\id 1PE - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h 1 Petro \toc1 Petro Nhoma A Edi Kan \toc2 1 Petro \toc3 1 Pe \mt1 Petro \mt2 Nhoma A Edi Kan \c 1 \p \v 1 Saa krataa yi fi Yesu Kristo somafo Petro nkyɛn, \b \p Ɔde kɔma Onyankopɔn nnipa a wayi wɔn a wɔabɔ ahwete sɛ ahɔho kɔ Ponto, Galatia, Kapadokia, Asia ne Bitinia amantam mu no. \v 2 Wɔnam Agya Onyankopɔn botae so na woyii mo na wɔnam ne Honhom so tew mo ho sɛ munni Yesu Kristo akyi na ɛnam so ama ne mogya no atew mo ho: \b \p Adom ne asomdwoe a ɛdɔɔso nka mo. \b \s1 Anidaso \p \v 3 Momma yɛnna Onyankopɔn a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no ase. Esiane nʼahummɔbɔ dodow nti, ɔnam nyan a onyan Yesu Kristo fii owu mu no so maa yɛn nkwa foforo. Eyi ma yenya anidaso a ase atim, \v 4 enti yɛrehwɛ anim sɛ yebenya nhyira dodow a Onyankopɔn akora a ɔde bɛma ne mma no bi. Ɔde asie wɔ ɔsoro ama mo, efisɛ hɔ de, ɛremporɔw anaa ɛrensɛe na ɛrempa nso. \v 5 Na Onyankopɔn gyina ne tumi kɛse no so bɛhwɛ sɛ mubedu hɔ wɔ asomdwoe mu na mo nsa aka, efisɛ mugye no di. Ɛbɛyɛ mo de nna a edi akyiri no mu ama obiara ahu. \v 6 Ɛwɔ mu sɛ ebia ɛbɛba mprempren, esiane ɔhaw bebree a mobɛfa mu no nti, mo werɛ bɛhow de, nanso momma mo ani nnye saa asɛm yi ho. \v 7 Ɔhaw ba sɛnea ɛbɛyɛ a wobehu sɛ mo gyidi no yɛ kann. Sikakɔkɔɔ a wotumi sɛe no no mpo, wɔde ogya sɔ hwɛ, enti ɛsɛ sɛ wɔsɔ mo gyidi a ɛsom bo kyɛn sikakɔkɔɔ no hwɛ hu sɛ ebetumi agyina ana. Ɛno ansa na da a Yesu Kristo bɛba no, mubenya anuonyam. \v 8 Ɛwɔ mu sɛ munhu Yesu de, nanso modɔ no. Munhu no mprempren de, nanso mugye no di. Anigye a moanya no boro so, \v 9 efisɛ mo nsa renka gyidi so mfaso a ɛyɛ mo kra nkwagye no. \p \v 10 Saa nkwagye yi na adiyifo no de boasetɔ hwehwɛɛ mu, hyɛɛ saa akyɛde yi a Onyankopɔn de bɛma mo no ho nkɔm. \v 11 Wɔpɛɛ sɛ wohu bere no ne ɔkwan a ɛnam so bɛba. Saa bere yi ne bere a Kristo Honhom a ɛte wɔn mu no rekyerɛ wɔ nkɔmhyɛ a ɛfa Kristo amanehunu a ɔbɛfa mu ne anuonyam a ebedi akyi no ho. \v 12 Onyankopɔn daa no adi kyerɛɛ saa adiyifo no sɛ, wɔanyɛ adwuma no amma wɔn ho, na mmom wɔyɛ de som mo. Wɔnam Honhom Kronkron a wɔsomaa no fii ɔsoro no tumi so kaa Asɛmpa no kyerɛɛ mo. Ɛwɔ mu sɛ abɔfo no pɛɛ sɛ wɔbɛte Asɛmpa yi de, nanso wɔde brɛɛ mo nko ara. \p \v 13 Enti munsi mo adwene pi na munni dwuma. Munnyina yiye na momma mo ani nna nhyira a wɔde bɛma mo Yesu Kristo ba a ɔbɛba no mu no so. \v 14 Muntie Onyankopɔn, na mommma akɔnnɔ abrabɔ a edii mo so bere a na munnim no no nni mo so. \v 15 Na mmom monyɛ kronkron wɔ biribiara a moyɛ mu, sɛnea Onyankopɔn a ɔfrɛɛ mo no yɛ kronkron no. \v 16 Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɛsɛ sɛ moyɛ kronkron, efisɛ meyɛ kronkron.” \p \v 17 Monkae sɛ mo Agya a ɔwɔ ɔsoro a mobɔ no mpae no nhwɛ nnipa anim wɔ nʼatemmu mu. Ɛno nti momfa nidi nyinaa mma no wɔ mo nna a aka mo wɔ asase yi so no. \v 18 Efisɛ munim bo a wotua de gyee mo fii abrabɔ bɔne a mo nananom kyerɛɛ mo no mu. Ɛnyɛ ade a ɛhwere ne bo a ɛsom te sɛ dwetɛ anaa sikakɔkɔɔ no. \v 19 Kristo a ɔte sɛ oguamma a onni dɛm no de ne ho bɔɔ afɔre a ne bo yɛ den ma munyaa ahofadi. \v 20 Ansa na wɔrebɔ wiase no, na Onyankopɔn ayi no na mo nti na nna a edi akyiri no wɔdaa no adi no. \v 21 Ɛnam ne so na mugyee Onyankopɔn a onyan no fii awufo mu na ɔmaa no anuonyam no dii. Ɛnam so ama mo gyidi ne mo anidaso ase atim wɔ Onyankopɔn mu no. \p \v 22 Afei a moayɛ osetie ama nokware no nti, mo ho atew na mododɔ mo nuanom agyidifo nokware mu yi, mumfi mo koma nyinaa mu nnodɔ mo ho mo ho. \v 23 Efisɛ wɔawo mo foforo; emfi aba a ɛporɔw mu, na mmom efi Onyankopɔn asɛm a ɛmporɔw no mu. \v 24 Kyerɛwsɛm no ka se, \q1 “Nnipa nyinaa te sɛ sare; \q2 na wɔn anuonyam te sɛ nhwiren. \q1 Sare no wu ma ne nhwiren no po, \q2 \v 25 nanso Awurade asɛm no wɔ hɔ daa nyinaa.” \m Eyi ne asɛm a Asɛmpa no de brɛɛ mo. \c 2 \s1 Onyankopɔn Ankasa Nkurɔfo \p \v 1 Montwe mo ho mfi bɔne nyinaa, atoro anaa nyaatwom anaa anibere anaa nseku ho. \v 2 Monyɛ sɛ nkokoaa a bere biara osukɔm de mo, sɛ mubenya honhom mu nufusu kronkron anom, na sɛ monom a moanyin na wɔagye mo nkwa. \v 3 Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Moaka Awurade ayamye no ahwɛ.” \p \v 4 Mommra Awurade a ɔyɛ ɔbo a nkwa wɔ mu no nkyɛn. Ɔno na nnipa poo no, na Onyankopɔn yii no sɛ nʼade a ɛsom bo. \v 5 Mo nso mote sɛ abo a nkwa wɔ mu a wɔde mo resi ɔdan a honhom ahyɛ no ma. Ɛhɔ na mobɛsom sɛ asɔfo Kronkron a monam Yesu Kristo so bɛbɔ honhom mu afɔre a edi mu ama Onyankopɔn. \v 6 Na Kyerɛwsɛm no ka se, \q1 “Mayi ɔbo a ɛho hia a mede bɛyɛ Sion tweatibo a \q2 obiara a obegye no adi no, \q2 wɔrenni no nhuammɔ.” \m \v 7 Saa ɔbo yi so wɔ mfaso yiye ma mo a mugye di. Na wɔn a wonnye nni no, \q1 “Ɔbo a adansifo apo no, \q2 ɛno ara na abɛyɛ tweatibo.” \m \v 8 Wɔka bio wɔ Kyerɛwsɛm no mu se, \q1 “Saa ɔbo yi na ɛbɛma nnipa ahintiw; \q2 ɔbotan a ɛbɛma wɔahwe ase.” \m Wohintiwii, efisɛ na wonnye asɛm no nni. Saa na Onyankopɔn hyɛe. \p \v 9 Na mo de, moyɛ nnipa a wɔapaw, asɔfodi mu adehye, ɔman kronkron, Onyankopɔn ankasa nkurɔfo a wɔayi mo sɛ monka nʼanwonwadwuma no ho asɛm. Ɔno na ɔfrɛɛ mo fii sum mu baa nʼankasa hann nwonwaso no mu. \v 10 Nna bi a atwa mu no, na monyɛ Onyankopɔn nkurɔfo, nanso afei moyɛ ne nkurɔfo; nna bi a atwa mu no, na munnim Onyankopɔn ahummɔbɔ no, nanso mprempren de, moanya nʼahummɔbɔ no. \s1 Onyankopɔn Asomfo \p \v 11 Mʼadɔfo, mekasa kyerɛ mo sɛ ahɔho ne amamfrafo a mowɔ wiase. Montwe mo ho mfi ɔhonam akɔnnɔ a daa ɛne ɔkra no di asi no ho. \v 12 Mommɔ ɔbra pa wɔ amanaman a mofra wɔn mu no mu, na sɛ wɔka mo ho nsɛm sɛ moyɛ nnebɔneyɛfo a, wɔahu mo papa a moayɛ no nso, anam so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam da a ɔbɛba no. \p \v 13 Mommrɛ mo ho ase wɔ Awurade din mu mma tumi a efi wiase nhyehyɛe nyinaa: sɛ ɛyɛ Ɔhempɔn a ɔwɔ tumi a ebunkam so, \v 14 anaa amradonom a ɔsoma wɔn se wɔnkɔtwe wɔn a wɔyɛ bɔne no aso na wɔmmɔ atreneefo aba so. \v 15 Onyankopɔn ahyɛde ne sɛ ɔpɛ sɛ monam mo nneyɛe pa so ka nnipa a wɔkasa kwa no kasa no hyɛ. \v 16 Montena ase sɛ nnipa a mode mo ho. Munnsusuw sɛ mo de mo ho nti mubetumi ayɛ bɔne biara. Mmom, montena ase sɛ Onyankopɔn asomfo. \v 17 Momfa nidi mma nnipa nyinaa. Monnɔ anuanom agyidifo. Munsuro Onyankopɔn, na mummu Ɔhempɔn. \p \v 18 Afi mu asomfo nso, mommrɛ mo ho ase mma mo wuranom, na munnni wɔn a wɔn yam ye na wɔn tirim yɛ mmrɛw no nko ni, na wɔn a wɔn tirim yɛ den nso, munni wɔn ni. \v 19 Sɛ motɔ mo bo ase tena saa ɔyaw a ɛmfata yi mu a, Onyankopɔn behyira mo, efisɛ munim ne pɛ. \v 20 Na sɛ moyɛ bɔne na wɔhwe mo na munya ho boasetɔ a, morennya ho mfaso biara. Na sɛ moyɛ papa na wɔhwe mo na munya ho boasetɔ a, Onyankopɔn behyira mo. \v 21 Eyi nti na Onyankopɔn frɛɛ mo, efisɛ Kristo no ankasa huu amane maa mo, de saa nhwɛso no gyaw mo, sɛnea mubedi nʼanammɔn akyi. \q1 \v 22 “Kristo anyɛ bɔne. \q2 Obiara ante atosɛm biara amfi nʼano.” \m \v 23 Wɔbɔɔ no adapaa no, wammɔ wɔn bi antua ka. Ohuu amane no, wampoopoo nʼani na ɔde nʼanidaso nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn a ɔyɛ Otemmufo pa no mu. \v 24 “Kristo no ankasa soaa yɛn bɔne” wɔ ne honam mu kɔɔ asennua no so sɛnea yebewu ama bɔne na yɛatena ase wɔ trenee mu. “Nʼakuru mu na moanya ayaresa. \v 25 Na mote sɛ nguan a wɔayera,” nanso afei de, wɔde mo asan aba se mummedi Oguanhwɛfo no ne mo Krahwɛfo no akyi. \c 3 \s1 Ɔyerenom Ne Okununom \p \v 1 Saa ara nso na ɔyerenom nso ɛsɛ sɛ mobrɛ mo ho ase ma mo kununom sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wɔn mu bi nnye asɛm no nni a, mo suban pa no bɛtwetwe wɔn ama wɔagye asɛm no adi. Ɛho nhia sɛ mobɛka biribi, \v 2 efisɛ wobehu obu ne nidi a mode ma Onyankopɔn wɔ mo suban mu. \v 3 Mommfa nneɛma foforo bi nkeka mo ho mma mo ho nyɛ fɛ; sɛ ɛyɛ ɔkwan a mofa so kyekyere mo ti, anaa adwinne a mode siesie mo ho, anaa ntama a mufura. \v 4 Momfa odwo ne ahobrɛase nkyerɛ mo ahoɔfɛ a ɛyɛ komamtew no. Saa ahoɔfɛ yi kyɛ na ɛsɔ Onyankopɔn ani. \v 5 Saa ɔkwan yi so na mmea agyidifo a wɔtenaa ase tete no a na wɔwɔ anidaso wɔ Onyankopɔn mu no nam brɛɛ wɔn ho ase maa wɔn kununom de kyerɛɛ wɔn ahoɔfɛ. \v 6 Sara yɛɛ saa ara. Otiee Abraham asɛm frɛɛ no “Me wura.” Mprempren sɛ moyɛ papa na munsuro hwee a moyɛ ne mmabea. \p \v 7 Mo okununom nso, saa ara na ɛsɛ sɛ modwene mo yerenom ho wɔ mo asetena mu. Momfa nidi mma wɔn na munhu mmerɛw a wɔyɛ na munhu sɛ wɔne mo yɛ adedifo, na biribi ansiw mo mpaebɔ ho kwan. \s1 Papayɛ So Amanehunu \p \v 8 Nea etwa to, mo nyinaa montena ase asomdwoe mu. Munnya ɔtema mma mo ho mo ho. Monnodɔ mo ho mo ho, na monyɛ ahummɔbɔ, na mommrɛ mo ho ase. \v 9 Mommfa bɔne ntua bɔne so ka, na mommfa ɔyaw nso ntua ɔyaw so ka. Na mmom, daa munhyirahyira, efisɛ ɛno nti na wɔfrɛɛ mo, na moanya nhyira. \v 10 Efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se, \q1 “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔtena ase yiye \q2 na ohu nna pa no, \q1 ɛnsɛ sɛ ɔka kasa bɔne, \q2 na ɛsɛ sɛ ogyae atorotwa. \q1 \v 11 Ɛsɛ sɛ ɔtew ne ho fi bɔne ho na ɔyɛ papa \q2 na ɔhwehwɛ asomdwoe na odi akyi. \q1 \v 12 Efisɛ Awurade ani wɔ atreneefo so \q2 na otie wɔn mpaebɔ \q1 na otia wɔn a wɔyɛ bɔne.” \p \v 13 Sɛ wopere sɛ wopɛ sɛ woyɛ nea ɛteɛ a, hena na ɔbɛhaw wo? \v 14 Na sɛ ɛba mpo sɛ woyɛ nea ɛteɛ na wuhu ho amane a, wʼani gye. Munnsuro nnipa, na mommma hwee nhaw mo. \v 15 Momfa nidi mma Kristo wɔ mo koma mu, na momma ɔnyɛ mo Awurade. Bere biara a obi bebisa mo gyidi a mowɔ wɔ mo mu ho asɛm no, monkyerɛ no ase. \v 16 Momfa obu ne nidi mma saa mmuae no. Momma mo adwene mu nna hɔ sɛnea wɔn a wɔka kasa bɔne fa mo suban pa wɔ Kristo mu no ho no anim begu ase wɔ wɔn nseku no ho. \v 17 Efisɛ sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ mubehu amane a, eye sɛ mubehu ade trenee a moyɛe ho amane sen sɛ mobɛyɛ bɔne. \v 18 Efisɛ Kristo no ankasa wu maa mo. Owui pɛnkoro maa mo bɔne sɛnea ɛbɛma moatumi akɔ Onyankopɔn nkyɛn. Wokum no ɔhonam mu, nanso ɔsɔree wɔ honhom mu, \v 19 na ɔnam honhom no so kɔkaa Asɛmpa no kyerɛɛ ahonhom a wɔda afiase no. \v 20 Ahonhom yi yɛɛ asoɔden tiaa Onyankopɔn bere a Noa resen ne hyɛn no, nanso Onyankopɔn tɔɔ ne bo ase maa wɔn. Onyankopɔn nam nsu no so gyee nnipa baawɔtwe nkwa, \v 21 na saa nsu yi yɛ asubɔ a egye mo nkwa mprempren no nsɛnkyerɛnne; ɛnyɛ ɔhonam ani fi hohoro, na mmom, ɛyɛ bɔ a wofi ahonim pa mu hyɛ Onyankopɔn. Ɛnam Yesu Kristo wusɔre so gye mo nkwa. \v 22 Kristo kɔ ɔsoro afei, na ɔte Onyankopɔn nifa so na odi abɔfo ne wim atumfo nyinaa so hene. \c 4 \s1 Abrabɔ Foforo \p \v 1 Esiane sɛ Kristo huu amane wɔ ne honam mu nti, munso saa adwene koro no ara mu mfa nhyɛ mo ho den. Efisɛ nea wahu amane wɔ ɔhonam mu no ne bɔne nni biribiara yɛ. \v 2 Efi mprempren rekɔ no, mo nna a aka wɔ asase so ha no, ɛsɛ sɛ Onyankopɔn na odi mo abrabɔ so na ɛnyɛ onipa akɔnnɔ. \v 3 Moasɛe mmere bebree de ayɛ nea anka ɛsɛ sɛ abosonsomfo na wɔyɛ. Motenaa ase wɔ ahohwi, akɔnnɔbɔne, nsabow, agobɔne, didimee ne abosonsom a ɛyɛ akyiwade mu. \v 4 Mprempren ɛyɛ wɔn nwonwa sɛ mo ne wɔn mmɔ mu mmu ahuhubra no bio, ɛno nti wɔyeyaw mo. \v 5 Nanso wobebu ho akontaa akyerɛ Onyankopɔn a wasiesie ne ho bu ateasefo ne awufo atɛn no. \v 6 Saa nti na wɔkaa Asɛmpa no kyerɛɛ awufo, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ wogyina wɔn asetena yi mu nneyɛe so bu wɔn atɛn a wɔn honhom ne Onyankopɔn bɛtena. \p \v 7 Biribiara awiei abɛn. Ɛsɛ sɛ mohyɛ mo ho so na mowɛn na moatumi abɔ mpae. \v 8 Eyi akyi no, monnodɔ mo ho yiye, efisɛ ɔdɔ bunkam bɔne nyinaa so. \v 9 Munnye mo ho mo ho ahɔho wɔ mo afi mu a anwiinwii biara nni mu. \v 10 Obiara nnyina Honhom mu adom a wanya no so mfa nsom afoforo. \v 11 Sɛ obi reka asɛm a, ɔnka Onyankopɔn asɛm. Obiara a ɔsom no, mfa ahoɔden a Onyankopɔn de ma no no nsom sɛnea biribiara mu no, wɔbɛfa Yesu Kristo so akamfo Onyankopɔn a anuonyam ne tumi wɔ no daadaa no. Amen. \s1 Okristoni Amanehunu \p \v 12 Anuanom, mommma amane a morehu no nyɛ mo nwonwa te sɛ nea montee so asɛm da. \v 13 Na mmom, momma mo ani nnye sɛ mo ne Kristo rehu amane sɛnea mo ani begye daa, da a ɔbɛda nʼanuonyam adi no. \v 14 Nhyira nka mo sɛ moyɛ Kristo akyidifo nti wɔyaw mo. Eyi kyerɛ sɛ anuonyam honhom a ɛyɛ Onyankopɔn Honhom no wɔ mo so. \v 15 Ɛnsɛ sɛ mo mu biara hu amane sɛ owudifo anaa owifo anaa odwotwafo anaa ɔsɛmpɛfo. \v 16 Na sɛ muhu amane wɔ mo Kristosom mu a, mommma mo ani nnwu, na mmom, monna Onyankopɔn ase sɛ moyɛ Kristo de. \v 17 Bere adu sɛ wobu atɛn, na Onyankopɔn no ara nkurɔfo na wobedi kan abu wɔn atɛn. Na sɛ efi yɛn so kan a, ebewie Asɛmpa no ho asoɔdenfo no dɛn? \v 18 Kyerɛwsɛm no ka se, \q1 “Ɛyɛ den sɛ wobegye onipa pa nkwa; \q2 na wɔn a wonnye asɛm no nni ne nnebɔneyɛfo no de, dɛn na ɛbɛba wɔn so?” \p \v 19 Ne saa nti, ɛsɛ sɛ wɔn a wohu amane sɛnea Onyankopɔn ahyehyɛ no de wɔn ho ma Ɔbɔade no na wɔkɔ so yɛ papa. \c 5 \s1 Mpanyimfo Ne Nguankuw No \p \v 1 Me a meyɛ ɔpanyin no, mitu asafo no mu mpanyimfo fo se, meyɛ Kristo amanehunu no ho dansefo nti nʼanuonyam a wɔbɛda no adi no bɛka me bi. Mitu mo fo se, \v 2 monyɛ nguan a Onyankopɔn de wɔn ahyɛ mo nsa no nguanhwɛfo na monhwɛ wɔn yiye sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ moyɛ no. Monyɛ adwuma a monhwehwɛ ho akatua biara, na mmom pɛ ara na mopɛ sɛ moyɛ. Adom ne asomdwoe mmunkam mo so. \v 3 Monnhyɛ wɔn a wɔde wɔn ahyɛ mo nsa no so, na mmom monyɛ nhwɛso pa mma nguan no. \v 4 Na sɛ Oguanhwɛfo panyin no ba a, wɔbɛma mo anuonyam ahenkyɛw a ɛrempa da. \p \v 5 Saa ara na ɛsɛ sɛ mo a moyɛ mmabun no, mobrɛ mo ho ase ma mpanyimfo. Mo nyinaa mfa ahobrɛase nkataanim mmɔ mo asen na monsom mo ho mo ho efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se, \q1 “Onyankopɔn siw ahantanfo kwan \q2 na ɔdom ahobrɛasefo.” \m \v 6 Enti mommrɛ mo ho ase nhyɛ Onyankopɔn nsa a tumi wɔ mu no ase, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma mo so wɔ bere a ɛsɛ mu. \v 7 Momfa mo dadwen ne mo haw nyinaa nto ne so, efisɛ odwen mo ho. \p \v 8 Mo ani nna hɔ; monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobɔ mu hwehwɛ nea obenya no amene. \v 9 Momfa gyidi nnyina pintinn nsiw no kwan efisɛ munim sɛ mo nuanom agyidifo a wɔwɔ wiase mmaa nyinaa rehu saa amane koro no ara bi. \p \v 10 Na adom nyinaa Nyankopɔn a wafrɛ mo aba ne daa anuonyam mu wɔ Kristo mu no, ɔno ara na sɛ munya hu amane kakra ansa a, obesiesie mo pɛ; ɔbɛma mo ase atim; ɔbɛhyɛ mo den; ɔbɛma moanya nnyinaso. \v 11 Ɔno na tumi wɔ no daa daa. Amen. \b \b \p \v 12 Me nua ogyidini Silwano na ɔboaa me ma mekyerɛw saa krataa tiaa yi. Mepɛ sɛ mehyɛ mo nkuran na midi adanse se eyi yɛ Onyankopɔn adom kann. Munnyina mu dennen. \b \p \v 13 Asafo a Onyankopɔn ayi wɔ Babilonia no ne me ba Marko kyia mo. \p \v 14 Momfa ɔdɔ atuuyɛ wɔ Kristo mu nkyiakyia mo ho mo ho. \b \p Asomdwoe nka mo a mowɔ Kristo mu no nyinaa.