\id 1JN - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h 1 Yohane \toc1 Yohane Nhoma A Edi Kan \toc2 1 Yohane \toc3 1 Yoh \mt1 Yohane \mt2 Nhoma A Edi Kan \c 1 \p \v 1 Yɛrekyerɛw mo afa Nkwa Asɛm a ɛwɔ hɔ fi mfiase; nea yɛate, nea yɛde yɛn ani ahu, nea yɛhwɛe na yɛde yɛn nsa kae, eyi ne Nkwa Asɛm a yɛreka ho asɛm no. \v 2 Nkwa no daa ne ho adi; yɛahu na yɛadi ho adanse, na yɛka nkwa a enni awiei a na ɛwɔ Agya no nkyɛn na wɔada no adi akyerɛ yɛn no kyerɛ mo. \v 3 Yɛkaa nea yehui na yɛtee no kyerɛɛ mo nso, sɛnea ɛbɛyɛ a mo ne yɛn bɛyɛ adedifo wɔ ɔdɔ a yɛne Agya no ne Ɔba Yesu Kristo wɔ no mu. \v 4 Yɛrekyerɛw eyi sɛnea ɛbɛyɛ a yɛn anigye bewie pɛyɛ. \s1 Onyankopɔn Yɛ Hann \p \v 5 Afei, eyi ne asɛm a yɛate afi ne Ba no nkyɛn a yɛrebɔ mo amanneɛ. Onyankopɔn yɛ hann a sum nni ne mu koraa. \v 6 Na sɛ afei yɛka se yɛne no wɔ ayɔnkofa na saa bere koro no ara mu yɛte sum mu a, na yɛredi atoro wɔ yɛn nsɛm ne yɛn nneyɛe mu. \v 7 Na sɛ yɛte hann mu sɛnea ɔte hann mu no a, ɛno de na yɛne yɛn ho yɛn ho wɔ ayɔnkofa, na ne Ba Yesu no mogya tew yɛn ho fi bɔne nyinaa ho. \p \v 8 Sɛ yɛka se yenni bɔne a, na yɛdaadaa yɛn ho, na nokware no nni yɛn mu. \v 9 Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ Onyankopɔn a, ɔyɛ ɔnokwafo ne ɔtreneeni sɛ ɔde yɛn bɔne bɛkyɛ yɛn, na watew yɛn ho afi nea ɛnte nyinaa ho. \v 10 Sɛ yɛka se yɛnyɛɛ bɔne a, yɛma Onyankopɔn yɛ ɔtorofo a nʼAsɛm no nni yɛn mu. \c 2 \s1 Kristo, Yɛn Boafo \p \v 1 Me mma, merekyerɛw eyi abrɛ mo na moanyɛ bɔne; na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ Yesu Kristo ɔtreneeni no a ɔsrɛ wɔ Agya no hɔ ma yɛn. \v 2 Na Kristo no ankasa ne yɛn bɔne ho mpata na ɛnyɛ yɛn bɔne nko, na nnipa nyinaa bɔne. \p \v 3 Sɛ yedi Onyankopɔn mmara so a, na ɛkyerɛ sɛ yenim no. \v 4 Sɛ obi ka se, “Minim no,” nanso onni ne mmara so a, saa onipa no yɛ ɔtorofo a nokware nni ne mu. \v 5 Na sɛ obi tie nʼasɛm a, na nokware dɔ a ɔde dɔ Onyankopɔn no wie pɛyɛ wɔ ne mu. Eyi na ɛma yehu sɛ yɛte ne mu. \v 6 Na ɛsɛ sɛ nea ose ɔte ne mu no biara di Yesu Kristo anammɔn akyi. \s1 Mmara Foforo \p \v 7 Anuanom, saa mmara a merekyerɛw abrɛ mo yi nyɛ asɛm foforo. Ɛyɛ mmara dedaw a moate fi mfiase pɛɛ no. Mmara dedaw no yɛ ade a moate ho asɛm dedaw. \v 8 Nanso mmara a merekyerɛw abrɛ mo yi yɛ foforo na mu nokware no da adi wɔ Kristo ne mo mu. Sum no retwa mu na hann papa no gu so rehyerɛn. \p \v 9 Obiara a ɔka se ɔwɔ hann no mu, nanso ɔtan ne nua no wɔ sum mu besi saa dɔnhwerew yi mu. \v 10 Obiara a ɔdɔ ne nua no te hann mu, enti biribiara nni ne mu a ɛbɛma obi foforo ayɛ bɔne. \v 11 Nanso obiara a ɔtan ne nua no te sum mu. Ɔnam mu a onnim faako a ɔrekɔ, efisɛ sum no afura nʼani. \q1 \v 12 Me mma, merekyerɛw mo, \q2 efisɛ esiane Kristo din nti, wɔde mo bɔne akyɛ mo. \q1 \v 13 Agyanom, merekyerɛw mo, \q2 efisɛ munim nea ɔte ase fi mfiase no. \q1 Mmabun, merekyerɛw mo, \q2 efisɛ moadi ɔbonsam so. \b \q1 \v 14 Mma, merekyerɛw mo, \q2 efisɛ munim Agya no. \q1 Agyanom, merekyerɛw mo, \q2 efisɛ munim nea ɔte ase fi mfiase no. \q1 Mmabun, merekyerɛw mo, \q2 efisɛ mowɔ ahoɔden. \q2 Onyankopɔn asɛm no te mo mu \q2 na moadi ɔbonsam so. \p \v 15 Monnnɔ wiase anaasɛ biribiara a ɛyɛ wiase de. Sɛ modɔ wiase a, na ɛkyerɛ sɛ monnnɔ Agya a ɔwɔ mo mu no. \v 16 Biribiara a ɛyɛ wiase de; ɔhonam akɔnnɔ, nea nnipa hu na wɔn kɔn dɔ, biribiara a ɛwɔ wiase a nnipa hoahoa wɔn ho wɔ ho no, mu biara mfi Agya no. Ne nyinaa fi wiase. \v 17 Wiase ne mu akɔnnɔde retwa mu, nanso nea ɔyɛ Onyankopɔn apɛde no tena hɔ daa. \s1 Kristo Atamfo \p \v 18 Me mma, awiei no abɛn. Wɔka kyerɛɛ mo se Kristo Tamfo no bɛba, nanso mprempren, Kristo atamfo bebree ada wɔn ho adi, enti yɛahu sɛ ampa awiei no abɛn. \v 19 Nokware, na saa nnipa yi nka yɛn ho na ɛno nti na wogyaw yɛn hɔ no. Na sɛ wɔka yɛn ho a, anka wɔne yɛn tenae. Nanso wogyaw yɛn hɔ, sɛnea wubehu no pefee sɛ wɔnka yɛn ho. \p \v 20 Mo de, Kristo ahwie Honhom Kronkron no agu mo so, enti mo nyinaa nim nokware no. \v 21 Ɛnyɛ sɛ munnim nokware no nti na makyerɛw saa krataa yi, na mmom munim na munim nso sɛ, atoro biara mfi nokware mu mma. \v 22 Afei hena ne ɔtorofo? Ɛyɛ obi a ɔka se Yesu nyɛ Kristo no. Oyi ne Kristo tamfo. Ɔpo Agya no ne Ɔba no nyinaa. \v 23 Obiara nni hɔ a ɔpo Ɔba no na ɔwɔ Agya no; nea ogye Ɔba no to mu biara wɔ Agya no nso. \p \v 24 Mommɔ mmɔden mfa asɛm a motee mfiase no nsie mo koma mu. Sɛ mode asɛm a motee mfiase no sie a, mo ne Ɔba no ne Agya no benya ayɔnkofa. \v 25 Na eyi na Kristo no ankasa ahyɛ yɛn ho bɔ no, nkwa a enni awiei no. \p \v 26 Mekyerɛw mo fa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔdaadaa mo no ho. \v 27 Na mo de, Kristo ahwie ne Honhom Kronkron no agu mo so. Mmere dodow a ne Honhom no te mo mu no, ɛho nhia sɛ obi foforo bɛkyerɛkyerɛ mo. Efisɛ ne Honhom no kyerɛkyerɛ mo biribiara. Na nea ɔkyerɛ no nso yɛ nokware; ɛnyɛ atoro. Muntie Kristo nkyerɛkyerɛ no na montena ne mu. \p \v 28 Me mma, montena ne mu sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ɔba a, yebenya akokoduru na yɛmfa aniwu nkohintaw da a ɔbɛba no. \p \v 29 Munim sɛ Kristo yɛ ɔtreneeni. Na ɛsɛ sɛ muhu sɛ obiara a ɔyɛ ade trenee no yɛ Onyankopɔn ba. \c 3 \s1 Onyankopɔn Mma \p \v 1 Monhwɛ ɔdɔ a Agya no dɔ yɛn. Ne dɔ a ɔdɔ yɛn no mu den nti wɔfrɛ yɛn Onyankopɔn mma. Na ɛyɛ nokware nso. Ne saa nti wiase nnim yɛn efisɛ ennim Onyankopɔn. \v 2 Me nuanom, mprempren yɛyɛ Onyankopɔn mma, nanso nea daakye yɛbɛyɛ de, yennim. Nanso yenim sɛ Kristo ba a, yɛbɛyɛ sɛ ɔno, efisɛ yebehu no sɛnea ɔte. \v 3 Obiara a ɔwɔ saa anidaso yi wɔ Kristo mu no yɛ ne ho kronkron sɛnea Kristo yɛ kronkron no. \p \v 4 Obiara a ɔyɛ bɔne no bu Onyankopɔn mmara so, efisɛ bɔne yɛ mmara sobu. \v 5 Munim sɛ Kristo bae se ɔrebɛfa nnipa bɔne, efisɛ ɔno de, bɔne nni ne mu. \v 6 Enti obiara a ɔtena Kristo mu no nkɔ so nyɛ bɔne. Na obiara a ɔkɔ so yɛ bɔne no nhuu no, na onnim no. \p \v 7 Mommma obi nnaadaa mo, me mma. Obiara a ɔyɛ nea ɛteɛ no yɛ ɔtreneeni sɛnea Kristo yɛ ɔtreneeni no. \v 8 Nea ɔkɔ so yɛ bɔne no yɛ ɔbonsam de, efisɛ ɔbonsam fi mfiase pɛe, na ɔyɛɛ bɔne. Saa asɛm yi nti na Onyankopɔn Ba no bae. Ɔbaa sɛ ɔrebɛsɛe ɔbonsam nnwuma. \v 9 Obiara a ɔyɛ Onyankopɔn Ba no nkɔ so nyɛ bɔne, efisɛ Onyankopɔn su wɔ ne mu, na esiane sɛ Onyankopɔn yɛ nʼAgya nti, ontumi nkɔ so nyɛ bɔne. \v 10 Nsonoe a ɛda Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma ntam ne sɛ, obi a ɔnyɛ papa anaa ɔnnɔ ne nua no nyɛ Onyankopɔn ba. \s1 Monnodɔ Mo Ho Mo Ho \p \v 11 Nsɛm a motee mfiase no kyerɛ sɛ, monnodɔ mo ho. \v 12 Ɛnsɛ sɛ yɛyɛ sɛ Kain. Na ɔyɛ ɔbonsam de. Enti okum nʼankasa ne nua. Adɛn nti na Kain kum no? Efisɛ nneɛma a ɔyɛe no yɛ bɔne, nanso ne nua no de, ɔyɛɛ papa. \v 13 Enti anuanom, sɛ wiasefo tan mo a, mommma ɛnyɛ mo nwonwa. \v 14 Yenim sɛ yɛafi owu mu aba nkwa mu. Yenim saa, efisɛ yɛdɔ yɛn nuanom. \v 15 Obi a ɔtan ne nua no yɛ owudifo na munim nso sɛ owudifo nni nkwa a enni awiei wɔ ne mu. \p \v 16 Eyi na ɛma yehu sɛnea ɔdɔ te. Kristo de ne nkwa maa yɛn. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde yɛn nkwa ma yɛn nuanom. \v 17 Sɛ obi yɛ ɔdefo na ohu sɛ biribi ho hia ne nua na wanhu no mmɔbɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi aka se ɔdɔ Onyankopɔn wɔ ne koma mu? \v 18 Me mma, ɛnsɛ sɛ yɛn dɔ no yɛ kasa hunu. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ ɔdɔ turodoo a ɛnam nneyɛe so da ne ho adi. \p \v 19 Eyi na ɛbɛma yɛahu sɛ yɛwɔ nokware no. Eyi na ɛbɛma yɛn koma anya gyidi wɔ Onyankopɔn anim. \v 20 Sɛ yɛn koma bu yɛn fɔ mpo a, yenim sɛ Onyankopɔn so sen yɛn koma, na onim biribiara. \v 21 Enti anuanom adɔfo, sɛ yɛn koma ammu yɛn fɔ a, yɛwɔ akokoduru wɔ Onyankopɔn anim. \v 22 Biribiara a yebisa no no, yɛn nsa ka, efisɛ yedi ne mmara so na yɛyɛ nʼapɛde nso. \v 23 Ne mmara no ka se, yennye ne Ba Yesu Kristo no din nni na yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho sɛnea Kristo hyɛɛ yɛn no. \v 24 Obiara a odi Onyankopɔn mmara so no te Onyankopɔn mu na Onyankopɔn nso te ne mu. Na eyi na ɛma yehu sɛ Onyankopɔn te yɛn mu. Yenim no saa esiane Honhom a wama yɛn no nti. \c 4 \s1 Nkyerɛkyerɛ Pa Ne Nkyerɛkyerɛ Bɔne \p \v 1 Me nuanom adɔfo, munnnye honhom no nyinaa nni. Mmom monsɔ honhom no nhwɛ sɛ efi Onyankopɔn ana. Efisɛ atoro adiyifo bebree ahwete wɔ wiase. \v 2 Ɔkwan a wubetumi afa so ahu sɛ obi wɔ Onyankopɔn Honhom no ne sɛ, ɔbɛpae mu aka se, nokwarem Yesu Kristo baa onipa tebea mu. \v 3 Na nea ɔnka saa mfa Yesu ho no nni honhom a efi Onyankopɔn. Saa honhom no yɛ Kristo tamfo. Motee sɛ saa na ɛbɛba, nanso ɛwɔ wiase ha dedaw. \p \v 4 Me mma, mufi Onyankopɔn mu na moadi atoro adiyifo no so, efisɛ Honhom a ɛwɔ mo mu no wɔ tumi sen honhom a ɛwɔ wiase yi mu. \v 5 Wɔka nsɛm a ɛfa wiase ho ma wiase tie, efisɛ wɔyɛ wiasefo. \v 6 Nanso yɛn de, yɛyɛ Onyankopɔn nkurɔfo. Obiara a onim Onyankopɔn no tie yɛn. Na obiara a ɔnyɛ Onyankopɔn nipa no ntie yɛn. Eyi nko ara ne ɔkwan a yɛnam so de hu nokware Honhom ne atoro honhom mu. \s1 Onyankopɔn Yɛ Ɔdɔ \p \v 7 Anuanom, momma yɛnnodɔ yɛn ho yɛn ho efisɛ ɔdɔ fi Onyankopɔn. Obi a ɔwɔ ɔdɔ no yɛ Onyankopɔn ba na onim Onyankopɔn nso. \v 8 Obi a onni ɔdɔ no nnim Onyankopɔn efisɛ Onyankopɔn yɛ ɔdɔ. \v 9 Ɔkwan a Onyankopɔn nam so da ne dɔ adi kyerɛ yɛn ne sɛ, ɔsomaa ne Ba koro no baa wiase sɛnea yɛbɛfa ne so anya nkwa. \v 10 Eyi ne ɔdɔ. Ɛnkyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn, na mmom, ɔno na ɔdɔ yɛn nti ɔsomaa ne Ba sɛ yɛmfa ne so nya yɛn bɔne ho mpata. \v 11 Anuanom adɔfo, sɛ saa na Onyankopɔn dɔ yɛn a, na ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho. \v 12 Obiara nhuu Onyankopɔn da. Sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho a, na Onyankopɔn te yɛn mu na ne dɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu. \p \v 13 Eyi na ɛma yehu pefee sɛ yɛte Onyankopɔn mu na ɔno nso te yɛn mu. Wama yɛn ne Honhom. \v 14 Na yɛahu, na yɛaka akyerɛ afoforo se Agya no somaa ne Ba ma ɔbɛyɛɛ wiase Agyenkwa. \v 15 Obiara a ɔpae mu ka se Yesu yɛ Onyankopɔn Ba no, na Onyankopɔn te ne mu na ɔno nso te Onyankopɔn mu. \v 16 Na yɛn ankasa nim, na yegye Onyankopɔn dɔ a ɔde dɔ yɛn no di. \p Onyankopɔn yɛ ɔdɔ na obiara a ɔte ɔdɔ mu no te Onyankopɔn mu, na Onyankopɔn nso te ne mu. \v 17 Ɛsɛ sɛ ɔdɔ yɛ pɛ wɔ yɛn mu, sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya akokoduru wɔ atemmu da no. Na yebenya saa akokoduru no nso, efisɛ yɛn abrabɔ wɔ wiase ha no te sɛ Kristo de ara pɛ. \v 18 Ehu nni ɔdɔ mu. Ɔdɔ ankasa pam hu nyinaa. Ehu ne asotwe na ɛnam. Enti nea ɔyɛ ohufo no nwie pɛyɛ wɔ ɔdɔ mu. \p \v 19 Yɛwɔ ɔdɔ, efisɛ Onyankopɔn na ɔdɔɔ yɛn kan. \v 20 Sɛ obi ka se, “Medɔ Onyankopɔn” na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofo. Na nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi adɔ Onyankopɔn a onhu no. \v 21 Eyi ne mmara a Kristo hyɛ maa yɛn. Nea ɔdɔ Onyankopɔn no, ɛsɛ sɛ ɔdɔ ne nua nso. \c 5 \s1 Sɛnea Nhyehyɛe No Bɛyɛ \p \v 1 Obiara a ogye di sɛ Yesu yɛ Agyenkwa no yɛ Onyankopɔn ba. Na obiara a ɔdɔ Agya no dɔ ne mma no nso. \v 2 Eyi na ɛma yehu sɛ yɛdɔ Onyankopɔn mma; sɛ yɛbɛdɔ Onyankopɔn na yɛadi nʼahyɛde so. \v 3 Ɔdɔ a yɛdɔ Onyankopɔn no kyerɛ di a yedi nʼahyɛde so. Na nʼahyɛde no nso sodi nyɛ den mma yɛn, \v 4 efisɛ Onyankopɔn ba biara tumi di wiase so. Yɛnam yɛn gyidi so di wiase so nkonim. \v 5 Hena na obetumi adi wiase so? Obi a ogye di sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn Ba no nko ara. \s1 Yesu Kristo Ho Adansedi \p \v 6 Yesu Kristo yɛ obi a ɔnam nsu ne mogya so bae. Ɛnyɛ nsu nko so na ɔnam bae na mmom, nsu ne mogya. Na ɛyɛ Honhom no na edi ho adanse efisɛ Honhom no ne nokware no. \v 7 Nnansefo baasa na wɔwɔ hɔ. \v 8 Honhom no, nsu no ne mogya no. Saa nnansefo yi adwene hyia. \v 9 Yegye adanse a nnipa di no di; nanso adanse a Onyankopɔn di no mu yɛ den yiye. Na saa adanse no na Onyankopɔn adi afa ne Ba no ho. \v 10 Enti obi a ogye Onyankopɔn Ba no di no agye saa adanse yi adi wɔ ne koma mu. Na obi a onnye Onyankopɔn nni no ama Onyankopɔn ayɛ ɔtorofo, efisɛ wannye adanse a Onyankopɔn di faa ne Ba no ho no anni. \v 11 Eyi ne adanse no: Onyankopɔn ama yɛn nkwa a enni awiei; na saa nkwa no wɔ ne Ba no mu. \v 12 Obiara a ɔwɔ Ɔba no wɔ saa nkwa no, na obiara a onni Ɔba no nni nkwa no. \s1 Nkwa A Enni Awiei \p \v 13 Merekyerɛw mo a mugye Onyankopɔn Ba no din di no eyi sɛnea ɛbɛma moahu sɛ mowɔ nkwa a enni awiei. \v 14 Na anidaso a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn anim ne sɛ, yenim sɛ biribiara a yebisa no wɔ ne pɛ mu no, otie yɛn. \v 15 Bere biara a yebisa no no, otie yɛn. Yɛahu sɛ eyi yɛ nokware yi, yenim nso sɛ ɔma yɛn nea yebisa no biara. \p \v 16 Sɛ obi hu sɛ ne nua ayɛ bɔne bi a ɛmfa no nkɔ owu mu a, ɔmmɔ Onyankopɔn a ɔbɛma no nkwa no mpae mma no. Eyi fa wɔn a wɔn bɔne mfa wɔn nkɔ owu mu no ho. Bɔne bi wɔ hɔ a ɛde onipa kɔ owu mu na ɛno ho de, menka sɛ mommɔ ho mpae nkyerɛ Onyankopɔn. \v 17 Afideyɛ nyinaa yɛ bɔne, nanso bɔne bi wɔ hɔ a enkowie owu mu. \p \v 18 Yenim sɛ Onyankopɔn ba biara nkɔ so nyɛ bɔne, efisɛ Onyankopɔn Ba no bɔ wɔn ho ban, na ɔbonsam ntumi nyɛ wɔn bɔne. \v 19 Yenim sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma, na wiasefo de wɔhyɛ ɔbonsam tumi ase. \v 20 Yenim sɛ Onyankopɔn Ba no aba, na wama yɛahu nokware Nyankopɔn no. Ɔno ne nokware no, Yesu Kristo, Onyankopɔn ba no. Ɔno ne Nyankopɔn nokwafo a ɔma daa nkwa no. \b \b \p \v 21 Me mma, montwe mo ho mfi abosom ho.