\id 1SA - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h 1 Samuel \toc1 Samuel Nhoma A Edi Kan \toc2 1 Samuel \toc3 1 Sam \mt1 Samuel \mt2 Nhoma A Edi Kan \c 1 \s1 Samuel Awo \p \v 1 Na ɔbarima bi fi Ramataim-Sofim a ɛwɔ Efraim bepɔw asase so a ne din de Elkana. Na Elkana yi yɛ Yeroham babarima ne Elihu nena nso. Na wofi Tohu fi, a ɛwɔ Suf abusua mu. \v 2 Na Elkana wɔ yerenom baanu. Na wɔn din de Hana ne Penina. Na Penina wɔ mma. Hana de, na onni ba. \p \v 3 Afe biara, na Elkana ne nʼabusuafo kɔ Silo kɔsom, bɔ afɔre ma Asafo \nd Awurade\nd* wɔ \nd Awurade\nd* fi. Na Eli mmabarima baanu a wɔn din de Hofni ne Pinehas na wɔyɛ \nd Awurade\nd* asɔfo wɔ hɔ saa bere no. \v 4 Da biara a Elkana bɛba abɛbɔ afɔre no, ɔde nam no mu nkyɛmu bi ma ne yere Penina ne ne mma no mu biara. \v 5 Nanso Hana de, na ne kyɛfa yɛ sononko, efisɛ na ɔdɔ no yiye. \v 6 Nanso na \nd Awurade\nd* ato nʼawode mu nti, na Penina di ne ho fɛw. \v 7 Na saa asɛm yi kɔɔ so afe biara. Bere biara a wɔbɛkɔ \nd Awurade\nd* fi no, Penina bɔ Hana akutia. Na eyi ma Hana su na onnidi mpo. \v 8 Ɛba saa a, ne kunu Elkana bisa no se, “Hana, adɛn na woresu? Adɛn nti na wunnidi? Adɛn nti na wo werɛ ahow? So mensom bo mma wo nsen sɛ anka wowɔ mmabarima du mpo?” \s1 Hana Bɔ Mpae Sɛ Ɔpɛ Ɔba \p \v 9 Da koro bi a na wɔwɔ Silo no, Hana fii adi anwummere bi a wɔadidi awie sɛ ɔrekɔ \nd Awurade\nd* fi akɔbɔ mpae. Na ɔsɔfo Eli te baabi a ɔtena daa wɔ \nd Awurade\nd* fi pon ano hɔ. \v 10 Hana fi awerɛhow a ano yɛ den mu sui, bere a na ɔrebɔ \nd Awurade\nd* mpae. \v 11 Na ɔhyɛɛ bɔ se, “Ao Asafo \nd Awurade\nd*, sɛ wobɛhwɛ wo somfo awerɛhowdi so, na woatie me mpaebɔ ama me ɔbabarima a, ɛno de mede no bɛsan ama wo. Ne nna a obedi nyinaa ɔbɛyɛ wo de. Nea ɛbɛyɛ adansedi sɛ wɔde no ama \nd Awurade\nd* ne sɛ wɔremfa oyiwan nka ne ti da.” \p \v 12 Ogu so rebɔ mpae no, na Eli hwɛ no. \v 13 Ohuu sɛ ɔrebesebese nʼano, nanso ɔnte nne biara no, Eli susuw sɛ wanom nsa. \v 14 Obisaa no se, “Ɛsɛ sɛ woba ha bere a woabow nsa ana? Ma wʼani nna hɔ!” \p \v 15 Na Hana buae se, “Dabi, me wura, memmow nsa, na mmom, me werɛ na ahow nti na mereka mʼahiasɛm akyerɛ \nd Awurade\nd*. \v 16 Mesrɛ wo, mfa no sɛ meyɛ ɔbea omumɔyɛfo. Na anibere ne awerɛhow so na merebɔ mpae.” \p \v 17 Eli buae se, “Fa asomdwoe kɔ! Israel Nyankopɔn nyɛ wʼabisade mma wo.” \p \v 18 Hana teɛ mu se, “Ma wʼafenaa nya wʼanim anuonyam a, awura” Ɔsan kɔ kodidii, na wanni awerɛhow bio. \s1 Wɔwo Samuel De No Ma Onyankopɔn \p \v 19 Ade kyee anɔpahema no, ofi no mu nnipa sɔre kɔsom \nd Awurade\nd* bio. Afei, wɔsan kɔɔ Rama. Bere a Elkana de ne ho kaa Hana no, \nd Awurade\nd* kaee Hana adebisa no, \v 20 na anni da bi, ɔwoo ɔbabarima. Ɔtoo no din Samuel na ɔkae se, “Mibisaa no fii \nd Awurade\nd* nkyɛn.” \p \v 21 Afe akyi no, Elkana, Penina, ne wɔn mma kɔɔ sɛ wɔrekɔbɔ afirihyia afɔre ama \nd Awurade\nd*. \v 22 Hana ankɔ bi. Ɔka kyerɛɛ ne kunu se, “Sɛ abofra no twa nufu a, mede no bɛkɔ \nd Awurade\nd* fi na makogyaw no wɔ hɔ ama \nd Awurade\nd* afebɔɔ.” \p \v 23 Elkana kae se, “Nea wugye di sɛ eye ma wo biara no, yɛ. Tena ha ansa; na \nd Awurade\nd* mmoa wo mma wunni wo bɔhyɛ so.” Enti ɔbea no tenaa fie hwɛɛ ne babarima no. \p \v 24 Otwaa no nufu wiei no, ɔde no kɔɔ \nd Awurade\nd* asɔre fi wɔ Silo. Wɔde nantwinini a wadi mfe abiɛsa ne esiam lita dunsia ne bobesa kakra bae. \v 25 Wɔde nantwinini no bɔɔ afɔre wiee no, wɔde abofra no brɛɛ Eli. \v 26 Hana kae se, “Owura mesrɛ wo. Sɛ wote ase yi, mene ɔbea a obegyinaa wo ho bɔɔ \nd Awurade\nd* mpae no. \v 27 Mebɔɔ saa abofra yi ho mpae, na \nd Awurade\nd* ayɛ mʼabisade ama me. \v 28 Enti mprempren, mede abofra yi rema \nd Awurade\nd*. Ne nkwa nna nyinaa, ɔbɛyɛ \nd Awurade\nd* dea.” Na ɔsom \nd Awurade\nd* wɔ hɔ. \c 2 \s1 Hana Ayeyi Mpaebɔ \p \v 1 Na Hana bɔɔ mpae se, \q1 “Me koma di ahurusi wɔ \nd Awurade\nd* mu! \q2 \nd Awurade\nd* mu na wɔma mʼabɛn so. \q1 Afei, manya mmuae ama mʼatamfo, \q2 na mʼani gye wɔ wo gye no ho. \b \q1 \v 2 “Obiara nyɛ kronkron sɛ \nd Awurade\nd*! \q2 Obi bi nnka wo ho; \q2 Ɔbotan bi nni hɔ sɛ yɛn Nyankopɔn. \b \q1 \v 3 “Nkɔ so nkasa ahomaso so \q2 anaa nka ahantan kasa, \q1 efisɛ \nd Awurade\nd* yɛ Onyankopɔn a onim, \q2 na wɔfa ne so kari nneyɛe. \b \q1 \v 4 “Wɔabubu akofo mpeaw, \q2 na wɔama wɔn a wohintihintiw no ahoɔden. Afei, wɔayɛ den. \q1 \v 5 Wɔn a na wodidi mee pintinn no afei, ɔkɔm rekum wɔn. \q2 Na wɔn a ɔkɔm rekum wɔn no nso afei, wɔamee pintinn. \q1 Afei, obonin wɔ mma baason. \q2 Na ɔbea a na ɔwɔ mma pii no, mma bɛbɔ no. \b \q1 \v 6 “\nd Awurade\nd* de nkwa ne owu nyinaa ba; \q2 Ɔka bi hyɛ ɔda mu, na onyan ebinom. \q1 \v 7 \nd Awurade\nd* yɛ obi ohiani na wayɛ obi ɔdefo; \q2 ɔbrɛ obi ase na wapagyaw obi. \q1 \v 8 Ɔpagyaw ohiani fi mfutuma mu \q2 Yiw, oyi no fi nsosiw mu! \q1 Ɔyɛ wɔn sɛ mmapɔmma, \q2 de wɔn tena anuonyam ahengua so. \b \q1 “Efisɛ asase fapem yɛ \nd Awurade\nd* de, \q1 na watoto wiase sɛnea ɛsɛ. \q1 \v 9 Ɔbɛbɔ onyamesurofo ho ban, \q2 na amumɔyɛfo bɛyera esum mu. \b \q1 “Sɛ ahoɔden mu nko de a, obiara renni nkonim. \q2 \v 10 Wɔn a wɔko tia \nd Awurade\nd* no, ɔbɛdwerɛw wɔn. \q1 Ɔpae aprannaa fi wim gu wɔn so; \q2 \nd Awurade\nd* bu atɛn wɔ asase so baabiara. \b \q1 “Ɔma ne hempɔn ahoɔden kɛse; \q2 nea wasra no no, ɔhyɛ nʼahoɔden mu den.” \p \v 11 Afei, Elkana ne Hana gyaw Samuel hɔ ma wɔkɔɔ fie wɔ Rama. Na abarimaa no bɛyɛɛ \nd Awurade\nd* somfo wɔ ɔsɔfo Eli nan ase. \s1 Eli Mmabarima Amumɔyɛfo \p \v 12 Na Eli mmabarima no yɛ asansafo a wɔmfɛre \nd Awurade\nd*, \v 13 anaa wɔn asɔfodwuma. Bere biara a obi bɛba abɛbɔ afɔre na wɔrenoa nam no, Eli mma no soma ɔsomfo de adinam a ɛwɔ ano abiɛsa ba. Bere a nam no si gya so no, \v 14 ɔsomfo no de adinam no wɔ dadesɛn no mu. Na wɔhyɛ sɛ nea adinam no bɛwɔ mu no nyinaa yɛ Eli mma no de. Wɔde Israelfo a wɔba Silo hɔ nyinaa faa saa ɔkwan yi so. \v 15 Ɛtɔ da bi a, ansa na wɔbɛhyew srade\f + \fr 2.15 \fr*\ft Na mmara no ka se, ɛsɛ sɛ wɔhyew srade ne sradenam wɔ afɔremuka no so (\+xt 3 Mose 3.16; 4.8-10\+xt*).\ft*\f* no, ɔsɔfo no somfo ba bɛka kyerɛ onipa a ɔrebɔ afɔre no se, “Ma ɔsɔfo no nam no bi, na ɔntoto. Ɔmpɛ wo nam a woanoa, na mmom, nam amono nko ara.” \p \v 16 Onipa a ɔrebɔ afɔre no ka se, “Fa dodow biara a wopɛ, nanso srade no de, ɛsɛ sɛ wɔhyew ansa.” Ɛhɔ na ɔsomfo no bɛka se, “Dabi da, fa ma me mprempren ara, anyɛ saa a, mede me tumi bɛfa.” \p \v 17 Na saa bɔne a mmerante yi yɛ yi yɛ akyiwade wɔ \nd Awurade\nd* anim, efisɛ na wobu \nd Awurade\nd* afɔrebɔ no animtiaa. \p \v 18 Samuel de, ɛwɔ mu sɛ na ɔyɛ abarimaa de, nanso na ɔyɛ \nd Awurade\nd* somfo a wɔde nwera asɔfotade ahyɛ no te sɛ ɔsɔfo. \v 19 Afe biara a ne na ne ne kunu rekɔbɔ afirihyia afɔre no, na ne na pam batakari ketewaa bi de kɔma no. \v 20 Ansa na wɔbɛsan akɔ fie no, Eli hyira Elkana ne ne yere ka se, “\nd Awurade\nd* mma ɔbea yi nwo mma, na ommesi nea ɔbɔɔ ne ho mpae nyae a ɔde no maa \nd Awurade\nd* no anan mu.” \v 21 Na \nd Awurade\nd* maa Hana woo mmabarima baasa ne mmabea baanu. Na Samuel nyinii wɔ \nd Awurade\nd* anim. \p \v 22 Afei, Eli bɔɔ akwakoraa, nanso na onim nea ne mmabarima no de reyɛ Israelfo. Nhwɛso bi ne sɛ, na onim sɛ ne mmabarima no fa mmabaa a wɔboa ntamadan no ano adwumayɛ no. \v 23 Eli ka kyerɛɛ wɔn se, “Metete mo ho nsɛm fi ɔmanfo nkyɛn a ɛfa amumɔyɛsɛm a mudi no ho. Adɛn nti na mokɔ so yɛ bɔne? \v 24 Me mma, ɛsɛ sɛ mugyae! Mo ho nsɛm a metete fi \nd Awurade\nd* nkurɔfo nkyɛn no nye. \v 25 Sɛ obi yɛ bɔne tia ɔfoforo a, Onyankopɔn tumi gyina mu ma ɔfɔdifo no. Nanso sɛ obi yɛ bɔne tia \nd Awurade\nd* a, hena na obetumi agyina mu?” Eli mma no antie wɔn agya afotu no, na \nd Awurade\nd* nso reyɛ nʼadwene sɛ obekum wɔn. \p \v 26 Na abofra Samuel nyinii, na ɔkɔɔ so nyaa adom fii \nd Awurade\nd* ne ɔmanfo nkyɛn. \s1 Eli Abusuafo Kɔkɔbɔ \p \v 27 Da koro bi Onyankopɔn nipa bi baa Eli nkyɛn bɛkae se, “Sɛɛ na \nd Awurade\nd* se, ‘Manna me ho adi pefee ankyerɛ wʼagya fi bere a na wɔyɛ nkoa wɔ Misraim no ana? \v 28 Israel mmusuakuw no nyinaa mu no, Aaron na miyii no sɛ, ɔnyɛ me sɔfo a ɔbɛkɔ afɔremuka anim akɔhyew aduhuam, na wɔahyɛ asɔfotade wɔ mʼanim. Na mede afɔre a wɔbɔɔ no ogya so no nyinaa maa mo asɔfo no. \v 29 Adɛn nti na mutiatia me kum afɔre ne mʼaduan afɔre so? Adɛn nti na mubu mo mmabarima sen me? Moawe afɔrebɔde a me nkurɔfo Israelfo bɔ no mu kyɛfa a eye no, na monam so ayeyɛ akɛse!’ \p \v 30 “Enti asɛm a \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn ka ara ni: ‘Meremma nneɛma bɔne a moreyɛ yi nkɔ so! Mehyɛɛ bɔ sɛ wo Lewi abusuafo no bɛyɛ mʼasɔfo, nanso wɔn a wodi me ni no, medi wɔn ni; na wɔn a wobu me animtiaa no, mɛbɔ wɔn ahohora. \v 31 Mɛma mo fifo agyae mʼasɔfodi som no. Mpatuwu rempa mo fi da na mo mu biara rentena ase nni mfe mmee, \v 32 na mubehu awerɛhow wɔ me tenabea. Ɛwɔ mu, trenee bɛba Israel so, nanso obiara nni mo abusua mu a obenyin abɔ akwakoraa. \v 33 Wɔn a wɔbɛka no bɛtena ase awerɛhow ne ahoɔmmerɛw mu. Na mo asefo bɛtetew abun awuwu. \p \v 34 “ ‘Na sɛnea ɛbɛyɛ na wubehu sɛ nea maka no bɛba mu saa no nti, mɛma wo mmabarima baanu no, Hofni ne Pinehas no awuwu da koro mu. \v 35 Ɛno akyi masi ɔsɔfo foforo a ɔyɛ ɔnokwafo a ɔbɛsom me, na wayɛ nea mɛkyerɛ no sɛ ɔnyɛ biara. Mehyira nʼasefo, na ne fifo bɛyɛ ahene a mɛsra wɔn ngo no asefo akosi daa. \v 36 Na wʼasefo nyinaa bɛkotow nʼasefo, asrɛsrɛ wɔn sika ne aduan. Wɔbɛka se, “Mesrɛ mo, momma yɛn nnwuma bi nyɛ wɔ asɔfo no mu sɛnea ɛbɛma yɛanya aduan adi amee.” ’ ” \c 3 \s1 Awurade Frɛ Samuel \p \v 1 Abarimaa Samuel dii Eli nan ase, som \nd Awurade\nd*. Saa bere no na asɛm a wɔte fi \nd Awurade\nd* nkyɛn ne anisoadehu yɛ ade a ɛho yɛ na. \p \v 2 Anadwo bi, na Eli a nʼani reyɛ afura koraa no kɔdae nkyɛe koraa. \v 3 Na Onyankopɔn kanea no nnya nnumii. Saa bere no na Samuel da Ahyiae Ntamadan no mu baabi a ɛbɛn Onyankopɔn adaka no. \v 4 Prɛko pɛ, \nd Awurade\nd* frɛe se, “Samuel! Samuel!” \p Samuel buae se, “Mini.” \v 5 Na ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Mini; wofrɛɛ me.” \p Eli nso buaa no se, “Memfrɛɛ wo ɛ; san kɔda.” Enti ɔsan kɔdae. \p \v 6 \nd Awurade\nd* san frɛɛ bio se, “Samuel!” \p Bio, Samuel san yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Mini; wofrɛɛ me?” \p Eli buaa no se, “Me ba, memfrɛɛ wo ɛ; san kɔda.” \p \v 7 Na Samuel nnya nhuu \nd Awurade\nd*, efisɛ na \nd Awurade\nd* asɛm mmaa ne nkyɛn da. \p \v 8 \nd Awurade\nd* frɛɛ Samuel ne mprɛnsa so. Na Samuel yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli nkyɛn kɔkae se, “Mini; wofrɛɛ me.” \p Ɛhɔ na Eli huu sɛ ɛyɛ \nd Awurade\nd* na ɔrefrɛ abarimaa no. \v 9 Enti ɔka kyerɛɛ Samuel se, “Kɔ na kɔda bio, na sɛ wote sɛ obi refrɛ wo a, gye so se, ‘\nd Awurade\nd* kasa na wʼakoa retie.’ ” Enti Samuel kɔdaa bio. \p \v 10 Na \nd Awurade\nd* ba bɛfrɛɛ bio se, “Samuel! Samuel!” \p Na Samuel buae se, “\nd Awurade\nd* kasa na wʼakoa retie.” \p \v 11 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Samuel se, “Merebɛyɛ akomatu ade bi wɔ Israel. \v 12 Merebɛyɛ nea maka atia Eli ne nʼabusuafo no nyinaa. \v 13 Mabɔ no kɔkɔ mpɛn bebree sɛ, atemmu reba ɔne nʼabusuafo so, efisɛ ne mmabarima abɔ mmusu atia Onyankopɔn, nanso wankasa ankyerɛ wɔn. \v 14 Na maka ntam se, Eli ne ne mmabarima bɔne no, sɛ wɔbɔ okum afɔre anaa aduan afɔre koraa a, wɔremfa nkyɛ wɔn da.” \s1 Samuel Kasa Ma \nd Awurade\nd* \p \v 15 Samuel daa hɔ ara kosii sɛ ade kyee. Obuebuee ntamadan hɔ mfɛnsere sɛnea ɔtaa yɛ no. Na osuro sɛ ɔbɛka asɛm a \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ no no akyerɛ Eli. \v 16 Nanso Eli frɛɛ no se, “Samuel, me ba.” \p Samuel buae se, “Mini!” \p \v 17 Eli bisaa no se, “Asɛm bɛn na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ wo? Ka biribiara kyerɛ me. Sɛ wode biribiara sie me a, Onyankopɔn ntwe wʼaso.” \v 18 Enti Samuel kaa biribiara kyerɛɛ Eli a wamfa hwee anhintaw no. Eli ka sɔw so se, “Ɔne \nd Awurade\nd*; ma ɔnyɛ nea eye wɔ nʼani so.” \p \v 19 \nd Awurade\nd* kaa Samuel ho wɔ ne nyin mu, na biribiara a Samuel kae no, na ɛyɛ nyansasɛm a ɛboa. \v 20 Nnipa a wɔwɔ Israelman mu nyinaa, efi Dan asase wɔ atifi kosi anafo no, na wonim sɛ wɔahyɛ Samuel \nd Awurade\nd* diyifo. \v 21 \nd Awurade\nd* kɔɔ so daa ne ho adi wɔ Silo, na ɔnam nʼasɛm so daa ne ho adi kyerɛɛ Samuel wɔ ntamadan mu hɔ. \p Na Samuel asɛm baa Israelman mu nyinaa \c 4 \s1 Filistifo Fa Apam Adaka No \p \v 1 Saa bere no, na Israelfo ne Filistifo reko. Israelfo nsraadɔm kyeree nsraban wɔ Ebeneser, na Filistifo nso kyeree nsraban wɔ Afek. \v 2 Filistifo no tow hyɛɛ Israelfo nsraadɔm no so, dii wɔn so nkonim, na wokum nnipa mpem anan. \v 3 Ɔko no baa awiei, na Israel nsraadɔm no san kɔɔ wɔn nsraban mu hɔ no, Israel mpanyimfo no bisae se, “Adɛn nti na \nd Awurade\nd* ama yɛadi nkogu nnɛ yi wɔ Filistifo anim yi? Momma yɛnkɔfa \nd Awurade\nd* Apam Adaka no mfi Silo. Sɛ yɛde kɔ ɔsa a, ebegye yɛn afi yɛn atamfo nsam.” \p \v 4 Enti nnipa no somaa mmarima kɔɔ Silo, na wɔde Asafo \nd Awurade\nd* a ɔte kerubim ntam Apam Adaka no bae. Saa bere no na Eli mmabarima baanu Hofni ne Pinehas ka wɔn a wɔsoaa Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ akono hɔ no ho. \p \v 5 Bere a Israelfo no huu sɛ wɔde \nd Awurade\nd* Apam Adaka no reba nsraban no mu no, wɔn nyinaa bɔɔ ose maa asase wosowee. \v 6 Filistifo no bisae se, “Dɛn na ɛrekɔ so yi? Dɛn osebɔ na ɛwɔ Hebrifo nsraban mu hɔ yi?” \p Wɔtee sɛ \nd Awurade\nd* Apam Adaka no na abedu nsraban mu hɔ no, \v 7 wosuroe. Na wɔkae se, “Anyame no aba wɔn nsraban mu hɔ. Ɛno de, asɛm ato yɛn! Yenhyiaa asɛm a ɛte sɛɛ bi da. \v 8 Hena na obegye yɛn afi saa Israel anyame atumfo yi nsam? Wɔne anyame a wɔde owu ɔyare ahorow nyinaa bi sɛee Misraimfo, bere a Israelfo wɔ sare so hɔ no. \v 9 Monyere mo ho, Filistifo! Munnyina sɛ mmarima; anyɛ saa a, Hebrifo no bɛfa mo nkoa sɛnea wɔyɛɛ yɛn nkoa no.” \p \v 10 Enti Filistifo no koe anibere so, dii Israelfo no so bio. Wɔn a wokunkum wɔn no dɔɔso. Israelfo mpem aduasa na wokunkum wɔn da no. Wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu no guan kɔɔ wɔn ntamadan mu. \v 11 Wɔfaa Onyankopɔn Apam Adaka no, na wokunkum Eli mmabarima baanu no, Hofni ne Pinehas. \s1 Eli Wu \p \v 12 Da no ara, ɔbarima bi fi Benyamin abusua mu guan fii akono hɔ beduu Silo. Na watetew ne ntade mu, de mfutuma ahura ne ti mu, de kyerɛ nʼawerɛhow. \v 13 Na Eli retwɛn wɔ kwankyɛn baabi, pɛ sɛ ɔte ɔko no mu nsɛm, efisɛ na ne bo ntɔ ne yam koraa wɔ Onyankopɔn Apam Adaka no ho. Ɔbɔfo no ba bɛkaa asɛm a asi no, wɔtee nteɛteɛmu bi wɔ kurow no mu nyinaa. \v 14 Eli bisae se, “Saa nteɛteɛmu yi ase ne dɛn?” \p Ɔbɔfo no yɛɛ ntɛm kɔɔ Eli, \v 15 a na wadi mfe aduɔkron awotwe na nʼani afura no nkyɛn. \v 16 Ɔka kyerɛɛ Eli se, “Mprempren ara na mifi akono hɔ bae. Nnɛ yi ara, na mewɔ hɔ.” \p Eli bisae se, “Na ekosii dɛn?” \p \v 17 Ɔbɔfo no buae se, “Israelfo adi nkogu. Israel nsraadɔm no mpem mpem atotɔ wɔ akono hɔ. Afei, wo mmabarima baanu a ɛyɛ Hofni ne Pinehas no nso awuwu, na Onyankopɔn Apam Adaka no nso, wɔafa.” \p \v 18 Ɔbɔfo no kaa Onyankopɔn Apam Adaka no ho asɛm ara pɛ, Eli fi akongua a ɔte so mu wɔ abɔntenpon ho no te hwee nʼakyi. Ne kɔn mu bui, efisɛ na wabɔ akwakoraa a ne mu nso yɛ duru. Na wadi Israel anim mfirihyia aduanan. \p \v 19 Saa bere no na nʼasebea a ɔyɛ Pinehas yere anyinsɛn a ɔreyɛ awo. Ɔtee sɛ wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no, na nʼase ne ne kunu awuwu no, awo kaa no amono mu hɔ ara. \v 20 Owuu wɔ awoko mu, nanso ansa na ɔrebewu no, mmea a wɔregye no awo no kae se, “Mpa abaw; woawo abarimaa.” Nanso wammua wɔn na wankasa wɔn ho nso. \p \v 21 Ɔbesebesee nʼano too abarimaa no din Ikabod, “Anuonyam no wɔ he, Israel anuonyam no asa,” efisɛ wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no na nʼase ne ne kunu nso awuwu. \v 22 Ɔkae se, “Anuonyam afi Israel mu, efisɛ wɔafa Onyankopɔn Apam Adaka no.” \c 5 \s1 Apam Adaka No Wɔ Filistia \p \v 1 Filistifo no faa Onyankopɔn Apam Adaka no akyi, wɔmaa so fii Ebeneser akono hɔ kɔɔ kuropɔn Asdod mu. \v 2 Wɔsoaa Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Dagon\f + \fr 5.2 \fr*\ft Dagon yɛ Filistifo nyame kɛse (ɛho nsɛm wɔ \+xt Ate 6.23\+xt*).\ft*\f* abosonnan mu. Wɔde kosii ohoni Dagon nkyɛn. \v 3 Nanso ade kyee a Asdod kurowmma no kɔhwɛe no, na Dagon ahwe fam wɔ \nd Awurade\nd* Apam Adaka no anim a nʼanim butuw fam. Enti wɔmaa ohoni no so gyinaa hɔ bio. \v 4 Nanso ade kyee anɔpa no, na asɛm koro no ara asi bio. Na Dagon no ahwe fam wɔ \nd Awurade\nd* Apam Adaka no anim a nʼanim butuw fam. Saa bere yi de, na ne ti ne ne nsa abubu afi so deda ɔpon ano. Ne sin no na na aka da hɔ a ammubu. \v 5 Ɛno nti na ebesi nnɛ yi, Dagon asɔfo anaa obiara a obewura abosonnan mu hɔ no ntia aponnua no so no. \p \v 6 Na \nd Awurade\nd* maa pɔmpɔ bobɔɔ Asdodfo ne ne mpɔtam hɔfo no. \v 7 Bere a Asdodfo huu asɛm a aba no, wɔkae se, “Yɛrentumi mma Onyankopɔn Apam Adaka no ntena yɛn nkyɛn. Otia yɛn! Ɔbɛsɛe yɛn ne yɛn nyame, Dagon nyinaa.” \v 8 Enti wɔfrɛɛ Filistifo nkuropɔn anum mu asodifo nyinaa bisaa wɔn se, “Dɛn na yɛnyɛ Israel Nyankopɔn Apam Adaka yi?” \p Asodifo no susuw asɛm no ho na wobuae se, “Momfa Israel Nyankopɔn Apam Adaka no nkɔ Gat.” Enti wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Gat. \p \v 9 Nanso Bere a Onyankopɔn Apam Adaka no duu Gat no, \nd Awurade\nd* maa pɔmpɔ bobɔɔ kurow no mufo, mpanyin ne mmofra, na wosuroo yiye. \v 10 Enti wɔde Onyankopɔn Apam Adaka no kɔɔ Ekron kuropɔn mu, na wɔde rewura hɔ no, Ekronfo no suu se, “Wɔde Israel Nyankopɔn Apam Adaka no reba yɛn nkyɛn de abekunkum yɛn nso.” \v 11 Enti nnipa no frɛɛ Filistifo asodifo no nyinaa, srɛɛ wɔn se, “Monsan mfa Onyankopɔn Apam Adaka no mfi ha nkɔ ne man mu, anyɛ saa a, ebekunkum yɛn nyinaa.” Saa bere no na ɔyaredɔm a efi Onyankopɔn nkyɛn no afi ase dedaw ama huboa abɛtɔ kuropɔn no so. \v 12 Wɔn a wɔanwuwu no, wɔmaa pɔmpɔ bobɔɔ wɔn. Na agyaadwotwa baa baabiara. \c 6 \s1 Filistifo San De Apam Adaka No Kɔ Israel \p \v 1 \nd Awurade\nd* Apam Adaka no dii Filistifo asase so asram ason. \v 2 Na Filistifo no frɛɛ wɔn asɔfo ne wɔn asamanfrɛfo bisaa wɔn se, “Dɛn na yɛnyɛ \nd Awurade\nd* Apam Adaka yi? Monkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛmfa so nsan mfa nkɔ asase a efi so no so.” \p \v 3 Wɔka kyerɛɛ wɔn se, “Monsan mfa Israel Nyankopɔn Apam Adaka no nkɔ faako a mokɔfaa no, na momfa akyɛde nka ho. Momfa afɔdi afɔre nka ho, na ama ɔyaredɔm no agyae. Na sɛ ɔyaredɔm no annyae a, ɛbɛma moahu sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde bae.” \p \v 4 Wobisae se, “Ɛno de, na afɔdi afɔre bɛn na yɛmfa nkɔ?” \p Na wɔka kyerɛɛ wɔn se, “Esiane sɛ ɔyaredɔm no abɔ mo ne mo asodifo baanum nti, monyɛ sikakɔkɔɔ\f + \fr 6.4 \fr*\ft Sikakɔkɔɔ nneɛma no yɛ nneɛma a na wɔyɛ de sɔ anyame no ani.\ft*\f* te sɛ pɔmpɔ sɛso anum ne sikakɔkɔɔ akisi sɛso anum te sɛ nea asodifo no dodow te. \v 5 Monyɛ saa nneɛma yi nyinaa mfa nkyerɛ nidi a mowɔ ma Israel Nyankopɔn. Na ebia, obegyaa mo, mo anyame ne mo asase amanehunu no. \v 6 Monnyɛ asoɔden, nnyɛ atuatewfo, sɛnea Farao ne Misraimfo yɛe no. Wɔamma Israelfo ankɔ kosii sɛ Onyankopɔn maa ɔyaredɔm tew guu wɔn so. \p \v 7 “Afei, monyɛ teaseɛnam foforo, na monhwehwɛ anantwibere abien a afei na wɔawo mma foforo. Monhwɛ sɛ wɔntwee teaseɛnam da. Momfa anantwi no nsesa teaseɛnam no na montetew wɔn mma no mfi wɔn ho, mfa wɔn nkogu wɔn buw mu. \v 8 Momfa \nd Awurade\nd* Apam Adaka no nsi teaseɛnam no mu, na momfa adakawa a sikakɔkɔɔ akisi sɛso ne sikakɔkɔɔ pɔmpɔ sɛso wɔ mu no nsi nkyɛn. Afei, momma anantwi no nkɔ baabiara a wɔpɛ. \v 9 Na sɛ wɔtra yɛn asase hye, na wokodu Bet-Semes a, ɛbɛma yɛahu sɛ, ɛyɛ \nd Awurade\nd* na ɔde saa amanehunu kɛse yi baa yɛn so. Na sɛ amma no saa a, yebehu sɛ saa ɔyaredɔm a ɛbaa yɛn so no yɛ akwanhyia bi, na mmom, emfi \nd Awurade\nd*, wɔ ɔkwan biara so.” \p \v 10 Wɔyɛɛ saa. Wɔfaa anantwi abien a wɔawo foforo de wɔn saa teaseɛnam no so, na wɔde wɔn mma no guu buw mu. \v 11 Wɔde \nd Awurade\nd* Apam Adaka no sii teaseɛnam no mu. Wɔde adakawa a sikakɔkɔɔ akisi sɛso ne sikakɔkɔɔ pɔmpɔ sɛso wɔ mu no sii ho. \v 12 Afei, anantwi no de su faa ɔtempɔn a ɛkɔ Bet-Semes no so tee. Filistifo asodifo dii wɔn akyi ara kosii Bet-Semes hye so. \p \v 13 Saa bere no, na Bet-Semesfo retwa wɔn atoko wɔ obon no mu. Enti wɔpagyaw wɔn ani huu Adaka no, wodii ahurusi. \v 14 Teaseɛnam no koduu ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosua a ofi Bet-Semes afuw mu no, egyinaa ɔbotan kɛse bi ho. Nnipa no twitwaa nnua a wɔde yɛɛ teaseɛnam no mu. Na wɔde anantwi no bɔɔ ɔhyew afɔre maa \nd Awurade\nd*. \v 15 Lewifo no mu bebree faa adaka no ne adakawa a sika agude wɔ mu no, na wɔde guu ɔbotan kɛse no so. Saa da no, Bet-Semesfo\f + \fr 6.15 \fr*\ft Bet-Semes yɛ Lewifo kurow (\+xt Yos 21.16\+xt*). Na Lewifo nko ara na wɔwɔ ho kwan sɛ wɔma Adaka Kronkron no so de kɔ baabi foforo (\+xt 5 Mose 10.8\+xt*).\ft*\f* bɔɔ ɔhyew afɔre ne aduan afɔre bebree maa \nd Awurade\nd*. \v 16 Filistifo asodifo baanum no hwɛɛ eyinom nyinaa, na da no ara, wɔsan kɔɔ Ekron. \p \v 17 Sikakɔkɔɔ mpɔmpɔ sɛso a Filistifo no de kɔɔ sɛ asodi afɔre, de maa \nd Awurade\nd* no yɛ akyɛde a efi Asdod, Gasa, Askelon, Gat ne Ekron asodifo nkyɛn. \v 18 Sikakɔkɔɔ akisi sɛso anum no nso gyina hɔ ma Filistifo nkuropɔn anum no ne nkurow a atwa ho ahyia no a na asodifo baanum no hwɛ so no. Ɔbotan kɛse a na ɛwɔ Bet-Semes a wɔde \nd Awurade\nd* Apam Adaka no sii no nso da so tim Yosua afum besi nnɛ sɛ nkae ade a ɛkyerɛ asɛm a esii wɔ hɔ no. \s1 Wɔde Apam Adaka No Kɔ Kiriat-Yearim \p \v 19 Na \nd Awurade\nd* kunkum Bet-Semesfo no mmarima aduɔson sɛ wɔahwɛ \nd Awurade\nd* Apam Adaka no mu. Na nea \nd Awurade\nd* yɛe no nti, nnipa no twaa agyaadwo pa ara. \v 20 Wosu bisae se, “Hena na obetumi agyina \nd Awurade\nd*, Ɔkronkronni Nyankopɔn anim? Ɛhe na yebetumi de adaka yi afi ha akɔ?” \p \v 21 Enti wɔsomaa abɔfo kɔɔ Kiriat-Yearimfo nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Filistifo no asan de \nd Awurade\nd* Apam Adaka no aba. Yɛsrɛ mo, mommra ha mmegye!” \c 7 \nb \v 1 Enti Kiriat-Yearimfo begyee \nd Awurade\nd* Apam Adaka\f + \fr 7.1 \fr*\ft Adaka no sii hɔ ara kosii sɛ Dawid fa, san de kɔɔ Yerusalem (\+xt 2 Sam 6.2-3\+xt*).\ft*\f* no. Wɔde kɔɔ Abinadab fi a ɛda bepɔw nkyɛn baabi. Ɛhɔ na wodwiraa ne babarima Eleasar sɛ ɔnhwɛ so. \v 2 Apam Adaka no kyɛe yiye wɔ Kiriat-Yearim. Edii mfirihyia aduonu wɔ hɔ. Saa bere no Israel nyinaa twaa agyaadwo, efisɛ na ayɛ sɛ \nd Awurade\nd* agyaw wɔn. \s1 Samuel Yɛ Israel So Temmufo \p \v 3 Na Samuel ka kyerɛɛ Israelfo nyinaa se, “Sɛ mode mo koma nyinaa resan akɔ \nd Awurade\nd* nkyɛn de a, ɛno de, montwe mo ho mfi ananafo anyame ne Astoret ahoni ho. Munsi mo adwene pi sɛ mobɛyɛ osetie ama \nd Awurade\nd*, na monsom ɔno nko, na obegye mo afi Filistifo nsam.” \v 4 Enti Israelfo no too Baalim ne Astoret gui, som \nd Awurade\nd* nko. \p \v 5 Afei, Samuel ka kyerɛɛ Israelfo no nyinaa se, “Mo nyinaa mommra Mispa, na memmɔ \nd Awurade\nd* mpae mma mo.” \v 6 Enti wɔboaa wɔn ho ano wɔ hɔ. Na wɔn anyankamade mu no, wɔsaw nsu fi abura bi mu, na wohwie guu \nd Awurade\nd* anim. Wodii abuada da no, na wɔkaa nokware sɛ wɔayɛ bɔne atia \nd Awurade\nd*. Enti Mispa hɔ na Samuel bɛyɛɛ Israel so temmufo. \p \v 7 Bere a Filistifo sodifo no tee sɛ Israel nyinaa aboa wɔn ho ano wɔ Mispa no, wɔboaboaa wɔn asraafo ano, tu teɛe. Na Israelfo no tee sɛ Filistifo no rebɛn wɔn no, wɔn koma tuu yiye. \v 8 Woguan toaa Samuel se, “Srɛ \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn, na onnye yɛn mfi Filistifo nsam.” \v 9 Enti Samuel faa oguan ba a onnyinii de ne mua no bɔɔ ɔhyew afɔre maa \nd Awurade\nd*. Ɔsrɛɛ \nd Awurade\nd* maa Israelfo, na \nd Awurade\nd* tiei. \p \v 10 Bere a Samuel gu so rebɔ ɔhyew afɔre no, Filistifo no baa sɛ wɔrebɛko. Nanso Onyankopɔn de aprannaa nne a emu yɛ duru yiye kasa fi soro, maa basabasayɛ sii Filistifo no mu, maa Israelfo no dii wɔn so nkonim. \v 11 Israel mmarima pam wɔn fi Mispa, kosii Bet-Kar, kunkum wɔn guu ɔkwan so. \p \v 12 Ɛnna Samuel faa ɔbo kɛse bi de sii Mispa ne Sen ntam. Na ɔtoo no din Ebeneser a ase ne “Ɔboa bo” na ɔkae se, “Ɛha na \nd Awurade\nd* aboa yɛn abesi!” \p \v 13 Enti wodii Filistifo no so, na wɔantumi ammegye Israelfo nsase amfa wɔ bere tenten bi mu. Na Samuel nkwa nna mu nyinaa, \nd Awurade\nd* nsa a ɛyɛ den no tiaa Filistifo. \v 14 Na Israel nkurow a ɛbɛn Ekron ne Gat no a na Filistifo no agyigye no. Wɔde asase a aka a Filistifo no agyigye no kaa ho. Ɛmaa asomdwoe baa Israel ne Amorifo\f + \fr 7.14 \fr*\ft Din “Amorifo” no, sɛ wɔbɔ so a, na wɔkyerɛ Kanaanfo nyinaa.\ft*\f* ntam saa bere no. \p \v 15 Samuel kɔɔ so yɛɛ Israel so temmufo ne nkwa nna a aka nyinaa. \v 16 Afe biara, na otu kwan kyinkyin bu atɛn wɔ nʼasennii. Ofi ase wɔ Bet-El\f + \fr 7.16 \fr*\ft Bet-el, Gilgal ne Mispa yɛ nkurow abiɛsa a ɛwɔ Benyamin mantam mu a na wɔasisi Kronkrommea wɔ hɔ (hwɛ \+xt Yos 4.19\+xt*).\ft*\f* de kɔ Gilgal na wawie wɔ Mispa. Obuu Israelfo atɛn wɔ saa nkurow yi biara so. \v 17 Afei, na ɔsan ba ne kurom Rama bedi nsɛm wɔ hɔ nso. Na Samuel sii afɔremuka wɔ Rama de maa \nd Awurade\nd*. \c 8 \s1 Israel Hwehwɛ Ɔhene \p \v 1 Samuel bɔɔ akwakoraa no, oyii ne mmabarima sɛ wɔnyɛ Israel atemmufo. \v 2 Nʼabakan no din de Yoel, na ne ba a ɔto so abien no din de Abiya. Na wɔyɛ atemmufo wɔ Beer-Seba. \v 3 Nanso na ne mmabarima no nte sɛ wɔn agya. Wɔyɛɛ sikanibere, gyigyee adanmude, san buu ntɛnkyew. \p \v 4 Enti Israel mpanyimfo nyinaa hyiaa Samuel wɔ Rama ne no bedii saa asɛm yi ho nkɔmmɔ. \v 5 Wɔka kyerɛɛ no se, “Woabɔ akwakoraa, na wo mmabarima nso nnantew wʼakwan so; enti si ɔhene na onni yɛn anim sɛnea aman bebree yɛ no no.” \p \v 6 Wɔn abisade no anyɛ Samuel dɛ nti, ɔkɔɔ \nd Awurade\nd* anim kobisaa akwankyerɛ. \v 7 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Samuel se, “Tie nsɛm a ɔmanfo no reka kyerɛ wo no na yɛ. Ɛnyɛ wo na wɔapo, na mmom, me na wɔapo me, sɛ minnni wɔn so hene bio. \v 8 Efi bere a miyii wɔn fii Misraim no besi nnɛ yi no, wɔakɔ so apo me akodi anyame afoforo akyi; na nnɛ yi, saa ara na wɔde reyɛ wo. \v 9 Ɛno nti, tie wɔn, nanso bɔ wɔn kɔkɔ anibere so, na ma wonhu ɔkwan a ɔhene a ɔrebedi wɔn so no de wɔn bɛfa so.” \p \v 10 Enti Samuel kaa \nd Awurade\nd* kɔkɔbɔ no kyerɛɛ nnipa no. \v 11 “Sɛɛ na ɔhene ne mo bɛtena. Ɔhene bɛtwe mo mmabarima na wama wɔde ne nteaseɛnam ne apɔnkɔ asom, na wama wɔn atu mmirika adi ne nteaseɛnam anim. \v 12 Ebinom bɛyɛ nʼakofo mpem ne aduonum so asahene, na ebinom nso ayɛ nkoa ma wɔafuntum nʼasase, na wɔatwa ne nnɔbae, na afoforo ayɛ nʼakode ne ne teaseɛnam ho nneɛma. \v 13 Ɔhene no begye mo mmabea afi mo nsam, na wahyɛ wɔn ama wɔanoa nnuan, na wɔato nnuan, na wɔayɛ nnuhuam nso ama no. \v 14 Obegye mo mfuw ne mo bobe mfuw ne mo ngo mfuw a eye no afi mo nsam, na ɔde ama ɔno ankasa nʼasomfo. \v 15 Obegye mo nnɔbae mu nkyɛmu du mu baako, na wakyekyɛ ama nʼadwumayɛfo ne nʼasomfo. \v 16 Ɔbɛpɛ sɛ obenya mo mfenaa ne nkoa, na wagye mo anantwi papa ne mo mfurum de wɔn ayɛ nʼadwuma. \v 17 Obegye mo nguan mu nkyɛmu du mu baako na moayɛ nʼasomfo. \v 18 Sɛ da no du a, mobɛsrɛ ahomegye afi saa ɔhene a morepɛ no no nkyɛn, nanso \nd Awurade\nd* remmoa mo.” \p \v 19 Nanso ɔmanfo no antie Samuel kɔkɔbɔ no. Asɛm a wɔkae ara ne se, “Yɛpɛ ɔhene. \v 20 Yɛpɛ sɛ yɛyɛ sɛ aman a wɔatwa yɛn ho ahyia no. Yɛn hene bedi yɛn so, na wadi yɛn anim akɔ ɔko.” \p \v 21 Enti Samuel kaa asɛm a nkurɔfo no ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ \nd Awurade\nd*, \v 22 na \nd Awurade\nd* buae se, “Yɛ nea wɔreka no ma wɔn, na ma wɔn ɔhene.” Afei, Samuel penee so, na ɔmaa obiara kɔɔ ne kurom. \c 9 \s1 Samuel Hyia Saulo \p \v 1 Ɔbarima ɔdefo bi a odi mu tenaa ase a na ne din de Kis na ofi Benyamin abusua mu. Na ɔyɛ Abiel babarima, na ne nena ne Seror a ofi Bekorat fi ne Afia abusua mu. \v 2 Na ne babarima Saulo ho yɛ fɛ yiye sen obiara wɔ Israel. Na ɔware sen obiara fi ne mmati kosi ne ti so wɔ asase no so. \p \v 3 Da bi Kis mfurum yerae, na ɔka kyerɛɛ Saulo se, “Fa asomfo no mu baako, na wo ne no nkɔhwehwɛ mfurum no.” \v 4 Enti Saulo faa asomfo no mu baako. Wɔkɔfaa Efraim bepɔw asase, Salisa asase, Saalim fam ne Benyamin asase nyinaa so, nanso wɔanhu mfurum no baabiara. \p \v 5 Na woduu Suf mansin mu no, Saulo ka kyerɛɛ ɔsomfo a ɔka ne ho no se, “Bra, ma yɛnsan nkɔ faako a yefi bae, na ebia, mʼagya agyae mfurum no ho dwene, ɔredwen yɛn ho mmom.” \p \v 6 Nanso ɔsomfo no buae se, “Manya adwene bi, Onyame nipa bi te kurow yi mu a wobu no yiye. Na asɛm biara a ɔbɛka nso ba mu. Ma yɛnkɔ ne hɔ mprempren ara, ebia obetumi akyerɛ yɛn faako a ɛsɛ sɛ yɛfa.” \p \v 7 Saulo buaa no se, “Yenni hwee a yebetumi de akyɛ saa ɔbarima no, yɛn nnuan mpo asa, yenni biribiara a yɛde bɛma no.” \p \v 8 Ɔsomfo no buaa no bio se, “Hwɛ! Mewɔ dwetɛ gram abiɛsa. Yebetumi de ama no, na yɛahwɛ nea ebesi.” \v 9 (Saa bere no, sɛ nnipa rekobisa Onyankopɔn hɔ ade a, wɔka se, “Momma yenkobisa adehuni” efisɛ saa bere no na wɔfrɛ adiyifo adehuni.) \p \v 10 Saulo penee so ka kyerɛɛ ne somfo no se, “Eye, ma yɛnsɔ nhwɛ!” Enti wosii mu kɔɔ kurow a Onyame nipa wɔ mu no so. \p \v 11 Wɔreforo bepɔw bi akɔ kurow no mu no, wohyiaa mmabaa bi a wɔrekɔsaw nsu, na Saulo ne ne somfo no bisaa wɔn se, “Adehuni no wɔ ha nnɛ?” \p \v 12 Wobuae se, “Ɔwɔ mo anim. Monka mo ho, nnɛ ara a waba yɛn kurow yi mu efisɛ ɔmanfo rebɛbɔ afɔre wɔ bepɔw no so hɔ. \v 13 Monka mo ho nkɔto no, ansa na waforo akɔ bepɔw no so akodidi. Nnipa no mfi ase nnidi kosi sɛ obehyira aduan no so.” \p \v 14 Enti wɔkɔɔ kurow no mu. Na wɔrewura apon no mu no, na Samuel ani kyerɛ wɔn so a ɔrekɔforo bepɔw no. \v 15 Na \nd Awurade\nd* aka akyerɛ Samuel da a atwa mu no se, \v 16 “Ɔkyena sesɛɛ, mɛsoma obi afi Benyamin asase so. Sra no ngo, na ɔmmɛyɛ me nkurɔfo Israelfo kannifo. Obegye wɔn afi Filistifo nsam. Mede ahummɔbɔ ahwɛ me nkurɔfo, na mate wɔn sufrɛ.” \p \v 17 Bere a Samuel huu Saulo ara pɛ, \nd Awurade\nd* kae se, “Oyi ne ɔbarima a mekaa ne ho asɛm kyerɛɛ wo no. Ɔno na obedi me nkurɔfo so no.” \p \v 18 Saulo kɔɔ Samuel nkyɛn wɔ abɔntenpon no ano kobisaa no se, “Wubetumi akyerɛ me baabi a ɔdehufo no fi wɔ ana?” \p \v 19 Samuel buae se, “Mene ɔdehufo no. Di mʼanim kan wɔ bepɔw no so, kɔ faako a wɔbɔ afɔre hɔ, na yɛn nyinaa bedidi wɔ hɔ. Anɔpa, mɛkyerɛ wo nea wopɛ sɛ wuhu, na magya wo kwan. \v 20 Na mfurum a wɔyeraa nnɛnnansa no, mma wɔn ho asɛm nhaw wo koraa, efisɛ wɔahu wɔn. Na mepɛ sɛ meka kyerɛ wo se, Israel anidaso nyinaa yɛ wo ne wo fifo.” \p \v 21 Saulo buae se, “So mimfi Benyamin a ɛyɛ abusua ketewa koraa wɔ mmusuakuw no mu. Na me fi nso nyɛ ketewa koraa wɔ Benyamin afi no nyinaa mu. Na adɛn nti na woka eyi kyerɛ me?” \p \v 22 Enti Samuel de Saulo ne ne somfo no baa asa so hɔ. Ɔma wɔtenaa wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no pon ti, de hyɛɛ wɔn anuonyam wɔ nnipa dodow bɛyɛ sɛ aduasa no anim. \v 23 Samuel ka kyerɛɛ osoodoni no se, “Fa nam sin a mede maa wo no bra, nea wɔde asie ama nea wɔrehyɛ no anuonyam no.” \p \v 24 Enti osoodoni no de ba bɛtoo Saulo anim. Samuel kae se, “Di nea wɔde asi wʼanim no. Mede sie maa wo ansa na mereto nsa afrɛ afoforo yi.” Enti Saulo ne Samuel didii. \p \v 25 Aponto no akyi a wɔsan baa kurow no mu no, Samuel de Saulo kɔɔ atifi dan mu kosiesie nnabea maa no. \v 26 Ade kyee anɔpa no, Samuel kɔɔ Saulo nkyɛn kɔfrɛɛ no se, “Sɔre! Anka ɛsɛ sɛ saa bere yi wonam kwan so.” Enti Saulo siesiee ne ho na ɔne Samuel nyinaa bɔɔ mu fii fie hɔ. \v 27 Woduu kurotia no, Samuel ka kyerɛɛ Saulo sɛ ɔnsoma ne somfo no nni wɔn kan. Ɔsomfo no kɔe no, Samuel kae se, “Tena ha, efisɛ Onyankopɔn de nkra sononko bi ama me a, ɛsɛ sɛ meka kyerɛ wo.” \c 10 \s1 Samuel Sra Saulo Ngo \p \v 1 Afei, Samuel faa ngotoa a ngo wɔ mu hwie guu Saulo tirim, few nʼafono ho, kae se, “Mereyɛ eyi de akyerɛ sɛ \nd Awurade\nd* apaw wo sɛ ɔkannifo ama ne man Israel. \v 2 Sɛ wugyaw me ha nnɛ na worekɔ a, wubehyia mmarima baanu wɔ baabi a ɛbɛn Rahel da a ɛwɔ Selsa a ɛbɛn Benyamin hye no. Wɔbɛka akyerɛ wo se, ‘Mfurum a mutuu ho anammɔn kɔhwehwɛɛ wɔn no, wɔahu wɔn. Enti mprempren, wʼagya agyae wɔn ho dwene, na mmom, mo ho na ɔredwen. Ɔtaa bisa se, “Obi ahu me babarima no ana?” ’ \p \v 3 “Mudu dua kɛse bi a esi Tabor ho a, mubehyia mmarima baasa bi a wofi Bet-El rekɔ akɔsom Onyankopɔn. Ɔbaako so mmirekyi mma abiɛsa, ɔbaako nso so brodo mua abiɛsa, na nea ɔka ho no nso so nsa aboa nhoma kotoku baako. \v 4 Wobekyia mo, na wɔama mo brodo mua abien, na ɛsɛ sɛ mugye fi wɔn nkyɛn. \p \v 5 “Na sɛ mudu Onyankopɔn koko a ɛwɔ Gibea a Filistifo nsraadɔm abɔ pem wɔ hɔ no a, mubehu adiyifo asafodɔm sɛ wofi afɔremuka a ɛwɔ bepɔw no so hɔ resian ba. Ɛhɔ na mubehyia adiyifo asafo a wɔresian afi bepɔw no so hɔ reba na bɛnta ne mpintin ne mmɛn ne asanku di wɔn anim a wɔrehyɛ nkɔm. \v 6 Saa bere no, Onyankopɔn Honhom bɛba wo so wɔ tumi mu, na wo ne wɔn bɛhyɛ nkɔm. Wobɛsakra ayɛ onipa foforo. \v 7 Saa nsɛnkyerɛnne yi akyi no, yɛ nea wugye di sɛ eye biara, na Onyankopɔn bɛka wo ho. \v 8 Afei, sian di mʼanim kɔ Gilgal\f + \fr 10.8 \fr*\ft Kronkronbea a edi kan a wosii wɔ Kanaan no, wɔtoo ne fapem wɔ Gilgal (\+xt Yos 4.19-24\+xt*).\ft*\f* na kɔtwɛn me wɔ hɔ nnanson. Mɛba abɛka wo ho wɔ hɔ, na yɛabɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Na sɛ midu hɔ a, mɛkyerɛ wo nea ɛsɛ sɛ woyɛ bio.” \s1 Samuel Nsɛnkyerɛnne Ba Mu \p \v 9 Saulo dan ne ho pɛɛ sɛ ɔkɔ ara pɛ, Onyankopɔn sesaa ne koma, na Samuel nsɛnkyerɛnne nyinaa baa mu da no. \v 10 Bere a Saulo ne ne somfo no duu Gibea no, wohuu sɛ adiyifo no reba. Afei Onyankopɔn honhom baa Saulo so, na ɔno nso fii ase hyɛɛ nkɔm. \v 11 Bere a ne nnamfonom tee saa asɛm yi no, wɔteɛɛ mu se, “Asɛm bɛn na moreka yi? Saulo nso abɛyɛ odiyifo? Ɛyɛɛ dɛn na Kis babarima tumi bɛyɛɛ odiyifo?” \p \v 12 Nanso ɛhɔni bi kae se, “Sɛnea nʼagya te de, ɛmfa ho; obiara tumi bɛyɛ odiyifo.” Enti ɛbɛyɛɛ sɛnnahɔ se, “Enti Saulo nso abɛyɛ odiyifo?” \v 13 Saulo gyaee adiyi no, ɔforoo bepɔw no kɔɔ afɔremuka no so. \p \v 14 Oduu hɔ no, Saulo wɔfa bisaa no se, “Ɛhefa na wokɔe a dedaada yenhuu wo yi?” \p Saulo buae se, “Yɛkɔhwehwɛɛ mfurum a wɔayera no, nanso yɛanhu wɔn. Ɛno nti, yɛkɔɔ odiyifo Samuel nkyɛn kobisaa no faako a wɔwɔ.” \p \v 15 Ne wɔfa no bisae se, “Saa? Na asɛm bɛn na ɔkae?” \p \v 16 Saulo buae se, “Ɔkae se, wɔahu mfurum no.” Nanso Saulo anka ankyerɛ ne wɔfa no sɛ Samuel asra no ngo sɛ wobesi no ɔhene. \p \v 17 Samuel frɛɛ Israelfo nyinaa baa \nd Awurade\nd* anim wɔ Mispa,\f + \fr 10.17 \fr*\ft Mispa na na wɔtaa hyia ma ɔmanfo dwinnwen wɔn nsɛnhia ho (\+xt Ate 20.1; 21.1\+xt*).\ft*\f* \v 18 na ɔka kyerɛɛ wɔn se, “Sɛnea \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, se ni, ‘Mede Israelfo fii Misraim bae, na migyee mo fii Misraim tumi ne wɔn a wodi mo nya no nyinaa ase.’ \v 19 Nanso ɛwɔ mu sɛ mayɛ bebree ama mo de, nso moapo me aka se, ‘Yɛpɛ ɔhene.’ Enti afei, momfa mo mmusuakuw ne mo mmusua mmra \nd Awurade\nd* anim.” \p \v 20 Samuel maa Israel mmusuakuw nyinaa bae no, Benyamin abusuakuw na woyii wɔn. \v 21 Afei ɔmaa Benyamin abusuakuw no mu afi nyinaa baa \nd Awurade\nd* anim na woyii Matri abusua, na awiei no woyii Kis babarima Saulo. Na wɔhwehwɛɛ no no, na wonhu baabi a wafa. \v 22 Enti wobisaa \nd Awurade\nd* se, “Na ɔwɔ he?” \p Na \nd Awurade\nd* buae se, “Yiw, ɔde ne ho ahintaw nneɛma mu.” \p \v 23 Enti wotuu mmirika kɔfaa no bae. Na obegyinaa nnipa no mu no na ne tenten bunkam fa obiara so. \v 24 Samuel ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa se, “Ɔbarima a \nd Awurade\nd* apaw no sɛ mo hene ni. Obiara nni Israel ha a ɔne no sɛ.” \p Afei, nnipa no nyinaa bɔ gyee so se, “Ɔhene nkwa so!” \p \v 25 Samuel kyerɛkyerɛɛ mmara a ɛbata saa ahenni no ho kyerɛɛ nnipa no. Ɔkyerɛw guu nhoma mmobɔwee so, de kɔtoo \nd Awurade\nd* anim. Afei, Samuel gyaa ɔmanfo no kwan ma wɔkɔɔ wɔn afi mu. \p \v 26 Saulo nso kɔɔ ne fi wɔ Gibea na nnipakuw bi a Onyankopɔn aka wɔn koma de wɔn ho bɛbɔɔ no. \v 27 Nanso amumɔyɛfo bi kae se, “Ɛbɛyɛ dɛn na saa onipa yi atumi agye yɛn?” Wobuu no animtiaa a wɔammrɛ no akyɛde biara. Nanso Saulo ammua wɔn. \c 11 \s1 Saulo Di Amonfo So Nkonim \p \v 1 Ɛbɛyɛ ɔsram akyi, Amonhene Nahas dii nʼakofo anim bɛtoaa Israel kuropɔn Yabes Gilead. Na Yabesman mma srɛɛ sɛ, “Momma yɛne mo nyɛ apam, na yɛbɛyɛ mo asomfo.” \p \v 2 Nanso Amonni Nahas buae se, “Eye, na ade baako pɛ na ɛsɛ sɛ mopene so. Ɛne sɛ, metu obiara ani nifa baako de agu Israel nyinaa anim ase.” \p \v 3 Na Yabes mpanyin no buae se, “Ma yɛn nnanson, na yɛmfa nsoma abɔfo mfa Israel nyinaa, na sɛ yɛn abusuafo amma ammegye yɛn de a, yɛbɛpene wo nhyehyɛe no so.” \p \v 4 Abɔfo no beduu Gibea a ɛyɛ Saulo kurom, bɛkaa asɛm a ato wɔn no kyerɛɛ ɔmanfo maa wɔn nyinaa sui. \v 5 Saa bere no, na Saulo refuntum nʼafuw. Na ɔbaa fie no, obisae se, “Dɛn asɛm na asi? Adɛn nti na nusu abu obiara kɔn yi?” Enti wɔbɔɔ asɛm a efi Yabes aba no ho amanneɛ. \p \v 6 Onyankopɔn honhom besii Saulo so denneennen. Na ne bo fuw yiye. \v 7 Ɔfaa anantwi abien, twitwaa wɔn asinasin, na wɔmaa abɔfo no soa kyinii Israel nyinaa, kae se, “Obiara a wanni Saulo ne Samuel akyi ankɔ ɔko no, saa ara na ne nantwi bɛyɛ!” Na \nd Awurade\nd* maa nnipa no suroo Saulo abufuw no. Enti wɔn nyinaa bɛboaa wɔn ho ano. \v 8 Bere a Saulo boaa wɔn ano wɔ Besek a ɔkan wɔn no, na Israel mmarima dodow yɛ mpem ahaasa na Yudafo nso dodow yɛ mpem aduasa. \p \v 9 Saulo somaa abɔfo no ma wɔsan wɔn akyi kɔɔ Yabes Gilead kɔka kyerɛɛ wɔn se, “Enkosi ɔkyena awia owigyinae bere mu no, yebeyi mo afi mo ahokyere no mu.” Abɔfo no kɔka eyi kyerɛɛ Yabes mmarima no, wɔn ani gyei. \v 10 Na Yabes mmarima ka kyerɛɛ wɔn atamfo no se, “Ɔkyena yɛbɛba mo so, na nea mopɛ no, monyɛ yɛn.” \p \v 11 Nanso ansa na ade bɛkye no, na Saulo adu hɔ dedaw. Ɔkyekyɛɛ nʼakofo no mu akuw abiɛsa. Ɔtow hyɛɛ Amonfo no so mpofirim, kunkum wɔn anɔpa mu no nyinaa. Wɔn asraafo nkae no bɔ hwetee baabiara a obi mpo nhu sɛ wɔn mu baanu bi gyina faako. \p \v 12 Afei, nnipa no teɛɛ mu frɛɛ Samuel se, “Nnipa a wɔka se ɛnsɛ sɛ Saulo di yɛn so hene no wɔ he? Momfa wɔn mmra na yenkum wɔn.” \p \v 13 Nanso Saulo buae se, “Wɔrenkum obiara nnɛ, efisɛ, \nd Awurade\nd* agye Israel nnɛ.” \p \v 14 Na Samuel ka kyerɛɛ nnipa no se, “Mommra na yɛn nyinaa nkɔ Gilgal nkosi Saulo ahenni no so dua.” \v 15 Enti wɔn nyinaa kɔɔ Gilgal, na wɔhyɛɛ Saulo ahenkyɛw wɔ \nd Awurade\nd* anim. Na wɔbɔɔ asomdwoe afɔre maa \nd Awurade\nd*, na Saulo ne Israelfo nyinaa gyee wɔn ani. \c 12 \s1 Samuel Nkradi \p \v 1 Afei, Samuel kasa kyerɛɛ ɔman no bio se, “Nea mopɛɛ sɛ meyɛ no mayɛ, mama mo ɔhene. \v 2 Matwa me mmabarima ho ayi no, na migyina ha sɛ akwakoraa tidwen. Masom sɛ mo kannifo fi me mmofraase. \v 3 Afei, monka nkyerɛ me, bere a migyina \nd Awurade\nd* ne nea wɔasra no wɔ ne din mu anim yi, hena nantwi anaa nʼafurum na mawia? Masisi mo mu bi pɛn ana? Madi mo nya pɛn ana? Magye adanmude bi pɛn ana? Sɛ mayɛ bɔne bi a, monka nkyerɛ me, na mesiesie nea manyɛ no.” \p \v 4 Wobuaa se, “Dabi, wunsisii yɛn, na wunnii yɛn nya ɔkwan biara so, na wunnyee adanmude fua pɛ mpo.” \p \v 5 Samuel kae se, “\nd Awurade\nd* ne ne onipa a wasra no no yɛ me nnansefo sɛ morentumi nka sɛ mabɔ mo korɔn.” \p Wɔn nyinaa kae se, “Ampa ara, ɛyɛ nokware!” \p \v 6 Samuel toaa so se, “Ɛyɛ \nd Awurade\nd* na oyii Mose ne Aaron. Ɔno na oyii mo agyanom fii Misraim asase so. \v 7 Mprempren, munnyina ha dinn wɔ \nd Awurade\nd* anim bere a migu so rekaakae mo nneɛma akɛse a \nd Awurade\nd* ayɛ ama mo ne mo agyanom no. \p \v 8 “Bere a na Israelfo wɔ Misraim na wosu frɛɛ \nd Awurade\nd* no, ɔsomaa Mose ne Aaron sɛ, wonnyi wɔn mfi Misraim, na wɔmfa wɔn mmra saa asase yi so. \p \v 9 “Nanso ankyɛ biara na nnipa no werɛ fii \nd Awurade\nd*, wɔn Nyankopɔn, enti ɔmaa Sisera a ɔyɛ Hasor asraafo sahene no ne Filistifo ne Moabhene dii wɔn so. \v 10 Afei, wosu frɛɛ \nd Awurade\nd* bio, na wɔpaee mu kaa wɔn bɔne se, ‘Yɛayɛ bɔne sɛ yɛatwe yɛn ho afi \nd Awurade\nd* ho, na yɛresom ahoni Baalim ne Astoret. Na sɛ wugye yɛn fi yɛn atamfo nsam a, yɛbɛsom wo, na wo nko ara na yɛbɛsom.’ \v 11 Na \nd Awurade\nd* somaa Yerub-Baal, Barak, Yefta ne Samuel, na ogyee mo fii mo atamfo nsam na mobɛtenaa asomdwoe mu. \p \v 12 “Nanso musuroo Amonfo hene Nahas nti, moka kyerɛɛ me se, ‘Dabi, yɛrepɛ ɔhene ama wadi yɛn so’—nanso na \nd Awurade\nd* mo Nyankopɔn yɛ mo so hene. \v 13 Afei, mo hene a moayi no ni; nea mobisae no. Hwɛ, \nd Awurade\nd* ayɛ mo apɛde ama mo. \v 14 Sɛ musuro \nd Awurade\nd*, na mosom no, tie nʼasɛm, na sɛ moammu ne mmara so, na mo ne mo hene a odi mo so no nyinaa di \nd Awurade\nd*, mo Nyankopɔn akyi a, biribiara bɛyɛ yiye. \v 15 Na sɛ moantie \nd Awurade\nd*, na mubu ne mmara so a, ne nsa bɛyɛ duru wɔ mo so sɛnea ɛyɛɛ mo agyanom so no. \p \v 16 “Enti afei, munnyina hɔ dinn, na monhwɛ ade kɛse a \nd Awurade\nd* rebɛyɛ. \v 17 Munim sɛ saa bere yi a ɛyɛ awitwabere yi, osu ntɔ. Mɛma \nd Awurade\nd* apae aprannaa na ama osu atɔ. Afei mubehu bɔne a moyɛe sɛ mobisaa ɔhene no.” \p \v 18 Ɛhɔ ara Samuel frɛɛ \nd Awurade\nd*, na da no ara, \nd Awurade\nd* paee aprannaa, tɔɔ osu. Nnipa no nyinaa suroo \nd Awurade\nd* ne Samuel. \v 19 Nnipa no nyinaa ka kyerɛɛ Samuel se, “Bɔ \nd Awurade\nd*, wo Nyankopɔn, mpae ma wʼasomfo sɛnea yɛrenwu, na yɛrenyɛ bɔne nka yɛn bɔne ahorow nyinaa ho sɛ yɛabisa ɔhene.” \p \v 20 Samuel buae se, “Munnsuro. Moayɛ saa bɔne yi nyinaa bi de, nanso monnnan mo ani mmfi \nd Awurade\nd* so, na momfa mo koma nyinaa nsom \nd Awurade\nd*. \v 21 Monnsan nkodi ahoni huhuw a wɔrenyɛ mo papa biara, na wɔrentumi nnye mo nkwa no akyi, efisɛ wɔn so nni mfaso. \v 22 Esiane ne din kɛse no nti, \nd Awurade\nd* rempo ne nkurɔfo. \nd Awurade\nd* afa mo sɛ nʼankasa nʼade. \v 23 Na me de, merenyɛ bɔne ntia \nd Awurade\nd* sɛ meremmɔ mpae mma mo. Na mɛkɔ so akyerɛ mo papa ne bɔne. \v 24 Nanso monhwɛ sɛ mubesuro \nd Awurade\nd* na moasom no nokware mu. \v 25 Na sɛ mokɔ so yɛ bɔne a, wɔbɛsɛe mo ne mo hene nyinaa.” \c 13 \s1 Israel Ne Filisti Akodi \p \v 1 Bere a Saulo dii ade no, na wadi mfirihyia aduasa. Na odii ade mfirihyia aduanan abien. \p \v 2 Saulo yii asraafo sononko bi a wɔn dodow yɛ mpensa fii Israel, na ɔmaa nkae no kɔɔ fie. Ɔfaa asraafo no mu mpenu kaa ne ho, de wɔn kɔɔ Mikmas ne bepɔw nsase a ɛwɔ Bet-El no so. Asraafo apem a wɔaka no kaa Saulo babarima Yonatan ho kɔɔ Gibea wɔ Benyamin asase so. \p \v 3 Eyi akyi no, ankyɛ na Yonatan kɔtoaa Filistifo asraafo no dii wɔn so wɔ Geba. Asɛm no trɛw ntɛm so wɔ Filistifo no mu. Enti Saulo hyɛn torobɛnto wɔ Israel nyinaa se, “Hebrifo, monsɔre!” \v 4 Israelfo nyinaa tee sɛ Saulo atɔre Filistifo asraafo a wɔwɔ Geba no ase, na ne saa nti, Israelfo ho ayɛ Filistifo no ahi. Enti Israel asraafo no nyinaa boaa wɔn ho ano bio hyiaa Saulo wɔ Gilgal. \p \v 5 Filistifo boaboaa nsraadɔm kɛse pa ara ano a wokura nteaseɛnam mpensa, apɔnkɔsotefo mpem asia ne asraafo a wɔn dodow te sɛ mpoano nwea ano. Wɔkyeree nsraban wɔ Mikmas wɔ Bet-Awen apuei fam. \v 6 Bere a Israel mmarima no huu atamfo no nsraadɔm mpempem no, wɔn ho dwudwoe; nti wɔyɛɛ sɛ wɔbɛkɔ akohintaw wɔn ho wɔ abodan, mmoa, abotan, aboda ne nsukorae mu. \v 7 Ebinom twaa Asubɔnten Yordan guan kɔɔ Gad ne Gilead asase so. Saa bere no, na Saulo wɔ Gilgal a ne mmarima a wɔka ne ho no wɔ ahopopo ne osuro mu. \v 8 Odii nnanson wɔ hɔ sɛnea Samuel hyɛɛ no sɛ onni no; nanso Samuel de, wamma Gilgal, na Saulo huu sɛ mmarima no rebɔ ahwete. \v 9 Enti ɔhyɛe se, “Momfa ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre no mmrɛ me.” Na Saulo ankasa bɔɔ ɔhyew afɔre no. \v 10 Ɔrewie afɔre no bɔ ara pɛ, na Samuel koduu hɔ. Enti Saulo pue kohyiaa no maa no akwaaba. \p \v 11 Samuel bisaa no se, “Dɛn na woayɛ yi?” \p Saulo buae se, “Mihuu sɛ mmarima no rehwete, na womma no, na Filistifo no nso reboa wɔn ho ano wɔ Mikmas no, \v 12 medwenee se, ‘Afei de, Filistifo no besian abɛtoa me wɔ Gilgal, nanso mimmisaa \nd Awurade\nd* nkyɛn adom ɛ.’ Enti metee nka sɛ, ɛsɛ sɛ mebɔ ɔhyew afɔre ansa na woaba.” \v 13 Na Samuel kae se, “Woadi nkwaseasɛm. Woanni mmara a \nd Awurade\nd*, wo Nyankopɔn, hyɛɛ wo no so. Sɛ wudii so a, anka obetim wʼahenni ase wɔ Israel afebɔɔ. \v 14 Na mprempren, wʼahenni no rentim. \nd Awurade\nd* apɛ ɔbarima bi a ɔyɛ ne koma apɛde na wayi no sɛ ne nkurɔfo ɔkannifo, efisɛ woanni \nd Awurade\nd* mmara no so.” \p \v 15 Na Samuel fii Gilgal kɔɔ Gibea wɔ Benyamin. Saulo kan mmarima a na wɔka ne ho no, na wɔn ano si bɛyɛ ahansia. \v 16 Na Saulo ne ne babarima Yonatan ne mmarima a wɔka ne ho no te Geba a ɛbɛn Gibea wɔ Benyamin asase so. Saa bere no na Filistifo no akyere nsraban wɔ Mikmas. \v 17 Afowfo akuw abiɛsa fii Filistifo nsraban mu. Kuw baako de nʼani kyerɛɛ Ofra kwan so, kɔɔ Sual mpɔtam hɔ. \v 18 Afoforo faa Bet-Horon kwan so na wɔn a wɔka ho no nso faa ɔhye a ɛkyerɛ Seboim bon no kwan so, kɔɔ sare so fam. \p \v 19 Saa bere no, na ɔtomfo biara nni Israel asase no so baabiara. Filistifo no amma atomfo no kwan, efisɛ wose, “Anyɛ saa a atomfo no bɛbɔ afoa ne mpeaw ama Hebrifo no.” \v 20 Enti na Israelfo no nyinaa kɔ Filistifo nkyɛn kɔsesew wɔn funtum nnade, nsɔw, mmonnua ne dɔtetu nnade ano. \v 21 (Na wogye funtum nnade ne asosɔw a wɔsew no biara ho dwetɛ gram awotwe, na sɛ wɔsew mmonnua anaa mmoaka nnade a, wogye dwetɛ gram anan.) \v 22 Ɛno nti na Israelfo no mu biara nni afoa anaa peaw, gye sɛ Saulo ne Yonatan. \p \v 23 Saa bere no mu, na Filistifo asraafo no fa bi akɔ akɔfa ɔtempɔn a ɛda Mikmas no. \c 14 \s1 Yonatan Akokodurusɛm \p \v 1 Da bi, Yonatan ka kyerɛɛ aberante a ɔsoa nʼakode se, “Bra na yɛnkɔ baabi a Filistifo no apee so wɔ hɔ no.” Yonatan anka nʼadwene ankyerɛ nʼagya. \v 2 Saa bere no na Saulo ne ne mmarima ahansia no akyere nsraban wɔ Gibea nkwantia wɔ atoaa dua a ɛwɔ Migron no ase. \v 3 (Onipa a na ɔka Saulo mmarima no ho no ne Ahiya a ɔyɛ Awurade sɔfo a na ɔhyɛ sirikyi asɔfotade no. Na Ahiya yɛ Ahitub babarima a ɔyɛ Ikabod nua. Na saa Ahitub no nso yɛ Pinehas babarima a na ɔyɛ Eli nena nso. Na Eli yɛ Awurade sɔfo a na ɔsom wɔ Silo.) Na obiara nnim sɛ Yonatan afi Israel nsraban mu hɔ. \p \v 4 Ansa na Yonatan beduu Filistifo nsraban mu no, na ɛsɛ sɛ osian fa abotan mmepɔw abien bi a wɔfrɛ no Boses ne Sene no ntam. \v 5 Ɔbotan a etweri hɔ a na ɛwɔ atifi fam no, na ɛkyerɛ Mikmas anim, na nea ɛwɔ anafo fam no nso ɛkyerɛ Geba anim. \p \v 6 Yonatan ka kyerɛɛ aberante a ɔyɛ nʼakodekurafo no se, “Ma yentwa mu nkɔ abosonsomfo no nkyɛn. Ebia, \nd Awurade\nd* bɛboa yɛn, efisɛ biribiara ntumi nsiw \nd Awurade\nd* kwan. Obetumi adi ɔko mu nkonim a ɛmfa ho sɛ nʼakofo dɔɔso anaa wosua.” \p \v 7 Aberante no kae se, “Yɛ nea wugye di sɛ eye biara. Gyinae biara a wubesi no, metaa wʼakyi pintinn.” \p \v 8 Yonatan kae se, “Eye, yebetwa mu akɔ hɔ, na yɛama wɔahu yɛn. \v 9 Na sɛ wɔka se, ‘Munnyina faako a moadu hɔ ara na anyɛ saa a, yebekum mo’ a, ɛno de, yebegyina a yɛrenkɔ wɔn nkyɛn. \v 10 Na sɛ wɔka se, ‘Momforo mmra mmɛko’ a, ɛno de, yɛbɛforo akɔ soro. Ɛbɛyɛ \nd Awurade\nd* nsɛnkyerɛnne sɛ ɔbɛboa yɛn, ama yɛadi wɔn so nkonim.” \v 11 Bere a Filistifo no huu sɛ wɔreba no, wɔteɛɛ mu se, “Monhwɛ o! Hebrifo no na wɔreweawea afi wɔn abon mu no!” \p \v 12 Na wɔteɛɛ mu frɛɛ Yonatan se, “Foro bra ha na yɛnkyerɛ wo nyansa!” Yonatan ka kyerɛɛ nʼakodekurafo no se, “Bra; foro di mʼakyi na \nd Awurade\nd* bɛboa yɛn, ama yɛadi wɔn so nkonim.” \p \v 13 Enti wɔde wɔn nsa abien ne wɔn anan foroe, na Yonatan ne nʼakodekurafo no kunkum Filistifo no benkum ne nifa. \v 14 Wokunkum mmarima bɛyɛ aduonu maa wɔn amu no dedaa asase a ne trɛw bɛyɛ sɛ eka fa so. \v 15 Ɛhɔ ara, ehu bɔɔ Filistifo asraafo no wɔ nsraban no mu ne akono hɔ nyinaa, na ɛkaa afowfo no mpo. Ɛhɔ ara asase wosow maa obiara koma tui. \s1 Israel Di Filistifo So Nkonim \p \v 16 Saulo awɛmfo a wɔwɔ Gibea no huu biribi a ɛyɛ wɔn nwonwa. Ɛno ara ne sɛ, Filistifo asraafo no abɔ ahwete mmaa nyinaa. \v 17 Afei, Saulo ka kyerɛɛ mmarima a wɔka ne ho no se, “Monhwɛ asraafo no mu nhwɛ sɛ obi nni hɔ ana.” Wɔhwehwɛ huu sɛ Yonatan ne nʼakodekurafo no na na wonni hɔ. \p \v 18 Saulo ka kyerɛɛ Ahiya se, “Kɔfa Onyankopɔn Apam Adaka no bra.” (Saa bere no na ɛwɔ Israelfo nkyɛn.) \v 19 Bere a Saulo rekasa akyerɛ ɔsɔfo no, na basabasa a asi Filistifo nsraban no mu no ano den ara na ɛreyɛ. Enti Saulo ka kyerɛɛ ɔsɔfo no se, “Gyae! Ma yɛnkɔ.” \p \v 20 Afei, Saulo ne ne mmarima ahansia no kaa wɔn ho ntɛm so fii akono hɔ kohuu sɛ, Filistifo no atwa wɔn ho rekunkum wɔn ho wɔn ho. Na ɛhɔ nyinaa ayɛ kitikiti ne basabasa nko ara. \v 21 Mpo, Hebrifo a na wɔdɔm Filistifo asraafo no kɔdɔm Saulo, Yonatan ne Israelfo nkae no. \v 22 Saa ara na mmarima a na wɔakɔtetɛw wɔ mmepɔw mu no huu sɛ Filistifo no reguan no, bɛkaa ho taa wɔn bi. \v 23 Enti \nd Awurade\nd* gyee Israel da no. Na ɔko no kɔɔ so ara traa Bet-Awen. \s1 Saulo Ntamhunu \p \v 24 Afei, saa da no na Israelfo no abrɛbrɛ, efisɛ na Saulo ama wɔaka ntam se, “Nnome mmra obiara a obedidi ansa na onwini atɔ, anaasɛ ansa matɔ mʼatamfo no so were.” Enti obiara amfa hwee anka nʼano da mu no nyinaa, \v 25 ɛwɔ mu, wohuu sɛ ɛwo kyɛm da fam wɔ kwae no ase. \v 26 Wɔamfa wɔn nsa anso ɛwo no mu mpo, efisɛ na wɔn nyinaa suro ntam a wɔaka no. \v 27 Nanso na Yonatan de, ɔntee nʼagya ntam no ho hwee. Ɔde abaa bi nuu ɛwo kyɛm no mu, dii ɛwo no bi. Odi wiee no, ne ho bae no. \v 28 Nanso mmarima no mu baako huu no, ka kyerɛɛ no se, “Wʼagya maa asraafo no kaa ntam a emu yɛ den sɛ, obiara a obedidi nnɛ no, nnome bɛba ne so. Ɛno nti, na obiara ahodwow no.” \p \v 29 Na Yonatan teɛɛ mu se, “Mʼagya de ɔhaw abɛto yɛn nyinaa so. Mmara a ɛte sɛɛ no pira yɛn. Monhwɛ sɛ ɛwo kakra a midii yi, me ho asisi me ho so. \v 30 Sɛ mmarima no nyaa kwan dii nnuan a wohuu wɔ yɛn atamfo no nkyɛn a, anka mo ara mubehu wɔn dodow a yebekum aka ho.” \p \v 31 Nanso ɔkɔm no nyinaa akyi, wɔtaa Filistifo no da mu no nyinaa fi Mikmas, kosii Ayalon. Na afei, wɔbrɛbrɛɛ mmoroso. \v 32 Anwummere no, wɔtow guu asade no so, faa nguan, anantwi ne anantwi mma. Wokunkum wɔn, wee wɔn nam ne wɔn mogya nyinaa frae. \v 33 Afei, obi ka kyerɛɛ Saulo se, “Hwɛ! Mmarima no reyɛ bɔne atia \nd Awurade\nd*, efisɛ wɔrewe nam a mogya fra mu.” \p Na Saulo kae se, “Ɛyɛ bɔne pa ara. Mumpirew ɔbo kɛse bi mmɛto ha. \v 34 Na afei monkɔ mmarima no mu nkɔka nkyerɛ wɔn se, ‘Momfa anantwi no ne nguan no mmra ha mmekum wɔn na monsɔn wɔn mogya mfi wɔn mu. Monnnwe nam a mogya da so wɔ mu mmfa so nyɛ bɔne ntia \nd Awurade\nd*.’ ” \p Enti anadwo no, asraafo no de wɔn anantwi bae, bekunkum wɔn wɔ hɔ. \v 35 Na Saulo sii afɔremuka wɔ hɔ, de maa \nd Awurade\nd*, nea edi kan a osii. \p \v 36 Na Saulo kae se, “Momma yɛnkɔ Filistifo no so anadwo yi, na yɛnkɔsɛe wɔn ara nkosi ahemadakye a yɛrennyaw wɔn mu baako koraa.” Na wobuae se, “Biribiara a wugye di sɛ eye no, yɛbɛyɛ.” \p Nanso ɔsɔfo no kae se, “Momma yenni kan mmisa \nd Awurade\nd* ansa.” \v 37 Enti Saulo bisaa \nd Awurade\nd* se, “Menkɔ so ntaa Filistifo no? Na wobɛboa yɛn ama yɛadi wɔn so ana?” Nanso \nd Awurade\nd* amma wɔn mmuae biara saa da no. \p \v 38 Enti Saulo ka kyerɛɛ ntuanofo no se, “Biribi atɔ kyima, enti mehwehwɛ mʼasahene nyinaa. Ɛsɛ sɛ yehu bɔne a yɛayɛ nnɛ. \v 39 Mede \nd Awurade\nd* a oyii Israel din ka ntam sɛ nea wayɛ bɔne no bewu, mpo sɛ ɔyɛ me babarima Yonatan!” Na mmarima no mu baako mpo antumi anka hwee. \p \v 40 Afei, Saulo ka kyerɛɛ Israelfo no nyinaa se, “Munnyina nohɔ; me ne me babarima Yonatan nso begyina ha.” Nnipa no penee so. \p \v 41 Enti Saulo bɔɔ \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, mpae se, “Ao \nd Awurade\nd* Israel Nyankopɔn, yɛsrɛ wo kyerɛ yɛn nea odi fɔ ne nea odi bem. Mene Yonatan di fɔ anaasɛ bɔne no wɔ nkurɔfo no mu? Mfomso no bɛtɔɔ Yonatan ne Saulo so, na nnipa no dii bem.” \v 42 Na Saulo kae se, “Mommɔ me ne me babarima Yonatan so ntonto.” Na ntonto no bɔɔ Yonatan sɛ odi fɔ. \p \v 43 Saulo bisaa Yonatan se, “Ka nea woayɛ kyerɛ me.” \p Yonatan gye too mu se, “Mede ɛwo kakra kaa mʼano. Ɛyɛ kakraa bi a na ɛwɔ abaa bi ti so. Na eyi yɛ owu asɛm?” \p \v 44 Saulo kae se, “Yiw, Yonatan, ɛsɛ sɛ wuwu. Sɛ woanwu wɔ saa asɛm yi ho a, Onyankopɔn nka me na minwu.” \p \v 45 Ɛhɔ ara na nnipa no sɔre teɛɛ mu ka kyerɛɛ Saulo se, “Enti ɛfata sɛ Yonatan a ogyee Israel nnɛ no wu ana? Onyame mpa ngu. Bere dodow no a \nd Awurade\nd* te ase yi, ne tinwi baako koraa ho nka, efisɛ Onyankopɔn afa ne so ayɛ anwonwade nnɛ.” Enti nnipa no gyee Yonatan, na wɔankum no. \p \v 46 Na Saulo frɛɛ asraafo no sɛ wɔnntaa Filistifo no bio. Enti Filistifo no san kɔɔ fie. \s1 Saulo Akodi Mu Nkonimdi \p \v 47 Saulo nyaa Israel ahengua no so tenae a ɔhaw biara mma no, ɔko tiaa nʼatamfo wɔ afanan nyinaa. Ɔko tiaa Moab, Amon, Edom Soba ne Filistifo ahemfo. Na baabiara a ɔkɔe no, odii nkonim. \v 48 Ɔkoo mmarima so, dii Amalekfo so, gyee Israelfo fii wɔn afowfo nyinaa nsam. \p \v 49 Na Saulo mmabarima ne Yonatan, Iswi ne Malki-Sua na ne mmabea baanu nso ne Merab a ɔyɛ panyin ne Mikal nso a ɔyɛ akumaa. \v 50 Na Saulo yere din de Ahinoam a na ɔyɛ Ahimaas ba. Na ne sahene din de Abner a na ɔyɛ Saulo agya nua Ner babarima. \v 51 Na Saulo agya Kis ne Abner agya Ner yɛ anuanom a wɔyɛ Abiel mma. \p \v 52 Bere a Saulo dii ade nyinaa, na Filistifo taa ne Israelfo di ako. Enti bere biara a Saulo behu aberante biara a ne koko yɛ duru na ɔwɔ ahoɔden no, ɔtwe no de no fra nʼasraafo mu. \c 15 \s1 Awurade Po Saulo Sɛ Ɔhene \p \v 1 Da bi Samuel ka kyerɛɛ Saulo se, “Me na \nd Awurade\nd* somaa me sɛ memmɛsra wo ngo sɛ Israel ɔhene. Afei tie nkra a efi \nd Awurade\nd* nkyɛn no. \v 2 Asɛm a Asafo \nd Awurade\nd* se ni, ‘Me ne Amalekfo bedi wɔ nea wɔyɛ de tiaa Israelfo bere a na wofi Misraim reba no ho. \v 3 Enti kɔ na kɔsɛe Amalek mantam no pasaa. Kunkum mmarima ne mmea, mmofra ne nkokoaa, anantwi ne nguan, yoma ne mfurum.’ ” \p \v 4 Enti Saulo frɛɛ nʼakofo boaa wɔn ano wɔ Telaim. Na wɔn dodow yɛ mpem ahannu ne mpem du nso a wofi Yuda. \v 5 Saulo kɔɔ Amalek kuropɔn no mu, kɔtɛw obon no mu. \v 6 Na ɔkraa Kenifo no se, “Mumfi nea Amalekfo no te hɔ na mansɛe mo ne wɔn, efisɛ Israelfo no fi Misraim reba no, mo ne wɔn dii no yiye.” Enti Kenifo no twee wɔn ho fi Amalekfo no ho. \p \v 7 Na Saulo kunkum Amalekfo no fii Hawila kosii Sur wɔ Misraim apuei fam. \v 8 Ɔkyeree Amalekfo hene Agag anikann, nanso okunkum nnipa no nyinaa. \v 9 Na Saulo ne nʼakofo no anyɛ Agag bɔne biara, na mmom wɔfaa wɔn nguan pa, anantwi pa ne anantwi ne nguamma a wɔadodɔ srade ne biribiara a wɔn ani gye ho. Wɔsɛee nea so nni wɔn mfaso na enni mu nyinaa. \s1 \nd Awurade\nd* Po Saulo \p \v 10 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Samuel se, \v 11 “Manu me ho sɛ masi Saulo ɔhene, efisɛ wanni me nokware, na afei wayɛ nʼadwene sɛ ɔrentie mʼasɛm.” Asɛm no haw Samuel, na osu frɛɛ \nd Awurade\nd* anadwo mu no nyinaa. \p \v 12 Ade kyee no, Samuel sɔree ntɛm kohyiaa Saulo, nanso obi ka kyerɛɛ no se, “Saulo kɔɔ Karmel sɛ ɔrekosi nkaedum de ahyɛ ne ho anuonyam, na ofii hɔ kɔɔ Gilgal.” \p \v 13 Samuel kɔtoo no no, Saulo kyiaa no anigye so se, “\nd Awurade\nd* nhyira wo. Madi \nd Awurade\nd* ahyɛde no so.” \p \v 14 Samuel bisae se, “Na dɛn ne nguan ne anantwi su a mete yi?” \p \v 15 Saulo gye too mu se, “Ɛyɛ nokware sɛ asraafo no amfa wɔn nsa anka nguan pa ne anantwi pa no. Nanso wɔde eyi rebɛbɔ afɔre ama \nd Awurade\nd*, wo Nyankopɔn. Biribiara a ɛka ho no de, yɛasɛe no.” \p \v 16 Afei, Samuel ka kyerɛɛ Saulo se, “Gyae! Tie asɛm a \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ me anadwo a atwa mu yi.” \p Saulo bisaa se, “Dɛn asɛm?” \p \v 17 Samuel ka kyerɛɛ no se, “Ebia wubu wo ho abomfiaa, nanso ɛnyɛ wo na wudii Israel mmusuakuw nyinaa so no? \nd Awurade\nd* asra wo ngo sɛ ɔhene wɔ Israel so. \v 18 Na ɔsomaa wo sɛ kodi dwuma bi ma no, na osee wo sɛ, ‘Kɔ na kɔsɛe amumɔyɛfo a ɛyɛ Amalekfo no pasapasa, kosi sɛ mobɛtɔre wɔn ase dwerɛbee.’ \v 19 Adɛn nti na woantie \nd Awurade\nd*? Adɛn nti na mopere fom nneɛma, na moyɛɛ nea \nd Awurade\nd* kaa se monnyɛ?” \p \v 20 Saulo nso kaa no denneennen se, “Mitiee \nd Awurade\nd*. Nea ɔkyerɛɛ me sɛ menyɛ no, meyɛe. Mede ɔhene Agag san bae. Na wɔn a aka no de, mesɛee wɔn nyinaa. \v 21 Na mʼakofo no nso de nguan pa, anantwi pa ne asade bae sɛ wɔde rebɛbɔ afɔre ama \nd Awurade\nd*, wo Nyankopɔn wɔ Gilgal.” \p \v 22 Na Samuel buae se, \q1 “Nea ɛwɔ he na ɛsɔ \nd Awurade\nd* ani: \q2 sɛ wobɛbɔ ɔhyew afɔre ne okum afɔre, \q2 anaasɛ wobɛyɛ osetie ama \nd Awurade\nd* nne? \q1 Osetie ye sen afɔrebɔ. \q2 Sɛ wubetie no no ye sen sɛ wode adwennini akɛse srade bɛma. \q1 \v 23 Atuatew te sɛ bayi, \q2 na asoɔden nso te sɛ ahonisom. \q1 Esiane sɛ woapo \nd Awurade\nd* asɛm no nti, \q2 ɔno nso apo wʼahenni.” \s1 Saulo Srɛ Bɔnefakyɛ \p \v 24 Na Saulo ka kyerɛɛ Samuel se, “Mayɛ bɔne. Manni \nd Awurade\nd* ahyɛde ne wo nkyerɛkyerɛ so. Na misuro nnipa no nti na meyɛɛ wɔn apɛde maa wɔn no. \v 25 Enti mesrɛ wo, fa me bɔne kyɛ me na wo ne me nkɔsom \nd Awurade\nd*.” \p \v 26 Samuel ka kyerɛɛ no se, “Merensan ne wo nkɔ. Woapo \nd Awurade\nd* ahyɛde enti \nd Awurade\nd* nso apo wʼahenni!” \p \v 27 Samuel yɛɛ sɛ ɔrekɔ no, Saulo soo nʼatade mu pɛɛ sɛ ɔsan no, na atade no mu suanee. \v 28 Samuel ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ efi nnɛ, \nd Awurade\nd* atew Israel ahemman mu afi wo ho de ama obi foforo a oye sen wo. \v 29 Nea ɔyɛ Israel Anuonyam no nni atoro na ɔnsesa nʼadwene; efisɛ ɔnyɛ onipa na wasesa nʼadwene.” \p \v 30 Saulo srɛɛ bio se, “Minim sɛ mayɛ bɔne. Na mesrɛ wo sɛ, hyɛ me anuonyam wɔ me mpanyimfo ne me nkurɔfo anim; wo ne me nkɔsom \nd Awurade\nd*, wo Nyankopɔn.” \v 31 Enti Samuel pene ne Saulo san kɔe, na Saulo som \nd Awurade\nd*. \s1 Samuel Kum Ɔhene Agag \p \v 32 Afei, Samuel kaa se, “Fa ɔhene Agag brɛ me.” \p Agag baa ne nkyɛn gyidi mu, susuw sɛ ɛhɔ a wakɔ no de, owu apare no. \p \v 33 Nanso Samuel kae se, \q1 “Sɛnea wʼafoa akum mmea bi mmabarima no, \q2 wo nso wo na bɛyɛ ɔbea a onni ba.” \m Enti Samuel twitwaa Agag mu nketenkete \nd Awurade\nd* anim wɔ Gilgal. \p \v 34 Na Samuel fi hɔ kɔɔ Rama na Saulo nso kɔɔ ne fi wɔ Gibea. \v 35 Samuel anhyia Saulo bio nanso odii ne ho yaw bebree. Na Awurade nuu ne ho sɛ osii Saulo hene wɔ Israel so. \c 16 \s1 Samuel Sra Dawid Ngo \p \v 1 \nd Awurade\nd* bisaa Samuel se, “Woadi Saulo ho awerɛhow sɛnea ɛsɛ. Mapo no sɛ Israel hene. Fa ngo gu wo toa mu, na tutu so kɔ Betlehem. Hwehwɛ obi a wɔfrɛ no Yisai na mayi ne mmabarima no mu baako sɛ ɔnyɛ me hene foforo.” \p \v 2 Samuel bisae se, “Mɛyɛ dɛn ayɛ eyi? Sɛ Saulo te a obekum me.” \p Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ no se, “Fa nantwi ba ka wo ho, na ka se, ‘maba sɛ merebɛbɔ afɔre ama \nd Awurade\nd*.’ \v 3 To nsa frɛ Yisai na ɔmmra afɔrebɔ no, na mɛkyerɛ wo ne mmabarima no mu nea wobɛsra no ngo ama me.” \p \v 4 Samuel yɛɛ nea \nd Awurade\nd* kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Bere a oduu Betlehem no, ɛhɔ mpanyimfo no bɔɔ hu. Wobisaa no se, “Wobaa no asomdwoe mu ana?” \p \v 5 Samuel buae se, “Yiw, asomdwoe mu. Merebɛbɔ afɔre ama \nd Awurade\nd*. Munnwira mo ho, na mommɛka me ho na yɛmmɔ.” Enti Samuel dwiraa Yisai ne ne mmabarima no na ɔtoo nsa frɛɛ wɔn baa afɔrebɔ no ase. \p \v 6 Wodui no, Samuel huu Eliab na osusuwii se, “Ampa, nea \nd Awurade\nd* asra no no ni.” \p \v 7 Nanso \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Samuel se, “Nhwɛ nʼahoɔfɛ ne ne tenten, efisɛ mapo no. \nd Awurade\nd* nhwɛ nneɛma sɛnea nnipa hwɛ no. Onipa hwɛ nea aniwa hu, na \nd Awurade\nd* de, ɔhwɛ koma mu.” \p \v 8 Na Yisai frɛɛ Abinadab ma otwaa mu wɔ Samuel anim. Nanso Samuel kae se, “Oyi nyɛ nea \nd Awurade\nd* ayi no.” \v 9 Yisai maa Sama twaa mu, nanso Samuel kae se, “Saa ara na \nd Awurade\nd* nyii oyi.” \v 10 Yisai maa ne mmabarima baason bɛfaa Samuel anim, na Samuel ka kyerɛɛ no se, “\nd Awurade\nd* nyii wɔn mu biara ɛ.” \v 11 Enti obisaa Yisai se, “Mmabarima a wowɔ nyinaa ni ana?” \p Yisai buae se, “Akumaa pa ara wɔ hɔ, nanso ɔrehwɛ nguan.” \p Samuel kae se, “Soma na wɔnkɔfa no mmra mprempren. Sɛ ɔmmae a, yɛrentena ase nnidi.” \p \v 12 Enti Yisai soma ma wɔkɔfaa no bae. Na ɔyɛ ɔkɔkɔɔ a ahoɔfɛ aguare no na nʼani yɛ fɛ. \p \nd Awurade\nd* kae se, “Sɔre na sra no ngo. Ɔno ni.” \p \v 13 Enti Samuel faa toa a ngo wɔ mu no sraa no wɔ ne nuanom anim. Na efi saa da no, \nd Awurade\nd* honhom baa Dawid so wɔ tumi mu. Samuel kɔɔ Rama. \s1 Dawid Som Wɔ Saulo Ahemfi \p \v 14 Saa bere yi na \nd Awurade\nd* honhom afi Saulo so. Na \nd Awurade\nd* maa ɔhaw honhom bɛhyɛɛ no ma. Ɛma ɔtenaa ase ehu ne osuro mu. \p \v 15 Ɛbaa saa no, Saulo asomfo no bi kyerɛɛ adwene bi se, “Honhommɔne bi a efi Onyankopɔn hɔ rehaw wo. \v 16 Momma yɛn Awurade mma ne nkoa mpɛ sankubɔfo papa bi, na sɛ honhom no fi Onyankopɔn hɔ ba wo so a, wabɔ nnwom ama wo, na wo ho bɛtɔ wo.” \p \v 17 Saulo kae se, “Monhwehwɛ ɔsankubɔni papa bi na momfa no mmrɛ me.” \p \v 18 Asomfo no mu baako buae se, “Yisai a ofi Betlehem babarima baako nim sankubɔ yiye. Ɔyɛ ɔkokodurofo hoɔdenfo, na ɔyɛ ɔbadwemma nso. Ɔyɛ aberante a ne ho yɛ fɛ, na \nd Awurade\nd* ka ne ho.” \p \v 19 Enti Saulo tuu abɔfo kɔɔ Yisai hɔ kɔka kyerɛɛ no se, “Fa wo babarima Dawid a ɔyɛ oguanhwɛfo no brɛ me.” \v 20 Yisai penee so de Dawid kɔmaa Saulo a abirekyi ba ne afurum a wɔahyehyɛ aduan ne nsa wɔ ne so ka ho. \p \v 21 Dawid kɔɔ Saulo nkyɛn kɔsom no. Na Saulo pɛ Dawid asɛm yiye, enti ɔbɛyɛɛ Saulo akodekurafo no mu baako. \v 22 Na Saulo de nkra kɔmaa Yisai se, “Ma Dawid nka mʼadwumayɛfo no ho, efisɛ mepɛ nʼasɛm yiye.” \p \v 23 Na bere biara a honhommɔne a efi Onyankopɔn bɛba Saulo so abɛhaw no no, Dawid bɔ sanku no. Ɛba saa a, Saulo ho tɔ no, na honhommɔne no nso kɔ. \c 17 \s1 Dawid Kum Goliat \p \v 1 Afei, Filistifo boaboaa wɔn asraafo ano wɔ Soko a ɛwɔ Yuda sɛ wɔrebɛko. Wɔkyeree nsraban wɔ Soko ne Aseka ntam wɔ Efes-Damim. \v 2 Saulo yɛɛ saa ara, boaboaa ne dɔm ano wɔ baabi a ɛbɛn Ela bon. \v 3 Filistifo faa bepɔw baako, na Israelfo no nso faa baako a obon no da wɔn ntam. \p \v 4 Ɔbarima tenten hoɔdenfo bi a ne din de Goliat a ofi Gat no pue fii Filistifo no nsraban mu bae. Na ne tenten bɛboro anammɔn akron. \v 5 Na ɔhyɛ kɔbere kyɛw, hyɛ kɔbere akotade a akode bobɔ mu, na emu duru yɛ kilogram aduonum ason. \v 6 Na nʼanan nso, kɔbere nkatanan kata ho na kɔbere peaw nso sɛn nʼakyi. \v 7 Na ne peaw ano dade no te sɛ ntamanwemfo nsadua mu abaa, na ano dade no kari dwetɛ kilogram ason. Na ne nkatabokurafo di nʼanim. \p \v 8 Goliat begyinaa hɔ teɛɛ mu guu Israelfo no so se, “Asraafo yi nyinaa na morebɛko ana? Munyi mo mu baako na ɔmmɛko mma mo, na me nso mesi Filistifo anan mu. Yɛbɛko de awie asɛm no ka! \v 9 Sɛ mo nipa no tumi kum me a, yɛbɛyɛ mo nkoa. Na sɛ mikum no a, mobɛyɛ yɛn nkoa.” \v 10 Filistini no kae se, “Memmfa Israel asraafo nyɛ hwee, momma me ɔbarima a ɔne me bɛko.” \v 11 Bere a Saulo ne Israelfo tee eyi no wɔbɔɔ huboa na wɔn ho popoe. \s1 Yisai Soma Dawid Kɔ Saulo Nsraban Mu \p \v 12 Na Dawid yɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yisai a ɔyɛ Efratni na ofi Betlehem wɔ Yuda asase so no babarima. Na Yisai wɔ mmabarima baawɔtwe, na Saulo bere so no, na wabɔ akwakoraa a ne mfe a wadi no kɔ anim yiye. \v 13 Na Yisai mmabarima mpanyimfo baasa na wodii Saulo akyi kɔɔ ɔko no. Na abakan no din de Eliab, nʼakyi ba din de Abinadab, na nea ɔto so abiɛsa no din de Sama. \v 14 Dawid de, na ɔno ne akumaa koraa. Mpanyimfo baasa no na wodii Saulo akyi, \v 15 nanso na Dawid di akɔneaba; ɔkɔsom Saulo na wakɔhwɛ nʼagya nguan wɔ Betlehem nso. \p \v 16 Filistini yi pue mema ne ho so wɔ Israelfo asraafo nʼanim anɔpa ne anwummere, saa ara adaduanan. \p \v 17 Da koro bi, Yisai ka kyerɛɛ Dawid se, “Fa nkyewe lita aduonu abien yi ne brodo mua du yi kɔma wo nuabarimanom. \v 18 Na fa kyiisi du a wɔatwitwa yi ma ɔsafohene no. Ɛyɛ a hwɛ sɛnea wo nuabarimanom no ho te, na gye krataa fi wɔn nkyɛn brɛ me. \v 19 Na Dawid nuanom ne Israel asraafo no wɔ Ela bon no mu a wɔreko atia Filistifo.” \v 20 Ade kyee anɔpa no, Dawid gyaw nguan no maa oguanhwɛfo bi na ɔfaa akyɛde no kɔe. Oduu nsraban mu hɔ bere a na asraafo no rekɔ mpasua ahorow no so. Wɔrekɔ no, na wɔreto asafonnwom reteɛteɛ mu. \v 21 Na Israel ne Filistifo no rebɛn a wodi nhwɛanim. \v 22 Dawid gyaw ne nneɛma maa akode sohwɛfo no, yɛɛ ntɛm kɔɔ akono hɔ kokyia ne nuanom. \v 23 Bere a Dawid ne wɔn rekasa no, Filistini tenten hoɔdenfo Goliat a ofi Gat, fii Filistifo asraafo no mu teɛteɛɛ mu ahantan so kyerɛɛ Israel asraafo no. \v 24 Bere a Israelfo no huu ɔbarima no, wɔn nyinaa de ehu guan kɔe. \p \v 25 Afei, na Israelfo keka wɔ wɔn mu se, “Woahu ɔbran no? Ɔba bɛkasa tia Israel da biara. Na woate akatua a ɔhene ahyɛ sɛ ɔde bɛma obiara a obetumi akum no no? Ɔhene ahyɛ sɛ ɔde ne babea bɛma no aware, na ne fifo nso, ɔhene remma wontua tow biara a wogye no Israelman mu.” \p \v 26 Dawid bisaa mmarima a wogyina ne ho no se, “Dɛn na mobɛyɛ ama ɔbarima a obekum saa Filistini yi, na ɔnam so ayi saa animguase yi afi Israel so? Hena ne saa Filistini bosonsomni yi a ɛsɛ sɛ ogu Onyankopɔn Teasefo asraafo anim ase?” \p \v 27 Wotii asɛm a wɔaka dedaw no mu kyerɛɛ no se, “Nea woate dedaw no yɛ nokware. Ɛno na yɛbɛyɛ ama onipa a obekum ɔbran no.” \p \v 28 Bere a Dawid nuapanyin Eliab tee sɛ ɔne mmarima no rekasa saa no, ne bo fuw no, na obisae se, “Adɛn nti na woaba ha? Na nguan kakra a wɔwɔ sare so no, wode wɔn gyaw hena? Minim sɛnea wogye wo ho di ne sɛnea wo komapirim te. Ɔko yi hwɛ ara nti na wobae.” \p \v 29 Dawid bisae se, “Mayɛ dɛn? Nti, ɛnsɛ sɛ mekasa mpo?” \v 30 Afei, ɔdan ne ho ne afoforo kɔkasae. Ɔde asɛm koro no ara bae, na mmarima no buaa no sɛnea wɔaka dedaw no. \v 31 Asɛm a Dawid kaa no twaa nnipa bi asom, ma wɔkɔbɔɔ Saulo amanneɛ, enti ɔsoma kɔfrɛɛ no. \s1 Dawid Kum Goliat \p \v 32 Dawid ka kyerɛɛ Saulo se, “Mma hwee nhaw wo. Mɛkɔ na me ne Filistini yi akɔko.” \p \v 33 Saulo buaa Dawid se, “Worentumi ne saa Filistini yi nko. Woyɛ abarimaa, nanso ɔno de, ɔyɛ ɔkofo fi ne mmofraase.” \p \v 34 Na Dawid ka tii mu se, “Mahwɛ mʼagya nguan ara, na sɛ gyata anaa sisi bi ba sɛ ɔrebɛkyere oguan ba bi afi nguankuw no mu a, \v 35 mede abaa poriwa di nʼakyi gye aboa no fi nʼanom. Na sɛ aboa no dan nʼani ba me hɔ a, miso nʼabogye, kyere no, de abaa poriwa no bɔ no, kum no. \v 36 Mayɛ saa akum gyata ne sisi, na saa na mɛyɛ Filistini bosonsomni no nso, efisɛ wagu Onyankopɔn Teasefo asraafo ho fi. \v 37 \nd Awurade\nd* a ogyee me fii gyata ne sisi awerɛw ano no, ɔno ara na obegye me afi Filistini yi nsam.” \p Saulo penee so kae se, “Eye, kɔ. \nd Awurade\nd* nka wo ho.” \p \v 38 Afei, Saulo de ɔno ankasa akode maa Dawid. Ɔde kɔbere kyɛw ne akotade kaa ho. \v 39 Dawid hyɛe, de afoa kyekyere taree so, tuu anammɔn bɛyɛ abien, kɔɔ nʼanim hwɛɛ sɛnea ɛte, efisɛ na ɔnhyɛɛ biribi a ɛte saa da. \p Afei, ɔkae se, “Merentumi mfa eyinom nhyehyɛ me ho nkɔ, efisɛ menhyɛɛ bi saa da.” Enti ɔworɔw ne nyinaa guu hɔ. \v 40 Ɔfaa kokwabo anum fii asuwa bi mu, de guu ne nguanhwɛfo kotoku mu. Ɔfaa ne nguanhwɛfo pema ne nʼahwimmo nko ara. Afei, osii kwan so sɛ ɔne Goliat rekɔko. \p \v 41 Goliat twiw pinii Dawid a ne nkatabokurafo di nʼanim. \v 42 Goliat huu Dawid no, obuu no abomfiaa. \v 43 Ɔworoo so kyerɛɛ Dawid se, “Meyɛ ɔkraman na wode pema aba me so?” Na ɔkaa nʼanyame din ntam de domee Dawid. \v 44 Goliat kae se, “Bra mʼanim ha, na mede wo nam bɛma nnomaa ne nkekaboa.” \p \v 45 Dawid ka kyerɛɛ Filistini no se, “Wode afoa, peaw ne bɛmma na ɛreba me so, na me de, mede Asafo \nd Awurade\nd*, Israel asraafo Nyankopɔn a woagu ne din ho fi no din na mede reba wo so. \v 46 Nnɛ, \nd Awurade\nd* bedi wo so nkonim, na mekum wo, atwa wo ti. Na mede Filistifo asraafo no afunu mama nnomaa ne nkekaboa, na wiase nyinaa behu sɛ, Onyankopɔn bi wɔ Israel! \v 47 Na obiara behu sɛ, Onyankopɔn mfa akode na egye ne nkurɔfo. Ɛyɛ ne ko, na ɛnyɛ yɛn ko. \nd Awurade\nd* de wo bɛma yɛn!” \p \v 48 Goliat yɛɛ sɛ ɔreba Dawid so no, ntɛm ara, na Dawid nso tuu mmirika kohyiaa no. \v 49 Ɔde ne nsa hyɛɛ nguanhwɛfo kotoku no mu, yii kokwabo baako de hyɛɛ nʼahwimmo no mu tow ma ɛkɔbɔɔ Filistini no moma so. Kokwabo no wuraa Goliat tirim ma obu hwee, maa nʼanim kobutuw fam. \v 50 Enti Dawid de ahwimmo ne kokwabo baako dii Filistini ɔkwabran no so. \v 51 Dawid tuu mmirika kɔɔ Filistini no so kɔtwee nʼafoa fii ne boha mu. Dawid de afoa no kum no twaa ne ti. \p Bere a Filistifo huu sɛ wɔn kwabran no awu no, wɔtetew san wɔn akyi, guanee. \s1 Israel Di Filistifo So Nkonim \p \v 52 Afei, Israelfo no bɔɔ ose kɛse nkonimdi so, taa Filistifo no ara koduu Gat ne Ekron apon ano. Na Filistifo a wɔawuwu no afunu ne apirafo no gugu ɔkwan so, de fi Saaraim de koduu Gat ne Ekron. \v 53 Afei, Israelfo asraafo san wɔn akyi bɛbɔ wuraa Filistifo nsraban a wɔaguan afi hɔ no mu faa wɔn nneɛma. \p \v 54 Dawid faa Goliat ti de kɔɔ Yerusalem, na ɔkoraa Filistini no akode wɔ ɔno ankasa ne ntamadan mu. \p \v 55 Bere a Saulo huu Dawid sɛ ɔrekɔ Goliat anim no, obisaa Abner a na ɔyɛ nʼakofo sahene se, “Abner, hena ba ne saa aberante yi?” \p Abner buae se, “Nokware ni, minnim.” \p \v 56 Ɔhene no ka kyerɛɛ no se, “Ɛyɛ a, bisa.” \p \v 57 Dawid kum Goliat akyi no, Abner de no brɛɛ Saulo a na ɔda so kita Filistini no ti no. \p \v 58 Saulo ka kyerɛɛ no se, “Ka biribi a ɛfa wʼagya ho kyerɛ me, me ba.” \p Na Dawid buae se, “Ne din de Yisai, na yɛte Betlehem.” \c 18 \s1 Saulo Twe Dawid Ho Ninkunu \p \v 1 Bere a Dawid ne Saulo kasa wiei no, ohyiaa ɔhenebabarima Yonatan. Wɔn baanu no dɔɔ wɔn ho wɔn ho prɛko pɛ na wɔbɛyɛɛ nnamfo pa ara. \v 2 Efi saa da no, Saulo gyee Dawid tenaa ahemfi hɔ a wampɛ sɛ ɔbɛsan akɔ ne fi. \v 3 Na Yonatan ne Dawid yɛɛ apam sɛ, wɔbɛyɛ nnamfo. \v 4 Na Yonatan de ne batakari, nhyɛase, afoa, agyan ne nkyekyeremu maa Dawid de sɔw apam no ano. \p \v 5 Biribiara a Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ ɔnyɛ no, Dawid yɛɛ no pɛpɛɛpɛ. Enti Saulo yɛɛ no nʼasraafo so ɔsahene, maa nʼakofo ne wɔn mpanyimfo nyinaa de anigye penee so. \p \v 6 Nanso bere a Israelfo nkonimdifo rekɔ fie, na Dawid akum Filistini no, mmea fifi nkurow a ɛbɛn ɔkwan no ho no bɛtwee mmommomme hyiaa Ɔhene Saulo a na wɔde anigye reto nnwom, bɔ akasae ne kyɛnkyɛn. \v 7 Wɔresaw no, wɔtoo dwom se: \q1 Saulo akum ne apem apem, \q2 na Dawid de ne mpem du du! \p \v 8 Eyi maa Saulo bo fuw yiye. Ɔkae se, “Eyi ase ne dɛn? Wɔde mpem du mpem du abata Dawid din ho, na me de, wɔde apem apem pɛ. Dɛn na aka sen sɛ wobesi no hene?” \v 9 Efi saa bere no, Saulo tuu nʼani sii Dawid so. \p \v 10 Ade kyee no, Onyankopɔn honhom bɛhyɛɛ Saulo so. Na ɔrehyɛ nkɔm wɔ ne fi, bere a na Dawid rebɔ ne sanku sɛnea na ɔtaa yɛ no. Na Saulo kura peaw \v 11 na ɔkaa wɔ ne tirim se, “Mesina Dawid atare ɔfasu no.” Nanso Dawid huruw sii nkyɛn na oguanee mpɛn abien. \p \v 12 Na Saulo suro Dawid, efisɛ na \nd Awurade\nd* agyaw no akɔ Dawid afa. \v 13 Enti Saulo yii Dawid fii ne ho na ɔma ɔkɔyɛɛ ɔsafohene wɔ asraafo apem so, na, Dawid dii saa nsraadɔm no anim de wɔn kɔɔ ɔsa. \v 14 Biribiara a Dawid yɛe no, odii nkonim wɔ mu, efisɛ na \nd Awurade\nd* ka ne ho. \v 15 Saulo huu eyi no, osuroo no. \v 16 Nanso Israel ne Yuda nyinaa dɔɔ Dawid, efisɛ na odi nʼakofo anim kɔ ɔsa a, odi nkonim. \s1 Dawid Ware Saulo Babea \p \v 17 Da bi, Saulo ka kyerɛɛ Dawid se, “Mepɛ sɛ mede me babea panyin Merab ma wo aware. Nea edi kan ne sɛ wobɛkyerɛ sɛ woyɛ ɔkofo kɛse a wobɛko \nd Awurade\nd* ko no.” Na Saulo kaa wɔ ne tirim se, “Merenteɛ me nsa wɔ ne so. Mɛma wakɔko atia Filistifo no na wɔakum no.” \p \v 18 Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo se, “Me sɛɛ ne hena a mɛyɛ ɔhene ase? Me fi ne mʼagya abusua a ɛwɔ Israel nka hwee?” \v 19 Enti bere no duu sɛ wɔde Saulo babea Merab ma Dawid aware no, wɔde no maa Adriel a ofi Meholat aware. \p \v 20 Na Saulo babea Mikal dɔ Dawid, enti bere a Saulo tee no, ɛyɛɛ no anigye. \v 21 Saulo kaa wɔ ne tirim se, “Mede no bɛma no na wafa so ayɛ afiri a ɛbɛma Filistifo nsa aka no akum no.” Na ɔka kyerɛɛ Dawid se, “Afei, ɔkwan a ɛto so abien a wobɛfa so ayɛ mʼase no abue ama wo.” \p \v 22 Na Saulo hyɛɛ ne nkoa se, “Monka no kokoa mu nkyerɛ Dawid se, ‘Hwɛ, ɔhene ani sɔ wo, na yɛn nyinaa pɛ wʼasɛm. Adɛn nti na wompɛ sɛ woyɛ ɔhene ase barima?’ ” \p \v 23 Wotii saa nsɛm yi mu kyerɛɛ Dawid. Nanso Dawid kae se, “Ohiani ba a me fi nni bi, mususuw sɛ ɛyɛ ade a ɛda fam sɛ obi bɛyɛ ɔhene nʼase ana?” \p \v 24 Nkoa no kɔkaa asɛm a Dawid ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ Saulo no, \v 25 Saulo kae se, “Monkɔka nkyerɛ Dawid se, ‘Ɔhene nhwehwɛ ti nsa biara sɛ Filistifo ɔha mmarima ano were. Mʼatamfo so aweretɔ nko ara ne ade a mepɛ.’ ” Na Saulo adwene ara ne sɛ wobekum Dawid wɔ akono. \p \v 26 Dawid de anigye penee adebisa no so. Enti ansa na bere no duu no, \v 27 Dawid ne ne mmarima kɔ kokum Filistifo no ahannu. Ɔde wɔn mmarima ano were brɛɛ ɔhene. Enti Saulo de ne babea Mikal maa Dawid aware. \p \v 28 Saulo huu sɛ \nd Awurade\nd* ka Dawid ho, na ne babea Mikal nso dɔ Dawid no, \v 29 Saulo kɔɔ so suroo no, na ne nna a aka no mu no, Dawid kɔɔ so yɛɛ Saulo tamfo. \p \v 30 Bere biara a Filistifo asraafo tow hyɛɛ Israel so no, Dawid dii nkonim sen Saulo asahene a wɔaka no. Eyi maa Dawid gyee din wɔ asase no so nyinaa. \c 19 \s1 Saulo Pɛ Sɛ Okum Dawid \p \v 1 Saulo hyɛɛ nʼasomfo ne ne babarima Yonatan sɛ wonkum Dawid. Nanso esiane sɛ na Yonatan adamfo pa ara ne Dawid nti, \v 2 Yonatan kaa adwene a nʼagya ayɛ afa ne ho no kyerɛɛ no tuu no fo se, “Ɔkyena anɔpa, pɛ wuram baabi kɔbɔ wo ho aguaa, efisɛ mʼagya rehwehwɛ wo akum wo. \v 3 Mɛka akyerɛ mʼagya, na ɔne me aba hɔ na mɛka wo ho asɛm nyinaa akyerɛ no. Na biribiara a mehu wɔ hɔ no nso, mɛbɔ wo amanneɛ.” \p \v 4 Ade kyee anɔpa no, Yonatan ne nʼagya dii nkɔmmɔ faa Dawid ho. Yonatan kaa ne ho nsɛm pa pii. Yonatan srɛɛ nʼagya se, “Mesrɛ wo, nyɛ bɔne biara ntia Dawid. Ɔnyɛɛ biribiara a ɛbɛhaw wo. Daa, ɔfa ɔkwan biara a obetumi so boa wo. \v 5 Wo werɛ afi bere a ɔde ne nkwa too ne nsam, kokum Filistini no, na ɛnam so maa \nd Awurade\nd* de nkonimdi kɛse brɛɛ Israel no? Saa bere no, akyinnye biara nni ho sɛ, wʼani gyei. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wukum onipa a ne ho nni asɛm sɛ Dawid? Nkyerɛase pa biara nni mu koraa.” \p \v 6 Enti Saulo tiee Yonatan, na ɔkaa ho ntam dii nsew se, “Sɛ \nd Awurade\nd* te ase yi, wɔrenkum Dawid.” \p \v 7 Akyiri no, Yonatan frɛɛ Dawid kaa asɛm a asi no kyerɛɛ no. Enti ɔfaa Dawid de no kohuu Saulo, na biribiara totɔɔ yiye, sɛnea kan no na ɛte no ara pɛ. \p \v 8 Ankyɛ biara na ɔko bi sii, maa Dawid dii nʼakofo anim kɔko tiaa Filistifo. Ɔde anibere toaa wɔn, maa wɔn nyinaa guanee. \p \v 9 Nanso da bi, Saulo te fi ara no, honhommɔne a efi \nd Awurade\nd* bɛhyɛɛ ne mu prɛko pɛ bio. Bere a Dawid rebɔ ne sanku ama ɔhene no, \v 10 Saulo tow ne peaw kyerɛɛ Dawid so, pɛɛ sɛ okum no. Nanso Dawid twee ne ho, totɔɔ esum mu guan maa peaw no kaa ɔfasu no mu. \s1 Mikal Gye Dawid Nkwa \p \v 11 Saulo somaa mmarima kɔɔ Dawid fi kɔwɛn hɔ sɛ, opue anɔpa a wonkum no. Nanso Dawid yere Mikal bɔɔ no kɔkɔ se, “Sɛ woanguan ampɛ wo nkwa anadwo yi a, ɔkyena, wobekum wo.” \v 12 Enti Mikal de Dawid faa mfɛnsere mu ma oguanee. \v 13 Na Mikal faa ohoni bi de no too mpa so de atade kataa ho, na ne ti hɔ no nso, ɔde abirekyi ho nwi katae. \p \v 14 Bere a Saulo somaa mmarima sɛ wɔnkɔkyere Dawid no, Mikal ka kyerɛɛ wɔn se, “Ɔyare a ontumi nsɔre mfi mpa so.” \p \v 15 Saulo san somaa mmarima no bio se, “Monkɔfa no mfi ne mpa so mmra, sɛnea metumi akum no.” \v 16 Nanso mmarima no wuraa ɔdan no mu no, na ohoni na ɔda mpa no so a abirekyi ho nwi na ɛkata so. \p \v 17 Saulo bisaa Mikal se, “Adɛn nti na woadaadaa me, ama me tamfo aguan?” Mikal buaa no se, “Na ɛsɛ sɛ meyɛ saa efisɛ ɔka kyerɛɛ me se, ‘Mammoa no a, obekum me.’ ” \p \v 18 Bere a Dawid guanee no, ɔkɔɔ Samuel nkyɛn wɔ Rama kɔkaa nea Saulo ayɛ no no nyinaa kyerɛɛ no. Enti Samuel de Dawid kɔtenaa Naiot. \v 19 Bere a Saulo tee sɛ Dawid te Naiot a ɛwɔ Rama no, \v 20 ɔsomaa asraafo sɛ wɔnkɔkyere no mmra. Nanso woduu a wohuu Samuel ne adiyifo bi sɛ wɔrehyɛ nkɔm no, Onyankopɔn honhom baa Saulo mmarima no so, maa wɔn nso hyɛɛ nkɔm. \v 21 Saulo tee asɛm a aba no, ɔsan somaa asraafo foforo, nanso wɔn nso kɔhyɛɛ nkɔm! Asɛm koro no ara sii ne mprɛnsa so. \v 22 Akyiri yi koraa, Saulo no ankasa kɔɔ Rama, koduu abura kɛse bi a ɛwɔ Seku ho. Obisae se, “Samuel ne Dawid wɔ he?” \p Obi ka kyerɛɛ no se, “Wɔn baanu wɔ Naiot a ɛwɔ Rama hɔ.” \p \v 23 Na ɔrekɔ Naiot no, ɔkwan no so na Onyankopɔn honhom baa Saulo so, na ɔno nso fii ase hyɛɛ nkɔm. \v 24 Osunsuan nʼatade mu, de ne ho too fam, daa hɔ da mu ne anadwo mu nyinaa, hyɛɛ nkɔm wɔ Samuel anim. Nnipa a wɔrehwɛ no no teɛteɛɛ mu se, “Asɛm ni? Enti daa yi Saulo nso yɛ odiyifo?” \c 20 \s1 Yonatan Boa Dawid \p \v 1 Dawid guan fii Naiot a ɛwɔ Rama kohuu Yonatan. Obisaa se, “Bɔne bɛn na mayɛ? Bɔne bɛn na mayɛ wʼagya, a enti ɔpɛ sɛ okum me yi?” \p \v 2 Yonatan teɛɛ mu se, “Ɛnyɛ nokware. Minim yiye sɛ onsusuw biribi a ɛte saa ho, efisɛ ɔka ne nsɛm nyinaa kyerɛ me; mpo, ne nsɛm nketenkete nyinaa ɔma mʼaso te. Minim sɛ ɔrentumi mfa asɛm a ɛte sɛɛ nsie me da. Ɛnte saa!” \p \v 3 Dawid kaa ntam wɔ Yonatan anim se, “Wʼagya nim yɛn ayɔnkofa yi mu pefee nti, waka wɔ ne tirim se, ‘Merenka nkyerɛ Yonatan.’ Nanso sɛnea \nd Awurade\nd* te ase na wote ase yi, anammɔn baako pɛ na ɛda me ne owu ntam.” \p \v 4 Na Yonatan ka kyerɛɛ Dawid se, “Nea wopɛ sɛ menyɛ mma wo biara no mɛyɛ.” \p \v 5 Dawid buae se, “Ɔkyena yebedi Ɔsram Foforo Afahyɛ. Bere biara, sɛ dapɔnna no du saa a, me ne ɔhene to nsa didi. Nanso ɔkyena de, mɛkora me ho wɔ wuram ara kosi ne nnansa so anwummere. \v 6 Na sɛ wʼagya hwehwɛ me a, ka kyerɛ no se, ‘Dawid srɛɛ kwan se ɔrekɔ ne kurom Betlehem, na ɔne ne fifo akɔbɔ afirihyia afɔre.’ \v 7 Sɛ ɔka se, ‘Eye’ a, wubehu sɛ wʼakoa ho sɔnn. Na sɛ nso ne bo fuw, gye hwanyan a, wubehu sɛ ɔrehyehyɛ ho sɛ obekum me. \v 8 Da saa adɔe yi adi kyerɛ me, sɛ adamfo a maka ntam adi nsew akyerɛ wo, efisɛ yɛn nyinaa wɔ apam wɔ \nd Awurade\nd* anim. Na sɛ ɛnte saa, na mayɛ bɔne atia wʼagya a, wo ara kum me. Nanso mesrɛ wo, nyi me mma.” \p \v 9 Yonatan teɛɛ mu se, “Ɛmpare me! Wo ara wunim sɛ, sɛ minim mʼagya nsusuwii no ho biribi a, anka maka akyerɛ wo dedaw.” \p \v 10 Na Dawid bisaa Yonatan se, “Ɛbɛyɛ dɛn na mahu sɛ wʼagya bo afuw anaasɛ ne bo mfuw ɛ?” \p \v 11 Yonatan buae se, “Bra na yɛnkɔ wuram hɔ.” Na wɔn nyinaa kɔɔ hɔ. \p \v 12 Yonatan ka kyerɛɛ Dawid se, “Mehyɛ bɔ wɔ \nd Awurade\nd* Israel Nyankopɔn din mu sɛ ɔkyena akyi sesɛɛ me ne mʼagya bɛkasa, na mɛma woahu nea ɔka fa wo ho. Sɛ ɔwɔ wo ho adwene pa a meremma wo nkra biara. \v 13 Nanso sɛ mʼagya bo afuw, na ɔpɛ sɛ okum wo, na sɛ manka ankyerɛ wo amma woanguan a \nd Awurade\nd* ne minni no ɔyaw so. \nd Awurade\nd* nka wo ho sɛnea ɔkaa mʼagya ho no. \v 14 Na fa \nd Awurade\nd* nokware dɔ no bi dɔ me bere a mete ase yi. Na sɛ miwu, \v 15 na ɛba sɛ \nd Awurade\nd* twa Dawid atamfo nyinaa gu fi asase ani mpo a, nyi wʼadɔe mfi me fifo so da biara da.” \p \v 16 Enti Yonatan ne Dawid yɛɛ apam se, “\nd Awurade\nd* ne Dawid atamfo nni.” \v 17 Esiane ɔdɔ a Yonatan wɔ ma Dawid no nti, ɔmaa no tii ne ntam no mu, efisɛ na ɔdɔ no sɛnea ɔdɔ ɔno ankasa ho. \p \v 18 Afei, Yonatan ka kyerɛɛ Dawid se, “Ɔkyena na ɛyɛ ɔsram foforo afahyɛ no. Yɛrenhu wo, efisɛ wʼakongua so bɛda hɔ. \v 19 Ɔkyena akyi, ɛrekɔ anwummere no, kɔ baabi a saa ɔhaw yi fii ase no wukohintaw wo ho no, na twɛn wɔ ɔbo siw no ho. \v 20 Mɛtow agyan abiɛsa afa ne nkyɛn, te sɛ nea meretow abɔ biribi no. \v 21 Afei, mɛsoma abarimaa bi aka se, ‘Kɔ na kɔhwehwɛ bɛmma no.’ Sɛ meka kyerɛ no se, ‘Hwɛ, bɛmma no wɔ ha; tase brɛ me a,’ bra, efisɛ mmere dodow a \nd Awurade\nd* te ase yi, wo ho sɔnn; bɔne bi nni hɔ. \v 22 Na sɛ meka kyerɛ abarimaa no se, ‘Hwɛ, bɛmma no wɔ wʼanim’ a, ɛno de, na ɛsɛ sɛ wokɔ, efisɛ \nd Awurade\nd* na ose kɔ. \v 23 Na \nd Awurade\nd* mmoa yɛn na yenni bɔ a yɛahyehyɛ yɛn ho yɛn ho no so, efisɛ ɔno ne yɛn danseni.” \p \v 24 Na Dawid kɔtɛwee wuram, na bere a ɔsram foforo afahyɛ no dui no, ɔhene no tenaa ase sɛ ɔrebedidi. \v 25 Ɔtenaa nʼatenae a ɛbɛn ɔfasu ho a ɛne Yonatan di nhwɛanim, na Abner tena dii Saulo so, nanso Dawid atenae hɔ de, ɛdaa mpan. \v 26 Na da no, Saulo anka asɛm biara. Na ɔdwenee se, “Gyama asɛm bi ato Dawid a ɛmma ne ho ntew mma saa afahyɛ no ase. Ɛno nti na onni ha nnɛ no.” \v 27 Na ade kyee a Dawid afa hɔ ada mpan bio no, Saulo bisaa ne ba Yonatan se, “Adɛn nti na Yisai babarima no amma adidi nnɛra ne nnɛ?” \p \v 28 Yonatan buae se, “Nokware, Dawid srɛɛ me kwan sɛ ɔrekɔ Betlehem. \v 29 Ɔkae se, ‘Ma menkɔ, efisɛ, me fifo rebɔ afɔre wɔ kurow no mu nti, me nuabarima ahyɛ me sɛ, ɛsɛ sɛ mewɔ hɔ bi. Sɛ afei, manya wʼanim anuonyam a, ma me kwan na menkɔhwɛ me nuanom mmarima.’ Ɛno nti na wamma ɔhene didipon ho no.” \p \v 30 Saulo bo fuw Yonatan, ka kyerɛɛ no se, “Wo ɔba kwasea, ɔbea brakyewni tuatewni ba! Wususuw sɛ minnim sɛ wopɛ sɛ Dawid di hene si wo anan mu de hyɛ wo ne wo na aniwu? \v 31 Mmere dodow a Yisai babarima no te ase wɔ asase yi so no, worennya ɔhene nni da. Soma mprempren ara na wɔnkɔfa no mmrɛ me, na minkum no!” \p \v 32 Yonatan bisaa nʼagya se, “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ wokum no? Dɛn na wayɛ?” \v 33 Ɛhɔ ara, Saulo tow peaw sɛ ɔde rewɔ no, akum no. Afei Yonatan huu sɛ nʼagya asi nʼadwene pi sɛ obekum Dawid. \p \v 34 Yonatan de abufuwhyew sɔre fii didipon no ho. Na da a ɛto so abien wɔ ɔsram no mu no, wannidi, efisɛ ne werɛ how wɔ nʼagya animguasede a ɔpɛ sɛ ɔyɛ Dawid no ho. \p \v 35 Ade kyee no, Yonatan kɔɔ wuram. Sɛnea wɔahyehyɛ ho no. Ɔfaa abarimaa ketewa bi kaa ne ho a ɔbɛboaboa ne bɛmma ano. \v 36 Ɔka kyerɛɛ abarimaa no se, “Fi ase tu mmirika kɔhwehwɛ bɛmma a metotow no.” Na abarimaa no retu mmirika akɔ no, Yonatan tow bɛmma no baako traa no. \v 37 Na bere a abarimaa no duu faako a Yonatan bɛmma no akɔtɔ no, Yonatan frɛɛ no se, “bɛmma no ntraa wo ana?” \v 38 Enti Yonatan teɛɛ mu se, “Ka wo ho! Kɔ ntɛm! Nnyina.” Abarimaa no faa bɛmma no san baa ne wura nkyɛn. \v 39 Na abarimaa no nnim eyi ho hwee; Yonatan ne Dawid nko ara na na wonim. \v 40 Na Yonatan de nʼakode maa abarimaa no kae se, “Kɔ, soa san fa kɔ kurom.” \p \v 41 Bere a abarimaa no kɔe ara pɛ, Dawid pue fii baabi a okohintaw hɔ a ɛbɛn abo siw no bae. Na Dawid bɔɔ ne mu ase wɔ Yonatan anim, de nʼanim butuw fam. Na wofifew wɔn ho wɔn ho ano, na wɔmaa wɔn ho wɔn ho nantew yiye, na wosui, ne titiriw no, Dawid. \p \v 42 Akyiri yi no, Yonatan ka kyerɛɛ Dawid se, “Kɔ asomdwoe mu, efisɛ yɛayɛ apam wɔ \nd Awurade\nd* din mu. Yɛde yɛn mu biara ne yɛn mu biara mma ahyɛ \nd Awurade\nd* nsa afebɔɔ.” Na Dawid kɔe, na Yonatan nso san kɔɔ kurow no mu. \c 21 \s1 Dawid Guan Saulo \p \v 1 Dawid kɔɔ Nob sɔfo Ahimelek nkyɛn. Bere a ɔsɔfo Ahimelek huu no no, ne ho popoe. Obisaa no se, “Adɛn nti na aka wo nko? Adɛn nti na obi nka wo ho?” \p \v 2 Dawid buaa ɔsɔfo Ahimelek se, “Ɔhene somaa me kokoamsɛm bi ho. Ɔka kyerɛɛ me se, mennka nea enti a mewɔ ha nkyerɛ obiara. Makyerɛ faako a me mmarima no nhyia me. \v 3 Afei, dɛn na wowɔ? Ma me brodo mua anum anaa biribiara a wowɔ.” \p \v 4 Na ɔsɔfo no buaa Dawid se, “Minni brodo teta yi bi wɔ ha. Brodo kronkron de, bi wɔ ha, nanso gye sɛ mmarima no ne mmea bi nnae nnansa yi.” \p \v 5 Dawid buae se, “Mma hwee nhaw wo. Sɛ me mmarima no kodi dwuma bi baabi a, memmma wɔn kwan mma wɔmmfa wɔn ho nka mmea. Na sɛ wɔtena ase kronkron wɔ akwantu teta mu a, adɛn nti na saa dwumadi a ɛho hia yiye yi, wontumi ntena kronkronyɛ mu.” \v 6 Na esiane sɛ aduan foforo biara nni hɔ no nti, ɔsɔfo no de brodo kronkron a wɔde abodoohyew asi anan mu wɔ \nd Awurade\nd* hyiadan no mu maa Dawid. \p \v 7 Doeg, Edomni a ɔyɛ Saulo nantwikafo panyin no kodwiraa ne ho wɔ hɔ da no. \p \v 8 Dawid bisaa Ahimelek se, “Wowɔ peaw anaa afoa? Ɔhene adwuma no ho hia a na ehia nti, mannya bere amfa akode biara.” \p \v 9 Ɔsɔfo no buae se, “Afoa a mewɔ ara yɛ Filistini Goliat a wukum no wɔ Ela bon mu no dea. Wɔde ntama akyekyere ho da asɔfotade no akyi. Sɛ wopɛ a, fa ɛno, efisɛ biribiara nni ha bio.” Dawid buae se, “Biribiara nkyɛn no. Fa ma me.” \p \v 10 Da no, Dawid guan fii Saulo hɔ, kɔɔ Gathene Akis nkyɛn. \v 11 Nanso na Akis mpanyimfo no ho ntɔ wɔn sɛ ɔwɔ hɔ. Wobisae se, “Ɛnyɛ saa Dawid yi na ɔyɛ asase yi so hene no? Ɛnyɛ ɔno na nnipa nam asaw ne nnwonto so hyɛɛ no anuonyam se, ‘Saulo akum ne apem apem na Dawid nso akum mpem du du no?’ ” \p \v 12 Dawid tee saa akekakeka yi no, osuroo sɛ ebia ɔhene Akis bɛyɛ no biribi. \v 13 Ɛno nti, ɔhyɛɛ da yɛɛ ne ho sɛ bɔdamfo, ɔwerɛwerɛw apon ho maa ntasu sen faa nʼabogyesɛ mu. \v 14 Nea edi akyi ne sɛ, ɔhene Akis ka kyerɛɛ ne mmarima se, “Ɔbɔdamfo na ɛsɛ sɛ mode no brɛ me? \v 15 Yɛwɔ pii wɔ ha dedaw! Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mema obi a ɔte sɛɛ yi bɛyɛ me hɔho?” \c 22 \s1 Dawid Kɔhyɛ Adulam Ɔbodan Mu \p \v 1 Dawid\f + \fr 22.1 \fr*\ft Na Dawid aseni yɛ Moabni (\+xt Rut 1.22; 4.17-22\+xt*).\ft*\f* guan fii Gat kɔtɛw ɔbodan a ɛwɔ Adulam no mu. Ankyɛ biara na ne nuanom mmarima ne ne fifo bi kɔkaa ne ho wɔ hɔ. \v 2 Afoforo bi nso kɔkaa ne ho wɔ hɔ. Na saa nnipa no yɛ nnipa a ɔhaw da wɔn so anaa wɔn a wɔdede aka ne wɔn a asetena nkɔ wɔn yiye. Wɔbae ara kosii sɛ Dawid bɛyɛɛ ɔkannifo maa nnipa bɛyɛ sɛ ahannan. \p \v 3 Akyiri no, Dawid kɔɔ Mispe a ɛwɔ Moab kobisaa Moabhene se, “Wobɛma mʼagya ne me na abɛtena wo nkyɛn kosi sɛ mehu nea Onyankopɔn bɛyɛ ama me ana?” \v 4 Ɔhene no penee so maa Dawid awofo tenaa Moab mmere dodow a na Dawid te ne hintabea hɔ. \p \v 5 Nanso odiyifo Gad ka kyerɛɛ Dawid se, “Ntena hintabea hɔ. Kɔ Yuda asase so.” Enti Dawid kɔɔ Heret kwae mu. \p \v 6 Afei Saulo tee sɛ wɔahu Dawid ne ne nkurɔfo. Saa bere no, na ɔhene no te nnyedua bi ase wɔ Gibea bepɔw so a okura ne peaw na ne mpanyimfo atwa ne ho ahyia. \v 7 Osee wɔn sɛ, “Muntie, Benyamin mmarima! Dawid ahyɛ mo mfuw ne bobe nturo ho bɔ bi ana? Wahyɛ mo bɔ sɛ mobɛyɛ nʼasafohene wɔ nʼakofo so ana? \v 8 Ɛno nti na mo nyinaa abɔ pɔw atia me yi? Na amfa mo mu biara ho sɛ morenka biribi nkyerɛ me se me ara me babarima wɔ Dawid afa. Munnwen ho! Me ara me babarima hyɛ mʼakoa nkuran sɛ ɔnkɔtɛw me mpɛ me nkum me!” \p \v 9 Ɛhɔ na Edomni Doeg a na ɔne Saulo akofo gyina hɔ no kae se, “Mihuu Yisai ba no sɛ ɔbae Ahitub ba Ahimelek nkyɛn wɔ Nob. \v 10 Ahimelek bisaa \nd Awurade\nd* nea Dawid nyɛ. Ɔsan maa no nnuan, na ɔde Filistini Goliat afoa no kaa ho maa no.” \s1 Wokum Asɔfo No \p \v 11 Ɔhene no somaa sɛ wɔnkɔfa ɔsɔfo Ahimelek ne ne fifo a na wɔyɛ asɔfo wɔ Nob no nyinaa mmra. \v 12 Wɔbae no, Saulo kae se, “Tie! Ahitub ba.” \p Obuae se, “Nana asɛm bɛn.” \p \v 13 Na Saulo bisaa no se, “Adɛn nti na wo ne Dawid apam me ti so, na womaa no brodo ne afoa, san bisaa \nd Awurade\nd* maa no. Adɛn nti na wohyɛ no nkuran sɛ ɔnyɛ adɔm ntia me na ɔmmɛtow nhyɛ me so wɔ ha?” \p \v 14 Ahimelek buae se, “Nana, mesrɛ mibisa sɛ, wʼasomfo yi nyinaa mu no, obi wɔ hɔ a ɔyɛ nokwafo te sɛ wʼase Dawid ana? Hwɛ ɔyɛ wʼawɛmfo nyinaa so safohene, na wobu no yiye wɔ wo fidua mu. \v 15 Ɛnyɛ saa da no ne da a edi kan a mabisa \nd Awurade\nd* ama no. Dabi da! Ɛnsɛ sɛ ɔhene no de sobo bɔ ne somfo ne ne fifo, efisɛ wʼakoa nnim saa asɛm yi ho biribiara.” \p \v 16 Na ɔhene kae se, “Ɔkwan biara so, wubewu. Ahimelek, wo ne wo fifo nyinaa bewuwu.” \p \v 17 Na ɔhene ka kyerɛɛ nʼawɛmfo a wɔwɔ hɔ no se, “Munkunkum \nd Awurade\nd* asɔfo no nyinaa, efisɛ wɔn nso akɔ Dawid afa. Na wonim sɛ ɔreguan, nanso wɔanka ankyerɛ me.” \p Nanso na ɔhene asraafo no mpɛ sɛ wɔde wɔn nsa ka Awurade asɔfo no. \p \v 18 Enti ɔhene hyɛɛ Doeg se, “Dan wo ho na kunkum asɔfo no.” Enti Edomni Doeg dan ne ho kunkum wɔn. Da no, okum mmarima a na wɔhyɛ sirikyi asɔfotade aduɔwɔtwe anum. \v 19 Afei, ɔkɔɔ Nob a ɛyɛ asɔfo no kurom, kokunkum asɔfo no fifo mmarima, mmea, mmofra ne nkokoaa, anantwi, mfurum ne nguan nyinaa. \p \v 20 Na Ahitub ba Ahimelek babarima baako a wɔfrɛ no Abiatar guan kɔɔ Dawid nkyɛn. \v 21 Bere a ɔka kyerɛɛ Dawid sɛ Saulo akunkum \nd Awurade\nd* asɔfo no, \v 22 Dawid teɛɛ mu se, “Na minim! Bere a mihuu Doeg wɔ hɔ saa da no, na minim sɛ ɔbɛka akyerɛ Saulo. Mprempren, mama wʼagya fifo nyinaa awuwu. \v 23 Wo ne me ntena ha, na mede me nkwa bɛbɔ wo ho ban, efisɛ onipa koro no ara na ɔrehwehwɛ yɛn baanu akum yɛn.” \c 23 \s1 Dawid Bɔ Keila Kurow Ho Ban \p \v 1 Da koro bi, Dawid tee sɛ Filistifo no aba Keila, na wɔrewia wɔn awi wɔ wɔn awiporowbea. \v 2 Dawid bisaa \nd Awurade\nd* se, “Menkɔtow nhyɛ Filistifo yi so ana?” \p \nd Awurade\nd* buae se, “Yiw, kɔ na kogye Keila.” \p \v 3 Nanso Dawid mmarima no kae se, “Yuda ha mpo yesuro. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛkɔ Keila akɔko atia Filistifo asraafo nyinaa.” \p \v 4 Enti Dawid bisaa \nd Awurade\nd* bio maa \nd Awurade\nd* buaa no se, “Kɔ Keila na mɛboa wo ama woadi Filistifo no so nkonim.” \p \v 5 Enti Dawid ne ne mmarima kɔɔ Keila. Wokunkum Filistifo no nyinaa, faa wɔn nyɛmmoa, gyee Keilafo no. \v 6 Ahimelek ba Ɔsɔfo Abiatar reguan akɔ Dawid nkyɛn wɔ Keila no, ɔfaa asɔfotade sɛ ɔrekogye mmuae afi \nd Awurade\nd* nkyɛn ama Dawid. \p \v 7 Ankyɛ, Saulo tee sɛ Dawid wɔ Keila. Ɔteɛɛ mu se, “Eye. Afei, yɛn nsa aka no. Afei, Onyankopɔn de no ama me. Ɔno ara ama kurow yi ho afasu ayi no!” \v 8 Enti Saulo boaboaa nʼakofo nyinaa ano sɛ ɔde wɔn rekɔ Keila akotua Dawid ne ne mmarima ano. \p \v 9 Nanso Dawid huu Saulo nhyehyɛe, na ɔka kyerɛɛ ɔsɔfo Abiatar se, ɔmfa asɔfotade no mmra, na ommisa \nd Awurade\nd* nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ. \v 10 Na Dawid bɔɔ mpae se, “\nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, mate sɛ Saulo ayɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛba abɛsɛe Keila, efisɛ mewɔ ha. \v 11 Merebisa sɛ, enti Keila mmarima beyi me ama no anaa? Na Saulo bɛba ampa ara sɛnea mete no? Ao, \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, ka kyerɛ me.” \p Na \nd Awurade\nd* buaa no se, “Ɔbɛba.” \p \v 12 Bio, Dawid bisaa se, “Enti, Keila mmarima beyi me ne me mmarima ama Saulo anaa?” \p Na \nd Awurade\nd* buaa se, “Yiw, wobeyi mo ama.” \s1 Dawid Kohintaw Sare So \p \v 13 Na Dawid ne ne mmarima bɛyɛ sɛ ahansia fii Keila, na wokyinkyin baabiara a wobetumi akɔ. Na Saulo tee sɛ Dawid afi Keila no, ogyaa nʼakyi di. \p \v 14 Dawid tenaa ne hintabea hɔ wɔ sare so ne Sif mmepɔw asase no so. Saulo hwehwɛɛ no adekyee ne adesae biara, nanso \nd Awurade\nd* amfa Dawid anhyɛ ne nsa. \p \v 15 Bere a Dawid wɔ Hores wɔ Sif sare so no, ɔtee sɛ Saulo nam kwan so reba hɔ abɛhwehwɛ no akum no. \v 16 Na Saulo ba Yonatan kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hores kɔhyɛɛ no den wɔ Onyankopɔn ho gyidi mu. \v 17 Yonatan hyɛɛ no den se, “Nsuro! Mʼagya Saulo renhu wo da. Wobɛyɛ ɔhene wɔ Israel, na mayɛ wʼabediakyiri, sɛnea mʼagya Saulo nim no.” \v 18 Wɔn baanu no hyɛɛ wɔn ayɔnkofa apam mu den wɔ \nd Awurade\nd* anim. Afei, Yonatan kɔɔ fie na Dawid de, ɔtenaa Hores hɔ. \p \v 19 Sififo no kɔɔ Saulo nkyɛn wɔ Gibea koyii Dawid mae se, “Yenim baabi a Dawid akohintaw. Ɔwɔ abandennen mu, wɔ Hores a ɛwɔ Hakila mmepɔw mu, wɔ Yesimon anafo fam ha yi. \v 20 Ɔhene, bere biara a wubenya kwan no bra na yɛbɛkyere no ama wo.” \p \v 21 Saulo kae se, “\nd Awurade\nd* nhyira mo! Afei, mahu sɛ mʼasɛm fa obi ho. \v 22 Monkɔ mu bio, nkɔhwehwɛ, nhu faako a ɔte ne obi a wahu no wɔ hɔ. Wose ɔyɛ onifirifo. \v 23 Monhwehwɛ nʼahintawee, na monsan mmra mmɛka biribi pɔtee nkyerɛ me. Na me ne mo bɛkɔ. Na sɛ ɔwɔ mpɔtam hɔ nko ara de a, menya no, na mehwehwɛ no wɔ Yuda abusuafi ahorow no nyinaa mu.” \p \v 24 Na Sif mmarima dii Saulo kan kɔɔ wɔn kurom. Saa bere no mu na Dawid ne ne mmarima kɔ Maon sare a ɛwɔ Araba bon a ɛwɔ Yesimon anafo fam no so. \v 25 Bere a Dawid tee sɛ Saulo ne ne mmarima rehwehwɛ no no, ɔdɔɔ mu kɔɔ sare so akyirikyiri, kosii ɔbotan kɛse no ho, tenaa Maon sare so hɔ. Nanso Saulo kɔɔ so hwehwɛɛ no. \p \v 26 Afei na Saulo wɔ bepɔw no fa bi na Dawid ne ne dɔm nso wɔ ne fa bi, repɛ ntɛm aguan Saulo bere a na Saulo ne ne mmarima rebɛn Dawid ne ne nkurɔfo sɛ wɔbɛkyere wɔn no, \v 27 ɔbɔfo baa Saulo nkyɛn bɛkae se, “Bra ntɛm! Filistifo abɛtow ahyɛ asase no so.” \v 28 Ɛno nti, Saulo gyaee Dawid akyidi, na ɔsan nʼakyi sɛ ɔne Filistifo no rekɔko. Eyi nti na wɔfrɛ saa beae yi Oguan Botan no. \v 29 Enti Dawid kɔtenaa En-Gedi abandennen. \c 24 \s1 Dawid Ampɛ Sɛ Okum Saulo \p \v 1 Saulo ne Filistifo no ko wiee no, wɔka kyerɛɛ no se, “Dawid hyɛ En-Gedi sare so hɔ.” \v 2 Ɛno nti Saulo yii mmarima mpensa fii Israel mmaa nyinaa, de wɔn kɔe sɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid ne ne mmarima wɔ beae bi a ɛbɛn Wuram Mmirekyi Abotan no. \p \v 3 Obeduu nguannan bi ho a ɛhɔ ara nso na ɔbodan bi wɔ no, Saulo wuraa mu sɛ, ɔrekogye nʼahome. Na Dawid ne ne mmarima no wɔ saa ɔbodan no mu akyirikyiri. \p \v 4 Mmarima no kae se, “Nnɛ ne da a \nd Awurade\nd* kae se, ‘Mede wo tamfo bɛhyɛ wo nsa, na woayɛ no nea wopɛ biara’ no.” Na Dawid weawea kɔɔ Saulo ho, kotwaa nʼatade ano. \p \v 5 Na Dawid adwene mu anteɛ no sɛ watwa Saulo atade ano. \v 6 Ɔka kyerɛɛ ne mmarima no se, “\nd Awurade\nd* nim sɛ ɛnsɛ sɛ meyɛ saa. Ɛyɛ mmusu sɛ obi bɛteɛ me nsa wɔ obi a \nd Awurade\nd* asra no ngo so; efisɛ \nd Awurade\nd* ankasa na wapaw no.” \v 7 Ɔnam saa nsɛm yi so kaa ne mmarima no anim, na wamma ho kwan amma wɔankɔ Saulo so. Na Saulo fii ɔbodan no mu kɔɔ ne kwan no. \p \v 8 Dawid pue bae, teɛteɛɛ mu dii nʼakyi se, “Me wura ɔhene!” Saulo twaa nʼani no, Dawid bɔɔ ne mu ase. \v 9 Afei, ɔteɛɛ mu bisaa Saulo se, “Adɛn nti na wutie nkurɔfo ano sɛ merepɛ wo ahaw wo? \v 10 Nnɛ dua yi, wʼankasa wʼani tua sɛ ɛnyɛ nokware. Efisɛ, \nd Awurade\nd* de wo hyɛɛ me nsa wɔ ɔbodan no mu, na me mmarima no bi ka kyerɛɛ me se, minkum wo, nanso mankum wo. Na mekae se, ‘Merenyɛ no bɔne biara da, efisɛ ɔyɛ obi a \nd Awurade\nd* asra no.’ \v 11 Mʼagya, hwɛ ade a mikura yi. Ɛyɛ wʼatade sin bi. Mitwae, nanso mankum wo. Eyi da no adi pefee sɛ merenhaw wo, na menyɛɛ wo bɔne biara nso, na mmom, wo na woataataa me rehwehwɛ me akum me. \v 12 \nd Awurade\nd* na ɔbɛhwɛ me ne wo ntam asɛm. Ebia, nea woayɛ nti, \nd Awurade\nd* bɛtwe wʼaso wɔ nea wopɛ sɛ woyɛ me no ho, na me de, merenhaw wo da. \v 13 Wobu bɛ se, ‘Abɔnefo mu na bɔne fi ba.’ Enti, gye di sɛ, merenhaw wo. \p \v 14 “Hena na Israelhene rehwehwɛ no akyere no yi? Ɛsɛ sɛ ɔsɛe ne bere taataa obi a ne so nni mfaso sɛ ɔkraman funu anaa dwiw? \v 15 Ma \nd Awurade\nd* mmu atɛn nkyerɛ yɛn mu nea odi bem, na ɔntwe ɔfɔdifo no aso. Ɔno ne me kamafo, na obegye me afi wo tumi ase.” \p \v 16 Saulo buae se, “Me babarima Dawid, wo na worekasa yi?” Na ofii ase sui. \v 17 Ɔtoaa so se, “Woteɛ sen me. Wode papa atua me bɔne so ka, nanso me de mayɛ wo bɔne. \v 18 Ampa ara woayɛ me papa a ɛboro so, efisɛ \nd Awurade\nd* de me hyɛɛ wo nsa, a anka wubetumi akum me nanso woankum me. \v 19 Sɛ obi nsa ka ne tamfo a, ogyaa no ma no kɔ kwa? \nd Awurade\nd* nhyira wo wɔ ɔkwan a wode me afa so nnɛ yi ho. \v 20 Afei mahu sɛ, nea ɛbɛyɛ biara, wobesi wo ɔhene, na Israel ahemman no bedi yiye wɔ wo bere so. \v 21 Afei, sua wɔ \nd Awurade\nd* din mu kyerɛ me sɛ, sɛ wubedi ade a, worentwa mʼasefo anaa worempepa me din mfi mʼagya fi.” \p \v 22 Enti Dawid sua kyerɛɛ Saulo. Na Saulo san kɔɔ fie, na Dawid ne ne mmarima kɔɔ wɔn abandennen mu. \c 25 \s1 Samuel Wu \p \v 1 Afei, Samuel wui, na Israel nyinaa hyia yɛɛ nʼayi. Na wosiee no wɔ ne kurom Rama. Na Dawid tu kɔɔ Maon sare so. \p \v 2 Na ɔbarima bi fi Maon a na ɔwɔ agyapade wɔ baabi a ɛbɛn Karmel yɛ ɔdefo kɛse. Na ɔwɔ mmirekyi apem ne nguan mpensa a na otwitwa wɔn nwi wɔ Karmel. \v 3 Saa ɔbarima no din de Nabal, na ne yere nso din de Abigail. Na ɔyɛ ɔbea a onim nyansa na ne ho nso yɛ fɛ, nanso na ne kunu a ɔyɛ Kalebni no mpɔw ɛ, na ne suban nso nyɛ fɛ. \p \v 4 Bere a Dawid tee sɛ Nabal retwitwa ne mmoa ho nwi no, \v 5 ɔsomaa mmrante du kɔɔ ne nkyɛn. Ɔde nkra maa wɔn se, \v 6 “Wo nkwa so! Wo ne wo fifo nyinaa nya akwahosan! Na wʼagyapade nyinaa nso saa ara. \p \v 7 “Mate sɛ woretwitwa wo nguan ne mmirekyi ho nwi. Bere a na mo nguanhwɛfo wɔ yɛn nkyɛn ha no, yɛanyɛ wɔn basabasa. Na mmere dodow a wodii wɔ Karmel no nso, wɔn biribiara anyera. \v 8 Bisa wo ara wʼasomfo na wɔbɛka akyerɛ wo. Yɛaba ha wɔ afahyɛ bere, ɛno nti, mesrɛ wo, ma wo nkoa ne wo ba Dawid biribiara a wo nsa bɛso so.” \p \v 9 Dawid mmerante no de nkra no maa Nabal. Afei wɔtwɛnee. \p \v 10 Nabal buaa Dawid asomfo no se, “Hena ne saa Dawid yi? Saa Yisai babarima yi dwene sɛ ɔne hena? Nnansa yi, asomfo bebree retetew wɔn ho afi wɔn wuranom ho. \v 11 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mede me brodo ne me nsu ne mʼaboa a makum no nam a mede rebɛma me nwitwitwafo no ma nnipa a obi nnim faako a wofi?” \p \v 12 Na Dawid mmarima no san kɔe, kɔkaa de Nabal kae no kyerɛɛ no. \v 13 Dawid ka kyerɛɛ ne mmarima no se, “Momfa mo afoa.” Na Dawid nso faa ne de. Mmarima bɛyɛ sɛ ahannan na wɔkaa Dawid ho kɔe, ɛnna mmarima ahannu nso tena wɛn akode no. \p \v 14 Nabal asomfo no mu baako kɔka kyerɛɛ Nabal yere Abigail se, “Dawid somaa abɔfo fi sare no so sɛ wɔne yɛn wura mmɛkasa, nanso ɔyeyaw wɔn. \v 15 Nanso Dawid nnipa no ye ma yɛn. Wɔanyɛ yɛn bɔne biara. Bere a yɛne wɔn wɔ hɔ no, wɔamfa yɛn biribiara. \v 16 Anadwo ne awia nyinaa, na wɔbɔ yɛn ne nguan no ho ban. \v 17 Enti dwene ho yiye, anyɛ saa a asɛm bɛto yɛn wura ne nʼabusua nyinaa. Ɔyɛ obi a ne koma nye na obiara ntumi nkasa nkyerɛ no.” \p \v 18 Abigail ansɛe bere koraa. Ɔfaa brodo mua ahannu, nsa aboa nhoma abien, nguan anum a wɔakum wɔn asiesie wɔn, nkyewe susude anum, bobe ɔfam ɔha ne bobe aba a wɔabɔ no atɔwatɔw ahannu de soaa mfurum. \v 19 Na ɔka kyerɛɛ nʼasomfo se, “Munni kan nkɔ. Metiw mo.” Nanso wanka nea na ɔreyɛ no ankyerɛ ne kunu Nabal. \p \v 20 Ɔte nʼafurum so nam ara kosii bepɔw bi asiansian mu no, ohuu Dawid nso ne ne mmarima sɛ wɔrehyia no. \v 21 Na Dawid aka se, “Mfaso biara nni so sɛ mahwɛ saa onipa yi agyapade so wɔ sare so a ne biribiara anyera. Ɔde bɔne atua me papa a meyɛɛ no no so ka. \v 22 Sɛ ɛba sɛ ɔkyena ne fini barima bi da so te ase a, Onyankopɔn ne me nni no ɔyaw so pa ara.” \s1 Abigail Pata Dawid \p \v 23 Abigail huu Dawid no, ntɛm ara, ohuruw fii nʼafurum no so sii fam, bɔɔ ne mu ase wɔ nʼanim. \v 24 Ɔhwee ne nan ase kae se, “Me wura migye saa asɛm yi ho afɔdi nyinaa to me ho so. Mesrɛ wo sɛ, tie asɛm a mewɔ ka. \v 25 Minim sɛ Nabal yɛ otirimɔdenfo; mesrɛ wo, ntie no. Ɔyɛ ɔkwasea sɛnea ne din kyerɛ no. Na me, wʼafenaa, abɔfo a wosomaa wɔn no, manhu wɔn. \v 26 Afei, me wura, mpɛn dodow a \nd Awurade\nd* te ase, na wo nso wote ase na \nd Awurade\nd* amma woamfa awudi ne aweretɔ anhyɛ wo nsam yi, ma mmusu mmra wʼatamfo nyinaa so, sɛnea bi aba Nabal so yi. \v 27 Akyɛde a mede abrɛ wo ne wo mmerante no ni. \p \v 28 “Mesrɛ wo, sɛ mafom a, fa kyɛ me. Akyinnye biara nni ho sɛ \nd Awurade\nd* de ofi a nʼahenni ase betim bɛdom wo, efisɛ woreko Awurade ko. Na wonyɛɛ bɔne biara nso wɔ wʼasetena mu. \v 29 Na sɛ ɛba sɛ wɔn a wɔpɛ wo kra no taataa wo so a, \nd Awurade\nd*, wo Nyankopɔn, begye wo, abɔ wo ho ban sɛnea wɔbɔ ademude ho ban no. Na wʼatamfo nkwa de, ɛbɛyera te sɛ abo a wɔatow fi ahwimmo mu. \v 30 Sɛ \nd Awurade\nd* di bɔ a ɔhyɛɛ wo no nyinaa so ma wo, na ɔde wo di Israelhene a, \v 31 mma eyi nnyɛ nkekae wɔ wʼabrabɔ mu. Na worensoa wʼahonim adesoa duruduru a efi mogyahwiegu ne aweretɔ a so nni mfaso ho. Na sɛ \nd Awurade\nd* yɛ saa nneɛma akɛse yi ma wo a, mesrɛ wo, kae me!” \p \v 32 Dawid buaa Abigail se, “Nhyira nka \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn a wama woabehyia me nnɛ. \v 33 Da \nd Awurade\nd* ase wɔ wʼadwene pa ho. Nhyira nka wo sɛ woamma me ankum ɔbarima no, na woamma mamfa me nsa antɔ were. \v 34 Na meka \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn a wamma manyɛ wo bɔne no ntam sɛ, sɛ woanka wo ho ammehyia me a, anka ebedu ɔkyena anɔpa no, na Nabal mmarima no mu baako koraa nte ase.” \p \v 35 Na Dawid gyee nʼakyɛde no, ka kyerɛɛ no se, “San kɔ fie asomdwoe mu. Yɛrenkum wo kunu no.” \p \v 36 Bere a Abigail duu fie no, ohuu sɛ Nabal ato pon kɛse sɛ ɔhene. Na wabow nsa nti, wanka biribiara a ɛfa ɔne Dawid nhyiamu no ho ankyerɛ no kosii adekyee. \v 37 Ade kyee a nʼani so daa hɔ no, Abigail kaa nsɛm a asisi no kyerɛɛ no. Nabal tee nsɛm no, obubu kaa mpa mu. \v 38 Nnafua du akyi no, \nd Awurade\nd* bɔɔ no ma owui. \s1 Dawid Ware Abigail \p \v 39 Dawid tee sɛ Nabal awu no, ɔkae se, “Nhyira nka \nd Awurade\nd* a watua Nabal ka na wamma mankum no. Nabal anya ne bɔne so akatua.” \p Na Dawid yɛɛ ntɛm soma kɔɔ Abigail nkyɛn, ma wɔkɔka kyerɛɛ no se ɔbɛware no. \v 40 Asomfo no kɔɔ Karmel kɔka kyerɛɛ Abigail se, “Dawid asoma yɛn sɛ yɛmmra mmɛfa wo mmrɛ no sɛ ne yere.” \p \v 41 Ɔbɔɔ ne mu ase de nʼanim kyerɛɛ fam kae se, “Yiw, masiesie me ho sɛ mɛsom Dawid asomfo mpo.” \v 42 Ntɛm ara, Abigail huruw tenaa nʼafurum so, faa ne mmaawa baanum kaa ne ho, na ɔne Dawid asomfo no kɔe, na ɔbɛyɛɛ Dawid yere. \v 43 Dawid waree Ahinoam\f + \fr 25.43 \fr*\ft Na Ahinoam yɛ Dawid yere a odi kan (\+xt 27.3\+xt*) a na ne babarima a odi kan no wɔfrɛ no Amnon.\ft*\f* a ofi Yesreel, na wɔn baanu bɛyɛɛ ne yerenom. \v 44 Na Saulo de ne babea Mikal, Dawid yere, ama ɔbarima bi a ofi Galim a ne din de Palti a na ɔyɛ Lais babarima. \c 26 \s1 Bio, Dawid Ampɛ Sɛ Obekum Saulo \p \v 1 Sififo kɔɔ Saulo nkyɛn wɔ Gibea kɔka kyerɛɛ no se, “Dawid akohintaw wɔ Hakila bepɔw a ɛkyerɛ Yesimon no mu.” \p \v 2 Enti Saulo yii nʼakofo mpensa kaa wɔn ho kɔɔ Sif sare so sɛ wɔrekɔhwehwɛ Dawid. \v 3 Saulo bɔɔ nʼatenae wɔ ɔkwan a ɛbɛn Hakila bepɔw a ɛne Yesimon di nhwɛanim no nkyɛn, baabi a Dawid akohintaw hɔ. Dawid tee sɛ Saulo aba hɔ, enti \v 4 ɔsomaa akwansrafo sɛ wɔntetɛw no. \p \v 5 Dawid kopuee baabi a Saulo abɔ ne ho atenase hɔ anadwo bi. Ohuu sɛ Saulo ne Abner a ɔyɛ Ner babarima a ɔyɛ ɔsafohene adeda atenae no mu a asraafo a wɔadeda atwa ne ho ahyia. \p \v 6 Dawid bisaa Hetini Ahimelek ne Seruia\f + \fr 26.6 \fr*\ft Na Seruia yɛ Dawid nuabea panyin (\+xt 1 Be 2.16\+xt*). Ɛno nti na Abisai yɛ ne wɔfaase te sɛnea Yoab (a ɔyɛɛ Dawid Sahene) ne Asahei no. \ft*\f* babarima Abisai, Yoab nua se, “Hena na ɔne me bɛkɔ Saulo nkyɛn wɔ nʼatenae hɔ?” \p Abisai buae se, “Me ne wo bɛkɔ.” \p \v 7 Enti Dawid ne Abisai kɔɔ asraafo no nkyɛn anadwo, kɔtoo Saulo sɛ wada wɔ atenae hɔ a, ɔde ne peaw atim fam wɔ ne ti ho pɛɛ. Na Abner ne asraafo no nso atwa ne ho ahyia a wɔadeda. \p \v 8 Abisai ka kyerɛɛ Dawid brɛoo se, “Nnɛ de, Onyankopɔn ayi wo tamfo ahyɛ wo nsa. Enti ma memfa me peaw no nwɔ no pɛn koro, nka no ntim fam. Merenwɔ no mprenu.” \p \v 9 Nanso Dawid ka kyerɛɛ Abisai se, “Dabi da, nsɛe no. Hena na obetumi de ne nsa aka onipa a \nd Awurade\nd* asra no, na onni ho fɔ? \v 10 Nokware ni, \nd Awurade\nd* bɛbɔ Saulo ahwe da koro, anaasɛ ɔbɛtɔ wɔ ɔko mu, anaasɛ obenyin na wawu. \v 11 Onyame ma ɛmpare me sɛ mede me nsa bɛka onipa a Onyankopɔn asra no. Na wunim biribi? Yɛbɛfa ne peaw ne ne sukuruwa na yɛakɔ.” \p \v 12 Na Dawid faa peaw no ne sukuruwa a esi Saulo ti ho no, na wɔkɔe a obiara anhu wɔn na wɔn mu biara nso annyan mpo. Na wɔn nyinaa adeda, efisɛ \nd Awurade\nd* de nnahɔɔ too wɔn so. \p \v 13 Dawid foroo bepɔw a ɛne atenae hɔ di nhwɛanim kosii sɛ oduu baabi a bɔne bi ntumi nka no. \v 14 Ɔteɛɛ mu frɛɛ Abner ne Saulo se, “Sɔre oo! Abner.” \p Abner bisaa se, “Hena ni?” \p \v 15 Dawid goruu ne ho se, “Abner, woyɛ onipa kɛse, ɛnte saa? Israelman mu nyinaa, ɛhe na otumfo bi wɔ? Na adɛn nti na woannwɛn wo wura, ɔhene no bere a obi baa sɛ ɔrebekum no no? \v 16 Saa asɛm yi nye koraa! Meka ntam wɔ \nd Awurade\nd* din mu sɛ, wo ne wo mmarima no nyinaa sɛ owu, efisɛ moantumi ammɔ mo wura, nea \nd Awurade\nd* asra no no ho ban. Monhwɛ mo ho nhyia. Ɔhene no peaw ne ne sukuruwa a na esi ne ti ho no wɔ he?” \p \v 17 Saulo tee Dawid nne nti ɔfrɛe se, “Wo ni, me ba Dawid?” \p Na Dawid buaa no se, “Nana, ɛyɛ me. \v 18 Adɛn nti na wotaa me? Dɛn na mayɛ? Me bɔne ne dɛn? \v 19 Na afei mepɛ sɛ me wura tie ne somfo, Nana. Sɛ \nd Awurade\nd* na wahwanyan wo atia me a, ɛno de ma onnye mʼafɔre. Na sɛ nso ɛyɛ onipa nhyehyɛe a, ɛno de, \nd Awurade\nd* nnome wɔn a wɔyɛɛ saa nhyehyɛe no. Efisɛ moapam me afi me fi sɛnea ɛbɛyɛ a, merentumi ne \nd Awurade\nd* nkurɔfo ntena, nsom sɛnea ɛsɛ. \v 20 Minwu wɔ ananafo asase so a ɛhɔ ne \nd Awurade\nd* anim kwan ware ana? Adɛn nti na Israelhene atu sa, rehwehwɛ sommɔre; sɛnea ɔbɔmmɔfo kɔ ahayɛ kɔpɛ asɛmɛntɛ wɔ mmepɔw so?” \p \v 21 Afei Saulo kae se, “Mayɛ bɔne. San bra fie, me ba Dawid. Efisɛ nnɛ, woama me nkwa asom wo bo. Merenhaw wo bio. Mayɛ nkwaseade na mafom yiye.” \p \v 22 Dawid buae se, “Ao, ɔhene, wo peaw ni. Ma wo mmerante no mu baako mmra mmegye. \v 23 \nd Awurade\nd* na ɔma papayɛ ne nokwaredi so akatua. \nd Awurade\nd* de wo hyɛɛ me tumi ase mpo, mampɛ sɛ mekum wo, efisɛ woyɛ obi a \nd Awurade\nd* asra wo. \v 24 Afei, me kra nsom \nd Awurade\nd* bo, sɛnea wo de asom me bo nnɛ yi. Onnye me mfi me haw nyinaa mu.” \p \v 25 Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid se, “Nhyira nka wo, me ba Dawid. Wobɛyɛ mmaninne ne nkonimdifo kɛse.” \p Na Dawid kɔe, na Saulo nso san kɔɔ fie. \c 27 \s1 Dawid Wɔ Filistifo Mu \p \v 1 Na Dawid dwen ho se, “Da bi, mɛtɔ wɔ Saulo nsa ano. Na nea mɛyɛ a eye pa ara ne sɛ, meguan akɔ Filistifo nkyɛn. Ɛba saa a, Saulo begyae mʼakyidi na menya bammɔ.” \p \v 2 Na Dawid ne mmarima ahansia tutu kɔtenaa Gat kɔhyɛɛ Maok babarima ɔhene Akis ase. \v 3 Na Dawid de ne yerenom baanu a wɔyɛ Ahinoam a ofi Yesreel ne Abigail a ofi Karmel a na ɔyɛ Nabal kunabea no kɔe. \v 4 Saulo tee sɛ Dawid aguan kɔ Gat no, wanni nʼakyi anhwehwɛ no bio. \p \v 5 Na Dawid ka kyerɛɛ Akis se, “Sɛ ɛrenhaw wo a, ma yɛn baabi wɔ nkurow no bi so na yɛnkɔtena hɔ sen sɛ yɛbɛtena ahenkurow yi mu.” \p \v 6 Enti Akis de Siklag kurow maa no, (na efi saa da no, ɛhɔ abɛyɛ Yuda ahemfo atenae de besi nnɛ), \v 7 na wɔtenaa Filistifo no mu afe ne asram anan. \p \v 8 Afei, Dawid ne ne dɔm kɔtow hyɛɛ Gesurfo, Girsifo ne Amalekfo so. Saa nnipa yi na na kan no, wɔtete asase a ɛtrɛw kɔ Sur a ɛwɔ Misraim kwan so no. \v 9 Dawid annyaw onipa baako anikann wɔ nkuraa a ɔkɔtow hyɛɛ wɔn so no mu. Ɔfaa nguan, anantwi, mfurum, yoma ne ntade nyinaa ansa na ɔresan akɔ Akis nkyɛn. \p \v 10 Akis bisaa Dawid se, “Ɛhe na nnɛ mofom nneɛma kodui?” \p Dawid buae se, “Yɛkɔɔ Yuda anafo fam kɔtow hyɛɛ Yerahmeelfo\f + \fr 27.10 \fr*\ft Yerahmeelfo nam Hesron so bɛyɛɛ Yuda asefo (\+xt 1 Be 2.9,25,26\+xt*). Hwɛ nsɛm a ɛfa Kenifo ho wɔ Atemmufo 4.11.\ft*\f* ne Kenifo so.” \v 11 Dawid kum wɔn nyinaa. Wannyaw obiara a obetumi aba Gat abɛkyerɛ faako a ɔkɔe. Saa ade yi kɔɔ so ara wɔ bere a na Dawid te Filistifo mu no. \v 12 Akis gyee Dawid dii, na ɔkaa wɔ ne tirim se, “Saa bere yi de, Israelfo bekyi no kɔkɔɔkɔ, na ɛbɛma no atena ha, na wasom me afebɔɔ.” \c 28 \s1 Saulo Kɔ Abisa \p \v 1 Saa bere no, Filistifo no boaboaa wɔn asraafo ano sɛ wɔrebɛko atia Israel. Akis ka kyerɛɛ Dawid se, “Merehwɛ kwan sɛ, wo ne wo mmarima bɛka me ho akɔ ɔko no.” \p \v 2 Dawid penee so se, “Eye pa ara, wʼankasa wubehu nea wʼakoa betumi ayɛ.” \p Akis kae se, “Eye, mɛyɛ wo me bammɔfo afebɔɔ.” \p \v 3 Saa bere yi na Samuel awu, ama Israel nyinaa atwa agyaadwo. Wosiee no wɔ ɔno ara ne kurom Rama. Saa bere no, na Saulo apam atutu ahoni ne ahonhom afi asase no so. \p \v 4 Filistifo no boaa wɔn ho ano, kyeree nsraban wɔ Sunem, na Saulo nso boaboaa Israelfo no nyinaa ano, kyeree nsraban wɔ Gilboa. \v 5 Bere a Saulo huu Filistifo asraafo no dodow no, osuroe; ehu hyɛɛ ne koma ma. \v 6 Obisaa \nd Awurade\nd* nea ɔnyɛ nanso \nd Awurade\nd* amfa adaeso anaa ntontobɔ kronkron anaa adiyifo so ammua no. \v 7 Saulo ka kyerɛɛ nʼafotufo se, “Monhwehwɛ ɔbea samanfrɛfo bi mma me, na menkɔ ne hɔ abisa.” \p Nʼafotufo no buae se, “Ɔbea samanfrɛfo bi wɔ En-Dor.” \p \v 8 Enti Saulo hyɛɛ ntade afoforo a ɛnyɛ ɔhene afade, sakraa ne ho, na ɔne mmarima no mu baanu kɔɔ ɔbea no nkyɛn anadwo. Saulo kae se, “Ɛsɛ sɛ me ne obi a wawu kasa. Wubetumi afrɛ ne honhom ama me ana?” \p \v 9 Ɔbea no bisae se, “Wopɛ sɛ wokum me ana? Wunim sɛ Saulo apam asamanfrɛfo ne ahohomfrɛfo nyinaa afi asase yi so. Adɛn nti na wusum me afiri?” \p \v 10 Saulo de \nd Awurade\nd* din kaa no ntam se, “Mmere dodow a \nd Awurade\nd* te ase yi, wɔrentwe wʼaso wɔ eyi ho da.” \p \v 11 Afei, ɔbea no bisae se, “Hena na memfrɛ no mma wo?” \p Obuae se, “Frɛ Samuel ma me.” \p \v 12 Na ɔbea no huu Samuel no, ɔde nne kɛse teɛɛ mu ka kyerɛɛ Saulo se, “woadaadaa me! Wone Saulo!” \p \v 13 Ɔhene no ka kyerɛɛ no se, “Nsuro. Dɛn na wuhu?” Ɔbea no buae se, “Mihu honhom bi sɛ apue afi fam reba.” \p \v 14 Saulo bisae se, “Ɔte dɛn?” \p Obuae se, “Akwakoraa bi a ɔhyɛ batakari, na ɔreba.” \p Ɛhɔ na Saulo huu sɛ ɛyɛ Samuel, enti ɔbɔɔ ne mu ase de nʼanim butuw fam. \p \v 15 Samuel bisae se, “Adɛn nti na wofrɛ me de haw me saa?” \p Saulo buae se, “Efisɛ ɔhaw ne abɛbrɛsɛ amene me. Filistifo de ɔko atentam yɛn. Na Onyankopɔn nso agyaw me. Mente ne nka wɔ adiyifo nkyɛn anaa daeso mu. Enti mafrɛ wo sɛ kyerɛ me nea menyɛ.” \p \v 16 Na Samuel buae se, “Sɛ \nd Awurade\nd* agyaw wo, abɛyɛ wo tamfo a, adɛn nti na worebisa me? \v 17 \nd Awurade\nd* ayɛ nea ɔnam me so hyɛɛ ho nkɔm no. Wagye ahenni no afi wo nsam de ama Dawid, wo nkurɔfo no mu baako. \v 18 \nd Awurade\nd* ayɛ saa, efisɛ woanni ne mmara a ɛfa Amalekfo ho no so. \v 19 Nea ɛka ho ne se, ɔkyena, \nd Awurade\nd* de wo ne Israel asraafo nyinaa bɛma Filistifo, na wo ne wo mma abɛka me ho wɔ ha. \nd Awurade\nd* bɛma Israel asraafo no nyinaa adi nkogu.” \p \v 20 Samuel nsɛm a Saulo tee no nti, ehu kyekyeree no ma ɔhwee fam. Na onni ahoɔden biara, efisɛ na onnidii da mu no ne anadwo mu no nyinaa. \p \v 21 Ɔbea no huu adwene mu haw a ɔwɔ mu no, ɔka kyerɛɛ no se, “Owura, mede me nkwa too hɔ, yɛɛ wʼabisade. \v 22 Enti yɛ nea mɛkyerɛ wo sɛ yɛ no, na mama wo biribi adi sɛnea ɛbɛma woanya ahoɔden asan akɔ wʼakyi.” \p \v 23 Nanso Saulo antie. Mmarima a wɔka ne ho no hyɛɛ no sɛ onnidi. Enti akyiri no, ɔpenee so sɔre fii fam hɔ, tenaa akongua so. \p \v 24 Na ɔbea no ayɛn nantwi ba ama wadɔ srade nti, ɔyɛɛ ntɛm kokum no, na ɔfɔw asikresiam, fɔtɔw de too apiti. \v 25 Ɔde aduan no besii Saulo ne ne mmarima no anim ma wodii. Na wofii hɔ kɔɔ anadwo no. \c 29 \s1 Filistifo Pam Dawid \p \v 1 Filistifo no boaboaa wɔn asraafo nyinaa ano wɔ Afek, na Israelfo nso kɔkyeree nsraban wɔ asuti bi ho wɔ Yesreel. \v 2 Bere a Filistifo ntuanofo de wɔn asraafo akuwakuw ɔha ɔha mu ne mpempem retu ɔsa no, na Dawid nso ne ne dɔm retu ɔsa wɔ wɔn akyi a, Akis ka wɔn ho. \v 3 Filistifo asahene no bisae se, “Dɛn na Hebrifo yi reyɛ wɔ ha?” \p Akis buae se, “Oyi ne Dawid, ɔbarima a oguan fii Israelhene Saulo anim no. Waba me nkyɛn ha ne me abɛtena bɛboro afe ni. Na efi bere a ogyaw Saulo hɔ besi nnɛ yi, minhuu ne ho mfomso biara.” \p \v 4 Na Filistifo asahene no bo fuw no kae se, “Ma ɔbarima no nsan nkɔ, sɛnea ɔbɛkɔ faako a wode maa no no. Ɛnsɛ sɛ ɔka yɛn ho kɔ ɔko no, efisɛ sɛ anhwɛ a, ɔbɛdan nʼani ako atia yɛn wɔ ɔko no mu. Ɔkwan foforo bi nni hɔ a ɔbɛfa so ne ne wura Saulo aka abɔ mu a ɛbɛma no ako atia yɛn ana? \v 5 Ɛnyɛ saa Dawid yi na wɔtoo dwom faa ne ho wɔ wɔn asaw mu se: \q1 “Saulo akum ne apem apem \q2 na Dawid de, wakum mpem du du no?” \p \v 6 Na Akis frɛɛ Dawid ka kyerɛɛ no se, “Mmere dodow a \nd Awurade\nd* te ase yi, minhyiaa mmarima a wɔte sɛ mo, anka mepɛ sɛ mo ne yɛn kɔ ɔko, nanso Filistifo asodifo a wɔaka no mpene so. \v 7 Enti san wʼakyi na kɔ no asomdwoe mu. Ɛno nti, nyɛ biribiara a ɛbɛhaw Filistifo no.” \p \v 8 Dawid bisae se, “Dɛn na mayɛ a ɛsɛ sɛ wɔde me fa saa ɔkwan yi so? Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ meko tia me wura ɔhene no atamfo?” \p \v 9 Nanso Akis gyinaa mu pintinn kae se, “Me nko ara me fa mu de, woyɛ pɛpɛ te sɛ Onyankopɔn bɔfo. Nanso asahene no suro sɛ wɔde wo bɛka wɔn ho wɔ ɔko mu. \v 10 Enti sɔre anɔpahema, na wo ne wo mmarima no nkɔ bere a anim retetew no.” \p \v 11 Na Dawid san kɔɔ Filistifo asase so, na Filistifo asraafo no nso kɔɔ Yesreel. \c 30 \s1 Dawid Tɔre Amalekfo Ase \p \v 1 Nnansa so, Dawid ne ne mmarima koduu Siklag. Na Amalekfo abɛtow ahyɛ Negeb so ahyew Siklag pasaa, \v 2 akyekyeree mmea ne mmofra ne mpanyin a wɔwɔ mu nyinaa. Wɔankum wɔn mu biara, mmom, wɔsoaa wɔn de wɔn kɔe. \p \v 3 Bere a Dawid ne ne mmarima no huu sɛnea Siklag asɛe ne asɛm a ato wɔn abusuafo no, \v 4 wotwaa agyaadwo ara kosii sɛ afei na wontumi ntwa agyaadwo no bio. \v 5 Dawid yerenom baanu a wɔne Yesreelni Ahinoam ne Karmelni Abigail a na ɔyɛ Nabal yere no ka wɔn a wɔsoaa wɔn kɔe no ho. \v 6 Dawid ho yeraw no yiye, efisɛ na mmarima no adwene ho sɛ wobesiw no abo, esiane wɔn mmabarima ne wɔn mmabea a wɔakyekyere wɔn no nti. Nanso Dawid nyaa ahoɔden wɔ \nd Awurade\nd*, ne Nyankopɔn mu. \p \v 7 Na Dawid ka kyerɛɛ ɔsɔfo Abiatar se, “Fa asɔfotade no brɛ me.” Na Abiatar de bae. \v 8 Na Dawid bisaa \nd Awurade\nd* se, “Mintiw dɔm no ana? Mɛto wɔn ana?” \p \nd Awurade\nd* buaa no se, “Yiw, tiw wɔn. Na biribiara a wɔafa afi mo nkyɛn no, mo nsa bɛka ne nyinaa.” \v 9 Enti Dawid ne ne mmarima ahansia no sii kwan so. Ankyɛ biara na woduu Besor asuwa no so. \v 10 Nanso mmarima no mu ahannu de, na wɔabrɛbrɛ yiye nti wɔantumi antwa asu no. Ɛno nti, Dawid de asraafo ahannan a wɔaka no toaa so. \p \v 11 Asraafo no bi huu Misraimni barima bi wɔ wuram hɔ ma wɔde no brɛɛ Dawid. Wɔmaa no brodo sɛ onni ne nsu sɛ ɔnnom. \v 12 Wɔsan maa no borɔdɔma ɔfam sin bi ne bobe aba ɔbɔnta, efisɛ na hwee nkaa nʼano nnansa; awia ne anadwo. Ankyɛ na onyaa ahoɔden. \p \v 13 Dawid bisaa no se, “Hena nipa ne wo, na wufi he?” \p Obuae se, “Meyɛ Misraimni, na Amalekni bi akoa ne me. Nnansa ni na me wura gyaw me hɔ, efisɛ na meyare. \v 14 Yɛkɔtoaa Keretifo\f + \fr 30.14 \fr*\ft Na Keretifo ne Filistifo bɔ abusua. Akyiri no, wɔdɔm Dawid ɔko mu (\+xt 2 Sam 15.18; 20.7; 1 Ah 1.38\+xt*).\ft*\f* wɔ Negeb a ɛyɛ Yudaman wɔ Kaleb asase so, na yɛhyew Siklag.” \p \v 15 Dawid bisaa no se, “Enti wubedi mʼanim akɔ wɔn nkyɛn?” \p Aberante no buae se, “Sɛ wode Onyankopɔn din bɛka ntam sɛ worenkum me anaa worensan mfa me mma me wura de a, ɛno de, medi wʼanim de wo akɔ.” \p \v 16 Na Misraimni no dii wɔn anim kɔɔ Amalekfo no atenae. Bere a Dawid ne ne mmarima no duu hɔ no, na Amalekfo no ahwete wɔ sare no so a wɔredidi nom na wɔde ahosɛpɛw resaw, efisɛ na wɔanya asade bebree afi Filistifo nkyɛn ne Yuda asase so. \v 17 Dawid ne ne mmarima to hyɛɛ wɔn so, kunkum wɔn wɔ afoa ano anadwo mu no nyinaa, kosii adekyee no anwummere. Amalekfo no mu biara antumi anguan, gye mmarima ahannan a wɔtenatenaa yoma so guanee no. \v 18 Dawid gyee biribiara a Amalekfo no fae, san gyee ne yerenom baanu no. \v 19 Biribiara anyera; sɛ ɛyɛ akumaa anaa ɔpanyin, abarimaa anaa abeawa anaa biribiara a wɔfae sɛ asade no, Dawid de ne nyinaa san bae. \v 20 Nʼakofo no kaa nguan ne anantwi no de wɔn bae. Na wɔkae se, “Eyinom nyinaa yɛ Dawid asade.” \p \v 21 Na woduu Besor asuwa no so no, wohuu mmarima ahannu a ɔbrɛ dodow nti, wɔantumi ne wɔn ankɔ no. Dawid kyiaa wɔn anigye so. \v 22 Nanso Dawid mmarima no mu asɛmpɛfo bi kae se, “Wɔne yɛn ankɔ nti, wɔrennya asade no bi. Momfa wɔn yerenom ne wɔn mma mma wɔn, na monka nkyerɛ wɔn se, womfi yɛn ani so nkɔ.” \p \v 23 Nanso Dawid kae se, “Dabi, anuanom! Monnyɛ nea \nd Awurade\nd* de ama yɛn no ho pɛsɛmenkominya. Wakora yɛn so, aboa yɛn ama yɛadi yɛn atamfo so nkonim. \v 24 Mugye di sɛ sɛ moka no saa a, obi betie mo? Sɛ yɛrekyɛ a, momma yɛnkyɛ no pɛ mma wɔn a wɔkɔ ɔsa ne wɔn a wɔhwɛ akode so nyinaa.” \v 25 Efi saa bere no, Dawid yɛɛ eyi mmara, maa Israel nyinaa na wɔda so di so saa ara de besi nnɛ. \p \v 26 Bere a Dawid duu Siklag no, ɔsoma ma wɔde asade no bi kɔmaa Yuda mpanyimfo a na wɔyɛ ne nnamfonom kae se, “Mo akyɛde a yɛfa fi \nd Awurade\nd* atamfo nsam ni.” \p \v 27 Wɔde akyɛde no kɔmaa wɔn a wɔwɔ Bet-El, Ramot a ɛwɔ anafo fam ne Yatir; \v 28 wɔn a wɔwɔ Aroer, Sifmot, Estemoa \v 29 ne Rakal ne wɔn a wɔwɔ Yerahmeelfo nkurow mu ne Kenifo kurow mu, \v 30 ne wɔn a wɔwɔ Horma, Bor-Asan, Atak, \v 31 Hebron ne mmeaemmeae a Dawid ne ne mmarima kyinkyinii hɔ nyinaa. \c 31 \s1 Saulo Wu \p \v 1 Afei, Filistifo no ko tiaa Israel. Israelfo no guanee wɔ wɔn anim, na wokunkum pii wɔ Gilboa bepɔw so. \v 2 Filistifo no kɔɔ Saulo ne ne mmabarima so, kunkum wɔn mu baasa a ɛyɛ Yonatan, Abinadab ne Malki-Sua. \v 3 Ɔko no mu yɛɛ den wɔ baabi a na Saulo wɔ hɔ. Filistifo agyantowfo no bɛn no, na wopiraa no kɛse pa ara. \p \v 4 Saulo fi yaw mu ka kyerɛɛ nʼakodekurafo no se, “Twe wʼafoa no, na fa wɔ me, na wɔn a wontwaa twetia no amfa wɔn afoa ammɛwɔ me, angu mʼanim ase.” \p Na nʼakodekurafo no suroo sɛ ɔbɛyɛ saa. Enti Saulo twee ɔno ankasa afoa sinaa ne ho wɔ so. \v 5 Bere a nʼakodekurafo no huu sɛ wawu no, ɔno nso sinaa ne ho wɔ nʼankasa afoa no so, na owu kaa ne ho. \v 6 Enti Saulo ne ne mma mmarima baasa, nʼakodekurafo ne nʼakofo nyinaa totɔɔ saa da no. \p \v 7 Bere a Israelfo a wɔwɔ Yesreel bon no fa baabi ne Yordan agya no huu sɛ Israel asraafo no adi nkogu, na Saulo nso ne ne mmabarima no nso atotɔ no, wogyaw wɔn nkurow hɔ guanee. Na Filistifo no bɛtenaa hɔ. \p \v 8 Ade kyee a Filistifo koyiyii atɔfo no ho no, wohuu Saulo ne ne mmabarima baasa no amu wɔ Gilboa bepɔw so. \v 9 Enti wotwaa Saulo ti, yiyii nʼakode nyinaa. Afei, wɔbɔɔ Saulo wu no dawuru wɔ wɔn abosomfi, ne ɔman no mu nyinaa. \v 10 Wɔde nʼakode no koguu Astoret nsɔree so, na wɔkyekyeree nʼamu no fam kuropɔn Bet-San fasu ho. \p \v 11 Na Yabes Gileadfo tee nea Filistifo ayɛ Saulo no, \v 12 wɔn akofo twaa kwan anadwo mu no nyinaa kɔɔ Bet-San kɔfaa Saulo ne ne mmabarima baasa no amu fii ɔfasu no ho. Wɔde kɔɔ Yabes bɛhyew wɔn. \v 13 Afei, wɔfaa wɔn nnompe kɔkoraa no odum dua no ase wɔ Yabes, na wodii mmuada nnanson.