛsɛ sɛ ne yere yɛ baako. Ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔhyɛ ne ho so yɛ ne biribiara pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ sɛ ogye ahɔho wɔ ne fi na ɔkyerɛkyerɛ nso. \v 3 Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ɔsadweam anaa basabasa, na mmom, ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase na ɔpɛ asomdwoe. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ sikaniberefo. \v 4 Ɛsɛ sɛ otumi hwɛ ne fifo so yiye na otumi ma ne mma yɛ osetie de obu ne nidi ma no. \v 5 Na sɛ obi nnim sɛnea ɔhwɛ ne fi so yiye a, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi ahwɛ Onyankopɔn asafo so? \v 6 Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ obi a afei na wahu Awurade; sɛ ɛba saa a, ne tirim bɛyɛ no dɛ na wayɛ ahomaso ama wɔabu no atɛn sɛnea wobuu ɔbonsam atɛn no. \v 7 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔnnyɛ akyidifo no mpo de nidi ma no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrengu nʼanim ase na ɔbonsam afiri renyi no. \s1 Asafo Mu Aboafo \p \v 8 Ɛsɛ sɛ asafo mu aboafo nso yɛ nnipa a wɔwɔ suban pa na wodi nokware. Ɛnsɛ sɛ wɔnom nsa pii anaasɛ wɔyɛ aniberefo. \v 9 Ɛsɛ sɛ wɔde adwene mu fann gyina pintinn ma nokware no ne gyidi no. \v 10 Ɛsɛ sɛ wɔsɔ wɔn hwɛ ansa, na sɛ wodi sɔhwɛ no so nkonim a wɔasom. \p \v 11 Ɛsɛ sɛ wɔn yerenom nso wɔ suban pa a wonni nseku. Ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase di nokware wɔ biribiara mu. \p \v 12 Ɛsɛ sɛ asafo no mu boafo no wɔ yere baako na afei otumi hwɛ ne mma ne ne fifo yiye. \v 13 Wɔn a wɔsom yiye no benya nnyinaso pa, na wɔn gyidi a wɔwɔ wɔ Kristo Yesu mu no nso ayɛ nam. \p \v 14 Saa nhoma a mede rebrɛ wo yi akyi no, mewɔ anidaso sɛ ɛrenkyɛ biara mɛba wo nkyɛn. \v 15 Na sɛ mannu wo nkyɛn ntɛm a saa nhoma yi bɛma woahu sɛnea wɔbɔ wɔn bra wɔ Onyankopɔn fi; ofi a ɛyɛ Onyankopɔn teasefo no asafo a ɛyɛ nokware no nnyinaso. \v 16 Akyinnye biara nni ho sɛ, ahintasɛm a ɛwɔ nyamesom pa mu no krɔn: \q1 Ɔbae onipa tebea mu, \q2 Honhom no buu no bem, \q1 na abɔfo huu no, \q2 wɔkaa ne ho asɛm wɔ amanaman mu, \q1 na wiase gyee no dii, \q2 wɔfaa no kɔɔ ɔsoro anuonyam mu. \c 4 \s1 Atoro Akyerɛkyerɛfo \p \v 1 Honhom no si no pi sɛ, akyiri no, nnipa bi begyae gyidi no mu so. Wobedi atoro ahonhom ne ahonhommɔne nkyerɛkyerɛ akyi. \v 2 Saa nkyerɛkyerɛ yi fi nyaatwomfo atorofo a wɔyɛ adwenwuifo sɛ dade a wɔato wɔ ogya mu no. \v 3 Saa nnipa no kyerɛkyerɛ se enye sɛ obi ware, na nnuan bi nso wɔ hɔ a enye sɛ onipa di. Nanso Onyankopɔn bɔɔ saa nnuan no sɛ, sɛ agyidifo a wɔahu nokware no nsa ka na wɔbɔ so mpae a, wotumi di. \v 4 Biribiara a Onyankopɔn abɔ no ye. Ɛnsɛ sɛ wɔpo biribiara, na mmom ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae gu ne nyinaa so. \v 5 Efisɛ Onyankopɔn asɛm no ne mpaebɔ tew ho. \p \v 6 Sɛ woma anuanom no saa nkyerɛkyerɛ yi a, na ɛkyerɛ sɛ woyɛ Kristo somfo pa a wɔnam nokware ne gyidi ne nkyerɛkyerɛ pa so atetew wo. \v 7 Nsɛe wo bere wɔ gyidihuu nsɛm ne mmerewa anansesɛm ho. Bɔ onyamesompa ho mmɔden. \v 8 Ɛwɔ mu sɛ ɔhonam mu mmɔdemmɔ ho hia de, nanso honhom mu mmɔdemmɔ ho hia wɔ akwan nyinaa mu, efisɛ ɛhyɛ yɛn nnɛ asetena ne daakye asetena ho bɔ. \v 9 Eyi yɛ nokwasɛm a ɛsɛ sɛ wogye to mu na wogye di. \v 10 Ɛno nti na ɛsɛ sɛ yɛpere na yɛyɛ adwuma dennen, efisɛ yɛde yɛn anidaso ahyɛ Onyankopɔn teasefo a ɔyɛ nnipa nyinaa Agyenkwa no mu, ne titiriw wɔn a wogye asɛm no di no. \p \v 11 Eyinom na ɛsɛ sɛ moka ho asɛm wɔ mo nkyerɛkyerɛ no mu. \v 12 Mma obiara ho kwan mma ɔmmfa wo sɛ wunnyinii nti obebu wo abomfiaa. Wo kasa mu, wo suban mu, wo dɔ mu, wo gyidi mu ne wo kronkronyɛ mu no, ɛsɛ sɛ woyɛ nhwɛso pa. \v 13 Nya adagyew kenkan Kyerɛwsɛm no na ka Asɛmpa no na kyerɛkyerɛ ansa na maba. \s1 Fa Wo Dom Akyɛde Som \p \v 14 Nnyaa honhom mu akyɛde a mpanyimfo nam nkɔmhyɛ so de wɔn nsa guu wo so a wunyaa no mu. \v 15 So saa nneɛma no mu yiye. Fa wo ho nyinaa ma wɔn, sɛnea ɛbɛma obiara ahu wo nkɔso. \v 16 Hwɛ wo ho so yiye na hwɛ wo nkyerɛkyerɛ nso so. Kɔ so yɛ saa nneɛma yi nyinaa, efisɛ sɛ woyɛ saa a, wubegye wo ho ne wɔn a wotie wo no nkwa. \c 5 \p \v 1 Nka akwakoraa anim, na mmom hyɛ no nkuran sɛnea wobɛyɛ ama wʼagya. Sɛnea wobɛyɛ wo nuabarima no saa ara na fa yɛ mmabun, \v 2 yɛ mmea mpanyimfo sɛ wo nanom, na mmabaa nso, fa wɔn sɛ wo nuabeanom wɔ kronkronyɛ mu. \p \v 3 Ma wʼani nku mmea akunafo a wonni ahwɛfo ho. \v 4 Sɛ okunafo bi wɔ mma anaa nananom a, nea edi kan no ɛsɛ sɛ wɔfa nyamesom pa so de som wɔn abusua de tua wɔn awofo ne wɔn nenanom ka, efisɛ sɛ wɔyɛ saa a na ɛsɔ Onyankopɔn ani. \v 5 Ɔbea a ɔyɛ okunafo ampa ara no a onni obi a ɔhwɛ no no de nʼanidaso nyinaa ahyɛ Onyankopɔn mu, enti ɔkɔ so bɔ mpae srɛ ne mmoa anadwo ne awia. \v 6 Nanso sɛ okunafo bi de ne ho ma wiase a, na ɔyɛ teaseawu. \v 7 Ka saa mmara yi kyerɛ wɔn na obi annya wo ho mfomso. \v 8 Na sɛ obi nhwɛ ne fifo, ne titiriw no, ɔno ara nʼabusuafo a, na wabu ne gyidi so. Sɛ ɛba saa a, ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni no. \p \v 9 Mfa okunafo biara a onni mmoroo mfe aduosia no din nka akunafo din ho. Asɛm a ɛka ho ne sɛ, ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a wadi ne kunu nokware, \v 10 na afei wagye din wɔ nneyɛe pa ho. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔbea a watetew ne mma yiye na ogyee ahɔho wɔ ne fi na ɔhohoroo Awurade nkurɔfo anan ase na ɔboaa ahokyerefo na ɔde ne ho maa nnwuma pa ahorow nyinaa. \p \v 11 Mfa akunafo nkumaa no din nka wɔn ho. Efisɛ sɛ ɛba sɛ wɔpɛ sɛ wɔsan ware a, wɔtew wɔn ho fi Kristo ho \v 12 na ɛma wodi fɔ sɛ wɔabu wɔn bɔhyɛ a edi kan no so. \v 13 Ɛno akyi, wɔsɛe wɔn bere kɔ afi mu na nea enye koraa ne sɛ wodi nseku yɛ pɛrepɛre, ka nsɛm a anka ɛnsɛ sɛ wɔka. \v 14 Enti me pɛ ne sɛ, akunafo nkumaa no bɛware, awo mma na wɔahwɛ wɔn afi sɛnea ɛbɛyɛ a atamfo nnya wɔn ho kwan nka nsɛm ntia wɔn. \v 15 Akunafo bi de wɔn ho ama ɔbonsam dedaw. \p \v 16 Sɛ ɔbea gyidini bi wɔ akunafo wɔ nʼabusua mu a, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wɔn yiye na wɔamfa adesoa bi ammɛto asafo no so na asafo no atumi ahwɛ akunafo a aka wɔn nko no. \s1 Wɔnhwɛ Asɛmpaka Yiye \p \v 17 Mpanyimfo a wɔhwɛ asafo no so yiye no, ɛsɛ sɛ wodwen wɔn ho na wɔde nidi mmɔho ma wɔn; ne titiriw no wɔn a wɔka asɛm no na wɔsan kyerɛkyerɛ nso. \v 18 Efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se, “Nkyekyere nantwi a osiw aburow no ano!” Bio, “Odwumayɛni akatua fata no!” \v 19 Ntie asɛmmɔne a obi ka to ɔpanyin bi so no, gye sɛ nnansefo baanu anaa baasa de saa asɛm no bɛto wʼanim. \v 20 Wɔn a wɔyɛ bɔne nyinaa no, ka wɔn anim wɔ bagua mu na abɔ afoforo hu. \v 21 Migyina Onyankopɔn ne Kristo Yesu ne abɔfo kronkron anim ka se, di saa mmara a mahyɛ wo yi nyinaa so a nhwɛanim biara nni mu. \p \v 22 Ntutu mmirika mfa wo nsa ngu obi so wɔ Awurade dwumadi no mu. Twe wo ho fi bɔne a afoforo yɛ ho. Yɛ kronn. \p \v 23 Nnom nsu nko ara, na mmom wo yafunu ne wo yare a wotaa yare nti, ɛyɛ a nom bobesa kakraa bi. \p \v 24 Nnipa bi bɔne a wɔyɛ no da adi pefee na saa bɔne no di wɔn anim de wɔn kɔ atemmu mu, nanso afoforo bi wɔ hɔ a wɔn bɔne da adi akyiri no. \v 25 Saa ara nso na nneyɛe payɛ no da adi pefee. Na nea ɛnna adi pefee no mpo ntumi nhintaw. \c 6 \s1 Adwuma Ne Sika \p \v 1 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ asomfo no nyinaa de nidi ma wɔn wuranom sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mu bi nkasa ntia Onyankopɔn ne yɛn nkyerɛkyerɛ. \v 2 Ɛnsɛ sɛ asomfo bu wɔn wuranom a wɔyɛ agyidifo no abomfiaa sɛ wɔyɛ anuanom nti. Mmom ɛsɛ sɛ wɔsom wɔn yiye, efisɛ wɔn som no so wɔ mfaso ma agyidifo ne adɔfo bebree. \v 3 Ɛsɛ sɛ mokyerɛkyerɛ na moka eyinom nyinaa. Obiara a ɔbɛma nkyerɛkyerɛ foforo na ɔnka nokware a ɛfa yɛn Awurade Yesu Kristo ne yɛn nyamesom ho no \v 4 yɛ ɔhantanni a onnim hwee. Ɔyɛ obi a ofi adwemmɔne mu gye akyinnye na ɔka nsɛm a ɛde anibere, akasakasa, kasafi, nnipa ho adwemmɔne \v 5 ne mansotwe a efi adwene a emu nnɔ na nokware nni mu mu ba. Wodwen sɛ nyamesom yɛ ɔkwan bi a wɔfa so pɛ sika. \p \v 6 Onyamesom pa a abodwo wɔ mu yɛ adenya kɛse. \v 7 Yɛamfa hwee amma wiase. Saa ara nso na yɛremfa hwee nkɔ. \v 8 Ɛno nti sɛ yɛwɔ aduan ne ntama a, ɛno nko dɔɔso ma yɛn. \v 9 Wɔn a wɔpɛ sɛ wonya wɔn ho no kɔtɔ sɔhwɛ mu na ɛdan ɔhaw ma wɔn ma ɛtwe wɔn kɔ ɔsɛe mu. \v 10 Na sikanibere yɛ bɔne nyinaa ntin. Nnipa bi de sikanibere asi wɔn ani so denneennen nam so ama wɔapa wɔn gyidi ama awerɛhow ahyɛ wɔn koma ma. \p \v 11 Enti wo a woyɛ Onyankopɔn nipa no, twe wo ho fi eyinom nyinaa ho. Di trenee, Onyamesom pa, gyidi, ɔdɔ, boasetɔ ne odwo akyi. \v 12 Bɔ gyidi mu mmirikatu no ho mmɔden na pere nya nkwa a enni awiei no ma wo ho, efisɛ saa abrabɔ yi nti na bere a wodaa wo gyidi adi wɔ nnansefo bebree anim no, Onyankopɔn frɛɛ wo. \v 13 Meka no Onyankopɔn a ɔma nneɛma nyinaa nkwa no ne Kristo Yesu a ɔkaa nokware wɔ Pontio Pilato anim no hyɛ wo sɛ, \v 14 tie mmara a mahyɛ ama wo no na di so pɛpɛɛpɛ kosi da a Yesu Kristo bɛba. \v 15 Onyankopɔn a wɔahyira no na ne nkutoo di Hene, Ahene mu Hene ne Awura mu Awurade no bɛma no aba bere a ɛsɛ mu. \v 16 Ɔno nko na ɔwɔ hɔ daa, na ɔte hann a obi ntumi mmɛn ho mu. Obiara nhuu no da na obiara nso rentumi nhu no da. Ɔno na nidi ne tumi a enni awiei wɔ no. Amen. \p \v 17 Bɔ wiase yi mu ahonyafo kɔkɔ se wɔmmfa wɔn ahonya nhoahoa wɔn ho, na wɔmmfa wɔn anidaso nso nhyɛ adehunu te sɛ ahonya mu, na mmom wɔmfa wɔn ho nto Onyankopɔn a ɔnam nʼadɔe so maa yɛn asetena mu nneɛma pa nyinaa no so. \v 18 Hyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ papa na wɔnyɛ adefo wɔ nnwuma payɛ mu. Wɔnyɛ ayamye na wɔne afoforo nkyɛ nea wɔwɔ. \v 19 Sɛ wɔyɛ saa a, wɔbɛto fapem pa ama wɔn daakye. Na wɔnam so anya asetena pa. \p \v 20 Timoteo, hwɛ nea wɔde ahyɛ wo nsa no so yiye. Twe wo ho fi ahuhusɛm ne akyinnyehunu a wɔnam atoro so frɛ no “Nimdeɛ” no ho. \v 21 Nnipa bi gye to mu sɛ wɔwɔ saa nimdeɛ no nam so ahwere gyidi kwan no. \b \b \p Onyankopɔn adom nka mo.