\id 1CO - Biblica® Open Akuapem Twi Contemporary Bible 2020 \ide UTF-8 \h 1 Korintofo \toc1 Paulo Nhoma A Edi Kan A Ɔkyerɛw Kɔmaa Korintofo \toc2 1 Korintofo \toc3 1 Ko \mt2 Paulo Nhoma A Edi Kan A \mt2 Ɔkyerɛw Kɔmaa \mt1 Korintofo \c 1 \s1 Nkyia \p \v 1 Saa krataa yi fi me, Paulo a ɛnam Onyankopɔn pɛ so nti, wɔafrɛ me sɛ menyɛ Kristo Yesu somafo no ne onua Sostene nkyɛn, \b \p \v 2 Yɛde rekɔma Onyankopɔn asafo a ɛwɔ Korinto no ne wɔn a wɔafrɛ wɔn se wɔmmɛyɛ Onyankopɔn akyidifo kronkron no, ne wɔn a wɔwɔ baabiara a wɔbɔ yɛn Awurade Yesu Kristo din sɛ ɔyɛ wɔn ne yɛn Awurade no: \b \p \v 3 Ɔdom ne asomdwoe a efi yɛn Agya Onyankopɔn ne yɛn Awurade Yesu Kristo nka mo. \b \s1 Aseda \p \v 4 Esiane adom a Onyankopɔn nam Kristo Yesu so dom mo no nti, daa meda Onyankopɔn ase ma mo. \v 5 Ɛnam ne so ama moayɛ ma biribiara mu, ɔkasa ne adwene mu. \v 6 Kristo ho asɛm atim wɔ mo mu. \v 7 Esiane sɛ moretwɛn ama wɔada yɛn Awurade Yesu Kristo adi no nti munya nhyira biara bi. \v 8 Ɔbɛhyɛ mo den akosi awiei sɛnea ɛbɛyɛ a, da a Awurade Yesu Kristo bɛba no, wɔrennya mo ho mfomso biara. \v 9 Onyankopɔn a wafrɛ mo aba ne Ba Yesu Kristo ayɔnkofa mu no yɛ ɔnokwafo. \s1 Asafo No Mpaapaemu \p \v 10 Anuanom, menam Awurade Yesu Kristo tumi so tu mo fo se asɛm biara a mobɛka no, monyɛ adwene na mo mu ampaapae. Munso adwene ne botae baako mu na ama moayɛ baako. \v 11 Anuanom, nnipa bi a wofi Kloe fi apae mu aka akyerɛ me se, akasakasa wɔ mo asafo yi mu. \v 12 Asɛm a mepɛ sɛ meka ne sɛ, wɔn mu biara ka asɛm a ɔpɛ. Oyi ka se, “Mewɔ Paulo afa” a, ɔfoforo se, “Mewɔ Apolo afa.” Obi sɔre na ose, “Mewɔ Petro afa” a, ɔbaako nso se, “Mewɔ Kristo afa.” \p \v 13 Wɔakyekyɛ Kristo mu akuwakuw? Paulo na owui wɔ asennua no so maa mo ana? Wɔbɔɔ mo asu wɔ Paulo din mu ana? \v 14 Meda Onyankopɔn ase sɛ mammɔ mo mu biara asu ka Krispo ne Gaio ho. \v 15 Obiara rentumi nka se wɔbɔɔ mo asu sɛ mʼasuafo. \v 16 Mekae sɛ mebɔɔ Stefana ne ne fifo asu. Na menkae sɛ mebɔɔ obi foforo asu bio. \v 17 Kristo ansoma me se memmɛbɔ asu, na mmom ɔsomaa me se memmɛka asɛmpa a emfi nnipa nyansa mu, na obi annyina so amma Kristo wu a owui wɔ asennua no so no mu tumi anyɛ ɔkwa. \s1 Kristo A Ɔyɛ Onyankopɔn Tumi \p \v 18 Asɛnka a ɛkyerɛ Kristo asennuambɔ no yɛ nsɛm a aba nni mu ma wɔn a wɔreyera. Nanso yɛn a wɔregye yɛn nkwa no de, ɛyɛ Onyankopɔn tumi. \v 19 Kyerɛwsɛm no ka se, \q1 “Mɛsɛe anyansafo nyansa, \q2 na mɛma nimdefo adenim ayɛ ɔkwa.” \p \v 20 Enti onyansafo wɔ he? Onimdefo nso wɔ he? Wiase yi mu akyinnyegyefo wɔ he? Onyankopɔn akyerɛ sɛ wiase yi mu nyansa yɛ ohunu \v 21 Enti Onyankopɔn nam ɔno ara ne nyansa so yɛɛ sɛ nnipa a wɔpɛ sɛ wɔfa wɔn ara wɔn nyansa so hu no no renhu no da. Na mmom Onyankopɔn yɛɛ nʼadwene sɛ wɔn a wogye asɛm a “aba nni mu” a yɛka no di no, obegye wɔn nkwa. \v 22 Yudafo hwehwɛ sɛ wohu nsɛnkyerɛnne, na Helafo nso hwehwɛ nyansa. \v 23 Nanso yɛn de, yɛka Kristo wu a owui wɔ asennua no so no ho asɛm. Saa asɛm no yɛ Yudafo abufuw na ɛyɛ asɛm a aba nni mu ma amanamanmufo; \v 24 nanso Yudafo ne amanamanmufo a Onyankopɔn afrɛ wɔn no, Kristo yɛ Onyankopɔn tumi ne Onyankopɔn nyansa. \v 25 Onyankopɔn asɛm a ɛyɛ sɛ aba nni mu no, aba wɔ mu sen nnipa nyansa, na saa ara nso na nea ɛyɛ sɛ ɛyɛ mmerɛw wɔ Onyankopɔn fam no yɛ den sen nnipa ahoɔden. \p \v 26 Afei anuanom, monkae bere a Onyankopɔn frɛɛ mo no tebea a na mowɔ mu. Nnipa fam de, na mo mu bebree nyɛ anyansafo, na mo mu bebree nni tumi, na mo mu bebree nyɛ adehye nso. \v 27 Nanso Onyankopɔn faa wiase yi mu nsɛm a aba nni mu no, nam so guu anyansafo anim ase. Onyankopɔn faa nneɛma a ɛyɛ mmerɛw wɔ wiase, nam so de guu ahoɔden anim ase. \v 28 Ɔfaa nea wiase mmu na wɔmfa nyɛ hwee no de sɛee nea wiase susuw sɛ ɛho hia no. \v 29 Eyi kyerɛ sɛ obi ntumi nhoahoa ne ho wɔ Onyankopɔn anim. \v 30 Nanso Onyankopɔn aka mo abata Kristo Yesu ho na Onyankopɔn nam Kristo so ama yɛn nyansa; ɛnam ne so ma yɛateɛ wɔ Onyankopɔn anim. Yɛyɛ Onyankopɔn ahotefo a wama yɛade yɛn ho. \v 31 Enti sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔhoahoa ne ho no, ɔnhoahoa ne ho wɔ nea Awurade ayɛ mu.” \c 2 \s1 Kristo Ho Asɛnka Wɔ Asennua So \p \v 1 Anuanom, bere a mebaa mo nkyɛn bɛkaa Onyankopɔn ho ahintasɛm a ɛyɛ nokware kyerɛɛ mo no, manka asɛm a ɛkyere adwene anaa nyansa a ɛtra mo so. \v 2 Meyɛɛ mʼadwene sɛ bere a me ne mo wɔ hɔ no, mɛma me werɛ afi biribiara gye Yesu Kristo nko; na ne titiriw no, ne wu wɔ asennua no so no. \v 3 Enti bere a mebaa mo hɔ no, na meyɛ mmerɛw a ehu ne ahopopo aka me. \v 4 Na nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛɛ no nso mannyina anyansasɛm ne nnipa adwene so, na mmom menam kasa pa so daa tumi a ɛwɔ Onyankopɔn Honhom Kronkron no mu no adi. \v 5 Enti mo gyidi nnyina onipa nyansa so, na mmom egyina Onyankopɔn tumi so. \s1 Onyankopɔn Nyansa \p \v 6 Mekasa nyansa mu kyerɛ wɔn a wɔanyinyin wɔ Honhom mu. Nanso saa nyansa no nyɛ wiase nyansa anaa wiase yi mu tumi ahorow a wɔn tumi resa no. \v 7 Nyansasɛm a meka no yɛ Onyankopɔn nyansa a wɔde ahintaw nnipa. Ɛno na Onyankopɔn ayi ato hɔ ama yɛn dedaw sɛ yɛn anuonyam ahyɛde ansa na wɔrebɔ wiase. \v 8 Aman sodifo biara nnim saa nyansa no. Sɛ wonim a anka wɔremmɔ Awurade a anuonyam ahyɛ no ma no asennua mu. \v 9 Kyerɛwsɛm no ka se, \q1 “Nea onipa biara anhu na wante da, \q2 nea onipa biara annwene ho sɛ ɛbɛba da no, \q2 ɛno na Onyankopɔn no ara asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no.” \m \v 10 Na yɛn na Onyankopɔn nam ne Honhom Kronkron no so ada nʼahintasɛm yi adi akyerɛ yɛn. \p Honhom no pɛɛpɛɛ biribiara mu kosi Onyankopɔn ahintasɛm a emu dɔ no so. \v 11 Onipa de, ɔno ara ne honhom a ɛte ne mu no na enim ne ho nsɛm nyinaa; saa ara nso na Onyankopɔn Honhom no nko ara na enim Onyankopɔn ho nsɛm nyinaa. \v 12 Ɛnyɛ wiase yi mu honhom na yɛanya; Honhom Kronkron a Onyankopɔn somaa no no na yɛanya sɛnea ɛbɛma yɛahu nea Onyankopɔn de ama yɛn no nyinaa. \v 13 Enti ɛnyɛ nsɛm a nnipa de wɔn nyansa akyerɛ yɛn no na yɛka, na mmom nsɛm a Honhom no akyerɛ yɛn no na yɛnam Honhom no mu nokware reda saa honhom mu nsɛm yi adi akyerɛ wɔn a wɔwɔ Honhom no. \v 14 Nanso obi a onni Honhom no rentumi nnya akyɛde a efi Onyankopɔn Honhom no mu. Ɔrente ase da biara da; ɔfa no sɛ nsɛm a aba nni mu, efisɛ wogyina Honhom no nko so na wobetumi anya ntease a ɛsɛ. \v 15 Onipa a Honhom no te ne mu no tumi sese biribiara nanso obiara rentumi mmu no atɛn. \v 16 Kyerɛwsɛm no ka se, \q1 “Hena na onim Awurade adwene? \q2 Hena na obetumi atu no fo?” \m Nanso yɛn de, yɛwɔ Kristo adwene no bi. \c 3 \s1 Onyankopɔn Asomfo \p \v 1 Nokware, anuanom, mantumi ankasa ankyerɛ mo sɛ nnipa a wɔwɔ Honhom no. Na ɛsɛ sɛ mekasa kyerɛ mo sɛ wiasefo a wɔte sɛ mmofra a wɔwɔ Kristo mu gyidi. \v 2 Memaa mo nufusu. Mamma mo aduan a ɛyɛ den, efisɛ na enye mma mo. Na mprempren ara mpo enye mma mo, \v 3 efisɛ moda so te hɔ sɛ wiasefo. Sɛ anibere wɔ mo mu na mutwa mo ho ne mo ho mo ho nya akasakasa a, so ɛnna no adi sɛ moyɛ wiasefo a mote hɔ ma wiase? \v 4 Sɛ obi ka se, “Me de, midi Paulo akyi” na ɔfoforo nso ka se, “Me nso mewɔ Apolo afa” a, ɛnkyerɛ sɛ moyɛ wiasefo ana? \p \v 5 Mibisa se Apolo yɛ hena? Na Paulo nso yɛ hena? Yɛyɛ Onyankopɔn asomfo kwa a ɛnam yɛn so na munya gyidi. Adwuma a Onyankopɔn de ama yɛn mu biara sɛ yɛnyɛ no na yɛyɛ. \v 6 Miduaa aba no na Apolo guguu so nsu, nanso Onyankopɔn na ɔmaa afifide no nyinii. \v 7 Obi a oduae ne obi a oguguu so nsu no ho nhia. Onyankopɔn na ne ho hia, efisɛ ɔno na ɔmaa afifide no nyinii. \v 8 Nsonoe biara nni onipa a odua ne nea ogugu so nsu no ntam. Onyankopɔn bɛhwɛ dwuma a wɔn mu biara dii so na wama wɔn so ade. \v 9 Yɛn de, yɛyɛ aboafo a yɛne Onyankopɔn reyɛ adwuma na mo nso moyɛ Onyankopɔn afuw. Bio, moyɛ Onyankopɔn dan. \p \v 10 Menam adom a Onyankopɔn de maa me no so yɛɛ ɔdanseni pa adwuma. Metoo fapem na onipa foforo nso resi atoa so. Nanso ɛsɛ sɛ wɔn mu biara fa ɔkwan pa so si. \v 11 Efisɛ Onyankopɔn ayɛ Yesu Kristo nko ɔdan no fapem enti wɔrentumi nto fapem foforo biara bio. \v 12 Ebinom de sikakɔkɔɔ, anaa dwetɛ anaa aboɔden abo na ebesi wɔn dan wɔ fapem no so; afoforo nso de nnua anaa sare anaa baamu. \v 13 Obiara dwuma a odii no bɛda adi da no; da no gya no bɛda obiara adwuma adi. Ogya no bɛsɔ ahwɛ, ahu dwuma ko no ye a eye. \v 14 Sɛ nea onipa ko no de sii fapem no so no tumi gyina ogya no ano a, ebenya akatua. \v 15 Na sɛ obi adwuma hyew wɔ ogya no ano a, akatua no bɛbɔ no, nanso ɔno de, obenya nkwa sɛ obi a waguan afi gyaframa mu. \p \v 16 Munnim sɛ moyɛ Onyankopɔn asɔredan na Onyankopɔn Honhom no te mo mu ana? \v 17 Enti obiara a ɔbɛsɛe Onyankopɔn asɔredan no, Onyankopɔn bɛsɛe no. Efisɛ Onyankopɔn asɔredan yɛ kronkron, na mo na moyɛ nʼasɔredan no. \p \v 18 Ɛnsɛ sɛ obiara daadaa ne ho. Sɛ obi a ɔka mo ho fa ne ho sɛ ɔyɛ wiase yi mu onyansafo a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔkwasea ansa na wabɛyɛ onyansafo. \v 19 Efisɛ nea wiase bu no nyansa no yɛ asɛm a aba nni mu wɔ Onyankopɔn ani so. Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɔkyere anyansafo wɔ wɔn anitew mu.” \v 20 Bio, Kyerɛwsɛm no ka se, “Awurade nim onipa nsusuwii. Onim sɛ enkosi hwee.” \v 21 Enti ɛnsɛ sɛ obiara de nea onipa tumi yɛ hoahoa ne ho na biribiara yɛ mo dea. \v 22 Paulo, Apolo ne Petro, saa wiase yi, nkwa ne owu, nnɛ ne daakye nyinaa yɛ mo dea, \v 23 na moyɛ Kristo dea na Kristo nso yɛ Onyankopɔn dea. \c 4 \s1 Kristo Asomafo \p \v 1 Ɛsɛ sɛ mubu yɛn sɛ Kristo asomfo a wɔde Onyankopɔn ahintasɛm a ɛyɛ nokware no ahyɛ yɛn nsa. \v 2 Ade baako a wɔrehwehwɛ afi onipa a wɔde ahintasɛm no ahyɛ ne nsa no ne sɛ obedi ne wura no nokware. \v 3 Sɛ mo anaa onipa bi bu me atɛn mprempren a, ɛmfa me ho. Mʼankasa nso mimmu me ho atɛn. \v 4 Mʼadwene mu yɛ fann, nanso ɛno nkyerɛ sɛ midi bem fitaa. Awurade nko ara na obu me atɛn. \v 5 Enti ɛnsɛ sɛ obiara bu ne yɔnko atɛn kosi sɛ bere a ɛsɛ bɛba. Awurade ba mu no na wobebu atɛn a etwa to. Ɔbɛda nea ahintaw wɔ sum mu no adi na wada nea ahintaw wɔ nnipa koma mu no nso adi. Na onipa biara anya nʼayeyi afi Onyankopɔn hɔ. \p \v 6 Anuanom, mo nti mede Apolo ne me ayɛ nhwɛso, sɛnea ɛbɛma mo osuahu a ɛka se, “Di mmara pa so” no. Ɛnsɛ sɛ mo mu biara de onipa bi hoahoa ne ho na obu ɔfoforo nso onipa teta. \v 7 Hena na ɔka kyerɛɛ wo se wokorɔn sen afoforo? Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔde biribiara a wowɔ no maa wo? Na adɛn nti na wode hoahoa wo ho sɛnea ɛnyɛ akyɛde? \p \v 8 Biribiara a mohwehwɛ no, mo nsa aka dedaw! Moyɛ adefo dedaw. Moayeyɛ ahemfo, nanso yɛnyɛ bi! Nokware, anka mepɛ sɛ moyɛ ahemfo na anka yɛn nso yɛyɛ ahemfo bɛka mo ho. \v 9 Ɛyɛ me sɛ yɛn asomafo yi de, Onyankopɔn de yɛn atwa to sɛ nnipa bi a wɔabu wɔn kumfɔ wɔ bagua mu sɛ nnipa ne wiase abɔfo nyinaa nhwɛ. \v 10 Kristo nti yɛyɛ nkwaseafo, nanso moyɛ anyansafo wɔ Kristo mu. Yɛyɛ mmerɛw, nanso moyɛ den. Wommu yɛn, nanso wobu mo. \v 11 Ebesi saa bere yi mu ɔkɔm ne osukɔm de yɛn. Yefura ntamagow; wɔhwe yɛn; yedi atutena; \v 12 yɛyɛ adwuma a ɛyɛ den de hwɛ yɛn ho. Wɔdome yɛn a, yehyira; wɔhwe yɛn a yegyina ano. \v 13 Wɔyaw yɛn a, yɛde kasa pa bua. Yɛte sɛ wiase yi mu wura bi a yɛnka hwee de besi nnɛ. \p \v 14 Ɛnyɛ sɛ mepɛ sɛ migu mo anim ase nti na mekyerɛw saa nhoma yi brɛɛ mo. Na mmom mepɛ sɛ mekyerɛ mo ɔkwan sɛ me ara me mma a medɔ wɔn. \v 15 Na sɛ mowɔ ahwɛfo mpem du mpo wɔ mo asetena mu wɔ Kristo mu a, mowɔ Agya baako pɛ. Na mo nkwa a ɛwɔ Kristo Yesu mu no nti, menam asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no so abɛyɛ mo agya. \v 16 Mesrɛ mo sɛ munsuasua me. \v 17 Ɛnam eyi so nti, meresoma Timoteo na waba mo nkyɛn. Ɔyɛ mʼankasa me dɔba a odi me nokware wɔ Awurade mu. Ɔbɛkaakae mo mʼakwan foforo a menam so di Kristo Yesu akyi ne nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ wɔ asafo biara a mekɔ mu no mu. \p \v 18 Mo mu bi ayɛ ahantan, susuw sɛ meremmɛsra mo. \v 19 Sɛ Awurade pɛ a, ɛrenkyɛ biara mɛba mo nkyɛn na mʼankasa mabɛhwɛ dwuma a saa ahantanfo yi betumi adi na ɛnyɛ asɛm a wɔbɛka no. \v 20 Onyankopɔn Ahenni no nyɛ nsɛnkeka na ɛyɛ tumi. \v 21 Emu nea ɛwɔ he na mopɛ? Memmɛbɔ mo mmaa anaa koma a ɔdɔ wɔ mu na ebu ade na memfa mmra mo nkyɛn? \c 5 \s1 Aguamammɔ \p \v 1 Nnansa yi wɔkeka se aguaman a morebɔ wɔ asafo no mu no yɛ hu a abosonsomfo mpo renyɛ saa. Mate mpo sɛ obi afa nʼagya yere. \v 2 Na ɛbɛyɛ dɛn na moatumi ahoahoa mo ho? Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ mo werɛ how wɔ ho na mompam saa onipa no mfi mo mu? \v 3 Ɛwɔ mu, me de, me ne mo ntam kwan ware nanso mewɔ mo nkyɛn wɔ honhom mu. Yɛn Awurade Yesu din mu, mabu onipa a ɔyɛɛ afide yi atɛn dedaw te sɛ nea mewɔ mo nkyɛn ara pɛ. \v 4 Muhyia na meka mo ho wɔ honhom mu a, Awurade Yesu tumi a ɛka yɛn ho no nti, \v 5 ɛsɛ sɛ mode saa onipa no ma ɔbonsam na ɔsɛe ne nipadua no na Awurade da no du a, wagye ne honhom nkwa. \p \v 6 Ɛnsɛ sɛ mohoahoa mo ho. Munim sɛ mmɔkaw kakraa bi na ɛma mmɔre no tu ana? \v 7 Ɛsɛ sɛ muyi saa bɔne mmɔkaw dedaw yi fi mo mu na moayɛ kronkron. Ɛba saa a, mobɛyɛ sɛ mmɔre foforo a mmɔkaw nni mu sɛnea minim mo sɛ mote dedaw no. Afei a wɔde Kristo a ɔyɛ yɛn Twam Guamma no abɔ afɔre no, yɛn Twam Afahyɛ no adu so. \v 8 Eyi nti mommma yɛmmfa mmɔkaw dedaw a ɛyɛ bɔne no nni afahyɛ no, na mmom yɛmfa brodo a mmɔkaw nni mu na ɛyɛ kronkron no na enni afahyɛ no. \p \v 9 Krataa a mekyerɛw mo no, mekaa wɔ mu se mommfa mo ho mmmɔ nguamanfo ho koraa, \v 10 anaa wiase yi nguamanfo anaa aniberefo anaa akorɔmfo anaa wɔn a wɔsom ahoni. Sɛ wompɛ sɛ wo ne eyinom bɔ a, na ɛsɛ sɛ wufi wiase koraa. \v 11 Nea mekyerɛ ne sɛ, mommfa mo ho mmmɔ onipa a ɔfrɛ ne ho se onua nanso ɔbɔ aguaman anaa ɔyɛ oniberefo anaa ɔsom ahoni anaa ɔkɔnkɔnsani anaa ɔkɔwensani anaa ɔkorɔmfo. Onipa a ɔte saa no, mo ne no nntena ase nto nsa nnidi. \p \v 12 Adɛn nti na ɛsɛ sɛ mibu wɔn a wɔnka asafo no ho atɛn? Ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ asafo no mu mmom na ɛsɛ sɛ mubu wɔn atɛn? \v 13 Onyankopɔn na obebu wɔn a wonni asafo no mu atɛn, sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Mompam onipa bɔne no mfi mo mu.” \c 6 \s1 Nsamena Wo Nua \p \v 1 Sɛ akasakasa ba onua ne onua ntam a, adɛn nti na mokɔ abosonsomfo atemmufo anim ma wobu mo atɛn, na monkɔ Awurade nkurɔfo hɔ mmom? \v 2 Munnim sɛ atreneefo na wobebu wiase atɛn? Na sɛ ɛsɛ sɛ mo na mubu wiase atɛn a, muntumi mmu atɛn wɔ nsɛm nketenkete ho? \v 3 Munnim sɛ yebebu abɔfo atɛn? Mpɛn ahe na yemmu asetena mu nneɛma ho atɛn? \v 4 Na sɛ nsɛm a ɛte saa ba a, nnipa a wonni dibea wɔ asafo no mu na mobɛma wɔasiesie? \v 5 Ɛyɛ animguase ma no! Minim yiye sɛ ɛnyɛ dɛn ara a, onyansafo baako bi wɔ mo mu a obetumi adi onua ne onua ntam asɛm. \v 6 Eye sɛ wɔfa saa ɔkwan yi so anaasɛ onua de onua bɛkɔ asennii ama wɔn a wonni gyidi adi abua wɔn asɛm? \p \v 7 Sɛ mutumi de mo ho mo ho kɔ asennii no kyerɛ sɛ moadi nkogu dedaw. Anka eye sɛ obi besisi mo anaasɛ ɔbɛyɛ mo bɔne mmom. \v 8 Nanso mo ara mutwa mo ho yɛ mo ho mo ho bɔne, sisi mo ho ne mo nuanom mpo. \v 9 Mo ara munim sɛ ɔdebɔneyɛni no renkɔ Onyankopɔn ahenni no mu. Monnnaadaa mo ho; mo a mo suban nye, anaa mo a mosom ahoni, anaa aguamammɔfo anaa mmarima a wɔne mmarima da, \v 10 anaa adifudepɛfo, anaa aniberefo, anaa akɔwensafo, anaa mo a mosɛe afoforo din, anaa akorɔmfo no mu biara no rennya kyɛfa biara wɔ Onyankopɔn ahenni no mu. \v 11 Na anka mo mu bi te saa. Nanso wɔahohoro mo bɔne. Wɔde mo ama Onyankopɔn. Ɛnam Honhom Kronkron no ne Awurade Yesu Kristo din mu nti, wɔasiesie mo ne Onyankopɔn ntam. \p \v 12 Obi se, “Mewɔ ho kwan sɛ meyɛ nea mepɛ.” Ɛwɔ mu saa; nanso ɛnyɛ biribiara na eye ma wo. Metumi aka se, “Mewɔ ho kwan sɛ meyɛ biribiara.” Nanso meremma biribiara ho kwan mma ɛmfa me nyɛ akoa. \v 13 Obi foforo nso bɛka se, “Aduan wɔ hɔ ma ɔyafunu na ɔyafunu nso wɔ hɔ ma aduan.” Ɛyɛ nokware; nanso Onyankopɔn bɛma ne nyinaa aba awiei. Ɛnsɛ sɛ onipa de ne nipadua ma aguamammɔ, na mmom ɛsɛ sɛ ɔde som Awurade, efisɛ nipadua no yɛ Onyankopɔn dea. \v 14 Onyankopɔn maa Awurade sɔre fii awufo mu na ɔno nso nam ne tumi so bɛma yɛn nso asɔre afi awufo mu. \v 15 Munnim sɛ mo nipadua no yɛ Kristo nipadua no akwaa bi ana? Memfa Kristo nipadua akwaa bi mmɔ obi a ɔbɔ aguaman nipadua ho ana? Dabi da. \v 16 Anaa ebia na munnim sɛ onipa a ɔde ne ho bɔ nguamanfo ho nso yɛ oguamanfo? Kyerɛwsɛm no da no adi sɛ, “Wɔn baanu no nyinaa yɛ nipadua koro.” \v 17 Nanso onipa a ɔde ne ho bata Awurade ho no ne no yɛ baako wɔ honhom mu. \p \v 18 Mommmɔ aguaman. Bɔne biara a onipa bɛyɛ no nka ne nipadua no, nanso onipa a ɔbɔ aguaman no sɛe ɔno ankasa ne nipadua. \v 19 Munnim sɛ mo nipadua no yɛ Honhom Kronkron a ɔte mo mu, a Onyankopɔn na ɔde maa mo no asɔredan? Na monne mo ho; \v 20 ɔtɔɔ mo aboɔden. Enti momfa mo nipadua no nhyɛ Onyankopɔn anuonyam. \c 7 \s1 Aware Ho Afotusɛm \p \v 1 Afei, nea ɛfa nsɛm a mokyerɛw de brɛɛ me no ho ni: Eye sɛ ɔbarima nware. \v 2 Nanso esiane aguamammɔ nti ɛsɛ sɛ ɔbarima biara nya ɔno ankasa ne yere, na ɔbea biara nso nya ɔno ankasa ne kunu. \v 3 Ɛsɛ sɛ ɔbarima yɛ nʼasɛde sɛ okunu na ɔbea nso yɛ nʼasɛde sɛ ɔyere na wɔn mu biara boa ne yɔnko. \v 4 Ɔyere nipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na ɛyɛ okunu no nso de bi. Saa ara na okunu no nso nipadua no nyɛ ɔno nko ara dea, na mmom ɛyɛ ɔyere no nso de bi. \v 5 Mommfa mo ho nkame mo ho mo ho. Gye sɛ mo nyinaa pene so bere tiaa bi a morebɔ mpae; na sɛ muwie mpaebɔ no a munhyia mu na ɔbonsam ansɔ mo anhwɛ, efisɛ, muntumi nni mo ho so. \v 6 Menka saa asɛm yi sɛ ɔhyɛ so, na mmom mereka no sɛ mama mo ho kwan. \v 7 Ɛkaa me nko a na anka mo nyinaa te sɛ me. Nanso obiara wɔ ɔdom akyɛde sononko bi a Onyankopɔn de ama no. Oyi wɔ nʼakyɛde na ɔfoforo nso wɔ nʼakyɛde. \p \v 8 Afei asɛm a mereka akyerɛ asigyafo ne akunafo ne sɛ: Eye sɛ mo nko ara mobɛtena ase sɛnea mete hɔ yi. \v 9 Na sɛ morentumi nhyɛ mo ho so nso a monkɔwareware. Eye sɛ mobɛware sen sɛ mobɛhyɛ mo ho ahometew. \p \v 10 Mo awarefo nso, mewɔ ɔhyɛ nsɛm bi a emfi me na efi Awurade nkyɛn se: Ɛnsɛ sɛ ɔbea gyaa ne kunu. \v 11 Sɛ ɛba saa a, ɛnsɛ sɛ ɔware bio; anaasɛ nso wɔka ɔne ne kunu bo mu. Saa ara na ɛnsɛ sɛ okunu nso gyaa ne yere. \p \v 12 Mo a moaka no meka kyerɛ mo, efi mʼankasa na emfi Awurade, sɛ Okristoni barima wɔ yere a ɔnyɛ Okristoni na ɔbea no pene so sɛ ɔne no bɛtena ase a, ɛnsɛ sɛ ɔbarima no gyaa no. \v 13 Saa ara nso na sɛ Okristoni bea wɔ okunu a ɔnyɛ Okristoni na ɔbarima no pene so sɛ ɔne no bɛtena a, ɛnsɛ sɛ ɔbea no gyaa no. \v 14 Esiane bɔ a ɔbarima a ɔnyɛ Okristoni de ne ho abɔ ɔbea no nti, Onyankopɔn begye no na ɔbea a ɔnyɛ Okristoni no nso, esiane bɔ a ɔde ne ho abɔ ɔbarima no nti, Onyankopɔn bɛtew ne ho. Sɛ anyɛ saa a, wɔn mma bɛyɛ sɛ abosonsomfo mma nanso sɛnea ɛte yi de, wɔbɛyɛ kronkron. \p \v 15 Na sɛ nso wɔn mu nea ɔnyɛ Okristoni no pɛ sɛ ɔtew ne ho fi Okristoni no ho a, momma no kwan. Sɛ ɛba saa a, Okristoni no, sɛ ɛyɛ okunu anaa ɔyere no, de ne ho. Onyankopɔn afrɛ mo sɛ montena ase asomdwoe mu. \v 16 Ɔyere a woyɛ Okristoni, ɛbɛyɛ dɛn na woahu sɛ worentumi nnye wo kunu nkwa? Na okunu a woyɛ Okristoni nso, ɛbɛyɛ dɛn na woahu sɛ worentumi nnye wo yere nkwa? \p \v 17 Mo mu biara ntena ase wɔ tebea a Awurade de ama no no, sɛnea na ɔte a Onyankopɔn frɛɛ no no mu. Eyi ne mmara a mekyerɛ wɔ asafo biara mu. \v 18 Sɛ twetiatwani bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔpepa twetia no ho nsɛnkyerɛnne biara. Sɛ ɔbarima nso a ontwaa twetia bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ sɛ otwa twetia. \v 19 Efisɛ sɛ obi atwa twetia na ɔfoforo nso ntwaa twetia no nka hwee. Nea ɛho hia ne sɛ wubedi Onyankopɔn mmara so. \v 20 Sɛnea obiara te a Onyankopɔn frɛɛ no no, ɔntena mu saa ara. \p \v 21 Onyankopɔn frɛɛ wo no na woyɛ akoa ana? Mma ɛno nhaw wo na sɛ wowɔ ɔkwan bi a wubetumi afa so ade wo ho a, fa so. \v 22 Efisɛ akoa a Awurade afrɛ no no yɛ Awurade nipa a ɔde ne ho. Saa ara nso na obi a ɔde ne ho a Kristo afrɛ no no yɛ Kristo akoa. \v 23 Onyankopɔn tɔɔ mo aboɔden, ɛno nti monnyɛ nkoa mma nnipa. \v 24 Anuanom, ɛsɛ sɛ mo mu biara tena ase wɔ Onyankopɔn mu sɛnea na mote ansa na wɔrefrɛ mo no. \p \v 25 Nea ɛfa asigyafo ho nso no ni: Minnyaa ɔhyɛ nsɛm biara mfii Awurade nkyɛn, nanso meka mʼadwene te sɛ obi a Onyankopɔn mmɔborɔhunu nti wɔagye me ato mu. \v 26 Wudwen mprempren ɔhaw yi ho a, misusuw sɛ eye sɛ onipa tena ase sɛnea ɔte biara. \v 27 Wowɔ ɔyere? Sɛ wowɔ ɔyere a, nyɛ wʼadwene sɛ woregyaa no. Wonwaree ana? Sɛ wonwaree a nhwehwɛ ɔyere. \v 28 Nanso sɛ woware a wonyɛɛ bɔne ɛ. Sɛ ɔbabun ware a ɔnyɛɛ bɔne ɛ. Nanso esiane ɔhaw a saa aware no de ba nti, na anka mepɛ sɛ mobɛkwati saa ɔhaw no. \p \v 29 Nea mekyerɛ ne sɛ, anuanom, bere a aka no sua. Efi saa bere yi ɛsɛ sɛ mmarima a wɔawareware tena ase sɛnea wɔnwaree da; \v 30 wɔn a wosu yɛ sɛnea wɔn werɛ nhowee; wɔn a wɔserew yɛ sɛnea wonni anigye; wɔn a wɔtɔ yɛ sɛnea nea wɔtɔe no nyɛ wɔn de; \v 31 wɔn a wɔde wiase abɔ wɔn bo yɛ sɛnea wonhuu bi da. Na sɛnea wiase yi te mprempren yi renyɛ saa nkyɛ. \p \v 32 Mempɛ sɛ biribiara haw mo. Ɔbarima a ɔnwaree no, ɛsɛ sɛ ɔde ne ho ma Awurade adwumayɛ; efisɛ ɔbɔ mmɔden sɛ Awurade ani bɛsɔ no; \v 33 nanso ɔbarima warefo de ne ho to wiase nneɛma so, efisɛ ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne yere ani, \v 34 enti wɔtwe no afanu no nyinaa. Ɔbea a ɔnwaree anaa ɔbabun de ne ho ma Awurade adwuma wɔ ɔhonam ne honhom fam; nanso ɔbea a waware no de ne ho to wiase nneɛma so, efisɛ ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne kunu ani. \v 35 Mereka saa asɛm yi, efisɛ mepɛ sɛ meboa mo. Merenhyehyɛ mmara bi mma mo. Na mmom mepɛ sɛ moyɛ nea eye na ɛteɛ na mode mo ho nyinaa ma Awurade adwuma. \p \v 36 Sɛ ɛhaw ɔbarima bi a ɔne ɔbea ahyehyɛ aware sɛ ontumi nyɛ nʼasɛde, na sɛ ɔbarima no ntumi nhyɛ nʼakɔnnɔ so nti ɔpɛ sɛ ɔware a, ɛsɛ sɛ ɔware sɛnea ɔhwehwɛ no. Bɔne biara nni eyi ho. \v 37 Nanso eye mmom sɛ ɔbɛhyɛ ne ho so na wasi nʼadwene pi sɛ ɔrenware. \v 38 Eye sɛ ɔbarima ware de, nanso sɛ anka wanware koraa a na eye. \p \v 39 Sɛ ɔbea warefo kunu te ase a, ɔnne ne ho; na sɛ ne kunu no wu de a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔware ɔfoforo a ɔpɛ; nanso ɛsɛ sɛ ɛyɛ Kristo aware. \v 40 Na sɛ otumi tena ase sɛnea ɔte no nso a, ne ho bɛtɔ no yiye. Mʼadwene ni, na migye di sɛ me nso mewɔ Onyame Honhom. \c 8 \s1 Nnuan A Wɔde Ma Ahoni \p \v 1 Asɛm a ɛfa nnuan a wɔde ma ahoni ho nso ni: Yenim sɛ, “Yɛn nyinaa wɔ nimdeɛ.” Nanso saa nimdeɛ no ma onipa yɛ ahantan na ɔdɔ ma nkɔso. \v 2 Onipa a ogye ne ho di sɛ onim biribi no nnim sɛnea anka ɛsɛ sɛ ohu. \v 3 Nanso onipa a ɔdɔ Onyankopɔn no, Onyankopɔn nim no. \p \v 4 Enti nnuan a wɔde ma ahoni sɛ wonni no, yenim sɛ ohoni wɔ hɔ ma biribi a ɛnte ase. Yenim sɛ Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ. \v 5 Nneɛma bebree wɔ ɔsoro ne asase so a yɛfrɛ wɔn anyame ne awuranom, nanso wɔn mu biara nyɛ anyame anaasɛ awuranom. \v 6 Yɛwɔ Onyame baako pɛ a ɔyɛ Agya. Ɔno na ɔbɔɔ ade nyinaa, na yɛte ase ma no. Yesu Kristo ne yɛn Awurade a Agya no nam ne so yɛɛ ade nyinaa, na ɔmaa yɛn nkwa. \p \v 7 Nanso ɛnyɛ obiara na onim saa nokwasɛm yi. Nnipa bi de wɔn ho ama ahoni no ara kosi sɛ, sɛ wodi saa nnuan no a wonim pefee sɛ ohoni aduan na wɔredi. Esiane wɔn ahonim a ɛyɛ mmerɛw nti, wogye di nso sɛ aduan no gu wɔn ho fi. \v 8 Ɛnyɛ aduan a yɛadi no na ɛtwe yɛn bɛn Onyankopɔn. Sɛ yɛanni saa aduan no a, yɛntɔ sin, na sɛ yedi nso a, yɛmmoro so. \p \v 9 Monhwɛ yiye na moamma mo ahofadi no antwetwe wɔn a wɔyɛ mmerɛw wɔ gyidi mu no ankɔ bɔne mu. \v 10 Sɛ ɛba sɛ obi a nʼahonim yɛ mmerɛw wɔ saa asɛm yi mu hu sɛ wo a wowɔ “nimdeɛ” redidi wɔ ohoni dan mu a, ɛrenhyɛ no nkuran mma ɔno nso nkodi aduan a wɔde ama ahoni no bi ana? \v 11 Enti saa onipa a ɔyɛ mmerɛw a ɔyɛ wo nua a Kristo wu maa no yi, esiane wo “nimdeɛ” nti ɔbɛyera? \v 12 Na ɛnam saa ɔkwan yi so bɛma woayɛ bɔne atia wo nuanom. Sɛ ɛba saa a, woyɛ bɔne tia Kristo nso, efisɛ wonam wɔn adwene mu mmerɛwyɛ so adaadaa wɔn. \v 13 Enti sɛ nea midi de me nua kɔ bɔne mu a, merenwe nam bio sɛnea ɛbɛyɛ a ɛremma me nua nkɔ bɔne mu. \c 9 \s1 Paulo Kyɛfa Sɛ Ɔsomafo \p \v 1 Menne me ho ana? Menyɛ ɔsomafo ana? Minhuu Yesu yɛn Awurade ana? Na monyɛ me nsa ano adwuma wɔ Awurade mu ana? \v 2 Na sɛ afoforo mpo nnye me nto mu sɛ ɔsomafo a, mo de, mugye me to mu saa. Sɛnea mo ankasa mo abrabɔ te wɔ Awurade mu no di ho adanse sɛ meyɛ ɔsomafo. \p \v 3 Sɛ nnipa ka me ho asɛm a, saa ɔkwan yi so na mefa yi me ho ano. \v 4 Minni ho kwan sɛ mʼadwuma nti wɔma me aduan di ma me nsu nom ana? \v 5 Minni ho kwan sɛ meyɛ nea asomafo a aka no yɛe no bi, sɛnea Awurade nuanom ne Petro yɛe, na meware Okristonibea de no ka me ho tu mʼakwan yi? \v 6 Anaasɛ Barnaba ne me nko ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ adwuma de bɔ yɛn ho akɔnhama? \p \v 7 Ɔsraani bɛn na otua ɔno ankasa ne ho ka? Okuafo bɛn na onni nʼafuw mu nnɔbae bi? Oguanhwɛfo bɛn na ɔnnom ne nguan a ɔyɛn wɔn no nufusu bi? \v 8 Ɛnsɛ sɛ miti nhwɛso a ɛwɔ yɛn abrabɔ dedaw no mu, efisɛ Mmara no ka asɛm koro no ara. \v 9 Yɛkenkan wɔ Mose Mmara no mu se, “Sɛ wode nantwi retiatia aburow so a, nkyekyere nʼano.” Nantwi ho asɛm na ehia Onyankopɔn ana? \v 10 Anaasɛ na asɛm a ɔreka no fa yɛn ho ana? Nokware, wɔkyerɛw eyi de maa yɛn. Ɛsɛ sɛ onipa a ofuntum ne nea otwa aba no nyinaa yɛ wɔn adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a, wobenya wɔn kyɛfa wɔ wɔn dwumadi no mu. \v 11 Yɛadua honhom aba wɔ mo mu na sɛ yenya wiase nnepa fi mo nkyɛn a, ɛdɔɔso dodo ana? \v 12 Na sɛ afoforo wɔ tumi sɛ wɔhwɛ eyinom anim fi mo nkyɛn a, so yɛn de, yenni tumi a ɛboro saa ana? \p Nanso yɛamfa saa tumi yi anni dwuma biara. Mmom yɛpenee biribiara so sɛnea yɛrensiw Kristo asɛmpa no ho kwan. \p \v 13 Munim sɛ wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ asɔredan mu no nya wɔn aduan fi asɔredan mu, na wɔn nso a wɔbɔ afɔre wɔ afɔremuka so no nso nya wɔn afɔrebɔde. \v 14 Saa ara nso na Awurade ahyɛ sɛ, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔka asɛmpa no nya wɔn asetena fi mu. \p \v 15 Nanso memfaa saa kyɛfa yi mu biara nnii dwuma ɛ. Ɛnyɛ sɛ merekyerɛw mprempren sɛ mobɛyɛ saa nneɛma no ama me. Ɛno de, anka medi kan awu sen sɛ mɛma obi asiw me eyi ho kwan. \v 16 Minni tumi sɛ mɛhoahoa me ho bere a meka asɛmpa no, efisɛ ɛyɛ ɔhyɛ ma me sɛ menka. Na sɛ manka asɛmpa no a, mehu amane. \v 17 Sɛ mifi me pɛ mu yɛ adwuma no a, na ɛsɛ sɛ mehwɛ akatua anim. Nanso meyɛ no sɛ mʼadwuma, efisɛ, Onyankopɔn na ɔde ato me so. \v 18 Ɛno de, na akatua bɛn na ɛsɛ sɛ minya? Ɛyɛ ahohoahoade sɛ wobɛka asɛmpa no na wunnye hwee na wummisa kyɛfa biara nso. \p \v 19 Mede me ho; menyɛ obi akoa. Nanso meyɛ me ho obiara akoa sɛnea mɛsakra akra dodow biara a metumi. \v 20 Bere a me ne Yudafo te no, meyɛɛ me ho sɛ Yudani, sɛnea mɛtwetwe wɔn aba me nkyɛn. Metenaa ase sɛnea Mose Mmara di me so, mmom na mankasa nhyɛ mmara no ase de, sɛnea mɛtwetwe wɔn a wɔhyɛ saa Mmara no ase aba me nkyɛn. \v 21 Saa ara na mekɔfraa amanamanmufo mu no nso meyɛɛ me ho sɛ wɔn ara pɛ, sɛnea metumi atwetwe wɔn aba me nkyɛn. Eyi nkyerɛ sɛ minni Onyankopɔn mmara so; mehyɛ Kristo mmara ase. \v 22 Wɔn a wɔn gyidi yɛ mmerɛw no, meyɛɛ sɛ wɔn ara, sɛnea mɛtwetwe wɔn aba me nkyɛn. Meyɛɛ me ho sɛnea ɛfata biara maa nnipa nyinaa, sɛnea metumi afa ɔkwan biara a ɛbɛyɛ yiye so agye wɔn mu bi nkwa. \v 23 Asɛmpa no nti na meyɛɛ eyinom nyinaa na manya mu nhyira bi. \p \v 24 Munim sɛ mmirika akansi mu, mmirikatufo no nyinaa tu mmirika no bi, nanso wɔn mu baako pɛ na onya abasobɔde no. Enti tu mmirika no sɛnea ɛbɛma woanya abasobɔde no. \v 25 Obiara a osi agodi mu akan no siesie ne ho yiye ma akansi no. Ɔyɛ saa sɛnea obenya ahenkyɛw a ɛrenkyɛ, nanso yɛn de yi de, ɛbɛkyɛ akosi daapem nyinaa. \v 26 Ɛno nti na meretu mmirika kɔ mʼanim tee akowie no. Ɛno nti na mete sɛ okuturukuboni a ne kuturuku mfom no. \v 27 Mebɔ mmɔden hyɛ me nipadua so na midi no nya, sɛnea ɛbɛyɛ a, sɛ meka asɛmpa no kyerɛ afoforo a me nso merenyɛ nea ɛmfra. \c 10 \s1 Ahoni Ho Kɔkɔbɔ \p \v 1 Anuanom, mepɛ sɛ metwe mo adwene ba nsɛm a ɛtoo yɛn nenanom a wodii Mose akyi no so. Omununkum bɔɔ wɔn nyinaa ho ban maa wɔn nyinaa faa Po Kɔkɔɔ no mu asomdwoe mu. \v 2 Wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu sɛ Mose akyidifo wɔ omununkum ne po no mu. \v 3 Wɔn nyinaa dii honhom fam aduan \v 4 na wɔnom honhom fam anonne. Wɔnom honhom botan a na ɔne wɔn nam no mu nsu; na saa ɔbotan no yɛ Kristo no ankasa. \v 5 Eyinom nyinaa akyi no, na Onyankopɔn ani nsɔ wɔn mu pii, enti na wɔn amu guguu basaa wɔ sare no so hɔ. \p \v 6 Mprempren, eyinom nyinaa yɛ nhwɛso ma yɛn na ɛbɔ yɛn kɔkɔ nso sɛ, ɛnsɛ sɛ yedi bɔne akyi sɛnea wɔyɛɛ no, \v 7 na ɛnsɛ sɛ yɛsom ahoni sɛnea wɔn mu bi yɛe no. Sɛnea Kyerɛwsɛm no ka se, “Nnipa no tenaa ase, didi nomee, na wogoruu abosongoru, yɛɛ ahuhude.” \v 8 Ɛnsɛ sɛ yɛbɔ aguaman, sɛnea wɔn mu bi yɛe no na da koro wɔn mu mpem aduonu abiɛsa wuwui no. \v 9 Ɛnsɛ sɛ yɛsɔ Awurade hwɛ sɛnea wɔn mu bi yɛ maa awɔ kekaa wɔn kunkum wɔn no. \v 10 Ɛnsɛ sɛ munwiinwii sɛnea wɔn mu bi yɛ maa ɔsɛe bɔfo sɛe wɔn no. \p \v 11 Eyinom nyinaa baa wɔn so de yɛɛ nhwɛso maa afoforo. Na wɔkyerɛw guu hɔ sɛ kɔkɔbɔ maa yɛn. Efisɛ yɛte hɔ sɛ ɛrenkyɛ na bere no aba awiei. \v 12 Obiara a osusuw sɛ ogyina hɔ no, ɔnhwɛ yiye na wanhwe ase. \v 13 Sɔhwɛ biara a aba wʼakwan mu no yɛ nea ɛba nnipa akwan mu. Esiane sɛ Onyankopɔn di ne bɔhyɛ so nti, ɔremma ho kwan mma sɔhwɛ a ɛboro wʼahoɔden so nto wo. Sɛ sɔhwɛ ba wo so a ɔbɛma wo ahoɔden ama woatumi agyina ano na woanya ho nyansa nso. \s1 Morentumi Nhwɛ Afanu No \p \v 14 Enti me nnamfo pa, montwe mo ho mfi ahonisom ho. \v 15 Mekasa kyerɛ mo sɛ anyansafo. Asɛm a meka no mummua mfa. \v 16 Sɛ yɛnom kuruwa a wɔahyira so no ano a, na ɛnyɛ Kristo mogya ayɔnkofa no ana? Brodo a yebubu mu no nso, sɛ yedi a, na ɛnyɛ Kristo nipadua ayɔnkoyɛ ana? \v 17 Esiane sɛ brodo no yɛ baako na yedi no wɔ ɔhonam koro mu nti, ɛwɔ mu sɛ yɛdɔɔso de, nanso yɛn nyinaa yɛ nnipa baako. \p \v 18 Monhwɛ Israelman. Wɔn a wodi afɔre aduan no ne afɔremuka no wɔ ayɔnkoyɛ. \v 19 Mibisa se, afɔrebɔde a wɔde ama ohoni no yɛ biribi anaa ohoni no na ɔyɛ biribi? \v 20 Dabi, asɛm a mereka ne sɛ, nea wɔde abɔ afɔre wɔ ɔbosonsomni afɔremuka so no, wɔde ama ahonhommɔne na ɛnyɛ Onyankopɔn. Mempɛ sɛ mode mo ho bɛhyehyɛ ahonhommɔne. \v 21 Morentumi nnom Awurade kuruwa ano na monsan nnom ahonhommɔne kuruwa ano. Saa ara na morentumi nnidi wɔ Awurade pon so na monsan nnidi wɔ ahonhommɔne pon nso so. \v 22 Anaa mopɛ sɛ yɛma Awurade twe ninkunu? Yegye di sɛ yɛyɛ den sen no ana? \p \v 23 Wɔka se, “Woama yɛn ho kwan sɛ yɛnyɛ biribiara a yɛyɛ.” Nanso ɛnyɛ biribiara na eye. “Wɔama yɛn ho kwan sɛ yɛnyɛ biribiara.” Nanso ɛnyɛ biribiara na etumi boa yɛn. \v 24 Ɛnsɛ sɛ obiara pɛ ne nko ne yiyedi na mmom, ɛsɛ sɛ ɔhwehwɛ afoforo nso yiyedi. \p \v 25 Tiboa nti mutumi tɔ biribiara a wɔtɔn wɔ gua so di a mummisa ho asɛm biara. \v 26 Efisɛ Kyerɛwsɛm no ka se, “Asase ne nea ɛwɔ so nyinaa yɛ Awurade dea.” \p \v 27 Obi a ɔnyɛ ogyidini frɛ wo adidi na woyɛ wʼadwene sɛ wobɛkɔ a, tiboa nti, aduan a ɔde bɛma wo biara no, di a wummisa ho asɛm biara. \v 28 Nanso sɛ obi ka kyerɛ wo se, “Wɔde saa aduan yi maa ahoni” a, esiane nea ɔbɔɔ wo saa amanneɛ no tiboa nti, nni saa aduan no. \v 29 Ɛno nyɛ wo tiboa, na ɛyɛ onipa a ɔbɔɔ wo saa amanneɛ no tiboa. Obi bebisa se, “Adɛn nti na obi tiboa siw mʼahofadi ho kwan? \v 30 Sɛ meda Awurade ase wɔ mʼaduan ho a, adɛn nti na aduan a mada ho ase no obi ka ho asɛm?” \p \v 31 Biribiara a mobɛyɛ no, sɛ moredidi o, sɛ morenom o, monyɛ mfa nhyɛ Onyankopɔn anuonyam. \v 32 Monnyɛ biribiara mfa nhaw Yudafo anaa amanamanmufo anaa Onyankopɔn asafo. \v 33 Monyɛ sɛnea meyɛ no. Mema obiara ani gye nea meyɛ ho a minnwen mʼankasa me yiyedi ho, na mmom midwen yɛn nyinaa yiyedi ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye wɔn nkwa. \c 11 \nb \v 1 Munsua me sɛnea misua Kristo no. \s1 Mmea Kyɛfa \p \v 2 Mekamfo mo, efisɛ bere biara mokae me, di nea mekyerɛɛ mo no so. \v 3 Na mepɛ sɛ mote ase sɛ, ɔbarima ti ne Kristo, na ɔbarima yɛ ɔbea ti, nanso Kristo ti ne Onyankopɔn. \v 4 Enti ɔbarima biara a ɔkata ne ti so bɔ mpae anaa ɔka Onyankopɔn asɛm wɔ bagua mu no gu Kristo anim ase. \v 5 Na ɔbea a ɔnkata ne ti so na ɔbɔ mpae ka Onyankopɔn asɛm wɔ bagua mu no nso gu ne kunu anim ase. Nsonoe biara nna ɔne ɔbea a wayi ne tinwi no ntam. \v 6 Sɛ ɔbea no nkata ne ti so a, ɛsɛ sɛ otwitwa ne tinwi gu. Esiane sɛ ɛyɛ animguase sɛ ɔbea beyi ne tinwi anaa obetwitwa agu no nti, ɛsɛ sɛ ɔkata so. \p \v 7 Ɛho nhia sɛ ɔbarima bɛkata ne ti so, efisɛ ɔyɛ Onyankopɔn anuonyam ne ne sɛso \v 8 na wɔammɔ ɔbarima amfi ɔbea mu, na mmom wɔbɔɔ ɔbea fii ɔbarima mu. \v 9 Saa ara nso na ɛnyɛ ɔbea nti na wɔbɔɔ ɔbarima, nanso ɔbea de, ɔbarima nti na wɔbɔɔ no. \v 10 Esiane saa asɛm yi ne abɔfo no nti, ɛsɛ sɛ ɔbea nya nkataso bi wɔ ne ti so de kyerɛ sɛ ɔhyɛ tumi bi ase. \v 11 Yɛn asetena wɔ Awurade mu no, ɔbea nne ne ho na ɔbarima nso nne ne ho. \v 12 Na sɛnea wɔbɔɔ ɔbea fii ɔbarima mu no, saa ara nso na ɔbea woo ɔbarima, na biribiara nso fii Onyankopɔn. \p \v 13 Eye sɛ ɔbea bɛbɔ mpae afrɛ Onyankopɔn wɔ bagua mu a biribiara nkata ne ti so ana? Mo ara mummua mfa. \v 14 Ɛnyɛ saa abɔde koro no ara na ɛka se sɛ ɔbarima ti fuw bebree a, ɛyɛ animguase ma no no? \v 15 Nanso ɔbea de, sɛ ne ti fuw pii a, ɛyɛ anuonyam ma no ana? Wɔama no nwi pii sɛ nkataho. \v 16 Nanso sɛ obi pɛ sɛ ogye eyi ho akyinnye a, asɛm a mewɔ ka wɔ ho ara ne sɛ, yɛn anaa Onyankopɔn asafo no nni ɔkwan foforo biara a wɔfa so som. \s1 Adidi Kronkron \p \v 17 Nhyehyɛe a edidi so yi mu no, minni nkamfo biara de ma mo, efisɛ mo asafo nhyiamu de ɔhaw brɛ mo mmom. \v 18 Nea edi kan no, mate sɛ mo ne mo ho mo ho di asi wɔ mo nhyiamu mu na migye di sɛ nokware kakra wɔ mu. \v 19 Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ mo mu kyekyɛ sɛnea ɛbɛyɛ a nokware bɛda adi. \v 20 Sɛ muhyia sɛ kuw a, munnhyia sɛ moreyɛ Awurade Adidi \v 21 efisɛ mugu so redidi no, obiara di nʼaduan. Ɛno nti bere a ɔkɔm de obi no na ɔfoforo nso abow nsa. \v 22 Mo ara munni afi a mudidi nom wɔ mu? Anaasɛ mopɛ sɛ mugu Onyankopɔn asafo no ne wɔn a ade ahia wɔn no anim ase ana? Dɛn na mohwehwɛ sɛ meka fa saa asɛm yi ho kyerɛ mo? Menkamfo mo ana? Ɛsɛ sɛ muhu sɛ ɛnsɛ sɛ mekamfo mo! \p \v 23 Awurade nkyɛn na minya nkyerɛkyerɛ a mekyerɛkyerɛ mo no se Awurade Yesu, anadwo a woyii no mae no, ɔfaa brodo \v 24 na ɔdaa Onyankopɔn ase no, obuu mu kae se, \wj “Eyi ne me nipadua a mede ma mo. Monyɛ eyi mfa nkae me.”\wj* \v 25 Saa ara na Adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa na ɔkae se, \wj “Saa kuruwa yi yɛ Onyankopɔn apam foforo a wɔde me mogya ahyɛ mu den. Bere biara a mobɛnom no, momfa nkae me.”\wj* \v 26 Bere biara a mubedi brodo no na mobɛnom kuruwa no ano no, monka Awurade wu no ho asɛm nkosi sɛ ɔbɛba. \p \v 27 Ɛkyerɛ sɛ, sɛ obi di Awurade brodo no na ɔnom kuruwa no ano wɔ ɔkwan a ɛmfata so a, odi Awurade nipadua ne ne mogya no ho fɔ. \v 28 Enti ansa na obiara bedi brodo no, anom kuruwa no ano no, ɛsɛ sɛ ɔkari ne ho hwɛ. \v 29 Na sɛ wammu Awurade Honhom no na odi, nom fi kuruwa no mu a, odi nom de atemmu ba nʼankasa so. \v 30 Ɛno nti na mo mu bebree yareyare na moyɛ mmerɛw na mo mu pii awuwu no. \v 31 Sɛ yɛkari yɛn ho hwɛ ansa a, yɛrenkɔ Onyankopɔn atemmu mu. \v 32 Nanso Awurade bu yɛn atɛn, twe yɛn aso sɛnea ɔremmu yɛne wiase nyinaa fɔ. \p \v 33 Ɛno nti, me nuanom, sɛ muhyia sɛ morekɔ Awurade Adidi no a, mommɔ mu nnidi. \v 34 Sɛ ɔkɔm de obi a, onni biribi wɔ fie na Onyankopɔn ammu no atɛn wɔ wɔn nhyiamu no ase. \p Meba a mɛkyerɛ mo nea monyɛ bio. \c 12 \s1 Honhom Kronkron No Akyɛde \p \v 1 Me nuanom, mempɛ sɛ morenhu nsɛm a ɛfa Honhom Kronkron akyɛde no ho no. \v 2 Munim sɛ bere a na moyɛ abosonsomfo no, moyeraa kwan kɔɔ ahoni a awuwu no nkyɛn. \v 3 Nea ɛsɛ sɛ mote ase ne sɛ, obiara a ɔwɔ Onyankopɔn Honhom akwankyerɛ no ka se “Yesu yɛ Awurade,” na ɔnnome Yesu. \p \v 4 Akyɛde no gu ahorow nanso Honhom koro no ara na ɛkyekyɛ. \v 5 Akwan ahorow bebree wɔ hɔ a wɔfa so som nanso Awurade koro no ara na wɔsom no. \v 6 Tumi ahorow bebree wɔ hɔ a wɔnam so som, nanso Onyankopɔn koro no ara na ɔma obiara tumi ma ɔde som. \p \v 7 Honhom Kronkron no nam yɛn mmaako mmaako so da ne ho adi wɔ akwan bi so ma ɛboa yɛn nyinaa. \v 8 Honhom Kronkron no ma obi nyansa na Honhom Kronkron no ara nso ama obi osuahu. \v 9 Saa Honhom Kronkron no ara ma obi gyidi na ɔma obi nso tumi a ɔde sa nyarewa. \v 10 Honhom Kronkron no ma obi tumi ma ɔyɛ anwonwade; obi nso, ɔma no tumi ma ɔka Onyankopɔn asɛm; na ɔfoforo nso ɔma no tumi ma ɔkyerɛ nsonoe a ɛda akyɛde a efi Honhom Kronkron no ne nea emfi Honhom Kronkron no mu. Honhom Kronkron no ma obi tumi ma ɔka kasa foforo na ɔma ɔfoforo nso tumi ma ɔkyerɛ kasa foforo no ase. \v 11 Ɛyɛ Honhom Kronkron koro no ara na ɔyɛ eyinom nyinaa; akyɛde ahorow a ɔpɛ sɛ ɔde ma obiara no, ɔde ma no. \s1 Nipadua Koro \p \v 12 Kristo te sɛ onipadua baako a ɛwɔ akwaa bebree; ɛwɔ mu sɛ ɛwɔ akwaa bebree de, nanso ɛyɛ nipadua koro no ara. \v 13 Wɔnam saa ɔkwan koro no ara so abɔ yɛn Yudafo ne amanamanmufo ne nkoa ne yɛn a yɛde yɛn ho no asu. Wɔnam Honhom Kronkron koro no so abɔ yɛn asu ahyɛ saa onipa koro no ara mu. Na wɔde saa Honhom Kronkron no ama yɛn nyinaa se yɛnnom. \v 14 Onipadua no ankasa nyɛ akwaa baako; ɛyɛ akwaa bebree. \p \v 15 Sɛ nan ka se, “Esiane sɛ menyɛ nsa nti, menka nipadua no ho” a, ɛnyɛ ɛno na ɛremma no nyɛ nipadua no fa bi. \v 16 Na sɛ aso ka se, “Esiane sɛ menyɛ aniwa nti, menka nipadua no ho” a, ɛnyɛ ɛno na ɛremma no nyɛ nipadua no fa bi. \v 17 Na sɛ nipadua no nyinaa yɛ aniwa a, anka ɛbɛyɛ dɛn ate asɛm? Na sɛ ɛyɛ aso a anka ɛbɛyɛ dɛn ahua ade? \v 18 Sɛnea Onyankopɔn pɛ no no na ɔde akwaa biara sii. \v 19 Sɛ nipadua no nyinaa yɛ akwaa koro a, anka nipadua no bɛyɛ dɛn? \v 20 Sɛnea ɛte no, akwaa gu ahorow, nanso nipadua no yɛ baako pɛ. \p \v 21 Eyi nti, aniwa ntumi nka nkyerɛ nsa se, “Wo ho nhia me!” Saa ara na eti rentumi nka nkyerɛ nan se, “Wo ho nhia me!” \v 22 Saa ara na yɛrentumi nyɛ biribiara a akwaa a ɛyɛ mmerɛw no nka ho mma ɛnyɛ yiye. \v 23 Akwaa a yesusuw sɛ enni mu pii no mmom na yɛhwɛ no yiye, na nea ɛnyɛ fɛ wɔ nipadua ho no nso yɛhwɛ no yiye pa ara. \v 24 Na akwaa a edi mu no, saa ɔhwɛ no ho nhia no. Onyankopɔn ankasa nam ɔkwan bi so akeka nipadua no asisi anim de ahyɛ akwaa a wommu no no anuonyam. \v 25 Enti nkyekyɛmu biara nni nipadua no mu. Akwaa no nyinaa keka wɔn ho wɔn ho bɔ mu. \v 26 Sɛ akwaa baako ho ka a, akwaa a aka no nyinaa ho ka bi. Na sɛ wɔkamfo akwaa no bi a, anigye ka akwaa a aka no nyinaa. \p \v 27 Enti mo nyinaa moyɛ Kristo nipadua. Na mo mu biara yɛ nʼakwaa. \v 28 Onyankopɔn ahyehyɛ biribiara pɛpɛɛpɛ wɔ asafo no mu: Nea edi kan, asomafo; nea ɛto so abien, adiyifo; nea ɛto so abiɛsa, akyerɛkyerɛfo; afei wɔn a wɔyɛ anwonwade na wɔn a wɔama wɔn tumi de sa yare anaa wɔboa afoforo anaa wɔkyerɛ wɔn kwan anaa wɔka kasa foforo. \v 29 Wɔn nyinaa nyɛ asomafo anaa adiyifo anaa akyerɛkyerɛfo. Ɛnyɛ wɔn nyinaa na wɔwɔ tumi a wɔde yɛ anwonwade \v 30 anaa wɔsa nyarewa, anaa wɔka kasa foforo anaa wɔkyerɛ nea wɔka no ase. \v 31 Monhwehwɛ akyɛde a ɛbɛboa mo yiye akyi kwan. \s1 Ɔdɔ \p Mɛkyerɛ mo ɔkwan foforo a eye pa ara. \c 13 \p \v 1 Sɛ meka nnipa ne abɔfo kasa foforo na minni ɔdɔ a, na mete sɛ ayowa a egyigye anaa akasae a ɛwosow kɛkɛ. \v 2 Sɛ mewɔ akyɛde a mitumi ka asɛmpa no ma ɛka nnipa koma; na mewɔ osuahu ne ntease ma mete ahintasɛm nyinaa ase; na mewɔ gyidi a ɛma mitumi tutu mmepɔw, nanso minni ɔdɔ a, menka hwee. \v 3 Sɛ mede nea mewɔ nyinaa akyɛ na mpo mitu me nipadua si hɔ sɛ wɔnhyew, nanso sɛ minni ɔdɔ a, minnya hwee. \p \v 4 Ɔdɔ wɔ boasetɔ na ne tirim yɛ mmerɛw; ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw anaa ɛnkyerɛ ne ho anaa onni ahomaso su. \v 5 Ɔdɔ mmu ɔbra bɔne; ɔnyɛ pɛsɛmenkominya; ne bo nhaw no; ɔmfa bɔne nhyɛ ne mu. \v 6 Ɔdɔ mpɛ bɔne, na mmom, ɔpɛ nokware. \v 7 Ɔdɔ mpa abaw; ne gyidi, nʼanidaso ne ne boasetɔ nni nhuammɔ. \p \v 8 Ɔdɔ wɔ hɔ daa. Nkɔmhyɛ wɔ hɔ, nanso ɛnte hɔ daa; akyɛde a ɛma wɔka kasa foforo wɔ hɔ, nanso ɛwɔ nʼawiei; osuahu wɔ hɔ, nanso ebetwa mu. \v 9 Nea yenim ne nkɔm a yɛhyɛ no yɛ fa ne fa bi; \v 10 nanso nea ɛyɛ pɛ no nya ba a, nea ɛyɛ fa ne fa no begu. \v 11 Meyɛ abofra no, mekasaa sɛ abofra, medwenee sɛ abofra, misusuwii sɛ abofra, na meyɛɛ ɔpanyin yi, magu mmofrasɛm no. \v 12 Nea yehu no mprempren no te sɛ su bi a ɛyɛ kusuu wɔ ahwehwɛ mu. Ɛno akyi na, yebehu no kann. Nea minim mprempren no yɛ ɛho fa bi; akyiri no, ebedi mu te sɛ Onyankopɔn nimdeɛ a ɔwɔ wɔ me ho no. \p \v 13 Na afei nneɛma abiɛsa yi na ɛwɔ hɔ: gyidi, anidaso, ɔdɔ; na ɔdɔ ne mu kɛse. \c 14 \p \v 1 Ɔdɔ na ɛsɛ sɛ mohwehwɛ akyi kwan. Momma mo koma mpere nhwehwɛ Honhom akyɛde no, ne titiriw no nkɔmhyɛ. \s1 Ɔkasa Foforo \p \v 2 Onipa a ɔka kasa foforo no nkasa nkyerɛ nnipa, na mmom ɔkasa kyerɛ Onyankopɔn, efisɛ obiara nte asɛm a ɔka no ase. Ɔnam Honhom no tumi so ka nokware mu ahintasɛm. \v 3 Nanso onipa a ɔhyɛ nkɔm no kasa kyerɛ nnipa, boa wɔn, hyɛ wɔn nkuran, kyekye wɔn werɛ. \v 4 Onipa a ɔka kasa foforo no boa ɔno ankasa ne ho, nanso onipa a ɔhyɛ nkɔm no boa asafo no nyinaa. \v 5 Ɛwɔ mu sɛ mepɛ sɛ mo nyinaa ka kasa foforo de, nanso mepɛ sɛ mo nyinaa nya akyɛde a ɛbɛma mo ahyɛ nkɔm. Efisɛ onipa a ɔhyɛ nkɔm no ho hia yiye kyɛn onipa a ɔka kasa foforo no, gye sɛ obi wɔ hɔ a ɔbɛkyerɛ ase, ma aboa asafo no nyinaa. \p \v 6 Enti anuanom, sɛ meba mo nkyɛn na meka kasa foforo a, mfaso bɛn na mubenya wɔ me ho? Morennya hwee gye sɛ meda Onyankopɔn ahintasɛm adi anaa meda osuahu bi adi, anaa meka nsɛm ma ɛkanyan mo, anaa mekyerɛkyerɛ mo. \v 7 Saa ara nso na nneɛma a nkwa nni mu, te sɛ abɛn anaa sanku a wɔde bɔ nnwom no, sɛ nnwom no bɔ no mu anna hɔ a, obiara rente ne dɛ. \v 8 Na sɛ nea ɔhyɛn akobɛn no nso anhyɛn no yiye a, hena na obesiesie ne ho akɔ ɔko? \v 9 Saa ara nso na mibisa se, sɛ moka kasa foforo a emu nna hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na obi ate asɛm a moka no ase? Mo nsɛm no bɛyera wɔ mframa mu. \v 10 Ɔkasa ahorow bebree na ɛwɔ wiase, nanso emu biara nni hɔ a ntease nni mu. \v 11 Na sɛ mente kasa a obi ka no ase a, nea ɔreka saa kasa no bɛyɛ ɔhɔho ama me, na me a meretie no nso, mayɛ ɔhɔho ama no. \v 12 Esiane sɛ mopere sɛ mubenya Honhom no akyɛde no nti, ɛsɛ sɛ mohwehwɛ nea ɛbɛboa asafo no ama agyina yiye. \p \v 13 Ɛsɛ sɛ obi a ɔka kasa foforo no bɔ mpae na otumi kyerɛ nsɛm a ɔka no ase. \v 14 Sɛ meka kasa foforo bɔ mpae a, me honhom bɔ saa mpae no, nanso mʼadwene mmoa. \v 15 Dɛn na afei ɛsɛ sɛ meyɛ? Mede me honhom bɛbɔ mpae, na mede me ntease bɛbɔ mpae nso; mede me honhom bɛto dwom, nanso mede me ntease nso bɛto bi. \v 16 Sɛ wonam honhom nko so da Onyankopɔn ase a, ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔka nhyiamu no ho no betumi agye wʼaseda mpae no so se, “Amen” bi? Ɔkwan biara nni hɔ a ɔbɛfa so ate nea woreka no ase. \v 17 Sɛ ɛba saa a, na wʼaseda mpae a worebɔ Onyankopɔn no ye sɛ dɛn ara mpo a, ɛremmoa onipa a ɔka wo ho no wɔ ɔkwan biara so. \p \v 18 Meda Onyankopɔn ase sɛ meka kasa foforo sen mo a mowɔ ha nyinaa. \v 19 Nanso asafo mu som no, mɛpɛ sɛ mɛka kasa mmaako mmaako anum pɛ a mobɛte ase na moagyina so atumi akyerɛ afoforo ade, sen sɛ mɛka nsɛm mpempem wɔ kasa foforo mu. \p \v 20 Monnnwene sɛ mmofra, anuanom; nanso sɛ yɛka bɔne ho asɛm de a, monyɛ mo ho sɛ mmofra. Nanso munnwen sɛ mmadwemma. \v 21 Kyerɛwsɛm no ka se, \q1 “Menam nnipa a wɔka kasa foforo so \q2 bɛkasa akyerɛ saa nnipa yi. \q1 Menam ahɔho anofafa so bɛkasa, \q2 nanso wɔrentie me,” \q2 Awurade na ose. \p \v 22 Kasa foforo no yɛ wɔn a wonni gyidi no nsɛnkyerɛnne na Onyame asɛnka no nso yɛ gyidifo nsɛnkyerɛnne. \v 23 Sɛ asafo no nyinaa hyia na obiara fi ase ka kasa foforo na sɛ ahɔho anaa wɔn a wonni gyidi fra mo mu a, munnye nni sɛ wɔbɛka sɛ moabobɔ adam? \v 24 Nanso sɛ mo nyinaa na moka Onyankopɔn asɛm na sɛ obi a onni gyidi anaa onipa foforo bi bɛfra mo mu a, nsɛm a ɔbɛte no bɛma wanu ne ho wɔ ne bɔne ho. Nsɛm a ɔte no bebu no atɛn \v 25 na ne kokoamsɛm bɛda adi, na obebu nkotodwe asom Onyankopɔn na waka ne bɔne se, “Nokware ni, Onyankopɔn ka yɛn ho wɔ ha!” \s1 Asafo No Mu Som \p \v 26 Anuanom, nsɛm a meka yi kyerɛ dɛn? Sɛ muhyia sɛ moresom a, obi to dwom; obi kyerɛkyerɛ; obi da Onyankopɔn ahintasɛm adi; obi ka kasa foforo na ɔfoforo nso akyerɛkyerɛ ase. Ɛsɛ sɛ biribiara boa asafo no nkɔso. \v 27 Sɛ obi pɛ sɛ ɔka kasa foforo a, aboro so koraa no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nnipa bɛyɛ baanu anaa baasa. Ɔbaako kasa wie a, na ɔfoforo nso akasa, na obi nso akyerɛkyerɛ nsɛm a waka no ase. \v 28 Na sɛ obi nni hɔ a ɔbɛkyerɛ kasa foforo yi ase de a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔka saa kasa no yɛ komm wɔ nhyiamu no ase na ɔkasa kyerɛ ne ho ne Onyankopɔn. \p \v 29 Nnipa baanu anaa baasa a Onyankopɔn asɛm no wɔ wɔn nkyɛn no na ɛsɛ sɛ wɔkasa na wɔn a aka no nso atie adwene ho. \v 30 Na sɛ obi a ɔte hɔ no nso nya asɛm fi Onyankopɔn nkyɛn a, ɛsɛ sɛ onipa a ɔrekasa no gyae kasa. \v 31 Ɛsɛ sɛ mo nyinaa ka Onyankopɔn asɛm no mmaako mmaako sɛnea mo nyinaa benya osuahu bi ne nkuranhyɛ. \v 32 Ɛsɛ sɛ nkɔmhyɛni no pene so gyae ma ɔfoforo nso kasa. \v 33 Efisɛ Onyankopɔn mfrɛɛ yɛn sɛ yɛmmɛyɛ basabasa, na mmom asomdwoepɛfo. Sɛnea ɛte wɔ Onyankopɔn asafo mu no. \p \v 34 Ɛsɛ sɛ mmea a wɔwɔ asafo mu no yɛ komm wɔ asafo no nhyiamu ase. Wonni ho kwan sɛ wɔkasa, sɛnea Mose mmara no kyerɛ no. \v 35 Sɛ wɔrehwehwɛ biribi mu ahu a, wommisa wɔn kununom wɔ fie. Ɔbea kasa wɔ asafo nhyiamu ase a, ɛyɛ animguase. \p \v 36 Anaa mofa no sɛ Onyankopɔn asɛm no fi mo nkyɛn? Anaa mo nko ara mo nkyɛn na efi? \v 37 Sɛ obi susuw sɛ ɔyɛ odiyifo anaa ɔwɔ honhom akyɛde a, ɛsɛ sɛ ɔte ne ho ase sɛ, “Nsɛm a merekyerɛw yi, Awurade na ɔhyɛɛ me sɛ menkyerɛw.” \v 38 Enti sɛ ontie eyi a, ɛno de munntie ɔno nso. \p \v 39 Enti anuanom, mompere sɛ mobɛhyɛ nkɔm, nanso monnnyae sɛ mobɛka kasa foforo. \v 40 Ɛsɛ sɛ moyɛ biribiara wɔ ne kwan so. \c 15 \s1 Kristo Wusɔre \p \v 1 Afei anuanom, mepɛ sɛ mekae mo adwene fa Asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no a mugye too mu, nam so maa mo gyidi mu yɛɛ den no ho. \v 2 Ɛno ne Asɛmpa a meka kyerɛɛ mo no. Sɛ mukura asɛmpa yi mu dennen a, mubenya nkwa; gye sɛ moannye anni. \p \v 3 Mekaa asɛm a metee a ɛho hia yiye no kyerɛɛ mo se, yɛn bɔne nti na Kristo wui, sɛnea wɔakyerɛw no Kyerɛwsɛm no mu se \v 4 wosiee no, na ne nnansa so no, ɔsɔre fii awufo mu sɛnea Kyerɛwsɛm no ka no, \v 5 ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ Petro ne asomafo dumien no nyinaa. \v 6 Afei mpofirim, ɔdaa ne ho adi kyerɛɛ nʼakyidifo bɛboro ahannum a wɔn mu bi te ase na wɔn mu bi nso awuwu. \v 7 Afei oyii ne ho adi kyerɛɛ Yakobo ne asomafo no nyinaa. \v 8 Akyiri no koraa na oyii ne ho adi kyerɛɛ me a meyɛ obi a wɔanwo me ntɛm. \p \v 9 Meyɛ obi a misua koraa wɔ asomafo no mu na memfata mpo sɛ wɔfrɛ me ɔsomafo efisɛ metaa Onyankopɔn asafo. \v 10 Nanso Onyankopɔn adom nti, mete sɛnea mete no ara na adom a ɔde dom me no aboa me yiye. Ama matumi ayɛ adwuma dennen asen asomafo a aka no nyinaa a emfi mʼankasa mʼahoɔden mu, na mmom Onyankopɔn adom no na ɛredi dwuma wɔ me mu. \v 11 Enti sɛ efi me anaa efi wɔn no, Asɛmpa a yɛn nyinaa ka ni, na ɛno nso na mugye di. \s1 Owusɔre \p \v 12 Afei sɛnea Asɛmpa no ka sɛ wɔama Kristo asɔre afi awufo mu no, adɛn na mo mu bi tumi ka se wɔrentumi mma awufo nsɔre? \v 13 Sɛ saa yɛ nokware de a, na ɛkyerɛ sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfi awufo mu. \v 14 Na sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfi awufo mu a, na ɛkyerɛ sɛ, yenni asɛm biara ka, na mo nso munni asɛm biara a mubegye adi. \v 15 Ɛno akyi koraa na ɛkyerɛ sɛ, yɛredi atoro afa Onyankopɔn ho, efisɛ yɛka se ɔno na onyan Kristo fii awufo mu. Na sɛ awufo ntumi nsɔre a, ɛno de na wɔamma Kristo nso ansɔre amfi awufo mu. \v 16 Sɛ awufo ntumi nsɔre a, na Kristo nso ansɔre. \v 17 Na sɛ wɔamma Kristo ansɔre amfi awufo mu a, na mo gyidi no yɛ nnaadaa, na moda so yera wɔ mo bɔne mu. \v 18 Ɛsan kyerɛ sɛ, wɔn a na wogye Kristo di a wɔawuwu no ayera. \v 19 Na sɛ yɛn anidaso wɔ Kristo mu no ye ma saa asetena yi nko ara a, ɛno de na yɛyɛ mmɔbɔ sen obiara a ɔwɔ wiase ha. \p \v 20 Nanso nokware a ɛwɔ mu ne sɛ, wɔama Kristo asɔre afi awufo mu de ahyɛ mo den sɛ wɔn a wɔadeda wɔ owu mu no, wɔbɛma wɔasɔresɔre. \v 21 Na sɛnea owu nam onipa so bae no, saa ara nso na owusɔre nam onipa so ba. \v 22 Owu nam Adam so baa yɛn nyinaa so; saa ara nso na Kristo de nkwa brɛɛ yɛn nyinaa. \v 23 Nanso, biribiara bɛyɛ nnidiso nnidiso a Kristo na obedi kan, na sɛ Kristo di kan ba bio a, wɔn a wɔyɛ ne de no nso adi akyi. \v 24 Afei, sɛ Kristo sɛe ahonhom mu atumfo ahoɔden ne tumi nyinaa a, awiei no bɛba, na ɔde Ahenni no ama Onyankopɔn a ɔyɛ Agya no. \v 25 Efisɛ ɛsɛ sɛ Kristo di hene kosi sɛ obedi nʼatamfo nyinaa so na ɔde wɔn ahyɛ nʼanan ase. \v 26 Ɔtamfo a obedi ne so atwa to ne owu. \v 27 Sɛ Kyerɛwsɛm no ka se, “Ɔde nneɛma nyinaa bɛhyɛ ne tumi ase a,” wɔmmfa Onyankopɔn nka ho. Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ Kristo tumi ase. \v 28 Na sɛ wɔde nneɛma nyinaa hyɛ Kristo tumi ase a, ɔno ankasa a ɔyɛ Ɔba no de ne ho bɛhyɛ Onyankopɔn a ɔde nneɛma nyinaa hyɛɛ ne Ba no tumi ase no ase; na Onyankopɔn adi biribiara so. \p \v 29 Sɛ owusɔre nni hɔ a, anka wɔn a wɔbɔ awufo din bɔ asu no bɛyɛ dɛn? Wɔn adwene ne dɛn? Sɛ ɛyɛ nokware sɛ nea wɔka se, wonnyan awufo mma nkwa mu a, adɛn nti na wɔbɔ awufo din bɔ wɔn asu? \v 30 Na adɛn na dɔnhwerew biara yɛde yɛn ho to amane mu? \v 31 Anuanom, da biara mihyia owu. Esiane Yesu nti, ahohoahoa a mewɔ wɔ mo mu no na ɛma meka eyi. \v 32 Na sɛ ako a me ne “nkekammoa” dii wɔ Efeso no mu anidaso mmoro nnipa de so a anka dɛn na manya? Na sɛ wonnyan awufo mma nkwa mu a, ɛno de \q1 “Momma yennidi na yɛnnom, \q2 efisɛ ɔkyena yebewu” sɛnea wɔka no. \m \v 33 “Mommma wɔnnnaadaa mo. Nkɔmmɔ bɔne sɛe ɔbra pa.” \v 34 Momma mo ani mmra mo ho so sɛnea ɛsɛ na mumfi mo akwammɔne no so. Meka eyi de hyɛ mo aniwu sɛ mo mu ebinom nnim Onyankopɔn. \s1 Onipadua Wusɔre \p \v 35 Obi bebisa se, “Ɛbɛyɛ dɛn na wobetumi ama awufo asɔre aba nkwa mu? Wɔde nipaduasu bɛn na ɛbɛba?” \v 36 Ɔkwasea! Sɛ wodua aba wɔ fam a, gye sɛ ewu ansa na afifi. \v 37 Na nea wodua wɔ fam no yɛ aba kɛkɛ; ebia ɛyɛ ɔmo aba anaa aba foforo a ɛnyɛ afifide no a wɔatu atɛw a, ebenyin. \v 38 Bɔbea a Onyankopɔn adwene ho sɛ ɔpɛ sɛ ɔde bɔ aba no na ɔde bɔ no; ɔma aba biara bɔbea a ɛfata no. \v 39 Honam a ɛkata ateasefo ho no nyinaa nyɛ honam koro. Nnipa wɔ honam baako; mmoa wɔ wɔn de; nnomaa wɔ wɔn de na nsumnam nso wɔ wɔn de. \v 40 Ɔsoro nipadua wɔ hɔ na fam nipadua nso wɔ hɔ. Ahoɔfɛ bi wɔ hɔ ma ɔsoro nipadua nko ara, na ahoɔfɛ bi nso wɔ hɔ ma fam nipadua. \v 41 Owia wɔ nʼankasa ahoɔfɛ. Ɔsram wɔ ne de nko; nsoromma ahoɔfɛ gu ahorow; na nsoromma no mu nso wɔwɔ ahoɔfɛsu ahorow. \p \v 42 Sɛ wɔma awufo sɔre ba nkwa mu a, saa ara na ɛbɛba. Sɛ wosie nipadua no a, ɛporɔw; wɔma ɛsɔre nso a ɛmporɔw. \v 43 Sɛ wosie nipadua a, ɛyɛ tan na ɛyɛ mmerɛw, nanso sɛ wɔma ɛsɔre a, ɛyɛ fɛ na enya ahoɔden. \v 44 Sɛ wosie nipadua no a, ɛyɛ honam, na sɛ wɔma ɛsɔre a, ɛyɛ honhom. \p Ɔhonam wɔ hɔ enti ɛsɛ sɛ honhom nso wɔ hɔ. \v 45 Kyerɛwsɛm no ka se, “Na Adam a odi kan no yɛ onipa teasefo” nanso Adam a otwa to no yɛ Honhom a ɔma nkwa. \v 46 Ɛnyɛ honhom muni na ɔbaa kan. Ɔbaa wɔ nea okura honam fam nipadua no akyi. \v 47 Wɔde fam mfutuma na ɛbɔɔ Adam a odi kan no. Adam a ɔto so abien no fi ɔsoro. \v 48 Wɔn a wɔte asase so no te sɛ nea wɔde dɔte bɔɔ no no; na wɔn a wɔyɛ ɔsoro mma no te sɛ wɔn a wofi ɔsoro. \v 49 Sɛnea yɛte sɛ nnipa a wɔde dɔte bɔɔ yɛn no, saa ara na yɛbɛyɛ sɛ onipa a ofi ɔsoro no. \p \v 50 Anuanom, nea mepɛ sɛ mekyerɛ ne sɛ, nea wɔde honam ne mogya ayɛ no nni kyɛfa wɔ Onyankopɔn ahenni no mu; na nea ɛporɔw no ntumi ntena hɔ. \v 51 Muntie saa ahintasɛm yi: Yɛn nyinaa renwu, nanso bere tiaa bi mu, wɔbɛsakra yɛn nyinaa; \v 52 sɛ torobɛnto a etwa to no bɔ a, nsakrae no bɛyɛ anibuei. Sɛ ɛbɔ a, awufo bɛdan ateasefo na yɛn nyinaa bɛsakra. \v 53 Na nea ɛporɔw no de nea ɛmporɔw akata ne ho, na nea ewu no de nea enwu akata ne ho. \v 54 Enti nea ɛporɔw de nea ɛmporɔw kata ne ho na nea ebewu de nea ɛrenwu kata ne ho a, Kyerɛwsɛm no bɛba mu se, “Wɔasɛe owu; nkonim aba!” \q1 \v 55 “Owu, wo nkonim wɔ he? \q2 Owu, wo nwowɔe wɔ he?” \m \v 56 Owu nya ne tumi fi bɔne mu na bɔne nso nya ne tumi fi mmara no mu. \v 57 Nanso yɛda Onyankopɔn a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so ma yɛn tumi no ase! \p \v 58 Enti me nuanom, munnyina pintinn. Mommma biribiara nhinhim mo. Da biara monyɛ Awurade adwuma, efisɛ munim sɛ moyɛ Awurade adwuma a ɛrenyɛ ɔkwa da. \c 16 \s1 Towyi \p \v 1 Asɛm a ɛfa tow a wobeyi de aboa Onyankopɔn asafomma a wɔwɔ Yudea ho no ni: Ɛsɛ sɛ moyɛ nea meka kyerɛɛ Galati asafo ahorow sɛ wɔnyɛ no bi. \v 2 Kwasida biara sika a moanya no, momfa bi nsie baabi sɛnea meba mo nkyɛn a ɛremma munyi tow. \v 3 Sɛ meba hɔ a mɛkyerɛw adansedi krataa de asoma nnipa a mopene so sɛ mensoma wɔn, na wɔabegye mo akyɛde no de akɔ Yerusalem. \v 4 Sɛ ɛho hia sɛ me ne wɔn ba a, me ne wɔn bɛba. \s1 Paulo Nhyehyɛe \p \v 5 Sɛ mifi Makedonia a na mɛba mo nkyɛn, efisɛ mɛfa hɔ. \v 6 Ebia medi nna kakra wɔ mo nkyɛn, anaa mpo medi awɔwbere no wɔ mo nkyɛn, na moaboa me ama makɔ baabiara a mepɛ sɛ mekɔ. \v 7 Mempɛ sɛ midi nna tiaa bi wɔ mo nkyɛn. Na mmom, mewɔ anidaso sɛ, sɛ Awurade pɛ a, mɛtena mo nkyɛn akyɛ. \v 8 Nanso mɛtena Efeso ha yi akosi Pentekoste da no. \v 9 Ɛwɔ mu sɛ wɔn a wɔasɔre atia me no dɔɔso de, nanso akwan pa a metumi afa so adi dwuma pa wɔ ha. \p \v 10 Sɛ Timoteo ba mo nkyɛn wɔ ha a, monsom no hɔho, efisɛ ɔreyɛ Awurade adwuma sɛnea meyɛ yi ara. \v 11 Obiara mmu no abomfiaa, na mmom mommoa no na ontu ne kwan yi asomdwoe mu na watumi asan abɛka me nsa, efisɛ merehwɛ ɔne anuanom no anim. \p \v 12 Onua Apolo nso, metaa hyɛ no nkuran sɛ ɔne anuanom a wɔaka no ntaa nsra mo, nanso ɔnyɛɛ nʼadwene sɛ ɔbɛba mprempren ara. Sɛ onya kwan de a, ɔbɛba. \p \v 13 Monwɛn, momma mo gyidi mu nyɛ den; mo bo nyɛ duru na munnya ahoɔden. \v 14 Momfa ɔdɔ nyɛ mo nnwuma nyinaa. \p \v 15 Munim Stefana ne ne fifo ho asɛm. Wɔyɛ nnipa a wɔdan bɛyɛɛ Kristofo kan wɔ Hela na wɔde wɔn ho ama Onyankopɔn adwumayɛfo. Mesrɛ mo, me nuanom, \v 16 sɛ mommrɛ mo ho ase mma nnipa a wɔte saa ne wɔn a wodi saa dwuma no bi no. \v 17 Mʼani gye Stefana, Fortunato ne Akaiko ba a wɔbae no ho. Wobesii mo anan \v 18 na wɔama mʼani agye sɛnea wɔmaa mo ani gyei no ara pɛ. Ɛsɛ sɛ yɛkae nnipa a wɔte saa no. \b \p \v 19 Asafo a wɔwɔ Asia no kyia mo. \p Akwila ne Priska ne asafo a wohyia wɔ wɔn fi no nso kyia mo. \p \v 20 Anuanom a wɔwɔ ha no kyia mo. \p Momfa ɔdɔ nkyiakyia mo ho mo ho. \b \p \v 21 Me ara me nsa ano nkyerɛw ni: Me Paulo, mikyia mo. \b \p \v 22 Obiara a ɔnnɔ Awurade no, nnome mmra ne so. Marana-ta “Yɛn Awurade bra!” \b \p \v 23 Awurade Yesu adom mmra mo so. \b \p \v 24 Me dɔ nka mo nyinaa wɔ Kristo Yesu mu. Amen.