\id 1TH - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h 1 Tesalonikafo \toc1 Paulo Nhoma A Edi Kan A Ɔkyerɛw Kɔmaa Tesalonikafo \toc2 1 Tesalonikafo \toc3 1 Te \mt2 Paulo Nhoma A Edi Kan A \mt2 Ɔkyerɛw Kɔmaa \mt1 Tesalonikafo \c 1 \p \v 1 Saa nhoma yi fi Paulo, Silas ne Timoteo nkyɛn, \b \p Wɔde kɔma Tesalonika asafo a wɔyɛ Agya Onyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo mma no: \b \p Adom ne asomdwoe nka mo. \b \s1 Aseda \p \v 2 Daa yɛda Onyankopɔn ase ma mo, na yɛkae mo wɔ yɛn mpaebɔ mu nso. \v 3 Efisɛ yɛkae mo gyidi a mode di dwuma, mo dɔ a ɛma mutumi de nsi yɛ adwuma ne mo anidaso dennen a mowɔ wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo mu no wɔ yɛn Nyankopɔn ne Agya no anim. \p \v 4 Anuanom, yenim sɛ Onyankopɔn dɔ mo nti na wayi mo sɛ ɔno ankasa ne de no. \v 5 Sɛ yɛbɛkaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo a, ɛnyɛ nsɛm bi kwa, na mmom yegyina tumi ne Honhom Kronkron ne mu nokware mu gyidi so. Munim nnipa ko a na yɛyɛ ɛne sɛnea yɛboaa mo fae. \v 6 Musuasuaa yɛn ne Awurade; ɛwɔ mu sɛ muhuu amane de, nanso mode anigye a efi Honhom Kronkron no mu gyee asɛm no. \v 7 Ɛnam so ma mobɛyɛɛ nhwɛso maa agyidifo a wɔwɔ Makedonia ne Hela nyinaa. \v 8 Nsɛm a moka faa Awurade ho no ankɔ Makedonia ne Hela nko, na mmom gyidi a mowɔ wɔ Onyankopɔn mu no ho asɛm adu baabiara. Asɛm biara nni hɔ a ɛsɛ sɛ yɛka bio. \v 9 Obiara kamfo sɛnea mugyee yɛn ne sɛnea motwee mo ho fii abosom ho kɔsom nokware Nyankopɔn a ɔte ase daa no, \v 10 na motwɛn ne Ba a ofi ɔsoro no; Yesu a onyan no fii awufo mu a ogye yɛn fi Onyankopɔn abufuw a ɛreba no mu no. \c 2 \s1 Paulo Adwumayɛ Wɔ Tesalonika \p \v 1 Anuanom, mo ankasa munim sɛ sra a yɛbɛsraa mo no anyɛ ɔkwa. \v 2 Munim ayayade a wɔyɛɛ yɛn ne ɔyaw a wɔyaw yɛn wɔ Filipi ansa na yɛreba mo nkyɛn wɔ Tesalonika no. Ɛwɔ mu sɛ na nnipa bi tia yɛn de, nanso yɛn Nyankopɔn hyɛɛ yɛn den ma yɛkaa Asɛmpa a efi ne mu no. \v 3 Asɛmpa a yɛka kyerɛɛ mo no mfi adwemmɔne anaa nnaadaa mu, na mmom, nea yɛkae no yɛ nokware turodoo. \v 4 Daa yɛka nokware, sɛnea Onyankopɔn hwehwɛ yɛn sɛ yɛnka no, efisɛ ɔpene so na ɔde Asɛmpa no nso ama yɛn sɛ yɛnka. Yɛmpɛ sɛ yɛsɔ nnipa ani, na mmom Onyankopɔn a ɔsɔ yɛn adwene hwɛ no ani na yɛpɛ sɛ yɛsɔ. \v 5 Munim pefee sɛ yɛamma ha sɛ yɛrebɛka nnaadaasɛm akyerɛ mo anaasɛ yɛde sikanibere rebɛkata yɛn ani akasa. Onyankopɔn ne yɛn danseni. \v 6 Sɛ moyɛ Kristo asomafo no nti, anka yɛwɔ ho kwan sɛ yɛpɛ anuonyam fi mo nkyɛn, nanso yemmisaa anuonyam mfii mo anaasɛ onipa foforo bi nkyɛn ɛ. \v 7 Yɛwɔ mo nkyɛn no, na yɛne mo te odwo so, sɛnea ɔbeatan kokɔ ne mma. \v 8 Yɛhwɛɛ mo yiye, nyaa mo ho anigye sononko; mpo yɛdaa yɛn ho so sɛ yɛde yɛn nkwa bɛto hɔ ama mo, bere a yɛde Onyankopɔn Asɛmpa no brɛɛ mo no. \v 9 Anuanom, minim sɛ mokae adwuma a yɛyɛɛ ne brɛ a yɛbrɛe. Yɛyɛɛ adwuma awia ne anadwo; sɛnea Onyankopɔn Asɛmpa no ka na yɛka kyerɛɛ mo no, yɛremfa ɔhaw bi mmɛto mo so. \v 10 Mo ne Onyankopɔn yɛ yɛn nnansefo. Yɛn suban a yɛdaa no adi kyerɛɛ mo a mugyee Asɛmpa no dii no yɛ kronkron a eye na mfomso biara nni ho. \v 11 Mo ara munim sɛ yɛne mo tenaa sɛnea agya ne nʼankasa mma tena. \v 12 Yɛhyɛɛ mo nkuran; yɛkyekyee mo werɛ na yɛkɔɔ so tuu mo fo sɛ montena ase wɔ ɔkwan a ɛsɔ Onyankopɔn a ɔfrɛ mo wɔ nʼahenni ne nʼanuonyam mu no so. \p \v 13 Daa yɛbɛda Onyankopɔn ase wɔ saa asɛm yi ho. Bere a yɛkaa Onyankopɔn asɛm kyerɛɛ mo no, mutie gye dii sɛ ɛnyɛ asɛm a efi onipa nkyɛn, na mmom ampa ara sɛ efi Onyankopɔn nkyɛn. Mo a moagye adi no Onyankopɔn yɛ adwuma wɔ mo mu. \v 14 Anuanom, nsɛm a ɛtotoo Onyankopɔn asafo a na ɛwowɔ Yudea ne nnipa a wɔwɔ hɔ a na wɔyɛ Kristo Yesu nkurɔfo no bi ara na ato mo yi. Ɔtaa a mo ara mo manfo taa mo no bi na Yudafo a \v 15 wokum Awurade Yesu ne adiyifo no de taa yɛn nso. Onyankopɔn ani nsɔ wɔn, na wɔne nnipa di asi bere biara. \v 16 Wɔbɔ mmɔden sɛ wobesiw yɛn kwan, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛrentumi nkɔka asɛm a ɛbɛma amanamanmufo no nkwagye nkyerɛ wɔn. Eyi maa wɔn bɔne kɔɔ so daa. Na Onyankopɔn abufuw wɔ wɔn so. \s1 Paulo Pɛ Sɛ Ɔkɔsra Wɔn Bio \p \v 17 Anuanom, yɛantumi amma mo nkyɛn wɔ bere tiaa bi mu, nanso bere biara na yɛdwene mo ho. Yɛpɛɛ sɛ yehu mo, na yɛbɔɔ mmɔden biara sɛ yebehyia mo ankasa. \v 18 Yɛpɛɛ sɛ yɛbɛsan aba mo nkyɛn. Me Paulo de, na mepɛ sɛ meba hɔ boro pɛnkoro nanso ɔbonsam siw yɛn ho kwan. \v 19 Nanso dɛn ne yɛn anidaso, anigye, anaa ahenkyɛw a ɛbɛma yɛn anuonyam wɔ Awurade Yesu anim bere a ɔbɛsan aba no? Ɛnyɛ mo ana? \v 20 Nokware ni, yɛn ahohoahoa ne yɛn ahosɛpɛw gyina mo so. \c 3 \s1 Asɛmpa A Efi Timoteo Nkyɛn \p \v 1 Akyiri yi a yehuu sɛ yɛyɛ ho hwee a ɛnyɛ yie no, yɛyɛɛ yɛn adwene sɛ yɛbɛtena Atene. \v 2 Enti yɛsomaa yɛn nua Timoteo a yɛne no yɛ Onyankopɔn adwuma no sɛ ɔnkɔka Asɛmpa a ɛfa Kristo ho mfa mmoa nhyɛ mo gyidi den, \v 3 sɛnea ɛbɛyɛ a ɔtaa no nti mo mu biara remmɔ hu. Mo ara munim sɛ saa ɔtaa no yɛ Onyankopɔn pɛ a wahyehyɛ ama yɛn. \v 4 Bere a na yɛne mo wɔ hɔ no, yedii kan ka kyerɛɛ mo se wɔbɛtaa yɛn; na sɛnea munim no na aba mu saa pɛpɛɛpɛ no. \v 5 Eyi nti esiane sɛ na asɛm no hyɛ me so nti, mesomaa Timoteo se ɔmmɛhwɛ sɛnea mo gyidi te. Mewɔ anidaso sɛ ɔbonsam ansɔ mo anhwɛ amma dwuma a yɛadi no nyinaa anyɛ ɔkwa. \p \v 6 Afei, Timoteo afi mo nkyɛn aba yɛn nkyɛn abɛka anigyesɛm a ɛfa mo gyidi ne mo dɔ ho asɛm akyerɛ yɛn. Waka akyerɛ yɛn se, daa modwene yɛn ho adwene pa na mopɛ sɛ muhu yɛn, sɛnea yɛn nso yɛpɛ sɛ yehu mo no ara pɛ. \v 7 Enti yɛn haw ne yɛn amanehunu no mu no, moahyɛ yɛn nkuran, \v 8 efisɛ sɛ mugyina pintinn wɔ Awurade mu a, na ɛma yɛn nso yetumi gyina biribiara ano wɔ yɛn asetena mu. \v 9 Ɛsɛ sɛ yɛda Onyankopɔn ase ma mo. Mo nti, yɛda Onyankopɔn ase sɛ moama yɛn ho asɛpɛw yɛn wɔ nʼanim. \v 10 Daa awia ne anadwo, yefi yɛn koma nyinaa mu srɛ no sɛ, ɔmma yɛne mo nhyia na yɛmma mo nea ehia mo wɔ mo gyidi mu. \p \v 11 Ɔno ara yɛn Nyankopɔn ne Agya no ankasa ne yɛn Awurade Yesu Kristo nsiesie ɔkwan na yɛmmra mo nkyɛn. \v 12 Awurade mma mo dɔ mu nyɛ den mmoro so wɔ mo ho mo ho ne afoforo mu, sɛnea yɛn nso yɛdɔ mo no. \v 13 Mebɔ mpae sɛ Awurade ne ne nkurɔfo nyinaa ba a, ɔbɛma mo koma mu ayɛ kronkron a nkekae biara nni mu wɔ Agya Nyankopɔn anim. \c 4 \s1 Asetena A Ɛsɔ Onyankopɔn Ani \p \v 1 Anuanom, asɛm a etwa to ne sɛ musuaa ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ mofa so tena ase a ɛbɛsɔ Onyankopɔn ani. Na saa pɛpɛɛpɛ na morebɔ mo bra. Enti yɛde yɛn Awurade Yesu din srɛ, hyɛ mo sɛ monyɛ mma ɛmmoro nea moreyɛ mprempren no so. \v 2 Munim nkyerɛkyerɛ a esiane Awurade Yesu tumi nti, yetumi kyerɛkyerɛɛ mo. \p \v 3 Eyi yɛ Onyankopɔn pɛ a ɔwɔ ma mo. Ɔpɛ sɛ moyɛ kronkron na motwe mo ho fi aguamammɔ ho. \v 4 Ɛsɛ sɛ musua sɛnea mohyɛ mo ho so na obiara atumi ne ne yere atena wɔ kronkronyɛ ne anuonyam mu. \v 5 Monntena ase akɔnnɔ anibere so te sɛ abosonsomfo a wonnim Onyankopɔn no. \v 6 Onyankopɔn akyide no bi nso ne sɛ, ɛnsɛ sɛ mo mu biara sisi ne yɔnko, efisɛ sɛ obi yɛ saa a, Onyankopɔn bɛtwe nʼaso denneennen sɛnea yɛadi kan abɔ mo kɔkɔ no. \v 7 Onyankopɔn amfrɛ yɛn se yɛmmɛbɔ aguaman, na mmom ɔfrɛɛ yɛn se yɛntena ase ahotew mu. \v 8 Ɛno nti, obiara a ɔbɛpo saa nkyerɛkyerɛ yi no mpo onipa, na mmom ɔpo Onyankopɔn a ɔma mo ne Honhom Kronkron no. \p \v 9 Ɛho nhia sɛ mɛkyerɛw mo afa ɔdɔ a ɛsɛ sɛ modɔ mo nuanom asuafo no ho. Onyankopɔn akyerɛ mo ankasa ɔkwan a ɛsɛ sɛ mofa so dodɔ mo ho mo ho. \v 10 Na moada saa ɔdɔ no adi pɛpɛɛpɛ akyerɛ anuanom a wɔwɔ Makedonia no nyinaa. Nanso anuanom, yɛsrɛ mo sɛ monkɔ so nnodɔ mo ho mo ho mma ɛmmoro saa. \v 11 Momma ɛnyɛ mo botae sɛ mobɛtena ase dinn na moahwɛ so adi mo dwuma de abɔ mo ho akɔnhama sɛnea yɛaka akyerɛ mo dedaw no. \v 12 Sɛ moyɛ saa a ɛbɛma wɔn a wɔnyɛ asuafo no afɛre mo na moremmisa nea ehia mo nso mfi obiara nkyɛn. \s1 Awurade Ba No \p \v 13 Anuanom, yɛpɛ sɛ yɛka nokware a ɛfa wɔn a wɔawuwu no ho kyerɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ a morenni ho awerɛhow te sɛ wɔn a wonni anidaso no. \v 14 Yegye di sɛ Yesu wui, na ɔsɔree bio. Enti sɛ Onyankopɔn de Yesu ba bio a, ɔde wɔn a wonyaa ne mu gyidi ansa na wɔrewu no bɛka ne ho aba. \v 15 Awurade nkyerɛkyerɛ a yɛreka akyerɛ mo no ne se, da a Awurade bɛba no, yɛn a yɛte ase yi renni awufo no anim kan. \v 16 Awurade no ankasa de ɔhyɛ a ano yɛ den, ɔbɔfo panyin nteɛmu ne Onyankopɔn torobɛnto nnyigye fi ɔsoro bɛba fam. Wɔn a wɔawuwu wɔ Kristo mu no bɛsɔre kan, \v 17 na wɔaboaboa yɛn a yɛte ase bere no ne wɔn a wɔasɔre no ano wɔ omununkum mu ahyia Awurade wɔ wim. Na saa na yɛne Awurade bɛtena daa. \v 18 Enti momfa saa asɛm yi nkyekye obiara werɛ. \c 5 \s1 Munsiesie Mo Ho Mma Awurade Ba No \p \v 1 Anuanom, ɛho nhia sɛ mɛkyerɛw akyerɛ mo nna ne bere a saa nsɛm yi besisi. \v 2 Efisɛ mo ankasa munim yiye sɛ da a Awurade bɛba no bɛyɛ sɛ ɔkorɔmfo a ɔreba anadwo. \v 3 Bere a nnipa bɛka se, “Biribiara yɛ asomdwoe” no, saa bere no na adesɛe bɛba wɔn so. Na wɔrentumi nguan. Ɛbɛyɛ te sɛ yaw a ɛba ɔpemfo a ɔrewo so no. \p \v 4 Nanso mo anuanom yi de, monte sum mu nti ɛnsɛ sɛ saa da no fu mo mu sɛ ɔkorɔmfo. \v 5 Mo nyinaa moyɛ hann ne adekyee mma. Yɛnyɛ anadwo ne sum mma. \v 6 Ɛno nti, ɛnsɛ sɛ yɛdeda sɛ afoforo no. Ɛsɛ sɛ yɛwɛn na yɛbrɛ yɛn ho ase. \v 7 Anadwo na nnipa da. Anadwo na nnipa bow nsa. \v 8 Nanso yɛyɛ adekyee mma nti, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ gyidi ne ɔdɔ nkatabo ne yɛn nkwagye anidaso sɛ dade kyɛw. \v 9 Onyankopɔn anyi yɛn sɛ yemmehu amane wɔ nʼabufuw ano, na mmom oyii yɛn sɛ yebenya nkwagye wɔ Awurade Yesu Kristo mu. \v 10 Kristo wu maa yɛn, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ yɛanyan oo, anaa sɛ yɛawu oo, yɛne no bɛtena ase wɔ nkwa mu. \v 11 Esiane saa nti, monhyɛ mo ho nkuran na mommoaboa mo ho mo ho sɛnea mugu so reyɛ yi. \s1 Afotu Ne Nkradi \p \v 12 Anuanom, yɛsrɛ mo sɛ momfa obu ne nidi mma wɔn a Awurade ayi wɔn sɛ wonni mo anim nkyerɛkyerɛ mo no. \v 13 Esiane adwuma a wɔyɛ no nti, mummu wɔn na monnɔ wɔn yiye. Montena ase asomdwoe mu. \v 14 Anuanom, yɛhyɛ mo sɛ monkasa nkyerɛ anihawfo, monka wɔn a wɔnyɛ hyew no hyew; mommoa wɔn a wɔyɛ mmerɛw; montɔ mo bo ase mma wɔn nyinaa. \v 15 Monhwɛ sɛ obi mmfa bɔne a obi ayɛ no no ho ka ntua no. Bere biara momma ɛnyɛ mo botae sɛ mobɛyɛ papa ama mo ho mo ho ne obiara. \p \v 16 Momma mo ani nnye da biara \v 17 na bere biara nso, mommɔ mpae; \v 18 biribiara mu, monna ase. Eyi na Onyankopɔn hwehwɛ afi mo nkyɛn wɔ Kristo Yesu mu. \p \v 19 Monnka Honhom Kronkron no nhyɛ; \v 20 munnsi adiyisɛm atwetwe. \v 21 Monsɔ biribiara nhwɛ; momfa nea eye. \v 22 Na munkyi bɔne biara. \p \v 23 Na ɔno asomdwoe Nyankopɔn no ara ntew mo ho koraa, na ɔnhwɛ mo honhom ne mo kra ne mo nipadua so a ɛho remma asɛm biara kosi sɛ yɛn Awurade Yesu Kristo bɛba. \v 24 Ɔnokwafo ne nea ɔfrɛɛ mo no, ɔno nso na ɔbɛyɛ. \b \b \p \v 25 Anuanom, mommɔ mpae mma yɛn. \b \p \v 26 Momfa mfewano kronkron nkyiakyia anuanom nyinaa. \b \p \v 27 Mehyɛ mo wɔ Awurade tumi mu se monkenkan saa nhoma yi nkyerɛ anuanom no nyinaa. \b \p \v 28 Yɛn Awurade Yesu Kristo adom nka mo.