\id 1KI - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h 1 Ahemfo \toc1 Ahemfo Nhoma A Edi Kan \toc2 1 Ahemfo \toc3 1 Ah \mt1 Ahemfo \mt2 Nhoma A Edi Kan \c 1 \s1 Dawid Nkwakoraabere \p \v 1 Bere a Ɔhene Dawid bɔɔ akwakoraa posoposo no, sɛ wɔde ntama ahe kuru ne ho koraa a, entumi nka no hyew koraa. \v 2 Enti nʼafotufo kae se, “Momma yɛmpɛ ɔbabun bi mma ɔhene na ɔtena ne ho nhwɛ no. Ɔbɛda ne kokom, na ama yɛn wura ɔhene ho ayɛ no hyew.” \p \v 3 Enti wokyin ɔman no mu nyinaa, hwehwɛɛ ɔbea hoɔfɛfo bi. Wokonyaa Abisag a ofi Sunam, na wɔde no brɛɛ ɔhene no. \v 4 Na ɔyɛ ɔbabea hoɔfɛfo, na ɔno na ɔbɛhwɛɛ ɔhene. Nanso ɔhene no amfa ne ho anka no. \s1 Adoniya Si Ne Ho Hene \p \v 5 Saa bere no mu Dawid babarima Adoniya\f + \fr 1.5 \fr*\ft Adoniya na na ɔyɛ Dawid babarima a ɔto so anan (\+xt 2 Sam 3.4\+xt*) a na wadi bɛyɛ mfe aduasa anum. Na Amnon, Absalom ne Kileab (a owui ne mmofraase no) nyinaa awuwu.\ft*\f* a na wɔfrɛ ne na Hagit no yɛɛ ahomaso kaa se obesi ne ho hene, ahyɛ nʼagya a wabɔ akwakoraa no anan mu. Enti ɔyɛɛ nteaseɛnam, pɛɛ apɔnkɔ kaa ho. Ɔpɛɛ mmarima aduonum, twee nteaseɛnam no ne apɔnkɔ no dii nʼanim. \v 6 Na nʼagya, ɔhene Dawid, nteɛɛ no da, mpo sɛ obebisa no se, “Dɛn na woreyɛ yi?” Na Adoniya yɛ ɔbarima hoɔfɛfo. Ɔno na na odi Absalom akyi wɔ awo mu. \p \v 7 Adoniya gyee Seruia\f + \fr 1.7 \fr*\ft Na Seruia yɛ Dawid nuabea.\ft*\f* babarima Yoab ne ɔsɔfo Abiatar\f + \fr 1.7 \fr*\ft Na Abiatar yɛ Ahimelek nenabarima.\ft*\f* too mu, na wɔn nso penee sɛ wɔbɛboa no ama wadi ɔhene. \v 8 Na wɔn a wɔtaa Dawid akyi, na wɔampɛ sɛ wɔboa Adoniya na odi hene no bi ne ɔsɔfo Sadok, Yehoiada babarima Benaia, odiyifo Natan, Simei, Rei ne Dawid ho bammɔfo. \p \v 9 Adoniya kɔɔ Sohelet Bo a ɛbɛn En-Rogel asuti ho. Ɛhɔ na ɔde nguan, anantwi ne anantwi mma bɔɔ afɔre. Ɔtoo nsa frɛɛ ne nuabarimanom nyinaa, ɔhene Dawid mmabarima no, ne Yuda adehye mpanyimfo. \v 10 Nanso wamfrɛ odiyifo Natan anaa Benaia anaa ɔhene ho bammɔfo anaa ne nuabarima Salomo. \p \v 11 Na odiyifo Natan kɔɔ Batseba a ɔyɛ Salomo na no nkyɛn kobisaa no se, “Wunim sɛ Hagit babarima Adoniya asi ne ho hene a yɛn wura Dawid mpo nnim ho hwee? \v 12 Sɛ wopɛ sɛ wunya wo ti didi mu, na wugye wo babarima Salomo nso nkwa a, tie mʼafotu yi. \v 13 Kɔ ɔhene Dawid nkyɛn ntɛm so, na kobisa no se, ‘Me wura, ɛnyɛ wo na wohyɛɛ me bɔ sɛ, me babarima Salomo na da bi obedi wʼade sɛ ɔhene, na watena wʼahengua no so? Na adɛn nti na Adoniya ayɛ ɔhene?’ \v 14 Na bere a wugu so ne no rekasa no, mɛba abesi asɛm biara a woaka no so dua.” \p \v 15 Na Batseba kɔɔ ɔhene pia mu. Afei, na wabɔ akwakoraa posoposo a Abisag na na ɔhwɛ no. \v 16 Batseba kotow no, na ɔhene no bisaa no se, “Dɛn na menyɛ mma wo?” \p \v 17 Obuaa no se, “Me wura, wugyina \nd Awurade\nd*, wo Nyankopɔn, anim hyɛɛ me bɔ sɛ, me babarima Salomo na obedi wʼade, na watena wʼahengua so. \v 18 Nanso mprempren de, Adoniya na wabɛyɛ ɔhene foforo a mpo, wunnim ho hwee. \v 19 Ɔde anantwi ne anantwi mma a wɔadodɔ srade ne nguan abɔ afɔre. Na ɔtoo nsa frɛɛ wo mmabarima nyinaa ne ɔsɔfo Abiatar ne Yoab a ɔyɛ asraafo no sahene no. Nanso wanto nsa amfrɛ wo somfo Salomo bi. \v 20 Na me wura ɔhene, Israel nyinaa retwɛn nea wobɛkyerɛ sɛ onni wʼade sɛ ɔhene. \v 21 Na sɛ woanyɛ biribi na sɛ wunya kɔ wo kra akyi pɛ a, wɔbɛyɛ me ne me ba Salomo sɛ amumɔyɛfo.” \p \v 22 Ogu so ne no rekasa no ara pɛ na, odiyifo Natan beduu hɔ. \v 23 Ɔhene afotufo no ka kyerɛɛ no se, “Odiyifo Natan aba ha, na ɔpɛ sɛ ohu wo.” Natan kɔɔ mu kɔkotow ɔhene no. \p \v 24 Obisae se, “Me wura, woayɛ wʼadwene sɛ Adoniya na onni wʼade, na ɔntena wʼahengua so ana? \v 25 Nnɛ, ɔde anantwi, anantwi mma a wɔadodɔ srade ne nguan abɔ afɔre, na ɔtoo nsa frɛɛ wo mmabarima nyinaa maa wɔbaa afahyɛ no ase. Ɔfrɛɛ Yoab a ɔyɛ asraafo so sahene no ne ɔsɔfo Abiatar nso. Merekasa yi, wɔne no redidi, nom, teɛteɛ mu se, ‘Ɔhene Adoniya nkwa so!’ \v 26 Na me a meyɛ wo somfo no, wanto nsa amfrɛ me; saa ara nso na wamfrɛ ɔsɔfo Sadok, Yehoiada babarima Benaia ne Salomo nso. \v 27 Ɛyɛ nokware sɛ me wura ayɛ saa a wamma nʼasomfo no mu biara ante onipa a obedi nʼade sɛ ɔhene no ho hwee?” \s1 Dawid Si Salomo Ɔhene \p \v 28 Dawid kae se, “Momfrɛ Batseba mma me.” Na ɔbaa ɔhene anim begyinaa hɔ. \p \v 29 Na ɔhene hyɛɛ bɔ se, “Mmere dodow a \nd Awurade\nd* a ogyee me fii ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu da so te ase yi, \v 30 nnɛ, mehyɛ mmara sɛ, wo babarima Salomo na obedi ade sɛ ɔhene, na ɔbɛtena mʼahengua so, sɛnea mekaa ntam kyerɛɛ wo wɔ \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, anim no.” \v 31 Na Batseba san kotow no bio, na ɔteɛɛ mu se, “Me wura, ɔhene Dawid, ntena ase afebɔɔ!” \p \v 32 Na ɔhene Dawid hyɛɛ se, “Momfrɛ ɔsɔfo Sadok, odiyifo Natan ne Yehoiada babarima Benaia mma me.” Wɔbaa ɔhene anim no, \v 33 ɔhene ka kyerɛɛ wɔn se, “Momfa Salomo ne me mpanyimfo no nkɔ Gihon asuti no ho. Salomo ntena mʼafurumpɔnkɔ so. \v 34 Ɛhɔ na ɔsɔfo Sadok ne odiyifo Natan bɛsra no ngo sɛ Israelhene. Monhyɛn torobɛnto, na monteɛteɛ mu se, ‘Ɔhene Salomo nkwa so!’ \v 35 Na sɛ mosan de no ba ha a, ɔbɛtena mʼahengua so. Obedi mʼade sɛ ɔhene, efisɛ mayi no sɛ ɔnyɛ ɔhene wɔ Israel ne Yuda so.” \p \v 36 Yehoiada babarima Benaia gyee so se, “Amen! \nd Awurade\nd* a ɔyɛ me wura, ɔhene Nyankopɔn no mmara no mmra mu saa. \v 37 Na \nd Awurade\nd* nka Salomo ho sɛnea ɔkaa wo ho no, na Salomo ahenni nyɛ yiye nkyɛn wo de no mpo.” \p \v 38 Enti ɔsɔfo Sadok, odiyifo Natan ne Yehoiada babarima Benaia ne ɔhene ho bammɔfo faa Salomo de no kɔɔ Gihon asuti no ho a, na Salomo te ɔhene Dawid afurumpɔnkɔ so. \v 39 Ɛhɔ na ɔsɔfo Sadok faa ngotoa\f + \fr 1.39 \fr*\ft Ngo a wɔbɔ din wɔ ha yi yɛ ngo a wɔbɔɔ din wɔ Ɛksodɔs mu (\+xt 2 Mose 30.22-33\+xt*) no.\ft*\f* fii ntamadan\f + \fr 1.39 \fr*\ft Ntamadan no yɛ ntamadan a Dawid yɛ maa Apam Adaka no. Nhyiamu Ntamadan a wosii no nweatam so no da so wɔ Gibeon (\+xt 3.4; 2 Sam 6.17\+xt*).\ft*\f* kronkron mu hɔ behwie guu Salomo tirim. Afei, wɔhyɛn torobɛnto maa nnipa no nyinaa teɛteɛɛ mu se, “Ɔhene Salomo nkwa so!” \v 40 Na nnipa no nyinaa san ne Salomo kɔɔ Yerusalem a wɔrebɔ mmɛn, di ahurusi. Na anigye ne ahosɛpɛw ne nteɛteɛmu no ano yɛɛ den ara kosii sɛ, wɔn nne no wosow asase. \p \v 41 Adoniya ne nʼahɔho tee osebɔ ne nteɛteɛmu bere a wɔreyɛ awie wɔn aponto no. Yoab tee torobɛnto nne no, obisae se, “Na asɛm bɛn na asi? Na adɛn nso na kurow no mu ayɛ gyegyeegye yi?” \p \v 42 Bere a ogu so rekasa no, Yonatan a ɔyɛ ɔsɔfo Abiatar babarima no kɔɔ hɔ. Adoniya ka kyerɛɛ no se, “Bra mu, efisɛ woyɛ onipa papa. Minim sɛ asɛm pa wɔ wʼano.” \p \v 43 Yonatan buae se, “Dabi da! Mprempren ara, yɛn wura ɔhene Dawid, asi Salomo ɔhene. \v 44 Ɔhene no maa ɔne ɔsɔfo Sadok, odiyifo Natan, Yehoiada babarima Benaia a ɔhene ho bammɔfo rebɔ wɔn ho ban, kɔɔ Gihon asuti ho. Wɔmaa no tenaa ɔhene afurumpɔnkɔ so, \v 45 na Sadok ne Natan sraa no ngo sɛ ɔhene foforo. Wɔreba ara ni, na kurow mu no nyinaa agye bum ahokeka so. Gyegyeegye no nkyerɛase ara ne no. \v 46 Afei, mprempren, Salomo te ahengua so sɛ ɔhene. \v 47 Adehye mpanyimfo nyinaa kɔɔ ɔhene Dawid nkyɛn, kɔmaa no mo, kae se, ‘Onyankopɔn mma Salomo ahenni nhyeta nkyɛn wo de no, na Salomo ahemman nso nyɛ kɛse nsen wo de no!’ Na ɔhene sii ne ti ase yii \nd Awurade\nd* ayɛ, bere a na ɔda ne mpa mu, \v 48 na ɔkaa saa nsɛm yi, ‘Nhyira nka \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, a nnɛ da yi wayi obi sɛ ɔntena mʼahengua so wɔ bere a mete ase, na mihu nea ɛrekɔ so nyinaa.’ ” \p \v 49 Ɛhɔ ara, Adoniya ahɔho no nyinaa de hu gyee bum, fii aponto no ase, na ntɛm so, obiara kɔɔ ne kwan. \v 50 Na Adoniya no ankasa suro Salomo, enti oguan kɔɔ ntamadan kronkron no mu kosusoo mmɛn a esisi afɔremuka no so no mu. \v 51 Ankyɛ na Salomo tee sɛ Adoniya akosuso mmɛn a esisi afɔremuka no so, na ɔresrɛ se, “Momma Salomo nsua nkyerɛ nnɛ yi ara, na wankum me!” \p \v 52 Salomo buae se, “Sɛ obedi me nokware de a, wɔrenhaw no. Na sɛ wanyɛ saa de a, wobekum no.” \v 53 Enti ɔhene Salomo frɛɛ Adoniya, na wɔde no fi afɔremuka no so kɔe. Ɔkotow ɔhene no, na Salomo ka kyerɛɛ no se, “Kɔ fie.” \c 2 \s1 Dawid Ma Salomo Afotu A Etwa To \p \v 1 Dawid rebewu no, ɔde adwuma hyɛɛ Salomo nsa sɛ: \p \v 2 “Merekɔ faako a ɛsɛ sɛ da bi ɔteasefo biara kɔ, enti yɛ den na kyerɛ wo mmaninyɛ, \v 3 na yɛ nea \nd Awurade\nd*, wo Nyankopɔn, hwehwɛ sɛ woyɛ. Nantew nʼakwan so, na di ne mmara ne nʼahyɛde so sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mose mmara no mu no, sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛkɔ so wɔ biribiara a wobɛyɛ mu ne baabiara a wobɛkɔ nso. \v 4 Sɛ woyɛ eyi a na \nd Awurade\nd* bedi ne bɔ a ɔhyɛɛ me no so se, ‘Sɛ wʼasefo hwɛ wɔn asetena, na wofi wɔn koma ne wɔn kra nyinaa mu nantew nokware mu wɔ mʼanim a, wɔn mu baako bɛtena Israel ahengua no so.’ \p \v 5 “Wunim se Seruia babarima Yoab kum mʼakofo asahene baanu no a ɛyɛ Ner babarima Abner ne Yeter babarima Amasa no. Okunkum wɔn, hwiee wɔn mogya gui, asomdwoe bere mu a ɛnyɛ ɔko bere mu, na ɔde wɔn mogya kekaa nʼabɔso a ɛbɔ nʼasen mu ne ne mpaboa a ɛhyɛ ne nan so. \v 6 Wo ne no nni, na mma no mfa ne ti dwen nkɔ ɔda mu asomdwoe mu. \p \v 7 “Na yɛ Barsilai a ofi Gilead no mmabarima adɔe, na ma wɔnka wɔn a wodidi wɔ wo didipon so no ho. Bere a miguan fii wo nuabarima Absalom ho no, wɔyɛɛ me adɔe. \p \v 8 “Kae Gera Benyaminni a ofi Bahurim no babarima Simei. Ɔdomee me denneennen, da a mereguan akɔ Mahanaim no. Na obehyiaa me wɔ Yordan no, mede \nd Awurade\nd* din kaa ntam sɛ, Merenkum no. \v 9 Nanso ntam no mma onni bem. Woyɛ onyansafo na wubehu ɔkwan a wobɛfa so aka ne mogya agu.” \p \v 10 Na Dawid wui, na wosiee no wɔ Dawid kurom. \v 11 Odii hene wɔ Israel mfe aduanan a ne nkyerɛmu ne sɛ, odii Hebron so mfe ason na Yerusalem nso, odii ade mfe aduasa abiɛsa. \v 12 Enti Salomo tenaa nʼagya Dawid ahengua so, na nʼadedi ase timii yiye. \s1 Salomo Yɛ Nʼahenni Nhyehyɛe \p \v 13 Na Hagit babarima Adoniya kɔɔ Salomo ne na Batseba nkyɛn. Batseba bisaa no se, “Wobaa no asomdwoe so ana?” \p Obuaa no se, “Ɛyɛ asomdwoe so.” \v 14 Na ɔka kaa ho se, “Mepɛ sɛ woyɛ me adɔe bi.” \p Na Batseba bisae se, “Adɔe bɛn.” \p \v 15 Adoniya kae se, “Sɛnea wunim no, na ahemman no yɛ me dea. Na Israel nyinaa hwɛ me kwan sɛ wɔn hene. Nanso nneɛma sesae, na ahemman no kɔɔ me nuabarima nkyɛn, efisɛ \nd Awurade\nd* pɛ no saa. \v 16 Mprempren, ade baako na mepɛ sɛ mesrɛ wo. Mfa nkame me.” \p Ɔkae se, “Wutumi ka.” \p \v 17 Na ɔtoaa so se, “Kɔsrɛ ɔhene Salomo ma me, na ɔremfa dekode no nkame wo. Ka na ɔmfa Abisag Sunamni no mma me sɛ me yere.” \p \v 18 Na Batseba buae se, “Eye mɛka ho asɛm akyerɛ ɔhene ama wo.” \p \v 19 Enti Batseba kɔɔ ɔhene Salomo nkyɛn sɛ ɔrekɔkasa ama Adoniya. Ɔhene no sɔree sɛ ɔrebehyia no, bɔɔ ne mu ase ansa na ɔretena nʼahengua so. Na ɔhyɛɛ sɛ wɔmfa agua mmrɛ ɔhene na, na ɔtenaa ɔhene nifa so. \p \v 20 Ɔka kyerɛɛ ɔhene se, “Mewɔ ade ketewaa bi srɛ wo, na mfa nkame me.” \p Ɔhene no buaa no se, “Ka, me na. Meyɛ ama wo.” \p \v 21 Enti ɔkae se, “Ma wɔmfa Sunamni Abisag mma wo nuabarima Adoniya aware.” \p \v 22 Ɔhene Salomo bisaa ne na se, “Adɛn nti na wopɛ sɛ Adoniya ware Sunamni Abisag? Ɛno de, sɛ wubebisa ahemman nso ama no. Wunim sɛ ɔyɛ me nua panyin na ɔsɔfo Abiatar ne Seruia babarima Yoab nso boa no!” \p \v 23 Na ɔhene Salomo de \nd Awurade\nd* din kaa ntam se, “Sɛ Adoniya amfa ne nkwa antwa saa abisade yi so a, Onyankopɔn ne me nni no dennen so pa ara. \v 24 Na mprempren de, mmere dodow a \nd Awurade\nd* te ase yi, ɔno a watim mʼase wɔ mʼagya Dawid ahengua so, na wabɔ me fie ahenni mu nnidiso atenase ama me, sɛnea ɔhyɛɛ me bɔ no, Adoniya de, twa ara na etwa sɛ owu nnɛ yi ara.” \v 25 Enti, Salomo hyɛɛ Yehoiada babarima Benaia sɛ onkum no, na okum Adoniya. \p \v 26 Na ɔhene no ka kyerɛɛ ɔsɔfo Abiatar se, “San kɔ wo kurom Anatot. Wofata sɛ wuwu, nanso merenkum wo mprempren, efisɛ, wosoaa \nd Awurade\nd* Tumfo Adaka no maa mʼagya, na wo ne no nyinaa na muhuu amane wɔ nʼabɛbrɛsɛ nyinaa mu.” \v 27 Enti Salomo nam so dii mmara a \nd Awurade\nd* hyɛɛ wɔ Silo fa Eli asefo ho no so. \p \v 28 Ɛwɔ mu, mfiase no na onni Absalom akyi, nanso Yoab de ne ho kɔdɔm Adoniya atuatew no. Bere a Yoab tee Adoniya wu no, otuu mmirika kɔɔ \nd Awurade\nd* ntamadan kronkron no mu, na okosusoo mmɛn a etuatua afɔremuka no ho no mu. \v 29 Bere a ɔhene Salomo tee asɛm yi, ɔsomaa Yehoiada babarima Benaia sɛ onkokum no. \p \v 30 Na Benaia kɔɔ \nd Awurade\nd* ntamadan kronkron no mu kɔka kyerɛɛ Yoab se, “Ɔhene se fi adi.” \p Nanso Yoab buae se, “Dabi, mewu wɔ ha.” \p Enti Benaia san kɔɔ ɔhene no nkyɛn kɔkaa asɛm a Yoab aka no kyerɛɛ no. \p \v 31 Ɔhene no tee asɛm a Yoab kae no, ɔka kyerɛɛ Benaia se, “Yɛ nea ɔkae no. Kum no wɔ afɔremuka no ho, na sie no. Eyi beyi adwenhare mogyahwiegu ho afɔdi afi me ne mʼagya fifo so. \v 32 Na \nd Awurade\nd* betua no kum a okum mmarima atreneefo ankasa baanu a na woye sen no no so ka. Na mʼagya nnim Ner babarima Abner a na ɔyɛ Israel asraafo so sahene ne Yeter babarima Amasa a na ɔno nso yɛ Yuda asraafo so sahene no wu ho hwee. \v 33 Yoab ne nʼasefo de, saa awudi ahorow yi ho afɔdi ntena wɔn so, na \nd Awurade\nd* mma Dawid ne nʼasefo ne nʼahengua asomdwoe afebɔɔ!” \p \v 34 Enti Yehoiada babarima Benaia san kɔɔ ntamadan kronkron no mu, kokum Yoab, na wosiee Yoab\f + \fr 2.34 \fr*\ft Na wosie nnipa wɔ wɔn ankasa nsase so, efisɛ na ɔman amusiei nni hɔ saa bere no.\ft*\f* wɔ ne kurom wuram baabi. \v 35 Na ɔhene no yii Yehoiada babarima Benaia sɛ onsi Yoab anan sɛ ɔsahene. Na oyii ɔsɔfo Sadok de no sii Abiatar anan mu. \p \v 36 Ɔhene no soma ma wɔkɔfrɛɛ Simei ka kyerɛɛ no se, “Si ofi wɔ Yerusalem ha na tena mu. Na mfi kurow no mu nkɔ baabiara. \v 37 Na da a wubetwa Kidron bon no, wubewu; na wo mogya begu wʼankasa wo ti so.” \p \v 38 Na Simei buae se, “Wʼatemmu no yɛ kronkron. Biribiara a me wura ɔhene bɛhyɛ sɛ menyɛ no, mɛyɛ.” Enti Simei tenaa Yerusalem kyɛe yiye. \p \v 39 Na mfe abiɛsa akyi no, Simei asomfo baanu guan kɔɔ Gathene\f + \fr 2.39 \fr*\ft Gat wɔ Filisti.\ft*\f* Akis, Maaka babarima nkyɛn. Bere a Simei huu faako a wɔwɔ no, \v 40 ɔhyehyɛɛ nʼafurum, kɔɔ Gat, kɔhwehwɛɛ wɔn. Ohuu wɔn no, ɔde wɔn san baa Yerusalem. \p \v 41 Salomo tee sɛ Simei afi Yerusalem akɔ Gat asan aba no, \v 42 ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ Simei bae, na obisaa no se, “Mamma woanka ntam \nd Awurade\nd* din mu sɛ, worenkɔ baabiara, na sɛ anyɛ saa a, wubewu? Na wubuae se, ‘Atemmu no yɛ kronkron; na medi asɛm a woaka no so.’ \v 43 Adɛn nti na woanni wo ntam no so amma \nd Awurade\nd*, na woanyɛ mʼahyɛde?” \p \v 44 Na ɔhene no ka kaa ho se, “Akyinnye biara nni ho sɛ wokae amumɔyɛ a woyɛɛ mʼagya, ɔhene Dawid. \nd Awurade\nd* bɛtwe wʼaso wɔ ho. \v 45 Na me de, menya \nd Awurade\nd* nhyira, na daa Dawid aseni atena ahengua no so.” \p \v 46 Na ɔhene no hyɛɛ Yehoiada babarima Benaia ma ɔfaa Simei de no fii adi kokum no. \p Enti ahemman no tim wɔ Salomo nsam. \c 3 \s1 Salomo Srɛ Nyansa \p \v 1 Salomo ne Misraimhene Farao yɛɛ apam, nam so waree ne babea. Ɔde no bɛtenaa Dawid kurom, kosii sɛ osii nʼahemfi sii \nd Awurade\nd* Asɔredan, na ɔtoo Yerusalem ho fasu nso wiei. \v 2 Saa bere no mu, na Israelfo bɔ afɔre wɔ sorɔnsorɔmmea, efisɛ na wonsii asɔredan, mfaa \nd Awurade\nd* din ntoo so ɛ. \v 3 Salomo kyerɛɛ ne dɔ a ɔwɔ ma \nd Awurade\nd*, efisɛ na ɔnam nʼagya Dawid nkyerɛkyerɛ anammɔn so pɛpɛɛpɛ. Mmom na ɔbɔ afɔre wɔ sorɔnsorɔmmea hɔ, hyew aduhuam wɔ hɔ nso. \p \v 4 Gibeon na na afɔremuka no mu atitiriw wɔ, ɛhɔ na Salomo kɔbɔɔ ɔhyew afɔre apem wɔ afɔremuka so. \v 5 Anadwo no, \nd Awurade\nd* daa ne ho adi kyerɛɛ Salomo wɔ dae mu. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no se, “Dɛn na wopɛ? Bisa na mede bɛma wo.” \p \v 6 Salomo kae se, “Woada adɔe kɛse pa ara adi akyerɛ mʼagya Dawid, efisɛ na odi wo nokware, yɛ ɔtreneeni a ne koma mu nso da hɔ. Woatoa so ayɛ no saa adɔe kɛse yi ara, na nnɛ yi ara, woama no ɔbabarima sɛ ɔntena nʼahengua nso so. \p \v 7 “Afei, \nd Awurade\nd*, me Nyankopɔn, woasi wʼakoa ɔhene,\f + \fr 3.7 \fr*\ft Salomo dii ade sɛ ɔhene no, na wadi bɛyɛ mfe aduonu.\ft*\f* sɛ minsi mʼagya Dawid anan mu, nanso meyɛ abofra ketewaa bi a minnim sɛnea mesi ayɛ mʼadwuma. \v 8 Ɛha na wʼakoa abedu wɔ nnipa a woapaw wɔn no mu; nnipa a wɔn dodow nti, obi ntumi nkan wɔn. \v 9 Ɛno nti, ma wʼakoa nhumu koma a obetumi de adi wo nkurɔfo so, na obetumi ahu papa ne bɔne ntam nsonoe. Na hena koraa na ɔno nko ara betumi adi saa ɔman a wodi mu, a wɔyɛ wo de yi so?” \p \v 10 \nd Awurade\nd* ani sɔɔ Salomo mmuae no, na nʼani gyee sɛ obisaa nyansa. \v 11 Enti \nd Awurade\nd* buae se, “Esiane sɛ woabisa nyansa a wode bedi me manfo so, na woammisa nkwa tenten anaa sika amma wo ho anaa woammisa sɛ wo tamfo bi nwu no nti, \v 12 mede nea woabisa no bɛma wo. Mɛma wo nyansa ne ntease a obiara nnyaa bi da, na obiara nso renya bi da. \v 13 Na nea woammisa no nso, mede bɛka wo ho—sika ne anuonyam. Na ɔhene biara a ɔwɔ wiase nso rentumi mfa ne ho nto wo ho, wo nkwa nna nyinaa mu. \v 14 Na sɛ wudi mʼakyi, na wudi me mmara so sɛ wʼagya Dawid a, mɛma wo nkwa tenten.” \v 15 Na Salomo nyanee, na ohuu sɛ ɛyɛ dae. Ɔkɔɔ Yerusalem kogyinaa \nd Awurade\nd* Apam Adaka no anim, na ɔbɔɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre. Na ohyiaa ne mpanyimfo nyinaa, too wɔn pon. \s1 Salomo Bu Atɛntrenee \p \v 16 Akyiri no, mmea nguamanfo baanu bi baa ɔhene no nkyɛn, pɛɛ sɛ ɔka wɔn asɛm bi ma wɔn. \v 17 Wɔn mu baako fitii ase se, “Me wura, mesrɛ wo meka se, saa ɔbea yi ne me te fi koro mu. Mewoo ɔba bere a ɔne me te fie hɔ. \v 18 Nnansa akyi no, ɔno nso woo ba. Na yɛn nko ara na yɛte fie hɔ a obiara nka yɛn baanu no ho. \p \v 19 “Nanso anadwo no, ɔpere kɔdaa ne ba no so, kum no. \v 20 Na ɔsɔree anadwo no faa me ba fii me nkyɛn bere a mada no. Ɔde ne ba a wawu no too me basa so, na ɔfaa me de no kɔtoo ne nkyɛn, ma ɔdae. \v 21 Ade kyee a mepɛɛ sɛ mema me ba no nufu no, na wawu. Nanso anim tetew kakra a mehwɛɛ abofra no yiye no, mihuu sɛ ɛnyɛ me ba no koraa.” \p \v 22 Ɛhɔ ara na ɔbea baako no gyee hwanyan kae se, “Abofra a wawu no yɛ wo ba no, ɛnna nea onwui no nso yɛ me de no.” \p Ɛnna ɔbea a odi kan no nso se, “Dabi da, nea wawu no yɛ wo ba no, na nea onwui no nso yɛ me de no.” Enti wɔtwee asɛm no saa ara wɔ ɔhene no anim. \p \v 23 Ɔhene no kae se, “Momma yɛmpɛ asɛm no mu nokware yiye. Mo baanu nyinaa, obiara se abofra a onwui no yɛ ne dea, na abofra a wawu no de, ɔnyɛ obiara dea. \p \v 24 “Sɛ saa na ɛte de a, mommrɛ me afoa.” Enti wɔde afoa brɛɛ ɔhene no. \v 25 Afei, ɔkae se, “Mompae abofra a onwui no mu abien, na momfa fa mma mmea no mu biara.” \p \v 26 Na ɔbea a nokware, ɔyɛ abofra a ɔte ase no na a ɔpɛ ne ba yi asɛm yiye no teɛteɛɛ mu se, “Ao! Dabi me wura! Fa abofra no ma no. Mesrɛ wo nkum no!” \p Nanso ɔbea baako no kae se, “Eye, ɛbɛbɔ yɛn baanu nyinaa. Kyɛ ne mu ma yɛn!” \p \v 27 Ɛhɔ na ɔhene no kae se, “Munnkum no, na mmom, momfa abofra no mma ɔbea a ɔpɛ sɛ abofra no tena ase no, na ɔno ne ne na no.” \p \v 28 Ɔhene yi atemmu no trɛw faa Israel mmaa nyinaa, na ɔmanfo no ho dwiriw wɔn wɔ nyansa a Onyankopɔn de ama no, a ɛma no bu atɛntrenee no ho. \c 4 \s1 Salomo Mpanyimfo Ne Amradofo \p \v 1 Enti Ɔhene Salomo dii Israel nyinaa so hene. \b \li4 \v 2 Na eyinom ne ne mpanyimfo: \b \li1 Sadok babarima Asaria\f + \fr 4.2 \fr*\ft Na Asaria yɛ Ahimaas babarima na Ahimaas nso yɛ Sadok a na ɔyɛ ɔsɔfo no babarima\ft*\f*. \li1 \v 3 Sisa mmabarima Elihoref ne Ahiya na na wɔyɛ asennii akyerɛwfo no. \li1 Ahilud babarima Yehosafat na na ɔyɛ adehye abakɔsɛm kyerɛwfo. \li1 \v 4 Yehoiada babarima Benaia na na ɔyɛ asraafo so sahene no; \li1 Sadok ne Abiatar na na wɔyɛ asɔfo. \li1 \v 5 Natan babarima Asaria na na ɔyɛ amansin amradofo titenani. \li1 Natan babarima Sabud a na ɔyɛ ɔsɔfo no, na na ɔyɛ ɔhene fotufo a ɔde ne ho to ne so. \li1 \v 6 Ahisar na na ɔyɛ ahemfi sohwɛfo. \li1 Abda babarima Adoniram na na ɔhwɛ adwumayɛfo so. \b \p \v 7 Na Salomo wɔ amansin amradofo dumien wɔ Israel nyinaa mu. Na wɔn adwuma ne sɛ, wogye nnuan fi ɔmanfo nkyɛn de kɔma ahemfifo. Wɔn mu biara hwɛ di saa dwuma yi ɔsram baako wɔ afe biara mu. \b \li4 \v 8 Saa amradofo dumien no din na edidi so yi: \b \li1 Na Ben-Hur wɔ Efraim bepɔw asase so. \li1 \v 9 Na Ben-Deker hwɛ Makas, Saalbim, Bet-Semes ne Elon-Bet-Hanan so. \li1 \v 10 Na Ben-Hesed hwɛ Arubot a Soko ne nsase a ɛwɔ Hefer nyinaa ka ho no so. \li1 \v 11 Na Ben-Abinadab wɔ Nafat-Dor. (Ɔwaree Salomo babea Tafat). \li1 \v 12 Na Ahilud babarima Baana hwɛ Taanak ne Megido ne Bet-Sean a ɛbɛn Saretan a ɛwɔ Yesreel anafo ne nkurow a efi Bet-Sean, de kosi Abel-Mehola, tra kosi Yokmeam akyi no so. \li1 \v 13 Na Ben-Geber wɔ Ramot-Gilead, a Yair nkurow a wɔde too Manase babarima Yair a ɛwɔ Gilead ka ho, wɔ Argob mantam a ɛwɔ Basan a nkuropɔn aduosia a wɔde kɔbere apon asisi ano no ka ho. \li1 \v 14 Na Ido babarima Abinadab wɔ Mahanaim. \li1 \v 15 Na Ahimaas wɔ Naftali. Ɔno nso waree Salomo babea Basmat. \li1 \v 16 Na Husai babarima Baana wɔ Aser ne Alot. \li1 \v 17 Na Parua babarima Yehosafat wɔ Isakar. \li1 \v 18 Na Ela babarima Simei wɔ Benyamin. \li1 \v 19 Na Uri babarima Geber wɔ Gilead asase so a Amorihene Sihon ne Basanhene Og amantam ka ho. Na amrado baako pɛ na ɔhwɛ Yuda asase so. \s1 Salomo Nkɔso Ne Nyansa \p \v 20 Na nnipa a wɔwɔ Yuda ne Israel no dodow te sɛ mpoano nwea. Nea wonya di ne nea wonya nom no, na wɔn ani sɔ. \v 21 Salomo dii ahemman\f + \fr 4.21 \fr*\ft Salomo ahemman ahye no ano kɔka faako a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no (\+xt 1 Mose 15.18-21; 5 Mose 1.7; 11.24; Yos 1.4\+xt*).\ft*\f* nyinaa so, fi Asubɔnten Eufrate kosi Filistifo asase so, de kosi Misraim hye so. Na nnipa a wadi wɔn so wɔ saa nsase no so no de sonkahiri brɛ Salomo, na wɔkɔɔ so som no ne nkwanna nyinaa. \p \v 22 Nnuan a na wohia daa wɔ Salomo ahemfi no yɛ asikresiam pa susukoraa ɔha ne aduonum ne atokosiam susukoraa ahaasa, \v 23 anantwi a wɔadodɔ wɔ buw mu du, anantwi a wɔde wura ayɛn wɔn aduonu, nguan anaa mmirekyi ɔha, atwe, nnowa, awansan ne nkokɔ a wɔadodɔ. \v 24 Na Salomo amantow no yɛ ahenni ahorow a ɛwɔ Asubɔnten Eufrate atɔe fam nyinaa de fi Tifsa\f + \fr 4.24 \fr*\ft Tifsa yɛ kurow titiriw bi a ɛbɛn Asubɔnten Eufrate. Na saa kurow no hye ano si amantow no atifi apuei fam. Na Gasa ne Filistia a ɛbɛn Po Kɛse no nso yɛ anafo apuei hye ano.\ft*\f* kosi Gasa. Na asomdwoe wɔ asase no so mmaa nyinaa. \v 25 Salomo nkwa nna mu nyinaa, Yuda ne Israel nyaa bammɔ tenaa ase asomdwoe mu. Na efi Dan kosi Beer-Seba no, na abusua biara wɔ ne fi ne ne bobe ne borɔdɔma mfikyifuw. \p \v 26 Na Salomo wɔ apɔnkɔdan mpem anan ma ne nteaseɛnam apɔnkɔ ne apɔnkɔ mpem dumien. \p \v 27 Amansin mu amradofo na na wɔma ɔhene Salomo ne nʼasennii nnuan pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn ɔsram ɔsram nnuanma no mu. \v 28 Na wɔde atoko ne sare a ɛho hia brɛ adehye apɔnkɔ no wɔ wɔn nnae. \p \v 29 Onyankopɔn maa Salomo nyansa, ntease ne nhumu a emu nni hwehwɛbea. \v 30 Nokware, na ne nyansa no boro anyansafo a wɔwɔ apuei ne anyansafo a wɔwɔ Misraim nyinaa nyansa so. \v 31 Na onim nyansa sen obiara a Esrahini Etan ne Heman ne Kalkol ne Darda a wɔyɛ Mahel mmabarima no ka ho. Na ne din hyetaa wɔ aman a atwa ne ho ahyia no so. \v 32 Obuu mmɛ mpem abiɛsa, na ɔkyerɛw nnwom apem ne anum. \v 33 Na otumi ka afifide biara ho nsɛm, efi Lebanon sida so de kosi adwerɛ a efifi ɔfasu mpaapae mu so. Na otumi ka mmoa, nnomaa, mmoa a wɔwea fam ne nsumnam ho nsɛm nso. \v 34 Enti na ahemfo a wɔwɔ aman afoforo so tu wɔn ananmusifo ba Salomo nkyɛn betie ne nyansasɛm no bi. \c 5 \s1 Asɔredansi Ho Ahoboa \p \v 1 Na Tirohene Huram yɛ ɔhene Dawid adamfo nokwafo, enti bere a ɔtee sɛ wɔasra Salomo ngo sɛ ɔhene sɛ onni nʼagya Dawid ade no, ɔsomaa nʼasomafo kɔɔ Salomo nkyɛn, kɔmaa no tirinkwa. \v 2 Salomo de saa nkra yi maa sɛ wɔnsan mfa nkɔma Huram: \pm \v 3 “Wo ara wunim sɛ mʼagya Dawid antumi ansi asɔredan anhyɛ \nd Awurade\nd* ne Nyankopɔn din anuonyam, esiane akokoakoko a ɔne aman a wɔatwa ne ho ahyia no dii nti. Wantumi anyɛ kosii sɛ \nd Awurade\nd* de nʼatamfo hyɛɛ nʼanan ase. \v 4 Nanso mprempren, \nd Awurade\nd*, me Nyankopɔn ama me ahotɔ wɔ afa nyinaa, minni ɔtamfo biara na biribiara rekɔ yiye. \v 5 Ne saa nti, mayɛ adwene sɛ mesi asɔredan ama \nd Awurade\nd*, me Nyankopɔn sɛnea \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ mʼagya Dawid se me na mɛyɛ no. ‘Wo ba a mede no bɛtena ahengua so, asi wʼanan mu no besi asɔredan ahyɛ me din anuonyam.’ \pm \v 6 “Ɛno nti, hyɛ ma wonkotwa sida a efi Lebanon mmrɛ me. Me mmarima ne wo mmarima bɛyɛ adwuma, na akatua biara a wubegye ama wɔn no, metua. Wo ara wunim sɛ, obiara nkyɛn Sidonfo wɔ nnuabu mu.” \p \v 7 Bere a Huram tee Salomo nkra no, nʼani sɔɔ yiye kae se, “Ayeyi nka \nd Awurade\nd* nnɛ, efisɛ wama Dawid ɔba nyansafo sɛ ommedi saa ɔman kɛse Israel yi so.” \p \v 8 Enti Huram de nkra kɔmaa Salomo se, \pm “Me nsa aka nkra a wode brɛɛ me no, na mɛyɛ wʼabisade a ɛfa nnua no ho no. Metumi de sida nnua ne ɔpepaw nnua abrɛ wo. \v 9 Mʼasomfo de nnua no befi Lebanon mmepɔw so aba Po Kɛse so, na mɛma atentɛn afa po ani sɛnea wɔde ayɛ ɔkorow no, de akɔ baabiara a wobɛkyerɛ. Ɛno akyi no, yɛbɛsan mu na yɛde nnua no abrɛ wo. Wobɛma me fifo aduan, sɛnea mehwehwɛ no.” \p \v 10 Huram faa saa ɔkwan yi so maa Salomo sida ne ɔpepaw nnua sɛnea ɔpɛ, \v 11 na Salomo maa Huram fifo atoko tɔn 3,600 ne ngo kronkron galɔn 120,000. \v 12 Na \nd Awurade\nd* maa Salomo nyansa a emu dɔ, sɛnea ɔhyɛɛ no bɔ no. Na Huram ne Salomo yɛɛ asomdwoe apam. \p \v 13 Na ɔhene Salomo kyerɛw adwumayɛfo mpem aduasa a wofi Israel nyinaa din. \v 14 Ɔsomaa wɔn akuwakuw kɔɔ Lebanon. Ɔsram biara mu, nnipa mpem du kɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a, ɔbarima baako biara bedi ɔsram baako wɔ Lebanon, na wadi asram abien wɔ fie. Adoniram na na ɔhwɛ saa adwumayɛfo yi so. \v 15 Salomo nso faa nnesoasoafo mpem aduɔson; faa abopaefo mpem aduɔwɔtwe fi bepɔw asase no so, \v 16 ne wɔn so sohwɛfo mpem ahaasa ne ahansia a wɔbɛhwɛ adwuma no so. \v 17 Ɔhene no hyɛ ma abotwafo no paee, twaa aboɔdemmo no, yiyii ho sɛnea wɔde bɛhyɛ Asɔredan no fapem. \v 18 Mmarima a wofi Gebal kuropɔn mu boaa Salomo ne Huram adansifo no, ma wosiesiee nnua ne abo no maa Asɔredan no si. \c 6 \s1 Salomo Si Asɔredan No \p \v 1 Mfe ahannan aduɔwɔtwe a wogyee Israelfo fii nkoasom mu wɔ Misraim no a na Salomo nso adi Israel so hene mfe anan no ɔsram Sif\f + \fr 6.1 \fr*\ft Ɔsram Sif no yɛ Kɔtɔnimma. Sif no yɛ ɔsram a ɔto so abien wɔ Yudafo asram mu.\ft*\f* mu no, ofii ase sii \nd Awurade\nd* Asɔredan no. \p \v 2 Asɔredan a ɔhene Salomo si maa \nd Awurade\nd* no tenten mu yɛ anammɔn aduɔkron, ne trɛw yɛ anammɔn aduasa na ne sorokɔ yɛ anammɔn aduanan anum. \v 3 Ntwironoo a ɛda asɔredan no anim no tenten yɛ anammɔn aduasa, a ɛne asɔredan no ntrɛwmu yɛ pɛ. Na ne trɛw nso yɛ anammɔn dunum. \v 4 Salomo yɛɛ mfɛnsere wɔ ɔfasu no soro hyiae. \v 5 Asɔredan no fasu no akyi no nso, wosisii adan bebree bataa ho hyiae. \v 6 Na ɛyɛ aban a ɛtoa so abiɛsa a ase dan no trɛw mu yɛ anammɔn ason ne fa. Aban a ɛto so abien no trɛw yɛ anammɔn akron na apampamu dan no trɛw yɛ anammɔn du ne fa. Wɔde mpuran a egugu dannua bi a ɛhyehyɛ ɔfasu no mu na aka adan no abatabata ɔfasu no ho. Enti ɛkyerɛ sɛ wɔamfa mpuran no anhyehyɛ ɔfasu no ankasa mu. \p \v 7 Na abo a wɔde sii asɔredan no nso, wosiesiee ho wɔ abopaebea hɔ nti, ɔdan no si no, obi ante asae, pɛe anaa dade biara nnyigyei wɔ ɔdansibea hɔ. \p \v 8 Na ɔkwan a wɔde kɔ ase adan no mu no da Asɔredan no anafo fam. Atrapoe kyinkyimii na wɔforo kɔ ɔdan a ɛto so abien no so na foforo nso wɔ adan a ɛto so abien ne abiɛsa no ntam. \v 9 Wowiee asɔredan no si no, Salomo de nnua ne sida mpuran yɛɛ ani nsamso no. \v 10 Sɛnea wɔaka no, na adan wowɔ ɔdan no afanan nyinaa a wɔnam sida so de abata Asɔredan no afasu no ho. Ɔdan no mu biara sorokɔ yɛ anammɔn ason. \p \v 11 Na \nd Awurade\nd* de saa asɛm yi brɛɛ Salomo se, \v 12 “Saa Asɔredan a woresi yi de, sɛ woyɛ osetie ma me mmara nyinaa ne me nhyehyɛe, na wudi me hyɛ nsɛm so a, menam wo so bedi bɔ a mehyɛɛ wʼagya Dawid no so. \v 13 Mɛtena Israel manfo mu, na merempa me nkurɔfo akyi da.” \s1 Asɔredan No Mu Asiesie \p \v 14 Na Salomo wiee asɔredan no si. \v 15 Na emu nyinaa, efi fam kosi nsamso no, wɔde nnua na ɛkataa fasu no anim. Wɔde sida na ɛkataa ɔfasu no anim, na wɔde ɔpepaw kataa abrannaa no so. \v 16 Otwaa mu, nyaa kronkronbea a ɛhɔ yɛ kronkron mu kronkron wɔ asɔredan no ti mu hɔ pɛɛ. Na ɛhɔ ntwemu yɛ anammɔn aduasa a wɔde sida asam fam hɔ, de kosi ani nsɛmee no so. \v 17 Asɔredan no ankasa a na ɛwɔ kronkron mu kronkron no akyi no, na ne tenten mu yɛ anammɔn aduosia. \v 18 Wɔde sida na ɛsam abo afasu a ɛwɔ asɔredan no nyinaa so, na wosen ntoa fɛfɛ ne nhwiren de dii nsɛmee no ani adwinni. \p \v 19 Salomo siesiee kronkron mu kronkron a ɛtoa asɔredan no so; faako a wɔde \nd Awurade\nd* Apam Adaka no besi. \v 20 Saa kronkron mu kronkron no, na ne tenten mu yɛ anammɔn aduasa na ne trɛw yɛ anammɔn aduasa, na ne sorokɔ nso yɛ anammɔn aduasa. Na Salomo de sikakɔkɔɔ\f + \fr 6.20 \fr*\ft Sikakɔkɔɔ no kyerɛ Onyankopɔn anuonyam.\ft*\f* ankasa duraa nʼafasu ne ne nsamso no ho nyinaa. Saa ara na oduraa afɔremuka a wɔde sida ayɛ no ho. \v 21 Afei, asɔredan no mu nkae no, ɔde sikakɔkɔɔ ankasa sam hɔ nyinaa, na ɔde sikakɔkɔɔ yɛɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn de guu ɔkwan a wɔde kɔ kronkron mu kronkron hɔ, de bɔɔ hɔ ano ban. \v 22 Enti ɔde sikakɔkɔɔ duraa Asɔredan no ho nyinaa,\f + \fr 6.22 \fr*\ft Ɔde sikakɔkɔɔ duraa aduhuamyɛfo afɔremuka no mu (\+xt 7.48; 2 Mose 37.25-28\+xt*).\ft*\f* kronkron mu kronkron ne afɔremuka no nyinaa ho, de wiei. \p \v 23 Kronkronbea mu hɔ, ɔde ngodua sen kerubim abien a emu biara sorokɔ yɛ anammɔn dunum, de sisii hɔ. \v 24 Kerubim baako biara ntaban mu trɛw yɛ anammɔn dunum a, ntaban baako biara tenten yɛ anammɔn ason ne fa. \v 25 Na kerubim abien no nyinaa tebea ne wɔn kɛse yɛ pɛ \v 26 a ɔbaako biara sorokɔ yɛ anammɔn dunum. \v 27 Salomo de wɔn sisi bɛnee wɔn ho wɔn ho wɔ asɔredan kronkronbea mu hɔ. Wɔn ntaban mu trɛw no fi ɔfasu baako kɔka ɔfasu baako. Na wɔn ntaban a ɛwɔ ntam no hyia ɔdan no mfimfini. \v 28 Na ɔde sikakɔkɔɔ duraa kerubim abien no ho. \p \v 29 Na kronkronbea mu afasu ne ɔdan mu no, odii adwinni a ɛyɛ kerubim mmedua ne nhwiren guu ho. \v 30 Na ɔde sikakɔkɔɔ duraa adan abien no abrannaa so. \p \v 31 Ɔkwan a wɔfa so kɔ kronkronbea mu hɔ no, Salomo de ngodua yɛɛ apon abien a emu biara wɔ twɔtwɔw anum. \v 32 Saa apon no ho nso, na wɔadi kerubim, mmedua ne nhwiren adwinni, na ne nyinaa nso, ɔde sikakɔkɔɔ duraa ho. \v 33 Afei, ɔde ngodua yɛɛ apongua a emu biara wɔ twɔtwɔw anan a wɔfa hɔ kɔ asɔredan no mu. \v 34 Ɔde ɔpepaw nnua yɛɛ apon abien a wɔbobɔw, na wosii ɔpon no biara wɔ ɔkwan bi so sɛ, emu biara tumi bobɔw gu ɛno ara so. \v 35 Wɔde kerubim, mmedua ne nhwiren adi saa apon yi ho adwinni, na wɔde sikakɔkɔɔ adura ho. \p \v 36 Wosii adiwo hɔ afasu no a sida nnua mmeaso baako wɔ abo a wɔatwa ntotoso abiɛsa biara so. \p \v 37 Wɔtoo \nd Awurade\nd* Asɔredan fapem no ɔsram Sif (a ɛte sɛ Kɔtɔnimma) mfimfini a saa bere no na Salomo adi hene mfe anan no. \v 38 Wowiee ɔdan no ho biribiara ɔsram Bul\f + \fr 6.38 \fr*\ft Ɔsram Bul no yɛ Yudafo ɔsram awotwe a ɛrekɔ Ahinime mu.\ft*\f* mfimfini no a na wadi hene mfe dubaako. Enti mfe ason na wɔde sii asɔredan no. \c 7 \s1 Salomo Si Nʼahemfi \p \v 1 Salomo san sii ɔno ankasa nʼahemfi. Na mfirihyia dumiɛnsa na ɔde wiee ahemfi no si. \v 2 Na wɔfrɛ Salomo adan no mu baako Lebanon Kwae Ahemfi.\f + \fr 7.2 \fr*\ft Na wɔfrɛ no Lebanon Kwae Ahemfi, efisɛ na wɔahyehyɛ sida adum no te sɛ kwae nnua. Na sida no fi Lebanon.\ft*\f* Na ne tenten mu yɛ anammɔn ɔha ne aduonum. Ne trɛw yɛ anammɔn aduɔson anum, na ne sorokɔ yɛ anammɔn aduanan anum. Na sida nsamso no mpuran no deda sida fadum anan a wɔatoto ahyehyɛ no tee no so. \v 3 Na wɔabɔ sida nsɛmso a etweri mpuran aduanan anum a ɛno nso gugu afadum a wɔatoto, ahyehyɛ no ntentenso abiɛsa mu a, dunum na ɛwɔ ntentenso baako biara mu. \v 4 Afasu no fa biara, mfɛnsere sesa so abiɛsa abiɛsa a edidi nhwɛanim. \v 5 Apon no akwan nyinaa, wɔayɛ no ahinanan abiɛsa abiɛsa a edidi nhwɛanim. \p \v 6 Osii afadum asa a ne tenten mu yɛ anammɔn aduɔson anum, na ne trɛw yɛ anammɔn aduanan anum. Na ntwironoo a wɔakuru so wɔ anim a esi afadum so. \p \v 7 Na ahengua asa a na wonim no sɛ atemmu asa nso wɔ hɔ. Ɛhɔ na na Salomo tena di nsɛm. Na wɔde sida asam mu fi fam, de kosi nsamso so. \v 8 Faako a na Salomo te no twa asennii a ɛwɔ asa no akyi no ho hyia. Ɔkwan koro no ara so na wɔfa de sii. Osii ne dan no sɛso de maa Farao babea a na ɔyɛ ne yerenom no mu baako. \p \v 9 Abo akɛse a wɔatwa no pɛpɛɛpɛ a ne bo yɛ den yiye na wɔde sii saa adan no. \v 10 Abo a wɔde too ɔdan no fapem no tenten mu yɛ anammɔn dunum, na bi nso tenten mu yɛ anammɔn dumien. \v 11 Abo a ne bo yɛ den yiye a wɔde sii afasu no nso, na wɔasusuw, atwa no pɛpɛɛpɛ a sida mpuran nso ka ho. \v 12 Adiwo kɛse no afasu no nso, wɔto de sida mpuran ntaaso baako biara too abo a wɔatwa ntaaso abiɛsa biara so, te sɛ afasu a ɛwɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan mfimfini mu hɔ a ntwironoo kwan ka ho. \s1 Nneɛma A Wɔde Siesie Asɔredan No Mu \p \v 13 Ɔhene Salomo bisaa ɔbarima bi a ofi Tiro a ne din de Huram ase sɛ omfi Tiro mmra, \v 14 efisɛ na ɔyɛ odwumfo a onim kɔbere mfrafrae ho adwinne yiye. Na ne fa yɛ Israelni, efisɛ ne na yɛ okunafo a ofi Naftali abusua mu. Na nʼagya nso yɛ adwuma wɔ baabi a wɔnan nnade wɔ Tiro. Enti ɔbɛyɛɛ adwuma maa ɔhene Salomo. \p \v 15 Huram twaa kɔbere mfrafrae afadum abien a emu biara sorokɔ yɛ anammɔn aduonu ason, na ne afefarem nso yɛ anammɔn dunwɔtwe. \v 16 Ɔde kɔbere mfrafrae yɛɛ afadum no apampam ntaaso a emu biara sorokɔ yɛ anammɔn ason ne fa. \v 17 Ntaaso biara nso, wɔde ɔtan a wɔanwen ason ne nkɔnsɔnkɔnsɔn na ahyehyɛ ho. \v 18 Na ɔyɛɛ atoaa nsɛso a ɛsesa so tee abien bebaree ɔtan a wɔanwen no de siesiee ntaaso a ɛwɔ afadum no atifi. \v 19 Ntaaso a ɛwɔ afadum a ɛwɔ ntwironoo no mu no, na wɔayɛ no sɛ sukooko a ne sorokɔ yɛ anammɔn asia. \v 20 Ntaaso biara a na ɛwɔ afadum abien no so no nso, na atoaa nsɛso ahannu a wɔahyehyɛ no tee abien atwa ho ahyia a, ɛyɛ kurukuruwa a ɛtoa ɔtan a wɔanwen no so. \v 21 Huram de afadum no sisii Asɔredan no kwan ano a baako kyerɛ anafo fam na baako nso kyerɛ atifi fam. Ɔtoo baako a ɛkyerɛ anafo fam no din Yakin (Ɔde tim) na nea ɛkyerɛ atifi fam no, ɔtoo no Boas (Ne mu na ahoɔden wɔ). \v 22 Afadum no ntaaso no, wɔyɛɛ no sɛ sukooko. Saa na ɔyɛ de wiee afadum no ho adwuma. \p \v 23 Afei, Huram twaa nsukorade kurukuruwa kɛse bi a efi ano kɔka ano no yɛ anammɔn dunum. Wɔtoo ne din Po. Na emu tenten yɛ anammɔn ason ne fa, nʼafefare mu nso yɛ anammɔn aduanan anum. \v 24 Na Po no wɔ nsɛsode a ɛte sɛ anantwi a atwa afa ano no ase ahyia. Anammɔn baako biara mu no, na anantwi sɛso asia wɔ so a wɔagu ama afra nsukorade no. \p \v 25 Na Po no si nsiase a ɛyɛ kɔbere mfrafrae anantwi dumien sɛso so. Na wɔn nyinaa ani kyerɛkyerɛ abɔnten. Abiɛsa ani kyerɛ atifi fam. Abiɛsa ani kyerɛ atɔe fam. Abiɛsa kyerɛ anafo fam, na abiɛsa nso ani kyerɛ apuei fam. \v 26 Na Po no afasu mu piw bɛyɛ nsateaato abiɛsa, na ano no trɛw te sɛ kuruwa, na na ɛte sɛ sukooko a apae. Na ebetumi akora nsu bɛyɛ galɔn mpem dubaako. \p \v 27 Huram san yɛɛ nteaseɛnam du a wɔde twe nsu a emu biara tenten mu yɛ anammɔn asia na ne trɛw mu nso yɛ anammɔn asia, na ne sorokɔ yɛ anammɔn anan ne fa. \v 28 Na sɛnea wɔyɛɛ nteaseɛnam no ne sɛ, ɛwowɔ ntetareho ntrantraa a wɔabram so. \v 29 Wɔde gyata, anantwi ne kerubim a wɔasen siesiee ntetareho no ne nnade a wɔde bram ɔpon akyi no. Gyata no ne anantwi no so ne wɔn ase na wɔagu nhwiren a wɔahyehyɛ, de asiesie wɔn. \v 30 Na saa nteaseɛnam no mu biara wɔ kɔbere mfrafrae ntwahonan anan ne kɔbere mfrafrae ntwahodade. Na nteaseɛnam biara twɔtwɔw no wɔ nnyinaso afadum de ma kɔbere mfrafrae nsukorade no; saa nnyinaso no ho na wɔadi nhwiren a wɔahyehyɛ adwinni. \v 31 Nteaseɛnam no biara wɔ nnyinaso kurukuruwa bi wɔ nʼatifi ma nsukorade no. Na ehwirew mu, kɔ soro bɛyɛ ɔnammɔn baako ne fa wɔ teaseɛnam no atifi te sɛ ntaamude kurukuruwa bi. Na ano a abue no yɛ anammɔn abien ne nsateaa abiɛsa. Ɛho no na wɔde nhwiren a wɔahyehyɛ adwinni asiesie. Na nteaseɛnam no ntetareho no yɛ ahinanan na ɛnyɛ kurukuruwa. \v 32 Ntetareso no ase na ntwahonan anan a wɔde atoa ntwahodade so a wɔagu ne nyinaa atoa mu ayɛ baako no hyehyɛ. Na efi ntwahonan no dantaban ano kosi ano yɛ anammɔn abien ne nsateaa abiɛsa, \v 33 a na ɛte sɛ teaseɛnam a ɛwɔ ntwahonan abien. Emu ntwahodade, mparow, hankare ne nea ɛhyɛ mfimfini no nyinaa, wɔde kɔbere mfrafrae na ɛyɛe. \p \v 34 Na nsusomu nsa anan wowɔ nteaseɛnam no atwɔtwɔw anan no biara so a epuepue fi nteaseɛnam no so. \v 35 Nteaseɛnam no mu biara atifi no na na hankare bi a ne trɛw yɛ nsateaa akron wɔ. Nsusomu no ne nkyɛnkyɛn ntetareho no nso, wɔagu ama ɛne teaseɛnam no atoa mu. \v 36 Wɔde kerubim, gyata ne mmedua a wɔasen siesiee ntetareho no ne nnyinaso ahorow no ho baabiara a kwan wɔ. Na wɔagu nhwiren a wɔahyehyɛ atwa ho nyinaa ahyia. \v 37 Nsu nteaseɛnam du no, na ne nyinaa akɛse yɛ pɛ, na ne nyinaa sesɛ, na woguu ne nyinaa wɔ ade koro mu. \p \v 38 Huram san yɛɛ kɔbere mfrafrae nsukorade du de maa nteaseɛnam no mu biara. Na nsukorade no mu trɛw yɛ anammɔn asia a etumi kora nsu gyare ahannu aduonu. \v 39 Ɔhyehyɛɛ nsu nteaseɛnam no anum wɔ Asɔredan no anafo fam, na anum nso wɔ atifi fam. Wɔde Po no sii Asɔredan no anafo apuei fam twɔtwɔw so. \v 40 Afei, ɔyɛɛ nkuku, sofi ne nsukorade a ɛho hia. \p Ne korakora no, Huram wiee biribiara a ɔhene Salomo kyerɛɛ no sɛ ɔnyɛ wɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan no ho: \b \li1 \v 41 Afadum abien, \li1 afadumti a wɔayɛ no sɛ asuhina abien a esisi afadum no atifi, \li1 ntweaban a wɔayɛ no sɛ atena abien a wɔde asiesie afadumti no, \li1 \v 42 atoaa nsɛso ahannan a ɛsensɛn nkɔnsɔnkɔnsɔn a egu ntaaso no so (atoaa a wɔahyehyɛ no ntenten so abien a biara sa nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛsensɛn ntaaso a egu afadum no atifi no so no), \li1 \v 43 nsu nteaseɛnam du a nsukorade du sisi so, \li1 \v 44 Po no ne anantwi dumien a ɛhyehyɛ ase, \li1 \v 45 Nkuku, sofi ne nsukorade. \b \p Na nkuku ne nkaka a Huram yɛ maa ɔhene Salomo de guu \nd Awurade\nd* Asɔredan mu no nyinaa yɛ kɔbere mfrafrae a wɔapɔw ho. \v 46 Ɔhene no ma woguu no wɔ kankua a na ɛwɔ Yordan tataw a na ɛwɔ Sukot ne Saretan ntam no so. \v 47 Salomo ankari nkuku ne nkaka no, efisɛ na ɛdɔɔso dodo; na kɔbere mfrafrae no mu duru nso, wɔantumi ankari. \p \v 48 Na Salomo de saa nneɛma yi nyinaa siesiee \nd Awurade\nd* Asɔredan no mu: \b \li1 sikakɔkɔɔ afɔremuka, \li1 sikakɔkɔɔ kyerɛwpon a Ne Daa Nwɔhɔ brodo gu so, \li1 \v 49 sikakɔkɔɔ kaneadua\f + \fr 7.49 \fr*\ft Na kaneadua baako a ɛwɔ mman ason na na ɛwɔ ntamadan no mu (\+xt 2 Mose 25.31-40; 26.35\+xt*). Salomo de akaneadua du sii anan.\ft*\f* a anum sisi anafo fam, \li1 na anum sisi atifi fam wɔ kronkron mu kronkron anim hɔ; \li1 nhwiren a wɔde asiesie hɔ, akanea ne mpiakyiri a ne nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ, \li1 \v 50 nkuruwa, akanea adabaw, nsiso, nsanka ne nkankyee a wɔnoa mu nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ nko ara; \li1 ɔkwan ano apon a ɛkɔ kronkron mu kronkron ne Asɔredan no mu ne anim nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ duraa ho. \b \p \v 51 Ɔhene Salomo wiee \nd Awurade\nd* asɔredan no ho adwuma nyinaa. Na Salomo de akyɛde a nʼagya Dawid ato din no nyinaa a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nkuku ne nkaka ba bɛkoraa wɔ adekoradan mu wɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan mu hɔ. \c 8 \s1 Wɔde Apam Adaka No Ba Asɔredan Mu \p \v 1 Afei, Salomo frɛɛ Israel mmusuakuw ne mmusua biara mu ntuanofo nyinaa, sɛ wonhyia wɔ Yerusalem. Na ɛsɛ sɛ wɔfa \nd Awurade\nd* Apam Adaka no fi baabi a ɛwɔ wɔ Dawid kurow a wɔfrɛ no Sion no mu, de ba baabi foforo wɔ Asɔredan mu hɔ. \v 2 Wɔn nyinaa behyiaa wɔ ɔhene anim wɔ afirihyia afahyɛ a wɔfrɛ no Guankɔbea Afahyɛ no ase wɔ ɔsram Bul (bɛyɛ Ahinime) mu. \p \v 3 Bere a ntuanofo no duu Israel no, asɔfo no maa adaka no so. \v 4 Afei, asɔfo no ne Lewifo maa \nd Awurade\nd* Adaka no ne Ntamadan no so, soa de kɔɔ Asɔredan no mu a ɛho nkuku ne nkaka a wɔatew ho no ka ho. \v 5 Ɔhene Salomo ne Israelfo no nyinaa twaa nguan ne anantwi a wɔn dodow nti, obi ntumi nkan wɔn, de bɔɔ afɔre wɔ adaka no anim. \p \v 6 Afei, asɔfo no maa \nd Awurade\nd* Apam Adaka no so, de kɔɔ Asɔredan no Kronkron mu Kronkron hɔ. Wɔde sii kerubim no ntaban ase. \v 7 Kerubim no trɛw wɔn ntaban mu wɔ Adaka no so, ma ɛyɛɛ sɛ kyinii wɔ Adaka no ne ne nnua a esuso mu no so. \v 8 Na nnua a esuso mu no woware ara kosi sɛ, sɛ obi gyina Asɔredan no kwan a ɛwɔ anim dan kɛse a ɛyɛ kronkronbea no ano a, ohu, nanso sɛ ogyina akyi de a, onhu. Ne nyinaa da so wɔ hɔ besi nnɛ. \v 9 Na biribiara nni Adaka no mu ka abo apon abien a Mose de guu mu wɔ Horeb no, faako a \nd Awurade\nd* ne Israelfo yɛɛ apam, bere a wofii Misraim no. \p \v 10 Asɔfo no refi Kronkron mu Kronkron hɔ no, omununkum bɛhyɛɛ \nd Awurade\nd* Asɔredan no ma. \v 11 Asɔfo no antumi antoa wɔn dwumadi no so, efisɛ \nd Awurade\nd* anuonyam bɛhyɛɛ Asɔredan no ma. \s1 Salomo Hyira Nnipa No \p \v 12 Na Salomo bɔɔ mpae se, “\nd Awurade\nd*, woaka se wobɛtena omununkum kabii mu. \v 13 Nanso masi Asɔredan a ɛwɔ anuonyam ama wo a wubetumi atena mu afebɔɔ.” \p \v 14 Na ɔhene no dan ne ho de kyerɛɛ Israelfo a wogyinagyina nʼanim no, hyiraa wɔn se, \v 15 “Nhyira nka \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn a wadi bɔ a ɔhyɛɛ mʼagya Dawid no so. \v 16 Na ɔka kyerɛɛ mʼagya se, ‘Efi da a mede me nkurɔfo Israel fi Misraim bae no, manyi kurow biara wɔ Israel mmusuakuw no mu a ɛsɛ sɛ wosi asɔredan, de hyɛ me din anuonyam. Nanso mprempren, mayi Dawid sɛ onni hene wɔ me nkurɔfo so.’ ” \p \v 17 Na Salomo kaa se, “Mʼagya Dawid pɛɛ sɛ osi Asɔredan yi de hyɛ \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn din anuonyam. \v 18 Nanso \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ no se, ‘Eye sɛ wopɛ sɛ wusi Asɔredan de hyɛ me din anuonyam, \v 19 nanso ɛnyɛ wo na wobɛyɛ. Mmom, wo mmabarima no mu baako na obesi.’ \p \v 20 “Na mprempren, \nd Awurade\nd* ayɛ nea ɔhyɛɛ ho bɔ no, efisɛ madi ade sɛ ɔhene, asi mʼagya anan mu. Masi saa Asɔredan yi de ahyɛ \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn din anuonyam. \v 21 Na masiesie baabi wɔ hɔ ama Adaka a \nd Awurade\nd* Apam a ɔne yɛn agyanom yɛɛ wɔ bere a oyii wɔn fii Misraim no.” \s1 Salomo Mpaebɔ \p \v 22 Na Salomo gyinaa hɔ, pagyaw ne nsa kyerɛɛ ɔsoro wɔ \nd Awurade\nd* afɔremuka no anim wɔ Israelfo no nyinaa anim. \v 23 Ɔbɔɔ mpae se, \pm “\nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, Onyame biara nni hɔ a ɔte sɛ wo wɔ ɔsoro anaa asase so. Wudi wo bɔhyɛ so, na woda wo dɔ a enni awiei adi kyerɛ wɔn a wotie wo, na wɔpɛ sɛ wɔyɛ wʼapɛde nso. \v 24 Wo bɔ a wohyɛɛ wo somfo Dawid a ɔyɛ mʼagya no, woadi so. Wʼankasa wʼano na wode hyɛɛ bɔ no, na nnɛ, wonam wʼankasa wo nsa so ama aba mu. \pm \v 25 “Afei, \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn kɔ so di wo bɔ a woahyɛ wo somfo, mʼagya Dawid, no so. Efisɛ woka kyerɛɛ no se, ‘Sɛ wʼasefo hwɛ wɔn abrabɔ yiye, sɛnea woayɛ yi a, daa wobedi Israel so.’ \v 26 Enti afei, Israel Nyankopɔn, di bɔ a woahyɛ wo somfo, mʼagya Dawid no so. \pm \v 27 “Ɛyɛ nokware sɛ Onyankopɔn bɛtena nnipa mu wɔ asase so? Ɔsorosoro nohɔ mpo ntumi nkora wo, na ɛbɛyɛ dɛn na Asɔredan a masi yi betumi akora wo. \v 28 Tie me mpaebɔ ne mʼadesrɛ, \nd Awurade\nd*, me Nyankopɔn. Tie sufrɛ a wo somfo resu ne mpae a wo somfo rebɔ akyerɛ wo nnɛ. \v 29 Hwɛ saa Asɔredan yi so, baabi a woaka sɛ wode wo din bɛto so no, awia ne anadwo. Daa, tie me mpae a mebɔ wɔ ha no. \v 30 Tie mʼahobrɛase ne nokware abisade a efi me ne wo nkurɔfo Israelfo nkyɛn, bere a yɛrebɔ mpae wɔ beae ha no. Yiw, tie yɛn fi ɔsoro a wote hɔ no, na sɛ wote a, fa kyɛ. \pm \v 31 “Sɛ obi fom obi, na ɛho hia sɛ ɔka ho ntam sɛ onnim ho hwee wɔ afɔremuka no anim wɔ Asɔredan no mu a, \v 32 ɛno de, tie fi ɔsoro, na bu wʼasomfo baanu no a ɛyɛ nea wɔabɔ no sobo no ne sobobɔfo no ntam atɛn. Nea odi fɔ no, twe nʼaso na gyaa nea odi bem no. \pm \v 33 “Sɛ atamfo di wo nkurɔfo Israel so, efisɛ wɔayɛ bɔne atia wo, na sɛ wɔdan ba wo nkyɛn, na wɔbɔ wo din frɛ wo, na wɔbɔ wo mpae wɔ Asɔredan mu ha a, \v 34 ɛno de, tie fi ɔsoro, na fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na ma wɔnsan nkɔ asase a wode maa wɔn agyanom no so. \pm \v 35 “Sɛ ɔsoro mu to, na osu ntɔ, efisɛ wo nkurɔfo ayɛ bɔne atia wo, na afei, wɔbɔ mpae wɔ Asɔredan mu ha, bɔ wo din, ka wɔn bɔne, na wɔdan fi wɔn bɔne ho, efisɛ woatwe wɔn aso a, \v 36 ɛno de, tie fi ɔsoro, na fa wʼasomfo, wo nkurɔfo Israelfo, bɔne kyɛ wɔn. Kyerɛ wɔn nea eye, na ma osu ntɔ ngu wʼasase a wode ama wo nkurɔfo sɛ wɔn agyapade sononko no so. \pm \v 37 “Sɛ ɔkɔm si asase no so anaa ɔyaredɔm ba so anaa nnɔbae nyarewa ba anaa mmoadabi ne asa begu nnɔbae so, anaa wo nkurɔfo atamfo ba asase no so betua wɔn nkurow a, sɛnea ɔhaw no te biara no, \v 38 sɛ wo nkurɔfo bɔ mpae wɔ wɔn haw ne awerɛhow ho, na wɔpagyaw wɔn nsa wɔ asɔredan yi mu a, \v 39 tie fi ɔsoro, nea wote hɔ, na fa kyɛ. Fa biribiara a eye ma wo nkurɔfo ma wɔn, na wo nko ara na wunim onipa koma mu. \v 40 Na wobesuro wo, na wɔanantew wʼakwan so, mmere dodow a wɔte asase a wode maa yɛn agyanom no so. \pm \v 41 “Na sɛ ananafo te wo nka, na wofi akyirikyiri nsase so ba bɛsom wo din kɛse no a, \v 42 wɔbɛte wo nka, wo nsɛnkyerɛnne akɛse no ne wo tumi ho asɛm, na sɛ wɔbɔ mpae wɔ saa asɔredan yi mu a, \v 43 tie fi ɔsoro hɔ a wote no, na yɛ wɔn abisade ma wɔn. Na ɛbɛma nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa ahu, na wɔasuro wo, sɛnea wo ara wo nkurɔfo Israelfo yɛ no. Wɔn nso behu sɛ, wo din da saa Asɔredan a masi yi so. \pm \v 44 “Sɛ wohyɛ wo nkurɔfo ma wopue, kɔko tia wɔn atamfo, na sɛ wɔbɔ mpae, srɛ \nd Awurade\nd* fa saa kurow yi a woayi yi, ne saa Asɔredan a masi de wo din ato so yi ho a, \v 45 ɛno de, tie wɔn mpaebɔ fi ɔsoro, na yɛ wɔn abisade ma wɔn. \pm \v 46 “Sɛ wɔyɛ bɔne tia wo a, na hena na ɔnyɛɛ bɔne da? Wo bo befuw wɔn, na woama wɔn atamfo adi wɔn so, na wɔafa wɔn nnommum de wɔn akɔ ananasase a ɛwɔ akyiri anaasɛ ɛbɛn so. \v 47 Na saa ahɔhosase no so, wɔde ahonu san ba wo nkyɛn, bɔ mpae se, ‘Yɛayɛ bɔne; yɛayɛ amumɔyɛsɛm ne atirimɔdensɛm,’ \v 48 na sɛ wɔde wɔn koma ne wɔn kra nyinaa dan ba wo nkyɛn, na wɔbɔ mpae ma asase a wode maa wɔn agyanom no ho, saa kurow a woayi ne saa Asɔredan a masi de ahyɛ wo din anuonyam yi a, \v 49 ɛno de, tie wɔn mpaebɔ fi ɔsoro baabi a wote hɔ. Yɛ wɔn apɛde ma wɔn, \v 50 na fa wo nkurɔfo a wɔayɛ bɔne atia wo no bɔne kyɛ wɔn. Ma wɔn nnommumfafo nhu wɔn mmɔbɔ, \v 51 efisɛ wɔyɛ wo nkurɔfo, wʼagyapade sononko a wuyii wɔn fii Misraim dadenan nyansramma mu. \pm \v 52 “Bue wʼani ma mʼabisade ne wo nkurɔfo Israelfo abisade. Bere biara a wobesu afrɛ wo no, tie wɔn, na gye wɔn so. \v 53 Efisɛ bere a wuyii yɛn agyanom fii Misraim no, Otumfo \nd Awurade\nd*, woka kyerɛɛ wo somfo Mose se, woatew Israel afi aman a aka nyinaa a ɛwɔ asase yi so ho sɛ, wɔnyɛ wʼagyapade sononko.” \s1 Asɔredan No Anobue \p \v 54 Bere a Salomo wiee saa mpaebɔ ne nʼabisade a ɔde dan \nd Awurade\nd* no, ogyinaa \nd Awurade\nd* afɔremuka anim, faako a na ɔtaa bu nkotodwe no, na ɔmaa ne nsa so kyerɛɛ ɔsoro. \v 55 Ogyinaa hɔ teɛɛ mu, hyiraa Israelfo no se, \pm \v 56 “Ayeyi nka \nd Awurade\nd* a wama ne nkurɔfo Israelfo ɔhome, sɛnea ɔhyɛɛ ho bɔ no. Trenee bɔ a ɔnam Mose so daa no adi no mu baako koraa nni hɔ a amma mu. \v 57 \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn, nka yɛn ho sɛnea ɔkaa yɛn agyanom ho no; ɔrennyaw yɛn da biara da. \v 58 Ɔmma yenya ɔpɛ a yɛde bɛyɛ nʼapɛde wɔ biribiara mu, na yenni mmara ne ahyɛde a ɔhyɛ de maa yɛn agyanom no nyinaa so. \v 59 Na ma ɔnkae saa nsɛm a magyina so de abɔ saa mpae wɔ \nd Awurade\nd* anim yi daa awia ne anadwo, sɛnea \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn, betie me ne Israelfo, na wayɛ nea ehia yɛn daa ama yɛn. \v 60 Ma nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa nhu sɛ \nd Awurade\nd* yɛ Onyankopɔn, na onyame foforo biara nni hɔ. \v 61 Na mo a moyɛ ne nkurɔfo no, nni \nd Awurade\nd*, yɛn Nyankopɔn, no nokware daa. Munni ne mmara ne nʼahyɛde so daa, sɛnea moyɛ no nnɛ yi.” \p \v 62 Na ɔhene no ne Israelfo a wɔka ne ho no bɔɔ afɔre maa \nd Awurade\nd*. \v 63 Salomo bɔɔ asomdwoe afɔre maa \nd Awurade\nd*. Nʼafɔrebɔde no yɛ anantwi mpem aduonu abien ne nguan mpem ɔha aduonu. Na ɔhene no ne Israel nyinaa daa Asɔredan no adi, de maa \nd Awurade\nd*. \p \v 64 Saa da no ara, ɔhene no tew Asɔredan no adiwo no mfimfini a ɛka \nd Awurade\nd* Asɔredan ho no ho. Ɔbɔɔ ɔhyew afɔre, atoko afɔre ne asomdwoe afɔre ho srade no wɔ hɔ, efisɛ na kɔbere mfrafrae afɔremuka a ɛwɔ \nd Awurade\nd* anim no sua dodo sɛ ebetumi akora afɔrebɔde bebree. \p \v 65 Na Salomo ne Israel nyinaa bɔɔ mu, dii Guankɔbea Afahyɛ wɔ \nd Awurade\nd*, wɔn Nyankopɔn, anim. Nnipadɔm no fi Lebo Hamat\f + \fr 8.65 \fr*\ft Lebo Hamat: Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ ɛha ase sɛ, na nnipadɔm aboaboa wɔn ho ano akyirikyiri baabi te sɛ Lebo Hamat a ɛwɔ atifi fam kosi asuwa bi a ɛwɔ Misraim a ɛkɔ anafo fam no.\ft*\f* wɔ atifi fam kosi Misraim asuwa wɔ anafo fam, na wɔbae. Afahyɛ yi kɔɔ so ara nnafua dunan. Emu nnanson na wɔde daa afɔremuka no adi, na wɔde mu nnanson nso dii Guankɔbea Afahyɛ no. \v 66 Afahyɛ no twaa mu no, Salomo maa ɔmanfo no kɔɔ wɔn kurom. Wɔrekɔ no nyinaa na wɔrehyira ɔhene no. Na wɔn nyinaa nyaa ahosɛpɛw ne ahotɔ, efisɛ \nd Awurade\nd* ne ne somfo Dawid ne Israelfo adi no yiye. \c 9 \s1 Awurade Mmuae \p \v 1 Bere a Salomo wiee \nd Awurade\nd* asɔredan no ne ahemfi no si no, ohuu sɛ wayɛ nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ no nyinaa awie. \v 2 \nd Awurade\nd* daa ne ho adi kyerɛɛ no ne mprenu so, sɛnea na wada ne ho adi akyerɛ no wɔ Gibeon dedaw no. \v 3 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ no se: \pm “Mate wo mpaebɔ ne wʼadesrɛ. Matew saa asɔredan yi a woasi no ho, sɛnea wɔbɛhyɛ me din anuonyam wɔ hɔ afebɔɔ. Mɛhwɛ so na mama mʼani aku ho. \pm \v 4 “Na wo, sɛ wode nokware ne nyamesuro di mʼakyi, sɛnea wʼagya Dawid yɛe, na odii me mmara ne mʼahyɛde nyinaa so no a, \v 5 metim wʼahenni nnidiso ase wɔ Israel afebɔɔ, sɛnea meka kyerɛɛ wʼagya Dawid se, ‘Ɛremma sɛ worennya ɔbarima bi ntena Israel ahengua no so da no.’ \pm \v 6 “Na sɛ wo anaa wo mmabarima dan fi me ho, na wubu mmara ne mʼahyɛde a mede ama mo no so, na sɛ wofi akyi kɔsom anyame afoforo, sɔre wɔn a, \v 7 ɛno de, metwa Israel afi asase a mede ama wɔn no so, na mapo saa asɔredan a matew ho wɔ me din mu no. Ɛbɛma Israel atɔ sin, na ayɛ aserewde wɔ nnipa nyinaa mu. \v 8 Na ɛwɔ mu sɛ saa Asɔredan yi yɛ fɛ de, nanso wɔn a wobetwa mu wɔ ho no betwiri no, adi ho abooboo, abisa se, ‘Adɛn nti na \nd Awurade\nd* ayɛ asase yi ne Asɔredan yi saa?’ \v 9 Nnipa bebua se, ‘Efisɛ wɔapa \nd Awurade\nd*, wɔn Nyankopɔn a oyii wɔn agyanom fii Misraim no akyi, na wɔde wɔn ho akɔdan anyame afoforo a wɔresom wɔn, sɔre wɔn. Ɛno nti na \nd Awurade\nd* ama saa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ yi aba wɔn so no.’ ” \s1 Salomo Ne Huram Nhyehyɛe \p \v 10 Mfe aduonu a Salomo de sii \nd Awurade\nd* asɔredan no ne ahemfi no akyi, \v 11 ɔhene Salomo de nkurow aduonu a ɛwɔ Galilea maa Tirohene Huram, efisɛ Huram maa no sida nnua ne ɔpepaw nnua ne sikakɔkɔɔ a na ohia. \v 12 Huram fii Tiro kɔhwɛɛ nkurow a Salomo de ama no no, nanso nʼani ansɔ koraa. \v 13 Obisae se, “Me nua, na nkurow bɛn na wode ama me yi? Saa nkurow yi nni mu!” Enti ɔfrɛɛ hɔ Kabul, “Nea enni mu” de besi nnɛ. \v 14 Na Huram asoma ma wɔde sikakɔkɔɔ tɔn anan akɔma Salomo. \s1 Salomo Nkɔsodwuma \p \v 15 Ɔkwan a ɔhene Salomo faa so tintim, hyɛɛ nnipa, ma wosii \nd Awurade\nd* asɔredan no ne nʼahemfi, Milo, Yerusalem fasu ne Hasor, Megido ne Geser nkurow no ni: \v 16 Misraimhene kotuaa Geser, gyee hɔ fae. Okum Kanaanfo a wɔte kurow no mu nyinaa, hyew hɔ pasaa. Ɔde kuropɔn no maa ne babea no sɛ akyɛde bere a ɔwaree Salomo no. \v 17 Enti Salomo san kyekyeree Geser kuropɔn no. Afei, ɔsan kyekyeree nkurow a ɛwɔ Bet-Horon anafo, \v 18 Baalat ne Tamar wɔ sare so, nʼasase so. \v 19 Ɔkyekyeree nkurow a na wɔkora nnuan wɔ hɔ, kyekyeree nkuropɔn nso a na wɔkora ne nteaseɛnam ne nʼapɔnkɔ wɔ hɔ. Ɔkyekyeree Yerusalem ne Lebanon ne nʼaheman nyinaa, sɛnea ne koma pɛ. \p \v 20 Na nnipa bi da so te asase no so a wɔnyɛ Israelfo. Wɔne Amorifo, Hetifo, Perisifo, Hewifo ne Yebusifo. \v 21 Eyinom ne aman a na Israel nwiee wɔn asetɔre korakora no asefo. Enti Salomo hyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ nʼadwumayɛfo, na wɔda so yɛ de besi nnɛ. \v 22 Nanso Salomo anhyɛ Israelfo amma wɔanyɛ ɔhyɛ nnwuma. Mmom, ɔma wɔyɛɛ asraafo, aban adwumayɛfo. Ɔmaa ebinom yɛɛ nʼakofo, ne nteaseɛnam ne ne nteaseɛnamkafo so asahene. \v 23 Afei, oyii wɔn mu ahannum ne aduonum ma wɔhwɛɛ ne nkɔsodwuma ahorow so. \p \v 24 Bere a Salomo yii ne yere a ɛyɛ Farao babea no fii Dawid kurow no mu, de no kɔɔ ahemfi foforo a wasi ama no no mu no, ɔkyekyee Milo. \p \v 25 Na Salomo bɔ ɔhyew afɔre ne asomdwoe afɔre ma \nd Awurade\nd* afe biara wɔ afɔremuka a osii no so mprɛnsa. Na ɔne wɔn hyew aduhuam nso ma \nd Awurade\nd* sɛ asodi a ɛda hɔ ma no wɔ asɔredan no. \p \v 26 Ɔhene Salomo yɛɛ po so ahyɛn nso wɔ Esion-Geber,\f + \fr 9.26 \fr*\ft Salomo nsa a ɛkaa hyɛngyinabea a ɛwɔ Esion kurow a ɛwɔ Edom no na ɛma onyaa kwan kɔɔ Po Kɔkɔɔ no ne India Pohahanaa no so.\ft*\f* hyɛngyinabea a ɛbɛn Elot a ɛwɔ Edom asase so hɔ a ɛwɔ Po Kɔkɔɔ no mpoano. \v 27 Na Huram maa nʼahyɛn mu adwumayɛfo a wonim hyɛn mu adwuma yiye no, ne Salomo nkurɔfo de ahyɛn no yɛɛ adwuma. \v 28 Wɔyɛɛ adwuma kɔɔ Ofir,\f + \fr 9.28 \fr*\ft Nnipa bebree akyerɛ wɔn adwene afa baabi a Ofir da nnɛ yi ho. Ebi se ɛwɔ Arabia mpoano anaa Somalia anaa India anaa Zimbabwe.\ft*\f* na wɔsan de sikakɔkɔɔ nsania ani nkaribo tɔn 16 brɛɛ Salomo. \c 10 \s1 Sebahemmea Nsrahwɛ \p \v 1 Bere a Sebahemmea tee Salomo din a ahyeta na ɛhyɛ \nd Awurade\nd* din anuonyam no, ɔde nsɛmmisa a anoyi yɛ den bɛsɔɔ Salomo hwɛe. \v 2 Ɔde nʼasomfo a wɔdɔɔso yiye kaa ne ho baa Yerusalem. Na yoma a wɔsoso nnuhuam, sikakɔkɔɔ bebree ne aboɔden abo ka wɔn ho. Bere a ohyiaa Salomo no, wodwinnwen nsɛm bebree a na ɛwɔ ɔhemmea ani so no ho. \v 3 Salomo yii ne nsɛmmisa nyinaa ano sɛnea ɛsɛ. Asɛmmisa biara ankyere nʼadwene. \v 4 Bere a Sebahemmea huu sɛnea Salomo adwene mu dɔ, ne ahemfi a wasi no, \v 5 ne ho dwiriw no. Nnuan a ohuu sɛ esisi ne didipon so no yɛɛ no nwonwa. Sɛnea na wahyehyɛ ne fi so ahwɛfo no ne wɔn ntade papa bi a ɛhyehyɛ wɔn, ne sɛnea nkuruwakurafo ne wɔn ntade yuu ne ɔhyew afɔre a Salomo bɔɔ no \nd Awurade\nd* Asɔredan mu hɔ no yɛɛ no ahodwiriw. \p \v 6 Ɔhemmea no fii ahodwiriw mu ka kyerɛɛ ɔhene no se, “Nsɛm a metee wɔ me man mu a ɛfa dwuma a woatumi adi ne wo nyansa ho no nyinaa yɛ nokware! \v 7 Na minnye nni kosii sɛ mibeduu ha a mʼankasa mede mʼani abehu yi. Nokware, sɛɛ na mante asɛm no mu fa mpo. Wo nyansa ne wo nkɔso no boro nea wɔka kyerɛɛ me no so koraa. \v 8 Migye di sɛ ɛsɛ sɛ wo nkurɔfo yi ani gye! Ɛyɛ adom ma wʼadwumayɛfo yi sɛ wotumi bɛn wo adekyee biara na wotie wo nyansasɛm. \v 9 \nd Awurade\nd*, wo Nyankopɔn no yɛ ɔkɛse ampa. Nʼani gye wo ho, na ɔde wo asi Israel ahengua so. Efisɛ ɔdɔ a \nd Awurade\nd* de dɔ Israel no yɛ ɔdɔ a ɛnsa da. Wasi wo hene sɛ wode atɛntrenee ne treneeyɛ bebu ɔman no.” \p \v 10 Na ɔkyɛɛ ɔhene no sikakɔkɔɔ tɔn anan ne fa, nnuhuam bebree ne aboɔden abo. Obiara amfa nnuhuam dodow saa ammɛkyɛ Salomo bio, sɛnea Sebahemmea de bɛkyɛɛ no no. \p \v 11 Huram ahyɛn no fi Ofir de sikakɔkɔɔ bae a na asamfono nnua bebree ne aboɔden abo ka ho. \v 12 Ɔhene de asamfono nnua no yɛɛ atrapoe wɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan ne ahemfi no mu, na ɔde bi yɛɛ asanku ne mmɛnta maa nnwontofo. Ebesi saa bere no ne saa bere no, na obiara mfaa asamfono nnua a ɛyɛ fɛ saa nkɔɔ hɔ da, na akyiri no nso wɔanhu bi saa da. \p \v 13 Biribiara a Sebahemmea bisaa ɔhene Salomo no, ɔde maa no kaa nea amanne nti, ɔnam ayamye so de maa no no ho. Ɛno akyi, Sebahemmea ne nʼasomfo no san kɔɔ wɔn kurom. \s1 Salomo Ahonya Ne Nʼanuonyam \p \v 14 Afe biara, na sikakɔkɔɔ a ɛba Salomo nsam no yɛ tɔn aduonu anum, \v 15 a na sika a onya fi aguadifo, Arabia ahemfo ne asase no so amradofo no nkyɛn nka ho. \p \v 16 Ɔhene Salomo ma wɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛɛ akyɛm akɛse ahannu a emu biara sikakɔkɔɔ a ɛwɔ mu no mu duru yɛ kilogram ason. \v 17 Bio, ɔyɛɛ akyɛm nketewa bi a ɔde sikakɔkɔɔ a wɔaboro yɛe a, emu biara mu duru bɛyɛ kilogram abiɛsa ne fa. Ɔhene no de saa akyɛm yi nyinaa kosiee ahemfi hɔ baabi bi a wɔfrɛ hɔ Lebanon Kwae Ahemfi. \p \v 18 Na ɔhene no de asonse yɛɛ ahengua kɛse bi, na ɔde sikakɔkɔɔ duraa ho. \v 19 Na ahengua no wɔ atrapoe ntiaso asia na nʼakyi yɛ kurukuruwa. Ahengua no wɔ nsa wɔ benkum ne nifa, na wɔayɛ gyata sɛso abien asisi hɔ. \v 20 Salomo san yɛɛ gyata sɛso dumien a ɔbaako biara gyina atrapoe ntiaso asia no mu biara benkum ne nifa. Ahengua biara nni wiase a wobetumi de atoto Salomo de no ho. \v 21 Ɔhene Salomo nkuruwa nyinaa, sikakɔkɔɔ na wɔde yɛe. Saa ara na nneɛma ahorow a ɛwɔ Lebanon Kwae Ahemfi mu no nso te. Wɔamfa dwetɛ anyɛ, efisɛ Salomo bere so no, na wobu dwetɛ ade teta bi. \v 22 Na ɔhene no wɔ po so aguadihyɛn bebree a ɛne Huram de no yɛ adwuma bɔ mu. Mfe abiɛsa biara, ahyɛn no ba prɛko a sikakɔkɔɔ, dwetɛ, asonse, nsorommoa ne asibe ahyehyɛ wɔn ma. \p \v 23 Enti ɔhene Salomo bɛyɛɛ ɔdefo ne onyansafo sen ɔhene biara wɔ asase so nyinaa. \v 24 Na nnipa fifi aman ahorow so bɛsra no, na wotie nyansa a Onyankopɔn de adom no no bi. \v 25 Afe biara mu, obiara a ɔbɛba abɛsra no no brɛ no akyɛde te sɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, ntade, akode, nnuhuam, apɔnkɔ ne mfurumpɔnkɔ. \p \v 26 Salomo nyaa nteaseɛnam ne apɔnkɔ bebree. Na ɔwɔ nteaseɛnam apem ahannan ne apɔnkɔ mpem dumien. Ɔde emu fa kɛse guguu nteaseɛnam nkuropɔn no so na ɔmaa bi nso kaa Yerusalem. \v 27 Ɔhene no maa dwetɛ buu te sɛ abo wɔ Yerusalem. Na sida nnua a ɛsom bo no nso buu so sɛ ankye nnua a efifi wɔ mmepɔw ase wɔ Yuda asase so. \v 28 Na Salomo tɔɔ apɔnkɔ fii Misraim ne Kilikia, efisɛ na ɔhene no aguadifo nya wɔn fi Kilikia a wɔn bo no ye. \v 29 Saa bere no, na wotumi tɔ Misraim teaseɛnam a wɔde abedu Yerusalem no dwetɛ kilogram awotwe, na apɔnkɔ nso, na wotumi tɔ baako dwetɛ kilogram abien. Na wɔsan tɔn wɔn mu pii ma Hetifo ahemfo ne Aram ahemfo. \c 11 \s1 Salomo Ware Mmea Bebree \p \v 1 Farao babea no akyi no, ɔhene Salomo dɔɔ ananafo mmea bebree a na wɔyɛ Moabfo, Amonfo, Edomfo, Sidonfo ne Hetifo. \v 2 Na Awurade aka no pefee akyerɛ ne nkurɔfo se, wɔne saa aman no nni aware, efisɛ mmea a wɔbɛware wɔn no bɛtwetwe wɔn ama wɔakɔsom wɔn anyame. Nanso Salomo waree wɔn ara. \v 3 Na ɔwɔ yerenom ahanson ne mpenanom ahaasa. Na ampa ara wɔtwee ne kra fii \nd Awurade\nd* ho. \v 4 Bere a Salomo bɔɔ akwakoraa no, wɔtwee ne koma kɔɔ anyame afoforo so, na wamfa ne ho anto \nd Awurade\nd*, ne Nyankopɔn so, sɛnea nʼagya Dawid yɛe no. \v 5 Salomo dii Sidonfo bosombea Astoret ne Amonfo nyame Molek a na wokyi no no akyi. \v 6 Enti Salomo yɛɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd* ani so. Wanni \nd Awurade\nd* akyi, sɛnea nʼagya Dawid yɛe no. \p \v 7 Salomo sii abosonnan maa Moabfo nyame Kemos, a na ɔyɛ akyiwade, wɔ Ngo Bepɔw a ɛwɔ Yerusalem apuei fam, na osii bi nso maa Amonfo nyame Molek, a na ɔyɛ akyiwade. \v 8 Salomo sisii abosonnan yi maa nʼananayerenom nyinaa, sɛ wɔnhyew nnuhuam, na wɔmmɔ afɔre mma wɔn anyame wɔ hɔ. \p \v 9 Na \nd Awurade\nd* bo fuw Salomo, efisɛ ne koma adan afi \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, a wada ne ho adi akyerɛ no mprenu no ho. \v 10 Ɔbɔɔ Salomo kɔkɔ sɛ onni anyame afoforo akyi, nanso Salomo anni \nd Awurade\nd* ahyɛde so. \v 11 Enti \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Salomo se, “Esiane sɛ woanni mʼapam so, na woapo me mmara nti, ampa ara, mɛtew ahemman no afi wo ho, na mede ama wʼasomfo no mu baako. \v 12 Nanso esiane wʼagya Dawid nti, merenyɛ saa bere a wote ase. Megye ahemman no afi wo babarima nsam. \v 13 Ɛno mpo, mɛma wadi abusuakuw baako so, esiane me somfo Dawid ne kuropɔn Yerusalem a mayi asi hɔ no nti.” \s1 Salomo Atamfo \p \v 14 Na \nd Awurade\nd* pagyaw Edomni Hadad a na ofi Edom adehyebusua mu, sɛ ɔnyɛ ɔtamfo ntia Salomo. \v 15 Mfe bi a atwa mu no, Dawid ne Yoab a na ɔyɛ nʼakofo so sahene no kɔɔ Edom kosiee Israelfo bi a wɔtotɔɔ akono no. Bere a wɔwɔ hɔ no, anka Israel asraafo no reyɛ akunkum mmarima a wɔwɔ Edom nyinaa. \v 16 Yoab ne asraafo no tenaa hɔ asram asia kunkum wɔn. \v 17 Nanso Hadad ne nʼagya adehye ntuanofo no mu kakra guanee. (Saa bere no na Hadad yɛ abofra ketewa bi.) \v 18 Woguan fii Midian kɔɔ Paran. Paran hɔ na ebinom kɔkaa wɔn ho. Afei, wɔkɔɔ Misraim, Farao nkyɛn, na ɔmaa wɔn baabi a wɔbɛtena, aduan ne asase. \p \v 19 Farao pɛɛ Hadad asɛm yiye, na ɔmaa no ɔyere a na ɔyɛ ɔhemmea Tapanhes nuabea. \v 20 Ɔne no woo ɔbabarima a wɔtoo no din Genubat, na wɔtetew no fraa Farao mmabarima mu wɔ Farao ahemfi. \p \v 21 Bere a Hadad tee wɔ Misraim sɛ Dawid ne ne sahene Yoab awuwu no, ɔka kyerɛɛ Farao se, “Ma mensan nkɔ mʼankasa me man mu.” \p \v 22 Farao bisaa no se, “Adɛn? Dɛn na ɛho hia wo wɔ ha? Dɛn ho na yɛadi wo huammɔ a nti wopɛ sɛ wokɔ wo kurom?” \p Obuae se, “Biribiara nkɔɔ bɔne, nanso kɔ ara na mepɛ sɛ mekɔ fie.” \p \v 23 Onyankopɔn pagyaw Eliada babarima Reson nso ma ɔbɛyɛɛ ɔtamfo tiaa Salomo. Reson guan fii ne wura ɔhene Hadadeser a ofi Soba nkyɛn \v 24 bɛyɛɛ atuatewfo panyin. Dawid dii Hadadeser so nkonim no, Reson ne ne mmarima guan kɔɔ Damasko, kodii hene wɔ hɔ. \v 25 Reson bɛyɛɛ Israel tamfo kɛse wɔ Salomo ahenni nkae no nyinaa mu; na ɔyɛɛ ɔteeteefo sɛnea Hadad yɛe no. Reson kɔɔ so tan Israel denneennen, na ɔtoaa so dii hene wɔ Aram. \s1 Yeroboam Tew Salomo So Atua \p \v 26 Otuatewfo panyin foforo bi nso ne Nebat babarima Yeroboam. Na ɔyɛ Salomo ankasa mpanyimfo no mu baako. Na ofi kurow Sereda a ɛwɔ Efraim mu. Na wɔfrɛ ne na se Senua; na ɔyɛ okunafo. \p \v 27 Nʼatuatew no nkyerɛase ni: Na Salomo rekyekyere Milo, na ogu so resiesie nʼagya Dawid kurow no afasu no, \v 28 na Yeroboam yɛ nsiyɛfo. Salomo huu no sɛ ɔyɛ mɔdemmɔfo no, ɔde no tuaa adwumayɛfo a wofi Efraim ne Manase mmusuakuw mu no ano. \p \v 29 Da bi a Yeroboam refi Yerusalem no, ohyiaa odiyifo Ahiya, Siloni, wɔ kwan so a ɔhyɛ atade foforo. Na wɔn baanu nko na wɔwɔ wuram hɔ. \v 30 Ɛhɔ na Ahiya worɔw nʼatade foforo a na ɛhyɛ no no, tetew mu asinasin dumien. \v 31 Na ɔka kyerɛɛ Yeroboam se, “Fa asinasin yi mu du, na sɛɛ na \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, reka: ‘Merebegye ahemman no afi Salomo nsam, na mede mmusuakuw no mu du bɛma wo. \v 32 Na esiane me somfo Dawid ne Yerusalem a mayi afi Israel mmusuakuw no nyinaa mu no nti, megyaw no abusua baako. \v 33 Efisɛ Salomo agyaw me hɔ, akɔsom Astoret a ɔyɛ Sidonfo bosombea ne Kemos a ɔyɛ Moabfo nyame ne Amonfo nyame Molek. Wamfa mʼakwan so anyɛ nea ɛsɔ mʼani. Wanni me mmara ne mʼahyɛde so te sɛ nʼagya Dawid. \p \v 34 “ ‘Nanso merennye ahemman no nyinaa mfi Salomo nsam saa bere yi. Esiane me somfo Dawid, nea miyii no no, na otiee mʼahyɛde, dii me mmara so no nti, mɛma Salomo adi ade mfe a aka no wɔ ne nkwa mu. \v 35 Na megye ahemman no afi ne babarima nsam, na mede mmusuakuw no mu du ama wo. \v 36 Ne babarima benya abusuakuw baako, sɛnea ɛbɛyɛ a me somfo Dawid asefo bɛkɔ so adi hene wɔ Yerusalem, kurow a mayi sɛ me din nna so no. \v 37 Na mede wo besi Israel ahengua no so, na wubedi ade no sɛnea wʼankasa wo koma pɛ. \v 38 Sɛ wutie asɛm a meka kyerɛ wo, na wonantew mʼakwan mu, na woyɛ nea midwen sɛ eye, na wutie me mmara, di mʼahyɛde so, sɛnea me somfo Dawid yɛe no a, ɛno de, daa mɛka wo ho. Metim wo fi adedi ase, sɛnea meyɛ maa Dawid no, na mede Israel bɛma wo. \v 39 Nanso esiane Salomo bɔne a wayɛ nti, mɛtwe Dawid asefo aso, nanso ɛrenyɛ afebɔɔ.’ ” \p \v 40 Salomo pɛɛ sɛ okum Yeroboam, nanso oguan kɔɔ Misraim, Misraimhene Sisak\f + \fr 11.40 \fr*\ft Sisak na ɔyɛɛ Farao a ɔto so aduonu abien wɔ Misraim mpanyin nnidiso mu efi 945 Ansa na wɔrewo Kristo (AWK) kosi 924 Ansa na wɔrewo Kristo (AWK).\ft*\f* nkyɛn, kosii sɛ Salomo wui. \p \v 41 Na Salomo ahenni ho nsɛm nkae, nea ɔyɛe ne ne nyansa no de, wɔankyerɛw wɔ Salomo Ho Nsɛm Nhoma no mu ana? \v 42 Salomo dii hene wɔ Yerusalem ne Israel nyinaa so mfirihyia aduanan. \v 43 Bere a Salomo wui no, wosiee no wɔ nʼagya Dawid kurom. Na ne babarima Rehoboam na odii nʼade sɛ ɔhene foforo. \c 12 \s1 Atifi Fam Mmusuakuw No Tew Atua \p \v 1 Rehoboam kɔɔ Sekem, efisɛ na Israelfo nyinaa akɔ hɔ sɛ wɔrekosi no hene. \v 2 Bere a Nebat babarima Yeroboam tee sɛ Salomo awu no, ofi Misraim bae, efisɛ oguan fii ɔhene Salomo nsam kɔtenaa Misraim. \v 3 Enti Israel mpanyimfo soma ma wɔkɔfaa Yeroboam, na Israel nnipadɔm no nyinaa kɔɔ Rehoboam nkyɛn, ne no kɔkasae se, \v 4 “Wʼagya hyɛɛ yɛn ma yɛyɛɛ adwumaden. Yɛsrɛ wo, tew saa adwumaden ne sonkahiri adesoa duruduru a wʼagya de soaa yɛn no so. Woyɛ saa a, yɛbɛsom wo nokware mu.” \p \v 5 Rehoboam buae se, “Momma me nnansa na menwene mo asɛm yi ho. Ɛno akyi, mommra mmegye me mmuae.” Enti nnipa no san kɔe. \p \v 6 Na Ɔhene Rehoboam kɔɔ ne mpanyimfo bi a na wotu nʼagya Salomo fo ne wɔn kosusuw asɛm no ho. Obisaa wɔn se, “Moka asɛm no ho dɛn? Mmuae bɛn na memfa mma saa nnipa yi?” \p \v 7 Wobuaa no se, “Sɛ nnɛ yi, wopɛ sɛ woyɛ ɔsomfo ma saa nnipa yi, na woma wɔn mmuae pa a, ɛno de, daa wɔbɛsom wo nokware mu.” \p \v 8 Nanso Rehoboam amfa afotu a mpanyimfo no maa no no. Mmom, ɔkɔɔ nʼatipɛnfo mmabun bi a ɔne wɔn sii so a na wotu no fo no nkyɛn. \v 9 Okobisaa wɔn se, “Mo nso, mo afotu ne dɛn? Mmuae bɛn na memfa mma saa nnipa a wɔpɛ sɛ metew adesoa duruduru a mʼagya de soaa wɔn no so?” \p \v 10 Mmerante no buae se, “Asɛm a ɛsɛ sɛ woka kyerɛ wɔn ne se, ‘Me nsateaa ketewa no mu piw sen mʼagya asen mu. Na sɛ modwene sɛ na ɔyɛ den wɔ mo so a, montwɛn na mubehu sɛnea mete.’ \v 11 Yiw, mʼagya yɛɛ den wɔ mo so, na mɛyɛ aboro saa. Mʼagya hwee mo mpire na me de, mede nkekantwɛre na ɛbɛhwe mo.” \p \v 12 Nnansa akyi no, Yeroboam ne nnipa no nyinaa san baa sɛ wɔrebetie Rehoboam mmuae sɛnea ɔkae no. \v 13 Ɔhene no buaa nnipa no abufuw so. Wamfa mpanyimfo no afotu no; \v 14 ɔfaa mmabun no afotu. Ɔka kyerɛɛ nnipa no se, “Mʼagya yɛɛ den wɔ mo so, na mɛyɛ aboro saa. Mʼagya hwee mo mpire na me de mede nkekantwɛre bɛkeka mo.” \v 15 Enti ɔhene no anyɛ nnipa no abisade no ho hwee. Saa nsɛm a esisii yi yɛ Onyankopɔn nhyehyɛe, efisɛ ɛmaa \nd Awurade\nd* nkɔm a ɔnam odiyifo Ahiya a ofi Silo no hyɛɛ Nebat babarima Yeroboam no baa mu. \p \v 16 Bere a Israel nyinaa huu sɛ ɔhene anyɛ wɔn abisade amma wɔn no, wɔteɛteɛɛ mu se, “Yɛne Dawid nni hwee yɛ! Yɛne Yisai babarima no nni hwee yɛ! Israel, momma yɛnkɔ yɛn nkyi! Dawid, hwɛ wʼankasa wo fi so!” Enti Israelfo no san kɔɔ wɔn fi. \v 17 Na Rehoboam kɔɔ so dii Israelfo a na wɔtete Yuda nkurow so no so hene. \p \v 18 Ɔhene Rehoboam somaa Adoram a na ɔhwɛ adwumayɛfo so no sɛ ɔnkɔhwɛ mma ɔman no nyɛ dinn, nanso Israelfo no siw no abo kum no. Bere a ɔhene Rehoboam tee saa asɛm no, ntɛm ara, ohuruw tenaa ne teaseɛnam mu, guan kɔɔ Yerusalem. \v 19 Israel mmusuakuw a wɔwɔ atifi fam no ampene sɛ Dawid aseni biara bedi wɔn so, de besi nnɛ. \p \v 20 Bere a Israelfo tee sɛ Yeroboam fi Misraim asan aba no, wɔyɛɛ nhyiamu, sii no hene wɔ Israel nyinaa so. Enti Yuda abusuakuw no nko ara na wɔkae, som Dawid fi nokware mu. \s1 Semaia Nkɔmhyɛ \p \v 21 Bere a Rehoboam duu Yerusalem no, ɔboaboaa Yuda ne Benyamin asraafo ano. Oyii akofo mpem ɔha ne aduɔwɔtwe, sɛ wɔrekɔko atia Israel asraafo, na wɔafa ahemman no adi so. \p \v 22 Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ Semaia, Onyankopɔn nipa no se, \v 23 “Ka kyerɛ Salomo babarima Rehoboam, Yudahene ne nnipa a wofi Yuda ne Benyamin se, \v 24 ‘Sɛnea \nd Awurade\nd* se ni, Mo ne mo nuanom Israelfo nntwa mo ho nko. Monsan nkɔ mo akyi, na nea asi no nyinaa fi me!’ ” Enti wotiee \nd Awurade\nd* asɛm no, san kɔɔ wɔn fi sɛnea \nd Awurade\nd* hyɛe no. \s1 Yeroboam Yɛ Sika Anantwi \p \v 25 Yeroboam kyekyeree Sekem kurow wɔ Efraim bepɔw asase so ma ɛbɛyɛɛ ne kuropɔn. Akyiri no, ɔkɔkyekyeree kurow Penuel. \v 26 Yeroboam dwenee ho dinn, see ne koma mu se, “Sɛ manhwɛ yiye a, ahemman no bɛsan akɔ Dawid fifo adedifo nsam. \v 27 Na sɛ wɔkɔ Yerusalem, kɔbɔ afɔre wɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan mu nso a, wɔbɛsom Yudahene Rehoboam. Ɛba saa a, wobekum me, de ɔno mmom asi wɔn so hene.” \p \v 28 Enti otiee nea nʼafotufo ka, na ɔyɛɛ sikakɔkɔɔ anantwi mma abien. Ɔka kyerɛɛ nnipa no se, “Ɛyɛ ɔbrɛ bebree sɛ mobɛforo akɔ Yerusalem akɔsom. Ɛno nti, Israel, eyinom ne anyame a woyii mo fii Misraim!” \v 29 Ɔde nantwi mma ahoni yi sisii Israel anafo ne atifi, wɔ Bet-El ne Dan. \v 30 Eyi bɛyɛɛ bɔne kɛse, efisɛ nnipa no som ahoni no, a na mpo wotwa kwan kɔ Dan. \p \v 31 Yeroboam\f + \fr 12.31 \fr*\ft Yeroboam yii asɔfo a wɔnyɛ Lewifo, efisɛ na Lewifo bebree ne Rehoboam aguan kɔ Yerusalem akɔpɛ guankɔbea (\+xt 2 Be 11.13-17\+xt*).\ft*\f* sisii abosonnan wɔ nkoko so, na ɔpaw asɔfo fii nnipa no mu a na womfi Lewi asɔfo abusua mu. \v 32 Yeroboam hyehyɛɛ nyamesom dapɔnna wɔ Bet-El a na wodi saa nna no Bul ɔsram (bɛyɛ Ahinime) mu a na ɛte sɛ Yuda Guankɔbea Afahyɛ no ara. Bet-El hɔ na ɔno ankasa bɔɔ afɔre maa nantwimma ahoni a wayɛ no. Na Bet-El hɔ ara nso na ɔpaw asɔfo maa abosomfi a osisii no. \v 33 Na ɔno ankasa yii da bi too hɔ, Bul ɔsram (bɛyɛ Ɔsannaa) mfimfini mu hɔ, na Yeroboam kɔbɔɔ afɔre wɔ afɔremuka so wɔ Bet-El. Ɔhyɛɛ anyamesom afahyɛ ase maa Israel, na ɔforo kɔɔ afɔremuka no so kɔhyew aduhuam. \c 13 \s1 Odiyifo Bi Ka Tia Yeroboam \p \v 1 \nd Awurade\nd* hyɛɛ Onyame nipa bi ma ɔkɔɔ Bet-El, na oduu hɔ bere a na Yeroboam rekɔ afɔremuka no ho akɔbɔ afɔre. \v 2 Na ɔde \nd Awurade\nd* nsɛm mu teɛɛ mu guu afɔremuka no so se, “Afɔremuka! Afɔremuka! Sɛnea \nd Awurade\nd* se ni: ‘Wɔbɛwo ɔbabarima bi a wɔbɛto no din Yosia ato Dawid fi, na wo so na ɔde asɔfo a wofi nsɔree so ha a wɔhyew aduhuam ne nnipa nnompe no bɛbɔ afɔre!’ ” \v 3 Da no ara, Onyankopɔn nipa no yɛɛ nsɛnkyerɛnne, na ɔkae se, “Eyi ne nsɛnkyerɛnne a \nd Awurade\nd* ada no adi. Afɔremuka no mu bɛpae abien, na nsõ a egu so no ahwie agu.” \p \v 4 Ɔhene Yeroboam bo fuw Onyame nipa yi sɛ wakasa atia afɔremuka yi. Enti ɔteɛɛ ne nsa wɔ ne so, teɛɛ mu se, “Monkyere no!” Nanso ne nsa a ɔteɛɛ wɔ ɔbarima no so no sinsenii a wantumi anyɛ ho hwee. \v 5 Na afɔremuka no mu paee abien, na nsõ a egu so no hwie gui, sɛnea nsɛnkyerɛnne a Onyankopɔn nipa nam \nd Awurade\nd* nsɛm so daa no adi kyerɛɛ no. \p \v 6 Afei, ɔhene no srɛɛ Onyankopɔn nipa no se, “Srɛ \nd Awurade\nd*, wo Nyankopɔn, ma me na me nsa no nya ahoɔden.” Enti Onyankopɔn nipa no srɛɛ \nd Awurade\nd* maa no, na ɔhene no nsa nyaa ahoɔden ma ɛyɛɛ sɛnea na ɛte kan no. \p \v 7 Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ Onyankopɔn nipa no se, “Ma yɛnkɔ fie, na kodidi, na mɛma wo akyɛde bi.” \p \v 8 Nanso Onyankopɔn nipa no buaa no se, “Mpo, sɛ wode wʼagyapade mu fa bɛkyɛ me koraa a, me ne wo renkɔ, na brodo nso, merenni na manom nsu wɔ ha. \v 9 \nd Awurade\nd* asɛm so na wɔnam hyɛɛ me se, ‘Ɛnsɛ sɛ wudi brodo anaa wonom nsu wɔ hɔ. Afei, nsan mfa ɔkwan a wofaa so kɔɔ Bet-El no so.’ ” \v 10 Enti ofi Bet-El faa ɔkwan foforo so sɛ ɔrekɔ fie. \p \v 11 Na ɛbaa sɛ na odiyifo akwakoraa bi te Bet-El. Ne mmabarima bɛkaa nea Onyankopɔn nipa no ayɛ wɔ Bet-El da no nyinaa kyerɛɛ no. Afei, wɔkaa asɛm a waka akyerɛ ɔhene no nyinaa kyerɛɛ wɔn agya no. \v 12 Odiyifo akwakoraa no bisaa wɔn se, “Na ɔfaa he?” Na ne mmabarima no kyerɛɛ no ɔkwan a Onyankopɔn nipa no faa so kɔe. \v 13 Ɔka kyerɛɛ ne mmabarima no se, “Monhyehyɛ afurum no mma me ntɛm.” Na wɔhyehyɛɛ afurum no maa no no, ohuruw tenaa ne so \v 14 tiw Onyankopɔn nipa no. Ɔkɔtoo no sɛ ɔte odum bi ase, na odiyifo akwakoraa no bisaa no se, “Wone Onyankopɔn nipa a wufi Yuda no ana?” \p Obuaa no se, “Yiw, ɛyɛ me.” \p \v 15 Afei, odiyifo no ka kyerɛɛ no se, “Ma yɛnkɔ fie, na kodidi.” \p \v 16 Onyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ no se, “Merentumi nsan mʼakyi. Minni ho kwan sɛ mididi anaa menom nsu wɔ ha. \v 17 \nd Awurade\nd* hyɛɛ me se, ‘Ɛnsɛ sɛ wudi aduan biara anaa wonom nsu bere a wowɔ hɔ, anaa wofa ɔkwan a wofaa so kɔɔ hɔ no so san wʼakyi.’ ” \p \v 18 Odiyifo akwakoraa no buae se, “Me nso, meyɛ odiyifo sɛ wo ara. Na ɔbɔfo bi kaa \nd Awurade\nd* asɛm kyerɛɛ me se, ‘Fa no san bra wo fi, na ommedidi na ɔnnom nsu.’ ” Nanso na odiyifo akwakoraa no redaadaa no. \v 19 Enti Onyankopɔn nipa no ne no san kɔe, kodidi nomee wɔ ne fi. \p \v 20 Bere a wɔte didipon ho redidi no, nkra fi \nd Awurade\nd* nkyɛn baa odiyifo akwakoraa no so. \v 21 Ɔteɛɛ mu guu Onyankopɔn nipa a ofi Yuda no so se, “Sɛɛ na \nd Awurade\nd* ka: Woabu \nd Awurade\nd* asɛm so, na woanni ahyɛde a \nd Awurade\nd*, wo Nyankopɔn, hyɛɛ wo no so. \v 22 Wosan baa ha bedii aduan, nom nsu, nanso ɔka kyerɛɛ wo se nni hwee, nnom hwee. Esiane eyi nti, wɔrensie wʼamu wɔ wʼagyanom da mu.” \v 23 Na Onyankopɔn nipa no didi nom wiei no, odiyifo no hyehyɛɛ nʼafurum no maa no, \v 24 na Onyankopɔn nipa no sii kwan so bio. Na ɔrekɔ no ara, gyata bi ba bekum no. Nʼamu no daa ɔkwan mu a, na afurum no ne gyata no gyinagyina ho. \v 25 Nnipa ba bɛtoo so sɛ amu no da ɔkwan mu a gyata no gyina ho. Enti wɔkɔbɔɔ amanneɛ wɔ Bet-El baabi a odiyifo akwakoraa no te hɔ. \p \v 26 Bere a odiyifo akwakoraa no tee asɛm no, ɔkae se, “Ɛyɛ Onyankopɔn nipa no a wanni \nd Awurade\nd* ahyɛde so no. \nd Awurade\nd* ama nʼasɛm no aba mu sɛ ɔmaa gyata tow hyɛɛ no so, kum no.” \p \v 27 Na odiyifo no ka kyerɛɛ ne mmabarima no se, “Monhyehyɛ afurum no mma me.” Na wɔhyehyɛɛ afurum no. \v 28 Ɔkɔ kohuu sɛ amu no da ɔkwan mu. Na afurum no ne gyata no da so gyinagyina ne ho, a gyata no nwee amu no, nto nhyɛɛ afurum no nso so. \v 29 Enti odiyifo no faa Onyankopɔn nipa no amu no de no too nʼafurum no so, san de no kɔɔ kurom, kosuu no, siee no. \v 30 Ɔde amu no too nʼankasa ne da mu, fii awerɛhow mu, suu no se, “Ao, me nua!” \p \v 31 Akyiri no, odiyifo no ka kyerɛɛ ne mmabarima no se, “Sɛ mewu a, munsie me wɔ ɔda a woasie Onyankopɔn nipa wɔ mu no mu. Momfa me nnompe ngu ne nnompe ho. \v 32 Na asɛm a \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ no se ɔnka ntia afɔremuka a ɛwɔ Bet-El ne abosomfi no a ɛwowɔ Samaria nkurow so no, ɛbɛba mu.” \p \v 33 Nanso eyi akyi koraa no, Yeroboam annan ne ho amfi nʼakwammɔne no so. Ɔkɔɔ so yii asɔfo fi nnipa no mu. Obiara a ɔpɛ no, otumi yɛɛ ɔsɔfo wɔ abosomfi hɔ. \v 34 Eyi bɛyɛɛ bɔne kɛse, na ɛnam so sɛee Yeroboam ahemman, maa ne fifo nyinaa wuwui. \c 14 \s1 Ahiya Nkɔmhyɛ A Etia Yeroboam \p \v 1 Saa bere no, Yeroboam babarima Abia yaree denneennen. \v 2 Enti Yeroboam ka kyerɛɛ ne yere se, “Sesa wo ho, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara renhu wo sɛ wone ɔhemmea no. Na kɔ odiyifo Ahiya, ɔbarima a ɔka kyerɛɛ me se medi hene no nkyɛn wɔ Silo. \v 3 Fa brodo mua du, ɔfam ne ɛwo tumpan kɔkyɛ no, na bisa no nea ɛbɛba abarimaa no so.” \p \v 4 Na Yeroboam yere no kɔɔ Ahiya fi wɔ Silo. Saa bere no na wabɔ akwakoraa a onhu ade. \v 5 Nanso na \nd Awurade\nd* aka akyerɛ Ahiya se, “Yeroboam yere bɛba ha, na ɔbɛhyɛ da ayɛ ne ho sɛ obi foforo. Obebisa wo ne babarima no ho asɛm, efisɛ ɔyare denneennen. Sɛ ɛba saa a, fa mmuae a mede bɛma wo no ma no.” \p \v 6 Na Ahiya tee ne nan ase wɔ pon ano no, ɔfrɛe se, “Yeroboam yere, bra mu! Adɛn nti na woahyɛ da ayɛ wo ho sɛ obi foforo?” Na ɔka kyerɛɛ no se, “Mewɔ asɛmmɔne ka kyerɛ wo. \v 7 Fa saa nkra yi a efi \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, nkyɛn kɔma wo kunu Yeroboam se, ‘Mepagyaw wo fi mpapahwekwa mu, de wo besii me nkurɔfo Israel so hene. \v 8 Mituu ahemman no ase fii Dawid fi, de maa wo. Nanso woammu wo bra te sɛ me somfo Dawid a odii mʼahyɛde so a ɔde ne koma nyinaa dii mʼakyi, na daa ɔyɛɛ biribiara a mepɛ sɛ ɔyɛ no. \v 9 Bɔne a woayɛ no dɔɔso sen wɔn a wɔtenaa ase ansa na wɔrewo wo no. Woayɛ anyame afoforo ma ɛnam so ama me bo afuw wo, wo sikakɔkɔɔ nantwi mma no nti. Na esiane sɛ woadan wʼakyi akyerɛ me nti, \v 10 mede amanehunu bɛba wo fi ahenni nnidiso so, na mekum wo mmabarima nyinaa, akoa ne nea odi ne ho so nso. Mɛhyew wʼahenni nnidiso no ase, sɛnea obi hyew wura ma ase tu koraa no. \v 11 Me, \nd Awurade\nd*, meka ntam se, wo fifo a wobewuwu wɔ kurow no mu no, akraman na wɔbɛwe wɔn nam, na wɔn a wobewuwu wuram no nso, apete na wɔbɛsosɔw wɔn nam.’ ” \p \v 12 Na Ahiya ka kyerɛɛ Yeroboam yere se, “Kɔ fie, na sɛ wuwura kurow no mu ara pɛ a, abofra no bewu. \v 13 Na Israel nyinaa besu no, na wɔasie no. Ɔno nko ne onipa a ofi mo fi a wobesie no yiye, na saa abofra no nko na \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, hu no sɛ ade pa wɔ Yeroboam fifo nyinaa mu. \v 14 Na \nd Awurade\nd* bɛpagyaw ne hene a obedi Israel so. Ɔno na ɔbɛtɔre Yeroboam fifo ase. Saa asɛm no besi nnɛ yi ara, saa dɔnhwerew yi ara mu. \v 15 Na \nd Awurade\nd* bɛwosow Israel te sɛ sibiri a ehinhim wɔ asuwa ani. Obetutu Israelfo ase afi saa asase pa a ɔde maa wɔn agyanom no so. Na ɔbɛbɔ wɔn apete, atra Asubɔnten Eufrate, efisɛ wɔnam som a wɔsom Asera nnua no so ahyɛ \nd Awurade\nd* abufuw. \v 16 Ɔbɛto Israel asaworam, efisɛ Yeroboam yɛɛ bɔne, nam so maa Israel nyinaa ne no yɛɛ bɔne.” \p \v 17 Na Yeroboam yere san kɔɔ Tirsa. Na bere a owuraa ne fi no, abofra no wui. \v 18 Bere a Israelfo siee no no, wosuu no sɛnea \nd Awurade\nd* nam odiyifo Ahiya so hyɛe no. \p \v 19 Yeroboam ahenni ho nsɛm nkae, nʼakodi nyinaa ne ɔkwan a ɔfaa so buu ɔman no nyinaa no, wɔakyerɛw agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma Mu. \v 20 Yeroboam dii ade wɔ Israel mfe aduonu abien. Owui no, ne babarima Nadab na odii nʼade sɛ ɔhene. \s1 Rehoboam, Yuda Hene \p \v 21 Na Salomo babarima Rehoboam na na odi hene wɔ Yuda. Bere a odii ade no, na wadi mfe aduanan baako, na odii ade mfe dunson wɔ Yerusalem, kurow a na \nd Awurade\nd* ayi wɔ Israel mmusuakuw no nyinaa mu, sɛ ɔde rehyɛ ne din anuonyam no. Na Rehoboam ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni. \v 22 Bere a na Rehoboam di ade no, nnipa a wɔwɔ Yuda no yɛɛ bɔne \nd Awurade\nd* anim, maa ne bo fuw wɔ wɔn bɔne no ho. Na saa bɔne no sen nea wɔn agyanom no yɛe mpo. \v 23 Wosisii abosomfi, gyinaa dannua a wɔatew ho ne Asera nnua wɔ bepɔw biara so ne dutan frɔmfrɔm biara ase. \v 24 Mpo, na abosomfi mmarima nguamanfo wɔ asase no so mmaa nyinaa. Nnipa no suasuaa akyiwade ahorow a amanaman a wɔsom abosom no yɛe nti a \nd Awurade\nd* pam wɔn fii asase no so maa Israelfo no. \p \v 25 Rehoboam dii ade ne mfe anum so no, Misraimhene Sisak bɛtow hyɛɛ Yerusalem so. \v 26 Ɔbɔ wuraa \nd Awurade\nd* Asɔredan no mu ne ahemfi hɔ baabiara, wiaa biribiara a sikakɔkɔɔ akyɛm a Salomo yɛe no ka ho. \v 27 Akyiri no, Rehoboam yɛɛ kɔbere akyɛm de sii anan, na ɔde hyɛɛ ahemfi awɛmfo no nsa sɛ wɔnhwɛ so. \v 28 Bere biara a ɔhene no kɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan mu hɔ no, awɛmfo no soa kɔ hɔ bi, na sɛ owie na ɔreba a, wɔsan de begu awɛmfo dan no mu. \p \v 29 Na Rehoboam ahenni ho nsɛm nkae no ne dwuma a odii no de, wɔankyerɛw ne nyinaa wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? \v 30 Daa na ɔko da Rehoboam ne Yeroboam ntam. \v 31 Bere a Rehoboam wui no, wosiee no wɔ nʼagyanom korabea wɔ Dawid kurom. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonnibea. Na ne babarima a ne din de Abiyam na odii nʼade sɛ ɔhene. \c 15 \s1 Abiyam Di Yuda Man So \p \v 1 Yeroboam dii ade wɔ Israel ne mfe dunwɔtwe so no, Abiyam bɛyɛɛ Yudahene. \v 2 Odii hene wɔ Yerusalem mfe abiɛsa. Na ne na din de Maaka a ɔyɛ Absalom babea. \p \v 3 Nʼagya bɔne a ɔyɛe nyinaa no, ɔyɛɛ bi. Na ne koma nni \nd Awurade\nd* ne Nyankopɔn mu; wansɛ ne nena Dawid. \v 4 Nanso esiane Dawid nti, \nd Awurade\nd*, ne Nyankopɔn maa nʼasefo kwan ma wɔkɔɔ so dii ade, na ɔmaa Abiyam ɔbabarima a obedi nʼade wɔ Yerusalem. \v 5 Na Dawid ayɛ nea eye wɔ \nd Awurade\nd* ani so. Odii \nd Awurade\nd* ahyɛde so ne nkwa nna nyinaa, gye Hetini Uria no ho asɛm no nko ara. \p \v 6 Abiyam nkwa nna mu nyinaa, na akokoakoko da ɔno ne Yeroboam ntam. \v 7 Nsɛm a aka a esisii wɔ Abiyam ahenni mu ne nea ɔyɛe no, wɔankyerɛw wɔ Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? Ɔko daa Abiyam ne Yeroboam ntam bere biara. \v 8 Na Abiyam wui no, wosiee no wɔ Dawid kuropɔn mu. Na ne babarima Asa dii nʼade sɛ ɔhene. \s1 Asa Di Yuda Man So \p \v 9 Yeroboam dii hene wɔ Israel ne mfe aduonu so no, Asa bedii hene wɔ Yuda. \v 10 Odii hene Yerusalem mfe aduanan baako. Na wɔfrɛ ne nenabea Maaka a na ɔyɛ Absalom babea. \v 11 Asa yɛɛ nea ɛsɔ \nd Awurade\nd* ani, sɛnea ne nena Dawid yɛe no. \v 12 Ɔpam nsɔree so so nguamanfo nyinaa fii asase no so, na oyiyii ahoni a nʼagyanom yɛe no nyinaa. \v 13 Na mpo, otuu ne nenabea Maaka fii ahemmeagua no so, efisɛ na wayɛ Asera ahoni dua a na ɛyɛ akyiwade. Asa twaa dua no na ɔhyew no wɔ Kidron bon mu. \v 14 Ɛwɔ mu sɛ wɔantutu abosonsom nsɔre so no nyinaa amfi Israel de, nanso Asa kɔɔ so de ne koma hyɛɛ \nd Awurade\nd* mu nʼasetena nyinaa mu. \v 15 Ɔde dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nneɛma a ɔno ne nʼagya too din de maa \nd Awurade\nd* Asɔredan no bae. \p \v 16 Na akokoakoko wɔ Yudahene Asa ne Israelhene Baasa ntam. \v 17 Israelhene Baasa kɔko tiaa Yuda, na ɔmaa Rama bammɔ sɛnea obi ntumi nni ahyɛmfiri wɔ Yudahene Asa asase so. \v 18 Asa tasee dwetɛ ne sikakɔkɔɔ no a ɛkaa wɔ \nd Awurade\nd* Asɔredan no adekoradan mu ne nea na ɛwɔ ahemfi no adekoradan no mu. Ɔde hyɛɛ ne mpanyimfo no mu bi nsa, na ɔsomaa wɔn ma wɔkɔɔ Hesion babarima Tabrimon babarima Siriahene Ben-Hadad a na odi hene wɔ Damasko no nkyɛn, na ɔde saa nsɛm yi kaa ho: \v 19 “Ma yɛnyɛ apam a na ɛda wʼagya ne mʼagya ntam no foforo. Tie, mede akyɛde a ɛyɛ dwetɛ ne sikakɔkɔɔ resoma de abrɛ wo. Twa wo ne Israelhene Baasa apam no mu, sɛnea ɔremfa ne nsa nka me.” \p \v 20 Ben-Hadad penee ɔhene Asa abisade no so, na ɔsomaa nʼakofo, ma wɔkɔtow hyɛɛ Israel so. Wodii nkurow Iyon, Dan, Abel-Bet-Maaka ne Kineret a Naftali nsase nyinaa ka ho no so. \v 21 Na Israelhene Baasa tee asɛm a asi no, ogyaee nʼadwuma a na ɔreyɛ de abɔ Rama ho ban no, kɔɔ Tirsa kɔtenaa hɔ. \v 22 Afei, ɔhene Asa soma kɔɔ Yuda mmaa nyinaa, kɔkaa se ɔhwehwɛ sɛ obiara bɛboa asoa adansi abo ne nnua a na Baasa de reyɛ bammɔdwuma wɔ Rama no afi hɔ. Asa de saa bammɔ nneɛma no kyekyeree kurow Geba a ɛwɔ Benyamin ne Mispa nso. \p \v 23 Asa ahenni ho nsɛm nkae ne nea ne tumi kodui no, ne nkurow a ɔkyekyeree no nyinaa din no, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? Mmom, ne nkwakorabɔ mu no, ɔyaree ne nan. \v 24 Bere a Asa wui no, wosiee no nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kuropɔn mu. Na ne babarima Yehosafat bedii nʼade sɛ ɔhene. \s1 Nadab Di Hene Wɔ Israel \p \v 25 Yeroboam babarima Nadab fii ase dii ade wɔ Israel bere a na ɔhene Asa adi ade wɔ Yuda mfe abien mu. Odii ade wɔ Israel mfe abien. \v 26 Na ɔyɛɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd* ani so. Odii nʼagya anammɔn akyi, toaa so yɛɛ bɔne, som abosom sɛnea na Yeroboam adi Israel anim ama wɔayɛ no. \p \v 27 Na Ahiya babarima Baasa a ofi Isakar abusuakuw mu no pam Nadab ti so, kum no bere a na ɔne Israel asraafo akyere nsraban, retua Filistifo kurow Gibeton ano no. \v 28 Baasa kum Nadab wɔ ɔhene Asa adedi wɔ Yuda mfe abiɛsa mu no so, na ɔbɛyɛɛ Israelhene a odi hɔ. \p \v 29 Ntɛm ara, okunkum ɔhene Yeroboam asefo nyinaa a adehye abusua no mu baako koraa anka, sɛnea \nd Awurade\nd* nam odiyifo Ahiya a ofi Silo ahyɛ bɔ afa Yeroboam ho no. \v 30 Saa asɛm yi sii, efisɛ Yeroboam di a odii Israel anim ma wɔyɛɛ bɔne no hyɛɛ \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn abufuw. \p \v 31 Nadab ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? \v 32 Na akokoakoko wɔ Asa ne Israelhene Baasa ntam. \s1 Baasa Di Israel So Hene \p \v 33 Ahiya ba Baasa fii ase dii Israel so wɔ ɔhene Asa adedi wɔ Yuda no mfe abiɛsa mu. Baasa dii ade fii Tirsa mfe aduonu anan. \v 34 Na ɔyɛɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd* ani so. Odii Yeroboam anammɔn akyi, som abosom, sɛnea Yeroboam dii Israel anim yɛe no. \c 16 \p \v 1 Na \nd Awurade\nd* asɛm baa Hanani babarima Yehu so tiaa Baasa sɛ, \v 2 “Mepagyaw wo fii mfutuma mu, de wo tuaa me nkurɔfo Israel ano. Nanso wofaa Yeroboam kwan bɔne no so, maa me nkurɔfo Israel yɛɛ bɔne, maa wɔn bɔne a wɔyɛɛ no hyɛɛ me abufuw. \v 3 Enti merebɛsɛe Baasa ne ne fi, na mɛyɛ wo fi te sɛ Nebat babarima Yeroboam de. \v 4 Wɔn a wobewuwu wɔ kurow no mu a wɔyɛ Yeroboam dea no de, akraman bɛwe wɔn nam. Na wim nnomaa na wɔbɛsosɔw wɔn a wobewuwu wɔ wuram no.” \p \v 5 Na Baasa adedi ne ɛho nsɛm nkae, nea ɔyɛe ne ne nkɔso no, wɔakyerɛw agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu. \v 6 Baasa wui no, wosiee no wɔ Tirsa. Na ne babarima Ela dii nʼade sɛ ɔhene. \p \v 7 Na \nd Awurade\nd* asɛm nam Hanani babarima odiyifo Yehu so baa Baasa ne ne fifo so, esiane bɔne dodow a na wayɛ wɔ \nd Awurade\nd* ani so no nti. Saa nneyɛe no hyɛɛ \nd Awurade\nd* abufuw. Na ɔyɛɛ sɛnea ɔyɛɛ Yeroboam fi no ara pɛ, efisɛ Baasa nso sɛee Yeroboam fi. \s1 Ela Di Israel So Hene \p \v 8 Baasa babarima Ela fitii ase dii Israel so wɔ Tirsa a saa bere no, na ɔhene Asa adi ade wɔ Yuda mfe aduonu asia. Odii hene wɔ Israel mfe abien. \p \v 9 Na Simri, a na ɔyɛ ɔsafohene wɔ adehye nteaseɛnam no mu fa so, bɔɔ ne tirim pɔw sɛ obekum Ela. Da bi, Ela bow nsa wɔ Arsa a na ɔyɛ ahemfi sohwɛfo no fi wɔ Tirsa. \v 10 Simri kɔɔ hɔ de ade kɔbɔɔ no ma ɔhwee fam wui. Saa asɛm yi sii wɔ ɔhene Asa adedi wɔ Yuda no afe a ɛto so aduonu ason mu. Enti Simri bɛyɛɛ ɔhene a odi so. \p \v 11 Ɛhɔ ara, Simri kunkum Baasa adehye abusua no mu nnipa nyinaa a wannyaw ɔbarima baako koraa; na wanhwɛ sɛ ɔyɛ obusuani anaa adamfo mpo. \v 12 Simri sɛee Baasa ahenni nnidiso no, sɛnea na Awurade afa odiyifo Yehu so ahyɛ no. \v 13 Eyinom sii esiane Baasa ne ne babarima Ela bɔne ne wɔn bɔne dodow a wodii Israel anim ma wɔyɛɛ no nti. Wɔde wɔn abosom huhuw hyɛɛ Onyankopɔn abufuw. \p \v 14 Ela ahenni ho nsɛm nkae ne dwuma a odii nyinaa no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? \s1 Simri Di Israel So Hene \p \v 15 Simri tenaa Tirsa dii ade wɔ Israel, bere a na ɔhene Asa adi ade wɔ Yuda mfe aduonu ason mu, nanso odii ade nnanson pɛ. Bere a Israel asraafo a na wɔrekɔtow ahyɛ Filistifo kurow Gibeton so no \v 16 tee sɛ Simri akum ɔhene no, woyii ɔsahene Omri de no dii ade sɛ wɔn hene foforo. \v 17 Enti Omri dii Israel asraafo anim, fi Gibeton kotuaa Tirsa a ɛyɛ Israel ahenkurow no. \v 18 Bere a Simri huu sɛ wɔafa kurow no, ɔkɔɔ ɔhene atenae hɔ wɔ ne fi, na ɔhyew hɔ ne ne ho frae, maa owui wɔ ogyatannaa no mu. \v 19 Na ɔno nso ayɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd* ani so. Odii Yeroboam anammɔn akyi, toaa bɔne a Yeroboam dii Israel anim yɛe no so. \p \v 20 Simri adedi ho nsɛm nkae ne ne pɔw bɔne a ɔbɔe no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? \s1 Omri Di Israel So \p \v 21 Na afei, na Israelfo no mu akyɛ abien. Na nnipa no mu fa pɛ sɛ wɔma Ginat babarima Tibni di wɔn so hene, na ɔfa a aka no nso gyinaa Omri akyi. \v 22 Nanso Omri akyidifo no bu faa Ginat babarima Tibni akyidifo no so. Enti wokum Tibni, maa Omri dii ɔhene. \p \v 23 Omri fi ase dii hene wɔ Israel, bere a ɔhene Asa adi ade wɔ Yuda mfe aduasa baako mu. Ne nyinaa mu, odii ade mfe dumien a ɔde emu asia tenaa Tirsa. \v 24 Na Omri tɔɔ bepɔw bi a mprempren wɔfrɛ no Samaria fii ne wura Semer nkyɛn, dwetɛ kilogram aduosia awotwe. Ɔkyekyeree kurow wɔ so, na ɔtoo kurow no din Samaria, de hyɛɛ Semer anuonyam. \v 25 Nanso Omri yɛɛ bɔne \nd Awurade\nd* ani so, na mpo, ne bɔne no so sen ahemfo a wodi nʼanim no de. \v 26 Odii Yeroboam anammɔn akyi, kɔɔ so som abosom, sɛnea Yeroboam dii Israel anim ma wɔyɛɛ no. Ɔde eyi hyɛɛ \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, abufuw. \p \v 27 Omri adedi ho nsɛm nkae no ne nea ne tumi ano kosi ne ne dwuma a odii no, wɔankyerɛw angu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu ana? \v 28 Omri wui no, wosiee no wɔ Samaria. Na ne babarima Ahab na odii nʼade sɛ ɔhene. \s1 Ahab Di Israel So Hene \p \v 29 Omri ba Ahab fii ase dii Israel so hene bere a na ɔhene Asa adi ade wɔ Yuda mfe aduasa awotwe mu. Odii ade wɔ Samaria mfe aduonu abien. \v 30 Nanso Ahab yɛɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd* ani so. Mpo, na ne bɔne no so sen ahemfo a wodi nʼanim no nyinaa mu biara de. \v 31 Na ɔyɛɛ nea Yeroboam yɛɛ wɔ bɔneyɛ mu no bi. Wamma no anso hɔ ara. Ɔwaree Isebel a na ɔyɛ Sidonfohene Etbaal babea, na ofii ase som Baal, sɔree no. \v 32 Nea edi kan no, osii abosomfi ne afɔremuka maa Baal wɔ Samaria. \v 33 Afei, osii Asera dua. Ɔkɔɔ so yɛɛ pii de hyɛɛ \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn abufuw sen ahemfo a wɔadi nʼanim wɔ Israel no nyinaa. \p \v 34 Ahab ahenni so na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Hiel a ofi Bet-El san kyekyeree Yeriko. Ɔtoo fapem no, nʼabakan Abiram wui. Na otintim abɔntenpon de wiee no nso, ne kaakyiri Segub nso wui. Eyi nyinaa sisii, sɛnea asɛm a efi \nd Awurade\nd* nkyɛn fa Yeriko ho a Nun babarima Yosua kae no te. \c 17 \s1 Kwaakwaadabi Ma Elia Aduan \p \v 1 Afei, Elia a ofi Tisbi a ɛwɔ Gilead no ka kyerɛɛ ɔhene Ahab se, “Mmere dodow a \nd Awurade\nd*, Onyankopɔn a mesɔre no som no, Israel Nyankopɔn te ase yi, ɛbɔ rensi, na osu nso rentɔ mfe kakraa bi mu, gye sɛ ɛnam mʼasɛm so.” \p \v 2 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Elia se, \v 3 “Kɔ asu Kerit a ɛwɔ apuei fam no a ɛbɔ Asubɔnten Yordan mu no, na kohintaw hɔ. \v 4 Nom asu no mu nsu, na di nea kwaakwaadabi no de bɛbrɛ wo, efisɛ, mahyɛ sɛ wɔmmrɛ wo aduan.” \p \v 5 Enti Elia yɛɛ sɛnea \nd Awurade\nd* aka akyerɛ no no. Ɔbɔɔ atenae wɔ asu Kerit ho. \v 6 Kwaakwaadabi no brɛɛ no brodo ne nam anɔpa ne anwummere biara, na ɔnom nsu fii asu no mu. \v 7 Akyiri no, asu no yowee, efisɛ na osu ntɔ wɔ asase no so baabiara. \s1 Elia Ne Sarefat Ɔbea Kunafo No \p \v 8 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ Elia se, \v 9 “Kɔ na kɔtena akuraa Sarefat a ɛbɛn Sidon kurow no mu. Okunafo bi wɔ hɔ a ɔbɛma wo aduan adi. Makyerɛ no nea ɔnyɛ.” \p \v 10 Na Elia kɔɔ Sarefat. Oduu kurow no abɔntenpon no ano no, ohuu okunafo bi a ɔrehwehwɛ mmabaa. Obisaa no se, “Mesrɛ wo, wubetumi ama me nsu kuruwa ma bi?” \v 11 Ɔrekɔsaw nsu no aba no, ɔsrɛɛ no se, “Ɛyɛ a fa brodo sin bi nso ka ho.” \p \v 12 Okunafo no kae se, “Meka \nd Awurade\nd*, wo Nyankopɔn no ntam se, minni brodo sin koraa wɔ fie. Na nea mewɔ wɔ fie yɛ asikresiam kakra ne ngo toa ase kakraa bi. Mekɔpɛɛ mmabaa kakra a mede bɛnoa aduan a etwa to, na me ne me babarima adi, na afei yɛawuwu.” \p \v 13 Nanso Elia ka kyerɛɛ no se, “Nsuro! Kɔ na kɔnoa aduan a etwa to no. Nanso ɛyɛ a, to brodo ketewa bi di kan ma me ansa. Na ɛno akyi no, aduan bebree bɛka ama wo ne wo ba no. \v 14 Na sɛɛ na \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn ka, ‘Daa asikresiam ne ngo pii bɛka wɔ wo adekorade no mu kosi bere a \nd Awurade\nd* bɛma osu atɔ, ama nnɔbae anyin bio.’ ” \p \v 15 Na ɔyɛɛ sɛnea Elia kae no. Enti ɔno, Elia ne ne ba no kɔɔ so dii asikresiam ne ngo a na ɔwɔ no ara nna bebree. \v 16 Bere biara na wɔwɔ asikresiam ne ngo a ɛbɛso wɔn di wɔ wɔn adekorade mu sɛnea \nd Awurade\nd* nam Elia so hyɛɛ ho bɔ no. \p \v 17 Akyiri no, ɔbea no babarima no yaree. Ɔyare no kɔɔ so ara kosii sɛ abofra no wui. \v 18 Ɔbea no bisaa Elia se, “Onyankopɔn nipa, dɛn na woayɛ me yi? Wobaa ha sɛ worebɛtwe mʼaso wɔ me bɔne a mayɛ ho nti na woakum me ba yi?” \p \v 19 Nanso Elia ka kyerɛɛ no se, “Fa wo ba no ma me.” Na ogyee abarimaa no fii ne nsam. Ɔde no kɔɔ soro dan\f + \fr 17.19 \fr*\ft Abansoro dan no yɛ ahɔhodan na wɔkora aduan wɔ hɔ.\ft*\f* bi a wɔsoɛɛ mu no mu. Ɔde owufo no too ne mpa so. \v 20 Elia su guu \nd Awurade\nd* so se, “\nd Awurade\nd*, adɛn nti na wode saa awerɛhow yi abɛto okunafo yi a ɔde ne fi asom me hɔho yi so, na wama ne ba awu yi?” \v 21 Obutuw abofra no so mprɛnsa, su guu \nd Awurade\nd* so se, “Ao \nd Awurade\nd*, me Nyankopɔn, mesrɛ, ma abofra yi nnya nkwa bio.” \p \v 22 \nd Awurade\nd* tiee Elia mpaebɔ, na abofra no nyaa nkwa bio. \v 23 Enti Elia de no fi soro hɔ brɛɛ ne na, ka kyerɛɛ no se, “Hwɛ, wo ba no anyan.” \p \v 24 Na ɔbea no ka kyerɛɛ Elia se, “Afei, mahu pefee sɛ woyɛ Onyankopɔn nipa, na \nd Awurade\nd* kasa fa wo so ampa.” \c 18 \s1 Karmel Bepɔw So Akansi \p \v 1 Mfe abiɛsa akyi no, \nd Awurade\nd* asɛm baa Elia nkyɛn se, “Fa wo ho kɔkyerɛ ɔhene Ahab na ka kyerɛ no se ɛrenkyɛ biara, mɛma osu atɔ asase no so.” \v 2 Elia de ne ho kɔkyerɛɛ ɔhene Ahab. \p Na ɔkɔm no ano yɛɛ den yiye wɔ Samaria. \v 3 Ahab frɛɛ Obadia a na ɔhwɛ nʼahemfi so no. Na Obadia gye \nd Awurade\nd* di yiye. \v 4 Bere a na Isebel rekunkum \nd Awurade\nd* adiyifo no, Obadia faa adiyifo no ɔha de wɔn kosiee abodan abien mu a, wɔn mu aduonum biara da ɔbodan baako mu. Na ɔmaa wɔn aduan ne nsu. \v 5 Ahab ka kyerɛɛ Obadia se, “Kɔ na kɔhwehwɛ asase no so mmura ne abon nyinaa sɛ ebia yebenya sare ama apɔnkɔ ne mfurum yi awe sɛnea wɔrenwuwu.” \v 6 Enti wɔkyɛɛ asase no mu maa wɔn ho. Ahab faa fa na Obadia nso faa fa. \p \v 7 Obadia nam no, Elia hyiaa no. Obadia huu no, kaee no nti, ɔkotow no wɔ fam kae se, “Enti wo ni, me wura Elia?” \p \v 8 Elia buae se, “Yiw, kɔka kyerɛ wo wura se, ‘Elia wɔ ha.’ ” \p \v 9 Obadia bisae se, “Me wura, dɛn bɔne na mayɛ a enti woresoma me Ahab nkyɛn ama wɔakum me yi? \v 10 Mmere dodow a \nd Awurade\nd*, wo Nyankopɔn te ase yi, ɔman anaa ahemman biara nni hɔ a me wura nsomaa obi wɔ so sɛ ɔnhwehwɛ wo. Na ɔman anaa ahemman biara a wɔbɛka sɛ wunni so no, ɔma wɔka ntam, ka se wɔanhu wo. \v 11 Na afei, woka kyerɛ me sɛ menkɔ me wura nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se, ‘Elia wɔ ha.’ \v 12 Minnim baabi a sɛ migyaw wo hɔ kɔ a, \nd Awurade\nd* honhom bɛpagyaw wo akosi. Sɛ mekɔka kyerɛ Ahab, na wanhu wo a, obekum me. Nanso me, wo somfo, masom \nd Awurade\nd* fi me mmofraase. \v 13 Me wura, wontee nea meyɛɛ bere a na Isebel rekunkum \nd Awurade\nd* adiyifo no ana? Mede \nd Awurade\nd* adiyifo no ɔha siee abodan abien mu a, na wɔn mu aduonum wɔ ɔbodan baako biara mu. Memaa wɔn aduan ne nsu nso. \v 14 Na afei, woka kyerɛ me se menkɔ me wura nkyɛn nkɔka nkyerɛ no se, ‘Elia wɔ ha!’ Obekum me!” \p \v 15 Elia kaa se, “Mmere dodow a \nd Awurade\nd* a mesom no te ase yi, nea ɛbɛyɛ biara, mede me ho bɛma Ahab nnɛ.” \p \v 16 Enti Obadia kohyiaa Ahab, ka kyerɛɛ no, na Ahab kohyiaa Elia. \v 17 Ohuu Elia no, obisaa no se, “Wo ni, wo a wohaw Israelfo?” \p \v 18 Elia buae se, “Menhaw Israel ɔkwan biara so. Na mmom, wo ne wʼagya fifo na moahaw Israel. Moagyae \nd Awurade\nd* mmara so di, akodi Baal akyi. \v 19 Enti frɛ Israel nnipa nyinaa na wommehyia me Karmel bepɔw so. Na fa Baal adiyifo ahannan aduonum ne Asera adiyifo ahannan a wodidi Isebel didipon so no nso bra.” \p \v 20 Na Ahab soma kɔɔ Israel nyinaa kɔboaboaa adiyifo no ano wɔ Karmel bepɔw so. \v 21 Elia dii nnipa no anim kae se, “Moadwene bɛyɛ ntanta wɔ saa asɛm yi ho akosi da bɛn? Sɛ \nd Awurade\nd* yɛ Onyankopɔn a, munni nʼakyi, na sɛ Baal nso yɛ Onyankopɔn a, munni nʼakyi.” Nanso nnipa no yɛɛ dinn. \p \v 22 Elia ka kyerɛɛ ɔman no se, “Me nko ara ne \nd Awurade\nd* odiyifo a maka, nanso Baal wɔ adiyifo ahannan aduonum. \v 23 Momma yɛn anantwinini abien. Momma wonyi mu baako, na wontwitwa no asinasin mfa ngu nnyina so, nsɔ wɔn mu gya. Nantwinini baako a waka no, mɛyɛ ne ho adwuma de agu nnyina so a merento mu gya. \v 24 Na mobɛfrɛ mo nyame na me nso mafrɛ \nd Awurade\nd*. Onyame a ɔnam ogya so gye so no, ɔno ne Onyankopɔn.” \p Ɔmanfo no nyinaa penee so. \p \v 25 Elia ka kyerɛɛ Baal adiyifo no se, “Momfa anantwinini no baako, na munni kan nsiesie no, efisɛ mo dɔɔso. Momfrɛ mo nyame a, monnto mu gya.” \v 26 Enti wɔfaa nantwinini a wɔkae se wɔmfa no no, siesiee no too afɔremuka no so. Afei, wɔfrɛɛ Baal, frɛɛ no, frɛɛ no fi anɔpa mu nyinaa se, “Ao, Baal! Tie yɛn oo!” Wɔteɛteɛɛ mu saa ara, nanso wɔannya mmuae biara! Afei wɔde anibere saw faa afɔremuka a wɔasi no ho hyiae. \p \v 27 Eduu owigyinae no, Elia dii wɔn ho fɛw se, “Monteɛteɛ mu den! Ɔyɛ onyame! Ebia, ɔredwen biribi ho denneennen anaa ɔregye nʼahome, onyaa adagyew anaa watu kwan. Ebi nso a, na wada a ɛsɛ sɛ wonyan no.” \v 28 Enti wɔteɛteɛ mu den, de afoa twitwaa wɔn ho wɔn ho, wowɔɔ wɔn ho wɔn ho peaw sɛnea wɔn amanne te, maa mogya pram wɔn. \v 29 Owigyinae no twaa mu mpo no wɔtoaa wɔn nkɔmhyɛ no so, kosii anwummere afɔrebɔ bere no mu. Nanso mmuae biara amma. Wɔante obiara nne na obiara annye wɔn so. \p \v 30 Afei, Elia ka kyerɛɛ ɔmanfo no nyinaa se, “Mommra me nkyɛn ha.” Wɔkɔɔ ne nkyɛn, na osiesiee \nd Awurade\nd* afɔremuka a na abubu no. \v 31 Elia faa abo dumien a baako biara gyina hɔ ma Israel abusuakuw baako, \v 32 na ɔde abo no san sii \nd Awurade\nd* afɔremuka no. Na otwaa amoa a ne trɛw bɛyɛ anammɔn abiɛsa faa afɔremuka no ho hyiae. \v 33 Ɔde nnyansin guu afɔremuka no so, twitwaa nantwinini no asinasin guu so. Afei ɔkae se, “Monhyɛ nhina akɛse no nsu ma ma, na munhwie ngu afɔrebɔde no ne nnyansin no so.” \p Wɔyɛɛ nea ɔkae no wiei no, \v 34 ɔkae se, “Monyɛ saa ara bio!” \p Na wɔyɛɛ saa wiei no, ɔkae se, “Monyɛ saa ne mprɛnsa so.” Wɔyɛɛ sɛnea ɔkae no, \v 35 maa nsu no sen faa afɔremuka no ho, maa mpo, ebu faa amoa no so. \p \v 36 Eduu bere a ɛsɛ sɛ wɔbɔ anwummere afɔre, sɛnea wɔn amanne kyerɛ no, odiyifo Elia kɔɔ afɔremuka no so, bɔɔ mpae se, “\nd Awurade\nd*, Abraham, Isak ne Yakob Nyankopɔn, kyerɛ nnɛ sɛ woyɛ Nyankopɔn wɔ Israel, na meyɛ wo somfo. Kyerɛ sɛ, nea mereyɛ yi nyinaa fi wo. \v 37 \nd Awurade\nd*, tie me! Tie me na saa nnipa yi nyinaa nhu sɛ, \nd Awurade\nd*, woyɛ Onyankopɔn a woatwe wɔn asan aba wo nkyɛn.” \p \v 38 Nʼano sii pɛ, na ogya a efi \nd Awurade\nd* nkyɛn tew fii soro bɛhyew nantwinini ba no, nnyansin no, abo no ne mfutuma no. Mpo, ɛyow amoa no mu nsu no nyinaa. \p \v 39 Nnipa no hui no, wɔde wɔn anim butubutuw fam, teɛteɛɛ mu se, “\nd Awurade\nd* yɛ Onyankopɔn! \nd Awurade\nd* yɛ Onyankopɔn!” \p \v 40 Na Elia hyɛe se, “Monkyere Baal adiyifo no nyinaa. Mommma wɔn mu baako koraa nguan.” Enti ɔmanfo no kyekyeree wɔn nyinaa. Na Elia de wɔn kɔɔ Kison bon mu kokunkum wɔn wɔ hɔ. \s1 Elia Bɔ Osutɔ Ho Mpae \p \v 41 Elia ka kyerɛɛ Ahab se, “Kɔ na kodi aduan pa, ma wo ho ntɔ wo! Na mate sɛ osu kɛse bi rebɛtɔ.” \v 42 Enti Ahab too pon. Na Elia foro kɔɔ Karmel bepɔw atifi, kobutuw fam, bɔɔ mpae. \p \v 43 Na ɔka kyerɛɛ ne somfo se, “Kɔ na fa wʼani kyerɛ po so.” \p Ɔsomfo no kɔ kɔhwɛɛ hɔ, na ɔba bɛka kyerɛɛ Elia se, “Manhu hwee.” \p Elia kaa saa kyerɛɛ no mpɛn ason sɛ ɔmfa nʼani nkɔkyerɛ hɔ. Ɔno nso kɔɔ mpɛn ason. \p \v 44 Ne mpɛn ason so no, ne somfo no ka kyerɛɛ no se, “Mihuu omununkum bi a ɛte sɛ onipa abasa a apue afi po no so reforo.” \p Ɛhɔ ara na Elia teɛɛ mu se, “Ntɛm! Kɔ Ahab nkyɛn kɔka kyerɛ no. ‘Foro wo teaseɛnam no, na san kɔ fie. Sɛ woanka wo ho a, osu no besiw wo kwan.’ ” \p \v 45 Ankyɛ biara na osu munaa tumm. Osuframa bɔe, na osu kɛse tɔe, na ntɛm so, Ahab kɔɔ Yesreel. \v 46 Afei, \nd Awurade\nd* maa Elia ahoɔden sononko bi. Ɔkekaa nʼatade hyɛɛ nʼabɔso mu, na odii Ahab teaseɛnam no kan ara kosii Yesreel kwan ano. \c 19 \s1 Elia Guan Kɔ Bepɔw Sinai So \p \v 1 Bere a Ahab duu fie no, ɔkaa nea Elia ayɛ nyinaa ne sɛnea wakunkum Baal adiyifo nyinaa no kyerɛɛ Isebel. \v 2 Enti Isebel de saa nkra yi kɔmaa Elia se, “Sɛ ɔkyena sesɛɛ na minkum wo, sɛnea woakum nkurɔfo yi a, anyame no nkum me bi.” \p \v 3 Elia tee nkra no, osuroe, enti oguan de peree ne ti. Ɔkɔɔ kurow bi a ɛwɔ Yuda a wɔfrɛ no Beer-Seba, gyaw ne somfo wɔ hɔ, \v 4 na nʼankasa nantew da mu nyinaa kɔɔ sare so. Ɔkɔtenaa dutan bi a na ayɛ frɔmfrɔm ase, na ɔbɔɔ mpae sɛ anka onwu. Ɔkae se, “Nea mahu no ara dɔɔ me so, \nd Awurade\nd*. Twa me nkwa so na minnye nsen mʼagyanom.” \p \v 5 Na ɔdaa dua no ase. \p Na ne nna mu no, ɔbɔfo bɛkaa no, ka kyerɛɛ no se, “Sɔre na didi.” \v 6 Ɔhwɛɛ ne ho hyia huu brodo bi a wɔato no nnyansramma so, ne kuruwa a nsu wɔ mu. Enti odidii, nom nsu no, san daa bio. \p \v 7 Na \nd Awurade\nd* bɔfo no san baa bio bɛkaa no kae se, “Sɔre na didi pii ka ho, na ɔkwan a ɛda wʼanim no ware.” \v 8 Enti ɔsɔre didi nomee. Aduan no maa no nyaa ahoɔden a ɔde betwa kwan adaduanan, awia ne anadwo akɔ Horeb\f + \fr 19.8 \fr*\ft Herob yɛ Sinai Bepɔw no din foforo a ɛhɔ na Onyankopɔn yii ne ho adi kyerɛɛ Mose.\ft*\f* a ɛyɛ Onyankopɔn bepɔw no so. \v 9 Okoduu ɔbodan bi ho, na ɔdaa mu anadwo no. \s1 \nd Awurade\nd* Kasa Kyerɛ Elia \p Na \nd Awurade\nd* bisaa no se, “Elia, dɛn na woreyɛ wɔ ha?” \p \v 10 Elia buae se, “Mede ahoɔden asom Asafo \nd Awurade\nd* Nyankopɔn. Nanso Israelfo abu apam a wɔne wo hyehyɛe no so, nam so abubu wʼafɔremuka nyinaa, akunkum wʼadiyifo a anka obiara. Me nko ara na maka, nanso wɔrehwehwɛ me akum me nso.” \p \v 11 \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ no se, “Fi adi kogyina mʼanim wɔ bepɔw no so.” Na bere a Elia gyina hɔ no, \nd Awurade\nd* bɛfaa hɔ, na mframa dennen bi bɔ sii bepɔw no mu. \p Na mframa no ano den no twitwaa abotan no mu. Nanso na \nd Awurade\nd* nni mframa no mu. Mframa no akyi no, asase wosowee. Nanso na \nd Awurade\nd* nni asasewosow no mu. \v 12 Na asasewosow no akyi, ogya puei. Nanso na \nd Awurade\nd* nni ogya no mu. Na ogya no akyi, nne bi a ɛyɛ bɔkɔɔ te sɛ nea wɔde ka asomsɛm bae. \v 13 Elia tee nne no, ɔde nʼatade kataa nʼanim\f + \fr 19.13 \fr*\ft Elia kataa nʼanim, efisɛ obiara nhu Onyankopɔn mma onnya nkwa\ft*\f* na ofi ɔbodan no mu, kogyinaa ano kwan no ano. \p Na nne bi bisae se, “Elia, dɛn na woreyɛ wɔ ha?” \p \v 14 Obuaa bio se, “Mede ahoɔden asom Asafo \nd Awurade\nd* Nyankopɔn. Nanso Israelfo abu apam a wɔne wo hyehyɛe no so, nam so abubu wʼafɔremuka nyinaa, akunkum wʼadiyifo a anka obiara. Me nko ara na maka, nanso wɔrehwehwɛ me akum me nso.” \p \v 15 Na \nd Awurade\nd* ka kyerɛɛ no se, “San wʼakyi kɔ faako a wufi bae, na kɔ Damasko sare so. Na sɛ wudu hɔ a, sra Hasael ngo, si no Aramhene. \v 16 Afei, sra Nimsi babarima Yehu, na ɔnyɛ Israelhene, na sra Safat babarima Elisa a ofi Abel-Mehola, na onsi wʼanan mu sɛ me diyifo. \v 17 Obiara a obeguan afi Hasael ho no, Yehu bekum no, na obiara a obeguan afi Yehu ho nso no, Elisa bekum no. \v 18 Eyinom akyi no, mɛbɔ nnipa afoforo mpem ason bi a wɔwɔ Israel a wɔnkotow Baal, mfew nʼano da, no ho ban.” \s1 Elisa Frɛ \p \v 19 Na Elia fii hɔ kɔ kohuu Safat babarima Elisa, na ɔde anantwi mpamho dumien refuntum afuw a nʼankasa reka mpamho a ɛto so dumien no. Elia kɔɔ ne nkyɛn kɔtow nʼatade guu ne so. \v 20 Elisa gyaw anantwi no hɔ, tuu mmirika dii Elia akyi, ka kyerɛɛ no se, “Ma menkɔkra mʼagya ne me na ansa na me ne wo akɔ.” \p Elia buae se, “San kɔ. Dɛn na mayɛ wo?” \p \v 21 Afei, Elisa san kɔɔ anantwi no ho kokunkum wɔn. Ɔde funtumfiri no ho nnua no yɛɛ nnyansin de noaa nam no de maa mmarima no ma wɔwee. Afei ɔkɔ kodii Elia akyi ma ɔbɛyɛɛ ne somfo. \c 20 \s1 Ben-Hadad Tow Hyɛ Samaria So \p \v 1 Aramhene Ben-Hadad boaboaa nʼakofo nyinaa ano, a nteaseɛnam ne apɔnkɔ a wɔyɛ ahemfo aboafo aduasa abien de ka ne ho. Wokotuaa Israel kuropɔn Samaria ano, tow hyɛɛ so. \v 2 Ben-Hadad somaa abɔfo kɔɔ kurow no mu, sɛ wɔnkɔka nkyerɛ ɔhene Ahab se, “Ben-Hadad se, \v 3 ‘Mo dwetɛ ne mo sikakɔkɔɔ yɛ me de. Saa ara na mo yerenom ne mo mma mu apapa no nso yɛ me de.’ ” \p \v 4 Ahab buae se, “Mate, me wura! Nea mewɔ nyinaa yɛ wo de.” \p \v 5 Ankyɛ biara Ben-Hadad abɔfo san baa bio bɛkae se, “Ben-Hadad se, ‘Maka dedaw sɛ momfa mo dwetɛ, sikakɔkɔɔ, mo yerenom ne mo mma mma me. \v 6 Ɔkyena sesɛɛ, mɛsoma me mpanyimfo, na wɔabɛhwehwɛ mo ahemfi ne mo nkurɔfo afi. Na biribiara a ɛsom bo ma mo no, wɔbɛfa de akɔ.’ ” \p \v 7 Na Ahab frɛɛ asase no so ntuanofo no nyinaa, ka kyerɛɛ wɔn se, “Monhwɛ sɛnea saa ɔbarima yi pɛ sɛ ɔde ɔhaw ba. Mapene so dedaw sɛ mede me yerenom, me mma, me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ bɛma no.” \p \v 8 Ntuanofo ne nnipa no nyinaa kae se, “Ntie no, na nnye nʼabisade no nto mu.” \p \v 9 Enti Ahab ka kyerɛɛ abɔfo a wofi Ben-Hadad nkyɛn bae no se, “Monkɔka saa asɛm yi nkyerɛ me wura ɔhene se, ‘Biribiara a obisaa kan no de, mede bɛma no. Na nea obisaa no akyiri yi de, merentumi mfa mma no.’ ” Enti Ben-Hadad abɔfo no san kɔbɔɔ no amanneɛ. \p \v 10 Na Ben-Hadad soma kɔka kyerɛɛ Ahab se, “Sɛ mansɛe Samaria pasaa, na emu mfutuma dodow bi ka a ɛbɛboro asraafo no mu biara nsa ma a, anyame no ntwe mʼaso nea ɛyɛ den.” \p \v 11 Israelhene nso soma ma wɔkɔka kyerɛɛ no se, “Ɛnsɛ sɛ ɔkofo kɛse a ɔrefa nʼafoa akɔ akono tu ne ho sɛ ɔkofo kɛse a wadi nkonim dedaw.” \p \v 12 Ahab mmuae yi duu Ben-Hadad ne ahemfo a wɔaka no asom bere a na wɔrenom nsa wɔ wɔn ntamadan mu. Ɔhyɛɛ ne mmarima no se, “Munsiesie mo ho nkɔko.” Enti wosiesiee wɔn ho sɛ wɔrekɔtow ahyɛ kuropɔn no so. \s1 Ahab Di Ben-Hadad So Nkonim \p \v 13 Na odiyifo bi behuu ɔhene Ahab ka kyerɛɛ no se, “Sɛnea \nd Awurade\nd* se ni, ‘Wuhu saa atamfo dɔm yi? Nnɛ, mede wɔn bɛhyɛ wo nsa. Na wubehu sɛ mene \nd Awurade\nd*.’ ” \p \v 14 Ahab bisae se, “Na dɛn na ɔbɛyɛ no?” Na odiyifo no buae se, “Sɛnea \nd Awurade\nd* se ni, ‘Asraafo so asahene a wotuatua amansin ano no na wɔbɛyɛ.’ ” \p Ahab bisae se, “Enti yenni kan ntow nhyɛ wɔn so ana?” \p Odiyifo no buae se, “Yiw.” \p \v 15 Enti Ahab boaboaa asraafo so asahene nkumaa ahannu aduasa abien wɔhyehyɛ amansin asahene ase ano. Afei, ɔfrɛɛ Israel akofo a wɔaka a wɔn nyinaa dodow yɛ mpem ason no. \v 16 Ɛbɛyɛ owigyinae a Ben-Hadad ne nʼapamfo ahemfo aduasa abien gu so rebow nsa wɔ wɔn ntamadan mu no, \v 17 amansin asahene asraafo no tuu teɛe, fii kurow no mu. Wɔrebɛn no, Ben-Hadad akwansrafo ka kyerɛɛ no se, “Asraafo dɔm bi fi Samaria reba.” \p \v 18 Ben-Hadad hyɛe se, “Sɛ wɔbaa asomdwoe anaa ɔko so a, monkyere wɔn anikann.” \p \v 19 Nanso saa bere no, na Ahab amansin asahene nkumaa no adi kan a asraafo no bɔ wɔn kyidɔm \v 20 a Israel ɔsraani biara kum ne tamfo Aram ɔsraani a ɔne no dii asi. Ɛno nti, amono mu hɔ ara, Aram asraafo no bɔɔ hu, guanee. Israelfo no taa wɔn, nanso ɔhene Ben-Hadad ne ne nkurɔfo kakra bi de, wɔtenaa apɔnkɔ so guanee. \v 21 Nanso wɔsɛee apɔnkɔ ne nteaseɛnam a ɛkaa hɔ no nyinaa, kunkum Aramfo no. \p \v 22 Akyiri no, odiyifo no ka kyerɛɛ Ahab se, “Siesie wo ho ma ɔko foforo na Aramhene bɛba asusowbere mu.” \s1 Ben-Hadad Ɔtow A Ɛto So Abien \p \v 23 Wodii Ben-Hadad so no, ne mpanyimfo no ka kyerɛɛ no se, “Israel anyame no yɛ mmepɔw anyame, na ɛno nti na ɛma wodii nkonim no. Na sɛ wodu tataw so a, yebedi wɔn so nkonim a yɛremmrɛ ho koraa. \v 24 Nea ɛho hia ara ne sɛ, saa bere yi, ɛsɛ sɛ wode akono asahene sisi ahemfo no anan mu. \v 25 Momfa asraafo foforo a wɔn dodow te sɛ wɔn a wohweree wɔn no ara. Ma yɛn apɔnkɔ no dodow, nteaseɛnam ne mmarima dodow saa ara, na yebetumi ne wɔn adi asi wɔ tataw so. Akyinnye biara nni ho sɛ yebedi wɔn so.” Enti ɔhene Ben-Hadad yɛɛ wɔn abisade maa wɔn. \p \v 26 Na afe so no, ɔfrɛɛ Aram asraafo, tuu teɛ kɔɔ Israelfo so wɔ Afek sɛ wɔne wɔn rekɔko. \v 27 Israel boaboaa nʼasraafo ano, twaa sa, de wɔn ho hyɛɛ ɔko no mu. Na sɛ wɔde Israel asraafo no toto Aram asraafo no dodow a wɔahyɛ hɔ ma no ho a, na Israel asraafo no dodow te sɛ mmirekyikuw nketewa abien bi. \p \v 28 Onyankopɔn nipa no kɔɔ Israelhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Sɛnea \nd Awurade\nd* se ni: Aramfo no aka se, ‘\nd Awurade\nd* yɛ mmepɔw \nd Awurade\nd* na ɔnyɛ tataw so Awurade. Enti mɛboa wo ama woadi asraafo buburugyaa yi so. Na ɛbɛma woahu sɛ, mene \nd Awurade\nd* no.’ ” \p \v 29 Asraafo dɔm abien yi bobɔɔ wɔn atenae, ma edii nhwɛanim nnanson. Na nnanson so no, ɔko no hyɛɛ ase. Da no ara, Israelfo no kunkum Aram anammɔnmufo asraafo no mpem ɔha. \v 30 Nkae no guan kɔtɛw Afek fasu akyi, nanso ɔfasu no bu guu wɔn so, kum mpem aduonu ason. Ben-Hadad guan kɔtɛw kokoa mu dan bi mu wɔ kurow no mu. \p \v 31 Ben-Hadad mpanyimfo ka kyerɛɛ no se, “Owura, yɛate sɛ Israel ahemfo wɔ ahummɔbɔ. Ɛno nti, momma yemfura atweaatam, mfa hama mmɔ yɛn ti ase mfa nkyerɛ ahobrɛase. Na ebia, ɔhene Ahab bɛma woatena ase.” \p \v 32 Enti wofurafuraa atweaatam, de ahama bobɔɔ wɔn ti, kɔɔ Israelhene nkyɛn kɔsrɛɛ no se, “Wo somfo Ben-Hadad se, ‘Mesrɛ wo, ma me ntena nkwa mu.’ ” Israelhene no bisae se, “Ɔda so te ase ana? Ɔyɛ me nuabarima!” \p \v 33 Mmarima no yɛɛ ntɛm soo anidaso a enni nnyinaso yi mu, buae se, “Yiw, wo nua Ben-Hadad.” \p Israelhene no ka kyerɛɛ wɔn se, “Monkɔfa no mmra.” Bere a wɔde Ben-Hadad bae no, Ahab ma ɔkɔtenaa ne teaseɛnam mu. \p \v 34 Ben-Hadad ka kyerɛɛ no se, “Mede nkurow a mʼagya gye fii wʼagya nsam no bɛsan ama wo, na woahyehyɛ aguadi wɔ Damasko, sɛnea mʼagya yɛɛ wɔ Samaria no.” \p Na Ahab kae se, “Saa nhyehyɛe yi so na megyina na magyaa wo.” Enti, wɔyɛɛ apam, na wogyaa Ben-Hadad. \s1 Odiyifo Bi Bu Ahab Atɛn \p \v 35 Bere no ara mu, \nd Awurade\nd* see adiyifokuw no mu baako se, ɔnka nkyerɛ ɔfoforo se, “Fa wʼakode no bɔ me.” Nanso wanyɛ. \p \v 36 Na saa odiyifo no ka kyerɛɛ ɔfoforo no se, “Sɛ woantie \nd Awurade\nd* nne nti, sɛ wufi ha ara pɛ a, gyata bekum wo.” Ampa ara, ofii hɔ ara pɛ na gyata huu no kum no. \p \v 37 Na odiyifo no kɔɔ ɔbarima foforo nkyɛn kɔka kyerɛɛ no se, “Fa wʼakode yi bɔ me.” Ɔno de, ɔbɔɔ odiyifo no, piraa no. \p \v 38 Odiyifo no twɛn ɔhene no wɔ ɔkwankyɛn a ɔde ntamabamma akyekyere nʼani, de pɛɛ sɛ ɔsakra ne ho. \v 39 Ɔhene no retwa mu no, odiyifo no frɛɛ no se, “Owura, na mewɔ akono na ɔbarima bi de odeduani brɛɛ me. Ɔkae se, ‘Wɛn saa ɔbarima yi, na sɛ biribi nti oguan a, wobekum wo anaasɛ wɔbɛbɔ wo ka dwetɛ kilogram aduasa awotwe.’ \v 40 Na bere a mʼani abere redi dwuma bi no, odeduani no guanee. Na ɔhene no kae se, ‘Ɛyɛ wʼankasa wo mfomso. Wo ara woabu wo ho atɛn.’ ” \p \v 41 Ɛhɔ ara na odiyifo no san ntamabamma no fii nʼani, na Israelhene no huu no sɛ ɔyɛ adiyifo no mu baako. \v 42 Na odiyifo no ka kyerɛɛ no se, “Sɛnea \nd Awurade\nd* se ni: Esiane sɛ woagyaa ɔbarima a mekae se, ɛsɛ sɛ wokum no no nti, ɛsɛ sɛ wokum wo mprempren si nʼanan mu. Na anka ɛsɛ sɛ ne nkurɔfo na mukunkum wɔn, na mmom, wo nkurɔfo na wobekunkum wɔn.” \v 43 Israelhene no de abufuw kɔɔ nʼahemfi wɔ Samaria. \c 21 \s1 Nabot Bobeturo \p \v 1 Na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Nabot a ofi Yesreel wɔ bobeturo bi a ɛbɛn Samariahene Ahab ahemfi. \v 2 Ahab ka kyerɛɛ Nabot se, “Fa wo bobeturo no ma me, na memfa asase no nyɛ atosodeturo, efisɛ ɛbɛn mʼahemfi pɛɛ. Sɛ wopene so de ma me a, mɛma wo bobeturo papa, na sɛ nso wopɛ a, bo biara a asase no di no, metua.” \p \v 3 Nanso Nabot buae se, “\nd Awurade\nd* mma ɛmpare me sɛ mede mʼagyanom agyapade bɛma wo.” \p \v 4 Enti Ahab san kɔɔ ahemfi hɔ a ne bo afuw ne ho pɔtɔɔ. Ɔkɔdae a wannidi, de nʼanim kyerɛɛ ɔfasu. \p \v 5 Ne yere Isebel bebisaa no se, “Adɛn nti na woayɛ bosaa saa? Adɛn nti na wompɛ sɛ wudidi?” \p \v 6 Obuaa no se, “Meka kyerɛɛ Nabot, Yesreelni no se, ɔntɔn ne bobeturo no mma me anaasɛ, mɛma no bi ahyɛ anan, nanso wampene.” \p \v 7 Ne yere Isebel bisae se, “Wonyɛ Israelhene ana? Sɔre na didi! Mma eyi nhaw wo. Megye Nabot bobeturo no ama wo!” \p \v 8 Na Isebel kyerɛw nkrataa wɔ Ahab din mu, de ne nsɔwano sɔw ano, de kɔmaa mpanyimfo ne akunini a wɔne Nabot te kuropɔn no mu no. \v 9 Krataa no mu nsɛm ne sɛ: \pm “Yi da bi to hɔ a wɔde bɛyɛ akɔnkyen, na ma Nabot ntena anuonyambea wɔ nnipa no mu. \v 10 Monhwehwɛ ahuhufo baanu na wɔmmɔ no kwaadu sɛ, wadome Onyankopɔn ne ɔhene. Na afei, momfa no mfi adi, nkosiw no abo nkum no.” \p \v 11 Enti mpanyimfo ne atitiriw a wɔte Nabot kurow no mu no yɛɛ nea Isebel kaa wɔ nkrataa no mu sɛ wɔnyɛ no. \v 12 Wofii akɔnkyen no ase, de Nabot tenaa anuonyambea wɔ nnipa no mu. \v 13 Na ahuhufo baanu no bɛbɔɔ Nabot kwaadu wɔ nnipa no anim sɛ, wadome Onyankopɔn ne ɔhene. Enti wɔde no kɔɔ kurotia, kosiw no abo kum no. \v 14 Na wɔsoma kɔɔ Isebel nkyɛn, kɔka kyerɛɛ no se, “Wɔasiw Nabot abo, ama wawu.” \p \v 15 Bere a Isebel tee sɛ wɔasiw Nabot abo, akum no no ara pɛ, ɔka kyerɛɛ Ahab se, “Sɔre na kɔfa Nabot, Yesreelni no bobeturo no a ɔde kamee wo sɛ ɔrentɔn mma wo no. Ɔnte ase bio, na wawu.” \v 16 Enti ɛhɔ ara, Ahab sian kɔfaa Nabot bobeturo no. \p \v 17 Na \nd Awurade\nd* asɛm baa Tisbini Elia hɔ sɛ, \v 18 “Kɔ na kohyia Israelhene Ahab a odi Samaria so no. Mprempren ara ɔwɔ Nabot bobeturo no mu a ɔrebɛfa. \v 19 Ka kyerɛ no se, ‘Ɛnnɔɔso sɛ wukum Nabot? Ɛsɛ sɛ wobɔ no korɔn nso? Nea woayɛ yi nti beae a akraman taforoo Nabot mogya no, ɛhɔ ara na akraman bɛtaforo wo mogya, Yiw, wʼankasa wo mogya!’ ” \p \v 20 Ahab ka kyerɛɛ Elia se, “Woahu me, me tamfo.” \p Obuae se, “Yiw maba bio efisɛ woatɔn wo ho ama ɔbɔnefo no wɔ \nd Awurade\nd* ani so. \v 21 ‘Mede ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛbrɛ wo. Mɛhyew wʼasefo nyinaa, na matwa ɔbarima a otwa to koraa wɔ Israel, sɛ ɔyɛ akoa anaa ɔdehye, afi Ahab ho. \v 22 Mɛma wo fi ayɛ sɛ Nebat babarima Yeroboam ne Ahiya babarima Baasa afi, efisɛ woahyɛ me abufuw ama Israel ayɛ bɔne!’ \p \v 23 “Na Isebel nso, \nd Awurade\nd* ka se, Yesreel akraman bɛwe ne nam wɔ kuropɔn no afasu ho. \p \v 24 “Wɔn a na wɔwɔ Ahab afa a wowuwuu wɔ kurow no mu no nso, akraman bɛwe wɔn nam, na apete nso asosɔw wɔn a wowuwuu wɔ wuram no nam.” \p \v 25 (Obiara nni hɔ a ɔtɔn ne ho maa bɔne wɔ \nd Awurade\nd* ani so, sɛnea Ahab yɛe no, efisɛ ne yere Isebel tuu no fo bɔne. \v 26 Ɔyɛɛ bɔne ara, kosii sɛ ɔkɔɔ ahoni so, te sɛ Amorifo\f + \fr 21.26 \fr*\ft Din Amorifo no gyina hɔ ma Palestinafo a na wɔte hɔ dedaw ansa na Israelfo reba no (\+xt 1 Mose 15.15; 2 Mose 23.23; 5 Mose 1.7\+xt*).\ft*\f* a \nd Awurade\nd* pam wɔn wɔ Israelfo anim no). \p \v 27 Ahab tee saa asɛm yi no, osunsuan ne ntade mu, furaa atweaatam, kyenee kɔm. Ofuraa atweaatam no saa de awerɛhow a emu yɛ den kyinkyinii. \p \v 28 Na \nd Awurade\nd* asɛm baa Tisbini Elia hɔ sɛ, \v 29 “Woahu sɛnea Ahab brɛɛ ne ho ase wɔ mʼanim? Esiane sɛ ɔbrɛɛ ne ho ase nti, meremfa saa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ yi a ɛwɔ hɔ ma no nnɛ yi mmrɛ no. Ɛbɛba ne mmabarima so; mɛsɛe nʼasefo nyinaa.” \c 22 \s1 Yehosafat Ne Ahab \p \v 1 Ɔko biara ansi Aram ne Israel ntam mfe abiɛsa. \v 2 Na mfe abiɛsa no mu, ɔhene Yehosafat a odi ade wɔ Yuda kɔɔ Israelhene Ahab nkyɛn. \v 3 Na Ahab abisa ne mpanyimfo se, “Moahu sɛ Aramfo da so te yɛn kurow Ramot Gilead mu ana? Nanso yɛnyɛɛ ho hwee!” \p \v 4 Enti obisaa Yehosafat se, “Wobɛka me ho na yɛako atia Ramot Gilead ana?” \p Na Yehosafat buaa ɔhene Ahab se, “Adɛn? Ɛyɛ asɛm a ɛda ne kwan mu. Wo ne me yɛ anuanom, na mʼakofo yɛ wo de sɛ wobɛka asɛm a wopɛ akyerɛ wɔn. Mpo, mʼapɔnkɔ da wo da.” \v 5 Na Yehosafat ka kaa ho se, “Nea edi kan no, ma yemmisa \nd Awurade\nd* hɔ afotu.” \p \v 6 Enti ɔhene Ahab frɛɛ nʼadiyifo a wɔn dodow bɛyɛ ahannan no nyinaa, bisaa wɔn se, “Menkɔko ntia Ramot Gilead anaa mennkɔ?” \p Wɔn nyinaa buae se, “Kɔ so! \nd Awurade\nd* bɛma woadi nkonim anuonyam so.” \p \v 7 Nanso Yehosafat bisae se, “Enti \nd Awurade\nd* diyifo biara nso nni ha? Anka mepɛ sɛ mibisa no saa asɛm koro no ara.” \p \v 8 Ɔhene Ahab buae se, “\nd Awurade\nd* diyifo baako da so wɔ ha, nanso metan no. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara sɛ nkɔm bɔne na ɔhyɛ fa me ho. Ne din de Mikaia a ɔyɛ Imla babarima.” \p Na Yehosafat kae se, “Nkasa saa. Momma yentie asɛm a ɔwɔ ka.” \p \v 9 Enti Israelhene frɛɛ ne mpanyimfo no mu baako, ka kyerɛɛ no se, “Ka wo ho kɔfa Imla babarima Mikaia bra.” \s1 Mikaia Hyɛ Nkɔm Tia Ahab \p \v 10 Israelhene Ahab ne Yudahene Yehosafat hyɛɛ wɔn ahemfo ntade, tenaa wɔn ahengua mu wɔ apongua a ɛbɛn Samaria kwan no ano. Saa bere no, na Ahab adiyifo no rehyɛ nkɔm wɔ wɔn anim. \v 11 Na wɔn mu baako a ɔyɛ Kenaana babarima Sedekia de nnade yɛɛ mmɛn, na ɔdaa no adi se, “Sɛnea \nd Awurade\nd* se ni: Mode saa mmɛn yi bɛwowɔ Aramfo yi ama wɔawuwu!” \p \v 12 Adiyifo a wɔwɔ hɔ no nyinaa penee so kae se, “Yiw, monkɔ Ramot-Gilead, na munkodi nkonim, efisɛ \nd Awurade\nd* bɛma moadi nkonim.” \p \v 13 Na ɔbɔfo a ɔkɔfaa Mikaia no ka kyerɛɛ no se, “Tie, adiyifo no nyinaa hyɛ nkonimdi ho nkɔm ma ɔhene. Hwɛ sɛ wo ne wɔn adwene bɛyɛ baako, na wo nso, wobɛhyɛ nkonimdi ho nkɔm.” \p \v 14 Nanso Mikaia buae se, “Mmere dodow a \nd Awurade\nd* te ase yi, nea \nd Awurade\nd* aka akyerɛ me sɛ menka no, ɛno na mɛka.” \p \v 15 Bere a Mikaia beduu ahemfi no, Ahab bisaa no se, “Mikaia, yɛnkɔko ntia Ramot-Gilead anaa yɛnnkɔ?” \p Na Mikaia buae se, “Monkɔ! Na \nd Awurade\nd* bɛma ɔhene adi nkonim anuonyam so.” \p \v 16 Ɔhene amma nʼano ansi, na obuaa no se, “Mpɛn ahe na menka nkyerɛ wo se, sɛ worekasa ama \nd Awurade\nd* a, ka nokwasɛm?” \p \v 17 Na Mikaia ka kyerɛɛ no se, “Anisoadehu mu, mihuu sɛ Israel abɔ apete mmepɔw no so, te sɛ nguan a wonni ɔhwɛfo. Na \nd Awurade\nd* kae se, ‘Wɔakum wɔn wura. Ma wɔnkɔ fie asomdwoe mu.’ ” \p \v 18 Israelhene ka kyerɛɛ Yehosafat se, “Manka saa ankyerɛ wo ana? Da biara saa na ɔyɛ. Ɔnhyɛ nkɔm pa biara sɛ atoro nkɔm na ɔhyɛ fa me ho.” \p \v 19 Mikaia toaa so se, “Tie nea \nd Awurade\nd* ka. Mihuu \nd Awurade\nd* sɛ ɔte nʼahengua so a ne ɔsorofo asraafo nyinaa atwa ne ho ahyia wɔ ne nifa ne ne benkum so.” \v 20 Na \nd Awurade\nd* bisae se, “Hena na obetumi adaadaa Ahab, ama wakɔ ɔko atia Ramot Gilead, a ebetumi aba sɛ wobekum no wɔ hɔ?” \p Wosusuw nsɛm ahorow bebree ho wɔ hɔ, \v 21 kosii sɛ ne koraa no, honhom bi bɛnee \nd Awurade\nd* kae se, “Metumi ayɛ!” \p \v 22 \nd Awurade\nd* bisae se, “Ɔkwan bɛn so na wobɛfa ayɛ eyi?” \p Na honhom no buae se, “Mɛkɔ akɔdaadaa Ahab adiyifo, ama wɔadi atoro.” \p \nd Awurade\nd* kae se, “Kɔ so yɛ, na wubedi nkonim. \p \v 23 “Enti woahu sɛ \nd Awurade\nd* de nkontompo honhom ahyɛ wʼadiyifo no anom. \nd Awurade\nd* adwene sɛ ɔde amanehunu bɛba wo so.” \p \v 24 Afei Kenaana babarima Sedekia kɔɔ Mikaia so, kɔbɔɔ nʼani so. Obisaa no se, “Da bɛn na \nd Awurade\nd* honhom fii me mu bɛkasa kyerɛɛ wo?” \p \v 25 Na Mikaia buae se, “Ɛrenkyɛ biara, wubehu nokware no, bere a wubeguan akɔtetɛw kokoa mu dan bi mu.” \p \v 26 Israelhene Ahab hyɛe se, “Monkyere Mikaia, na momfa no nkɔma Amon a ɔyɛ kurow no mu amrado, na momfa no nkɔ me babarima Yoas nkyɛn. \v 27 Monka saa asɛm a efi ɔhene nkyɛn yi nkyerɛ wɔn se, ‘Fa saa ɔbarima yi to afiase. Mommma no aduan biara sɛ brodo ne nsu, kosi sɛ mefi akono bɛba asomdwoe mu.’ ” \p \v 28 Nanso Mikaia buae se, “Sɛ wosan ba asomdwoe mu a, na ɛkyerɛ sɛ, \nd Awurade\nd* amfa me so ankasa.” Na ɔka kyerɛɛ wɔn a wogyinagyina hɔ, atwa ne ho ahyia no se, “Saa asɛm a maka yi, monhyɛ no nsow.” \s1 Ahab Wu \p \v 29 Na Israelhene ne Yudahene Yehosafat dii wɔn asraafo anim, kɔtow hyɛɛ Ramot-Gilead so. \v 30 Afei, ɔhene Ahab ka kyerɛɛ Yehosafat se, “Yɛrekɔ ɔko yi, mɛsakra me ho, sɛnea ɛbɛyɛ a, obiara renhu me. Nanso, wo de, hyɛ wʼahentade.” Enti Ahab sakraa ne ho, na wɔkɔɔ ɔko no. \p \v 31 Saa bere no, na Aramhene aka akyerɛ ne nteaseɛnamkafo aduasa abien no sɛ, “Monkɔtow nhyɛ Israelhene nko ara so!” \v 32 Enti bere a Aramhene nteaseɛnamkafo no huu Yehosafat sɛ ɔhyɛ nʼahentade no, wɔtaa no. Wɔteɛteɛɛ mu se, “Israelhene no ne no.” Nanso, bere a Yehosafat teɛɛ mu no, \v 33 nteaseɛnamkafo no huu sɛ ɛnyɛ ɔno ne Israelhene no nti, wogyaw nʼakyidi. \p \v 34 Aram sraani bi de anibiannaso tow agyan kyerɛɛ Israel asraafo no so, maa ɛkɔwɔɔ Israelhene wɔ ne nkatabo ahyiae so. Ahab teɛɛ mu kyerɛɛ ne teaseɛnamkafo no se, “Fa me fi ha ntɛm, na wɔapira me pa ara.” \v 35 Ɔko no kɔɔ so saa ara da mu no nyinaa, na wɔde Ahab twerii biribi wɔ ne teaseɛnam mu a nʼani kyerɛ Aramfo no. Mogya tuu no fi nʼapirakuru no mu, guu teaseɛnam no mu, na onwini dwoe no, owui. \v 36 Onwini reyɛ adwo no, wɔteɛteɛɛ mu faa asraafo no nyinaa mu se: “Ɔko no aba awiei. Monsan nkɔ fie!” \p \v 37 Na ɔhene no wui no, wɔde nʼamu no kɔɔ Samaria, kosiee no wɔ hɔ. \v 38 Na wɔhoroo ne teaseɛnam no ho wɔ asubura bi a ɛwɔ Samaria a nguamanfo guare hɔ, na akraman bɛtaforoo ɔhene no mogya no, sɛnea \nd Awurade\nd* aka ato hɔ no. \p \v 39 Nsɛm a ɛfa Ahab ahenni ho ne asonse ahemfi ho asɛm ne nkurow a ɔkyekyeree nyinaa no, wɔakyerɛw agu Israel Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu. \v 40 Bere a Ahab wui no, wosiee no wɔ nʼagyanom mu. Na ne babarima Ahasia dii nʼade sɛ ɔhene. \s1 Yehosafat Di Hene Wɔ Yuda \p \v 41 Asa babarima Yehosafat bedii Yuda so bere a na Ahab adi ade wɔ Israel ne mfe anan so no. \v 42 Odii ade no, na wadi mfe aduasa anum, na odii ade Yerusalem mfirihyia aduonu anum. Na ne na din de Asuba a ɔyɛ Silhi babea. \v 43 Na Yehosafat yɛ ɔhene papa a odii nʼagya Asa anammɔn akyi. Ɔyɛɛ ade a ɛsɔ \nd Awurade\nd* ani. Nanso, nʼahenni mu no, wansɛe abosonnan a na nnipa kɔbɔ afɔre, kɔhyew nnuhuam wɔ hɔ no. \v 44 Yehosafat ne Israelhene tenaa ase asomdwoe mu. \p \v 45 Nsɛm a ɛfa Yehosafat ahenni ho nkae no, faako a ne tumi kodui ne ako a odii no nyinaa, wɔankyerɛw angu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nhoma no mu. \v 46 Ɔpam abosomfi so nguamanfo a na wogu so bɔ aguaman fii nʼagya Asa bere so no nyinaa. \v 47 Saa bere no, na ɔhene nni Edom gye kurow no sohwɛfo nko. \p \v 48 Yehosafat yɛɛ aguadihyɛn bebree sɛ ɛnkɔ Ofir nkɔhwehwɛ sikakɔkɔɔ. Nanso ahyɛn no antumi anyɛ adwuma. Ɛsɛee wɔ Esion-Geber. \v 49 Saa bere no, Ahab babarima Ahasia susuw ho kyerɛɛ Yehosafat se, “Ma me mmarima ne wo mmarima nkɔ po so akwan nsrahwɛ.” Nanso Yehosafat ampene so. \p \v 50 Yehosafat wui no, wosiee no nʼagyanom nkyɛn wɔ Dawid kurom. Ne babarima Yehoram na odii nʼade sɛ ɔhene. \s1 Ahasia Di Hene Wɔ Israel \p \v 51 Ahab babarima Ahasia fii ase dii Israel so bere a na Yehosafat adi ade mfe dunson wɔ Yuda. Odii ade wɔ Samaria mfe abien. \v 52 Na ɔfaa nʼagya ne ne na ne Nebat babarima Yeroboam anammɔn so, som ahoni, yɛɛ bɔne wɔ \nd Awurade\nd* ani so. \v 53 Ɔsom Baal, sɔree no, nam so fuw \nd Awurade\nd*, Israel Nyankopɔn, bo sɛnea nʼagya yɛe no.